Nya Akokoduru Na Wo Ne Onyankopɔn Nnantew Ɛho Nhwehwɛmu ƆFÃ 2
TI 22
Ná Ohia Akokoduru Na Watumi Adi Nokware
w95 2/1 31
Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
Henanom ne Filistifo a wɔbɔ wɔn din wɔ Bible mu no?
Bible no taa ka nnipa bi a wonim wɔn sɛ Filistifo, a na wɔte Kaanan bere a Onyankopɔn nkurɔfo a wɔtraa ase tete mmere mu no kɔtraa Bɔhyɛ Asase no so ho asɛm. Sɛnea wɔada no adi wɔ amanneɛbɔ a ɛfa hyia a Dawid hyiaa Filistini ɔbran katakyi a wɔfrɛ no Goliat ho mu no, saa tete Filistifo yi sɔre tiaa Onyankopɔn nkurɔfo kyɛe.—1 Samuel 17:1-3, 23-53.
Bible no kyerɛ sɛ tete Filistifo no tu fii Kaftor na wɔbɛtraa Kaanan kesee fam atɔe mpoano. (Yeremia 47:4) Ná ɛhe na Kaftor wɔ? The International Standard Bible Encyclopedia (1979) ka sɛ: “Ɛwom sɛ adanse a ɛwɔ hɔ mma wonhu beae pɔtee no de, nanso nnɛyi nhomanimfo kyerɛ sɛ ɛda adi sɛ na ɛbɛwɔ beae a Kreta supɔw (anaa ebia Kreta ne Aegean nsupɔw, a wɔn amammerɛ yɛ biako) wɔ no.”—Po 1, kratafa 610.
Nea ɛne eyi hyia no, New World Translation of the Holy Scriptures kenkan wɔ Amos 9:7 sɛ: “‘So monyɛ me sɛ Kushfo mma no, O Israel mma?’ Yehowa asɛm ni. ‘Ɛnyɛ Israel na miyii no fii Misraim asase so, ɛna Filistifo fi Kreta, ɛna Siriafo fi Kir?’”
Yennim bere a tete supɔw sofo yi tu fii Kreta bɛtraa Kaanan fã a wɔbɛfrɛɛ hɔ Filistia, a ɛne kesee fam atɔe mpoano a ɛda Yopa ne Gasa ntam no. Ɛte sɛ nea na wɔwɔ mpoano asasetaw yi so dedaw wɔ Abraham ne Isak nna no mu.—Genesis 20:1, 2; 21:32-34; 26:1-18.
Filistifo no kɔɔ so yɛɛ den kɛse kyɛe wɔ saa beae no bere a Israelfo duu asase a na Onyankopɔn de ahyɛ wɔn bɔ no so akyi. (Exodus 13:17; Yosua 13:2; Atemmufo 1:18, 19; 3:3, 4; 15:9, 10; 1 Samuel 4:1-11; 7:7-14; 13:19-23; 1 Ahene 16:15) Akyiri yi koraa wɔ Yuda hene Usia nniso mu no, na Filistifo da so ara tete wɔn nkurow Gat, Yabne ne Asdod mu. (2 Beresosɛm 26:6) Wɔn nkurow afoforo a wɔka ho asɛm pii wɔ Bible mu ne Ekron, Askalon ne Gasa.
Alexander Ɔkɛseɛ dii Filistifo kurow Gasa so nkonim, nanso bere kɔɔ so no, Filistifo ankɔ so anyɛ nkurɔfo a wɔatew wɔn ho bio. Ɔbenfo Lawrence E. Stager kyerɛwee wɔ Biblical Archaeology Review (May/June 1991) mu sɛ: “Wɔde Filistifo no nso kɔɔ nnomumfa mu wɔ Babilon. . . . Nanso, kyerɛwtohɔ biara nni hɔ a ɛkyerɛ nea ɛtoo Filistifo a na wɔwɔ nnomumfa mu no. Ɛda adi sɛ ebia wɔn a wɔkaa Askalon wɔ Nebukadnesar nkonimdi no akyi no antumi anhu abusua a wofi mu. Wonni wɔn ho abakɔsɛm biara.”
Wonyaa edin Palestine a ɛwɔ hɔ nnɛ no fii Latin ne Hela nsɛmfua a ɛtwe adwene bio kɔ Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase “Filistia” so mu. Wɔtaa fa asɛmfua a Bible nkyerɛase ahorow bi a ɛwɔ Arab kasa mu de gyina hɔ ma “Filistifo” no sɛ ɛno ara ne asɛmfua a wɔde di dwuma ma ɛnnɛyi Palestiniafo no. Nanso, Today’s Arabic Version de Arab asɛmfua foforo na edi dwuma, na ɛma nsonsonoe da tete Filistifo ne nnɛyi Palestiniafo no ntam.
w05 3/15 29
“Pim” Bi Di Bible Mu Abakɔsɛm Ho Adanse
ASƐMFUA “pim” pue pɛnkoro pɛ wɔ Bible no mu. Wɔ Ɔhene Saul bere so no, na ɛsɛ sɛ Israelfo de wɔn nnade ahorow kɔma Filistifo atomfo ma wɔsew ano ma wɔn. Bible ka sɛ: ‘Na wogye fɛtɛw nnade ne nsosɔw no biara ho “pim” biako, na wɔsew nkuma anaa wosiesie nnade a wɔde ka mmoa nso.’—1 Samuel 13:21.
Na dɛn ne pim? Wɔannya saa asɛm no ho mmuae ara de kosii bere a wotutuu fam wɔ beae a na tete Gezer kurow no wɔ no ansa na wohuu pim nsenia a edi kan wɔ 1907 Y.B. mu. Na ɛyɛ den ma tete Bible nkyerɛasefo sɛ wɔbɛkyerɛ asɛmfua “pim” ase. Sɛ nhwɛso no, King James Version kyerɛɛ 1 Samuel 13:21 ase sɛ: “Na wɔwɔ nea wɔde sew nnade, ne nsɔw, ne fatu nnade, ne nkuma, na wosiesie nnade a wɔde ka mmoa.”
Ɛnnɛ yi nhomanimfo nim sɛ na pim mu duru bɛyɛ gram 7.82, anaa dwetɛbona abupɛn abiɛsa mu abien wɔ sɛnea Hebrifo kari ade mu. Na sɛ Filistifo sew Israelfo nnade ano ma wɔn a, wogye dwetɛ nketenkete a ano si pim. Bere a Yuda ahenni ne n’ahenkurow, Yerusalem, hwee ase wɔ 607 A.Y.B. mu no, wɔamfa dwetɛbona anni dwuma bio. Ɛnde, ɔkwan bɛn so na pim di abakɔsɛm mu nokwasɛm a ɛwɔ Hebri kyerɛwsɛm mu no ho adanse?
Nhomanimfo bi ka sɛ Hebri Kyerɛwnsɛm mu nsɛm a Samuel Nhoma a Edi kan ka ho no fi Hela-Romafo mmere so, na efi afeha a ɛto so abien so kosi nea edi kan A.Y.B. reba mpo mu tɔnn. Enti, wɔka sɛ “nkyerɛwee a ɛwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no . . . ’nyɛ abakɔsɛm,’ na mfaso biara nni so a wobetumi de aka ‘Bible mu Israel’ anaa ‘tete Israel’ ho asɛm, wɔka ne nyinaa ho asɛm wɔ nnɛyi Yudafo ne Kristofo nhoma ahorow mu.”
Nanso, William G. Dever, fam a wotutu hwehwɛ tetefo nneɛma mu ne nnipa asetra ho nimdeɛ ho ɔbenfo a ɔwɔ Near Eastern no, reka pim a ɛwɔ 1 Samuel 13:21 no ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Ɛrentumi mma sɛ akyerɛwfo a wɔtraa ase wɔ Hela-Romafo mmere so mfehaha pii a saa bere no na saa nsenia yi nni hɔ bio na adwene afi so no na ‘wɔbɔɔ wɔn tirim kyerɛw ho ade.’ Nokwarem no, na wɔrente saa Bible nkyerɛwee ketewa yi ase kosi afeha a ɛto so 20 Y.B. mu mfiase, bere a wotutuu fam huu nkyerɛwee no ho nhwɛso a edi kan ankasa, a Hebri asɛmfua pîm pue wom no.” Ɔbenfo no toa so sɛ: “Sɛ Bible mu nsɛm nyinaa yɛ Hela-Romafo mmere so ‘nhoma ahorow mu nsɛm’ a, ɛnde ɛyɛɛ dɛn na saa asɛm pɔtee yi bepuee Hebri Bible no mu? Ɛwom, ebia obi bɛka sɛ pîm ho asɛm no yɛ ‘asɛm ketewa bi.’ Ɛno yɛ nokware; nanso sɛnea yenim no yiye no, ‘abakɔsɛm yɛ nsɛm nketenkete a wɔakeka abom.’”
it “Mikmas” ¶4-wcgr
Mikmas
Yonatan Dii Anim Ma Wɔkɔtow Hyɛɛ Filistifo No So. Ná Filistifo no asraafo akuw mmiɛnsa taa fi wɔn asoɛe wɔ Mikmas ba Israel asaase so. Afei nso, na Filistifo no de asraafo akogu baabi, na na wɔtaa fa “baabi a wɔfa twa Mikmas bon no” bɛtow hyɛ Israel nkurow so. Enti Yonatan yɛe sɛ ɔbɛma saa ɔhaw no to atwa. (1Sa 13:16-23) Nea ɔyɛe ne sɛ, ɔkɔfaa baabi a wɔfa twa Mikmas bon no. Sɛ baabi a ɔkɔfae no yɛ Suweinit bon mu a, ɛnde ɔfaa bon a emu dɔ paa a ɛda abotan mmienu ntam mu wɔ Geba apuei fam (ɛnnɛ yɛfrɛ hɔ Jabaʽ). Sɛ wonam Suweinit bon mu na wudu baabi a ɛhɔ man prɛko pɛ no a, wubehu sɛ, abotan akɛse mmienu a egyinagyina hɔ na ɛho yɛ apɔwapɔw no wɔ soro tenteenten. Ebetumi aba sɛ abotan mmienu no ne nea Bible frɛ no ‘abotan a ɛte sɛ ɛse’ a baako de Boses, na baako nso de Sene no. Bere a Yonatan asɛm yi sii no, mfe 3,000 atwam, enti abotan a ayɛ sɛ ɛse no, ɛnnɛ worenhu no saa, efisɛ nsu retɔ na awia rebɔ nyinaa, na abotan no rehi. (1Sa 14:1-7) Sɛ obi rekɔ baabi saa na onnim hɔ a, ɛbɛyɛ den sɛ ɔbɛnantew mmonkyemmɔnka no mu adi aforosian a ɔrenyera. Nanso Yonatan de, na ɔyɛ Benyaminni a ne kurom bɛn hɔ, enti ɛbɛyɛ sɛ na onim hɔ yiye. Ná Yonatan papa asoɛe wɔ Mikmas, ɛnna ɔno nso ne de wɔ Geba, enti ɛbɛyɛ sɛ na Yonatan anya hokwan pii akɔhwehwɛ hɔ ahu sɛnea ɛhɔ te yiye.
it “Mefiboset” No. 2 ¶1-wcgr
Mefiboset
2. Ná ɔyɛ Ɔhene Saul ba Yonatan ba. Bere a Mefiboset yɛ abofra no, obi de nkra fi Yesreel bae sɛ wɔakum Saul ne Yonatan, na ɔbaa a ɔhwɛ Mefiboset no de ahopopo faa no sɛ ɔde no reguan. Ɛbaa saa no, “abofra no hwee fam, na ɔbɛyɛɛ obubuafo,” efisɛ ne nan mmienu no nyinaa sɛee. Saa bere no, na Mefiboset adi mfe nnum. (2Sa 4:4) Ɛno akyi no, Mefiboset tenaa Amiel ba Makir fie wɔ Lo-Debar mfe dodow bi. Siba a na ɔyɛ akoa wɔ Saul fie no na ɔkaa Mefiboset ho asɛm kyerɛɛ Dawid. Dawid kaee apam a ɔne Yonatan yɛe no. (1Sa 20:12-17, 42) Ɛno nti, na ɔpɛ sɛ ɔda ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ ‘obiara a ɔda so ara wɔ Saul fi.’ Enti, wɔkɔfrɛɛ Mefiboset brɛɛ Ɔhene Dawid. Ɔhene no ka kyerɛɛ Mefiboset sɛ, ɔpɛ sɛ ɔda ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ no; ɛno nti ɔde “Saul asaase nyinaa” bɛma no, na ‘obedidi wɔ Dawid pon so daa.’ Mefiboset ahobrɛase nti ɔkaa sɛ: “W’akoa ne hena a woatwa w’ani abɛhwɛ ɔkraman funu te sɛ me?” Ne nyinaa mu no, Dawid de ɔseɛ yɛɛ ɔyɔ, enti ɔde Saul agyapade nyinaa maa Mefiboset, na ɔmaa Siba ne ne fiefo nyinaa a ne mma 15 ne n’asomfo 20 nso ka ho bɛyɛɛ Mefiboset asomfo. Efi saa bere no rekɔ no, Mefiboset bɛtenaa Yerusalem, na odidii ɔhene pon so daa.—2Sa 9.
w21.01 20-25
ADESUA ASƐM 4
Ma Anuanom Nhu Sɛ Wopɛ Wɔn Asɛm
“Momma mo yam nhyehye mo mma mo ho wɔ onuadɔ mu.”—ROM. 12:10.
NEA YƐREBESUA
Yesu kaa sɛ, dɔ a n’akyidifo bɛdodɔ wɔn ho no na ɛbɛma nkurɔfo ahu sɛ wɔyɛ n’asuafo. Yɛn nyinaa rebɔ mmɔden sɛ yɛde saa asɛm no bɛyɛ adwuma. Sɛ yebetumi ahyɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma anuanom no mu den a, ɛsɛ sɛ yɛma wohu sɛ yɛpɛ wɔn asɛm paa. Ɛno kyerɛ sɛ, sɛnea yɛdɔ yɛn abusuafo a wɔbɛn yɛn paa no, saa ara na ɛsɛ sɛ yɛdɔ yɛn nuanom Kristofo. Adesua yi bɛboa yɛn ama yɛapɛ yɛn nuanom Kristofo asɛm paa.
BIBLE ka too hɔ sɛ, nna a edi akyiri no mu no, nnipa rennya “tema” mma wɔn yɔnko nnipa. (2 Tim. 3:1, 3) Ɛnnɛ, saa nkɔmhyɛ no aba mu paa. Ɛho nhwɛso ne sɛ, awaregyae ama mmusua ɔpepem pii mu akyekyɛ. Ɛba saa a, wobɛhwɛ na okunu ne ɔyere no, obiara mpɛ ne yɔnko anim ahwɛ. Mmofra no nso, ɛma wɔte nka sɛ wɔn asɛm mfa obiara ho. Mmusua a wɔte fie baako mu mpo, wobɛhwɛ na obiara nam ne kwan. Ɔbarima bi a ɔde abusua mu afotu ma nkurɔfo kaa sɛ: “Agya, ɛna, ne mmofra no, obiara mfa ne yɔnko ho. Mmom kɔmputa, tablɛt, mobal fon, ne video game na abɛyɛ wɔn nnamfo. Enti wɔn nyinaa te fie baako mu de, nanso obiara nnim ne yɔnko yiye.”
2 Yɛmpɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade te sɛ wiase yi mu nnipa a wonni dɔ no. (Rom. 12:2) Mmom, ɛsɛ sɛ yenya ayamhyehye ma yɛn abusuafo ne yɛn nuanom Kristofo nyinaa anaa yɛpɛ wɔn asɛm. (Kenkan Romafo 12:10.) Sɛnea yɛpɛ yɛn abusuafo a wɔbɛn yɛn paa asɛm no, saa ara na ɛsɛ sɛ yɛpɛ yɛn nuanom Kristofo asɛm paa; wɔyɛ yɛn abusuafo wɔ honhom fam. Sɛ yɛpɛ wɔn asɛm a, ɛma yɛn nyinaa de anigye ne baakoyɛ som Yehowa.—Mika 2:12.
3 Nea ɛbɛboa ama yɛapɛ anuanom asɛm no, momma yɛnhwɛ Bible mu nhwɛso ahorow bi.
“YEHOWA WƆ AYAMHYEHYE”
4 Bible ma yehu Yehowa su ahorow a ɛka koma. Nea ɛka no bi ne sɛ, “Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yoh. 4:8) Saa su yi nko ara twe yɛn bɛn no. Nanso Bible san ka sɛ Yehowa “wɔ ayamhyehye,” anaa ɔpɛ yɛn asɛm. (Kenkan Yakobo 5:11.) Asɛm yi ka koma. Ɛma yehu sɛ dɔ a Yehowa dɔ yɛn no, ɛkɔ akyiri paa!
5 Wohyɛɛ no nsow a, Yakobo 5:11 de Yehowa ayamhyehye bataa ne suban foforo bi a ɛtwe yɛn bɛn no ho. Ɛno ne ne mmɔborɔhunu. (Ex. 34:6) Ɔkwan baako a Yehowa fa so da mmɔborɔhunu adi kyerɛ yɛn ne sɛ, ɔde yɛn mfomso kyɛ yɛn. (Dw. 51:1) Sɛ Bible ka mmɔborɔhunu ho asɛm a, ɛnyɛ nea ɛkyerɛ ara ne sɛ yɛde obi mfomso bɛkyɛ no. Obi a ɔwɔ mmɔborɔhunu no, ohu sɛ obi rehu amane a, ɔte nka ma no paa, na ɛka no ma ɔyɛ biribi boa no. Yehowa ama yɛahu sɛ, ayamhyehye a ɔwɔ ma yɛn no, ɛkyɛn nea ɔbaatan wɔ ma ne ba koraa. (Yes. 49:15) Enti sɛ yɛrehu amane a, Yehowa mmɔborɔhunu nti ɔboa yɛn. (Dw. 37:39; 1 Kor. 10:13) Yɛn nso, sɛ yɛwɔ mmɔborɔhunu a, yɛde yɛn nuanom Kristofo mfomso bɛkyɛ wɔn, na yɛremfa nhyɛ yɛn mu. (Efe. 4:32) Nanso ade titiriw a yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛwɔ mmɔborɔhunu ne sɛ, yɛn nuanom Kristofo rehu amane a, yɛbɛyɛ biribi aboa wɔn. Sɛ ɔdɔ ka yɛn ma yehu afoforo mmɔbɔ a, ɛkyerɛ sɛ yɛresuasua Yehowa. Sɛnea Yehowa dɔ nnipa no, ebi nni baabiara.—Efe. 5:1.
“YONATAN KRA FAM DAWID KRA HO”
6 Bible ma yehu nnipa bi a wɔkyerɛe sɛ obiara pɛ ne yɔnko asɛm paa ɛmfa ho sɛ na mfomso wɔ wɔn ho no. Yɛnhwɛ Yonatan ne Dawid. Bible ka sɛ: “Yonatan kra fam Dawid kra ho, na Yonatan dɔɔ no sɛ n’ankasa ne kra.” (1 Sam. 18:1) Bere a wɔsraa Dawid sɛ ɔno na obedi Saul ade abɛyɛ ɔhene no, ɛmaa Saul faa ne ho tan, na ɔyɛɛ nea obetumi biara sɛ obekum no. Nanso Saul ba Yonatan ankodi ne papa akyi. Yonatan ne Dawid nyinaa, obiara hyɛɛ ne yɔnko bɔ sɛ wɔremma biribiara ntetew wɔn ntam, na obiara bɛboa ne yɔnko daa.—1 Sam. 20:42.
7 Sɛnea na Yonatan ne Dawid nyinaa, obiara pɛ ne yɔnko asɛm no, na ɛyɛ nwonwa paa. Adɛn ntia? Efisɛ nneɛma pii wɔ hɔ a anka ebetumi ama ayɛ den sɛ wɔbɛyɛ nnamfo. Baako ne sɛ, na Yonatan kyɛn Dawid bɛyɛ mfe 30. Anka Yonatan betumi aka sɛ, asukɔnoma a onni suahu biara sei de, merentumi mfa no adamfo. Nanso Yonatan annwen saa. Ná obu Dawid paa.
8 Anka Yonatan ani betumi abere Dawid. Esiane sɛ Yonatan yɛ Ɔhene Saul ba nti, anka Yonatan betumi aka sɛ ɔno na ɛsɛ sɛ odi ne papa ade, enti ɔrempene mma adedi no nkodi Dawid nsam. (1 Sam. 20:31) Nanso na Yonatan brɛ ne ho ase, na na odi Yehowa nokware. Wei nti, gyinae a na Yehowa asi sɛ Dawid na obedi hene daakye no, Yonatan taa akyi denneennen. Afei nso ɔkɔɔ so bataa Dawid ho ɛmfa ho sɛ ɛmaa ne papa Saul bo fuw no no.—1 Sam. 20:32-34.
9 Ná Yonatan pɛ Dawid asɛm paa, enti wanhu Dawid sɛ ɔne no repere biribi. Yɛreka yi, na Yonatan yɛ ɔsraani a ɔwɔ akokoduru, na na onim agyan tow paa. Ná nkurɔfo mpo ka ɔne ne papa Saul ho asɛm sɛ “wɔn ho yɛ hare sen akɔre,” na “wɔn ahoɔden kyɛn agyata.” (2 Sam. 1:22, 23) Wei nti, nneɛma a na Yonatan tumi yɛ wɔ akono no, anka obetumi de atu ne ho. Nanso, Yonatan anyɛ n’adwene sɛ ɔbɛkyerɛ sɛ osen Dawid, na wamfa ne ho tan nso. Mmom akokoduru a na Dawid wɔ, ne sɛnea na ɔde ne ho to Yehowa so no, ɛyɛɛ Yonatan fɛ paa. Nea ɛte ne sɛ, bere a Dawid kum Goliat no akyi na Yonatan bɛdɔɔ no sɛ ɔno ara ne ho. Ɛnde yɛn nso, dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛpɛ yɛn nuanom Kristofo asɛm paa?
YƐBƐYƐ DƐN AKYERƐ SƐ YƐPƐ YƐN NUANOM KRISTOFO ASƐM PAA NNƐ?
10 Bible ka sɛ ‘yemfi komam nnodɔ yɛn ho yɛn ho denneennen.’ (1 Pet. 1:22) Yehowa yɛ wei ho nhwɛso ma yɛn. Dɔ a ɔdɔ yɛn no kɔ akyiri paa, enti sɛ yedi no nokware a, ɔntwe ne ho mfi yɛn ho da. (Rom. 8:38, 39) Greek asɛmfua a wɔkyerɛ ase “denneennen” no, adwene a ɛwɔ akyi ne sɛ obi atwe ne mu anaa wamia n’ani paa reyɛ biribi. Wei kyerɛ sɛ ɛtɔ da a, gye sɛ yemia yɛn ani paa ansa na yɛatumi apɛ yɛn nua Kristoni bi asɛm. Sɛ yɛn nuanom Kristofo binom yɛ ade ma ɛhaw yɛn a, ehia sɛ yɛkɔ so ‘ne yɛn ho tena ɔdɔ mu, na yɛyere yɛn ho denneennen de asomdwoe koroyɛ hama tena ase honhom biakoyɛ mu.’ (Efe. 4:1-3) Sɛ yɛyere yɛn ho sɛ yɛbɛma “asomdwoe” atena yɛne yɛn nuanom Kristofo ntam a, yɛremfa yɛn adwene nsi wɔn mfomso so, na yɛbɛbɔ mmɔden paa sɛ yebehu wɔn sɛnea Yehowa hu wɔn no.—1 Sam. 16:7; Dw. 130:3.
11 Ɛtɔ da a, ɛnna fam sɛ yɛbɛpɛ yɛn nua Kristoni bi asɛm, titiriw bere a yɛn ani tua ne mfomso ahorow no. Kristofo a wɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so no, na wei yɛ wɔn mu bi haw paa. Yɛnhwɛ Euodia ne Sintike sɛɛ. Bere a na wɔne Paul “abom” reyɛ adwumaden wɔ “asɛmpa no mu” no, ɛda adi sɛ na biribiara kɔ so kama. Nanso wɔn mmienu de, biribi nti na wɔnsen so koraa. Enti Paul tuu wɔn fo sɛ, “wonnya adwenkoro Awurade mu.”—Filip. 4:2, 3.
12 Ɛnnɛ nso ɛ? Dɛn na yɛyɛ a ɛbɛma yɛapɛ yɛn nuanom Kristofo asɛm? Sɛ yehu yɛn nuanom Kristofo yiye a, ɛrenyɛ den sɛ yɛbɛte wɔn ase na yɛapɛ wɔn asɛm. Sɛ obi yɛ panyin oo, ɔyɛ abofra oo, ɔte sɛn oo, yebetumi apɛ n’asɛm. Kae sɛ, na Yonatan kyɛn Dawid mfe 30, nanso Yonatan faa no adamfo denneennen. Wo nso ɛ? Obi wɔ w’asafo mu a wanyin sen wo anaa osua sen wo a wubetumi afa no adamfo? Woyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ ‘wodɔ anuanom nyinaa.’—1 Pet. 2:17.
13 Yɛahu sɛ ɛsɛ sɛ yɛpɛ anuanom asɛm. Nanso yemmisa sɛ, anuanom a yɛne wɔn wɔ asafo mu no, ɛbɛyɛ yiye sɛ yɛbɛpɛ wɔn nyinaa asɛm pɛ anaa? Ɛrentumi mma saa, efisɛ nsateaa nyinaa nyɛ pɛ. Anuanom bi wɔ hɔ a, biribi a ɛwɔ wɔn ho nti, yɛn ani tumi gye wɔn ho sen afoforo. Ɛno nso de, mfomso nni ho. Yɛhwɛ Yesu sei a, ɔfrɛɛ n’asomafo no nyinaa ne “nnamfo,” nanso Yohane de, na Yesu pɛ n’asɛm paa. (Yoh. 13:23; 15:15; 20:2) Ne nyinaa mu no, Yesu ne asuafo no nyinaa dii no pɛ; ɛnyɛ Yohane nko na ɔyɛɛ no papa. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, bere a Yohane ne ne nua Yakobo kɔka kyerɛɛ Yesu sɛ ɔmma wɔn dibea a ɛkorɔn wɔ Onyankopɔn Ahenni mu no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Me nifa ne me benkum so tena no de, ɛnyɛ me dea na mede ama.” (Mar. 10:35-40) Yɛn nso, ɛsɛ sɛ yesuasua Yesu. Yɛn nnamfo a wɔbɛn yɛn paa no, ɛnyɛ wɔn nko ara na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔn papa. (Yak. 2:3, 4) Sɛ yɛyɛ nyiyim a, ɛde mpaapaemu bɛba Kristofo asafo no mu. Ɛno nso de, ɛbɛsɛe asafo no asomdwoe.—Yuda 17-19.
14 Sɛ yɛpɛ yɛn nuanom Kristofo asɛm a, ɛremma yɛne wɔn nsi akan wɔ asafo no mu. Kae sɛ, Yonatan anyɛ n’adwene sɛ ɔbɛkyerɛ sɛ osen Dawid, na wanhu Dawid sɛ obi a ɔne no repere ahenni no. Yɛn nyinaa yebetumi asuasua Yonatan. Yɛn nuanom Kristofo yɛ yɛn mfɛfo adwumayɛfo, enti sɛ wɔbɔ mmɔden wɔ biribi mu sen yɛn a, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn ani bere wɔn anaa yɛne wɔn si akan. Mmom ɛsɛ sɛ ‘yefi ahobrɛase mu bu afoforo sɛ wɔkyɛn yɛn.’ (Kenkan Filipifo 2:3.) Ma ɛntena w’adwenem sɛ, obi biara a ɔwɔ asafo no mu wɔ biribi a ebetumi aboa asafo no. Sɛ yɛammu yɛn ho antra so a, ɛbɛma yɛahu nneɛma pa a ɛwɔ yɛn nuanom Kristofo ho, na yɛasuasua wɔn nokwaredi.—1 Kor. 12:21- 25.
15 Sɛ asɛm bi to yɛn mpofirim a, Yehowa nam yɛn nuanom Kristofo so kyekye yɛn werɛ. Wɔyɛ biribi boa yɛn de kyerɛ sɛ wɔpɛ yɛn asɛm paa. Wo de yɛnhwɛ nea ɛtoo abusua bi. Ná wɔakɔ afe 2019 “Ɔdɔ To Ntwa Da!” Amanaman Ntam Nhyiam a wɔyɛe wɔ United States no mu baako. Bere a wɔpɔn Memeneda nhyiam no na asɛm yi sii. Tanya na ɔkaa saa asɛm no. Ɔyɛ ɔbea a ɔwɔ mma mmiɛnsa. Ɔkaa sɛ: “Ná yɛte yɛn kar mu rekɔ hotɛl a na yɛda no. Nea yehui ara ne sɛ kar foforo bi atew afa so afi ne kwan mu de hwii abɛbɔ yɛn de no mu. Yɛn mu biara ampira, nanso na atɔ yɛn so. Yefii yɛn kar no mu sii fam, nanso na baabi a yegyina no nye. Emu hɔ baabi na yehui sɛ obi gyina kwankyɛn renyam ne nsa frɛ yɛn sɛ yɛmmra mmɛhyɛ ne kar mu. Ná ɛyɛ onua bi a ɔno nso fi nhyiam no ase reba. Ɛnyɛ ɔno nko na ogyinae. Anuanom mmea ne mmarima nnum bi a na wofi Sweden aba nhyiam no bi nso gyinae. Anuanom mmea no bam me ne me babea no denneennen, na ɛkaa yɛn koma too yɛn yam paa! Meka kyerɛɛ wɔn sɛ biribiara bɛyɛ kama enti wobetumi agyaw yɛn hɔ akɔ fie, nanso wɔankɔ. Wɔtwɛn ara kosii sɛ adɔkotafo bae. Anuanom yi hwɛ hui sɛ nea yehia biara yɛn nsa aka. Nea ɛtoo yɛn saa da no, na ɛnna fam, nanso mmoa a yɛn nsa kae no ma yehui sɛ Yehowa dɔ yɛn paa. Ɛmaa ɔdɔ a yɛwɔ ma anuanom no yɛɛ kɛse paa. Afei nso ɛmaa ɔdɔ ne anisɔ a yɛwɔ ma Yehowa no mu yɛɛ den.” Wo nso ɛ? Wokae bere bi a asɛm bi too wo a onua anaa onuawa bi yɛɛ biribi boaa wo de kyerɛe sɛ ɔpɛ w’asɛm?
16 Sɛ yɛpɛ yɛn nuanom Kristofo asɛm paa a, ɛde mfaso pii ba. Ɛma yɛkyekye wɔn werɛ bere a ɔhaw bi ato wɔn no. Ɛma yɛboa ma baakoyɛ tena yɛne wɔn ntam. Afei nso, ɛma nkurɔfo hu sɛ yɛyɛ Yesu asuafo, na wei twetwe wɔn a wɔwɔ koma pa no ma wɔbɛsom Yehowa. Ne kɛse koraa ne sɛ, ɛma yɛhyɛ Yehowa a ɔyɛ “ahummɔbɔ Agya ne awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn” no anuonyam. (2 Kor. 1:3) Enti momma yɛn nyinaa nkɔ so nnɔ anuanom, na yɛmma wonhu sɛ yɛpɛ wɔn asɛm paa!
Krataa a ɛfa Bible mu nipa ho
Yonatan
BIBLE KRATAA 23
BOABOA ANO NA SUA
YONATAN
NE HO NSƐM Ná ɔkyɛn Dawid bɛyɛ mfe 30. Ɔno na Saul nni hɔ a, anka ɔbɛyɛ ɔhene. Nanso Onyankopɔn paw Dawid mmom sɛ ɔmmɛyɛ ɔhene. Ne nyinaa mu no, Yonatan taa Dawid akyi. (1 Samuel 23:15-18) Ná Yonatan papa Saul ani bere Dawid, enti na ɔpɛ sɛ okum no, nanso Yonatan boaa Dawid na wɔankum no. Anka ebetumi ama Saul akum Yonatan mpo. (1 Samuel 20:1-42) Nea Yonatan yɛe no kyerɛ sɛ na ɔbrɛ ne ho ase. Wei ma yehu sɛ, sɛ Onyankopɔn yɛ adepa ma obi a, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye ma no.
NSƐMMISA
A. Ná Yonatan yɛ ․․․․․. ba panyin
B. Yonatan papa too peaw sɛ ɔde rewɔ Yonatan. Ampa anaa atoro?
D. Hena na na Yonatan dɔ no paa? Adɛn nti na na ɔdɔ no saa?
MMUAE
A. Ɔhene Saul.—1 Samuel 14:47, 49.
B. Ampa.—1 Samuel 20:33.
D. Dawid. Bere a Dawid kum Goliat no, Yonatan hui sɛ Dawid wɔ akokoduru, na ɔdɔ Yehowa nso.—1 Samuel 17:1–18:4.
[Bere a Nsɛm Bi Sisii]
Wɔbɔɔ Adam afe 4026 A.Y.B.
Wɔwoo Yonatan bɛyɛ afe 1138 A.Y.B.
Afe 1 Y.B.
Wɔkyerɛw Bible nhoma a etwa to afe 98 Y.B.
[Map]
Odii Filistifo no so nkonim wɔ Geba ne Mikmas
YERUSALEM
Geba
Mikmas
TI 23
Odii Ɔbran Bi So Nkonim
w12 10/1 24 ¶2
“Ɔbea Pa”
Boas waree Rut. Ɛno akyi no, Bible ka sɛ: “Yehowa ma onyinsɛnee na ɔwoo ɔbabarima.” Betlehem mmea no hyiraa Naomi na wɔkamfoo Rut sɛ ɔsom bo ma Naomi sen mmabarima baason. Yɛabehu sɛ Rut babarima no mu na Ɔhenkɛse Dawid fi bae. (Rut 4:11-22) Dawid nso mu na Yesu Kristo fi bae.—Mateo 1:1.
[Ase hɔ asɛm]
Mmea baanum pɛ na Bible bɔ wɔn din sɛ wɔn aseni ne Yesu, na Rut ka ho. Obiako nso ne Boas maame Rahab. (Mateo 1:3, 5, 6, 16) Ɔne Rut nyinaa, na wɔnyɛ Israelfo.
wp16.5 13
Dawid ne Goliat—Ɛyɛ Ampa sɛ Wɔkoe?
Nnipa binom ntumi nhu sɛ Dawid ne Goliat asɛm no yɛ ampa anaasɛ anansesɛm. Bere a worekenkan wɔn ho asɛm wɔ nhoma yi mu no, saa adwene no baa wo tirim anaa? Ɛnde, ma yensusuw nsɛmmisa mmiɛnsa a edidi so yi ho.
1| Enti onipa bi tenten betumi adu anammɔn nkron ne fã (mita 2.9)?
Bible ka sɛ na Goliat “tenten yɛ basafa asia ne nsateakwaa akron.” (1 Samuel 17:4) Basafa baako yɛ nnɛyi sɛntimita 44.5; saa ara na nsateakwaa baako nso yɛ nnɛyi sɛntimita 22.2. Enti sɛ woka ne nyinaa bom a, wubenya anammɔn nkron ne fã anaa mita 2.9. Ebinom ka sɛ Goliat tenten ntumi nyɛ saa da, nanso wo deɛ susuw wei ho hwɛ: Nnansa yi mpo, nipa a wɔahu sɛ ɔware paa wɔ wiase nyinaa no tenten bɛboro mita 2.7. Enti wohwɛ a ɛyɛ biribi a ɛkyɛn so sɛ Goliat tenten bɛboro wei so bɛyɛ sɛ sɛntimita 15 pɛ? Ná Goliat fi Refaim abusua mu, na na mmarima a wɔwɔ saa abusua no mu agye din sɛ wɔyɛ nnipa a wɔsoso woware paa. Bɛyɛ mfe 1300 ansa na Yesu reba no, Egyptfo kyerɛwtohɔ bi kaa sɛ na Kanaan akofo bi yɛ abran. Ná wɔn tenten bɛboro anammɔn 8 (mita 2.4). Enti Goliat tenten no nyɛ biribi a ɛyɛ nwonwa boro so.
2| Dawid yɛ onipa a ɔtenaa ase ankasa?
Abenfo abɔ mmɔden sɛ wɔbɛma Ɔhene Dawid ayɛ te sɛ anansesɛm mu nipa bi, nanso anyɛ yiye. Wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu no ahu ɔbo bi a wɔakyerɛw so “Dawid fie.” Bio nso, Yesu Kristo kaa Dawid ho asɛm sɛ ɔyɛ onipa a ɔtenaa ase ankasa. (Mateo 12:3; 22:43-45) Wɔka Yesu ho asɛm sɛ ɔno ne Mesia no, na wɔde abusua mmienu ho anato foa saa nokwasɛm yi so sɛ Yesu fi Ɔhene Dawid abusua mu. (Mateo 1:6-16; Luka 3:23-31) Wei di adanse sɛ Dawid yɛ onipa a ɔtenaa ase ankasa.
3| Enti nea wɔaka ho asɛm wɔ Bible mu no sii wɔ baabi pɔtee ampa?
Bible ka sɛ ɔko no kɔɔ so wɔ Ela Bon mu. Ɛnyɛ ɛno nko, ɛsan nso kyerɛ baabi pɔtee a ɔko no kɔɔ so. Ná Filistifo no mpasua wɔ nkurow mmienu bi a na ɛda mmepɔw so ntam; Soko ne Aseka. Ná Israelfo nso wɔ bon no fã nohoa. Enti baabi a wodii ako no wɔ hɔ ankasa?
Obi kɔɔ hɔ nnansa yi ara kɔhwehwɛɛ hɔ, na nea ɔkae ni: “Nea odii yɛn anim de yɛn kyinkyinii no, na ɔnyɛ nyamesomni. Ɔde yɛn kɔɔ Ela Bon no mu. Yɛkɔɔ bepɔw bi so, na bere a yɛrehwɛ bon no mu no, ɔma yɛkenkan 1 Samuel 17:1-3. Afei ɔde ne nsa kyerɛɛ hɔ kaa sɛ: ‘Mo benkum so yɛ Soko amanfo. Mo nifa so yɛ Aseka amanfo. Nkurow mmienu a mo ani tua yi ntam na Filistifo no bɔɔ wɔn mpasua. Enti baabi a yegyina yi betumi ayɛ baabi na Israelfo no mpasua wɔ.’ Enti mekaa no me tirim sɛ gyama ɛha na na Dawid ne Saul gyina no. Afei yesian kɔɔ bon no mu, na yetwaa nsu bi a na ayow a na abo gugu mu. Bere a yegyina hɔ no, mekaee sɛnea Dawid kotow sesaa mmosea toromtorom nnum a ɔde emu baako kum Goliat no.” Nnipa pii kɔhwɛ hɔ a, ɛma wɔn ani gye sɛnea Bible tumi ka biribi ho asɛm pɛɛpɛɛ no ho. Saa ara na nea ɔkɔhwehwɛɛ hɔ no nso ani gyee.
Biribiara nni hɔ a yebetumi agyina so aka sɛ Dawid ne Goliat asɛm no nyɛ nokware. Ɛka nnipa a wɔtenaa ase ankasa ne mmeae pɔtee ho asɛm. Nea ɛsen biara no, ɛka Onyankopɔn Asɛm ho. Enti yebetumi aka sɛ efi Onyankopɔn ankasa hɔ, Obi a “ontumi nni atoro.”—Tito 1:2; 2 Timoteo 3:16..
w11 10/1 19 ¶1–20 ¶1
Ɔbarima a Yehowa Koma Da no So
Bere a yedii kan tee Dawid ho asɛm no, na ɔyɛ oguanhwɛfo abarimaa a ɔhwɛ ne papa nguan so. Ɛda adi sɛ saa adwuma yi maa ne nkutoo tenaa sare so nna pii. Wode susuw tebea no ho hwɛ.
Ná Dawid abusua no te Betlehem, kurow ketewa bi a na ɛda Yuda mmepɔw so. Ná Betlehem nsase a abo wɔ so no ma wotumi twa awi pii. Ná nnuaba turo, ngodua turo, ne bobeturo wɔ mmepɔw no nsianee no so. Dawid bere so no, ɛda adi sɛ na ɔde mmoa kɔ adidi wɔ mmepɔw a wɔnyɛ so afuw no so. Ná Yuda sare no da anafo fam.
Ná asiane wɔ nguanhwɛ adwuma a Dawid yɛ no mu. Ɛyɛ mmepɔw yi so na ohyiaa gyata ne osisi a na wɔpɛ sɛ wɔkyere ne nguan no bi no. Aberante a na ne bo yɛ duru yi dii mmoa yi akyi kogyee ne nguan fii wɔn nsam. (1 Samuel 17:34-36) Ɛbɛyɛ sɛ saa bere no na Dawid suaa sɛnea wɔtow ataabo. Ná Benyaminfo asase bɛn Dawid kurom. Ná Benyaminfo nim ataabo tow yiye ma enti na wɔka sɛ, “Sɛ nhwi mpo sɛn hɔ a, wɔn mu biara betumi atow ɔbo atew a ɔmfom.” Ná Dawid nso ani gyene paa.—Atemmufo 20:14-16; 1 Samuel 17:49.
Ɔde ne Bere Dii Dwuma Yiye
Nguanhwɛfo adwuma no ma wɔn nkutoo taa tew wɔn ho tena baabi koom. Nanso Dawid amma n’ani anhaw ne ho. Mmom no, beae a ɛhɔ yɛ dinn no ma onyaa kwan dwinnwen nneɛma ho. Ɛda adi sɛ nsɛm a Dawid dwinnwen ho a wɔakyerɛw wɔ ne nnwom ahorow mu no bi fi ne mmerantebere mu. So ɛyɛ bere a na watew ne ho rehwɛ mmoa no na odwinnwen baabi a nnipa hyɛ wɔ amansan yi mu ne nneɛma a ɛyɛ nwonwa a ɛwɔ soro te sɛ owia, ɔsram ne nsoromma a ɛyɛ “[Yehowa] nsateaa ano adwuma” no ho? So Betlehem sare so na odwinnwen nsase, anantwi, nantwinini, nnomaa “ne wuram mmoa” ho no?—Dwom 8:3-9; 19:1-6.
Akyinnye biara nni ho sɛ, Dawid ankasa suahu a onyae sɛ oguanhwɛfo no na ɛma ɔtee sɛnea Yehowa da ayamhyehye adi kyerɛ N’asomfo anokwafo no ase yiye. Eyi maa Dawid too dwom sɛ: “Yehowa ne me Hwɛfo. Hwee renhia me. Ɔma meda wura frɔmfrɔm adidibea; ɔde me kɔ homebea a nsu pii wɔ. Sɛ menam esum kabii bon mu mpo a, minsuro bɔne biara, efisɛ woka me ho; w’abaa ne wo poma na ɛkyekye me werɛ.”—Dwom 23:1, 2, 4.
w21.03 3 ¶6
Mmerante—Dɛn Na Mobɛyɛ Na Asafo No Anya Mo Mu Awerɛhyem?
