Ase Hɔ Asɛm
b Ɛdefa yoma a Kores Ɔkɛseɛ no de dii dwuma wo akodi mu ho no, hwɛ The History of Herodotus, Nhoma a Edi Kan, a wɔfrɛɛ no “Clio’ no, kratafa 29.
Kyerɛw Kronkron no a M. L’Abbé kyerɛɛ ase kɔɔ Franse kasa mu afe 1884 mu no, ka wɔ Yesaia 21:7 ho sɛ: “Apɔnkɔ sotefo baanu a na wɔwɔ teaseɛnam mu no ne ahemfo baanu a na ɛsɛ sɛ wɔfa Babilon no, Mediani Dario ne Kores. Sɛnea Menochius [afeha a ɛto so 17 no mu Italiani Jesuit Bible asekyerɛfo bi] kyerɛkyerɛ mu yiye no, wɔn sotefo no gyina hɔ ma Mediafo ne Persiafo.”
Hwɛ nkyerɛkyerɛmu a ɛte saa ara wɔ Yesaia 21:7 ho a Dr. Adam Clarke’s Commentary on the Old Testament de ma, wɔ Po 4, kratafa 2724.
Ɛdefa yoma a na Kores de di ako ho no, hwɛ Ti 20 a wɔato din “Helafo ne Persiafo.” wɔ nhoma The Outline of History” a H. G. Wells kyerɛwee, wɔ kratafa 257, nkyekyem 2, 3, wɔ 1971 de no mu.