-
‘Nneɛma A Wɔayi Adi No Yɛ Yɛn Dea’Ɔwɛn-Aban—1986 | October 1
-
-
4, 5. Nsɛm foforo bɛn na Yehowa daa no adi, na henanom na ɔnam wɔn so daa no adi?
4 Ebetumi aba sɛ na mmarima ne mmea a wosuro Onyankopɔn no wɔ nsemmisa pii a ɛfa Aseni no ho. Ɔbɛyɛ hena? Bere bɛn na ɔbɛba? Ɔkwan bɛn so na ne ho bɛba adesamma mfaso? Bere a bere kɔɔ so no, Yehowa daa n’atirimpɔw ho nsɛm foforo adi, na awiei koraa no obuaa nsemmisa yi nyinaa. Ansa na Nsuyiri no reba no, ɔde ne honhom kaa Henok ma ɔhyɛɛ nkɔm faa Satan asefo sɛe a ɛreba no ho. (Yuda 14, 15) Bɛyɛ mfirihyia 2,400 ansa na yɛn Bere Yi reba no, ɔdaa asɛm a ɛne sɛ nkwa ne mogya yɛ kronkron no adi kyerɛɛ Noa nokware a ɛho behia titiriw bere a Aseni a wɔahyɛ ne ho bɔ no aba no.—Genesis 9:1-7.
-
-
‘Nneɛma A Wɔayi Adi No Yɛ Yɛn Dea’Ɔwɛn-Aban—1986 | October 1
-
-
11, 12. Nsɛm a ɛyɛ nwonwa a ɔnam ɔkwan foforo yi so daa no adi no bi ne nea ɛwɔ he?
11 Nokwasɛm titiriw a ɛfa “ahintasɛm” foforo yi ho ne sɛ, Yesu Kristo a ɔyɛ Aseni a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no aba. (Galatifo 3:16) Ná Yesu ne “Silo” nea ɔwɔ hokwan sɛ odi adesamma so no, na Yehowa apaw no sɛ Ahenni a awiei koraa no ɛbɛsan de Paradise aba asase so no Hene. (Yesaia 11:1-9; Luka 1:31-33) Ná Yesu yɛ Yehowa Ɔsɔfo Panyin a wapaw no a ɔde ne nkwa a ɛyɛ pɛ a dɛm biara nni ho no mae sɛ agyede maa adesamma—kronkron a mogya yɛ ho nnyinasosɛm no a wɔde dii dwuma wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa sen biara so. (Hebrifo 7:26; 9:26) Efi saa bere no adesamma a wogye di anya anidaso sɛ wɔbɛsan anya ɔdesani nkwa a ɛyɛ pɛ a Adam yeraa no no.—1 Yohane 2:1, 2.
-