6 Ade baako a na ɛhaw Dawid ne sɛ, na ebinom bu no sɛ onnyinii, na na ebinom nso bu no sɛ ɔnyɛ n’adwuma yiye. Bere a Dawid kaa sɛ ɔne Goliat bɛko no sei, Ɔhene Saul yɛe ara sɛ obebu n’abam. Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Woyɛ aberantewa” anaa wusua. (1 Sam. 17:31-33) Ná Dawid ankasa nua adi kan aka akyerɛ no sɛ ɔnyɛ n’adwuma yiye. (1 Sam. 17:26-30) Nanso Yehowa de, na ommu Dawid sɛ osua anaa ɔnyɛ n’adwuma yiye. Ná onim Dawid yiye. Esiane sɛ Dawid de ne werɛ hyɛɛ n’Adamfo Yehowa mu nti, ɔmaa no ahoɔden ma otumi kum Goliat.—1 Sam. 17:45, 48-51.
it “Eliab” No. 4 ¶1-wcgr
Eliab
4. Ná ɔyɛ Ɔhene Dawid papa Yese abakan. (1Sa 17:13; 1Be 2:13) Bere a Samuel huu sɛnea Eliab te ne ne tenten no, ɔde anigye kaa sɛ, wei ara na Onyankopɔn apaw no sɛ ɔmmɛyɛ ɔhene. Nanso na Yehowa apo Eliab; Dawid mmom na na wapaw no.—1Sa 16:6-12.
w21.03 2-5 ¶1-11
Mmerante—Dɛn Na Mobɛyɛ Na Asafo No Anya Mo Mu Awerɛhyem?
ANUANOM mmerante, nneɛma pii na mubetumi ayɛ de aboa asafo no. Sɛ ɛba ahoɔden a, mo mu bebree si pi si ta. (Mmeb. 20:29) Na yɛannya mo wɔ asafo no mu a, anka yɛbɛyɛ dɛn! Sɛ woyɛ aberante a, ebia w’ani da so sɛ wɔbɛyɛ wo asafo mu somfo. Nanso ebia ɛbɛyɛ wo sɛ ebinom hu wo sɛ wusua dodo anaa wunni asetena mu suahu biara, ɛno nti wɔrentumi mfa adwuma a ɛho hia nhyɛ wo nsa. Ɛwom, ebia wunnyinii papa, nanso seesei nneɛma bi wɔ hɔ a wubetumi ayɛ na ama asafo a wowom no mufo anya wo mu awerɛhyem na wɔabu wo.
2 Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ Ɔhene Dawid abrabɔ mu nsɛm. Afei nso yɛbɛhwɛ Yuda ahemfo mmienu abrabɔ mu nsɛm kakra; ahemfo no ne Asa ne Yehosafat. Yɛbɛhwɛ ɔhaw a saa mmarima mmiɛnsa yi faa mu ne nea wɔyɛe wɔ ho, na yɛahwɛ nea anuanom mmerante betumi asua afi nea wɔyɛe no mu.
SUA BIRIBI FI ƆHENE DAWID HƆ
3 Bere a na Dawid yɛ aberante no, osuaa nneɛma bi a na nkurɔfo hu no sɛ mfaso wɔ so. Biribiara kyerɛ sɛ na ɔne Yehowa adamfofa ho hia no paa. Osuaa sankubɔ yiye, na ɔde saa ɔdom akyɛde no boaa Saul, ɔhene a na Onyankopɔn apaw no no. (1 Sam. 16:16, 23) Mmerante, mowɔ nimdeɛ bi a mubetumi de aboa asafo no mufo anaa? Mo mu bebree wɔ bi. Ebia moahu sɛ, sɛ moboa wɔn a wɔn ani afi ma wotumi de wɔn tablɛt anaa ɛlɛtrɔnik mfiri sua ade anaa wɔde kɔ asafo nhyiam a, ɛma wɔn ani gye paa. Esiane sɛ munim ɛlɛtrɔnik mfiri mu nti, mubetumi aboa wɔn a wɔn ani afi no paa.
4 Dawid abrabɔ mu no, na n’ani da fam na na ɔmfa n’adwuma nni agorɔ. Wo de hwɛ, bere a na ɔyɛ aberante no, ɔyeree ne ho hwɛɛ ne papa nguan. Ná adwuma no yɛ hu. Akyiri yi, Dawid kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ Ɔhene Saul sɛ: “Ná w’akoa rehwɛ ne papa nguan, na gyata bɛkyeree oguammaa fii nguankuw no mu, na sisi nso bɛkyeree bi. Na mitiw no kɔbɔɔ no, na miyii no fii n’anom.” (1 Sam. 17:34, 35) Ná Dawid te nka sɛ nguan no hyɛ ne nsa, na ɛsɛ sɛ ɔhwɛ wɔn yiye, enti ɔde akokoduru ko gyee wɔn. Mmerante betumi asuasua Dawid, na wɔayɛ adwuma biara a wɔde bɛma wɔn no yiye.
5 Bere a na Dawid yɛ aberante no, ɔne Yehowa faa adamfo denneennen. Ɛnyɛ Dawid akokoduru anaa sɛnea na onim sankubɔ no na na ehia. Mmom nea na ehia paa ne ayɔnkofa a na ɛwɔ ɔne Yehowa ntam no. Ná Yehowa yɛ Dawid Nyankopɔn, na na ɔsan yɛ n’Adamfo, na ɔyɛ n’Adamfo paa. (Kenkan Dwom 25:14.) Anuanom mmerante, ade a ɛho hia paa a mubetumi ayɛ ne sɛ mo ne mo Agya a ɔwɔ soro no bɛfa adamfo denneennen. Moyɛ saa a, asafo no betumi de dwumadi foforo ahyehyɛ mo nsa.
6 Ade baako a na ɛhaw Dawid ne sɛ, na ebinom bu no sɛ onnyinii, na na ebinom nso bu no sɛ ɔnyɛ n’adwuma yiye. Bere a Dawid kaa sɛ ɔne Goliat bɛko no sei, Ɔhene Saul yɛe ara sɛ obebu n’abam. Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Woyɛ aberantewa” anaa wusua. (1 Sam. 17:31-33) Ná Dawid ankasa nua adi kan aka akyerɛ no sɛ ɔnyɛ n’adwuma yiye. (1 Sam. 17:26-30) Nanso Yehowa de, na ommu Dawid sɛ osua anaa ɔnyɛ n’adwuma yiye. Ná onim Dawid yiye. Esiane sɛ Dawid de ne werɛ hyɛɛ n’Adamfo Yehowa mu nti, ɔmaa no ahoɔden ma otumi kum Goliat.—1 Sam. 17:45, 48-51.
7 Dɛn na wubetumi asua afi Dawid asɛm no mu? Yesua sɛ, ɛsɛ sɛ yenya abotare. Nnipa a wonim wo fi wo mmofraase no, ebia ebegye bere na wɔahu sɛ seesei de woanyin. Yehowa de, sɛnea wote wɔ nnipa ani so no, nya awerɛhyem sɛ ɛnyɛ saa na ohu wo. Onim wo yiye na onim nea wubetumi ayɛ nso. (1 Sam. 16:7) Enti hyɛ wo ne Onyankopɔn ayɔnkofa no mu den. Nea ɛmaa Dawid ne Onyankopɔn faa adamfo denneennen ne sɛ, ɔtɔɔ ne bo ase hwɛɛ nneɛma a Yehowa abɔ. Dawid dwinnwen nneɛma a Onyankopɔn abɔ no ho kɔɔ akyiri, na wei ma osuaa nneɛma pii faa Ɔbɔadeɛ no ho. (Dw. 8:3, 4; 139:14; Rom. 1:20) Ade foforo a wubetumi ayɛ ne sɛ wobɛsrɛ Yehowa sɛ ɔnhyɛ wo den. Yɛnhwɛ nhwɛso yi. Esiane sɛ woyɛ Yehowa Danseni nti, ɛyɛ a wo sukuufo no bi serew wo anaa? Sɛ saa a, ɛnde bɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa wo na woatumi agyina saa ɔhaw yi ano. Afei nso, afotu a wunya fi n’Asɛm mu, ne asafo nhoma ne video ahorow mu no, fa yɛ adwuma. Bere biara a wubehu sɛ Yehowa aboa wo ama woafa ɔhaw bi mu no, wubenya ne mu awerɛhyem kɛse. Bio nso sɛ asafo no mufo hu sɛ wode wo ho to Yehowa so a, ɛbɛma wɔanya wo mu awerɛhyem.
8 Yɛnhwɛ ɔhaw foforo a Dawid faa mu. Bere a wɔsraa Dawid sɛ ɔbɛyɛ ɔhene no, na ɛsɛ sɛ ɔtwɛn mfe pii ansa na wɔde no asi ade so sɛ Yuda hene. (1 Sam. 16:13; 2 Sam. 2:3, 4) Bere a ɔretwɛn no, dɛn na ɛboaa no ma onyaa abotare? Dawid amma n’abam ammu, mmom ɔde n’adwene sii nea obetumi ayɛ so. Yɛhwɛ bere a Dawid guan kɔtenaa Filistifo asase so sei a, ɔde saa bere no ne Israel atamfo koe. Ɔyɛɛ saa de bɔɔ Yuda asase no ahye ho ban.—1 Sam. 27:1-12.
9 Dɛn na anuanom mmerante betumi asua afi Dawid asɛm no mu? Monyɛ nea mubetumi biara mfa nsom mo nuanom. Yɛnhwɛ onua bi a wɔfrɛ no Ricardo. Odii bɛyɛ mfe du na ɔde sii n’ani so sɛ ɔbɛyɛ daa kwampaefo, nanso mpanyimfo no ka kyerɛɛ no sɛ ɔntwɛn kakra. Ricardo ampa abaw na wamfa wɔn ho abufuw. Mmom ɔyeree ne ho yɛɛ asɛnka adwuma no pii. Ɔka sɛ: “Sɛ mehwɛ m’akyi a, na mitumi hu sɛ ɛsɛ sɛ mekeka me ho wɔ asɛnka adwuma no mu. Sɛ obi kyerɛ asɛm no ho anigye a, na mehwɛ sɛ mɛsan akɔ ne nkyɛn, na na mehwɛ sɛ nea me ne no rekosua no, madi kan asua. Mitumi mpo yɛɛ Bible adesua baako. Bere a mede bere pii yɛɛ asɛnka adwuma no, ɛma minyaa akokoduru paa.” Seesei Ricardo yɛ daa kwampaefo a ne ho akokwaw ne asafo mu somfo.
10 Yɛnhwɛ biribi foforo a esii wɔ Dawid abrabɔ mu. Bere a Dawid ne ne mmarima kɔbɔɔ wɔn ho aguaa wɔ Filistifo asase so no, da bi, wogyaw wɔn yerenom ne wɔn mma hɔ kɔɔ ɔko. Bere a wɔkɔe no, atamfo bɛfom wɔn nneɛma, na wɔfaa wɔn yerenom ne wɔn mma kɔe. Anka Dawid betumi anya adwene sɛ esiane sɛ waben wɔ akodi mu nti, nea ɛbɛyɛ biara obetumi afa kwan bi so akogye wɔn yerenom ne wɔn mma, nanso wanyɛ saa. Mmom ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔnkyerɛ no nea ɔnyɛ. Ɔsɔfo bi a ɔde Abiatar boaa Dawid ma obisaa Yehowa sɛ: “Mintiw afowfo yi anaa?” Yehowa ka kyerɛɛ Dawid sɛ ɔnkɔ, na ɔmaa no awerɛhyem sɛ obedi nkonim. (1 Sam. 30:7-10) Dɛn na wubetumi asua afi saa asɛm no mu?
11 Sɛ worebesi gyinae a, bisa ebinom adwene. Wo ne w’awofo nnwen ho. Sɛ wo ne asafo mu mpanyimfo a wɔwɔ suahu nso ka ho asɛm a, wobetumi ama wo afotu pa. Yehowa wɔ mpanyimfo no mu awerɛhyem na wo nso wubetumi anya wɔn mu awerɛhyem. Yehowa bu wɔn sɛ wɔyɛ “akyɛde” ma asafo no. (Efe. 4:8) Sɛ wusuasua wɔn gyidi na wutie afotu pa a wɔde ma wo no a, ɛbɛboa wo. Afei momma yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi Ɔhene Asa hɔ.
TI 24
Ná Asɛnkɛse Bi Rebobɔ Ba, Nanso Osii Ano
ia 77 ¶6
Ɔyɛɛ N’ade Nyansam
6 Ɛnnɛ, ebia ɛbɛyɛ ebinom nwonwa sɛ ababaa a onim nyansa saa kɔwaree ɔbarima huhuni a ɔte saa. Kae sɛ, wɔ mmere a na wɔrekyerɛw Bible no mu no, awofo na na wɔyɛ aware ho nhyehyɛe ma wɔn mma. Sɛ awofo anyɛ saa mpo a, na ɛho hia paa sɛ wɔpene so ansa na wɔaware. So Abigail awofo penee saa aware no so, anaa mpo wɔn na wɔyɛɛ ho nhyehyɛe ma wɔwaree esiane sɛ na Nabal yɛ ɔdefo a wagye din nti? So na ahia wɔn nti na wɔyɛɛ saa? Sɛnea ɛte biara no, sika a na Nabal wɔ no amma wanyɛ okunu pa.
w97 7/1 14 ¶4
Ɔbea Nyansafo Bi Sianka Asiane
Nanso, na nguan ho nhwi twitwa afi ase wɔ Karmel. Na eyi yɛ anigye bere sɛnea otwa bere te ma okuafo no. Afei nso na ɛyɛ bere a wɔyɛ ayamye, bere a nguan wuranom tua wɔn adwumayɛfo ka. Ɛno nti Dawid anyɛ aniammɔho sɛ ɔsomaa mmarima du sɛ wɔnkɔ Karmel, Nabal hɔ, nkogye aduan sɛ wɔn adwuma a wɔyɛe wɔ nguankuw no ho ho akatua.—1 Samuel 25:4-9.
ia 77-78 ¶9-10
Ɔyɛɛ N’ade Nyansam
9 Ná Nabal te Maon, nanso na ɔyɛ adwuma wɔ Karmel a ɛbɛn hɔ no, na ɛbɛyɛ sɛ na ɔwɔ asase wɔ hɔ. Ná saa nkurow no da mmepɔw a sare frɔmfrɔm wɔ so so ma enti na ɛyɛ baabi pa a wɔyɛn nguan, na na Nabal wɔ nguan 3,000 wɔ hɔ. Ná ɛhɔ nyinaa yɛ nwura kusuu. Ná Paran sare kɛse no da anafo fam. Sɛ wode w’ani kyerɛ apuei fam a, na worekɔ Nkyene Po a ɛda asase pradadaa a mmonkyimmɔnka ne abodan wɔ so no so. Saa ɔmantam yi mu na na Dawid ne ne mmarima no akɔhyɛ repere sɛ wobenya wɔn ti adidi mu, na akyinnye biara nni ho sɛ, wɔn ankasa hwehwɛɛ wɔn ano aduan, na wohyiaa tebea ahorow a emu yɛ den pii. Ná wɔtaa hyia mmerante a wɔhwɛ Nabal a ɔyɛ ɔdefo no nguan no.
10 Saa asraafo a wɔbɔ wɔn ho mmɔden no ne nguanhwɛfo no dii no dɛn? Ná anka ɛnyɛ den mma wɔn koraa sɛ bere ne bere mu wobekum nguan no bi awe, nanso wɔanyɛ biribi a ɛte saa. Mmom no, wɔbɔɔ Nabal nkoa ne ne nguan no ho ban. (Monkenkan 1 Samuel 25:15, 16.) Ná nguan ne nguanhwɛfo hyia asiane pii, na na nkekaboa pii nso wɔ hɔ. Ná ɛhɔ bɛn Israel anafo hye so paa ma enti na afowfo ne akorɔmfo a wɔyɛ ananafo taa bɛtow hyɛ wɔn so.
it “Nkwa” ¶45-wcgr
Nkwa
“Nkwa Kotoku.” Bere bi a Nabal ne Dawid anni no yiye no, Dawid yɛe sɛ ɔrekotua ne so ka. Enti Abigail kohyiaa no dwudwoo ne bo, na ɛno amma Dawid anyɛ biribi a ɛbɛma wadi mogya ho fɔ. Afei, Abigail ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ obi tu n’ani si wo so sɛ obekum wo a, Yehowa wo Nyankopɔn bɛkyekyere me wura nkwa wɔ nkwa kotoku mu de asie ne nkyɛn; nanso w’atamfo nkwa de, ɔbɛtow akyene te sɛ abo a wɔtow fi ataabo mu.” (1Sa 25:29-33) Sɛ obi wɔ biribi a ɛsom bo ma no a, ɛyɛ a ɔde ade kyekyere ho de bɔ ho ban, na saa ara na na Dawid nkwa te wɔ Onyankopɔn teasefo no nsam. Enti sɛ Dawid anyɛ n’adwene sɛ ɔno ara betua n’atamfo ka, na ogyae ma Yehowa a, na Yehowa nso bɛbɔ ne nkwa ho ban na n’atamfo annya no. Dawid atamfo nkwa de, na Onyankopɔn bɛtow akyene.
w14 12/1 12-13
“Onipa Nhunumu Twentwɛn N’abufuo Ase”
Kookyi bi a na ɔhwɛ baskɛtbɔɔl so wɔ sukuu bi mu antumi anni n’abufuo so, enti wɔpamoo no.
Nea abɔfra bi pɛ a wannya nti, ne bo fuiɛ ma ɔkekaa mu dendeenden.
Abarimaa bi yɛɛ ne dan mu basaa ma ɛkɔfaa ɔham baa ɔne ne maame ntam.
YƐN nyinaa ahu obi a ne bo afu pɛn. Yɛn nso, ɛyɛ a yɛn bo tumi fu. Yɛnim sɛ abufuo nyɛ adepa, nanso sɛ obi yɛ biribi a yɛsusu sɛ ɛmfa kwan mu a, yɛn bo tumi fu. Apɔmuden kuo bi mpo deɛ, wɔka sɛ “abufuo nyɛ adebɔne, na mfasoɔ mpo wɔ so.”—American Psychological Association.
Asɛm bi a Onyankopɔn honhom kaa Kristo somafoɔ Paulo ma ɔtwerɛeɛ nti, anhwɛ a wobɛka sɛ saa kuo no asɛm no tɔ asom. Nea ɔtwerɛɛ no kyerɛ sɛ ɛtɔ da a yɛn bo tumi fu. Ɛka sɛ: “Mo bo mfu, nanso monnyɛ bɔne; mommma awia nnkɔtɔ mo so mo abufuo mu.” (Efesofoɔ 4:26) Ɛnneɛ, sɛ yɛn bo fu a, ɛsɛ sɛ yɛma ɛda adi anaa ɛsɛ sɛ yɛka hyɛ?
WO BO FU A WOAYƐ BƆNE?
Bere a Paulo de abufuo ho afotuo rema no, ɛbɛyɛ sɛ na ɔdwontofoɔ bi asɛm wɔ ne tirim. Ɔdwontofoɔ no twerɛɛ sɛ: “Mo bo fu a, monnyɛ bɔne.” (Dwom 4:4) Nanso, asɛm a Onyankopɔn honhom kaa Paulo ma ɔkaeɛ no, adwene bɛn paa na na ɛwɔ akyi? Paulo toaa n’asɛm no so sɛ: “Momma wɔnyi menasepɔ nyinaa ne abufuo ne bobɔne ne nkekamu ne kasatia mfiri mo mu, ɛne adebɔne biara.” (Efesofoɔ 4:31) Nea na Paulo rekyerɛ ne sɛ, ɛsɛ sɛ Kristofoɔ hyɛ wɔn ho so wɔ abufuo ho. Apɔmuden kuo bi asɛm a yɛaka dada no, ɛtoa so sɛ: “Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ, sɛ wo bo fu na woanka anhyɛ a, ɛma abufuo no yɛ kɛse, na ɛmmoa.”
Ɛnneɛ yɛbɛyɛ dɛn ‘ayi abufuo’ ne ɛho nsunsuanso bɔne no nyinaa afi yɛn mu? Onyansafoɔ Solomon a ɔdii tete Israel so hene no twerɛɛ sɛ: “Onipa nhunumu twentwɛn n’abufuo ase, na ɛyɛ animuonyam ma no sɛ ɔbɛbu n’ani agu bɔne soɔ.” (Mmebusɛm 19:11) Sɛ obi bo fu a, ɛbɛyɛ dɛn na “nhunumu” atumi aboa no?
SƐNEA NHUNUMU BƐTUMI ATWENTWƐN ABUFUO ASE
Obi a ɔwɔ nhunumu nhwɛ nneɛma aniani kɛkɛ. Mmom no, ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛhu asɛm bi mu yie. Ɛnneɛ asɛm a yɛbɛhu mu yie no bɛboa yɛn sɛn bere a yɛn bo afu no?
Sɛ obi yɛ biribi a ɛntwa yie a, ɛbɛtumi ama yɛn bo afu. Nanso, sɛ yɛanhyɛ yɛn ho so na yɛyɛ basabasa a, ɛbɛwie aseɛ no na akɔfa ɔhaw abrɛ yɛn anaa afoforɔ. Sɛnea obi sɔ gya na wanhwɛ no yie a ɛbɛtumi ahye ne fie no, saa ara nso na yɛn bo fu na yɛanni so a, ɛbɛtumi asɛe yɛn din na asɛe yɛne afoforɔ ntam. Ɛbɛtumi mpo asɛe yɛne Onyankopɔn ntam. Enti sɛ yɛhu sɛ yɛn bo refu a, ɛsɛ sɛ yɛtɔ yɛn bo ase hwehwɛ nea asi no mu yie. Ɛno bɛma yɛahu asɛm no ani so yie na yɛatumi ahyɛ yɛn abufuo so.
Solomon papa, Ɔhene Dawid sei, ɛkaa dɛ anka ɔrekɔkum ɔbarima bi a wɔfrɛ no Nabal. Anka ɛno bɛma wadi mogya ho fɔ, nanso obi boaa no ma ɔdwenee nneɛma ho kɔɔ akyiri. Nea ɛbaeɛ ne sɛ, bere a Nabal nnwan wɔ Yudea sare so no, Dawid ne mmarima a wɔka ne ho no bɔɔ wɔn ho ban. Ná Nabal retwitwa ne nnwan ho nwi, na Dawid soma kɔsrɛɛ no sɛ ɔmma wɔn aduane. Asɛm a Nabal ka kyerɛɛ Dawid ne sɛ: “Memfa m’aduane ne me nsuo ne me nam a makum atwitwa ama me nnwan ho twitwafoɔ no mma mmarima a mennim deɛ wɔfire mpo?” Adapaatwa paa nie! Dawid tee ara pɛ na ɔfaa mmarima 400 kaa ne ho sɛ wɔrekɔkunkum Nabal ne ne fiefoɔ nyinaa.—1 Samuel 25:4-13.
Nabal yere Abigail tee nea aba no, ɔsiim sɛ ɔrekɔhyia Dawid. Bere a Abigail huu Dawid ne ne mmarima no, ɔbɔɔ ne mu ase kaa sɛ: “Ma w’afenaa nkasa w’asom, na tie w’afenaa asɛm.” Afei ɔka kyerɛɛ Dawid sɛ Nabal agyimi, na sɛ ɔdi n’akyi kɔhwie mogya gu a, ɔbɛnu ne ho.—1 Samuel 25:24-31.
Ɛdeɛn na ɛwɔ Abigail asɛm no mu a ɛmaa Dawid nyaa nhunumu a enti wanyɛ basabasa? Nea ɛdi kan, Dawid bɛhuu sɛ agyimisɛm ne Nabal na ɛte, enti sɛnea ɔyɛɛ n’adeɛ no, saa ara na ne suban teɛ. Afei, Dawid huu sɛ, ɔka sɛ ɔretua Nabal bɔne so ka a, ɔbɛtumi adi mogya ho fɔ. Wo nso, sɛnea Dawid bo fui no, biribi bɛtumi ama wo bo afu. Ɛba saa a, deɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Apɔmuden adwumakuo bi ka sɛnea wobɛhyɛ w’abufuo so ho asɛm sɛ: “Twe mframa kɔ wo mu na kan fi 1 kɔsi 10.” (Mayo Clinic) Enti sɛ wo bo fu a, twɛn na susu nea akɔfa ɔhaw no aba no ho. Nsunsuanso a nea wopɛ sɛ woyɛ no de bɛba nso, dwen ho. Ma nhunumu ntwentwɛn w’abufuo ase anaa ɛntu aseɛ koraa.—1 Samuel 25:32-35.
Ɛnnɛ nso, nnipa pii de nhunumu ayɛ adwuma ma wɔatumi ahyɛ wɔn abufuo so. Baako ne aberanteɛ bi a wɔfrɛ no Sebastian. Bere a ɔdii mfie 23 no, na ɔda afiase wɔ Poland man mu. Bible a ɔsuaeɛ nti, ɔhuu sɛnea ɔbɛhyɛ n’abufuo so. Ɔkaa sɛ: “Medi kan susu ɔhaw no ho. Afei mebɔ mmɔden sɛ mede Bible mu afotuo bɛdi ho dwuma. Mabɛhu sɛ nhoma biara nni hɔ a ɛbɛtumi aboa wo te sɛ Bible.”
Saa ara na aberanteɛ bi a wɔfrɛ no Setsuo nso yɛeɛ. Ɔkaa sɛ: “Kane no, sɛ nkurɔfoɔ gyegye me wɔ adwumam a, na meteɛteɛm gu wɔn so. Nanso, ɛfi bere a mesuaa Bible no, obi yɛ me biribi a, menteɛteɛm bio. Mmom no, medi kan susu ho sɛ: ‘Hwan na mfomsoɔ no fi no? Ɛnyɛ me ara me mfomsoɔ?’” Saa a Setsuo yɛeɛ nti, ɔtumi twentwɛnee n’abufuo ase, na biribi ha no nso a, ɔtumi di so.
Ɛyɛ den paa sɛ yɛbɛdi abufuo so, nanso tumi a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu nti, yɛbɛtumi adi so koraa. Sɛ wode Bible mu afotusɛm a nyansa wom no di dwuma na wobɔ Onyankopɔn mpaeɛ srɛ ne mmoa a, wo nso wobɛtumi ama nhunumu atwentwɛn w’abufuo so, na woadi so mpo.
TI 25
Onyaa Akokoduru De Yɛɛ Adepa
it “Abisai” ¶3-5-wcgr
Abisai
Nneɛma a Abisai yɛe nti, na wɔbu no sɛ ɔkyɛn mmarima akatakyi 30 a na ɔyɛ wɔn so panyin no. Ɔno nko ara kunkum atamfo 300. Ɛno nti, na wagye din te sɛ Dawid akatakyi “baasa a wodi kan no,” nanso na ɔnto wɔn.—2Sa 23:18, 19.
Ɔko a Dawid koe nyinaa, ne wɔfase Abisai taa n’akyi. Nanso na Abisai yɛ obi a nea ɛbɛba ne mu biara na ɔreyɛ, na na onni ahummɔbɔ mpo. Mmere bi wɔ hɔ a, sɛ wɔansiw no kwan a, anka nea ɔbɛyɛ no renyɛ papa. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, anadwo bi, ɔne Dawid wiawiaa wɔn ho kɔɔ baabi a Saul ne n’asraafo no asoɛ no, na wɔkɔtoo sɛ wɔadeda. Sɛ Dawid ansiw Abisai kwan a, anka ɔde Saul a “Yehowa asra no” no ankasa peaw wɔɔ no tim fam. (1Sa 26:6-9) Bere bi nso a Absalom tew atua no, Simei domee Ɔhene Dawid. Mprenu na Abisai yɛe sɛ obekum Simei, nanso Dawid siw no kwan. Ɛpɔw a Abisai ne ne nua bɔ maa wɔkum Abner no de, Dawid antumi ansiw no kwan.—2Sa 3:30; 16:9-11; 19:21-23.
Ade foforo nso a wɔde nim Abisai ne sɛ, odii anim ma wɔkunkum Edomfo 18,000, na ɔsan dii anim ma wɔdii Ammonfo so nkonim. Afei nso, bere a Benyaminni Saba a ɔyɛ onipa huhuni no tew atua no, Abisai ka ho bi na wɔsiw atuatew no ano. Bible ma yehu sɛ, ɔko a etwa to a Dawid kɔe no nso, sɛ ɛnyɛ Abisai na otwitwa gyee Dawid a, anka Filistini bi a ɔso ware kum no.—1Be 18:12; 19:11-15; 2Sa 20:1, 6; 21:15-17.
it “Akokɔhwerew” ¶4-wcgr
Akokɔhwerew
Akokɔhwerew nam yɛ mmerɛw, na efi tete na nnipa akum wɔn de ayɛ aduan. Sɛ ɔbɔmmɔfo repɛ nnomaa yi bi akyere wɔn a, ɔtaa yɛ biribi ma wɔpue fi baabi a wɔakohintaw no, na wɔtotow mmaa, na sɛ ɛbɔ nnomaa no bi a, na wɔatɔ fam. Sɛ ɔbɔmmɔfo ma akokɔhwerew pue fi baabi a wɔakohintaw no a, nea nnomaa yi taa yɛ de bɔ wɔn ho ban ne sɛ, wɔtu mmirika kɔtetɛw abo akɛse anaa nneɛma foforo akyi; ebi wɔ hɔ nso a wɔkɔtetɛw abotan ntam. Biribi saa na Dawid nso yɛe. Bere a na Ɔhene Saul ani abere repɛ no akyere no no, sɛ oguan kɔpɛ ahobammɔ wɔ ha a, na waguan akɔhwehwɛ ahobammɔ wɔ beae foforo nso. Ɛno nti na ɔkaa sɛ ɔte sɛ “akokɔhwerew wɔ mmepɔw so” no.—1Sa 26:20; fa toto Kwa 3:52 ho.
w17.08 6 ¶14-15
Wobɛtɔ Wo Bo Ase Atwɛn Anaa?
14 Wobuu Ɔhene Dawid nso ntɛnkyea mpɛn pii. Bere a ɔyɛ abofra no, Yehowa sraa no sɛ daakye ɔno na ɔbɛyɛ Israel hene. Nanso, Dawid twɛnee bɛyɛ mfe 15 ansa na ɔrebedi ade wɔ n’abusuakuw mu. (2 Sam. 2:3, 4) Saa bere no, Ɔhene Saul a wanni nokware no tuu n’ani sii Dawid so, na na ɔpɛ no akum no. Dawid kyinkyinii sɛ ɔkobɔfo. Ná otumi kopue obi man so. Ɛtɔ da nso a, wobɛhwɛ na wakɔtena abodan mu wɔ sare so. Bere a Saul wui wɔ ɔko mu mpo no, na ɛsɛ sɛ Dawid kɔ so twɛn bɛyɛ mfe nson ansa na watumi adi Israel man no nyinaa so hene.—2 Sam. 5:4, 5.
15 Adɛn nti na Dawid tɔɔ ne bo ase twɛnee? Dwom 13 mu no, Dawid bisae mpɛn nnan sɛ: ‘Enkosi da bɛn?’ Saa dwom no ara mu na ɔkyerɛɛ yɛn nea enti a ɔtoo ne bo ase twɛnee. N’anom asɛm ni: “Me de, w’adɔe so na mede me ho ato; ma me koma ani nnye wo nkwagye mu. Mɛto dwom ama Yehowa efisɛ ɔne me adi no yiye.” (Dw. 13:5, 6) Ná Dawid wɔ ahotoso sɛ Yehowa bɛda adɔe adi akyerɛ no. Ɔde anigye hwɛɛ kwan sɛ Yehowa begye no, na nneɛma pa a Yehowa yɛ maa no no, odwinnwen ho. Enti, Dawid hui sɛ mfaso wɔ so sɛ ɔbɛtwɛn.
w21.09 10 ¶8
Ma Ahoɔden a Mmerante Ne Mmabaa Wɔ No Nyɛ Wo Fɛ
8 Ɔhene Dawid nso yɛɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase paa. Ná ofi ne koma nyinaa mu pɛ sɛ osi asɔrefie ma Yehowa. Nanso bere a Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ Solomon a ɔyɛ aberante no na ɔbɛma wasi ɔdan no, Dawid gye toom, na ofi ne koma nyinaa mu boaa adwuma no. (1 Be. 17:4; 22:5) Ɛwom sɛ na Solomon “yɛ abofra a ne ho nkokwawee” de, nanso Dawid annya adwene sɛ obetumi ayɛ adwuma no yiye asen no. (1 Be. 29:1) Ná Dawid nim sɛ, sɛ wɔn a wodi adwuma no anim no anyin na wɔn ho akokwaw sɛ dɛn mpo a, sɛ Yehowa nsa nnim a ɛrenyɛ yiye. Ɛnnɛ nso, anuanom a wɔn mfe akɔ anim no suasua Dawid, na sɛ wɔn adwuma sesa mpo a, wɔyere wɔn ho yɛ nea wobetumi. Afei nso wonim sɛ adwuma a na kan no wɔyɛ no, Yehowa bɛboa mmerante no ma wɔatumi ayɛ.
Krataa a ɛfa Bible mu nipa ho
Ɔhene Saul
BIBLE KRATAA 41
BOABOA ANO NA SUA | NKRATAA A ƐFA BIBLE MU NNIPA HO
ƆHENE SAUL
NE HO NSƐM Ɔno ne Israel hene a odi kan. Ahyɛase no, na Saul brɛ ne ho ase. Nanso akyiri yi, ɔmaa ne ho so, enti Yehowa poo no ma n’ahenni no fii ne nsa. Bere a Dawid bɛyɛɛ ɔkofo a ne ho yɛ den no, Saul taataa no ara yɛe sɛ obekum no. Nanso Yehowa bɔɔ Dawid ho ban, na bere bi a na Israelfo ne Filistifo reko no, Saul wui wɔ ɔko no mu.—1 Samuel 31:1-4.
NSƐMMISA
A. Saul ba bɛn na ɔbɛyɛɛ Dawid adamfo paa?—1 Samuel 18:1.
B. Odiyifo Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: “ ________ ye sen afɔre.”—1 Samuel 15:22.
D. Sɛ obi ka sɛ na Saul yɛ nyaa na na onni ahoɔden a, wobɛka sɛn? Aane anaa daabi?—2 Samuel 1:23.
MMUAE
A. Yonatan.
B. Osetie.
D. Daabi. Efisɛ Dawid kaa sɛ Saul ho yɛ hare sen ɔkɔre, na ne ho yɛ den sen gyata.
[Bere a Nsɛm Bi Sisii]
Wɔbɔɔ Adam afe 4026 A.Y.B.
Saul tenaa ase bɛyɛ afe 1100 A.Y.B.
Afe 1 Y.B.
Wɔkyerɛw Bible mu nhoma a etwa to no bɛyɛ afe 98 Y.B.
[Map]
Baabi a Saul taataa Dawid bere a na ɔrepɛ no akum no no: Rama, Keila, Sif sare so, Maon sare so, ne En-Gedi
Rama
Yerusalem
Keila
Sif
Maon
En-Gedi
[Kratafa 117 mfoni]
TI 26
Ɔteɛɛ Ɔhene No So
w12 2/15 25 ¶2-3
Natan—Ogyinaa Nokware Som Akyi
Nnipa pii gye tom sɛ Natan ne Gad na wɔkyerɛw 1 Samuel ti 25 kosi 31 ne 2 Samuel no. Wɔaka wɔ saa Bible mu nhoma yi mu sɛ: “Ɔhene Dawid ho nsɛm nyinaa, ne mfiase kosi n’awiei, wɔakyerɛw ne nyinaa wɔ ɔdehwɛfo Samuel ne odiyifo Natan ne ɔdehufo Gad nsɛm no mu.” (1 Be. 29:29) Bible ma yehu nso sɛ Natan na ɔkyerɛw “Solomon ho nsɛm.” (2 Be. 9:29) Eyi kyerɛ sɛ Dawid wu akyi no, ɛbɛyɛ sɛ Natan kɔɔ so yɛɛ adwuma wɔ ahemfie hɔ.
Ɛbɛyɛ sɛ Natan ankasa na ɔkyerɛw ne ho nsɛm dodow no ara a yenim no. Nanso ne ho nsɛm bi wɔ hɔ a wanka, na ɛno ma yehu nipa ko a ɔyɛ. Ná Natan yɛ ɔkyerɛwfo hobrɛasefo. Wanhwehwɛ anuonyam anaa din amma ne ho. Bible ho nhoma bi ka sɛ Natan ankyerɛ n’ase na wanka n’abusua ho asɛm biara wɔ Bible mu. Yennim Natan asetenam nsɛm titiriw biara.
w24.04 31
So Wunim?
Adɛn nti na na ahɔho ka Ɔhene Dawid asraafo ho?
AHƆHO a na wɔka Dawid asraafo ho no, wɔn mu bi ne Ammonni Selek, Hitini Uria, ne Moabni Yitma. ( Be. 11:39, 41, 46) Ná “Keretifo, Peletifo, ne Gatfo” nso ka Dawid asraafo no ho. (2 Sam. 15:18) Ná Gatfo no yɛ Filistifo. Keretifo ne Peletifo no nso, ɛbɛyɛ sɛ na wɔne Filistifo no bɔ abusua.—Hes. 25:16; Yos. 13:2, 3; 1 Sam. 6:17, 18.
Adɛn nti na Dawid maa ahɔho bɛkaa n’asraafo ho? Ná onim paa sɛ wɔdi no nokware, na nea ehia paa no, na wɔdi Yehowa nso nokware. Ɛho nhwɛso ni. The New Interpreter’s Dictionary of the Bible no ka Keretifo ne Peletifo no ho asɛm sɛ: “Bere a Dawid yɛ ɔhene a ɛtoo nea ɛyɛ den no, wɔantwe wɔn ho amfi ne ho da.” Dɛn na wɔyɛe? Bere bi “Israel mmarima nyinaa” fii Ɔhene Dawid akyi kodii ‘ɔbarima tuatewfo bi a ne din de Saba’ akyi. Nanso, Keretifo ne Peletifo no bataa Dawid ho denneennen, na wɔboa ma wɔko tiaa Saba atuatew no. (2 Sam. 20:1, 2, 7) Bere foforo nso, Ɔhene Dawid ba Adoniya yɛe sɛ obetu ne papa ade so. Nanso Keretifo ne Peletifo no kɔɔ so dii Dawid nokware, na wɔboa ma wɔsii Solomon hene, efisɛ ɔno na na Yehowa apaw no sɛ obedi ne papa ade.—1 Ahe. 1:24-27, 38, 39.
Ɔhɔho foforo a ɔno nso dii Dawid nokware paa ne Gatni Itai. Bere a Ɔhene Dawid ba Absalom tew ne so atua na owiaa Israel mmarima koma no, Itai ne n’akatakyi 600 no de, wɔtaa Ɔhene Dawid akyi. Mfiase no, Dawid ka kyerɛɛ Itai sɛ, esiane sɛ ɔyɛ ɔhɔho nti, ɛnsɛ sɛ ɔko ma no. Nanso Itai kaa sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase na me wura ɔhene nso te ase yi, baabiara a me wura ɔhene bɛkɔ no, owu mu oo, nkwa mu oo, ɛhɔ ara na w’akoa nso bɛkɔ!”—2 Sam. 15:6, 18-21.
Ɛwom sɛ na Keretifo, Peletifo ne Gatfo no yɛ ahɔho, nanso wɔgye toom sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn no, na Dawid na Yehowa asra no sɛ onni hene. Sɛnea na saa mmarima yi di Dawid nokware no, ɛbɛyɛ sɛ ná n’ani sɔ paa!
[Ase hɔ asɛm]
Onyankopɔn mmara a ɛwɔ Deuteronomium 23:3-6 ka sɛ, na ɛnsɛ sɛ Ammonfo ne Moabfo ba Israel asafo mu. Ɛbɛyɛ sɛ nea na saa mmara no kyerɛ ne sɛ, sɛ obi yɛ Ammonni anaa Moabni a, na ɔrentumi mmɛyɛ Israel man ba ankasa. Nanso na wei nkyerɛ sɛ, sɛ saa ahɔho yi bi pɛ sɛ ɔne Onyankopɔn nkurɔfo no kɔtena anaa ɔde ne ho bɔ wɔn a, ɔrentumi nyɛ saa. Hwɛ Insight on the Scriptures, Volume 1, kr. 95.
it “Dawid” ¶29-wcgr
Dawid
Ɛwom, Dawid dii awerɛhow na ɔyɛɛ akɔnkyen nnanson, nanso nkɔmhyɛ no baa mu. Enti aguaman ba a Dawid ne Bat-Seba woo no no, ɔyaree na owui. (2Sa 12:15-23) Ɛno akyi no, Dawid abakan Amnon too ɔno ara ne papa ba Tamar mmonnaa. Akyiri yi, Tamar nuabarima kum Amnon maa ne papa dii awerɛhow. (2Sa 13:1-33) Ná Absalom yɛ Dawid ba a ɔtɔ so mmiɛnsa, na na ɔyɛ ne dɔba nso, nanso Absalom yɛe sɛ obetu ne papa ade so. Ɔsan ne ne papa mpenafo dae de guu ne papa anim ase pɔtɔɔ. (2Sa 15:1–16:22) Ewiee ase no, ntɔkwaw bɛdaa Dawid akyitaafo ne Absalom akyitaafo ntam. Ɔko no mu na Absalom wui, na ɛmaa ne papa Dawid dii awerɛhow paa. (2Sa 17:1–18:33) Bere a Dawid reguan afi Absalom anim no, saa bere no na ɔhyehyɛɛ Dwom 3. Dwom no mu nsɛm no bi ka sɛ, “Nkwagye yɛ Yehowa dea.”—Dw 3:8.
w12 2/15 25 ¶1
Natan—Ogyinaa Nokware Som Akyi
Ná Natan nim sɛ Solomon na obedi Ɔhene Dawid ade. Enti bere a Adoniya yɛɛ n’adwene sɛ obehwim ahengua no wɔ Dawid nkwakoraabere mu no, Natan yɛɛ ho biribi ntɛm. Saa bere no nso, Natan yɛɛ anifere na odii nokware. Nea edi kan, ɔka kyerɛɛ Bat-Seba sɛ ɔnkae Dawid sɛ ɔno ankasa ahyɛ bɔ sɛ wɔn ba Solomon na ɔbɛyɛ ɔhene. Ɛno akyi no, Natan ankasa kɔɔ Dawid anim kobisaa no sɛ ɔno na wapaw Adoniya sɛ onni n’ade anaa. Bere a ɔhene huu sɛnea asɛm no rekeka kɔ no, ɔka kyerɛɛ Natan ne nhenkwaa anokwafo a wɔaka no sɛ wɔnsra Solomon sɛ ɔhene. Enti pɔw a Adoniya bɔe sɛ obesi ne ho hene no gye gui.—1 Ahe. 1:5-53.
Nneɛma a ɛba toatoa so wɔ jw.org, “Dwumadi a Yɛde Sua Bible”
Obi Tu Wo Fo Anaa Ɔteɛ Wo So a, Brɛ Wo Ho Ase Gye Tom
MMOFRA AFÃ
Obi Tu Wo Fo Anaa Ɔteɛ Wo So a, Brɛ Wo Ho Ase Gye Tom Dawid ne Bat-Seba—Ɔfã 2
Ɛho akwankyerɛ: Saa dwumadi yi, yɛ no baabi a dede nni. Sɛ wokenkan kyerɛwnsɛm bi a, twa ho mfoni wɔ w’adwene mu sɛ na wugyina hɔ bi na asɛm no sii. Dwen ho hwɛ nne a nnipa no de kasae. Afei bisa wo ho sɛ, nnipa a Bible kaa wɔn ho asɛm no, wɔn werɛ ahow, wɔn ani agye, anaa wɔn bo afuw?
Wɔn a asɛm no fa wɔn ho paa: Dawid ne Natan
Nea yɛrebɛka ho asɛm: Dawid yɛɛ bɔne kɛse bi, na Yehowa de kyɛɛ no, nanso ɛso nsunsuanso no de, Yehowa anyi amfi hɔ.
1 KENKAN 2 SAMUEL 12:1-24, NA DWINNWEN ASƐM YI HO.
Wohwɛ a na Natan suban te sɛn?
Bere a Natan reka ohiani a osikani bi kɔgyee ne guan ho asɛm akyerɛ Dawid no, wohwɛ a “nne” bɛn na ɔde kasae?
Bere a Natan rekyerɛkyerɛ asɛm no mu wɔ nkyekyɛm 7-9 ama Dawid ahu nea mfatoho no fa ne ho no, wohwɛ a, ɛno nso, na ne bo afuw? Ná n’ani agye? Anaa wohwɛ a ɛnne bɛn na ɔde kasae?
2 SUA PII KA HO.
Adɛn nti na na ɛsɛ sɛ Natan dwen asɛm a ɔbɛka akyerɛ Dawid no ho yiye ansa na wakɔ n’anim?
Mfatoho a Natan ma kyerɛɛ Dawid no, adɛn nti na yebetumi aka sɛ, na eye paa?
Dɛn na Natan yɛe a ɛmaa Dawid hui sɛ wadi mfomso, na adɛn nti na ɔkwan a ɔfaa so no ye kyɛn sɛ anka ɔbɛhyɛ Dawid ama waka ne bɔne?
Anhwɛ a obi bɛka sɛ Yehowa de Dawid bɔne kyɛɛ no ntɛm dodo. (San kan nkyekyɛm 13.) Nanso dɛn na Yehowa hu wɔ onipa ho a yɛn de yenhu?
Wohwɛ a, adɛn nti na bɔne a Dawid yɛe no, otwaa so aba? (San kenkan nkyekyɛm 10-12, 14.)
3 FA NEA WUSUAE NO YƐ ADWUMA.
Kyerɛw nea wusuae wɔ nea edidi so yi ho . . .
Nea enti a ahobrɛase ho hia.
Bɔne ho nsunsuanso.
Yehowa mmɔborɔhunu.
4 BISA WO HO SƐ.
Dɛn na ɛmaa obi tuu me fo?
Sɛ obi tu me fo a, dɛn na mɛyɛ de akyerɛ sɛ megye tom?
Sɛ obi de nteɛso anaa afotu ma me a, adɛn nti na ɛkyerɛ sɛ Yehowa dɔ me? (NEA ƐBƐBOA WO: Kenkan Hebrifo 12:5, 6.)
Bible mu asɛm a yɛaka wɔ ha yi, emu asuade bɛn na ɛfa me ho paa, na adɛn ntia?
Nyansahyɛ: Dwen biribi foforo a anka ebetumi asi ho. Sɛ anka Dawid annye ne mfomso antom, ɛnna ɔyɛe sɛ ɔbɛtwe Natan aso a, anka dɛn na ebesi. Kyerɛw to hɔ. Wohwɛ a anka Yehowa de Dawid bɔne bɛkyɛ no anaa?
TI 27
Wamma Nneɛma Anhyɛ Ne So
it “Makir” No. 2-wcgr
Makir
2. Ná ɔyɛ Amiel ba, na na ɔte baabi a wɔfrɛ hɔ Lo-Debar. Ansa na Dawid rekɔfa Yonatan ba Mefiboset aba Yerusalem abɛhwɛ no no, Makir fie na na Mefiboset te. (2Sa 9:4-7, 13) Akyiri yi, bere a Absalom tee Ɔhene Dawid so atua no, ebinom de aduan ne nneɛma afoforo brɛɛ Dawid ne ne nkurɔfo. Ná Makir ka ho.—2Sa 17:27-29.
it “Ɔkraman” ¶5-wcgr
Ɔkraman
Nkraman a wɔnenam basabasa no, Bible mu nsɛm bi ma yehu sɛ na wɔn ho yɛ nkurɔfo tan. Ɛho nhwɛso ne sɛ, bere a na Dawid ne Goliat rekɔko no, esiane sɛ Goliat hui sɛ okura abaa nti, obisaa Dawid sɛ, “Meyɛ ɔkraman?” (1Sa 17:43) Mmere bi nso, na Ɔhene Saul retaataa Dawid apɛ no akum no, enti obisaa Saul sɛ “hena na Israel hene atu n’ani asi no so yi? . . . Me ɔkraman funu yi?” Saa asɛm no a Dawid bisaa Saul no kyerɛ sɛ na obu ne ho sɛ kraman funu a ɔnsɛ hwee, na ɔrentumi nyɛ Saul biribiara. (1Sa 24:14) Mmere bi nso, bere a Yonatan ba Mefiboset ne Ɔhene Dawid rekasa no, ɔfrɛɛ ne ho “ɔkraman funu,” na ɛno kyerɛ sɛ na obu ne ho sɛ obi a wode no yɛ biribiara a ɛnyɛ yiye. (2Sa 9:8; hwɛ 2Sa 3:8; 16:9; 2Ah 8:13 nso.) Odiyifo Yesaia nso de ebinom a anka ɛsɛ sɛ wɔhwɛ Onyankopɔn nkurɔfo so, nanso wɔanyɛ no totoo nkraman ho. Ɔkaa sɛ wɔte sɛ nkraman mum a wɔadeda; biribi reba mpo a wɔnhu, nea wɔnim ara ne aduan. (Yes 56:10, 11) Bible de wɔn a na wɔtan Yehowa asomfo ne wɔn a na wɔnyɛ Yudafo totoo nkraman ho. (Dw 22:16, 20; 59:6, 14; Mt 15:26, 27; hwɛ SYROPHOENICIAN a ɛwɔ borɔfo de no mu.) Yesu Kristo nso de wɔn a wɔmfa Onyankopɔn asɛm nyɛ hwee totoo nkraman ho. Ɔkaa sɛ: “Mommfa ade a ɛyɛ kronkron mmma nkraman.”—Mt 7:6.
w02 2/15 14 ¶11, ase hɔ asɛm
Wogyinaa Wɔn Honam Mu Nsɔe Ano
11 Akyiri yi, na ɛsɛ sɛ Mefiboset ne honam mu nsɔe foforo di asi. Ne somfo, Siba twirii no wɔ Ɔhene Dawid a saa bere no na ɔreguan afi Yerusalem, esiane Absalom, Dawid ba, no atuatew nti no anim. Siba kae sɛ esiane sɛ Mefiboset pɛ sɛ ɔfa ahenni no nti na wahyɛ da aka Yerusalem no. Dawid gyee Siba ntwiri no dii, na ɔdan Mefiboset nsase nyinaa de maa saa ɔtorofo no!—2 Samuel 16:1-4.
[Ase hɔ asɛm]
Na ɛbɛyɛ den sɛ Mefiboset ɔhobrɛasefo a n’ani sɔ ade yi benya anuonyampɛ nsusuwii a ɛte saa. Akyinnye biara nni ho sɛ na onim nokwaredi ho nhwɛso a n’agya, Yonatan, ayɛ no yiye. Ɛwom sɛ na Yonatan yɛ Ɔhene Saul ba de, nanso ofi ahobrɛase mu gyee Dawid toom sɛ nea Yehowa apaw no sɛ onni Israel so hene. (1 Samuel 20:12-17) Sɛ́ Mefiboset agya a osuro Nyankopɔn na ɔsan yɛ Dawid adamfo no, na Yonatan ntumi nkyerɛkyerɛ ne ba mma ɔmpere tumidi.
it “Mefiboset” No. 2 ¶3-wcgr
Mefiboset
Bere bi, Gibeonfo ka kyerɛɛ Dawid sɛ nea Saul de ayɛ wɔn nti, ɔmma wɔnkum n’asefo nson nhyɛ anan. Saa asɛm no, Dawid penee so, nanso wamma wɔankum Yonatan ba Mefiboset anka ho, efisɛ na ɔne Yonatan aka ntam wɔ Yehowa anim sɛ obiara bɛda ɔdɔ a enni huammɔ adi akyerɛ ne yɔnko afebɔɔ. (2Sa 21:7, 8) Nsɛm yi akyi no, Kyerɛwnsɛm no anhyɛ da anka Mefiboset ho asɛm bio. Nanso ɛka sɛ ne ba Mika woe maa ne mma nso wowoe, enti Saul asefo ase anhyew. (2Sa 9:12; 1Be 9:39-44) Sɛ yɛde 1 Beresosɛm 8:34 toto 1 Beresosɛm 9:40 ho a, ɛma yehu sɛ, gyama na wɔsan frɛ Mefiboset Merib-Baal.
w11 6/1 26-27-wcgr
Ɛyɛ a Wote Nka Sɛ Woatɔ Mu Anaa?
Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma
SƐ YƐKA sɛ obi atɔ mu a, nea ɛkyerɛ ne sɛ nnipa a atwa ne ho ahyia no, ɔte nka sɛ ɔnsɛ mfata sɛ ɔka wɔn ho. Ebia nea ɛbɛma obi ate nka saa ne sɛ, ɛsono ne kɔla, baabi a ofi, kasa a ɔka, anaa sɛnea ɔyɛ n’ade. Ɛtɔ da a, wo nso wote nka sɛ woatɔ mu anaa?—
Yɛnhwɛ ɔbarima bi a na ɔte nka saa. Ná ne din de Mefiboset. Yebehu onipa ko a na ɔyɛ na yɛahwɛ nea enti a ɔtee nka sɛ watɔ mu. Wo nso, sɛ biribi nti wote nka sɛ woatɔ mu a, wubetumi asua nneɛma pii afi Mefiboset asɛm no mu.
Ná Mefiboset yɛ Dawid yɔnko berɛbo Yonatan ba. Yonatan kaa asɛm bi kyerɛɛ Dawid ansa na ɔrekɔ ko akowu. Ɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Ɛyɛ a wo ne me mma nni no yiye mma me.’ Enti akyiri yi a Dawid bɛyɛɛ ɔhene no, mfe bi akyi no, ɔkaee asɛm a Yonatan ka kyerɛɛ no no. Saa bere no, na Yonatan ba Mefiboset da so te ase. Bere a Mefiboset yɛ abofra ketewa no, ɔhwee fam pirae, na ɔbɛyɛɛ obubuafo ne nkwa nna nyinaa. Afei wuhu nea enti a ebia na ohu ne ho sɛ watɔ mu no?—
Ná Dawid pɛ sɛ ɔda adɔe adi kyerɛ Yonatan ba Mefiboset, enti ɔyɛɛ nhyehyɛe maa Mefiboset bɛtena bɛn no wɔ Yerusalem, na ɔma odidii wɔ ne pon so. Ɔde ɔbarima bi a wɔfrɛ no Siba maa Mefiboset sɛ ne somfo, na Siba mma ne n’asomfo nyinaa nso bɛhyɛɛ Mefiboset ase. Nea Dawid yɛe no, wuhu sɛ ɔde hyɛɛ Yonatan ba no anuonyam paa! Wunim nea akyiri yi esii?—
Nsɛmnsɛm bi sɔree wɔ Dawid fie. Nea ɛbae ne sɛ, ne ba Absalom yɛe sɛ obetu no ade so, enti na ɛsɛ sɛ Dawid guan pere ne nkwa. Dawid nnamfo hui sɛ ɔno Dawid na ɔfata sɛ odi hene, enti bere a ɔreguan no, wɔn mu bebree ne no kɔe. Ná Mefiboset nso pɛ sɛ ɔkɔ bi, nanso esiane sɛ na ontumi nnantew nti, wantumi ankɔ.
Siba bedii atoro kyerɛɛ Dawid sɛ nea enti a Mefiboset ne no ankɔ ara ne sɛ, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔhene. Dawid nso gyee asɛm no dii. Enti ɔde Mefiboset agyapade no nyinaa maa Siba. Akyiri yi, Dawid dii Absalom so nkonim, na ɔsan baa Yerusalem. Ɔbae no, obetiee Mefiboset nso anom asɛm. Ɛnna ɔkaa sɛ Mefiboset ne Siba nkyɛ agyapade no. Wohwɛ a dɛn na Mefiboset bɛyɛ?—
Mefiboset ankasakasa sɛ nea Dawid yɛe no antwa yiye. Mefiboset hui sɛ Ɔhene Dawid hia n’asomdwoe na watumi ayɛ n’adwuma yiye. Enti ɔkaa sɛ Siba mfa agyapade no nyinaa mpo. Ɔno de, nea na ehia no ara ne sɛ Yehowa akoa Dawid atumi abɛtena n’ahengua so bio wɔ Yerusalem.
Ɔhaw de, Mefiboset faa bi mu paa. Ná ɔtaa te nka sɛ watɔ mu. Nanso Yehowa anyi n’ani amfi ne so; ɔkyerɛe sɛ ɔdɔ no. Afotu bɛn na ɛwom ma yɛn?— Sɛ yɛyɛ nea Onyankopɔn pɛ mpo a, ebinom betwa nkontompo ato yɛn so. Yesu kaa sɛ: “Sɛ wiase no tan mo a, monkae sɛ, atan me ansa na ɛretan mo.” Yesu mpo, nkurɔfo kum no! Momma yennya awerɛhyem sɛ, sɛ yɛyɛ nea Yehowa pɛ a, ɔne ne Ba Yesu nyinaa bɛdɔ yɛn.
Fa Wo Bible na Kenkan
2 Samuel 4:4; 9:1-10; 19:24-30
TI 28
Ɔde Ne Koma Nyinaa Som Yehowa Ne “Nkwa Nna Nyinaa”
w08 6/1 10 ¶1-5
So Ɔkwan a Yɛfa so Som Onyankopɔn No Ho Hia?
Israelfo de wɔn ho hyɛɛ ɔsom afrafra mu wɔ “sorɔnsorɔnmmea” anaa abosomfie, baabi a na afɔremuka, beae a wɔhyew nnuhuam, abo adum, ne Asera nnua a na ɛda adi sɛ ɛyɛ Kanaanfo abawo nyamewa, Aser, honi a wɔde dua asen wɔ no. Ná mmeae a ɛtete saa pii wɔ Yuda. Wɔ 2 Ahenne 23:5, 8 no, wɔka “Yuda nkurow mu ne Yerusalem ho sorɔnsorɔnmmea, . . . fi Geba [a ɛwɔ atifi fam] kosi Beer-Seba [a ɛwɔ anafo fam]” no ho asɛm.
Ná Israelfo no hyew “nnuhuam ma Baal ne owia ne ɔsram ne owia atrae nsoromma ne ɔsoro asafo no nyinaa” wɔ saa mmeae yi. Wosisii “nguamannan a ɛwɔ [Yehowa, NW] fi,” na wɔde wɔn mma ‘faa ogya mu maa Molek.’—2 Ahene 23:4-10.
Wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu ahu ahoni pii a wɔde dɔte ayɛ wɔ Yerusalem ne Yuda, na wohuu eyi titiriw wɔ nkurɔfo afie a asɛe mu. Ná mfonini yi dodow no ara yɛ mmea a wɔdeda adagyaw a wɔn nufu yɛ akɛseakɛse paa. Nhomanimfo kyerɛ sɛ, saa ahoni yi yɛ abawo nyamewa Astarot ne Aser. Ná wogye di sɛ “tumi bi wɔ ahoni yi mu a ɛboa mmea ma wonyinsɛn na wɔwo mma.”
Ná Israelfo bu mmeae a wɔsom anyame horow yi dɛn? Ɔbenfo Ephraim Stern a ɔwɔ Hebri Sukuupɔn mu no kae sɛ, ɛbɛyɛ sɛ na “wɔahyira” sorɔnsorɔmmea no mu pii “so ama Yahwe [Yehowa].” Ɛte sɛ nea nkyerɛwee a wɔahu wɔ mmeae a wɔatutu no foa asɛm yi so. Sɛ nhwɛso no, emu biako ka sɛ: “Yahwe a ɔwɔ Samaria ne Aser nhyira wo,” na foforo nso ka sɛ: “Yahwe a ɔwɔ Tema ne Aser nhyira wo!”
Nhwɛso ahorow yi ma yehu sɛnea Israelfo de abosonsom a ɛyɛ aniwu frafraa Yehowa Nyankopɔn som mu. Nea efii mu bae ne sɛ, wɔde wɔn ho hyɛɛ ɔbrasɛe mu na woguu wɔn som ho fĩ. Onyankopɔn buu ɔsom ahorow a wɔde frafraa wɔn som mu no dɛn?
it “Hanani” No. 2-wcgr
Hanani
2. Ná Hanani yɛ ɔdehufo anaa ɔdehwɛfo. Bere bi ɔkaa Ɔhene Asa anim, na nea enti a ɔyɛɛ saa ne sɛ, sɛ́ anka ɔhene yi de ne ho bɛto Yehowa so no, ɔne Siria hene kɔyɛɛ apam mmom. Nea Hanani kae no anyɛ Ɔhene Asa dɛ, enti ɔma wɔde no kɔtoo afiase. (2Be 16:1-3, 7-10) Yɛhwɛ mu a, na Hanani ba ne Yehu. Yehu na bere bi ɔkaa Israel hene Baasa ne Yuda hene Yehosafat anim no.—1Ah 16:1-4, 7; 2Be 19:2, 3; 20:34.
w17.03 19 ¶5-6
Fa Koma a Edi Mũ Som Yehowa!
5 Asa ne ɔhene a ɔto so mmiɛnsa a odii Yuda so bere a Israel mmusuakuw du ahemman a ɛwɔ atifi fam no tew wɔn ho fii Yuda ho no. Otuu asɔrefie mmarima nguaman no fii asase no so, na oguu abosonsom wɔ ne man no mu. Otuu ne nanabea Maaka mpo fii ade so. Na wamma wanyɛ “ɔbaapanyin bio, efisɛ ɔyɛɛ ohoni huhuuhu bi.” (1 Ahe. 15:11-13) Afei nso, Asa ka kyerɛɛ ne nkurɔfo no sɛ “wɔnhwehwɛ Yehowa, . . . na wonni ne mmara nsɛm ne n’ahyɛde so.” Nokwasɛm ne sɛ, Asa boa maa nokware som nyaa nkɔso.—2 Be. 14:4.
6 Mfe du a edi kan wɔ Asa ahenni no mu no, Yehowa hyiraa Yuda ma wonyaa asomdwoe. Akyiri yi, Etiopiani Sera de asraafodɔm 1,000,000 ne nteaseɛnam 300 baa Yuda so. (2 Be. 14:1, 6, 9, 10) Dɛn na Asa yɛe wɔ asɛnkɛse a ɛte saa no ho? Ɔbɔɔ mpae de ne ho too Yehowa so koraa. (Kenkan 2 Beresosɛm 14:11.) Onyankopɔn tiee mpae a Asa bɔe no, na ɔmaa Asa dii Etiopia asraafo no so nkonim koraa, na ɔtɔree wɔn ase. (2 Be. 14:12, 13) Yehowa din nti, sɛ ahene bi anni no nokware mpo a, na otumi ma wodi wɔn atamfo so nkonim. (1 Ahe. 20:13, 26-30) Nanso Asa de, ɔde ne ho too Onyankopɔn so, na Yehowa tiee ne mpaebɔ. Ɛwom, ɛnyɛ bere nyinaa na Asa yɛɛ n’ade nyansam. Sɛ nhwɛso no, akyiri yi, sɛ́ anka ɔbɛhwehwɛ mmoa afi Yehowa hɔ no, ɔkɔhwehwɛɛ mmoa fii Siria hene hɔ mmom. (1 Ahe. 15:16-22) Ne nyinaa mu no, Onyankopɔn kae sɛ Asa koma “dii mũ wɔ Yehowa ho ne nna nyinaa.” Yɛbɛyɛ dɛn asuasua nneɛma pa a Asa yɛe no?—1 Ahe. 15:14.
w05 12/1 20 ¶5
Beresosɛm Nhoma a Ɛto so Abien no Mu Nsɛntitiriw
16:13, 14—So wɔhyew Asa? Dabi, “ɔhyew kɛse pa” no nkyerɛ sɛ wɔhyew Asa, na mmom ɛkyerɛ aduhuam a wɔhyewee.
w20.09 14-19
ADESUA ASƐM 38
Sɛ Wowɔ Asomdwoe Bere Mu a, Fa Yɛ Adwuma Yiye
“Na asomdwoe wɔ ɔman no mu. Obiara ne no ammedi ako mfe no mu; Yehowa ma onyaa ɔhome.”—2 BE. 14:6.
NEA YƐREBESUA
Ɔman a wote mu no, wutumi som Yehowa asomdwoe mu anaa? Sɛ saa a, dɛn na wode saa bere no reyɛ? Adesua yi bɛboa wo ama woahu sɛnea wubesuasua Yuda Hene Asa ne tete Kristofo no. Bere bi bae a na wɔwɔ asomdwoe, na wɔde saa bere no yɛɛ adwuma yiye.
BERE bɛn na wohwɛ a, ebetumi ayɛ den paa sɛ yɛbɛsom Yehowa? Wohwɛ a, ɛyɛ bere a nneɛma mu ayɛ den anaasɛ bere a asomdwoe wɔ hɔ? Sɛ yehyia ɔhaw a, ɛnyɛ den koraa sɛ yɛde yɛn ho bɛto Yehowa so. Nanso sɛ nneɛma rekɔ yiye ma yɛn wɔ asetenam a, dɛn na ɛyɛ a yɛyɛ? Ebetumi aba sɛ yɛde Onyankopɔn som bɛto nkyɛn anaa? Yehowa bɔɔ Israelfo no kɔkɔ sɛ saa asɛm yi betumi ato wɔn.—Deut. 6:10-12.
2 Ɔhene Asa yɛ obi a ɔyɛɛ n’ade nyansam. Ɔde ne ho too Yehowa so koraa, na wei yɛ nhwɛso pa ma yɛn. Ɔsom Yehowa wɔ bere pa ne bere bɔne nyinaa mu. Bible ka sɛ, ‘Asa koma dii mũ wɔ Yehowa ho ne nkwa nna nyinaa.’ (1 Ahe. 15:14) Ade baako a Asa yɛ de kyerɛe sɛ ɔde ne koma nyinaa resom Yehowa ne sɛ, otuu atoro som ase fii Yuda. Bible ka sɛ, “Oyiyii ananafo afɔremuka ne sorɔnsorɔmmea no fii hɔ, na obubuu abosom adum twitwaa abosonnua no gui.” (2 Be. 14:3, 5) Ne nanabea Maaka a na ɔyɛ ɔbaapanyin mpo, otuu no ade so. Adɛn nti na otuu no ade so? Efisɛ ɔmaa nkurɔfo som ohoni bi.—1 Ahe. 15:11-13.
3 Ɛnyɛ atoro som nko ara na Asa tuu ase. Ɔsan maa nokware som so, na ɔmaa Yudafo no san bɛsom Yehowa. Yehowa hyiraa Asa, na ɔmaa Israelfo no nyaa asomdwoe. Asa bedii ade no, “asase no nyaa asomdwoe” mfe du. (2 Be. 14:1, 4, 6) Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nea Asa yɛe bere a na ɔwɔ asomdwoe no. Tete Kristofo no nso, bere a na wɔwɔ asomdwoe no, wɔyɛɛ wɔn ade te sɛ Asa. Yebesusuw ɛno nso ho. Afei, yebenya asɛmmisa yi nso ho mmuae: Ɔman a wote mu no, mutumi som Yehowa a biribiara nsiw mo kwan a, wobɛyɛ dɛn de saa bere no ayɛ adwuma yiye?
NEA ASA YƐE BERE A NA WƆWƆ ASOMDWOE
4 Kenkan 2 Beresosɛm 14:2, 6, 7. Asa ka kyerɛɛ ɔmanfo no sɛ, Yehowa na ‘wama wɔanya ɔhome afã nyinaa ahyia.’ Asa annya adwene sɛ bere a na wɔwɔ asomdwoe no yɛ bere a ɛsɛ sɛ ɔde dwudwo ne ho. Mmom no, ɔkyekyee nkurow, ɔtoo afasu ne aban, na ɔyeyɛɛ apon akɛse too ano. Ɔka kyerɛɛ Yudafo no sɛ: “Asase no da hɔ ma yɛn.” Asɛm a Asa kae yi kyerɛ sɛn? Ná ɔrepɛ akyerɛ sɛ ɔmanfo no betumi adi akɔneaba wɔ asase a na Onyankopɔn de ama wɔn no so, asisi wɔn adan a atamfo biara rentow nhyɛ wɔn so. Ɔhyɛɛ ɔmanfo no nkuran sɛ, saa bere a na wɔwɔ asomdwoe no, wɔnyɛ nneɛma a ɛso bɛba wɔn mfaso.
5 Bere a asomdwoe wɔ hɔ no, Asa de hokwan no totoo nneɛma yiye de hyɛɛ adwuma a na n’asraafo no reyɛ no mu den. (2 Be. 14:8) Nea ɔyɛe yi kyerɛ sɛ na onni Yehowa mu gyidi anaa? Ɛnte saa koraa. Ná Asa nim sɛ ɔno na ɔyɛ ɔhene, na ɛyɛ n’asɛde sɛ ɔboa ɔman no ma wosiesie wɔn ho ma ɔhaw a wobetumi ahyia daakye. Ná Asa nim sɛ asomdwoe a Yuda man no wɔ no, ebia ɛrentena hɔ daa, na saa pɛpɛɛpɛ na ɛbae.
NEA TETE KRISTOFO NO YƐE BERE A NA WƆWƆ ASOMDWOE
6 Ɛwom sɛ na nkurɔfo taa di tete Kristofo no ani, nanso ɛtɔ da a, na wonya asomdwoe. Bere a na asuafo no wɔ asomdwoe no, dɛn na wɔyɛe? Kristofo anokwafo no kaa asɛmpa no denneennen a wɔannyae. Asomafo Nnwuma no ka sɛ, ‘wɔnantew Yehowa suro mu.’ Wɔannyae asɛmpa no ka ma enti “wɔkɔɔ so dɔe.” Wei kyerɛ sɛ, nsi a wɔde kaa asɛmpa no bere a wɔwɔ asomdwoe no, Yehowa hyiraa so.—Aso. 9:26-31.
7 Tete Kristofo no de hokwan a wonyae biara kaa asɛmpa no. Ɛho nhwɛso ne sɛ, bere a ɔsomafo Paul wɔ Efeso no, ohui sɛ obetumi aka asɛmpa no akyerɛ nnipa a wɔwɔ hɔ no, enti ɔtenaa hɔ na ɔde saa hokwan no kaa asɛm no.—1 Kor. 16:8, 9.
8 Bere a asomafo ne mpanyimfo no kaa twetiatwa ho asɛm no wiei wɔ afe 49 Y.B. no, ɛmaa Paul ne Kristofo afoforo nyaa hokwan a wɔde bɛka asɛmpa no. (Aso. 15:23-29) Afei wɔde gyinae a wɔasi no ho amanneɛbɔ kɔmaa asafo ahorow no, na asuafo no nyinaa yeree wɔn ho kaa “Yehowa asɛmpa no.” (Aso. 15:30-35) Dɛn na efii mu bae? Bible ka sɛ, “asafo ahorow no kɔɔ so yɛɛ den gyidi mu na wɔn dodow kɔɔ anim daa.”—Aso. 16:4, 5.
NEA ƐSƐ SƐ YƐYƐ NNƐ BERE A YƐWƆ ASOMDWOE
9 Ɛnnɛ, wokɔ aman pii so a, yetumi ka asɛm no a obiara nhaw yɛn adwene. Saa na ɛte wɔ ɔman a wote mu no anaa? Sɛ saa a, ɛnde bisa wo sɛ, ‘Ahofadi a yɛwɔ no, dɛn na mede reyɛ?’ Nna a edi akyiri yi mu no, Yehowa nkurɔfo nni adagyew koraa. Wɔde nsi ne ahokeka reyɛ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no wɔ wiase nyinaa, na ebi nsii saa da. (Mar. 13:10) Wei abue hokwan pii ama Yehowa nkurɔfo.
10 Wobɛyɛ dɛn de bere a yɛwɔ asomdwoe no ayɛ adwuma yiye? (Kenkan 2 Timoteo 4:2.) Adɛn nti na wunsusuw ho nhwɛ sɛ wo anaa obi a ɔwɔ w’abusua mu betumi ayɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu, na ebi mpo a wayɛ daa kwampaefo? Ɛnyɛ saa bere yi na ɛsɛ sɛ yebiri yɛn mogya ani pɛ sika anaa yɛboaboa ahode ano. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, saa nneɛma yi rentumi mfa yɛn ntwa ahohiahia kɛse no.—Mmeb. 11:4; Mat. 6:31-33; 1 Yoh. 2:15-17.
11 Adawurubɔfo pii asua kasa foforo sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi aka asɛmpa no na wɔakyerɛkyerɛ nkurɔfo. Onyankopɔn ahyehyɛde no nso reboa wɔn. Wɔayɛ nhoma a yɛde sua Bible wɔ kasa pii mu na ama wɔatumi aka asɛmpa no akyerɛ nnipa bebree. Yɛhwɛ afe 2010 sei a, na yɛkyerɛ yɛn nhoma ase kɔ kasa bɛyɛ 500 mu. Seesei yɛkyerɛ yɛn nhoma ase kɔ kasa bɛboro 1,000 mu!
12 Sɛ nkurɔfo te nokware a ɛwɔ Onyankopɔn asɛm no mu wɔ wɔn kurom kasa mu a, ɛyɛ a ɛka wɔn sɛn? Momma yɛnhwɛ onuawa bi suahu. Ɔkɔɔ ɔmantam nhyiam bi a wɔyɛe wɔ Memphis, Tennessee, U.S.A. Wɔyɛɛ nhyiam no wɔ Kinyarwanda kasa mu. Ɛno ne kasa titiriw a wɔka wɔ Rwanda, Congo (Kinshasa), ne Uganda. Bere a wowiee nhyiam no, onuawa a ɔka Kinyarwanda kasa no kaa sɛ: “Mebaa United States ha no, mfe 17 ni. Nanso wei ne bere a edi kan a makɔ ɔmantam nhyiam a mate dwumadi no nyinaa ase.” Wei ma yehu sɛ, dwumadi no a onuawa no tiei wɔ ne kurom kasa mu no kaa ne koma paa. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, sua kasa foforo na woatumi aboa nnipa a wɔwɔ w’asasesin mu no. Ebinom wɔ mo asafo no asasesin mu a ebia wɔn ani begye ho sɛ wo ne wɔn besua Bible wɔ wɔn kurom kasa mu anaa? Sɛ wutumi yɛ saa a, wo brɛ renyɛ kwa, w’ani begye paa.
13 Ɛnyɛ yɛn nuanom nyinaa na wɔwɔ ahofadi a wɔde ka asɛmpa no. Wokɔ aman bi so a, aban no mma yɛn kwan mma yɛnyɛ yɛn asɛnka adwuma no sɛnea yɛpɛ. Momma yensusuw yɛn nuanom a wɔwɔ Russia no ho nhwɛ. Aban no tan wɔn ani mfe pii, nanso March 1991 mu no, aban no gyee wɔn toom ma wotumi yɛɛ wɔn som adwuma. Saa bere no, na adawurubɔfo a wɔreka Ahenni no ho asɛm bɛyɛ 16,000 na wɔwɔ Russia. Nanso mfe 20 akyi no, adawurubɔfo no dodow bu bɔɔ ho koduu bɛboro 160,000! Wei ma yehu sɛ bere a yɛn nuanom nyaa hokwan sɛ wɔbɛka asɛmpa no, wɔamfa anni agorɔ. Efisɛ asomdwoe a wonyae no antena hɔ ankyɛ. Ɛwom sɛ nneɛma asesa wɔ ɔman no mu de, nanso wɔda so ara de nsi resom Yehowa. Wɔasi wɔn bo sɛ wɔde hokwan a wobenya biara bɛkɔ so asom Yehowa.
ƐNYƐ DAA NA YEBENYA ASOMDWOE
14 Asomdwoe a Asa nyae wɔ ne bere so no antena hɔ ankyɛ, ɛbaa awiei. Etiopiafo asraafo bɛboro ɔpepem baako baa wɔn so. Ná wɔn sahene Sera wɔ ahotoso paa sɛ ɔne n’asraafo betumi adi Yudafo no so nkonim. Nanso Ɔhene Asa de, ɔde ne ho too Yehowa ne Nyankopɔn so, na ɛnyɛ asraafo dodow a na ɔwɔ no so. Asa bɔɔ mpae sɛ: “O Yehowa yɛn Nyankopɔn, boa yɛn, na wo so na yɛde yɛn ani ato; wo din mu na yɛaba saa dɔm yi so.”—2 Be. 14:11.
15 Ɛwom sɛ wode Etiopiafo asraafo no toto Asa asraafo no ho a, na wɔyɛ Asa asraafo no bɛyɛ mmɔho mmienu. Nanso na Asa nim sɛ Yehowa wɔ ahoɔden ne tumi a ɔde bɛko agye Ne nkurɔfo, na Yehowa nso amma ne nsa ansi fam. Etiopiafo asraafo no dii nkogu pɔtɔɔ.—2 Be. 14:8-13.
16 Ɛwom, yennim nea ɛbɛto yɛn mu biara daakye. Nanso nea yenim ne sɛ, asomdwoe a Onyankopɔn nkurɔfo wɔ no rentena hɔ daa. Momma yɛnkae sɛ Yesu ka too hɔ sɛ, nna a edi akyiri mu no, “aman nyinaa bɛtan” n’asuafo. (Mat. 24:9) Ɔsomafo Paul nso kaa sɛ “wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tena ase Kristo Yesu mu nyinaa no, wɔn nso wɔbɛtaa wɔn.” (2 Tim. 3:12) Satan “bo afuw denneennen,” na sɛ yenya adwene sɛ ɔde yɛn ho bɛkyɛ yɛn a, ɛnde na yɛredaadaa yɛn ho.—Adi. 12:12.
17 Ɛrenkyɛ koraa, wɔbɛsɔ yɛn mu biara gyidi ahwɛ. “Ahohiahia kɛse a, efi wiase mfitiase besi mprempren ebi nsii” da bɛba wiase nnansa yi ara. (Mat. 24:21) Saa bere no, ebia yɛn abusuafo betumi asɔre atia yɛn, na aban no nso betumi abara yɛn adwuma no. (Mat. 10:35, 36) Sɛnea Asa de ne ho too Yehowa so hwehwɛɛ mmoa ne ahobammɔ no, saa ara na yɛn mu biara bɛyɛ anaa?
18 Nea ɛrebobɔ ba no nti, Yehowa resiesie yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a, yɛn gyidi bɛyɛ den. Ɔnam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so rema yɛn honhom fam “aduan bere a ɛsɛ mu.” Wei bɛboa ama yɛn gyidi akɔ so ayɛ den wɔ Onyankopɔn som mu. (Mat. 24:45) Nanso ɛsɛ sɛ yɛn mu biara yɛ ne fam de ma ne gyidi yɛ den wɔ Yehowa mu.—Kenkan Hebrifo 10:38, 39.
19 Sɛnea Ɔhene Asa yɛe no, ɛsɛ sɛ yɛn nso ‘yɛhwehwɛ Yehowa.’ (2 Be. 14:4; 15:1, 2) Nea yɛyɛ de hwehwɛ Yehowa ne sɛ yebesua ne ho ade na yɛahu no, na yɛabɔ asu. Yɛde hokwan a yebenya biara hyɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no mu den. Nea ɛbɛma yɛahu sɛ yɛreyɛ saa no, yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘Mekɔ asafo nhyiam daa?’ Sɛ yɛkɔ asafo nhyiam a Yehowa nam n’ahyehyɛde no so ayɛ ama yɛn no a, ɛhyɛ yɛn den ma yɛkɔ so som Yehowa, na yɛn nuanom nso hyɛ yɛn nkuran. (Mat. 11:28) Yebetumi nso abisa yɛn ho sɛ, ‘Mayɛ nhyehyɛe pa a mede sua ade anaa?’ Sɛ wo ne w’abusua na ɛte a, moyɛ abusua som nnawɔtwe biara? Sɛ nso wo nko ara na wote a, woayi bere asi hɔ a wode sua ade sɛnea anka wo ne w’abusua bɛyɛ anaa? Afei nso, woyere wo ho ka asɛmpa no, na wokyerɛkyerɛ afoforo anaa?
20 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yebisa saa nsɛm no? Bible ma yehu sɛ, Yehowa hwehwɛ yɛn nsusuwii ne nea ɛwɔ yɛn koma mu, na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ saa. (Kenkan 1 Beresosɛm 28:9.) Sɛ yɛhwɛ nea yɛde asisi yɛn ani so, yɛn suban, anaa yɛn nsusuwii na yehu sɛ ehia sɛ yɛyɛ nsakrae bi a, ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Yehowa na ɔboa yɛn ma yɛyɛ saa. Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho ma sɔhwɛ a ɛda yɛn anim no. Enti baabi a wowɔ no, sɛ asomdwoe wɔ hɔ a, fa saa bere no yɛ adwuma yiye!
w12 8/15 8-10
“Mubenya Mo Adwuma no so Akatua”
TWA tebea no ho mfonini hwɛ: Ɔhene Asa di n’asraafo anim rekɔ obon kɛse bi mu. Wofi Yudea bepɔw no so rekɔ asasetaw a ɛwɔ mpoano no so. Afei wɔabedu baabi a obon no trɛw, na Asa gyina. Nea ohu ma ne yam hye no. Ɔhwɛ bon no mu a, Etiopiafo na wɔabɔ nsra wɔ hɔ yi; ɛnyɛ dɔm ketewa! Atamfo yi dodow bɛyɛ ɔpepem biako. Nanso Asa asraafo dodow bɛyɛ wɔn de fã pɛ.
Ɔko rebobɔ ba; dɛn na Asa bedi kan ayɛ? So ɔbɛkyerɛ n’asahene nea wɔnyɛ? Anaa ɔbɛhyɛ n’asraafo nkuran? Anaa ɔbɛkyerɛw nkrataa akɔma n’abusuafo? Dabida, ɔnyɛ emu biara! Mmom, Asa bɔ mpae efisɛ asɛm no ani soso.
Ansa na yebesusuw Asa mpaebɔ no ho na yɛahwɛ nea esii saa bere no, ma yenni kan mmisa sɛ hena koraa ne Asa? Dɛn na ɛma ɔhwehwɛɛ mmoa fii Onyankopɔn hɔ? So na ɔhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn bɛboa no? Dɛn na ɛwɔ Asa asɛm no mu a ɛma yehu sɛnea Yehowa hyira N’asomfo?
HENA KORAA NE ASA?
Bere a Israel Ahemman no mu pae abien no, mfe 20 a edi hɔ no, Yuda de ne ho hyɛɛ atoro som mu fee. Asa bɛyɛɛ ɔhene afe 977 A.Y.B. Saa bere no, na ahemfie mpanyimfo no mpo som Kanaanfo abawo anyame. Nanso Bible ka sɛ: “Asa yɛɛ nea eye na ɛteɛ Yehowa, ne Nyankopɔn ani so.” Asa yiyii “ananafo afɔremuka ne sorɔnsorɔmmea no fii hɔ, na obubuu abosom adum twitwaa abosonnua no gui.” (2 Be. 14:2, 3) Asa tuu “asɔrefie mmarima nguaman” no nso fii Yuda Ahemman no mu. Ná mmarima yi ne wɔn yɔnko mmarima da, efisɛ na ɛka wɔn som mu amanne ho. Ɛnyɛ atoro som nkutoo na Asa tuu ase, na mmom ɔka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ “wɔnhwehwɛ Yehowa, wɔn agyanom Nyankopɔn no, na wonni ne mmara nsɛm ne n’ahyɛde so.”—1 Ahe. 15:12, 13; 2 Be. 14:4.
Yehowa ani sɔɔ nsi ne ahokeka a Asa de taa nokware som akyi no, na ɔma onyaa asomdwoe mfe pii. Ɔhene no ankasa kae sɛ: “Yɛahwehwɛ Yehowa, yɛn Nyankopɔn. Yɛahwehwɛ no nti, wama yɛanya ɔhome afã nyinaa ahyia.” Nkurɔfo no de asomdwoe mmere no kyekyee Yuda Ahemman no afasu ma ɛyɛɛ den. Bible ka sɛ: “Wɔkyekyee, na esii wɔn yiye.”—2 Be. 14:1, 6, 7.
ASA WƆ AKONO
Ná Asa nim sɛ Yehowa hyira wɔn a wɔda wɔn gyidi adi. Ɛno nti na bere a Asa ne Etiopiafo rekɔko no, ɔbɔɔ Yehowa mpae no. Eyi ne asraafodɔm a wɔdɔɔso sen biara a Bible ka wɔn ho asɛm. Ɔhene Asa bɔɔ mpae srɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa no. Asa hui sɛ, sɛ n’atamfo ho yɛ den anaa wɔdɔɔso sɛ dɛn koraa na ɔde ne ho to Onyankopɔn so a, ɔbɛboa no, na n’atamfo rentumi nyɛ hwee. Bio nso, na Ɔhene Asa nim sɛ ɔko yi ho nsunsuanso betumi aka Yehowa din, enti ɔkaa ho asɛm wɔ ne mpaebɔ mu sɛ: “O Yehowa yɛn Nyankopɔn, boa yɛn, na wo so na yɛde yɛn ani ato; wo din mu na yɛaba saa dɔm yi so. O Yehowa, wone yɛn Nyankopɔn. Mma onipa desani nnni wo so nkonim.” (2 Be. 14:11) Ná ɛte sɛ nea ɔreka sɛ: ‘Yehowa, wo na Etiopiafo ne wo rebɛko. Mma nnipa desani nni wo nkurɔfo so nkonim na wɔansopa wo din.’ Enti “Yehowa dii Etiopiafo so nkonim wɔ Asa ne Yuda anim, na Etiopiafo no guanee.”—2 Be. 14:12.
Ɛnnɛ Yehowa nkurɔfo ne atamfo a wɔn ho yɛ den redi asi. Yɛremfa akode ankasa ne wɔn nkɔko, nanso yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛma n’asomfo anokwafo a wodi ne din ni no nyinaa adi nkonim. Ɔkwan bi so no yɛn mu biara gyina akono. Ebia ɛsɛ sɛ yɛko tia nsusuwii bɔne a adonnɔn wiase no, anaa yɛko tia yɛn ankasa mmerɛwyɛ, anaa yɛbɔ yɛn abusua ho ban fi biribiara a ebetumi asɛe wɔne Onyankopɔn ntam ho. Sɔhwɛ biara a yebehyia no, Asa mpaebɔ no betumi ahyɛ yɛn den. Asa dii nkonim maa Yehowa. Ɛma yehu sɛ yɛde yɛn ho to Onyankopɔn so a, ɔbɛma yɛadi nkonim. Onipa biara nni hɔ a obetumi agyina Yehowa anim.
NKURANHYƐ NE KƆKƆBƆ
Bere a Asa fi akono reba no, odiyifo Asaria kohyiaa no. Odiyifo yi hyɛɛ Asa nkuran na afei ɔbɔɔ no kɔkɔ. Ɔkae sɛ: “Asa, wo ne Yuda ne Benyamin nyinaa, muntie me ɛ! Yehowa de, sɛ mo ne no tena a, ɔno nso ne mo bɛtena; sɛ mohwehwɛ no a, ɔbɛma moahu no, na sɛ mugyaw no a, ɔno nso begyaw mo. . . . Momma mo bo nyɛ duru, na mommma mo nsam nngow, efisɛ mubenya mo adwuma no so akatua.”—2 Be. 15:1, 2, 7.
Saa asɛm yi betumi ahyɛ yɛn gyidi den. Ɛma yehu sɛ sɛ yɛde nokwaredi som Yehowa a, ɔno nso ne yɛn bɛtena. Ɛsɛ sɛ yenya ahotoso sɛ, sɛ yehia ne mmoa na yesu frɛ no a, obegye yɛn so. Asaria kae sɛ: “Momma mo bo nyɛ duru.” Egye akokoduru kɛse na yɛayɛ nea ɛteɛ nanso yenim sɛ Yehowa bɛboa yɛn ma yɛayɛ saa.
Asa nanabea Maaka ‘yɛɛ ohoni huhuuhu bi a wɔde som abosonnua.’ Enti Asa tuu no ade so, na wamma wanyɛ “ɔbaapanyin” bio wɔ ahemfie hɔ. Ɛbɛyɛ sɛ na eyi nyɛ mmerɛw mma Asa nanso ɔde ne nan sii fam na ɔhyew ne honi no nso. (1 Ahe. 15:13) Yehowa hyiraa Asa sɛ ɔde akokoduru yɛɛ nea ɛteɛ. Yɛn nso, sɛ yɛn abusuafo di Onyankopɔn nokware oo, sɛ wanni no nokware oo, ɛsɛ sɛ yɛbata Onyankopɔn ho denneennen kosi ase na yedi ne mmara so. Sɛ yɛyɛ saa a, Yehowa behyira yɛn.
Nhyira a Asa nyae no bi ne sɛ ne bere so no, Israelfo a wofi atifi fam ahemman a awae no mu pii baa Yuda efisɛ wohui sɛ Yehowa ka Asa ho. Wonyaa anisɔ kɛse maa nokware som araa ma wogyaw wɔn afie hɔ ne Yehowa asomfo kɔtenae. Afei Asa ne Yuda nyinaa de anigye ‘kɔɔ apam sɛ wɔde wɔn koma ne wɔn kra nyinaa bɛhwehwɛ Yehowa.’ Dɛn na efii mu bae? Onyankopɔn ‘ma wohuu no, na Yehowa maa wɔn ahome afã nyinaa hyiae.’ (2 Be. 15:9-15) Ɛnnɛ nso sɛ yehu sɛ wɔn a wɔwɔ koma pa rebɛsom Yehowa a, yedi ahurusi papaapa!
Nanso na kɔkɔbɔ bi wɔ asɛm a odiyifo Asaria ka kyerɛɛ Asa no mu. Ɔkae sɛ: “Sɛ mugyaw [Yehowa] a, ɔno nso begyaw mo.” Ɛmpare yɛn sɛ biribi a ɛte saa bɛto yɛn, efisɛ ɛrenyɛ adepa mma yɛn! (2 Pet. 2:20-22) Nea enti a Yehowa ma wɔde kɔkɔbɔ yi maa Asa no de, Bible nka, nanso Asa antie.
“WOADI NKWASEASƐM”
Bere a Asa dii ade bɛyɛ mfe 36 no, Israel hene a ne din de Baasa yɛe sɛ ɔne Yuda rekɔko. Baasa fii ase kyekyee Rama a na ɛda Israel ne Yuda hye so no. Wufi Yerusalem rekɔ hɔ a ɛyɛ kilomita 8 (akwansin 5) wɔ atifi fam. Ebia nea enti a Baasa yɛɛ saa ne sɛ na ɔmpɛ sɛ ne nkurɔfo bɛkɔ Yuda akɔsom Yehowa ne Ɔhene Asa. Asa anhwehwɛ Onyankopɔn hɔ mmoa sɛnea ɔyɛe bere a Etiopiafo kɔtow hyɛɛ no so no, na mmom ɔhwehwɛɛ mmoa fii nnipa hɔ. Ɔkɔyɛɛ Siria hene ayɛ, na ɔsrɛɛ no sɛ ɔnkɔ Israel ahemman a ɛwɔ atifi fam no so. Bere a Siriafo sɔre kɔɔ Israel so no, Baasa fii Rama kɔe.—2 Be. 16:1-5.
Yehowa ani annye nea Asa yɛe no ho, enti ɔsomaa odiyifo Hanani sɛ ɔnkɔka nkyerɛ no. Ná Asa nim sɛ Yehowa na ɔboaa no ma odii Etiopiafo so nkonim, enti anka ɛsɛ sɛ ohu sɛ Yehowa ‘aniwa kyini asase so baabiara sɛ ɔde n’ahoɔden bedi ama wɔn a wɔn koma di mũ wɔ ne ho.’ Ebia obi maa Asa afotu bɔne anaasɛ onyaa adwene sɛ Baasa ne n’asraafo nyɛ dɔm biara enti obetumi wɔn. Sɛ ɛyɛ eyi oo, sɛ biribi foforo oo, asɛm no ne sɛ Asa de ne ho too nnipa so na ɛnyɛ Yehowa so. Hanani ka kyerɛɛ no sɛ: “Asɛm yi mu de, woadi nkwaseasɛm, na efi nnɛ rekɔ, akodi bɛba wo so.”—2 Be. 16:7-9.
Bere a Asa tee saa asɛm no, ne bo fuwii papa, na ɔde Hanani bɔɔ dua mu. (2 Be. 16:10) Ebia Asa kae sɛ, ‘Madi Yehowa nokware mfe pii, so ɛfata sɛ wɔka m’anim?’ Anaasɛ nkwakoraabɔ nti na ontumi nnwen yiye anaa? Bible nka ho hwee.
Bere a Asa dii ade bɛyɛ mfe 39 no, ɔyaree denneennen; yare bɔɔ ne nan. Bible ka sɛ: “Ne yare mu mpo, wanhwehwɛ Yehowa akyi kwan na mmom okodii ayaresafo akyi.” Saa bere no, ɛbɛyɛ sɛ na Asa ne Yehowa ntam nyɛ papa te sɛ kan no, na ɛbɛyɛ sɛ ɛtoaa so kosii sɛ owui. Odii ade bɛyɛ mfe 41.—2 Be. 16:12-14.
Nanso yebetumi aka sɛ Yehowa amfa n’adwene ansi Asa mfomso so, na mmom ɔkaee ne suban pa ne ahokeka a ɔde gyinaa nokware som akyi no. Wannyae Yehowa som da. (1 Ahe. 15:14) Enti dɛn na yebetumi asua afi Asa asɛm no mu? Ɛboa yɛn ma yehu sɛ ɛsɛ sɛ yɛkae nea Yehowa ayɛ ama yɛn bere bi a atwam, na ɛno bɛka yɛn na sɛ yehyia sɔhwɛ foforo a yɛabɔ mpae ahwehwɛ ne mmoa. Afei nso ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ yenhia Bible mu afotu biara efisɛ yɛde mfe bebree asom Onyankopɔn nokwarem. Ɛmfa ho mfe dodow a yɛde asom Yehowa no, sɛ yedi mfomso a ɔbɛteɛ yɛn so. Ɛsɛ sɛ yɛde ahobrɛase gye nteɛso a ɛte saa tom na aboa yɛn. Ade a ɛho hia sen biara a yesua fi mu ne sɛ, sɛ yɛne yɛn soro Agya no tena a, ɔno nso ne yɛn bɛtena. Yehowa aniwa kyini asase nyinaa so hwehwɛ wɔn a wodi no nokware. Ɔde ne tumi boa wɔn ma esi wɔn yiye. Yehowa yɛɛ saa maa Asa na ɔbɛyɛ saa ama yɛn nso.
TI 29
“Me Nyankopɔn Ne Yehowa”
it “Kwaakwaadabi” ¶5-wcgr
Kwaakwaadabi
Kwaakwaadabi a Bible ka wɔn ho asɛm no, na wɔyɛ nnomaa a wɔntaa nhu wɔn wɔ fie. Baabi a na wɔtaa tena ne mmepɔw ne anhweatam mu. Bere bi, Yesaia nyaa anisoadehu a ɛfa Edom sɛe ho, na mmoa a ohui a na wɔwɔ Edom amanfo so no, na kwaakwaadabi ka ho. (Yes 34:11) Ade baako a kwaakwaadabi taa yɛ ne sɛ, sɛ onya aduan a, ɔde bi sie. Otumi boaboa bi ano wɔ abo ntam anaasɛ nhaban a atetew agu fam ase. Wei nti, bere a Elia kosiee wɔ Kerit Bon mu no, ɛfata paa sɛ kwaakwaadabi na Yehowa maa ɔde paanoo ne nam kɔmaa no mprenu da biara.—1Ah 17:2-6.
it “Elia” No. 1 ¶11-wcgr
Elia
Anwanwade a ɔyɛe. Bible ma yehu sɛ Elia yɛɛ anwanwade nwɔtwe. Ɛno na edidi so yi: (1) ɔtoo ɔsoro mu maa nsu antɔ, (2) ɔyɛ maa esiam ne anwa kakra a ɔbea kunafo a na ɔwɔ Sarefat wɔ no, ase antu, (3) onyanee okunafo bi babarima, (4) ɔbɔɔ mpae maa ogya tɔ fii soro bae, (5) ɔbɔɔ mpae maa nsu san tɔe, (6) ɔfrɛɛ ogya fii soro ma ɛbɛhyew Ɔhene Ahasia sraani panyin ne ne mmarima 50, (7) ɔfrɛɛ ogya fii soro ma ɛbɛhyew ɔsraani panyin a ɔtɔ so mmienu ne ne mmarima 50, (8) ɔde n’ataade bɔɔ Asubɔnten Yordan mu ma emu paee. Ɔkwan a ɔfaa so kɔɔ soro no nso yɛ anwanwade, nanso ɛno de, efi Onyankopɔn, efisɛ ɛnyɛ biribi a Elia yɛe anaa asɛm bi a ɔkae na ɛma ɛbaa saa.
ba 17 ¶3
Yebetumi Agye Nhoma Yi Adi?
Ɛtɔ da na sɛ wɔankyerɛkyerɛ asɛm bi mu ankɔ akyiri a, ɛno mmom kyerɛ sɛ Bible kyerɛwfo no yɛ nokwafo. Sɛ nhwɛso no, nea ɔkyerɛw 1 Ahene no ka sɛ ɔpɛ kɛse bi sii Israel. Na ano yɛ den ara ma na ɔhene no nnya nsuo anaa wura mfa nnye n’apɔnkɔ anaa mfurumpɔnkɔ nkwa. (1 Ahene 17:7; 18:5) Nanso kyerɛwtohɔ koro no ara ka sɛ odiyifo Elia maa wɔde nsuo baa Karmel Bepɔw so (sɛ wɔde rebɛbɔ afɔre) maa ɛhyɛɛ ɛka a wɔatwa afa baabi a ne kɛse bɛyɛ mita 1,000 no ma. (1 Ahene 18:33-35) Bere a na ɔpɛ kɛse a ɛte saa asi no, ɛhefa na nsuo no nyinaa fi bae? Onii a ɔkyerɛw 1 Ahene no anhaw ne ho sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ mu. Nanso obiara a ɔte Israel nim sɛ Karmel da Mediteranea Po no ano, sɛnea asɛm bi a ebetwaa mu akyiri yi kyerɛ no. (1 Ahene 18:43) Enti na ɛpo nsuo wɔ hɔ a wobetumi anya bi. Sɛ nhoma a ɛkyerɛkyerɛ nsɛm pii mu yi yɛ anansesɛm a wɔadura ho sɛ nokwasɛm a, ɛnde adɛn nti na ɔkyerɛwfo no ma yɛn adwenem yɛ yɛn nãã bere a anka obetumi akyinkyim nsɛm ma ayɛ yiye?
w14 2/1 12 ¶3
Wamma Nneɛma Bɔne a Ɛkɔɔ so Ammu N’abam
Adwuma ne hokwan a na Elia wɔ a ɔde bi rebɛma Elisa ama daakye wabesi n’anan no, wohwɛ a, na ɛbɛhaw Elia anaa? Yennim. Yɛrentumi nka nso sɛ biribi saa amma ne tirim da. Adeɛ yi, na ɔyɛ “onipa a ɔwɔ nkate te sɛ yɛn ara.” (Yakobo 5:17) Ne nyinaa mu no, Bible bɔ amanneɛ sɛ: “Elia kɔɔ ne nkyɛn de n’atade koguu ne so.” (1 Ahene 19:19) Elia atade no, ɛbɛyɛ sɛ oguan anaa abirekyi nhoma na na wɔde ayɛ no batakari, na ɔhyɛ a, ɛma obiara hu sɛ ɔyɛ obi a Yehowa ayi no. Enti Elisa mmati so a ɔde gui no kyerɛ biribi paa. Yehowa akwankyerɛ a ɔde maa Elia sɛ onyi obi a obesi n’anan no, ofii ahobrɛase mu tiei, na oyii Elisa sɛ ne nanmusini. Elia de ne ho too ne Nyankopɔn so na otiee no.
Nneɛma a ɛba toatoa so wɔ jw.org, “Dwumadi a Yɛde Sua Bible”
Taa Nokwaresom Akyi!
MMOFRA AFÃ
Akwankyerɛ: Pɛ baabi a ɛhɔ yɛ komm tena na kenkan Bible no fa bua nsɛmmisa yi. Bere a worekenkan kyerɛwnsɛm no, fa no sɛ wowɔ hɔ na asɛm no sii. Twa nea ɛkɔɔ so no ho mfoni. Tie nsɛm a na wɔreka no. Hu sɛnea wɔn a wɔwom no te nka fa.
Wɔn a wɔwom: Elia, Ahab, ne Baal adiyifo 450
Nsɛm a wɔabɔ no mua: Elia maa obiara hui sɛ Yehowa yɛ kɛse sen Baal.
1 DWINNWEN NEA ESII NO HO.—KENKAN 1 AHENE 18:17-40.
Fa nkrataa mmiɛnsa; drɔ Elia wɔ baako so, na drɔ Baal adiyifo no nso wɔ baako so. Wuwie a, na woadrɔ afɔremuka no nso wɔ baako so. Afei, wohwɛ a ɛhe na na Elia gyina, ɛhe na na Baal adiyifo no gyinagyina, na ɛhe na na afɔremuka no nso si? Nea woadrɔdrɔ no, hyehyɛ no saa.
Sɛ wohwɛ nea ɛkɔɔ so wɔ nkyekyɛm 26 kosi 29 no a, fa no sɛ na wowɔ hɔ bi. Wohwɛ a, dɛn na anka “wobɛte”?
. . . . .
Wohwɛ a sɛn na Elia ne Baal adiyifo no kasae? Ná ne bo afuw? Ná n’ani agye, anaa na ɔte nka sɛn?
. . . . .
2 SUA PII KA HO.
Bere a Elia rekɔ Ahab anim no, adɛn nti na na ohia akokoduru? Afei nso, bere a ɔne Baal adiyifo no de rekosi ani na wagu wɔn anim ase pɔtɔɔ no, adɛn nti na na ohia akokoduru? (Nea ɛbɛboa wo: Kenkan 1 Ahene 18:4, 13, 14.)
. . . . .
Sɛ wopɛ sɛ wuhu biribi fa Baalsom ho a, wubetumi de jw.org anaa nhoma a Yehowa Adansefo de yɛ nhwehwɛmu ahwehwɛ. Nneɛma a wubetumi asua no bi ne nea na wɔyɛ wɔ Baalsom mu ne nsunsuanso a ɛde brɛɛ Israelfo.
. . . . .
Wohwɛ a, dɛn nti na Elia tuu amoa wɔ Yehowa afɔremuka no ho hyiae na ɔde nsu hyɛɛ no ma?
. . . . .
3 FA NEA WUSUAE NO YƐ ADWUMA. KYERƐW NEA WUSUAE WƆ NEA EDIDI SO YI HO . . .
Nea enti a yehia akokoduru na yɛatumi ataa nokware som akyi.
. . . . .
Nhyira a wɔn a wɔwɔ akokoduru no nya.
. . . . .
AKWAN FOFORO A WUBETUMI DE ADI DWUMA
Nneɛma bɛn na yebehia akokoduru wom na yɛatumi ataa nokwaresom akyi?
. . . . .
4 ASƐM YI FÃ BƐN NA W’ANI GYE HO PAA, NA DƐN NTIA?
. . . . .
TI 30
Nea Ɔfaa Mu Nyinaa Akyi No, Onyaa Akokoduru
it “Sidon” ¶6-wcgr
Sidon
Sidonfo Som Ne Ɔhaw a Ɛkɔfa Bae. Ná Sidonfo som onyamebea Astoret. Nneɛma a na wɔyɛ de som Astoret no, baako a na edi mu akoten paa ne aguaman a wɔbɔ wɔ petee mu. Israelfo no ampam Sidonfo no amfi wɔn mu, na wei maa nkakrankakra, wɔkodii Sidonfo no akyi som wɔn abosom no bi. (Ate 10:6, 7, 11-13) Mmea a na wɔnyɛ Israelfo a Ɔhene Solomon warewaree wɔn no sei, na wɔn mu bi yɛ Sidonfo, na ɛno maa ɔhene no kɔsom wɔn nyamebea Astoret a na wɔkyerɛ sɛ ɔma awo ne nnɔbae no. (1Ah 11:1, 4-6; 2Ah 23:13) Ɔhene Ahab nso kɔwaree Sidon hene babea Yesebel, na na wei yɛ bɔne a etia Yehowa mmara. Afei nso Yesebel maa abosonsom tuu atese wɔ Israel.—1Ah 16:29-33; 18:18, 19.
it “Etbaal”-wcgr
Etbaal
(Etbaal) [Baal Wɔ N’afã].
Ná Etbaal yɛ Sidonfo hene, na na ne ba ne Ɔhene Ahab yere Yesebel. (1Ah 16:31) Etbaal de ne babea maa Ahab aware sɛnea ɛbɛyɛ a ayɔnkofa a emu yɛ den bɛba abɛda ɔne Ahab ntam. Etbaal yi, ɛbɛyɛ sɛ ɔno ara ne Ithobal a Josephus kaa ne ho asɛm no. Abakɔsɛm kyerɛwfo Menander anom asɛm na Josephus fa kae. Ɔkyerɛ sɛ Menander kaa sɛ, na Ithobal (anaa Etbaal) yɛ onyamebea Astarte (Astoret) sɔfo. Nea ɛyɛe a Etbaal a na ɔyɛ ɔsɔfo no bedii hene ne sɛ, okum Phelles na obedii n’ade. Ná Phelles yɛ Tiro hene Hiram aseni. Hiram na ɔboaa Solomon bere a ɔresi asɔrefie no. Etbaal dii mfe 48 ansa na ɔrewu; odii hene mfe 32. (Against Apion, I, 123 [18]) Menander kaa sɛ Etbaal kyekyee Auza kurow wɔ Libia. Ɛno kyerɛ sɛ Etbaal trɛw n’amammu mu koduu Libia asaase no fa bi, sɛnea ɛbɛyɛ a aguadi bɛkɔ so. Menander san kaa sɛ, bere a na Etbaal di hene no, ɔpɛ sii afe baako.—Jewish Antiquities, VIII, 324 (xiii, 2).
g94 1/8 13 ¶2-5
Nokwasɛm a Ɛfa Buronya, Easter, ne Halloween Ho
Wofi saa abusua dapɔnna afahyɛ yi ase anɔpa tutuutu, bere a wɔsɔre de obu a nidi wom kohyia owia a ɛrepue no. Mmofra no hyehyɛ wɔn ntade foforo a ɛyɛ fɛ, ne kyɛw foforo nso. Nea ɛka afahyɛ no ho ne nneɛma a egyina hɔ ma nnanko, nkesua a wɔaka ho aduru kɔla ahorow a ɛyɛ fɛ nkɛntɛn amaama, ne paanoo a wɔayɛ mmeamudua sɛnkyerɛnne ato so. Ɛbɛyɛ Easter. So ɛne no?
Ná fefɛw bere yɛ bere kronkron ma wɔn a na wɔsom ɔbarima ne ɔbea nna wɔ Foinike. Ná wɔn abawo nyamewa, Astarte, anaa Ishtar (Helafo Aphrodite), nsɛnkyerɛnne ne kesua ne adanko. Ná ɔpɛ mogyahwiegu ne ɔbarima ne ɔbea nna ho ɔbrasɛe kɛse. Ná wɔtaa yeyɛ n’ahoni ahorow a awode pii wɔ ho wɔ ɔkwan a ɛmfata so anaasɛ nea okura kesua wɔ ne nsam na adanko gyina ne nkyɛn. Ná tuutuusi yɛ ne som no fã. Wɔ Kanaan no, wɔyɛɛ ɔbarima ne ɔbea nna ho nyamewa no sɛ Baal yere. N’asomfo a wɔabobow nsa nam ɔbarima ne ɔbea nna a ɛboro so so hyɛ no anuonyam, a na wogye di sɛ ɛbɛkanyan Baal ma ɔne ne yere ada. Sɛnea nhoma Recent Discoveries in Bible Lands, kyerɛ no, “wonhuu ɔman biara a wɔwɔ abawo nyamewa ahoni pii a wɔdeda adagyaw a ebi yɛ tan yiye saa da.”
Wohuu nkuku ahorow a ɛho kɔla hyerɛn a mmofra nketewa nnompe a wɔahyew gugum wɔ ne nkae adamoa mu wɔ Carthage. Akyinnye biara nni ho sɛ na wɔn awofo bɛyɛ asikafo a wɔkɔhwehwɛɛ anyame no hɔ mmoa de bɔɔ wɔn sika ne wɔn tumi ho ban. Wohuu mmofra pii a wɔn mfe gu ahorow a ɛbɛyɛ sɛ wofi abusua koro mu nnompe wɔ nkuku no bi mu.
Sɛ wohwɛ adaka a ɛwɔ atifi hɔ no a, wubehu sɛ tete amanne ahorow no ne nnɛyi de no yɛ adekoro. Edin Easter no mpo ne tete ɔbosom bi din yɛ adekoro. Ɛnde, so eyi ne ɔkwan a wɔnam so hyɛ Onyankopɔn Ba kronkron no anuonyam?
w14 2/15 15 ¶4-5
Sarefat Kunafo no Nyaa Ne Gyidi So Akatua
Na biribi foforo wɔ hɔ a ɛbɛsɔ okunafo no gyidi ahwɛ. Bible ka sɛ: “Nsɛm yi akyi no, ɔbea no, kyerɛ sɛ, ofiewura no, babarima yaree, na yare no mu yɛɛ den kosii sɛ afei de na ahome biara nni ne mu bio.” Ná awerɛhow amene okunafo no, na na nea asi no nsen ne tirim. Enti obisaa Elia sɛ: “O nokware Nyankopɔn nipa, dɛn na me ne wo wɔ yɛ? Woaba ha sɛ worebɛkae me me bɔne na woakum me ba?” (1 Ahe. 17:17, 18) Dɛn na ɛmaa ɔbea yi kaa asɛm yayaayaw saa?
Ɔbea no kaee bɔne bi a wayɛ a ɛreteetee n’ahonim anaa? Onyaa adwene sɛ Onyankopɔn na asoma Elia aba hɔ sɛ ommekum ne ba no mfa ntua ne bɔne so ka anaa? Bible nka nkyerɛ yɛn, nanso yenim ade biako bi: Okunafo no ammɔ Onyankopɔn sobo biara.
w11 2/15 13-17
Sɛ Onyankopɔn Ani Sɔ Yɛn a, Ɛbɛma Yɛanya Daa Nkwa
“O Yehowa, wo na wubehyira obiara a ɔyɛ adetrenee; wode anisɔ begye ne ho ban ahyia sɛ ɔkyɛm kɛse.”—DW. 5:12.
NÁ ƆKƆM de ɔbea kunafo no ne ne ba no, na saa ara na na ɔkɔm de Onyankopɔn diyifo no nso. Bere a saa ɔbea kunafo yi a ofi Sarefat no yɛe sɛ ɔrebɛsɔ ogya anoa aduan no, odiyifo Elia srɛɛ no sɛ ɔmma no nsu ne paanoo. Ná ɔbea no pɛ sɛ ɔma no biribi nom, nanso na n’aduan a ɔwɔ nyinaa yɛ “esiam nsa mã pɛ na aka wɔ kuku mu ne ngo kakraa bi a ɛwɔ ahina mu.” Ná ɔbea no susuw sɛ onni aduan biara a ɔde bɛma odiyifo no, enti ɔka kyerɛɛ no.—1 Ahe. 17:8-12.
2 “Elia kɔɔ so ara ka kyerɛɛ no sɛ: “Di kan fa nea ɛwɔ hɔ no bi yɛ paanoo ketewaa bi brɛ me ansa na woayɛ bi ama wo ne wo ba no. Na asɛm a Yehowa, Israel Nyankopɔn aka ni, ‘Esiam a ɛwɔ kuku mu no rensã, na ngo a ɛwɔ ahina mu no nso rensã.’”—1 Ahe. 17:13, 14.
3 Ná ɛsɛ sɛ okunafo no si gyinae bi a ɛho hia paa sen n’aduan kakra a aka no a na ɔbɛma odiyifo no bi anaasɛ ɔremma no no. So na obenya Yehowa mu ahotoso sɛ obegye ɔne ne ba no nkwa, anaasɛ na ɔde nea ohia wɔ honam fam bedi kan sen sɛ ɔbɛma Onyankopɔn ani asɔ no na wafa no adamfo? Ɛsɛ sɛ yɛn nso yesi gyinae a ɛte saa. So yɛbɛma Yehowa ani a ɛbɛsɔ yɛn no ho ahia yɛn kɛse asen ahonyade a yɛbɛhwehwɛ? Yɛwɔ nea enti paa a ɛsɛ sɛ yenya Onyankopɔn mu awerɛhyem na yɛsom no. Na nneɛma bi wɔ hɔ a yebetumi ayɛ na ama Onyankopɔn ani asɔ yɛn.
‘Wofata sɛ Yɛsom Wo’
4 Yehowa wɔ hokwan sɛ ɔhwehwɛ sɛ nnipa bɛsom no wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so. N’asomfo a wɔwɔ soro no mu bi de nokoro sii saa asɛm yi so dua sɛ: “Yehowa, yɛn Nyankopɔn, wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ nti na ɛwowɔ hɔ na wobɔe.” (Adi. 4:11) Esiane sɛ Yehowa yɛ Ɔbɔadeɛ nti, ɔfata sɛ yɛsom no.
5 Ade foforo nti a ɛsɛ sɛ yɛsom Yehowa ne sɛ ɔdɔ yɛn sen sɛnea obi foforo biara dɔ yɛn. Bible ka sɛ: “Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so, Onyankopɔn suban so na ɔbɔɔ no; ɔbarima ne ɔbea na ɔbɔɔ wɔn.” (Gen. 1:27) Onyankopɔn ama nnipa hokwan ma wotumi si gyinae sɛ wɔbɛsom no anaasɛ wɔrensom no. Nkwa a Yehowa de maa yɛn no ma ɔbɛyɛɛ nnipa nyinaa Agya. (Luka 3:38) Sɛnea agya pa biara yɛ no, Yehowa ayɛ biribiara a ne mmabarima ne ne mmabea hia a ɛbɛma wɔn ani agye wɔ wɔn asetena mu ama wɔn. “Ɔma n’awia pue” na “ɔma osu tɔ” sɛnea ɛbɛyɛ a okyinnsoromma a ɛne Asase bɛbɔ aduan pii ama yɛn wɔ asase a ɛso yɛ fɛ so.—Mat. 5:45.
6 Yehowa agye yɛn afi amanehunu kɛse a bɔne de bae no nso mu. Adam nam bɔne a ɔyɛe so bɛyɛɛ te sɛ obi a ɔtow kyakya a owia n’abusua sika de kɔtow kyakya. Esiane sɛ Adam tew Yehowa so atua nti, Adam maa anigye a ne mma benya daa bɔɔ wɔn. Adam pɛsɛmenkominya ama adesamma atɔ sin. Ɛno nti, nnipa nyinaa tumi yare, wodi awerɛhow, na awiei koraa no, wowuwu. Sɛ wɔpɛ sɛ wogye obi fi nkoasom mu a, gye sɛ wotua biribi, na Yehowa atua ade a ebetumi agye yɛn afi saa amanehunu kɛse a bɔne de bae no mu no. (Monkenkan Romafo 5:21.) Yesu Kristo de ‘ne kra yɛɛ agyede de gyee nnipa bebree’ de yɛɛ n’Agya apɛde. (Mat. 20:28) Ɛrenkyɛ, wɔn a Onyankopɔn ani sɔ wɔn no benya saa agyede a wotuae no so mfaso koraa.
7 Yɛn Bɔfo Yehowa ayɛ nneɛma pii a ɛbɛma yɛanya asetena a ɛyɛ anigye na atirimpɔw wom sen nea obi foforo biara betumi ayɛ ama yɛn. Sɛ Yehowa ani sɔ yɛn a, yebehu ɔkwan a ɔbɛfa so ayi ɔhaw a aba adesamma so no nyinaa afi hɔ. Yehowa bɛkɔ so ama yɛn mu biara ahu sɛnea ɔyɛ “wɔn a wɔn ani abere rehwehwɛ no no katuafo.”—Heb. 11:6.
“Wo Man Betu Wɔn Ho Ama Koraa”
8 Sɛ Onyankopɔn ani bɛsɔ yɛn a, gye sɛ yɛde hokwan a yɛwɔ sɛ yetumi fi yɛn pɛ mu yɛ ade no di dwuma yiye. Nea enti a eyi te saa ne sɛ Yehowa nhyɛ obiara sɛ ɔnsom no. Yehowa bisae wɔ Yesaia bere so sɛ: “Hena na mensoma no, na hena na ɔbɛkɔ ama yɛn?” Yehowa dii odiyifo no ni bere a ɔmaa no kwan ma ɔno ankasa sii gyinae no. Wo de, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Yesaia de anigye gyee so sɛ: “Mini, soma me.”—Yes. 6:8.
9 Nnipa wɔ hokwan sɛ wosi gyinae sɛ wɔbɛsom Onyankopɔn anaasɛ wɔrensom no. Yehowa pɛ sɛ yefi yɛn pɛ mu som no. (Monkenkan Yosua 24:15.) Obiara a ɔde amemenemfe bɛsom Onyankopɔn no rentumi nsɔ n’ani; saa ara nso na n’ani nsɔ nnipa a wɔn adwene ara ne sɛ wɔbɛyɛ ade de asɔ nnipa ani no som. (Kol. 3:22) Sɛ yɛma wiase nneɛma twitware yɛn som mu na ‘yɛtwentwɛn yɛn nan ase’ wɔ ɔsom kronn a yɛde ma Onyankopɔn no ho a, n’ani rensɔ. (Ex. 22:29) Yehowa nim sɛ eye ma yɛn sɛ yebefi ɔkra nyinaa mu asom no. Mose hyɛɛ Israelfo no nkuran sɛ ‘wɔnnɔ Yehowa wɔn Nyankopɔn na wontie n’asɛm na wɔmfa wɔn ho mfam ne ho’ na ama wɔanya nkwa.—Deut. 30:19, 20.
10 Tete Israel hene Dawid too dwom maa Yehowa sɛ: “Wo man betu wɔn ho ama koraa, da a wobɛkyerɛ wo tumi no. Wo mmerante asafodɔm bɛka wo ho wɔ ahohyehyɛ kronkron mu, sɛ obosu a efi adekyee yam.” (Dw. 110:3) Ɛnnɛ, nnipa pii de sika a wobenya ne anigyede na edi kan wɔ wɔn asetena mu. Nanso, wɔn a wɔdɔ Yehowa no de, ɔsom kronn a wɔde bɛma Yehowa no ne ade a ɛho hia wɔn sen biribi foforo biara. Nsi a wɔde ka asɛmpa no ma yehu nneɛma a ɛho hia wɔn paa wɔ wɔn asetena mu. Wɔwɔ Yehowa mu ahotoso koraa sɛ obetumi ama wɔn nsa aka nea wohia da biara da.—Mat. 6:33, 34.
Afɔre a Ɛsɔ Onyankopɔn Ani
11 Onyankopɔn nkurɔfo bɔɔ afɔre a edi mũ a na ɛsɔ Onyankopɔn ani wɔ Mmara apam no ase. Leviticus 19:5 ka sɛ: “Sɛ morebɔ asomdwoe afɔre ama Yehowa a, mommɔ no sɛnea ɛbɛsɔ n’ani.” Yehu wɔ saa Bible mu nhoma koro no ara mu nso sɛ: “Sɛ mobɔ aseda afɔre ma Yehowa a, mommɔ no sɛnea n’ani bɛsɔ.” (Lev. 22:29) Sɛ na Israelfo no de mmoa bɔ afɔre a edi mũ wɔ Yehowa afɔremuka so a, na wusiw a ɛforo kɔ soro no te sɛ afɔre “huamhuam” ma nokware Nyankopɔn no. (Lev. 1:9, 13) Nneɛma a Yehowa nkurɔfo yɛe de kyerɛe sɛ wɔdɔ no no maa n’ani gyei, na ɛmaa ne koma tɔɔ ne yam. (Gen. 8:21) Yehu nnyinasosɛm bi wɔ saa afɔre a na wɔbɔ a ɛho asɛm wɔ Mose Mmara no mu no, na ɛfa yɛn ho nnɛ. Yehowa ani sɔ wɔn a wɔbɔ afɔre a edi mũ ma no no. Afɔre bɛn na ɛsɔ Yehowa ani? Susuw nneɛma abien a yɛyɛ wɔ asetena mu ho hwɛ: yɛn abrabɔ ne yɛn kasa.
12 Ɔsomafo Paulo kyerɛw wɔ krataa a ɔde kɔmaa Romafo no mu sɛ: “Momfa mo nipadua mma sɛ afɔrebɔde a ɛte ase a ɛyɛ kronkron na ɛsɔ Onyankopɔn ani, ɔsom kronn a adwene wom.” (Rom. 12:1) Sɛ Onyankopɔn ani bɛsɔ obi a, ɛsɛ sɛ onipa no de ne nipadua yɛ ade a ɛsɔ Onyankopɔn ani. Sɛ ɔnom tawa, ɔwe betel aba, ɔnom nnubɔne, anaasɛ ɔwe nsa de gu ne ho fĩ a, afɔre a ɔde ne nipadua bɔ no bɛyɛ ɔkwa. (2 Kor. 7:1) Bio nso, esiane sɛ nea “ɔde ne ho hyɛ aguamammɔ mu no yɛ n’ankasa nipadua bɔne” nti, ɔbrasɛe biara a ɔde ne ho behyem no remma afɔre a ɔbɔ no rensɔ Yehowa ani. (1 Kor. 6:18) Sɛ Onyankopɔn ani bɛsɔ obi a, ɛsɛ sɛ ‘ɔyɛ kronkron wɔ ne nneyɛe nyinaa mu.’—1 Pet. 1:14-16.
13 Afɔre foforo a Yehowa ani gye ho ne yɛn kasa. Wɔn a wɔdɔ Yehowa aka ne ho asɛm pa wɔ baguam ne wɔn afie mu bere nyinaa. (Monkenkan Dwom 34:1-3.) Kenkan Nnwom 148-150, na hwɛ mpɛn dodow a saa nnwom abiɛsa yi hyɛ yɛn nkuran sɛ yenyi Yehowa ayɛ. Nokwarem no, “ɛfata sɛ teefo yi no ayɛ.” (Dw. 33:1) Yesu Kristo a ɔyɛ yɛn Nhwɛsofo no sii hia a ɛho hia sɛ yɛbɛka asɛmpa no de ayi Onyankopɔn ayɛ no so dua.—Luka 4:18, 43, 44.
14 Sɛ yɛde nsi ka asɛm no a, yɛda no adi sɛ yɛdɔ Yehowa na yɛpɛ sɛ yɛsɔ n’ani. Sɛ nhwɛso no, susuw sɛnea odiyifo Hosea de afotu maa Israelfo a na wɔde wɔn ho akɔhyɛ atoro som mu na ama Onyankopɔn ani nsɔ wɔn bio no ho hwɛ. (Hos. 13:1-3) Hosea ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnsrɛ sɛ: “[Yehowa] fa bɔne firi na gye papa, na yɛde yɛn ano bɛbɔ anantwinini afɔre.”—Hos. 14:1, 2.
15 Ná aboa a ne bo yɛn den sen biara a Israelni betumi de abɔ afɔre ama Yehowa ne nantwinini. Enti, asɛm a ɛne sɛ ‘yɛde yɛn ano bɔ anantwinini afɔre’ no kyerɛ nsɛm a efi komam a wosusuw ho yiye a wɔka de yi nokware Nyankopɔn no ayɛ. Asɛm bɛn na Yehowa ka kyerɛɛ wɔn a na wɔbɔ saa afɔre no? Ɔkae sɛ: “Meyi me yam adɔ wɔn.” (Hos. 14:4) Yehowa de wɔn a na wɔbɔ afɔre a ɛte saa no bɔne firii wɔn, na n’ani sɔɔ wɔn, na ɔne wɔn faa adamfo.
16 Ayeyi a wɔde ma Yehowa wɔ baguam yɛ ade titiriw a akɔ so wɔ nokware som mu bere nyinaa. Ná ɛho hia odwontofo no paa sɛ ɔbɛhyɛ nokware Nyankopɔn no anuonyam ma enti ɔsrɛɛ Onyankopɔn sɛ: “O Yehowa, mesrɛ wo, ma w’ani nsɔ m’anom ayɛyɛde.” (Dw. 119:108) Na ɛnnɛ nso ɛ? Yesaia hyɛɛ nnipakuw kɛse bi a na wɔbɛba yɛn bere yi so ho nkɔm sɛ: “Wɔbɛka Yehowa ayeyi akyerɛ. . . . Megye wɔn [akyɛde] atom ma wɔaba [Onyankopɔn afɔremuka] so.” (Yes. 60:6, 7) Saa nkɔmhyɛ no abam efisɛ nnipa ɔpepem pii rebɔ Onyankopɔn ‘ayeyi afɔre a ɛne anofafa aba a wɔde bɔ ne din wɔ baguam no.’—Heb. 13:15.
17 Na wo nso ɛ? So worebɔ afɔre a ɛsɔ Onyankopɔn ani? Sɛ wonyɛɛ saa a, so wobɛyɛ nsakrae na woafi ase ayi Yehowa ayɛ wɔ baguam? Sɛ gyidi ma wufi ase ka asɛmpa no a, afɔre a wobɔ no “bɛsɔ Yehowa ani asen nantwi” a wode bɛbɔ afɔre. (Monkenkan Dwom 69:30, 31.) Nya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛte ayeyi afɔre “huamhuam” a wobɔ no, na n’ani bɛsɔ wo. (Hes. 20:41) Na ɛno bɛma woanya anigye a ɛso bi nni.
‘Yehowa na Obehyira Obiara a Ɔyɛ Adetrenee’
18 Ɛnnɛ, nnipa pii ka asɛnkoro no ara a ebinom kae wɔ Malaki bere so no bi sɛ: “Onyankopɔn som yɛ ɔkwa; na mfaso bɛn na ɛwɔ so sɛ yedi n’ahyɛde so?” (Mal. 3:14, An American Translation) Esiane sɛ nnipa a wɔte saa di ahonyade akyi nti, wɔn adwene yɛ wɔn sɛ Onyankopɔn atirimpɔw ntumi mma mu, na mfaso nni ne mmara so bio. Wɔn de, wobu asɛmpa a yɛka no sɛ ɛyɛ beresɛe ne ahoguan.
19 Su a ɛte saa no fii ase wɔ Eden turo no mu tɔnn. Ɛyɛ Satan na ɔdaadaa Hawa ma obuu n’ani guu mfaso ankasa a ɛwɔ asetena pa a na Yehowa de ama no no so, na ɛno na amma nea ɛsɔ Yehowa ani a ɔbɛyɛ no ho anhia no no. Ɛnnɛ, Satan bɔ mmɔden bere nyinaa sɛ ɔbɛma nkurɔfo agye adi sɛ mfaso biara nni so sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde. Nanso, Hawa ne ne kunu behui sɛ Onyankopɔn ani a ansɔ wɔn bio no kyerɛ sɛ na wɔn nkwa bɛbɔ wɔn. Ɛrenkyɛ, awerɛhosɛm a ɛtoo Adam ne Hawa no ara bi bɛto wɔn a wosuasua wɔn nhwɛso bɔne nnɛ no.—Gen. 3:1-7, 17-19.
20 Fa awerɛhosɛm a ɛtoo Adam ne Hawa no toto nea efii nsɛm a esisii wɔ Elia ne ɔbea kunafo a na ɔwɔ Sarefat ntam no mu bae a yɛaka ho asɛm dedaw no ho hwɛ. Bere a ɔbea no tee asɛm a ɛhyɛ nkuran a Elia kae akyi no, ɔbea no fii ase too paanoo no, na ɛwom mpo sɛ na n’aduan no sua de, nanso odii kan maa odiyifo no aduan no bi. Afei Yehowa dii ɛbɔ a ɔnam Elia so hyɛe no so. Bible ka sɛ: “Ɔbea no nyaa aduan dii nna pii, ɔne ne fiefo ne odiyifo no. Kuku no mu esiam no ansa, na ahina no mu ngo no nso ansa, sɛnea Yehowa nam Elia so kae no.”—1 Ahe. 17:15, 16.
21 Nnipa ɔpepepem pii a wɔte ase nnɛ no mu kakraa bi na wɔn ani begye ho sɛ wɔbɛyɛ ade a ɔbea kunafo a na ɔwɔ Sarefat no yɛe no bi. Ɔde ne werɛ nyinaa hyɛɛ nkwagye Nyankopɔn no mu, na Onyankopɔn nso amma ne nsa ansi fam. Saa asɛm yi ne Bible mu nsɛm foforo si so dua sɛ ɛfata sɛ yɛde yɛn werɛ hyɛ Yehowa mu. (Monkenkan Yosua 21:43-45; 23:14.) Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ asetena ma yenya adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ Yehowa remma wɔn a n’ani sɔ wɔn no nsa rensi fam da.—Dw. 34:6, 7, 17-19
22 Onyankopɔn atemmu da a ɛbɛba “wɔn a wɔtete asase so baabiara no nyinaa so” no abɛn. (Luka 21:34, 35) Obiara ntumi nguan mfi mu. Sika anaa ahonyade biara nni hɔ a yebetumi de atoto mfaso a ɛwɔ asɛm a yɛbɛte afi Ɔtemmufo a Onyankopɔn apaw no no hɔ no ho da. Ɔbɛka sɛ: “Mommra, mo a m’Agya ahyira mo, momfa ahenni a wɔasiesie ama mo” no. (Mat. 25:34) Nokwarem no, ‘Yehowa na obehyira obiara a ɔyɛ adetrenee; ɔde anisɔ begye ne ho ban ahyia sɛ ɔkyɛm kɛse.’ (Dw. 5:12) So ɛnsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛsɔ Onyankopɔn ani?
w03 5/1 28-31
So Yehowa Hu Nea Woyɛ?
WUBEBUA saa asɛm no dɛn? Nnipa pii bɛka sɛ: ‘Migye di sɛ Onyankopɔn huu nnwuma a nnipa te sɛ Mose, Gideon, ne Dawid yɛe no, nanso minnye nni sɛ nea metumi ayɛ ho hia no. Mente sɛ Mose, Gideon, anaa Dawid.’
Ɛyɛ nokware sɛ anokwafo binom a wɔtraa ase Bible mmere mu no yɛɛ nneɛma soronko a na ɛda gyidi adi. ‘Wodii ahenni horow so nkonim, siw agyata ano, dum ogya tumi, na woguan nkrante ano.’ (Hebrifo 11:33, 34) Nanso, afoforo daa wɔn gyidi adi wɔ akwan a na ɛnyɛ soronko pii so, na Bible no ma yɛn awerɛhyem sɛ Onyankopɔn huu wɔn gyidi a wɔdaa no adi no nso. Sɛ mfatoho no, susuw Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso horow a ɛfa oguanhwɛfo, odiyifo, ne okunafo bi ho no ho hwɛ.
Oguanhwɛfo Bi Bɔ Afɔre
Dɛn na wokae wɔ Habel, Adam ne Hawa babarima a ɔto so abien no ho? Ebia wobɛkae sɛ owuu mogya dansefo wu, osuahu a yɛn mu kakraa bi na ebia yebehyia. Nanso biribi foforo nti na ɛmaa Onyankopɔn ani baa Habel so.
Da bi, Habel faa ne mmoa a wɔadɔ paa no bi kɔbɔɔ afɔre maa Onyankopɔn. Ebia ɛnnɛ yɛremmu n’akyɛde no sɛ ade kɛse bi de, nanso Yehowa ammu n’ani angu so, na ɔkyerɛɛ ho anisɔ. Nanso, ɛnyɛ ne nyinaa ne no. Bɛyɛ mfirihyia mpem anan akyi no, Yehowa de honhom kaa ɔsomafo Paulo ma ɔkyerɛw ho asɛm wɔ Hebrifo nhoma no mu. Mfe pii akyi no, na Onyankopɔn werɛ mfii saa afɔrebɔ ketewaa no!—Hebrifo 6:10; 11:4.
Ɛyɛɛ dɛn na Habel paw afɔre ko a ɛsɛ sɛ ɔbɔ? Bible no nkyerɛ, nanso ɛbɛyɛ sɛ osusuw asɛm no ho yiye. Ná ɔyɛ oguanhwɛfo, enti ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔde ne mmoa no mu bi bɔɔ afɔre no. Nanso hyɛ no nsow sɛ ɔde mmoa a wodi mu paa—“wɔn a wɔadɔ” na ɛmae. (Genesis 4:4) Ebetumi aba nso sɛ osusuw nsɛm a Yehowa ka kyerɛɛ ɔwɔ no wɔ Eden turo mu no ho: “Mede ɔtan mɛto wo ne ɔbea no ntam, ɛne w’asefo ne n’asefo ntam. Ɔno na ɔbɛbɔ wo ti; na wo nso woaka ne nantin.” (Genesis 3:15; Adiyisɛm 12:9) Ɛwom sɛ na Habel nte onii ko a “ɔbea” no ne “n’asefo” no yɛ ase de, nanso ɛbɛyɛ sɛ ohui sɛ na ɔbea no aseni ‘nantin a wɔbɛka’ no bɛhwehwɛ sɛ ohwie mogya gu. Akyinnye biara nni ho sɛ ohui sɛ biribiara rensom bo nsen sɛ ɔde abɔde a nkwa wom bɛma. Nea ehia sen biara no, na afɔre a ɔbɔe no fata ampa.
Te sɛ Habel no, Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso bɔ Onyankopɔn afɔre. Ɛnyɛ wɔn nguan mu mmakan na wɔde ma, na mmom wɔbɔ “Onyankopɔn ayeyi afɔre daa, ɛne anofafa a ɛbɔ no abodin no aba.” (Hebrifo 13:15) Yɛde yɛn anofafa bɔ dawuru, bere a yɛka yɛn gyidi ho asɛm kyerɛ afoforo no.
So wobɛpɛ sɛ woma afɔre a wobɔ no tu mpɔn? Ɛnde, susuw nnipa a wɔte w’asasesin mu no ahiade ho yiye. Dɛn na ɛhaw wɔn? Nneɛma bɛn na wɔn ani gye ho? Bible mu asɛm bɛn na wɔn ani begye ho? Bere biara a wudi adanse no, susuw nnipa a wakɔ wɔn nkyɛn no ho, a atirimpɔw no ne sɛ wubetu mpɔn. Na sɛ woka Yehowa ho asɛm a, fi komam fa ahotoso yɛ saa. Ma w’afɔrebɔ no nyɛ ‘ayeyi afɔre’ ankasa.
Odiyifo Bi Kasa Kyerɛ Ne Nkurɔfo a Wɔn Koma Apirim
Afei susuw odiyifo Henok ho hwɛ. Ɛbɛyɛ sɛ na ne nkutoo na odi Yehowa Nyankopɔn ho adanse. Te sɛ Henok no, so wo nkutoo na wowɔ w’abusua mu a woresom Yehowa nokware mu? So wo nkutoo na wudi Bible nnyinasosɛm ahorow so wɔ wo sukuu mu anaa wɔ w’adwumam? Sɛ saa na ɛte a, wubetumi ahyia nsɛnnennen. Ebia nnamfonom, abusuafo, mfɛfo sukuufo, anaa mfɛfo adwumayɛfo bɛhyɛ wo nkuran sɛ tõ Onyankopɔn mmara. Ebia wɔbɛka sɛ, “Obiara renhu nea woayɛ. Yɛrenka nkyerɛ obiara.” Wobetumi aka sɛ nyansa nnim sɛ wode Bible mu nnyinasosɛm ahorow bɛhaw wo ho, efisɛ nea woyɛ biara mfa Onyankopɔn ho. Bere a ɛhyɛ wɔn abufuw sɛ wo nsusuwii ne wo nneyɛe nte sɛ wɔn de no, ebia wɔbɛyɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛma woagyae wo mudi mu.
Nokwarem no, ɛnyɛ mmerɛw sɛ wubegyina nhyɛso a ɛte saa ano, nanso ɛnyɛ biribi a wuntumi nyɛ. Susuw Henok, ɔbarima a ɔto Adam so ason no ho hwɛ. (Yuda 14) Bere a wɔwoo Henok no, na nnipa dodow no ara bra asɛe. Ná wɔn kasa ho ntew; wɔn nneyɛe yɛ ‘ahodwiriw.’ (Yuda 15) Wɔyɛɛ wɔn ade sɛnea nnipa pii yɛ nnɛ no ara.
Ɔkwan bɛn so na Henok gyinaa ano? Saa asɛmmisa no ho mmuae ho hia yɛn nnɛ. Ɛwom sɛ ɛbɛyɛ sɛ na Henok nkutoo ne onipa a ɔwɔ asase so a ɔsom Yehowa de, nanso na ɔnyɛ ankonam ankasa. Henok ne Onyankopɔn nantewee.—Genesis 5:22.
Ná Henok asetram ade titiriw ne sɛ ɔbɛsɔ Onyankopɔn ani. Ná onim sɛ Onyankopɔn a ɔne no bɛnantew no kyerɛ pii sen sɛ ɔbɛbɔ bra pa kɛkɛ. Ná Yehowa hwehwɛ sɛ ɔbɛka asɛm no. (Yuda 14, 15) Ná ehia sɛ wɔbɔ nkurɔfo no kɔkɔ sɛ wɔahu wɔn nneyɛe bɔne no. Henok kɔɔ so ne Onyankopɔn nantewee bɛboro mfe 300—nea ɛsen bere tenten a yɛn mu biara de agyina sɔhwɛ ano no. De kosi bere a owui no, ɔkɔɔ so ne Onyankopɔn nantewee.—Genesis 5:23, 24.
Te sɛ Henok no, yɛn nso wɔama yɛn adwuma sɛ yɛnka asɛm no. (Mateo 24:14) Adanse a yebedi wɔ afie afie akyi no, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛka asɛmpa no akyerɛ yɛn abusuafo, mfɛfo adwumayɛfo, ne mfɛfo sukuufo. Nanso ɛtɔ mmere bi a, ebia yennya akokoduru mfa nkasa. So ɛte saa wɔ wo fam? Mma w’abam mmu. Suasua tete Kristofo no, na bɔ mpae srɛ Onyankopɔn na ɔmma wo akokoduru. (Asomafo no Nnwuma 4:29) Mma wo werɛ mfi da sɛ bere tenten a wo ne Onyankopɔn nantew no, worenyɛ ankonam da.
Okunafo Bi Siesie Aduan
Susuw ho hwɛ, wohyiraa okunafo bi a yennim ne din mpɛn abien esiane aduan biako pɛ a osiesiei nti! Ná ɔnyɛ Israelni, na mmom na ɔyɛ ɔnanani a ɔtraa ase afeha a ɛto so du A.Y.B. wɔ Sarefat kurow mu. Na okunafo no aduan resa bere a na aka kakra ma ɔpɛ ne aduankɔm bi a ɛbaa bere tenten aba awiei no. Nea na aka ama no ara ne asikresiam nsa ma, ne ngo kakra a ɔde bɛtõ abodoo a etwa to ama ɔne ne ba.
Saa bere yi na onyaa ɔhɔho. Ná ɛyɛ Onyankopɔn diyifo Elia, na ɔsrɛɛ okunafo no sɛ ɔmma no n’aduan a aka kakra no bi nni. Ná nea aka no bɛso ɔne ne ba no nkutoo, na ɛda adi sɛ na ɔrennya bi mma ɔhɔho no. Nanso Elia nam Yehowa asɛm so maa no awerɛhyem sɛ, sɛ ɔma no n’aduan no bi a, ɔkɔm renne ɔne ne ba no. Ná egye gyidi na okunafo nanani no atumi agye adi sɛ Israel Nyankopɔn no behu no. Nanso ogyee Elia dii, na Yehowa hyiraa no. “Asikresiam kuruwa no so anhuan na ngo pɔre no so antew, sɛnea [Yehowa, NW] nam Elia so kae no.” Ɔbea no ne ne ba no nyaa aduan dii kosii sɛ ɔkɔm no twae.—1 Ahene 17:8-16.
Nanso na nhyira foforo retwɛn okunafo no. Saa anwonwade no akyi bere bi no, ne dɔba no yaree na owui. Ɛyɛɛ Elia mmɔbɔ, na ɔsrɛɛ Yehowa sɛ onnyan abarimaa no mmra nkwa mu bio. (1 Ahene 17:17-24) Ná ɛno bɛhwehwɛ sɛ wɔyɛ anwonwade a ebi nsii da. Ná kyerɛwtohɔ biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔanyan obi afi awufo mu pɛn! So Yehowa bɛsan ada mmɔborohunu adi akyerɛ okunafo nanani yi? Ɔyɛɛ saa. Yehowa maa Elia tumi ma onyanee abarimaa no baa nkwa mu bio. Akyiri yi Yesu kaa ɔbea a onyaa hokwan kɛse yi ho asɛm sɛ: ‘Ná akunafo pii wɔ Israel de, nanso wɔsomaa Elia kɔɔ ɔbea kunafo a ɔwɔ Sidon kurow Sarefat nkyɛn.’—Luka 4:25, 26.
Ɛnnɛ, sikasɛm tebea asɛe wɔ aman a wɔanya nkɔanim wɔ mfiridwuma mpo mu. Nnwuma akɛse ayi adwumayɛfo a wɔde nokwaredi ayɛ adwuma mfe pii no adi. Esiane adwuma a ebetumi afi obi a ɔyɛ Kristoni nsa nti, ebetumi ama ɔde bere pii ayɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenyi no adi mfi adwuma no mu. Ebia saa a ɔbɛyɛ no remma onnya bere pii mfa nkɔ Kristofo nhyiam ahorow, asɛnka, anaa bere a ɔde bedi n’abusua nkate fam ne honhom fam ahiade horow ho dwuma. Nanso, ɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔhwɛ yiye sɛ saa adwuma no remfi ne nsa ɔkwan biara so.
Kristoni a ɔwɔ sikasɛm tebea a emu yɛ den saa mu no di bem sɛ ɔma ɛho asɛm hia no. Nnansa yi ɛyɛ den sɛ obi benya adwuma ayɛ. Yɛn mu dodow no ara mpere sɛ yebenya yɛn ho, nanso te sɛ Sarefat kunafo no, yɛpɛ sɛ yenya yɛn ano aduan. Nanso ɔsomafo Paulo bɔ yɛn nkae sɛ Onyankopɔn kae sɛ: “Merennyaw wo, nanso merempa wo da.” Yebetumi de ahotoso aka sɛ: “[Yehowa, NW] ne me boafo, merensuro; onipa betumi ayɛ me dɛn?” (Hebrifo 13:5, 6) Paulo de ne ho too saa bɔhyɛ no so ne nkwa nna nyinaa, na Yehowa annyaw no da. Sɛ yɛannyae Onyankopɔn akyidi a, ɔbɛyɛ saa ara ama yɛn.
Ebia yɛbɛte nka sɛ yɛrentumi nyɛ nneɛma a nnipa a wɔyɛ honhom mufo te sɛ Mose, Gideon, ne Dawid yɛe no bi da de, nanso yebetumi asuasua wɔn gyidi. Na yebetumi akae gyidi kakra a Habel, Henok, ne Sarefat okunafo no daa no adi no. Yehowa ani gye gyidi a yɛda no adi nyinaa—nea ɛyɛ nketewa mpo ho. Sɛ sukuuni a osuro Nyankopɔn po sɛ obegye nnuru afi atipɛnfo hɔ, sɛ Kristoni dwumayɛni ampene so amfa ne ho anhyɛ brabɔne mu wɔ adwumam, anaa sɛ Ɔdansefo a ne mfe akɔ anim kɔ asafo nhyiam ahorow daa ɛmfa ho sɛ wabrɛ na ɔyare a, Yehowa hu. Na odi ahurusi!—Mmebusɛm 27:11.
So Wuhu Nea Afoforo Yɛ?
Yiw, Yehowa hu nea yɛyɛ. Enti, sɛ nnipa a yesuasua Onyankopɔn no, ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho sɛ yebehu afoforo mmɔdenbɔ. (Efesofo 5:1) Dɛn nti na womfa w’ani nto fam nhwɛ nsɛnnennen a wo mfɛfo Kristofo hyia sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛba asafo nhyiam ahorow, wɔde wɔn ho bɛhyɛ asɛnka adwuma mu, na mpo wɔayɛ nnwuma a wɔyɛ no daa no?
Ɛnde, ma wo mfɛfo a wo ne wɔn som Yehowa no nhu sɛ w’ani sɔ wɔn mmɔdenbɔ. Wɔn ani begye sɛ wuhui, na dwen a wudwen wɔn ho no bɛma wɔanya awerɛhyem sɛ Yehowa nso hu wɔn.
[Kratafa 137 mfoni]
TI 31
Abofra Bi a Wɔkyeree No Kɔɔ Obi Man So Nyaa Akokoduru Kasae
w96 5/15 8 ¶3
Abeawa Kumaa Bi a Ɔkasaa Akokoduru So
Wɔ ntua biako mu no, wɔfaa “abaawa kumaa bi” ɔhyɛ so fii n’abusuafo a wosuro Onyankopɔn nkyɛn kɔe a wɔanhu no mmɔbɔ. (2 Ahene 5:2) Wɔde no kɔɔ Siria na wɔhyɛɛ no ma ɔtraa nnipa a ebia na wɔn ho bɛyɛ no hu ayɛ no nwonwa mu—nkurɔfo a na wɔsom owia, ɔsram, nsoromma, nnua, afifide, ne abo mpo. Hwɛ sɛnea na wɔyɛ soronko koraa wɔ n’abusua ne ne nnamfo a na wɔsom nokware Nyankopɔn koro, Yehowa, no ho! Nanso, wɔ tebea soronko yi mpo mu no, abeawa yi daa akokoduru a ɛda nsow adi wɔ Yehowa som ho. Ne saa nti, ɔsakraa otitiriw bi a na ɔsom wɔ Siria hene ase asetra. Yɛnhwɛ sɛnea ɛbaa no
it “Kwata” ¶3-5-wcgr
Kwata
Kwata Ahorow Ne Ɛho Nsunsuanso. Kwata yɛ yare a etumi sae, na egu mu ahorow mmiɛnsa. Baako bi wɔ hɔ a, sɛ ɛyɛ obi a, ɛma ne honam ani twintwam. Afei ɛma n’anim soasoa, na ɛtrɛw kɔ ne honam nyinaa. Ɛsan nso ma nipa no hwenem ne ne menem twintwam. Nea ɛtɔ so mmienu no de, ɛnyɛ hu te sɛ nea yɛadi kan aka ho asɛm no. Sɛ ɛyɛ obi a, biribi kakraa bi ka ne honam a, na ɛyɛ no yaw paa. Obi wɔ hɔ nso a, sɛ ɛyɛ no na wode wo nsa ka ne honam a, ɔnte hwee. Kwata a ɛtɔ so mmiɛnsa no nso, sɛ ɛyɛ obi a, nsunsuanso a kwata mmienu a yɛadi kan aka ho asɛm no de ba no nyinaa bi wom.
Sɛ kwata no du baabi a, nipa no honam a asoasoa no paapae. Etumi ma nipa no ti nwi ne n’ani akyi nwi tutu, na ne mmɔwerɛw nso tutu. Afei wubehu sɛ nipa no nan, ne nsa, ne hwene, ne n’ani redidi kɔ mu nkakrankakra. Sɛ emu yɛ den paa a, ebetumi akum no mpo. Sɛ Bible ka sɛ kwata ayɛ obi a, nsunsuanso a yɛaka ho asɛm yi nyinaa bi tumi yɛ no. Ɛno nti na Aaron tumi kaa sɛ, sɛ kwata yɛ obi a, ɛma ‘ne fã sɛe!’ no.—Nu 12:12.
Nea Bible ka fa yare bɔne yi ho no, nkyerɛkyerɛmu yi ma yɛte ase yiye paa. Ɛma yehu sɛ, bere a Usia de ne pɛ kɔhyew aduhuam wɔ Yehowa asɔrefie hɔ a Yehowa maa kwata yɛɛ no no, ɔbrɛɛ mu paa.—2Ah 15:5; 2Be 26:16-23.
w05 8/1 9 ¶2
Ahene Nhoma a Ɛto so Abien no Mu Nsɛntitiriw
5:15, 16—Dɛn nti na Elisa annye Naaman akyɛde no? Elisa annye akyɛde no efisɛ ohui sɛ ɛyɛ Yehowa tumi na ɔde saa Naaman yare anwonwakwan so na ɛnyɛ ɔno ankasa tumi. Anka ɛbɛyɛ nea ɛmfata wɔ ne fam sɛ ɔde Onyankopɔn adwuma a ɔde ama no no bɛpɛ mfaso. Nokware asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nnhwehwɛ mfaso mfi Yehowa som adwuma mu. Wotie Yesu afotu yi: “Munyaa no kwa, momfa mma kwa.”—Mateo 10:8.
w05 8/1 9 ¶3
Ahene Nhoma a Ɛto so Abien no Mu Nsɛntitiriw
5:18, 19—So ɔsom mu adeyɛ bi a na Naaman rekɔ akɔyɛ ho fafiri na na ɔresrɛ? Ɛda adi sɛ na Siria hene no abɔ akwakora ayɛ mmerɛw, na na ɛsɛ sɛ Naaman so no mu. Bere a ɔhene no kotow Rimon no, Naaman nso kotow bi. Ɛwom sɛ na sɛ Naaman so ɔhene no mu ma ɔkotow a, ɔno nso kotow bi de, nanso na sɛ Naaman kotow a, ɛnyɛ ɔsom mu ade bi na ɔreyɛ, na mmom na ɔreyɛ n’adwuma a ɛsɛ sɛ ɔyɛ kɛkɛ. Ná Naaman resrɛ Yehowa sɛ ɔmfa ne bɔne mfiri no sɛ ɔreyɛ ɔman adwuma yi. Elisa gyee asɛm a Naaman kae no dii, enti ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ asomdwoe mu.”
w13 8/1 10
Adɛn Nti na Bible Kaa Ebinom ho Asɛm Nanso Ammɔ Wɔn Din?
Sɛ wokenkan Rut nhoma a ɛwɔ Bible mu no a, ɔbarima bi a wanyɛ n’asɛde sɛnea Mose Mmara no kyerɛ no, edin a wɔde frɛɛ no ara ne Asiamasi. (Rut 4:1-12) Wɔn a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu a wɔammɔ wɔn din no, enti ɛsɛ sɛ yɛka sɛ wɔn nyinaa nni suban pa anaa wɔn ho nhia nti na wɔammɔ wɔn din no?
Dabi. Ma yɛnhwɛ ɛho asɛm foforo. Bere a Yesu pɛ sɛ n’asuafo no kosiesie baabi ma odi ne Twam a etwa to no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ Asiamasi [“ɔbarima bi,” The New English Bible] nkyɛn wɔ kurow no mu” na munkosiesie ne fie hɔ. (Mateo 26:18) Enti ɔbarima a wɔfrɛ no “Asiamasi” wɔ kyerɛwsɛm yi mu no, wohwɛ a, na ɔyɛ nipabɔnefo anaa na ne ho nhia nti na wɔammɔ ne din no? Ɛnte saa koraa. “Ɔbarima” a wɔkaa ne ho asɛm no, na ɔyɛ Yesu suani. Wɔammɔ ne din, efisɛ na ne din ho nhia wɔ asɛm no mu.
Afei nso, wohwɛ Bible mu a wubehu nnipabɔnefo bebree din. Bible ka apapafo bebree nso ho asɛm a wɔmmɔ wɔn din. Ɛho nhwɛso ne Hawa, ɔbea a wodii kan bɔɔ no no. Obiara nim ne din, nanso ne pɛsɛmenkominya ne n’asoɔden na ɛmaa Adam yɛɛ bɔne, na ɛno na akɔfa amanehunu abrɛ yɛn nyinaa no. (Romafo 5:12) Noa yere nso, ɔyɛ onipa pa a ne ho asɛm wɔ Bible mu, nanso wɔammɔ ne din. Nanso sɛ yɛbɛka paa a, n’ahobrɛase ne osetie a ɔde boaa ne kunu ma ɔyɛɛ n’adwuma a ɛho hia paa no, yɛanya so mfaso. Enti ɛda adi sɛ ne din a wɔammɔ no nkyerɛ sɛ Onyankopɔn ani ansɔ no.
Bible ka nnipa foforo pii ho asɛm sɛ wɔyɛɛ nneɛma a ɛho hia paa wɔ Yehowa som mu, nanso ɛmmɔ wɔn din; nea ebinom mpo yɛe no, na egye akokoduru kɛse. Wo de, hwɛ Israelni abeawa kumaa a na ɔsom wɔ Siria sahene Naaman fie no. Onyaa akokoduru kaa Yehowa diyifo a ɔwɔ Israel no ho asɛm kyerɛɛ Naaman yere. Eyi maa anwonwade kɛse bi sii. (2 Ahene 5:1-14) Israel ɔtemmufo Yefta babea no nso yɛɛ nhwɛso kama paa. Ne papa hyɛɛ bɔ bi, na ɔno nso fii ne komam nyinaa de ne ho bɔɔ afɔre tuaa saa bɔhyɛ no, na ɛno nti wanware anwo ba. (Atemmufo 11:30-40) Bible mu nnwom no nso, nnipa bi kyerɛw bɛboro 40, nanso wɔammɔ wɔn din, na adiyifo bi nso wɔ hɔ a, wɔyeree wɔn ho yɛɛ adwuma akɛse a wɔde hyɛɛ wɔn nsa no; wɔn nso wɔammɔ wɔn din.—1 Ahene 20:37-43.
Wɔn a wɔayɛ nhwɛso a ɛka koma paa ne abɔfo no. Abɔfo ɔpepepem pii na wɔwɔ hɔ, nanso wɔn mu baanu pɛ na Bible bɔ wɔn din; wɔne Gabriel ne Mikael. (Daniel 7:10; Luka 1:19; Yuda 9) Wɔn a aka nyinaa, Bible mmɔ wɔn din. Ɛho nhwɛso ni: Samson papa Manoa ka kyerɛɛ ɔbɔfo bi sɛ: “Mepɛ sɛ mihu wo din na sɛ nea woaka yi nyinaa ba mu a, yɛahyɛ wo anuonyam.” Asɛm bɛn na ɔbɔfo no ka kyerɛɛ no? Ɔkae sɛ: “Dɛn nti na wopɛ sɛ wuhu me din?” Ɔbɔfo no ahobrɛase nti, wannye anuonyam a Onyankopɔn nko ara na ɛsɛ sɛ wɔde ma no no.—Atemmufo 13:17, 18.
Nea enti a Bible abɔ nnipa bi din, na ebinom de, ammɔ wɔn din no, Bible nkyerɛkyerɛ mu. Nanso nnipa ne abɔfo a wɔsom Onyankopɔn nokwarem a wɔanhwehwɛ din ne anuonyam no, yebetumi ahwɛ wɔn asuasua wɔn
TI 32
“O Yehowa, Mesrɛ Wo, Bue N’ani”
it “Elisa” ¶2-wcgr
Elisa
Ná Elisa yɛ Safat ba, na na ɔyɛ Yehowa diyifo. Obesii Elia anan bɛyɛɛ adiyifo adwuma no bɛyɛ afe 800 kosi afe 900 ansa na Yesu reba. Yehowa ka kyerɛɛ Elia sɛ ɔnkɔ Abel-Mehola na ɔnkɔsra Elisa ma ɔmmɛyɛ ne diyifo. Bere a Elia kɔe no, ohui sɛ Elisa refuntum asaase, enti ɔkɔɔ ne nkyɛn kɔtow n’ataade guu ne so. Nea Elia yɛe no, na ɛkyerɛ sɛ Yehowa apaw Elisa sɛ ne diyifo. (1Ah 19:16) Ná ebinom de anantwi mmienu mmienu saa ara 12 di Elisa anim refuntum asaase no, na “na ɔne nea ɛto so 12 no na ɛnam.” Bɛboro mfe 200 a atwam no, William Thomson kyerɛw nhoma bi a wɔato din The Land and the Book (1887, kr. 144), na ɔkaa wɔ nhoma no mu sɛ, sɛ Arabfo refuntum asaase a, na ɛnyɛ ɔbaakofo adwuma, mmom na wɔbom de nnade nketewa a wɔde funtum asaase na ɛyɛ. Afei nso, asaase a wɔbefuntum no da koro no, onipa baako pɛ tumi dua nnɔbae wɔ so nyinaa. Bere a Elisa regyaw adwuma no hɔ akɔ no, esiane sɛ na ɔne anantwi a etwa to no na ɛrefuntum asaase no nti, sɛ ogyaw adwuma no hɔ a, na ɛrensɛe wɔn a wɔdi anim no adwuma. Enti bere a Elia frɛɛ Elisa no, ɛhɔ ara na ɔfaa anantwi mmienu a wɔka ne ho no kum wɔn. Afei ɔde nnua a esuso anantwi no mu no yɛɛ anyina noaa nam no maa adwumayɛfo no dii. Owiei no, ntɛm ara na ɔsɔre kodii Elia akyi. Wei ma yehu sɛ, bere a Elia frɛɛ Elisa no, wantenatena hɔ koraa, ɔkekaa ne ho, na ɔyɛɛ biribi de kyerɛe sɛ n’ani sɔ hokwan no.—1Ah 19:19-21.
w03 11/1 31
Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
Dɛn nti na Elisa bisae sɛ wɔmma no Elia honhom “abupɛn abien”?
Aka bere tiaa bi ma Elia awie n’adwuma sɛ odiyifo wɔ Israel no, odiyifo kumaa Elisa ka kyerɛɛ no sɛ: “Ma wo honhom abupɛn abien mmra me so.” (2 Ahene 2:9) Honhom fam no, ɛda adi sɛ na Elisa rebisa abupɛn abien te sɛ nea na wɔde ma ɔbabarima a ɔyɛ abakan no. (Deuteronomium 21:17) Asɛm yi a yebesusuw ho kakra no bɛma eyi mu ada hɔ na ɛbɛboa yɛn ma yɛasua biribi afi nea esii no mu.
Nea ɛne Yehowa akwankyerɛ hyia no, na odiyifo Elia asra Elisa sɛ nea obedi n’ade. (1 Ahene 19:19-21) Elisa de nokwaredi som Elia bɛyɛ mfe asia, na na wasi ne bo sɛ ɔbɛyɛ eyi akosi awiei. Elia da a etwa to sɛ odiyifo wɔ Israel mpo no, Elisa annyae ne kyerɛkyerɛfo no akyidi. Ɛwom sɛ Elia hyɛɛ Elisa sɛ onnyae n’akyi di de, nanso odiyifo kumaa no kaa no mprɛnsa sɛ: “Merennyaw wo.” (2 Ahene 2:2, 4, 6; 3:11) Nokwarem no, Elisa buu odiyifo a na ne mfe akɔ anim no sɛ n’agya.—2 Ahene 2:12.
Nanso na ɛnyɛ Elisa nkutoo ne Elia honhom fam ba. Na mmarima kuw bi a wɔfrɛ wɔn “adiyifo mma” ka Elia ne Elisa ho. (2 Ahene 2:3) Asɛm a ɛwɔ Ahene Nhoma a Ɛto so Abien no kyerɛ sɛ na saa “mma” yi nso ne wɔn honhom fam agya, Elia, wɔ abusuabɔ a emu yɛ den. (2 Ahene 2:3, 5, 7, 15-17) Nanso, sɛ obi a na wɔasra no sɛ obedi Elia ade no, na Elisa ne Elia honhom fam mma no mu nea odi kan—na ɔte sɛ abakan. Wɔ tete Israel no, na obi a ɔyɛ abakan ankasa no nya n’agya agyapade mu abupɛn abien, bere a na ne mmabarima afoforo no nya abupɛn biako no. Enti na Elisa bisaa Elia honhom fam agyapade mu abupɛn abien no.
Dɛn nti na Elisa bisaa eyi wɔ saa bere pɔtee no mu? Efisɛ na ɔrebegye asɛyɛde kɛse a ɛne sɛ obedi Elia ade sɛ Israel diyifo no ato ne ho so. Elisa hui sɛ nea ɛbɛyɛ na watumi adi asɛyɛde a ɛwɔ adwuma kɛse yi ho ho dwuma yiye no, na ohia honhom fam ahoɔden a ɛsen nea n’ankasa betumi ayɛ, tumi a na Yehowa nkutoo na obetumi de ama. Na ehia sɛ onya akokoduru te sɛ Elia. (2 Ahene 1:3, 4, 15, 16) Ne saa nti, obisaa Elia honhom, akokoduru ne ‘ninkunu a na ɔtwe ma Yehowa’—su horow a eye a Onyankopɔn honhom na ɛma wonya—no mu abupɛn abien. (1 Ahene 19:10, 14) Dɛn na Elia yɛe wɔ ho?
Na Elia nim sɛ Elisa abisa no biribi a ɛnyɛ ɔno na ɛsɛ sɛ ɔde ma no, na mmom Onyankopɔn nkutoo. Enti Elia fi odwo mu buae sɛ: “Woabisa ade a ɛyɛ den; nanso sɛ wuhu me sɛ wɔrefa me afi wo nkyɛn a, ɛbɛyɛ saa ama wo.” (2 Ahene 2:10) Na nokwarem no, Yehowa maa Elisa huu Elia sɛ ahum refa no akɔ soro. (2 Ahene 2:11, 12) Elisa nsa kaa n’abisade no. Yehowa maa no honhom a na ohia a ɔde befi n’adwuma foforo no ase, na watumi agyina sɔhwɛ ahorow a na obehyia no ano.
Ɛnnɛ, Kristofo a wɔasra wɔn (ɛtɔ mmere bi a wɔfrɛ wɔn Elia kuw) no ne Onyankopɔn asomfo nyinaa betumi anya nkuranhyɛ pii afi Bible mu asɛm yi mu. Ɛtɔ mmere bi a ebia yɛbɛte nka sɛ dwumadi bi a wɔde ama yɛn no boro yɛn so na yɛrentumi nyɛ, anaasɛ ebia na akokoduru a yɛde bɛyɛ yɛn Ahenni asɛnka adwuma no rebrɛ ase esiane anibiannaso ne ɔsɔretia kɛse a yehyia wɔ yɛn asasesin mu nti. Nanso sɛ yɛsrɛ Yehowa hɔ mmoa a, ɔbɛma yɛn honhom kronkron a yehia na yɛde agyina nsɛnnennen ne nsɛm tebea a ɛkɔ so sakra no ano. (Luka 11:13; 2 Korintofo 4:7; Filipifo 4:13) Yiw, sɛnea Yehowa hyɛɛ Elisa den maa asɛyɛde a na emu yɛ duru no, saa ara na ɛbɛboa yɛn, mpanyin ne mmofra nyinaa, ma yɛawie yɛn som adwuma no.—2 Timoteo 4:5.
it “Anifurae” ¶6-mwbr
Anifurae
Anifurae a Elisa ma ɛbaa Siria asraafo so no, ɛda adi sɛ na ɛyɛ adwenem anifurae. Asraafodɔm no nyinaa, sɛ wɔn ani ankasa na efurae a, anka gye sɛ nkurɔfo suso wɔn nsa ansa na wɔatumi akɔ baabi a wɔrekɔ. Nanso Bible no anka no saa. Nea ɛkae ara ne sɛ, Elisa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnyɛ ɔkwan no ni, na ɛnyɛ kurow no ni. Munni m’akyi.” Owura William James kaa wei ho asɛm wɔ ne nhoma mu. Ɔkaa sɛ: “Nyarewa a ɛka adwene no, baako bi wɔ hɔ a, etumi kɔfa adwenem anifurae ba. Sɛ obi adwene ani fura a, ohu biribiara, nanso adwene no ntumi nkyerɛ no dekode a ɔrehwɛ no. Yɛn adwene no, ne fã bi wɔ hɔ a adwuma a ɛyɛ ne sɛ, sɛ ani no hu biribi a na atwa ho mfoni. Ne fã bi nso wɔ hɔ a, n’adwuma ne sɛ, ade a ani no ahu no, ɛkyerɛ yɛn sɛ ɛyɛ wei anaa wei. Saa afã mmienu no, ntini bi da ntam. Sɛ saa ntini no ho ka pɛ, w’ani tua biribi paa, nanso worenhu ade ko.” (Principles of Psychology, 1981, Po 1, kr. 59) Ɛbɛyɛ sɛ saa anifurae no bi na Yehowa yi fii Siria asraafo no so bere a wokoduu Samaria no. (2Ah 6:18-20) Ɛbɛyɛ sɛ saa adwenem anifurae no bi na ɛbaa Sodom mmarima no nso so, efisɛ Bible anka sɛ wɔn ani a afura nti, na wɔredi awerɛhow. Mmom, na wɔn ani abere rehwehwɛ Lot fie no pon.—Ge 19:11.
it “Elisa” ¶27-28-wcgr
Elisa
Nnwuma a Ɔyɛe. Elisa dii nokware maa Yehowa kosii owu mu, na na ɔyɛ obi a Yehowa pɛ n’asɛm paa. Yehowa honhom boaa no ma ɔyɛɛ anwanwade 15 ansa na ɔrewu. Owui nso, Yehowa nam n’amu so maa anwanwade foforo bi sii. Bible ma yehu sɛ, na nkurɔfo bi rekosie ɔbarima bi a wawu, ɛnna wɔhuu sɛ Moabfo asraafodɔm bi reba. Bere a wɔhuu asraafodɔm no ara pɛ, wɔtow ɔbarima no amu no ma ɛkɔtɔɔ baabi a wɔsiee Elisa no, ɛnna wɔguanee. Bere a ɔbarima no amu kaa Elisa nnompe no, ɛhɔ ara na ɔbarima no nyanee, na ɔsɔre gyinaa ne nan so. Sɛ saa anwanwade yi ka ho a, Yehowa nam Elisa so yɛɛ anwanwade 16.—2Ah 13:20, 21.
Sɛ yɛhwɛ Luka 4:27 a, Yesu frɛɛ Elisa odiyifo. Afei nso, wohwɛ Hebrifo 11:35 nso a, ɛma yehu sɛ Elisa ne Elia nyinaa nyan awufo. Bere a Elia hyɛɛ adiyifo adwuma no ase no, na Baalsom agye ntini wɔ Israel paa. Enti na obehia akokoduru kɛse na watumi adan ɔmanfo no koma aba Yehowa nkyɛn. Ɔde nsi ne ahokeka boaa Israelfo dodow no ara ma wɔsan bɛsom Yehowa. Elisa bɛtoaa nea Elia yɛe no so. Elisa de, wammrɛ pii te sɛ Elia, nanso ɔde ahokeka yɛɛ adwuma a Elia fii ase no. Ɔhwɛ hui sɛ, adwuma a ɔrebɛtoa so no, obefi ne komam nyinaa ayɛ no yiye na ɔyɛɛ no saa pɛpɛɛpɛ. Bible ma yehu sɛ Elia yɛɛ anwanwade 8, ɛnna Elisa nso yɛɛ anwanwade 16. Sɛnea Elia de nsi ne ahokeka tew Yehowa din ho na ɔmaa nokwaresom so no, saa na Elisa nso yɛe. Ná Elisa wɔ abotare, na ne yam ye, na na ɔdɔ nnipa. Nanso na Yehowa din a ɛho bɛtew ho hia no paa. Enti sɛ Onyankopɔn ka kyerɛ no sɛ ɔnkɔka n’atemmusɛm nkyerɛ abɔnefo a, na ɔde ahokeka na ɛyɛ. “Adansefo mununkum kɛse” a Hebrifo 12:1 ka wɔn ho asɛm no, nea Elisa yɛe nti, yebetumi aka sɛ ɔka ho.
w13 8/15 28-30
Elisa Huu Ogya Teaseɛnam—Wo Nso Ɛ?
Bere bi na Siria hene rehwehwɛ Onyankopɔn diyifo Elisa akyere no. Ɔtee sɛ Elisa akɔhyɛ Dotan; ɛyɛ kurow a ɛda bepɔw so a wɔatow ho ɔfasu. Ade sae no Siria hene ma wɔde apɔnkɔ, ɔko nteaseɛnam, ne asraafodɔm kɔɔ Dotan. Ade kyee no, na n’asraafodɔm no atwa kurow no ho ahyia.—2 Ahe. 6:13, 14.
Bere a Elisa somfo sɔre kɔɔ abɔnten no, ohuu atamfo a wɔrepɛ odiyifo no akyere no no. Ɔteɛɛm sɛ: “Ao me wura! Yɛbɛyɛ dɛn?” Nanso Elisa ka kyerɛɛ no sɛ: “Nsuro, efisɛ wɔn a wɔka yɛn ho no dɔɔso sen wɔn a wɔka wɔn ho.” Afei Elisa bɔɔ mpae sɛ: “O Yehowa, mesrɛ wo, bue n’aniwa na onhu.” Bible toa so sɛ: “Ntɛm ara na Yehowa buee ɔsomfo no aniwa, na ohuu nea ɛrekɔ so; ɔbɛhwɛ a, ogya apɔnkɔ ne nteaseɛnam na ayɛ mmepɔw no so mã atwa Elisa ho nyinaa ahyia yi.” (2 Ahe. 6:15-17) Dɛn na yebetumi asua afi asɛm yi mu ne nsɛm foforo a ɛkɔɔ so wɔ Elisa asetenam?
Bere a Siriafo betwaa Elisa ho hyiae no, wammɔ hu efisɛ ɔde ne ho too Yehowa so na ohui sɛ ɔrebɔ ne ho ban. Ɛnnɛ, yɛnhwɛ kwan sɛ anwonwade bi besi nanso yehu sɛ Yehowa rebɔ ne nkurɔfo ho ban. Sɛ wohwɛ a ɛte sɛ nea ogya apɔnkɔ ne nteaseɛnam atwa yɛn ho ahyia. Sɛ yegye di sɛ Yehowa rebɔ ne nkurɔfo ho ban na yɛde yɛn ho to no so bere nyinaa a, ‘yebenya ahotɔ’ ne Yehowa nhyira. (Dw. 4:8) Ma yɛnhwɛ sɛnea nsɛm foforo a esisii wɔ Elisa asetenam betumi aboa yɛn.
ELISA BƐYƐƐ ELIA SOMFO
Bere bi na Elisa refɛntɛm asase bi, na odiyifo Elia kɔɔ ne nkyɛn de n’atade koguu ne so. Elisa huu nea na Elia repɛ akyerɛ. Enti Elisa too pon, na ɔne ne papa ne ne maame dii nkra, na otu fii fie kɔsom Elia. (1 Ahe. 19:16, 19-21) Na Elisa ayɛ krado sɛ ɔbɛyɛ adwuma biara a Yehowa de bɛma no, enti Yehowa nso de no yɛ adwuma paa, na akyiri yi ɔmaa osii Elia ananmu yɛɛ odiyifo.
Elisa som Elia bɛyɛ mfe asia. Na Elisa “na ɔde nsu gu Elia nsa so.” (2 Ahe. 3:11) Saa bere no na ntere ne adinam ne asekan a yɛde didi nni hɔ, enti na nkurɔfo de wɔn nsa na edidi. Sɛ owura bi didi wie na ɔrehohoro ne nsa a, na n’akoa na ohwie nsu gu ne nsa so. Enti yebetumi aka sɛ na Elisa adwuma no bi yɛ fam-fam adwuma. Nanso ohui sɛ ɛyɛ akwannya kɛse sɛ ɔresom Elia.
Ɛnnɛ nso Kristofo pii de wɔn ho ahyɛ bere nyinaa som adwuma no mu. Nea enti a wɔyɛ saa ne sɛ wɔwɔ Yehowa mu gyidi na wɔpɛ sɛ wɔde wɔn ahoɔden nyinaa som no sɛnea wobetumi. Ebinom tu fi fie kɔyɛ adwuma wɔ Betel anaa wosisi adan anaa wɔyɛ nnwuma foforo. Nnwuma no bi wɔ hɔ a, ebia nnipa pii bebu no sɛ ɛyɛ fam-fam adwuma. Nanso ɛnsɛ sɛ Kristoni biara bu nnwuma a ɛte saa adewa da, efisɛ ɛsom bo paa wɔ Yehowa ani so.—Heb. 6:10.
ELISA ANTOTO N’ADWUMA ASE
Ansa na Onyankopɔn “rebɛfa Elia wɔ ahum mu akɔ ɔsoro no,” ɔkae sɛ omfi Gilgal nkɔ Betel. Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ enhia sɛ ɔne no kɔ nanso Elisa ka kyerɛɛ no sɛ: “Merennyaw wo.” Bere a wɔnam kwan so rekɔ no, Elia ka kyerɛɛ Elisa mprenu sɛ ɔnsan, nanso wamfa ne ti annye. (2 Ahe. 2:1-6) Sɛnea Rut bataa Naomi ho no, saa ara na Elisa nso bataa Elia ho kosii ase. (Rut 1:8, 16, 17) Adɛn ntia? Elisa hui sɛ ɛyɛ akwannya kɛse sɛ ɔbɛsom Elia efisɛ na ɛyɛ adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ ne nsa.
Elisa twaa ɛsa fɛfɛɛfɛ too hɔ maa yɛn. Sɛ yenya hokwan bi wɔ Onyankopɔn ahyehyɛde no mu na yɛkae sɛ Yehowa na yɛresom no a, ɛbɛma yɛakyerɛ ho anisɔ paa. Biribiara nni hɔ nidi wom sen saa.—Dw. 65:4; 84:10.
“KA NEA MENYƐ MMA WO”
Bere a Elia ne Elisa nam kwan so rekɔ no, Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ: “Ka nea menyɛ mma wo ansa na wɔafa me afi wo nkyɛn.” Elisa bisaa biribi a ɛbɛboa no ma wasom Yehowa yiye sɛnea Solomon yɛe tete no. Ɔsrɛɛ Elia sɛ ‘ɔmma no ne honhom no abupɛn abien.’ (1 Ahe. 3:5, 9; 2 Ahe. 2:9) Tete Israel no, na abakan nya ne papa agyapade mmɔho abien. (Deut. 21:15-17) Enti nea na Elisa resrɛ ne sɛ obedi Elia ade, kyerɛ sɛ, obesi Elia anan ayɛ odiyifo. Bio, na Elisa pɛ sɛ onya akokoduru te sɛ Elia na ɔno nso twe ninkunu ma Yehowa.—1 Ahe. 19:13, 14.
Mmuae bɛn na Elia de maa ne somfo no? Odiyifo no kae sɛ: “Woabisa ade a ɛyɛ den. Sɛ wuhu sɛ wɔrefa me afi wo nkyɛn a, wubenya; na sɛ woanhu de a, worennya.” (2 Ahe. 2:10) Mmuae a Elia de maa no no ma yehu nneɛma abien bi. Nea edi kan, Onyankopɔn nkutoo na obetumi akyerɛ sɛ Elisa nsa bɛka n’abisade no. Nea ɛto so abien, sɛ Elisa nsa bɛka a, nsu mu oo, owia mu oo, na ɛsɛ sɛ ɔkɔ so ara bata Elia ho.
NEA ELISA HUI
Onyankopɔn yɛɛ Elisa abisade no maa no anaa? Bible ka sɛ: “Bere a wɔnam rekɔ na wɔrekasa no, hwɛ! ogya teaseɛnam ne ogya apɔnkɔ bɛtetew wɔn baanu ntam, na Elia faa ahum mu kɔɔ soro. Saa bere no nyinaa na Elisa rehwɛ nea ɛrekɔ so.” Saa kwan yi na Yehowa faa so buaa Elisa abisade no. Elisa hui sɛ wɔrefa Elia akɔ, onyaa Elia honhom mu mmɔho abien, na obesii n’anan yɛɛ Onyankopɔn diyifo.—2 Ahe. 2:11-14.
Elisa faa atade a efii Elia ho guu fam no hyɛe. Saa atade no na ɛmaa nkurɔfo hui sɛ Elisa abɛyɛ Onyankopɔn diyifo. Elisa yɛɛ ade foforo maa nkurɔfo hui sɛ ɔyɛ Onyankopɔn diyifo ampa. Ɔmaa Yordan Asubɔnten no mu paee abien.
Nea Elisa hui bere a Elia faa ahum mu kɔɔ soro no maa ne ho dwiriw no paa. Obiara a obehu ogya teaseɛnam ne ogya apɔnkɔ bɛtaa n’anom! Eyi maa Elisa hui sɛ Yehowa ayɛ n’abisade no ama no. Ɛnnɛ yɛnhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn rebua yɛn mpaebɔ a, yebehu ogya teaseɛnam ne ogya apɔnkɔ, nanso yehu adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn de tumi kɛse yɛ adwuma ma n’apɛde yɛ hɔ. Sɛ yɛhwɛ sɛnea Yehowa rehyira n’ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so no a, ɛte sɛ nea yehu sɛ ne teaseɛnam no rekɔ n’anim.—Hes. 10:9-13.
Nneɛma pii sisii Elisa asetenam ma ohui sɛ Yehowa tumi sõ. Onyankopɔn honhom kronkron boaa odiyifo no ma ɔyɛɛ anwonwade mmiako mmiako 16. Eyi yɛ Elia de mmɔho abien. Bere a ɛto so abien a Elisa huu ogya nteaseɛnam ne ogya apɔnkɔ yɛ bere a Siria asraafo betwaa ne ho hyiae wɔ Dotan no. Ɛno na yɛkaa ho asɛm mfiase no.
ELISA DE NE HO TOO YEHOWA SO
Atamfo twaa Elisa ho hyiae wɔ Dotan, nanso wammɔ hu. Adɛn ntia? Efisɛ na Elisa wɔ Yehowa mu gyidi kɛse. Ehia sɛ yɛn nso yenya gyidi a ɛte saa ara. Enti momma yɛmmɔ mpae nhwehwɛ Onyankopɔn honhom kronkron na yɛanya gyidi ne honhom aba no fã a aka no.—Luka 11:13; Gal. 5:22, 23.
Nea esii wɔ Dotan no maa Elisa huu nea enti a ɛsɛ sɛ ɔde ne ho to Yehowa ne n’abɔfodɔm no so. Elisa hui sɛ Onyankopɔn asoma n’abɔfo ma wɔabetwa kurow no ho ahyia na abɔ ne ho ban afi n’atamfo ho. Afei Onyankopɔn maa atamfo no ani furae, na ɔfaa anwonwakwan so gyee Elisa ne ne somfo no. (2 Ahe. 6:17-23) Saa bere no na Elisa nkwa da asiane mu nanso onyaa Yehowa mu gyidi de ne ho too no so korakora sɛnea na ɔyɛ daa no.
Momma yɛmfa yɛn ho nto Yehowa Nyankopɔn so sɛnea Elisa yɛe no. (Mmeb. 3:5, 6) Sɛ yɛyɛ saa a, ‘Onyankopɔn bɛdom yɛn na wahyira yɛn.’ (Dw. 67:1) Ɛnnɛ yenhu sɛ ogya teaseɛnam ne ogya apɔnkɔ atwa yɛn ho ahyia, nanso Yehowa bɛbɔ yɛne anuanom a wɔwɔ wiase nyinaa ho ban wɔ “ahohiahia kɛse” a ɛreba no mu. (Mat. 24:21; Adi. 7:9, 14) Seesei a ahohiahia kɛse no mmae no, momma yɛnkae bere nyinaa sɛ “Onyankopɔn yɛ yɛn guankɔbea.”—Dw. 62:8.
[Kratafa 30 adaka]
NKONIM A YƐADI NNANSA YI
243— Mpɛn dodow a wɔabu Yehowa Adansefo bem wɔ asɛnnibea akɛse mu wɔ wiase nyinaa
France — Wɔatua Amerika dɔla ɔpepem 8.2
Sika dodow a France aban tua maa Yehowa Adansefo wɔ December 11, 2012. Asɛm no dii mfe 15 ansa na ɛretwa
Greece — Ɔman Agyinatu Bagua
Ɔman Agyinatu Bagua no gye toom November 2, 2012 sɛ Yehowa Adansefo, Kristofo a obiara nim wɔn, wɔ hokwan sɛ wonya baabi a wobehyiam asom
20 — Mpɛn dodow a Europa Asɛnnibea a Ɛhwɛ Nnipa Ahofadi Ho Nsɛm So abu yɛn bem fi April 2000
South Korea— Amanaman Nkabom Bagua a Ɛhwɛ Nnipa Ahofadi So Gyinaesi
October 25, 2012 - Saa bagua yi hyɛɛ South Korea man no sɛ wɔmpata Yehowa Adansefo 388 a wɔn gyidi nti wɔankɔ sraadi no efisɛ wɔatiatia wɔn ahofadi so
TI 33
Ɔbɔɔ Obi a Ɔfata Sɛ Odi Ade Ho Ban
it “Karia Awɛmfo”-wcgr
Karia Awɛmfo
Karia awɛmfo yɛ asraafo bi a wɔboaa Yehoiada ma wɔtuu Atalia ade so, na wɔsii Yehoas hene wɔ Yuda.—2Ah 11:4, 13-16, 19.
Animdefo bebree kyerɛ sɛ Karia awɛmfo no, wɔn ara ne Keretifo a Bible ka sɛ na wɔka Dawid ne Solomon asraafo ho no. Animdefo bi kyerɛ sɛ Keretifo yi, na wɔyɛ awɛmfo a wɔahyɛ da ayi wɔn sɛ wɔmmɔ ahemfo mmienu yi ho ban. (2Sa 8:18; 1Ah 1:38; 1Be 18:17) Nea enti a nkurɔfo ka sɛ Karia awɛmfo no, wɔn ara ne Keretifo no ne sɛ, 2 Samuel 20:23 frɛ wɔn “Keretifo.” Nanso saa asɛm no ara, sɛ wohwɛ Hebri nkyerɛwee a Masoretefo yɛe no mu a, ɛhɔ de ɛfrɛ wɔn “Karia awɛmfo,” ɛnna ɛkyerɛɛ mu wɔ nkyɛn baabi sɛ “Keretifo.” Afei nso, Hebri nsaano nkyerɛwee bebree frɛ Karia awɛmfo no “Keretifo.”
Sɛ wokɔ Asia Kumaa na wode w’ani kyerɛ atɔe a, na tete mantam bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Karia. Hesekiel 25:16 ne Sefania 2:5 ma yehu sɛ ebetumi aba sɛ na wɔyɛ Filistifo. Kyerɛwsɛm mmienu yi, bere a wɔrekyerɛ ase wɔ Greek Septuagint no mu no, wɔfrɛɛ Keretifo no “Kretafo.” Wei nyinaa nti, ebinom gye di sɛ Karia awɛmfo no, wɔn ase fi Karia, na wɔfi Kreta na ɛbaa hɔ.
w91 2/1 31 ¶5-6
“Ahemmotiri Ne Adanse No”
Enti, dɛn nti—na ɔkwan bɛn so—na ɔsɔfo panyin no de Adanse no “too” ɔhene kumaa no so? Susuw nea Germanni nhomanimfo Otto Thenius kae no ho: “Mmara no, nhoma bi a wɔakyerɛw Mose ahyɛde ahorow no wom. Wokuraa eyi mu wɔ ɔhene no atifi wɔ sɛnkyerɛnne kwan so, bere a wɔde ahemmotiri no abɔ ne ti no akyi.” (Die Bücher der Könige, a Otto Thenius yɛe) Saa ara nso na Ɔbenfo Ernst Bertheau ka sɛ: “Nokwarem no, Mmara no a wɔde to [ɔhene no so] no yɛ sɛnkyerɛnne kwan so adeyɛ a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔhene no di tumi ma ɛne no hyia.”—Die Bücher der Chronik, a Ernst Bertheau yɛe.
Onyankopɔn hyɛe sɛ sɛ ɔhene no bɛtra agua so a, ɛsɛ sɛ ɔkyerɛw Mmara no bi fa, osua na ɔde di dwuma wɔ ne nkwa nna nyinaa mu. (Deuteronomium 17:18-20) Ebetumi aba sɛ “Adanse no” a na wɔde to ɔhene foforo no so no yɛ sɛnkyerɛnne kwan so adeyɛ tiawa bi a ɛkyerɛ sɛ ɛwom sɛ wabɛyɛ ɔhene de, nanso ɔnkorɔn nsen Yehowa Mmara no. Nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ, ɔsɔfo panyin Yehoiada wu akyi no, Yoas werɛ fii asuade a ɛho hia yi na ɔde nkakrankakra fii Yehowa som ho, na awiei koraa no, owui wɔ awudifo nsam.—2 Beresosɛm 24:17-25.
it “Yehoas” No. 1 ¶5-wcgr
Yehoas
Ná adwuma wɔ Yehowa asɔrefie no ho paa efisɛ na wɔnhwɛ so yiye. Ná asɔrefie no adi boro mfe 150, enti na akyɛ paa. Afei nso, bere a Atalia yɛ ɔhemmaa no, wɔsesaa asɔrefie hɔ nneɛma nyinaa. Ɛno nti Yehoas ka kyerɛɛ Lewifo no sɛ wɔnkɔ Yuda nkurow nyinaa mu nkogyigye sika mfa nsiesie Yehowa asɔrefie no. Nanso Lewifo no antene wɔn ho anyɛ nea Yehoas kae no, enti na adwuma no nkɔ so. (2Ah 12:4-8; 2Be 24:4-7) Ɛno maa Yehoas sesaa ɔkwan a na wɔfa so gyigye sika no, na wɔpɛɛ kwan foforo a wɔde benya sika de asiesie Yehowa asɔrefie no. Ɔmanfo no nso fi wɔn komam de sika bɛboae, na ɛma wɔtumi siesiee asɔrefie no.—2Ah 12:9-16; 2Be 24:8-14.
Mat. 23:35 ho adesua asɛm a yɛato din “Barakia ba,” nwtsty-wcgr
Barakia ba: Sɛ yɛhwɛ 2Be 24:20 a, ɛma yehu sɛ “ɔsɔfo Yehoiada ba” no, ɔno ara ne Sakaria. Nkurɔfo kyerɛ sɛ ɛbɛyɛ sɛ na Yehoiada wɔ din mmienu sɛnea na ebinom nso wɔ din mmienu wɔ Bible mu no. (Fa Mt 9:9 toto Mr 2:14 ho.) Ebetumi nso aba sɛ na Barakia banana ne Sakaria.
w09-E 4/1 24-25-wcgr
Nnamfo Bɔne Maa Yehoas Twee Ne Ho Fii Yehowa Ho
Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma
YERUSALEM na na Onyankopɔn asɔrefie no si, nanso nneɛma a na ɛrekɔ so wɔ hɔ no, na ani yɛ nyan paa. Ahasia a saa bere no na odi hene no, na wɔakum no. Bere a owui no, nea ne maame Atalia yɛe koraa de, na ɛyɛ asefem. Ɔma wɔkunkum Ahasia mma mmarima, kyerɛ sɛ, ɔno ara ne mmanana! Wunim nea enti a ɔyɛɛ saa?— Nea enti a ɔyɛɛ saa ne sɛ, na ɔpɛ sɛ Ahasia mma a wɔbetumi adi hene no nyinaa fi hɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔno mmom bedi ade.
Nanso bere a Atalia rekunkum Ahasia mma no, wɔn mu baako de, wannya no akum no. Ɔno ne abofra Yehoas. Wunim nea enti a ɔno de onyaa ne ti didii mu?— Ná abofra no wɔ busuani bi a wɔfrɛ no Yehoseba. Ɔde abofra no kosiee Onyankopɔn asɔrefie. Ɛyɛɛ dɛn na otumi de abofra no kosiee hɔ? Efisɛ na ne kunu Yehoiada na ɔyɛ Ɔsɔfo Panyin. Ɛno maa ɔne ne kunu tumi kaa wɔn ti boom bɔɔ abofra no ho ban.
Yehoseba ne ne kunu Yehoiada de abofra no siee asɔrefie hɔ mfe nsia. Saa bere no nyinaa, na wɔde Onyankopɔn asɛm ne ne mmara rekyerɛkyerɛ abofra no. Afei bere a Yehoas dii mfe nson no, Yehoiada yɛe sɛ obesi abofra no hene. Wunim nea ɛyɛe a otumi sii no hene? Na wunim nea ɛtoo ɔhemmaa tirimɔdenfo Atalia?—
Saa bere no, na awɛmfo bi wɔ Yerusalem a wɔbɔ ahemfo ho ban. Yehoiada frɛfrɛɛ wɔn, na wamma obiara ante ho asɛm, ɛnna ɔde too wɔn anim sɛ ɔne ne yere abɔ Ɔhene Ahasia babarima baako ho ban. Afei Yehoiada de Yehoas kyerɛɛ wɔn, na wɔhuu sɛ ɔno na ɔfata sɛ odi hene. Ɛnna wɔde nhyehyɛe guu akwan mu a wɔde besi Yehoas hene.
Afei Yehoiada de Yehoas pue bae, na ɔhyɛɛ no ahenkyɛw. Bere a nkurɔfo no huu no no, “wɔbɔɔ wɔn nsam kae sɛ: ‘Ɔhene, nya nkwa daa!’” Awɛmfo no betwaa Yehoas ho hyiae, na wɔbɔɔ ne ho ban. Bere a Atalia tee sɛ nkurɔfo no rebɔ gye so no, ɔde mmirika bae sɛ ɔrebesiw wɔn kwan. Nanso Yehoiada maa awɛmfo no kum no.—2 Ahene 11:1-16.
Wohwɛ a, Yehoas tiee Yehoiada, na ɔkɔɔ so ara yɛɛ nea ɛteɛ anaa?— Bere a Yehoiada te ase no de, otiee no, na ɔyɛɛ nea ɛteɛ. Mmere bi sei, Onyankopɔn asɔrefie a ne papa Ahasia ne ne nanabarima Yehoram anhwɛ so yiye nti, emu nneɛma bi sɛee. Enti Yehoas gyigyee sika fii ɔmanfo no hɔ de siesiei. Nanso yɛnhwɛ nea esii bere a ɔsɔfo panyin Yehoiada wui no.—2 Ahene 12:1-16.
Bere a Yehoiada wui no, na Yehoas adi bɛyɛ mfe 40. Sɛ́ anka ɔbɛfa nkurɔfo a wɔsom Yehowa nnamfo no, ɔde ne ho kɔbɔɔ abosonsomfo. Saa bere no, Yehoiada ba Sakaria na na ɔyɛ Yehowa sɔfo. Bere a ohuu nneɛma bɔne a na Yehoas reyɛ no, wohwɛ a dɛn na ɔyɛe wɔ ho?—
Sakaria ka kyerɛɛ Yehoas ne ɔmanfo no sɛ: “Moagyaw Yehowa, enti ɔno nso begyaw mo.” Saa asɛm no hyɛɛ Yehoas abufuw paa, enti ɔma wɔsii Sakaria abo kum no. Wo de, hwɛ oo, bere a nkurɔfo yɛe sɛ wɔbekum Yehoas no, obi bɔɔ ne ho ban, nanso ɔno de, okum Sakaria yayaayaw!—2 Beresosɛm 24:1-3, 15-22.
Wohwɛ a dɛn na yebetumi asua afi saa asɛm yi mu?— Ná Atalia yɛ onipabɔnefo a ne tirim yɛ sum. Enti ɛnsɛ sɛ yesuasua ne suban. Mmom sɛnea Yesu kae no, ɛsɛ sɛ yɛdɔ yɛn nuanom Kristofo, na yɛdɔ yɛn atamfo mpo. (Mateo 5:44; Yohane 13:34, 35) Sɛnea Yehoas fii ase kama no, yɛn nso sɛ yɛhyɛ ase som Yehowa yiye a, ɛnkyerɛ sɛ yɛawie. Sɛ yebetumi atoa so ayɛ saa a, gye sɛ yɛfa wɔn a wɔdɔ Yehowa na wɔbɛhyɛ yɛn nkuran ama yɛasom no no nnamfo.
w05 11/1 26-27
Ntoboa Ahorow a Ɛma Onyankopɔn Koma Ani Gye
ASƐM a esii yi yɛ awerɛhosɛm. Ná Ɔhemmaa Atalia nam nnaadaa ne awudi so agye Yuda ahenni no. Osusuwii sɛ gyama wakunkum adedifo no nyinaa, enti osii ne ho ɔhemmaa. Ɔbea foforo, ɔhene babea Yehoseba a na ɔdɔ Yehowa ne ne Mmara kɛse no fi akokoduru mu de abofra Yoas a na ɔyɛ ɔhene ba no siei. Yehoseba ne ne kunu, Ɔsɔfo Panyin Yehoiada, de ɔdedifo no siei mfe asia wɔ beae a na wɔte wɔ asɔrefie hɔ no.—2 Ahene 11:1-3.
Bere a Yoas dii mfe ason no, afei de na Ɔsɔfo Panyin Yehoiada betumi adi ne tirimbɔ ho dwuma atu ɔhemmaa Atalia afi ahenni a ɔnam ɔkwammɔne so nyae no so. Yehoiada yii abofra no fii adi na ɔde ahemmotiri bɔɔ ne ti sɛ nea ɔwɔ hokwan sɛ odi hene. Afei wɔn a wɔhwɛ ahemfie hɔ no tow Ɔhemmaa Atalia tirimmɔdenfo no fii asɔrefie hɔ too abɔnten na wokum no, na ɛno maa nkurɔfo no nyaa ahotɔ ne anigye. Yehoiada ne Yehoseba nam nea wɔyɛe no so boae kɛse maa wɔsan de nokware som sii hɔ wɔ Yuda asase so. Nanso nea ɛho hia sen saa no, wɔboae ma wɔkoraa Dawid adehye abusua a na Mesia no befi mu aba no so.—2 Ahene 11:4-21.
Ná ɛsɛ sɛ ɔhene a wɔasi no foforo no nso yɛ biribi titiriw a ɛbɛma Onyankopɔn koma ani agye. Na ehia sɛ wosiesie Yehowa fie no denneennen. Anibere bɔne a na Atalia wɔ sɛ ɔno nkutoo bedi Yuda so no maa wobuu wɔn ani guu asɔrefie no ho adwuma so na wɔfow mu nneɛma nso. Enti Yoas de too ne koma so sɛ ɔbɛsan asi asɔrefie no na wasan asiesie. Wantwentwɛn ne nan ase koraa na ɔde ahyɛde mae sɛ wɔmmoaboa sika a ɛsɛ ano mfa nsiesie Yehowa fie no. Ɔkae sɛ: “Yoas ka kyerɛɛ asɔfo no sɛ: Akronkronne sika a wɔde ba [Yehowa, NW] fi sikamono mu nyinaa ne obiara kra ti sika sɛ wɔbɔ no bo no, ne sika biara nso a ɛba obi koma mu sɛ ɔde bɛba [Yehowa, NW] fi no, asɔfo no nnyigye wɔn amannifo nkyɛn, na wɔmfa mpompam ofi no faako a ayɛ gow no, baabiara a wobehu sɛ gow bi wɔ.”—2 Ahene 12:4, 5.
Nkurɔfo no fi wɔn pɛ mu yii ntoboa. Nanso, na asɔfo no mmfi koma nyinaa mu nni wɔn asɛyɛde a ɛne sɛ wɔnhwɛ nsiesie asɔrefie no ho dwuma. Ɛno nti, ɔhene no ankasa gye too ne ho so dii nneɛma anim, na ɔhyɛe sɛ wɔmfa ntoboa nyinaa ngu adaka titiriw bi mu tee. Ɔpaw Yehoiada sɛ ɔnhwɛ so, na kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Ɛnna ɔsɔfo Yehoiada faa adaka bi, na otuu ne mmuaso mu tokuru, na ɔde sii afɔremuka no ho, nea wɔfa ba [Yehowa, NW] fi no nifa; na asɔfo a wɔhwɛ ɔpon no ano no de sika a wɔde ba [Yehowa, NW] fi no nyinaa guu mu. Na sɛ wohu sɛ sika pii wɔ adaka no mu a, ɔhene kyerɛwfo ne ɔsɔfo panyin no foro ba, na wɔbɛkyekyere, na wɔkan sika a wohu no [Yehowa, NW] fi no. Na wɔde sika a wɔakari no hyɛɛ wɔn a wɔyɛɛ adwuma no a wɔde wɔn sisii [Yehowa, NW] fi so hwɛfo no nsa, na woyi maa nnua adwumfo ne adansifo a wɔyɛ [Yehowa, NW] fi no, ne abantofo, ne abotwafo, ne nea wɔde bɛtɔ nnua ne abo a wɔatwa, nea wɔde bɛpompam [Yehowa, NW] fi adangow no, ne nea wɔde betua ofi no adangow no pompam ho ade a wɔhwere nyinaa ka.”—2 Ahene 12:9-12.
Nkurɔfo no fi koma nyinaa mu yii ntoboa. Wɔsan siesiee Yehowa asɔrefie no, ma wotumi kɔɔ so som no wɔ nidi mu. Enti, wɔde ntoboa a woyii no nyinaa dii dwuma wɔ ɔkwampa so. Ɔhene Yoas hwɛ ma wɔyɛɛ no saa!
Ɛnnɛ, Yehowa ahyehyɛde no fã a aniwa hu no hwɛ yiye sɛ wɔde ntoboa a ɛyɛ sika a afoforo ayi nyinaa bedi dwuma wɔ ɔkwampa so ama Yehowa som anya nkɔso, na nokware Kristofo fi wɔn koma nyinaa mu ayi ntoboa sɛnea tete Israelfo no yɛe no. Ebia woka wɔn a woyii ntoboa maa Ahenni nneɛma nyaa nkɔso wɔ ɔsom afe a etwaam no ho. Ma yensusuw akwan a wɔafa so de ntoboa a wuyii no adi dwuma no bi ho nhwɛ.
TI 34
“Ɔbataa Yehowa Ho”
w11 5/1 15 ¶1-3-wcgr
So Wunim?
Nnipa a tete ahyɛnsode no bi bɔ wɔn din no, Bible nso bɔ bi din anaa?
▪ Tete mmere mu no, sɛ wɔyɛ nneɛma a ɛho hia ho nkrataa a, na wɔbobɔ nkrataa no, na na wɔde ahama kyekyere. Wɔwie a, na wɔde dɔte a wɔde nwene ade atare baabi a wɔabɔ pɔ no, na afei wɔde ahyɛnsode atim dɔte no so. Sɛ obi de ahyɛnsode tim krataa bi so a, ebetumi akyerɛ sɛ onii no pene emu nsɛm so, ɔyɛ ho danseni, anaa krataa no di mu.
Ná wɔtumi de nkawa bi yɛ ahyɛnsode, na na ɛyɛ biribi a ɛsom bo paa. (Genesis 38:18; Ester 8:8; Yeremia 32:44) Ahyɛnsode no pii wɔ hɔ a, nipa a ɛyɛ ne dea no din, dibea a ɔwɔ, ne ne papa din na ɛwɔ so.
Nhwehwɛmufo akohu nneɛma bi a wɔde tete ahyɛnsode no bi atintim so. Ebi wɔ hɔ a, edin a ɛwɔ so no, ɛsan wɔ Bible mu. Ɛho nhwɛso ne sɛ, wɔn a wɔtutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu akohu nneɛma bi a wɔde Yuda ahemfo mmienu ahyɛnsode atintim so. Nkyerɛwee a ɛwɔ ebi so ne sɛ: “Yuda Hene Ahas, Yehotam [Yotam ba] dea.” Nkyerɛwee foforo nso ka sɛ: “Yuda Hene Hesekia, Ahas [ba no] dea.” (2 Ahene 16:1, 20) Bere a Ahas ne Hesekia dii ade no, mfe 700 akyi na Yesu bae.
ip-1 190-191 ¶4-6
Pɔw a Yehowa Abɔ Wɔ Amanaman no Ho
4 Wɔde adwene si Filistifo so kan. “Afe a ɔhene Ahas wui no mu na atemmusɛm yi bae: Nni ahurusi, wo Filistea nyinaa, sɛ abaa a ɛhwee wo no abu, na ɔwɔ ntini no mu na ɔkyereben befi aba, na ne ba nso ayɛ ogya wɔ a otu.”—Yesaia 14:28, 29.
5 Ná Ɔhene Usia yɛ den sɛ obetumi agyina Filistea ahunahuna no ano. (2 Beresosɛm 26:6-8) Wɔn fam no na ɔte sɛ ɔwɔ, na ɔkɔɔ so de n’abaa hwee ofipamfo tirimɔdenfo no. Usia wu akyi no—‘n’abaa no bui’—ɔnokwafo Yotam dii ade, nanso “ɔman no kɔɔ so bɔɔ bra bɔne ara.” Afei, Ahas bɛyɛɛ ɔhene. Nneɛma sakrae, na Filistifo no dii Yuda so nkonim wɔ akodi mu. (2 Beresosɛm 27:2; 28:17, 18) Nanso, afei nneɛma resakra bio. Ɔhene Ahas wu wɔ 746 A.Y.B. mu, na abofra Hesekia di ade. Sɛ Filistifo no susuw sɛ nneɛma bɛkɔ yiye ama wɔn a, na wɔredi mfomso ankasa. Hesekia bɛyɛ ɔtamfo a ne ho yɛ hu. Sɛ́ Usia aseni (‘ɔba’ a ofi ‘ne ntini mu’) no, Hesekia te sɛ “ogya wɔ a otu”—a ɔrepɛ ntɛm akɔtow ahyɛ obi so, na ɔhwe nkurɔfo hare so ma wɔn ho paapae sɛ nea ɔde bɔre awɔ wɔn paane.
6 Eyi yɛ asɛm a wɔka fa ɔhene foforo no ho ma ɛfata. “Ɔno [Hesekia] na okunkum Filistifo koduu Gasa ne ɛho asase . . . so.” (2 Ahene 18:8) Sɛnea Asiria hene Sanaherib ho kyerɛwtohɔ kyerɛ no, Filistifo no bɛyɛɛ Hesekia nkoa. “Mmɔborɔfo”—Yuda ahemman a ɛyɛ mmerɛw no—benya ahobammɔ adi yiye, na ɔkɔm ade Filistea.—Kenkan Yesaia 14:30, 31.
g 12/10 27 ¶3-5-wcgr
Nhoma a Wubetumi Agye Emu Nsɛm Adi—Ɔfã 2
Samaria na na ɛyɛ Israel ahemman a ɛwɔ atifi fam no ahenkurow. Afe 740 A.Y.B. mu no, Asiria dii Samaria kurow no so nkonim, na wɔsoaa Israelfo pii kɔɔ Asiria. Mfe 8 akyi no, Asiria kɔtow hyɛɛ Yuda so. (2 Ahene 18:13) Asiria hene Senaherib twaa tow maa Yuda hene Hesekia. Ɔkaa sɛ Hesekia mfa sika kɔkɔɔ dwetikɛse 30 ne dwetɛ dwetikɛse 300 mmrɛ no. Bible ma yehu sɛ Hesekia tuaa tow no. Nanso ɛno amma Senaherib bo annwo, mmom ɔkaa sɛ Hesekia nnan Yuda ahenkurow Yerusalem nso mma no.—2 Ahene 18:9-17, 28-31.
Wɔn a wɔtutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu kohuu biribi wɔ Niniwe a ɛne nea yɛaka ho asɛm yi hyia. Nea wɔkohui no yɛ ɔbopon bi a ɛwɔ afã nsia, na Asiria hene Senaherib anom nsɛm bi a ɔde tuu ne ho na wɔakyerɛw wɔ so. Nsɛm a ɛwɔ so ne sɛ: “Yudani Hesekia ammrɛ ne ho ase amma me. Enti ne nkurow a ɛyɛ den mmaako mmaako 46 ne akoban ne nkurow nketewa pii a atwa hɔ ahyia na mekaa wɔn hyɛɛ mu dii so nkonim . . . na ɔno [Hesekia] de, mema ɔdan deduani wɔ n’ankasa ahemfie wɔ Yerusalem te sɛ anomaa a ɔda buw mu.” Senaherib san kaa sɛ Hesekia brɛɛ no “sika kɔkɔɔ dwetikɛse 30, dwetɛ dwetikɛse 800, aboɔden abo, . . . (ne) nneɛma a ɛsom bo pii.” Nanso dwetɛ dodow a Bible ka sɛ Hesekia de kɔmaa Senaherib no, bere a Senaherib reka ho asɛm no, ɔde bi kaa ho.
Yɛhwɛ Senaherib nsɛm no a, yehu sɛ wanka sɛ otumi dii Yerusalem so nkonim. Bible ma yehu sɛ, bere a aka kakra ama Senaherib akɔtow ahyɛ Yerusalem so no, Onyankopɔn bɔfo baako kokunkum Asiria asraafo 185,000 anadwo baako pɛ. Saa nkogu kɛse yi nso, Senaherib anka ho asɛm. (2 Ahene 19:35, 36) Nhomanimfo Jack Finegan kaa sɛ: “Asiria ahemfo no, sɛ wɔrekyerɛw wɔn ho nsɛm a, nneɛma a wɔatumi ayɛ na na wɔtaa ka ho asɛm de hoahoa wɔn ho, enti ɛnyɛ nwanwa sɛ Senaherib anka nkogu a odii yi ho asɛm.”
w09 5/1 27 ¶3-5-wcgr
So Wunim?
Ɛyɛ ampa sɛ Ɔhene Hesekia twaa suka maa nsu faa mu baa Yerusalem?
Hesekia dii ade wɔ Yuda fii afe 745 A.Y.B. kosii afe 717 A.Y.B. Saa bere no, na Asiriafo atow ahyɛ nkurow a atwa Yuda ho ahyia no pii so. Bible ma yehu sɛ, Hesekia yeree ne ho bɔɔ Yerusalem kurow no ho ban, na ɔfaa kwan bi so maa nsu baa kurow no mu. Otwaa suka fii kurow no akyi baa kurow no mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔmanfo no benya nsupa anom. Ná suka no tenten yɛ anammɔn 1,749 [anaa mita 533].—2 Ahene 20:20; 2 Beresosɛm 32:1-7, 30.
Afe 1880 Y.B. mu no, nyansahufo kohuu suka bi a ɛte sɛ nea Bible ka ho asɛm no, na akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Hesekia Suka anaa Siloam Suka. Bere a wɔnam suka no mu no, wɔhuu nkyerɛwee bi wɔ ɛho baabi a ɛkyerɛ nea ɛkɔɔ so bere a wɔreyɛ atu suka no awie no. Sɛnea na wɔakyerɛw nkyerɛwde no nti, animdefo no mu dodow no ara kaa sɛ Hesekia bere so na wɔkyerɛw saa nsɛm no. Nanso mfe kakra a atwam no, nyansahufo bi kaa sɛ suka no, ɛnyɛ Hesekia bere so na wɔtui, na mmom, Hesekia akyi bɛyɛ mfe 500 na wɔtui. Akyiri yi, afe 2003 mu no, nyansahufo bi a wɔfi Israel yɛɛ nhwehwɛmu bi a ɛbɛma wɔahu bere pɔtee a wɔde tuu suka no, na wɔde nea wɔhui no too gua. Dɛn na wɔhui?
Ɔbenfo Amos Frumkin a ɔwɔ suapɔn a yɛfrɛ no Hebrew University of Jerusalem ka sɛ: “Yɛwaawaee dɔte a ɛwɔ Siloam Suka no mu bi de kɔyɛɛ nhwehwɛmu a yɛfrɛ no carbon-14 dating. Afei, nsu mu nnuru-nnuru bi a akyenkyen a ɛwɔ suka no mu nso, yɛfaa bi de kɔyɛɛ nhwehwɛmu foforo a yɛfrɛ no uranium-thorium dating. Nhwehwɛmu mmienu yi nyinaa ma yehu mfe dodow a biribi adi, na ɛma ɛdaa adi sɛ wɔtuu suka yi wɔ Hesekia bere so.” Nhoma bi a wɔato din Nature a ɛka nyansahu ho asɛm nso kaa sɛ: “Nneɛma mmiɛnsa bi ma yehu sɛ, Siloam Suka no, wɔtuu no bɛyɛ afe 700 A.Y.B. Saa nneɛma mmiɛnsa yi ne, nhwehwɛmu a wɔyɛ de hu mfe dodow a nneɛma a akyɛ adi, nhwehwɛmu a wɔyɛ de hu mfe dodow a nkyerɛwde bi adi, ne tete abakɔsɛm. Enti biribiara nni hɔ a wɔyɛɛ no saa bere no a wɔatumi ahu bere pɔtee a wɔde yɛe no pɛpɛɛpɛ te sɛ Siloam Suka no.”
w13 11/15 18-20 ¶9-18
Nguanhwɛfo Baason, Abirɛmpɔn Baawɔtwe—Dɛn Na Ɛkyerɛ Nnɛ?
9 Ampa ara Yesaia asɛm no baa mu; Asiria ko faa Israel ahemman no na wɔsoaa ɔmanfo no kɔe. Enti pɔw a Israel hene bɔe sɛ ɔde obi a ɔnyɛ Dawid aseni bɛtena Yuda ahengua so no gye gui. Ɛnde, dɛn bio na Asiriafo bɛyɛ? Wɔde wɔn ani sii Yuda so. Bible ka sɛ: “Ɔhene Hesekia afe a ɛto so dunan mu no, Asiria hene Senaherib baa Yuda nkurow a wɔabɔ ho ban no nyinaa so bɛfae.” Senaherib faa Yuda nkurow 46. Fa no sɛ na wote Yerusalem saa bere no. Wuhu sɛ Asiriafo no redwiriw nkurow gu mmiako mmiako. Afei deɛ ɛrekeka ba baabi a wote. Dɛn na wobɛyɛ?—2 Ahe. 18:13.
10 Hesekia hui sɛ nea ɛreba no ani sõso, nanso ne koma antu. Wankɔdan abosonsom man biara sɛnea ne papa Ahas ɔwaefo no yɛe no. (2 Be. 28:20, 21) Hesekia de ne werɛ nyinaa hyɛɛ Yehowa mu. Ebia na onim asɛm a odiyifo Mika ka faa Asiriafo ho yi: “Sɛ Asiria ba yɛn asase so . . . a, yɛbɛma nguanhwɛfo baason, adesamma mu abirɛmpɔn baawɔtwe, ne no adi asi. Na wɔde nkrante bɛyɛn Asiria asase.” (Mika 5:5, 6) Asɛm yi kyerɛ sɛ Yehowa bɛma asraafo bi ne Asiriafo abɛko na wayɛ wɔn defedefe. Ɛbɛyɛ sɛ eyi hyɛɛ Hesekia den paa.
11 Ná nkɔmhyɛ a ɛfa nguanhwɛfo baason ne abirɛmpɔn baawɔtwe ho no benya mmamu kɛse wɔ Yesu awo akyi koraa. Yesu ne ‘Israel sodifo a n’ase fi tete.’ (Monkenkan Mika 5:1, 2.) Nkɔmhyɛ a ɛfa nguanhwɛfo ho yi bɛbam daakye, bere a atamfo anaa “Asiria” atow ahyɛ Yehowa asomfo so no. Saa bere no Yehowa bɛma ne Ba a seesei ɔredi hene no adi asraafo bi anim asɛe atamfo no. Ɛnde, asraafo bɛn na ɔde wɔn bedi dwuma? Adesua no rekɔ so no, yebehu. Nanso momma yenni kan nhwɛ nea Hesekia yɛe bere a Asiriafo baa wɔn so ne nea yebetumi asua afi mu.
HESEKIA YƐƐ N’ADE NYANSAM
12 Sɛ yehyia ɔhaw bi na ɛsõ sen yɛn a, Yehowa ayɛ krado sɛ obeso yɛn mu, nanso sɛ yebetumi ayɛ ho biribi a, Yehowa hwɛ kwan sɛ yebetu ho anammɔn. Bere a Asiriafo baa Yudafo so no, Hesekia ammobɔ ne nsa antena hɔ; ɔyɛɛ nea obetumi wɔ ho. Bible ka sɛ Hesekia ne “ne mpanyimfo ne ne mmarima ahoɔdenfo” faa adwene sɛ “wobesisiw nsuwansuwa a ɛwowɔ kurow no akyi no . . . Bio nso, onyaa akokoduru, na ɔtoo afasu a adwiriw agu no nyinaa, na osisii abantenten wɔ so; ɔsan too afasu foforo kurow no akyi, . . . afei ɔyeyɛɛ akode bebree ne akyɛm.” (2 Be. 32:3-5) Saa bere no Yehowa faa Hesekia ne ne mpanyimfo ne adiyifo anokwafo so bɔɔ ne nkurɔfo ho ban. Ná “mmarima ahoɔdenfo” yi ayɛ sɛ nguanhwɛfo a Yehowa de wɔn di ne man anim.
13 Mfiase no, Hesekia ne ne mpanyimfo sisiw nsuwansuwa na wɔtoo afasu bɔɔ kurow no ho ban. Nanso akyiri yi ɔyɛɛ biribi a ɛsen eyi koraa. Ɔboaboaa ɔman no ano hyɛɛ wɔn den. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munnsuro na mommmɔ hu, Asiria hene ne nnipadɔm a wɔka ne ho no nti, efisɛ wɔn a wɔka yɛn ho no dɔɔso sen wɔn a wɔka ne ho. Ɔno de, ɔhonam basa na ɛka ne ho, na yɛn de, Yehowa, yɛn Nyankopɔn na ɔka yɛn ho sɛ ɔbɛboa yɛn, na wako yɛn ko ama yɛn.” Hesekia kaee nkurɔfo no sɛ Yehowa bɛko ama wɔn, na eyi hyɛɛ wɔn den ma wɔde wɔn ho too Yehowa so. Yudafo no tee eyi no, wɔde “wɔn werɛ hyɛɛ Yuda hene Hesekia nsɛm no mu.” Hyɛ no nsow sɛ asɛm a Hesekia kae no na ɛkaa ɔman no koma too wɔn yam. Hesekia ne ne mpanyimfo ne mmarima ahoɔdenfo ne odiyifo Mika ne Yesaia kyerɛe sɛ wɔyɛ nguanhwɛfo ampa. Nokwasɛm ni, nea Yehowa nam odiyifo Mika so kae no, saa pɛpɛɛpɛ na mmarima yi yɛe.—2 Be. 32:7, 8; monkenkan Mika 5:5, 6.
14 Asiria hene ne n’asraafo bɔɔ dɔmpem wɔ Lakis wɔ Yerusalem anafo. Otuu abɔfo abiɛsa kɔɔ Yerusalem sɛ wɔnkɔka nkyerɛ nkurɔfo no sɛ wɔn ankasa mfa wɔn ho mmrɛ no bɔkɔɔ. Abɔfo no mu otitiriw ne Rabsake, na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛto Yudafo no brada. Ɔne wɔn kasaa Hebri mu. Nea edi kan, otutu guu nkurɔfo no asom sɛ mma wontie wɔn hene no, mmom wɔmfa wɔn ho mma Asiriafo no. Afei ɔdɛfɛdɛfɛɛ wɔn sɛ ɔde wɔn bɛkɔ asase papa bi so ma wɔanya ahotɔ. (Monkenkan 2 Ahene 18:31, 32.) Rabsake amma anso hɔ ara. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ amanaman no anyame biara nni hɔ a watumi agye ne nkurɔfo afi Asiria nsam, enti ɛnyɛ ade a Yehowa betumi agye Yudafo no afi Asiriafo nsam. Nanso Rabsake nnaadaa ne nkontomposɛm no guu wɔn aso akyi; wɔamfii no. Saa na ɛnnɛ Yehowa asomfo yɛ.—Monkenkan 2 Ahene 18:35, 36.
15 Asɛm no haw Hesekia paa, nanso wannan ankɔ ɔman biara nkyɛn ankɔpɛ mmoa. Mmom ɔtoo odiyifo Yesaia nkra sɛ ɔmmra. Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia sɛ Senaherib ‘remma kurow no mu, na ɔrentow agyan mma hɔ.’ (2 Ahe. 19:32) Nea na ehia ara ne sɛ Yerusalemfo bɛma wɔn bo ayɛ duru na wɔatintim. Ná Yehowa aka sɛ ɔbɛko ama Yuda, na ampa-ne-ampa ara ɔko gyee wɔn! “Anadwo no ara Yehowa bɔfo fi kokunkum Asiriafo nsraban no mu nnipa mpem ɔha aduɔwɔtwe anum.” (2 Ahe. 19:35) Ɛnyɛ nsuwansuwa a Hesekia sisiw ano anaa afasu a ɔtoe na egyee Yudafo; mmom Yehowa ankasa nsa na egyee wɔn.
DƐN NA YESUA FI MU NNƐ?
16 Nkɔmhyɛ a ɛfa nguanhwɛfo baason ne abirɛmpɔn baawɔtwe ho no benya ne mmamu kɛse wɔ yɛn bere yi so. Tete no, Asiriafo kɔtow hyɛɛ Yerusalemfo so. Ɛnnɛ nso yɛwɔ “Asiria” bi wɔ hɔ, na ɛrenkyɛ wɔbɛtow ahyɛ Yehowa nkurɔfo so. Atamfo yi adwene nyinaa ne sɛ wɔbɛpra Yehowa nkoa afi asase so. Bible san ka sɛ “Gog a ofi Magog” bɛtow ahyɛ Yehowa asomfo so, na saa ara na “atifi fam hene” ne “anafo fam hene” ne “asase so ahene” nyinaa bɛtow ahyɛ wɔn so. (Hes. 38:2, 10-13; Dan. 11:40, 44, 45; Adi. 17:14; 19:19) Ɛsono atamfo yi mu biara anaa? Yɛrentumi nsi no pi. Ebia atamfo koro no ara na Bible ma wɔn din ahorow saa. Ɛnde, ‘asraafo’ bɛn na Mika nkɔmhyɛ no ma yehu sɛ Yehowa de bɛba ɔtamfo tirimɔdenfo, “Asiria” so? Biribi a yɛnhwɛ kwan koraa. Bible ka sɛ asraafo no ne “nguanhwɛfo baason, adesamma mu abirɛmpɔn baawɔtwe”! (Mika 5:5) Nguanhwɛfo ne abirɛmpɔn no gyina hɔ ma asafo mu mpanyimfo. (1 Pet. 5:2) Ɛnnɛ Yehowa ama yɛanya mpanyimfo pii a wɔhwɛ ne nguan na wɔhyɛ wɔn den. Ɔyɛ saa de siesie wɔn na sɛ daakye “Asiria” tow hyɛ wɔn so a, wɔatumi agyina pintinn. Mika kae wɔ ne nkɔmhyɛ no mu sɛ nguanhwɛfo no de “nkrante bɛyɛn Asiria asase.” (Mika 5:6) ‘Akode a wɔde kɔ sa’ no biako ne “honhom no nkrante,” kyerɛ sɛ Onyankopɔn Asɛm.—2 Kor. 10:4; Efe. 6:17.
17 Asafo mu mpanyimfo betumi asua biribi afi nea yɛasusuw ho seesei ara no mu. Ebi ni: (1) Ade a ehia paa a mubetumi ayɛ de asiesie mo ho ama “Asiria” ne sɛ mo ankasa benya gyidi kɛse wɔ Onyankopɔn mu na moaboa mo nuanom ma wɔayɛ saa ara. (2) Sɛ “Asiria” tow hyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so a, ɛsɛ sɛ mo a moyɛ asafo mu mpanyimfo no nya ahotoso paa sɛ Yehowa bɛko agye yɛn. (3) Saa bere no Yehowa ahyehyɛde no bɛma yɛn akwankyerɛ ahorow, na ebia nnipa ani so no ɛbɛyɛ te sɛ nea ntease nnim. Nanso ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa siesie yɛn adwene sɛ akwankyerɛ biara a yɛn nsa bɛka no yebetie. Sɛ yɛn ani gye akwankyerɛ no ho oo, sɛ yɛn ani nnye ho oo; yɛte ase oo, yɛnte ase oo, momma yennye ntom efisɛ ebegye yɛn nkwa. (4) Sɛ yɛn mu bi de ne werɛ ahyɛ wiase nhomasua anaa wiase ahonyade anaa nnipa ahyehyɛde bi mu a, ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yedwen ho bio na yɛyɛ nsakrae. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo ma wɔn ani da hɔ na wɔyɛ krado sɛ wɔbɛboa obiara a ne gyidi rehinhim.
18 Bere bi reba, na sɛ edu a ɛbɛyɛ te sɛ nea Onyankopɔn asomfo nni ahobammɔ biara, sɛnea Hesekia bere so no atamfo kaa Yudafo hyɛɛ Yerusalem no. Saa bere no, ɛsɛ sɛ yɛn mu biara de ne werɛ hyɛ Hesekia asɛm no mu. Momma yɛnkae sɛ, atamfo no deɛ “ɔhonam basa” na ɛka wɔn ho, na yɛn deɛ, “Yehowa, yɛn Nyankopɔn na ɔka yɛn ho sɛ ɔbɛboa yɛn, na wako yɛn ko ama yɛn”!—2 Be. 32:8.
TI 35
Onyaa Akokoduru Sakraa N’Adwene
w00 10/15 16 ¶5-6
Nea Onyankopɔn Ahenni Bɛyɛ
5 Ɛnnɛ, tebea no te sɛ nea na ɛte wɔ tete Kanaan bɛyɛ mfirihyia 3,500 ni no. Bible se: “[Yehowa, NW] akyide a ɔtan nyinaa na wɔayɛ ama wɔn anyame, na wɔn mmabarima ne wɔn mmabea mpo wɔde ogya hyew wɔn ma wɔn anyame.” (Deuteronomium 12:31) Yehowa ka kyerɛɛ Israel man sɛ: “Amanaman yi abɔnefosɛm nti na [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn retu wɔn afi w’anim.” (Deuteronomium 9:5) Bible ho abakɔsɛm kyerɛwfo Henry H. Halley kae sɛ: “Na ɔbrasɛe a anohyeto nnim wɔ Baal, Astoret, ne Kanaanfo anyame a aka no som mu; na wɔn asɔredan ahorow no yɛ mmeae a wobu bra bɔne.”
6 Halley kyerɛɛ baabi a wɔn abɔnefosɛm no dui, efisɛ wɔ mmeae pii no mu biako no, wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu no “huu nkuku pii a mmofra a wɔde wɔn abɔ afɔre ama Baal nnompe wom.” Ɔkae sɛ: “Saa beae no nyinaa bɛyɛɛ mmotafowa asiei. . . . Na Kanaanfo no som denam wɔn ho a wɔde hyɛ ɔbrasɛe a ɛtra so mu wɔ wɔn anyame no anim; ne afei, wɔn mmakan a wokunkum wɔn de wɔn bɔɔ afɔre maa anyame koro yi ara no so. Ɛte sɛ nea akwan pii so no, Kanaan asase no nyinaa bɛyɛɛ sɛ Sodom ne Gomora bi. . . . So na anibuei a efĩ ne atirimɔdensɛm a ɛyɛ abofono wom sɛɛ no wɔ hokwan sɛ ɛkɔ so tra hɔ anaa? . . . Ɛyɛɛ wɔn a wotutuu Kanaanfo nkurow amamfo so no nwonwa sɛ Onyankopɔn ansɛe wɔn ntɛm.”
gl 10 ¶5, ase hɔ asɛm
Israel ne Wɔn a Wɔatwa Wɔn Ho Ahyia
Ɛda adi sɛ Israel Akwantu no mu no, na Amorifo ne abusuakuw a wɔyɛ den sen biara. (Deut. 1:19-21; Yos. 24:15) Na wɔako afa asase bi a na ɛyɛ Moabfo de a ɛda Arnon bon no anafo fam no, ɛwom sɛ na wɔda so frɛ asase a ɛda Yeriko agya no “Moab tataw so” de. Amorifo ahemfo dii Basan ne Gilead so nso.—Num. 21:21-23, 33-35; 22:1; 33:46-51.
[Ase hɔ asɛm]
Te sɛ nea wɔde “Kanaan” dii dwuma no, saa ara na na “Amorifo” betumi akyerɛ asase no sofo nyinaa anaa abusuakuw biako.—Gen. 15:16; 48:22.
it “Manase” No. 4 ¶2-wcgr
Manase
Yehowa kasa kyerɛɛ Manase mpɛn pii, nanso wantie. Enti Yehowa maa Asiriafo bɛkyeree no kɔɔ Babilon. Ná Babilon ka nkurow akɛse a ɛhyɛ Asiria ase no ho. (2Be 33:10, 11) Wɔakohu biribi a na Asiria hene Esar-Hadon akyerɛkyerɛw ahemfo 22 a wɔtua tow ma no din wɔ so, na na Yuda hene Manase din ka ho. Edin a ɔde too wɔn so ne “ahemfo a wɔfi Hatti, mpoano ne nsupɔw so.” Wɔakohu foforo nso a ahemfo a na wɔtua tow ma Ashurbanipal din wɔ so. Ɛno nso, na Manase din ka ho.—Ancient Near Eastern Texts, ne samufo ne J. Pritchard, 1974, kr. 291, 294.
it “Darewa, Kɔtɔkorɔ” ¶4-wcgr
Darewa, Kɔtɔkorɔ
Tete no sɛ wɔnya nkoa a, ɛtɔ da a, na wɔde nnarewa anaa akɔtɔkorɔ sosɔ wɔn ano, wɔn hwene, anaa wɔn tɛkrɛma de twe wɔn. Wɔakohu tete mfoni bi, na nea ɛwɔ so no yɛ Asiria hene bi a ɔde ahama asosɔ nnarewa so de ahyɛ nkoa mmiɛnsa bi ano. Ɔde peaw awɔ wɔn mu baako ani ama n’ani no abɔ. Enti yebetumi aka sɛ, bere a Yehowa nam odiyifo Yesaia so kaa asɛm a edi so yi kyerɛɛ Ɔhene Senaherib no, na ɔbɛte ase paa. Yehowa kaa no kasabebu mu sɛ: “Mede me darewa bewura wo hwenem, na mede me nnareka ato w’ano, na ɔkwan a wofaa so bae no, ɛno ara so na mɛma woafa akɔ.”—2Ah 19:20, 21, 28; Yes 37:29.
it “Prumo” ¶2-mwbr
Prumo
Prumo tumi yɛ ahama bi a dade hyɛ ano a nkurɔfo a wosi dan de susuw dan no hwɛ sɛ ɛtene anaa. Wotumi nso de hwɛ sɛ, dan a esi hɔ no, ɛwɔ ahoɔden, anaa ɛsɛ sɛ wodwiriw gu. Yehowa ka too hɔ sɛ, “susuhama a wɔde too Samaria so ne prumo a wɔde too Ahab fi so no,” ɛno na ɔde bɛto Yerusalem so. Onyankopɔn susuw Samariafo ne Ɔhene Ahab fie, na ohui sɛ wɔn abrabɔ akyea anaa enye, enti ɔsɛee wɔn. Saa ara na na Onyankopɔn bebu Yerusalemfo ne wɔn a wodi so nyinaa atɛn. Ná ɔbɛma obiara ahu sɛ wɔyɛ nsɛmmɔnedifo, na owie a wasɛe kurow no. Ampa-ne-ampa ara, saa asɛm no sii wɔ afe 607 A.Y.B. (2Ah 21:10-13; 10:11) Wɔn a na wodi Yerusalem kurow no so, ne atirimɔdenfo ne ahantanfo a na ɛwɔ hɔ no, Yehowa nam Yesaia so bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ mmusu reba wɔn so. Ɔkaa sɛ: “Mede atɛntrenee bɛyɛ susuhama na mede trenee ayɛ prumo.” Enti, na Yehowa bebu nkurɔfo no atɛn ahwɛ wɔn a wɔyɛ adetrenee na wobu atɛntrenee sɛnea ɔhwehwɛ. Ɛno bɛma obiara ahu wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn asomfo anokwafo ne wɔn a wɔnyɛ bi. Wɔn a wɔyɛ anokwafo no benya nkwa, na wɔn a wɔnyɛ bi no, wɔbɛsɛe wɔn.—Yes 28:14-19.
w11-E 1/1 18-wcgr
‘Ɔhwehwɛɛ Yehowa Anim Dom’
Bɛn Onyankopɔn
WƆTETEE ɔbarima bi wɔ Onyankopɔn som mu nanso akyiri yi, ogyae kɔyɛɛ nneɛma bɔne. Bere a ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛsesa asan abɛsom Onyankopɔn no, na osusuw sɛ Onyankopɔn remfa ne bɔne nkyɛ no. Enti ɔkaa sɛ, “Ná mete nka sɛ mensɛ hwee.” Nanso Manase asɛm a ɛwɔ 2 Beresosɛm 33:1-17 no boaa ɔbarima yi ma ɔsan gyinaa ne nan so. Wo nso, sɛ bɔne bi a woayɛ atwam nti wote nka sɛ wonsɛ hwee a, Manase asɛm no betumi akyekye wo werɛ.
Yuda ahemfo a wɔyeree wɔn ho som Yehowa yiye no, baako ne Manase papa Hesekia. Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ ɔde mfe 15 aka ne nkwa nna ho. Mfe 3 akyi na ɔwoo Manase. (2 Ahene 20:1-11) Sɛ Onyankopɔn anhu Hesekia mmɔbɔ a, anka wanwo ne ba no. Enti ɛbɛyɛ sɛ ɔtee nka sɛ Yehowa akyɛ no ade kɛse. Ɛnyɛ dɛn ara a, na ɔbɛbɔ mmɔden atete ne ba no ama wabɛdɔ Yehowa na wayere ne ho asom no yiye. Nanso sɛ obi som Onyankopɔn yiye a, ɛnyɛ bere nyinaa na ne mma di n’anammɔn akyi. Saa na ɛkɔbae wɔ Manase fam; wanni ne papa anammɔn akyi.
Bere a Manase dii bɛyɛ mfe 12 no, ne papa Hesekia wui, na obedii ne papa ade. Awerɛhosɛm ne sɛ, Manase de, “ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne.” (2 Beresosɛm 33:1, 2) Wɔn a wɔmfa Yehowa mmara nyɛ hwee na wɔmaa no afotu bɔne anaa? Ɛno de Bible nka. Nanso Bible ma yehu sɛ, Manase de ne ho hyɛɛ abosonsom mu paa, na odii atirimɔdensɛm pii. Osisii afɔremuka maa abosom, na okunkum n’ankasa mma de wɔn bɔɔ afɔre maa abosom. Afei nso odii ahonhonsɛm, na ɔde ohoni bi a ɔde dua asen kosii Yehowa asɔrefi wɔ Yerusalem. Yehowa bɔɔ Manase kɔkɔ mpɛn pii, nanso obubuu nnua guu n’asom. Wankae mpo sɛ Yehowa na ɔyɛɛ anwanwade maa ne papa tumi tenaa ase woo no.—Nkyekyɛm 3-10.
Ewiee ase no, Yehowa maa wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guu Manase, na wɔde no kɔɔ Babilon. Bere a Manase kodii Babilon no, ɛbɛyɛ sɛ ɔtenaa ase dwen nea ato no no nyinaa ho. Ebetumi aba sɛ ohui sɛ anyame a ɔsom wɔn no nni tumi biara nti na wɔantumi ammɔ ne ho ban no. Afei nso ebia odwinnwen nneɛma pa a ne papa kyerɛkyerɛɛ no bere a na ɔyɛ abofra no ho. Sɛnea ɛte biara no, Manase nuu ne ho, na ɔsesae. Bible ka sɛ: “Ɔhwehwɛɛ ne Nyankopɔn Yehowa anim dom, na ɔkɔɔ so brɛɛ ne ho ase paa . . . Ɔbɔɔ Onyankopɔn mpae daa.” (Nkyekyɛm 12, 13) Nanso sɛnea na Manase bɔne no mu yɛ duru no, na Onyankopɔn de bɛkyɛ no ni?
Sɛnea Manase fi ne komam nuu ne ho no yɛɛ Yehowa fɛ. Onyankopɔn huu no mmɔbɔ tiee ne nkotosrɛ, na ɔsan “de no baa Yerusalem bɛtenaa n’ahengua so.” (Nkyekyɛm 13) Sɛnea Manase yɛɛ n’ade no ma ɛdaa adi sɛ na wanu ne ho ampa. Oyiyii abosonsom ho nneɛma no fii ɔman no mu, na ɔhyɛɛ ɔmanfo no nkuran sɛ “wɔnsom Israel Nyankopɔn Yehowa.”—Nkyekyɛm 15-17.
Sɛ wote nka sɛ bɔne bi a woayɛ atwam no, Onyankopɔn remfa nkyɛ wo a, ma Manase asɛm no nkyekye wo werɛ. Onyankopɔn na ɔma wɔkyerɛw saa asɛm no kaa n’Asɛm Bible no ho. (Romafo 15:4) Biribiara kyerɛ sɛ Yehowa pɛ sɛ yehu sɛ ‘wayɛ krado sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn.’ (Dwom 86:5) Ɛnyɛ bɔne a obi ayɛ na ɔhwɛ, na mmom nea ehia no ne nea ɛwɔ onii no komam. Enti sɛ ɔbɔnefo bi sesa n’akwan, ɔsrɛ bɔnefakyɛ fi Yehowa hɔ, na sɛ ɔyere ne ho sɛ ɔrensan nkɔ ne bɔne ho bio a, obenya “Yehowa anim dom” te sɛ Manase.—Yesaia 1:18; 55:6, 7.
[Kratafa 152 mfoni]
Ti 36
Ɔboaa Ne Manfo Ma Wɔsan Baa Yehowa Nkyɛn
w02 12/15 19 ¶2-6
So Wunim Safan ne N’abusua Ho Nsɛm?
Bible ka ‘Mesulam ba Asalia ba Safan’ ho asɛm bere a Yosia de nokware som sii hɔ bio wɔ afe 642 A.Y.B mu no. (2 Ahene 22:3) Mfirihyia 36 a edi hɔ mu kosi Yerusalem sɛe mu wɔ afe 607 A.Y.B. mu no, wɔka ne mmabarima baanan, Ahikam, Elasa, Gemaria, ne Yaasania, ne ne mmanananom baanu, Mikaia ne Gedalia, ho asɛm kyerɛ yɛn. (Hwɛ adaka no.) Encyclopaedia Judaica kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na Safan abusua na ɛhwɛ mmara ho nsɛm so wɔ [Yuda ahemman no mu] na na wokura dibea sɛ ɔhene no akyerɛwfo mu fi Yosia so kosii sɛ wɔde wɔn kɔɔ Nnommumfa mu.” Nea Bible ka fa Safan ne n’abusua ho nhwehwɛmu a yɛbɛyɛ no bɛboa yɛn ma yɛahu sɛnea wɔboaa odiyifo Yeremia ne Yehowa nokware som no.
Safan Boa Nokware Som
Wɔ 642 A.Y.B. mu, bere a na Ɔhene Yosia adi bɛyɛ mfirihyia 25 no, na Safan som sɛ ɔhene no kyerɛwfo. (Yeremia 36:10) Ná ɛno hwehwɛ dɛn? Nhoma a yɛabɔ din wɔ atifi hɔ no ka sɛ na ahemfie kyerɛwfo no yɛ ɔhene fotufo a ɔbɛn no paa, ɔhwɛ sikasɛm so, ne ho akokwaw wɔ nsɛm ho dwumadi mu, na ɔwɔ nimdeɛ wɔ amanaman ntam nsɛm, mmara, ne aguadi ho nhyehyɛe mu. Enti, sɛ́ ahemfie kyerɛwfo no, na Safan yɛ ahemman no mu mmarima a wɔyɛ atitiriw sen biara no mu biako.
Mfe du a na atwam no, abofra Yosia ‘fii ase hwehwɛɛ n’agya Dawid Nyankopɔn.’ Ɛda adi sɛ na Safan anyin sen Yosia ma enti na obetumi de honhom fam afotu ama Yosia na waboa no wɔ ne satu a edi kan a na ɛbɛma wasan de nokware som asi hɔ no mu.—2 Beresosɛm 34:1-8.
Bere a wɔresiesie asɔrefie hɔ no, wohuu “mmara nhoma no,” na Safan “fii ase kenkan kyerɛɛ ɔhene no.” Yosia ho dwiriw no bere a ɔtee emu nsɛm no, na ɔsomaa mmarima anokwafo bi kɔɔ odiyifobea Hulda nkyɛn sɛ wonkobisa nhoma no ho asɛm mfi Yehowa hɔ mma no. Ɔhene no kyerɛɛ Safan ne ne ba Ahikam mu ahotoso, na ɔde wɔn kaa abɔfo no ho.—2 Ahene 22:8-14; 2 Beresosɛm 34:14-22.
Eyi ne ade biako pɛ a wɔtwe adwene si so wɔ Kyerɛwnsɛm no mu a ɛfa nea Safan ankasa yɛe ho. Wɔ Bible nkyekyɛm ahorow mu no, wɔka ne ho asɛm sɛ agya anaa nanabarima kɛkɛ. Safan asefo ne odiyifo Yeremia benyaa abusuabɔ a emu yɛ den.
w14 4/15 32
SO WUNIM?
Bible mmere mu no, dɛn nti na na ebinom hyɛ da suan wɔn ntade mu?
KYERƐWNSƐM no ma yehu tebea ahorow a ɛmaa ebinom suan wɔn ntade mu. Ɛnnɛ sɛ obi kenkan saa nsɛm no a ebia ɛbɛyɛ no nwonwa, nanso na ɛyɛ kwan a Yudafo fa so kyerɛ sɛ wɔn werɛ ahow, wɔn anim agu ase, anaa wɔn bo afuw.
Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, bere a Yosef nuanom tɔn no kɔɔ nkoasom mu no, Ruben ‘suanee n’atade mu.’ Na bere a wɔka kyerɛɛ ne papa Yakob sɛ aboa bi akyere Yosef no, ɔno nso “suanee n’atade mu.” (Gen. 37:18-35) Hiob nso ‘suan n’atade’ mu bere a ɔtee sɛ ne mma nyinaa awu no. (Hiob 1:18-20) Bere a atamfo dii Israelfo so nkonim na wokum Ɔsɔfo Panyin Eli mma baanu na wɔfaa apam adaka no kɔe no, ɔbarima a ɔbɛbɔɔ amanneɛ no duu Eli anim no, na “wasuan n’atade mu.” (1 Sam. 4:12-17) Afei bere a Yosia tee Mmara no mu nsɛm na ohuu mfomso a ne manfo adi no, “osuan n’atade mu.”—2 Ahe. 22:8-13.
Wɔredi Yesu asɛm no, Ɔsɔfo Panyin Kaiafa “suan n’atade nguguso mu” kae sɛ Yesu aka abususɛm. (Mat. 26:59-66) Tete rabifo hyɛɛ mmara bi sɛ obiara a ɔbɛte sɛ obi reka Onyankopɔn din ho abususɛm no, onsuan n’atade mu. Nanso akyiri yi bere a wɔsɛee Yerusalem asɔrefi no, rabifo bi kae sɛ “seesei deɛ sɛ obi te sɛ wɔreka Onyankopɔn din ho abususɛm a, ɛho nhia sɛ osuan n’atade mu, anyɛ saa a n’atade no bɛtete pasaa.”
Nokwasɛm ne sɛ, sɛ obi suan n’atade mu, na awerɛhow a ɔredi no mfi ne koma mu a, ɛnka hwee wɔ Onyankopɔn ani so. Enti Yehowa ka kyerɛɛ ne nkurɔfo sɛ ‘wonsuan wɔn koma mu, na ɛnyɛ wɔn ntade mu, na wɔnsan mmra ne nkyɛn.’—Yoel 2:13.
it “Neko” ¶2-wcgr
Neko
Ná Neko yɛ Egypt hene. Bere a na odi ade wɔ Egypt no, na Yosia nso yɛ Yuda hene. Greekni abakɔsɛm kyerɛwfo Herodotus kyerɛ sɛ, na Neko yɛ Egypt hene Psammetichus (wɔsan frɛ no Psammetichos anaa Psamtik I) ba, na ɔno na obedii ne papa ade. (Herodotus nhoma a ɛtɔ so II, ti 158, 159; nhoma a ɛtɔ so IV, ti 42) Ɔma wɔfii ase tuu suka bi a na ɛbɛma Nil Asubɔnten no akɔbɔ Po Kɔkɔɔ no mu, nanso wanwie. Ade baako a otumi yɛe ne sɛ, ɔmaa ahyɛnkafo bi a wɔfi Foinike de po so ahyɛn kɔɔ mpoano aman a ɛwɔ Afrika no nyinaa so besii. Saa akwantu no, mfe 3 na wɔde wiei.
w00 9/15 30 ¶2-3
Ɔhobrɛasefo Yosia Nyaa Yehowa Anim dom
Yosia asomafo no kɔ odiyifo bea Hulda nkyɛn wɔ Yerusalem na wɔsan de amanneɛbɔ ba. Hulda bɔ Yehowa asɛm dawuru, na ɔkyerɛ sɛ amanehunu a wɔakyerɛw wɔ nhoma a wɔahu no foforo no mu no bɛto ɔman awaefo no. Nanso esiane sɛ Yosia abrɛ ne ho ase wɔ Yehowa Nyankopɔn anim nti, ɔrenhu amanehunu no. Wɔde no bɛka n’agyanom ho na wɔasie no ɔdamoa mu wɔ asomdwoe mu.—2 Ahene 22:14-20; 2 Beresosɛm 34:22-28.
So Hulda nkɔmhyɛ no baa mu pɛpɛɛpɛ esiane sɛ Yosia wui wɔ ɔko mu no nti? (2 Ahene 23:28-30) Yiw, na “asomdwoe” mu a wosiee no wɔ ne damoa mu ne “adebɔne” a na ɛbɛba Yuda so no bɔ abira. (2 Ahene 22:20; 2 Beresosɛm 34:28) Yosia wui ansa na amanehunu a ɛbae wɔ 609-607 A.Y.B. mu bere a Babilonfo betwaa Yerusalem ho hyiae na wɔsɛee no reba. Na sɛ ‘wɔbɛboa obi akɔka n’agyanom ho’ no nkyerɛ ankasa sɛ ɔbɛkwati atɔfowu. Wɔde nsɛm a ɛte saa ka atɔfowu ne nea ɛnyɛ atɔfowu ho asɛm.—Deuteronomium 31:16; 1 Ahene 2:10; 22:34, 40.
w23.09 8-13
ADESUA ASƐM 38
Mmabun—Ebewie Mo Sɛn?
‘Nhumu bɛbɔ wo ho ban.’—MMEB. 2:11.
NEA YƐREBESUA
Mmabun, Yehowa nim sɛ ɛtɔ da a, muhyia sɔhwɛ a ebetumi asɛe mo ne n’adamfofa no. Mobɛyɛ dɛn asisi gyinae a ɛbɛma mo soro Agya no ani agye? Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ mmarimaa mmiɛnsa bi a wɔbɛyɛɛ ahemfo wɔ Yuda. Hwɛ nea wubetumi asua afi gyinae a wɔsisii no mu.
FA NO sɛ woyɛ abofra anaa ɔbabun, ɛnna woabɛyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so hene. Sɛn na anka wode tumi a woanya no bedi dwuma? Yɛhwɛ Bible mu a, yebehu mmabun bi a wɔbɛyɛɛ ahemfo wɔ Yuda. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, bere a Yehoas bɛyɛɛ ɔhene no, na wadi mfe 7 pɛ, Usia nso, na wadi mfe 16; Yosia nso bɛyɛɛ ɔhene no, na wadi mfe 8. Ɛbɛyɛ sɛ na ɛnyɛ mmerɛw mma wɔn koraa! Ɛwom sɛ na ɛyɛ den de, nanso mmoa biara a na wɔhia na wɔatumi ayɛ adepa no, wɔn nsa kae.
2 Ɛwom sɛ yɛnyɛ ahemfo, nanso yebetumi asua nneɛma pii afi ahemfo mmiɛnsa yi hɔ. Wɔsisii gyinae pa, na wɔsisii gyinae bɔne nso. Wɔn nhwɛso no bɛma yɛahu nea enti a ehia sɛ yɛfa nnamfo pa, yɛbrɛ yɛn ho ase, na yɛkɔ so hwehwɛ Yehowa.
FA NNAMFO PA
3 Suasua gyinae pa a Yehoas sii no. Bere a Ɔhene Yehoas yɛ abofra no, osii gyinae pa bi. Esiane sɛ na ɔyɛ agyanka nti, Ɔsɔfo Panyin nokwafo Yehoiada faa no sɛ ɔno ara ne ba, na ɔkyerɛkyerɛɛ no. Akwankyerɛ biara a ɔde maa Yehoas no, otiei. Enti osii gyinae sɛ obedi ne manfo anim ma wɔasom Yehowa. Yehowa asɔrefie no mpo, Yehoas yɛɛ nhyehyɛe ma wɔsiesiei.—2 Be. 24:1, 2, 4, 13, 14.
4 Sɛ w’awofo anaa obi reboa wo ma woadɔ Yehowa na wode ne mmara abɔ wo bra a, hu sɛ ɔrekyɛ wo ade kɛse. (Kenkan Mmebusɛm 2:1, 10-12.) Awofo betumi afa akwan pii so akyerɛkyerɛ wɔn mma. Yɛnhwɛ sɛnea onuawa bi a ne din de Katya papa boaa no ma osisii gyinae pa. Da biara sɛ ne papa de no rekɔ sukuu a, na ɔne no susuw daa asɛm no ho. Ɔka sɛ, “Daa asɛm a na yesusuw ho nti, sɛ ɛba sɛ mihyia ɔhaw bi wɔ da no mu a, na mitumi di ho dwuma.” Na sɛ Bible akwankyerɛ a w’awofo de ma wo nti, wote nka sɛ wuntumi nyɛ nea wopɛ nso ɛ? Dɛn na ebetumi aboa wo ma woatie wɔn akwankyerɛ? Onuawa bi a ne din de Anastasia kae sɛ, mmara a n’awofo hyehyɛ maa no no, wɔtoo wɔn bo ase kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ no. Ɔka sɛ: “Wei boaa me ma mihui sɛ, wɔanhyehyɛ mmara no sɛ ɛnkyekyere me, na mmom ɔdɔ a wɔdɔ me nti na wɔhyehyɛe sɛ ɛmmɔ me ho ban.”
5 Sɛ wode Bible mu afotu a w’awofo de ma wo no yɛ adwuma a, ɛbɛma wɔn ani agye. Onyankopɔn nso ani begye paa, na ɛbɛma wo ne n’adamfofa no mu ayɛ den. (Kenkan Mmebusɛm 22:6; 23:15, 24, 25.) Wei nti na ɛho hia sɛ wusuasua nea Yehoas yɛe wɔ ne mmofraase no.
6 Sua biribi fi gyinae bɔne a Yehoas sii no mu. Yehoiada wu akyi no, Yehoas faa nnamfo bɔne. (Kenkan 2 Beresosɛm 24:17, 18.) Otiee Yuda mpanyimfo a na wɔnnɔ Yehowa no. Anka ɛsɛ sɛ Yehoas twe ne ho fi saa abɔnefo no ho. (Mmeb. 1:10) Nanso otiee ne nnamfo no afotu bɔne no mmom. Bere a Yehoas busuani Sakaria bɔɔ mmɔden sɛ obetu no fo no, Yehoas ma wɔkum no. (2 Be. 24:20, 21; Mat. 23:35) Nea ɔyɛe no, na nyansa nnim koraa! Yehoas fii ase yiye, nanso awerɛhosɛm ne sɛ ɔbɛdan ɔwaefo ne owudifo. Ewiee ase no, ɔno ara ne nkoa kum no. (2 Be. 24:22-25) Sɛ ɔkɔɔ so tiee Yehowa ne wɔn a wɔdɔ Yehowa no a, hwɛ sɛnea anka ebewie no yiye! Dɛn na wopɛ sɛ wusua fi n’asɛm no mu?
7 Gyinae bɔne a Yehoas sii no, ade baako a yebetumi asua afi mu ne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛfa nnamfo a wɔdɔ Yehowa na wɔpɛ sɛ wɔma n’ani gye. Nnamfo a ɛte saa na wɔbetumi aboa yɛn ma yɛayɛ adepa. Ɛnyɛ yɛn atipɛnfo nko ara na ɛsɛ sɛ yɛne wɔn bɔ. Kae sɛ, na Yehoas adamfo Yehoiada anyin sen no bam. Wo nso, bisa wo ho sɛ: ‘Me nnamfo boa me ma me gyidi yɛ den? Wɔhyɛ me nkuran sɛ minni Onyankopɔn mmara so anaa? Nsɛm a ɛfa Yehowa ho ne nea wɔasua afi Bible mu no, ɛno na wɔka ho asɛm anaa? Wɔn ani gye Onyankopɔn mmara ho? Nea ɛbɛyɛ m’asom dɛ nko ara na wɔka kyerɛ me, anaa sɛ meyɛ biribi a ɛmfa kwan mu a, wɔtumi tu me fo?’ (Mmeb. 27:5, 6, 17) Nea ɛwom paa ne sɛ, sɛ wo nnamfo nnɔ Yehowa a, ɛsɛ sɛ wo ne wɔn twam. Nanso sɛ wo nnamfo dɔ Yehowa a, kɔ so ara ne wɔn mmɔ, efisɛ wɔbɛboa wo paa.—Mmeb. 13:20.
8 Sohyia midia betumi aboa wo ma wo ne w’abusuafo ne wo nnamfo adi nkitaho. Nanso nnipa pii fa sohyia midia so hoahoa wɔn ho; wɔde nneɛma a wɔatɔ ne nea wɔatumi ayɛ ho mfoni ne video gu hɔ. Sɛ wode sohyia midia di dwuma a, bisa wo ho sɛ: ‘Ɛyɛ a mehoahoa me ho wɔ hɔ anaa? Me botae ne sɛ mɛhyɛ afoforo den anaa mɛhyɛ me ho anuonyam? Wɔn a ɛwɔ sohyia midia so no, mema wɔn nneyɛe nya m’adwene, me kasa ne me suban so nkɛntɛnso bɔne anaa?’ Bere bi, Onua Nathan Knorr a na ɔyɛ Akwankyerɛ Kuw no muni no kaa sɛ: “Mmɔ mmɔden sɛ wobɛsɔ nnipa ani. Akyiri yi wubehu sɛ woantumi ansɔ obiara ani. Yɛ nea ɛsɔ Yehowa ani na ɛbɛma woasɔ wɔn a wɔdɔ Yehowa no ani.”
ƐSƐ SƐ YƐBRƐ YƐN HO ASE
9 Suasua gyinae pa a Usia sii no. Ɔhene Usia yɛ aberantewa no, na ɔbrɛ ne ho ase. Ɔyeree ne ho sɛ “obesuro nokware Nyankopɔn no.” Ɔtenaa ase mfe 68, na emu dodow no ara, Yehowa hyiraa no. (Kenkan 2 Beresosɛm 26:1-5.) Aman a na wɔtan Israelfo no, Usia dii wɔn mu bebree so nkonim, na omiaa bammɔ a na ɛwɔ Yerusalem no mu. (2 Be. 26:6-15) Biribiara a Yehowa boaa Usia ma otumi yɛe no, ɛda adi sɛ ɛmaa Usia ani gyei.—Ɔsɛnk. 3:12, 13.
10 Sua biribi fi gyinae bɔne a Usia sii no mu. Esiane sɛ na Usia yɛ ɔhene nti, daa na ɔde akwankyerɛ ma nkurɔfo. Ebia ɛbɛyɛ sɛ ɛno ma onyaa adwene sɛ obetumi ayɛ nea ɔpɛ biara. Da bi, ahantan nti Usia kɔɔ Yehowa asɔrefie hɔ sɛ ɔrekɔhyew aduhuam wɔ afɔremuka no so. Nanso na ɛno nyɛ ahemfo adwuma. (2 Be. 26:16-18) Ɔsɔfo Panyin Asaria ka kyerɛɛ Usia sɛ ɛnyɛ ne kwan so sɛ ɔbɛhyew aduhuam no, nanso ne bo fuwii. Awerɛhosɛm ne sɛ, Usia sɛee din pa a na ɔde mfe bebree anya no, na Yehowa maa kwata yɛɛ no. (2 Be. 26:19-21) Sɛ ɔbrɛɛ ne ho ase a, hwɛ sɛnea anka ebewie no yiye!
11 Bere a Usia yɛɛ den no, ne werɛ fii sɛ Yehowa na ɔboaa no ma esii no yiye. Dɛn na yesua fi mu? Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, nhyira ne hokwan biara a yɛwɔ no, efi Yehowa hɔ. Sɛ́ anka yɛde nea yɛayɛ bɛhoahoa yɛn ho no, biribiara a yetumi yɛ no, ɛsɛ sɛ yɛde ɛho ayeyi ma Yehowa. (1 Kor. 4:7) Ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase na yɛkae sɛ bɔne wɔ yɛn ho, na yehia nteɛso. Onua bi a wadi bɛyɛ mfe 60 kyerɛwee sɛ: “Sɛ afoforo hu me mfomso a, memma ɛnhaw me. Ɛtɔ da na meyɛ biribi a ɛmfa kwan mu na wɔteɛ me so a, memfa ahwease nnyɛ nna.” Nea ɛwom ne sɛ, sɛ yesuro Yehowa na yɛbrɛ yɛn ho ase a, ebesi yɛn yiye.—Mmeb. 22:4.
KƆ SO HWEHWƐ YEHOWA
12 Suasua gyinae pa a Yosia sii no. Bere a Yosia yɛ ɔbabun no na ofii ase hwehwɛɛ Yehowa. Ná ɔpɛ sɛ osua Yehowa ho ade na ɔyɛ n’apɛde. Nanso na ɛnyɛ mmerɛw mma ɔhene aberantewa yi. Saa bere no, na nnipa dodow no ara som abosom, enti na ɛsɛ sɛ onya akokoduru na watumi apagyaw nokwaresom. Otumi yɛe nso! Ansa na Yosia redi mfe 20 no, ofii ase tuu atorosom ase fii ɔman no mu.—Kenkan 2 Beresosɛm 34:1-3.
13 Sɛ woyɛ abofra mpo a, wubetumi ahwehwɛ Yehowa na woasua ne ho ade de asuasua Yosia. Sɛ wutu saa anammɔn no a, ebetumi aboa wo ma woahyira wo ho so ama Yehowa. Sɛ wuhyira wo ho so a, sɛn na ɛbɛboa wo wɔ w’asetena mu? Yentie Luke; ɔbɔɔ asu no, na wadi mfe 14. Da a ohyiraa ne ho so maa Yehowa no, ɔkaa sɛ, “Efi nnɛ rekɔ, mede Yehowa som bedi kan wɔ m’asetena mu, na mɛbɔ mmɔden ama n’ani agye.” (Mar. 12:30) Wo nso, sɛ wuhyira wo ho so ma Yehowa a, obehyira wo paa
14 Woyɛ aberantewa anaa abaayewa a wosom Yehowa a, ɔhaw bɛn na wubetumi ahyia? Johan bɔɔ asu no, na wadi mfe 12. Ɔkyerɛ mu sɛ, na ne mfɛfo sukuufo hyɛ no sɛ ɔnnom ɛlɛtrɔnik sigaret. Nea ɛbɛyɛ na Johan anya ahoɔden de ako atia saa nhyɛso no, na ɔkae ne ho sɛ, sɛ ɔnom ɛlɛtrɔnik sigaret no a, ebetumi ama wayare na asɛe ɔne Yehowa ntam. Rachel nso bɔɔ asu no, na wadi mfe 14. Ɔka nea ɛboa no ma otumi gyina nhyɛso a ohyia wɔ sukuu no ano. Ɔka sɛ: “Biribiara a mehu no, mehwɛ sɛ ɛho nhwɛso bi wɔ Bible no mu anaa. Sɛ mɛyɛ nhwɛso a, sɛ yɛresua abakɔsɛm bi wɔ sukuu a, etumi ma mekae Bible mu asɛm anaa nkɔmhyɛ bi. Anaa me ne obi rebɔ nkɔmmɔ a, etumi ma mekae kyerɛwsɛm bi a metumi ne no asusuw ho.” Ɔhaw a worehyia no, ebia ɛnyɛ ɛno ara bi na Ɔhene Yosia hyiae, nanso sɛnea na ɔyɛ onyansafo ne ɔnokwafo no, wubetumi asuasua. Sɛ woyɛ aberantewa anaa abaayewa na wutumi gyina sɔhwɛ a worehyia no ano a, nea wubehyia daakye no nso, ebetumi aboa wo ma woagyina ano.
15 Ɔhene Yosia nyinii no, ofii ase siesiee asɔrefie no. Wɔreyɛ saa adwuma no, wɔhuu “Yehowa Mmara nhoma a ɔnam Mose so de mae no.” Bere a wɔkenkan emu asɛm kyerɛɛ no no, ɛhɔ ara na osii ne bo sɛ obedi nea wɔakyerɛw wom no so. (Kenkan 2 Beresosɛm 34:14, 18-21.) Ebia wo nso wode asi w’ani so sɛ wobɛkenkan Bible no daa. Sɛ saa a, ɛrekɔ sɛn? Kyerɛwnsɛm pɔtee bi a ebetumi aboa wo no, ɛyɛ a wohyɛ no nsow? Luke a yɛadi kan aka ne ho asɛm no, sɛ ohu biribi a n’ani gye ho wɔ ne Bible akenkan mu a, ɛyɛ a ɔkyerɛw to hɔ. Wo nso woyɛ saa a, ebia ebetumi aboa wo ma woakae kyerɛwnsɛm anaa nsɛm bi a w’ani gye ho. Sɛ wusua Bible na wuhu mu yiye na w’ani begye ho a, ɛbɛma woanya ɔpɛ sɛ wobɛsom Yehowa. Afei, sɛnea Onyankopɔn Asɛm kanyan Ɔhene Yosia no, wo nso ɛbɛkanyan wo ma woasom Yehowa.
16 Sua biribi fi gyinae bɔne a Yosia sii no mu. Bere a Yosia dii bɛyɛ mfe 39 no, odii mfomso bi a ɛde no kɔɔ owu mu. Sɛ́ anka ɔbɛhwehwɛ akwankyerɛ afi Yehowa hɔ no, ɔno ara yɛɛ nea ɔpɛ. (2 Be. 35:20-25) Dɛn na yebetumi asua afi mu? Sɛ yɛanyin sɛ dɛn, anaa yɛde mfe pii na asua Bible no mpo a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so hwehwɛ Yehowa. Wei kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae daa hwehwɛ n’akwankyerɛ, yesua n’Asɛm na yegye afotu fi Kristofo a wɔn ho akokwaw hɔ. Yɛyɛ saa a, ebia ɛremma yenni mfomso akɛse na ɛbɛma yɛn ani agye.—Yak. 1:25.
MMABUN—EBETUMI ASI MO YIYE
17 Sɛ woyɛ ɔbabun a, wubetumi ayɛ nneɛma pii ama w’ani agye. Yehoas, Usia ne Yosia ho asɛm a ɛwɔ Bible mu no, ɛma yehu sɛ mmabun betumi asisi gyinae pa na wɔabɔ bra a ɛsɔ Yehowa ani. Ɛwom, saa ahemfo yi dii mfomso, na ɛkɔfaa nsunsuanso bɔne bae. Nanso sɛ yesuasua nneɛma pa a wɔyɛe na yɛkwati mfomso a wɔdii no a, ɛbɛma yɛn ani agye.
18 Yɛhwɛ Bible mu a, yebehu mmabun afoforo a wɔfaa Yehowa adamfo; wɔnyaa n’anim dom na esii wɔn yiye. Ná Dawid ka saa mmerantewaa yi ho. Bere a ofii ase som Onyankopɔn no, na ɔyɛ abofra na akyiri yi ɔbɛyɛɛ ɔhempa. Ɛwom, ɛtɔ da a na odi mfomso, nanso ne nyinaa mu no, Onyankopɔn gyee no toom. (1 Ahe. 3:6; 9:4, 5; 14:8) Sɛ wusua Dawid ho ade a, ne nhwɛso pa no bɛhyɛ wo nkuran ma wode nokwaredi asom Yehowa. Anaa wubetumi de asi w’ani so sɛ wubesua Marko anaa Timoteo ho ade akɔ akyiri. Wubehu sɛ, wɔn mmofraase na wɔfii ase som Yehowa na wɔnyaa din pa wɔ n’anim, na esii wɔn yiye.
19 Sɛnea ebewie wo daakye no, egyina sɛnea wobɔ wo bra seesei no so. Sɛ woamfa wo ho anto wo ntease so na wode wo ho to Yehowa so a, ɔbɛkyerɛ wo kwan. (Mmeb. 20:24) Ɛno betumi ama woanya anigye ne akomatɔyam. Kae sɛ, nea woyɛ ma Yehowa no, ɛsom bo ma no. Biribiara nni hɔ a eye sen sɛ wode nkwa a wowɔ no bɛsom yɛn soro Agya a ɔdɔ yɛn no.
TI 37
Osii Ne Bo Sɛ ‘Ɔrengu Ne Ho Fĩ’
dp 18-19 ¶14-15
Daniel—Nhoma a Wɔredi N’asɛm
14 Daniel 1:1 kenkan sɛ: “Yuda hene Yehoiakim afe a ɛto so abiɛsa mu no, Babel hene Nebukadnesar baa Yerusalem, na ɔbɛka hiaa mu.” Akyinnyegyefo ka sɛ mfomso bi wɔ kyerɛwsɛm yi mu efisɛ ɛte sɛ nea ɛne Yeremia a ɔka sɛ Yehoiakim afe a ɛto so anan yɛ Nebukadnesar afe a edi kan nsɛm nhyia. (Yeremia 25:1; 46:2) So na Daniel reka biribi a ɛne nea Yeremia aka bɔ abira? Sɛ wonya nsɛm pii a, wɔkyerɛkyerɛ asɛm no mu ntɛm ara. Bere a edi kan a Farao Neko yɛɛ Yehoiakim ɔhene wɔ 628 A.Y.B. mu no, Yehoiakim bɛyɛɛ saa Misrifo sodifo no akoa kɛkɛ. Eyi sii bɛyɛ mfe abiɛsa ansa na Nebukadnesar sii n’agya ananmu dii Babilon hene wɔ 624 A.Y.B. mu. Ɛno akyi pɛɛ (wɔ 620 A.Y.B. mu) no, Nebukadnesar ko faa Yuda na ɔyɛɛ Yehoiakim ɔhene a ɔhyɛ Babilon ase. (2 Ahene 23:34; 24:1) Na Yudani a ɔte Babilon bebu Yehoiakim “afe a ɛto so abiɛsa” no sɛ mfe a saa ɔhene no de som Babilon no nea ɛto so abiɛsa. Saa adwene no na Daniel de kyerɛw n’asɛm no. Nanso, Yeremia de adwene a na Yudafo a na wɔte Yerusalem pɛɛ no kurae no na ɛkyerɛwee. Enti, ɔkaa Yehoiakim ahenni ho asɛm sɛ efii ase bere a Farao Neko sii no hene no.
15 Enti, nea wose ɛyɛ abirabɔ yi si adanse no so dua sɛ Daniel kyerɛw ne nhoma no wɔ Babilon bere a na ɔne ne mfɛfo Yudafo wɔ nnommumfa mu no. Nanso, mfomso foforo bi wɔ asɛm a wɔka tia Daniel nhoma yi mu. Kae sɛ ena Daniel nhoma no kyerɛwfo wɔ Yeremia nhoma no bi na ɔtwee adwene sii so mpo. (Daniel 9:2) Sɛ na Daniel nhoma kyerɛwfo yɛ ɔdaadaafo nitefo sɛnea akyinnyegyefo no kyerɛ no a, so anka ɔbɛpɛ sɛ ɔka biribi a ɛbɔ nea Yeremia a wobu no kɛse aka—wɔ ne nhoma no nkyekyem a edi kan pɛɛ mu abira? Dabida!
it “Adekoradan” ¶3-wcgr
Adekoradan
Daniel 1:2 kaa biribi faa Babilon adekoradan ho. Nea ɛkae ne sɛ, bere a Nebukadnesar sesaa Yehowa fie nneɛma a ɛsom bo no, ɔde kɔɔ “ne nyame adekoradan mu.” Babilon nkyerɛwee bi ma yehu Nebukadnesar asɛm bi a ɔka faa ne nyame Merodak asɔrefie ho. Ɛkenkan sɛ: “Mede dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ne aboɔden abo siee mu . . . na mede m’ahenni ademude adekoradan sii hɔ.” (Fa toto Esra 1:8 ho.) Ɛbɛyɛ sɛ na Babilonfo no wɔ adekoradan wowɔ nkurow nketewa mu wɔ ahemman no mu. (Da 3:2) Ná Persiafo nso wɔ saa nhyehyɛe no bi. Wɔn de, sɛ asoafo no gyigye tow fi wɔn nkurɔfo hɔ a, na wɔwɔ baabi a wɔkora bi so wɔ nkurow a wɔdeda ano no mu. (Esr 7:20, 21) Persia ahemman no adekoradan no bi wɔ hɔ a, ɛnyɛ sika kɔkɔɔ ne nneɛma foforo a ɛsom bo nko ara na wɔkoraa so wɔ hɔ. Ɛtɔ da a, na wɔkora wɔn ahenni no ho nkrataa ne abakɔsɛm a ehia paa no nso so wɔ hɔ.—Esr 6:1, 2; Es 3:9.
it “Nkonyaayi Ne Adebisa” ¶2-6-wcgr
Nkonyaayi Ne Adebisa
Ebinom gye di sɛ yɛwɔ nkonyaayi a ɛyɛ papa (bayi papa) ne nea ɛyɛ bɔne (bayi bɔne). Wɔkyerɛ sɛ bayi bɔne no, nea wɔde yɛ no bi ne duabɔ, ka a obi ka nsɛm bi de dome obi, ne “anibɔne” a obi de hwɛ ne tamfo ma nneɛma bɔne to no. Nkonyaayi a ɛyɛ papa no nso, wɔka sɛ wɔde yi nnome fi obi so, anaa wɔde dan duabɔ. Tete mmere mu no, mmeae bi wɔ hɔ a na mmara tia nkonyaayi a wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ bɔne no. Sɛ obi yɛ bi a, na wɔtumi bua no kumfɔ mpo. Bible de, ɛbara nkonyaayi biara. (Le 19:26; De 18:9-14) Ebinom yeyɛ nnuru bi, na wɔkyerɛ sɛ ahonhom bi na ɛmaa wɔn nimdeɛ ne nyansa ma wɔtumi yɛe. Wɔka sɛ, wɔtumi de kyinkyim nkurɔfo adwene anaa wɔde sesa nea ɛbɛba daakye. Enti abosonkɔm ne nkonyaayi nyɛ pɛ. Abosonkɔm de, wɔkyerɛ sɛ wɔde hu daakye asɛm kɛkɛ na wɔmfa nsesa nea ɛbɛba daakye.—Hwɛ DIVINATION (Abosonkɔm).
Nkurɔfo wɔ adwene bi sɛ, adebisafo anaa akɔmfo betumi akankye ama ahonhommɔne afi obi mu, anaa wɔakowura obi mu. Wɔsusuw sɛ, wɔbetumi adaadaa ahonhommɔne anaa wɔasum wɔn afiri, anaa wɔakyere wɔn ahyɛ dua anaa biribi a wɔde dɔte ayɛ mu. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, nkurɔfo gye di sɛ, nkonyaayifo betumi de ɛwo anaa biribi foforo akyerɛ ahonhommɔne kwan akɔ baabiara a wɔpɛ.
Wei maa nnipa nyaa gyidi soronko bi wɔ akɔmfo mu, enti ebinom nso faa anitew kwan so yɛɛ wɔn ho akɔmfo. Nkurɔfo pii tu dii akɔmfo akyi, na nea wɔbɛka biara, na wɔdi so. Wei nti, na wɔdidi nkurɔfo ho paa, efisɛ wɔmaa nkurɔfo tee nka sɛ wɔwɔ tumi mpo sen ahonhommɔne. Nkurɔfo begye dii sɛ, akɔmfo yi wɔ tumi wɔ ahonhommɔne so, nanso ahonhommɔne de, wɔnni tumi biara wɔ akɔmfo no so.
Tete Kaldeafo a na wɔwɔ Babilon no na wɔfii ahonhonsɛm a ɛte saa ase, na sɛ obi yɛ bi a, na wɔbu no sɛ ɔyɛ onimdefo. Yesaia kaa biribi a ɛma yehu sɛ ne bere so no, na asumansɛm ne adebisa yɛ biribi a abu so paa wɔ Babilon. (Yes 47:12-15) Bere a Yesaia kaa saa asɛm no akyi bɛboro mfe ɔha no, Daniel nso kyerɛw biribi a ɛkyerɛ sɛ na akɔmfo wɔ Babilon ahemfie. Ɛno ma yehu sɛ na asumansɛm ne adebisa da so wɔ Babilon. (Da 1:20; 2:2, 10, 27; 4:7; 5:11) Asɛmfua a ɛwɔ Daniel nhoma no mu a yɛakyerɛ ase “akɔmfo” no, sɛ yɛkyerɛ ase tee fi Hebri kasa mu a, nea ɛkyerɛ ne “asɔfo a wɔyi nkonyaa.”
Ná Babilonfo suro obi a wadi dɛm, efisɛ na wɔte nka sɛ ɔyɛ bayifo anaa bosom ba. Ná wɔwɔ adwene bi sɛ, obi a ɔte saa no betumi de ne bayi no ayɛ wɔn bɔne. Nanso akɔmfo no de, na wɔhu wɔn sɛ wɔde wɔn tumi no yɛ nneɛma pa. Ná wɔgye di sɛ, nsɛm a akɔmfo no bɛka de akankye ama obi a ɔyare ho atɔ no no, saa nsɛm no ara, sɛ abayifo no de kankye a, ɛbɛma onipa no awu.
dp 40 ¶25
Wɔsɔɔ Wɔn Hwɛe—Nanso Wodii Yehowa Nokware!
25 Sɛ wodi ‘nhabannuan nom nsu’ dadu,—a, so wɔbɛyɛ ‘mmɔbɔmmɔbɔ’ bere a wɔde wɔn toto afoforo ho no? Nea Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “afumduan” kyerɛ titiriw ne “aba.” Bible nkyerɛase ahorow bi kyerɛ ase sɛ “asɛ.” Nhomanimfo bi te nka sɛ nsɛm a ɛka ho no nkyerɛ sɛ ɛyɛ asɛ nkutoo. Nhwehwɛmu nhoma bi ka sɛ: “Nea na Daniel ne n’ayɔnkofo no rebisa no yɛ nhabannuan a na ɔman no mu nnipa dodow no ara di na ɛnyɛ ahemfie sradeduan a mogyanam wom no.” Enti, na nhabannuan no betumi ayɛ asɛ, ɛfɛre, gyeene, ne paanoo a wɔde awi ahorow ato. Akyinnye biara nni ho sɛ obiara nni hɔ a obebu eyi sɛ aduan a ɛbɛma ɔkɔm ade obi. Ɛda adi sɛ ɔhwɛfo no tee ase. “Ɛnna ɔpenee nea wɔkae no, na ɔsɔɔ wɔn hwɛe dadu.” (Daniel 1:14) Dɛn na efii mu bae?
w23.08 2-7
ADESUA ASƐM 33
Suasua Daniel Nhwɛso No
“Wosom bo paa.”—DAN. 9:23.
NEA YƐREBESUA
Ɛnnɛ, mmerante ne mmabaa a wɔsom Yehowa no, wɔn gyidi ho sɔhwɛ a wɔhyia no, ehia sɛ wɔnya akokoduru na wɔatumi adi Yehowa nokware. Esiane sɛ wɔgye adebɔ di nti, ebia wɔn mfɛfo sukuufo bedi wɔn ho fɛw. Anaa esiane sɛ wɔsom Onyankopɔn na wɔde ne mmara bɔ wɔn bra nti, ebia wɔn atipɛnfo bɛserew wɔn. Nanso sɛnea yebehu wɔ adesua yi mu no, wɔn a wɔsuasua odiyifo Daniel na wɔde akokoduru ne nokwaredi som Yehowa no, wɔn na wɔyɛ anyansafo.
BERE a Babilonfo bɛfaa odiyifo Daniel sɛ deduani fii Yerusalem na wɔde no kɔɔ Babilon a ɛwɔ akyirikyiri no, na ɔyɛ aberante. Ɛwom sɛ na Daniel yɛ aberante, nanso Babilon atumfoɔ no adwene kɔɔ no so. Wɔhwɛɛ “nea etua aniwa,” kyerɛ sɛ, na ‘dɛm biara nni Daniel ho, na na ne ho yɛ fɛ.’ Afei nso, na ofi adehye abusua mu. (1 Sam. 16:7) Ɛno nti, Babilonfo no tetee no ma ɔkɔsomee wɔ wɔn ahemfie.—Dan. 1:3, 4, 6.
2 Ná Yehowa dɔ Daniel; ɛnyɛ n’ahoɔfɛ anaa dibea a na ɔwɔ wɔ ahemfie hɔ nti na na ɔdɔ no, na mmom sɛnea ɔbɔɔ ne bra nti. Nokwasɛm ne sɛ, bere a Yehowa kaa sɛ Daniel yɛ ɔtreneeni te sɛ Noa ne Hiob a na wɔde mfe bebree abɔ bra pa ama wɔanya din pa wɔ Onyankopɔn anim no, ɛbɛyɛ sɛ na Daniel nnya nnii mfe 20 anaa na wadi mfe 20 ne kakra. (Gen. 5:32; 6:9, 10; Hiob 42:16, 17; kenkan Hesekiel 14:14.) Daniel nyin kyɛe, na ɔbɔɔ bra pa nso, na ne nkwa nna nyinaa mu no, Yehowa kɔɔ so dɔɔ no.—Dan. 10:11, 19.
3 Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ Daniel suban mmienu bi a ɛma ɔbɛyɛɛ obi a ɔsom bo ma Yehowa. Nea edi kan, yɛbɛkyerɛkyerɛ suban no biara mu, na yɛahwɛ mmere a ɔdaa no adi. Ɛno akyi no, yɛbɛhwɛ nea ɛboaa Daniel ma onyaa suban a ɛte saa. Ne korakora no, yɛbɛhwɛ sɛnea yebetumi asuasua no. Ɛwom sɛ yɛkyerɛw adesua asɛm yi maa mmerante ne mmabaa, nanso yɛn nyinaa betumi asuasua Daniel nhwɛso no.
SUASUA DANIEL AKOKODURU
4 Obi wɔ akokoduru a, ehu betumi aka no, nanso nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ de, ɔyɛ. Ná Daniel yɛ ɔbarima a ɔwɔ akokoduru paa. Yɛnhwɛ tebea mmienu bi a ohyiae a ɔkyerɛe sɛ ɔwɔ akokoduru. Babilonfo sɛee Yerusalem no, ɛbɛyɛ sɛ mfe mmienu akyi na nea edi kan no sii. Babilon hene Nebukadnesar soo dae huhuuhu bi a ɛfa ohoni kɛse bi ho. Ɔka kyerɛɛ n’anyansafo nyinaa a Daniel nso ka ho sɛ, sɛ wɔantumi anka dae a ɔsoe no ankyerɛ no, na wɔankyerɛ ase a, obekunkum wɔn nyinaa. (Dan. 2:3-5) Ná ɛsɛ sɛ Daniel yɛ ho biribi ntɛm, anyɛ saa a na nkurɔfo bewu. Ɔkɔɔ “ɔhene nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ ɔmma no bere na ɔmmɛkyerɛ ase nkyerɛ ɔhene.” (Dan. 2:16) Wei kyerɛ sɛ na Daniel wɔ akokoduru ne gyidi. Biribiara nni hɔ a na ɛkyerɛ sɛ Daniel akyerɛ dae ase pɛn. Ɔka kyerɛɛ ne nnamfo a na Babilonfo ato wɔn din Sadrak, Mesak ne Abed-Nego no sɛ, “wɔmmɔ ɔsoro Nyankopɔn no mpae na onhu wɔn mmɔbɔ wɔ ahintasɛm yi ho.” (Dan. 2:18) Yehowa tiee saa mpaebɔ no. Onyankopɔn boaa Daniel ma otumi kyerɛɛ Nebukadnesar dae no ase. Ɛno nti, Daniel ne ne nnamfo no anhwere wɔn nkwa.
5 Bere a Daniel kyerɛɛ ohoni kɛse no ho dae ase wiei no, bere bi akyi no, asɛm foforo sii a na ehia sɛ onya akokoduru. Nebukadnesar san soo dae a na ɛyɛ hu. Ná saa dae yi fa dua kɛse bi ho. Daniel de akokoduru kyerɛɛ dae no ase kyerɛɛ ɔhene no; ɔka kyerɛɛ ɔhene no mpo sɛ ɔbɛbɔ dam na wɔbegye n’ahenni afi ne nsam akosi bere bi. (Dan. 4:25) Ná ɔhene no betumi anya adwene sɛ Daniel retew no so atua, enti anka obetumi akum no. Nanso Daniel nyaa akokoduru kyerɛɛ dae no ase.
6 Ɛbɛyɛ sɛ dɛn na ɛboaa Daniel ma onyaa akokoduru ne nkwa nna nyinaa? Daniel yɛ abofra no, ɛda adi sɛ osuasuaa ne maame ne ne papa nhwɛso. Akwankyerɛ a Yehowa de maa awofo a ɛwɔ Israel sɛ wɔmfa Onyankopɔn Mmara nkyerɛkyerɛ wɔn mma no, wɔtiei. (Deut. 6:6-9) Ɛnyɛ Mmara Nsɛm Du no nko ara na na Daniel nim, na mmom mmara a ɛkyerɛ nea na Israelni betumi adi ne nea ɛnsɛ sɛ odi nso, na onim. (Lev. 11:4-8; Dan. 1:8, 11-13) Afei nso, Daniel suaa Onyankopɔn nkurɔfo ho abakɔsɛm na ohuu nea ɛtoo wɔn bere a wɔantie Yehowa no. (Dan. 9:10, 11) Nea Daniel faa mu wɔ n’asetena nyinaa mu no, ɛma onyaa awerɛhyem sɛ Yehowa ne n’abɔfo no taa n’akyi.—Dan. 2:19-24; 10:12, 18, 19.
7 Daniel suaa nhoma ahorow a Onyankopɔn adiyifo kyerɛwee no; ebi ne nkɔm ahorow a Yeremia hyɛe no. Nea Daniel suae no nti, ɛma obehui sɛ Yudafo a na wɔakodi Babilon bere tenteenten no, na ɛrenkyɛ na wɔanya wɔn ho atetew. (Dan. 9:2) Bere a Daniel hui sɛ Bible nkɔmhyɛ aba mu no, ɛhyɛɛ ne gyidi den. Wɔn a wɔn gyidi yɛ den nso de, wɔtumi nya akokoduru soronko. (Fa toto Romafo 8:31, 32, 37-39 ho.) Nea ɛsen ne nyinaa no, na Daniel taa bɔ ne soro Agya no mpae. (Dan. 6:10) Ɔkaa ne bɔne ne sɛnea ɔte nka kyerɛɛ Yehowa. Afei nso, Daniel srɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa no. (Dan. 9:4, 5, 19) Ná ɔyɛ onipa te sɛ yɛn ara, enti wɔamfa akokoduru anwo no. Mmom nea ɛma onyaa akokoduru ne sɛ, osuaa ade, ɔbɔɔ mpae na ɔde ne ho too Yehowa so.
8 Sɛ yebenya akokoduru a, dɛn na ehia sɛ yɛyɛ? Yɛn awofo betumi ahyɛ yɛn nkuran sɛ yennya akokoduru, nanso akokoduru nte sɛ abusua agyapade bi a wɔde gyaw nkyirimma. Akokoduru a obi benya no te sɛ nea ɔresua biribi foforo afi ɔkyerɛkyerɛfo bi hɔ. Ɔkwan baako a obetumi afa so asua no yiye ne sɛ, ɔbɛto ne bo ase ahwɛ onii a ɔrekyerɛ no no, na wasuasua no. Saa pɛpɛɛpɛ na akokoduru a yebenya no nso te; ɛsɛ sɛ yɛto yɛn bo ase hwɛ sɛnea afoforo da akokoduru adi na yesuasua wɔn. Enti, dɛn na yɛasua afi Daniel hɔ? Sɛnea Daniel yɛe no, ɛsɛ sɛ yɛn nso yesua Onyankopɔn Asɛm no yiye. Ɛsɛ sɛ yɛne Yehowa fa adamfo denneennen, kyerɛ sɛ, yɛbɛbɔ no mpae daa, na yɛaka sɛnea yɛte nka akyerɛ no. Afei nso, ɛsɛ sɛ yegye Yehowa di, na yenya awerɛhyem sɛ ɔtaa yɛn akyi. Ɛba saa na yehyia yɛn gyidi ho sɔhwɛ a, yebenya akokoduru.
9 Sɛ yɛda akokoduru adi a, ɛboa yɛn wɔ akwan bebree so. Momma yɛnhwɛ Ben. Sukuu bi a ɔkɔe wɔ Germany no, na obiara gye adannandi di, na na wɔte nka sɛ adebɔ ho asɛm a ɛwɔ Bible mu no nyɛ nokware. Da bi, wɔmaa Ben begyinaa sukuufo no nyinaa anim, na wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnkyerɛ nea enti a ogye di sɛ obi na ɔbɔɔ ade. Ɔde akokoduru kyerɛkyerɛɛ ne gyidi mu. Dɛn na efii mu bae? Ben ka sɛ: “Me kyerɛkyerɛfo no yɛɛ aso tiei, na nhwehwɛmu a mede kyerɛkyerɛɛ m’asɛm no mu no, ɔyɛɛ fotokɔpe maa sukuuni biara nsa kaa bi.” Sɛn na Ben sukuufo no yɛɛ wɔn ade? Ben ka sɛ: “Wɔn mu pii yɛɛ aso tiei, na wɔkaa sɛ wɔn ani gyee nea meyɛe no ho.” Ben suahu yi ma yehu sɛ nnipa a wɔwɔ akokoduru no, ɛyɛ a nkurɔfo bu wɔn. Afei nso, wɔn akokoduru no tumi twetwe komapafo ba Yehowa nkyɛn. Ampa, yɛda akokoduru adi a, mfaso wɔ so paa.
SUASUA DANIEL NOKWAREDI
10 Yɛhwɛ Bible mu a, yebehu sɛ Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase “nokwaredi” anaa “ɔdɔ a enni huammɔ” no, nea ɛkyerɛ ne sɛ, obi de ne ho bɛbata obi ho denneennen esiane ɔdɔ a ɔwɔ ma no nti. Wɔtaa de kyerɛ ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ ma n’asomfo. Ɔdɔ a Onyankopɔn asomfo yi no adi kyerɛ wɔn ho no, saa asɛmfua koro no ara na wɔde ka ho asɛm. (2 Sam. 9:6, 7) Sɛ yɛyere yɛn ho sɛ yebedi Yehowa nokware a, nkakrankakra ebedu baabi no, ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yebedi Yehowa nokware daa. Momma yɛnhwɛ sɛnea Daniel yɛɛ wei ho nhwɛso.
11 Daniel asetena nyinaa mu no, ohyiaa nokware a obedi ama Yehowa ho sɔhwɛ. Sɔhwɛ akɛse a ohyiae no, emu baako ne nea ɛbae bere a na wadi mfe 90 ne akyi no. Saa bere no, na Mediafo ne Persiafo adi Babilon so nkonim, na na Ɔhene Dario na odi wɔn so. Ná ahemfie mpanyimfo no mpɛ Daniel asɛm, na na wɔmmu ne Nyankopɔn a ɔsom no no. Enti wɔbɔɔ pɔw sɛ wɔbekum Daniel. Wɔmaa ɔhene no hyɛɛ mmara bi a na ɛbɛsɔ Daniel ahwɛ sɛ obedi Onyankopɔn nokware anaa obedi ɔhene no mmara no so. Nea na ɛsɛ sɛ Daniel yɛ de di ɔhene mmara no so ara ne sɛ, ɔremmɔ Yehowa mpae adaduasa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrentwe n’aso. Daniel anni ɔhene mmara no so. Nea ɔyɛe no nti, wɔde no kɔtoo gyata amena mu. Daniel nokwaredi nti, Yehowa gyee no fii agyata no anom. (Dan. 6:12-15, 20-22) Yɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi abata Yehowa ho denneennen sɛnea Daniel yɛe no?
12 Sɛnea yɛadi kan aka no, sɛ yebetumi adi Yehowa nokware a, ɛsɛ sɛ yɛdɔ no paa. Nea enti a Daniel tumi dii Yehowa nokware anaa ɔbataa ne ho denneennen ne sɛ, na ɔdɔ no paa. Yehowa su ahorow ne sɛnea ɔdaa no adi no, Daniel pɛɛ bere dwinnwen ho; ɛda adi sɛ ɛno na ɛma onyaa ɔdɔ a ɛte saa maa Yehowa no. (Dan. 9:4) Afei nso, nneɛma pa biara a Yehowa yɛ maa Daniel ne ne nkurɔfo no, odwinnwen ho, na ɔkyerɛɛ ho anisɔ.—Dan. 2:20-23; 9:15, 16.
13 Sɛnea na ɛte wɔ Daniel fam no, ɛnnɛ nso, wɔn a wɔmfa Yehowa ne ne mmara nyɛ hwee atwa yɛn mma ho ahyia. Obiara a obeyi n’anim sɛ ɔdɔ Onyankopɔn no, ebia saa nkurɔfo no ne no renni no yiye. Ebinom mpo tumi hunahuna yɛn mma no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbebu Yehowa mmara so. Wei ho nhwɛso ne nea ɛtoo aberante bi a ne din de Graeme a ɔte Australia no. Bere a ɔkɔɔ ntoaso sukuu no, ohyiaa ɔhaw bi. Ɔkyerɛkyerɛfo no bisaa sukuufo no sɛ, sɛ wɔn adamfo barima ka kyerɛ wɔn sɛ ɔne mmarima da anaa wɔn adamfo ɔbea ka kyerɛ wɔn sɛ, ɔne mmea da a, dɛn na wɔbɛyɛ? Ɔkyerɛkyerɛfo no kaa sɛ sukuufo a wɔte nka sɛ mfomso biara nni ho sɛ wɔn adamfo no bebu saa bra no nnyina faako, na wɔn a ɛte nka sɛ ɛmfata no nso nnyina faako. Graeme ka sɛ, “Sukuufo no nyinaa kogyinaa ɔfa a wɔpene ɔbra a ɛte saa so no; me ne Ɔdansefo baako pɛ na yɛankɔka wɔn ho.” Nea esii wɔ ɛno akyi no sɔɔ Graeme nokwaredi hwɛe paa. Ɔka sɛ, “Dɔnhwerew baako a yɛde suaa ade no de, sukuufo no ne ɔkyerɛkyerɛfo no mpo didii yɛn atɛm pɔtɔɔ. Meyɛɛ nea metumi biara de ntoboase kyerɛkyerɛɛ me gyidi mu, nanso asɛm a mekae nyinaa na egu wɔn aso akyi.” Graeme tee nka sɛn? Ɔka sɛ, “M’ani annye sɛnea wɔdidii me atɛm no ho, nanso ɛyɛɛ me dɛ paa sɛ me ne wɔn anyɛ adwene na mitumi kyerɛkyerɛɛ me gyidi mu.”
14 Yɛn nso, sɛ yɛdɔ Yehowa paa te sɛ Daniel a, yebetumi adi Yehowa nokware na yɛabata ne ho denneennen. Yehowa suban ho ade a yebesua no na ɛbɛma yɛanya ɔdɔ a ɛte saa ama no. Ebi ne sɛ yebesua nneɛma a wabɔ ho ade. (Rom. 1:20) Sɛ wopɛ sɛ ɔdɔ ne obu a wowɔ ma Yehowa no yɛ kɛse a, wubetumi akenkan nsɛm ntiantia a ɛba toatoa so a yɛato din “Wɔbɔe Anaa?” no. Wopɛ nso a, wubetumi ahwɛ ɛho video no. Wubetumi nso akenkan nsɛm a ɛwɔ nhomawa a yɛato din, Was Life Created? ne The Origin of Life—Five Questions Worth Asking mu no. Onuawa bi a ne din de Esther a ofi Denmark no, hwɛ nea ɔka faa saa nhomawa no ho. Ɔkaa sɛ: “Sɛnea wɔakyerɛkyerɛ nsɛm mu no tɔ asom paa. Nhomawa no nka nea ɛsɛ sɛ wugye di nkyerɛ wo; nea ɛyɛ ara ne sɛ, ɛkyerɛkyerɛ nokwasɛm no mu, na agyaw ama wo sɛ wo ara si wo gyinae.” Ben a yɛadi kan aka n’asɛm no ka sɛ: “Nhomawa no mu nsɛm hyɛɛ me gyidi den paa. Ɛma minyaa adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ nkwa.” Sɛ wusua saa nhomawa yi wie a, ɛda adi sɛ wubegye nea Bible ka yi atom: “Yehowa, yɛn Nyankopɔn, wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ nti na ɛbae na wobɔe.”—Adi. 4:11.
15 Ɔkwan foforo a yebetumi afa so adɔ Yehowa paa ne sɛ yɛbɛto yɛn bo ase ahwɛ sɛnea ne Ba Yesu bɔɔ ne bra. Saa na onuawa ababaa bi a ɔte Germany a ne din de Samira yɛe. Ɔka sɛ: “Yesu ho ade a misuae no boaa me ma mihuu Yehowa yiye.” Samira yɛ abofra no, na ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛte ase sɛ Yehowa wɔ atenka. Nanso Yesu de, anyɛ den amma no sɛ ɔbɛte ase sɛ ɔwɔ atenka. Ɔde ka ho sɛ, “Ná mepɛ Yesu asɛm efisɛ na ɔpɛ nnipa, na na ɔdɔ mmofra.” Ɔresua Yesu ho ade nyinaa, na ayɔnkofa a ɛwɔ ɔne Yehowa ntam no nso mu reyɛ den. Adɛn ntia? Ɔka sɛ: “Nkakrankakra mebɛtee ase sɛ, Yesu suasuaa n’Agya pɛpɛɛpɛ. Wɔsɛ paa. Mibehui sɛ wei ka ho bi nti na Yehowa somaa Yesu baa asaase so sɛnea ɛbɛyɛ a adasamma betumi ahu Yehowa yiye.” (Yoh. 14:9) Sɛ wopɛ sɛ wo ne Yehowa adamfofa mu yɛ den a, wubetumi apɛ bere asua Yesu ho ade pii. Ɛba saa a, wobɛdɔ Yehowa paa, na woadi no nokware daa.
16 Wɔn a wɔdi nokware no, ɛyɛ a wɔne wɔn nnamfonom ntam ntaa ntetew. (Rut 1:14-17) Afei nso, wɔn a wɔdi Yehowa nokware no te nka sɛ wɔwɔ akomatɔyam. Adɛn ntia? Efisɛ Yehowa ahyɛ bɔ sɛ wɔn a wɔdi no nokware no, ɔno nso bedi wɔn nokware. (Kenkan Dwom 18:25; Mika 6:8.) Wo de, hwɛ oo, Ɔbɔadeɛ pumpuni no pɛ sɛ ɔne yɛn a yɛnsɛ hwee yi fa adamfo daa! Na sɛ ɔfa yɛn adamfo a, sɔhwɛ, ɔtamfo, anaa owu mpo rentumi ntetew yɛne ne ntam. (Dan. 12:13; Luka 20:37, 38; Rom. 8:38, 39) Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yesuasua Daniel na yɛkɔ so di Yehowa nokware!
KƆ SO SUA BIBIRI FI DANIEL HƆ
17 Adesua yi mu no, yɛasusuw Daniel suban mmienu pɛ ho. Nanso, nneɛma pii wɔ hɔ a yebetumi asua afi ne hɔ. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Yehowa maa Daniel nyaa anisoadehu ahorow, na ɔsosoo adae, na ɔma otumi kyerɛɛ nkɔmhyɛ ase. Saa nkɔmhyɛ no pii aba mu dedaw. Nkɔmhyɛ no bi nso kyerɛ nea ebesisi daakye, na ɛbɛka obiara a ɔte asaase so.
18 Adesua a edi hɔ no, yebesusuw Daniel nkɔmhyɛ no mu mmienu ho. Ɛmfa ho mfe a yɛn mu biara adi no, sɛ yɛte nkɔmhyɛ no ase a, ebetumi aboa yɛn ma yɛasisi gyinae pa nnɛ. Afei nso, saa nkɔmhyɛ no betumi aboa yɛn ma yɛanya akokoduru kɛse na yɛadi Yehowa nokware daa. Wei bɛma yɛatumi asiesie yɛn ho ama sɔhwɛ a ɛrebobɔ ba no.
TI 38
‘Wɔdwudwoo Ogya Ano’
w23.07 31
So Wunim?
Birikisi a wɔhui wɔ tete Babilon amamfo so, ne sɛnea na wɔyɛ no no, ɔkwan bɛn so na ɛfoa nea Bible no ka so?
WƆN a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu akohu birikisi a wɔato bebree a wɔde kyekyee tete Babilon kurow no wɔ n’amanfo so. Robert Koldewey a otutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu kyerɛ sɛ, na wɔto birikisi a ɛtete saa no wɔ fononoo mu. Ná wɔsisi fononoo no wɔ “kurotia efisɛ na dɔte pa ne anyina a wɔde bɛsɔ gya . . . abu so wɔ hɔ.”
Tete kyerɛwtohɔ ahorow ma yehu sɛ na Babilon atumfoɔ de fononoo a na wɔsisi no nso di awurukasɛm. Paul-Alain Beaulieu a ɔyɛ tete Asiria abakɔsɛm ho ɔbenfo wɔ Toronto Suapɔn mu ka sɛ: “Babilon kyerɛwtohɔ ahorow kyerɛ sɛ, ɔhene no hyɛɛ mmara sɛ, sɛ obi tew ne so atua anaa ogu biribi a wɔbu no sɛ ɛyɛ kronkron ho fi a, wɔnhyew no wɔ fononoo mu.” Kyerɛwtohɔ bi a na ɛwɔ Ɔhene Nebukadnesar bere so tɔnn ka sɛ: “Sɛe wɔn, hyew wɔn, toto wɔn, . . . wɔ fononoo mu . . . ma wɔn wusiw nkɔ soro, na ma ogya a ano yɛ den no nkunkum wɔn.”
Wei ma wɔn a ɛkenkan Bible kae nsɛm a esisii a wɔakyerɛw wɔ Daniel ti 3 no. Saa abakɔsɛm no ma yehu sɛ Ɔhene Nebukadnesar de sika kɔkɔɔ yɛɛ ohoni kɛse bi de sii Dura asaasetraa so wɔ Babilon kurotia. Bere a Hebrifo mmerante mmiɛnsa a wɔn din de Sadrak, Mesak ne Abed-Nego ankotow ohoni no, Nebukadnesar bo fuwii na ɔkaa sɛ wɔnsɔ fononoo na wɔmma emu “nyɛ hyew mpɛn ason nkyɛn sɛnea wɔtaa yɛ no no,” na ɔma wɔtow mmarima mmiɛnsa no “guu fononoo a ogya redɛw brambrambram wɔ mu no mu.” Nanso ɔbɔfo bi begyee wɔn.—Dan. 3:1-6, 19-28.
Birikisi a wɔhui wɔ Babilon no nso foa nea Bible ka no so. Emu bebree wɔ hɔ a, nsɛm a wɔakyerɛw wɔ so no kamfo ɔhene no. Emu baako ka sɛ: “Nebukadnesar, Babilon Hene . . . Ahemfie a me Ɔhenkɛse masi no, . . . Ma m’asefo nni ade wɔ hɔ daa.” Saa asɛm yi ne asɛm a ɛwɔ Daniel 4:30 no sɛ paa. Ɛhɔ no, Nebukadnesar hoahoaa ne ho sɛ: “Babilon Kɛse a mede me ara m’ahoɔden ne me tumi akyekye de ayɛ ahenkurow sɛnea ɛbɛyɛ a obiara behu m’anuonyam ne me tumi no, ɛnyɛ ɛno ni?”
dp 36 ¶14
Wɔsɔɔ Wɔn Hwɛe—Nanso Wodii Yehowa Nokware!
14 Wɔsesaa Daniel din yɛɛ no Beltesasar, a na ɛkyerɛ sɛ “Bɔ Ɔhene Nkwa Ho Ban.” Ɛda adi sɛ na eyi yɛ mpae tiawa a wɔbɔ Bel anaa Marduk, Babilon onyame titiriw no. Sɛ Nebukadnesar ka ho na wɔpaw din yi maa Daniel anaa ɔnka ho no, ɛyɛɛ no dɛ sɛ ohui sɛ ɛte sɛ nea “[ne] nyame no din te.” (Daniel 4:8) Wɔtoo Hanania din sɛ Sadrak, na animdefo bi gye di sɛ ɛyɛ din abien a ɛbom biako a ɛkyerɛ “Aku Ahyɛde.” Anwonwasɛm ne sɛ na Aku yɛ Sumeriafo nyame bi din. Wɔfrɛɛ Misael sɛ Mesak (ebetumi ayɛ Mi·sha·aku), a ɛne “Hena na Ɔte Sɛ Onyankopɔn?” a wɔde anitew adan no “Hena na Ɔte Sɛ Aku?” Babilonfo din a wɔde maa Asaria ne Abed-Nego a ɛbɛyɛ sɛ ɛkyerɛ sɛ “Nego Akoa.” Na “Nego” yɛ ɔkwan foforo a wɔfa so kyerɛw “Nebo,” onyame bi a wɔde Babilonfo sodifo dodow bi too no no din.
dp 69 ¶3
Ogya Antumi Ansɛe Wɔn Gyidi
3 Susuw Ɔhene Nebukadnesar ho hwɛ. Ne din ankasa kyerɛ “O Nebo, Bɔ Ɔdedifo no Ho Ban!” Ná Nebo yɛ Babilonfo nyansa ne kuayɛ nyame. Na Nebukadnesar yɛ obi a ɔpɛ nyamesom paa. Sɛnea yɛaka dedaw no, osii asɔredan pii maa Babilon anyame pii na osiesiee mu fɛfɛɛfɛ, na na ɔsom Marduk, nea ɔkyerɛe sɛ n’akodi mu nkonimdi fi no no titiriw. Ɛda adi nso sɛ Nebukadnesar de ne ho too adebisa so de yɛɛ n’akodi ho nhyehyɛe.—Hesekiel 21:18-23.
dp 73 ¶10
Ogya Antumi Ansɛe Wɔn Gyidi
10 Ɛwom sɛ na nnipa a wɔahyia wɔ Nebukadnesar honi no anim no mu dodow no ara som wɔn ankasa anyame de, nanso na ɛrenhaw wɔn sɛ wɔbɛsom ohoni no. Bible ho nimdefo bi kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Na wɔn nyinaa som ahoni, na na onyame biako som no nsiw wɔn kwan sɛ wɔbɛsom onyame foforo nso.” Ɔtoaa so sɛ: “Na ɛne adwene a abosonsomfo kura saa bere no sɛ anyame pii na ɛwɔ hɔ no hyia . . . na na wonhu asɛm biara wɔ ho sɛ wɔbɛsom nnipa anaa ɔman biara nyame.”
Nneɛma a ɛba toatoa so wɔ jw.org, “Dwumadi a Yɛde Sua Bible”
“Ogyee Wɔn Fii Ogya Fononoo No Mu!”
MMOFRA AFÃ
Akwankyerɛ: Pɛ baabi a ɛhɔ yɛ komm tena na kenkan Bible no fa bua nsɛmmisa yi. Bere a worekenkan kyerɛwnsɛm no, fa no sɛ wowɔ hɔ na asɛm no sii. Twa nea ɛkɔɔ so no ho mfoni. Tie nsɛm a na wɔreka no. Hu sɛnea wɔn a wɔwom no te nka fa.
Wɔn a wɔwom: Sadrak, Mesak, Abednego, ne Nebukadnesar
Nsɛm a wɔabɔ no mua: Hebrifo mmerante mmiɛnsa bi dii sɔhwɛ bi so de kyerɛɛɛ sɛ wɔwɔ gyidi.
1 DWINNWEN NEA ESII NO HO.—KENKAN DANIEL 3:1-30.
Bere a worekenkan nkyekyɛm 3-7 no, fa no sɛ na wowɔ hɔ bi. Wohwɛ a, dɛn na anka “wobɛte”?
. . . . .
Fononoo a ogya redɛw brambrambram wɔ mu no, sɛ wode w’adwene bu a, sɛn na na ɛte?
. . . . .
Bere a Nebukadnesar kaa sɛ wɔmma fononoo no mu nyɛ hyew mpɛn nson nkyɛn sɛnea wɔtaa yɛ no no, wohwɛ a sɛn na ɔne wɔn kasae? Ná ne bo afuw? Ná n’ani agye, anaa na ɔte nka sɛn? (San kenkan nkyekyɛm 19 ne 20.)
. . . . .
Ɔbarima a na ɔtɔ so nnan wɔ fononoo no mu no, sɛ wode w’adwene bu a, sɛn na na ɔte? (San kenkan nkyekyɛm 24 ne 25.)
. . . . .
Sɛ wohwɛ nsɛm a Sadrak, Mesak, ne Abednego ka kyerɛɛ Nebukadnesar wɔ nkyekyɛm 16 kosi 18 no a, suban bɛn na wuhu sɛ na wɔwɔ?
. . . . .
2 SUA PII KA HO.
Yɛ nhwehwɛmu fa hu sɛnea basafa tenten te, na fa sese hwɛ sɛ, na Nebukadnesar honi no tenten ne ne kɛse te sɛn. (San kan nkyekyɛm 1.)
. . . . .
Sɛ wode nkyekyɛm 19 ne 20 toto nkyekyɛm 28 ne 29 ho a, dɛn na ɛma wuhu fa Nebukadnesar ho?
. . . . .
3 FA NEA WUSUAE NO YƐ ADWUMA. KYERƐW NEA WUSUAE WƆ NEA EDIDI SO YI HO . . .
Sɛnea yɛbɛkyerɛ obu ama wɔn a wɔwɔ tumi.
. . . . .
Mfaso a ɛwɔ so sɛ yebenya akokoduru de agyina Yehowa afã.
. . . . .
Nea Yehowa yɛ de boa yɛn bere a yɛrefa ɔhaw mu.
. . . . .
AKWAN FOFORO A WUBETUMI DE ADI DWUMA.
Dɛn na wohwɛ a ebetumi asɔ wo gyidi ahwɛ?
. . . . .
Bere a Sadrak, Mesak, ne Abednego hyiaa sɔhwɛ no, wɔdii Yehowa nokware. Dɛn na wubetumi asua afi mu?
. . . . .
4 ASƐM YI FÃ BƐN NA W’ANI GYE HO PAA, NA DƐN NTIA?
. . . . .
TI 39
“Miwu a, Na Mawu”
ia 138, adaka
Onyaa Akokoduru ne Nyansa na Odwenee Ne Nkurɔfo Ho
So abakɔsɛm a ɛwɔ Ester nhoma mu no nyɛ nokware?
Nnipa a wɔkasa tia Bible no ka sɛ Ester nhoma no mu abakɔsɛm nyɛ nokware. Nanso, animdefo binom kyerɛ sɛ onipa a ɔkyerɛw Ester nhoma no yɛ obi a na onim Persiafo ahensɛm, wɔn adansi, ne wɔn amammerɛ ho nsɛm pii. Ɛyɛ ampa sɛ wonhuu Ɔhemmaa Ester din wɔ abakɔsɛm nhoma foforo biara mu de, nanso yɛrentumi nka sɛ Ester nkutoo ne ɔdehye a wɔayi ne din afi tete abakɔsɛm mu. Afei nso, abakɔsɛm kyerɛ sɛ na ɔbarima bi a ɔyɛ Susan ahemfie panyin wɔ hɔ a na wɔfrɛ no Mardukâ—sɛnea na Persiafo bɔ edin Mordekai—wɔ bere a Ester nhoma no ka ho asɛm no mu no.
ia 131 ¶18
Ogyinaa Onyankopