Ase Hɔ Asɛm
a Ɛtɔ mmere bi a, na wɔfrɛ Persia hene Kores “Anshan hene”—a na Anshan yɛ ɔmantam anaa kurow a ɛwɔ Elam. Ebetumi aba sɛ na Yesaia bere so Israelfo—afeha a ɛto so awotwe A.Y.B.—no nnim Persia, nanso na wonim Elam. Eyi tumi ma yehu nea enti a Yesaia bɔ Elam din wɔ ha na ɛnyɛ Persia no.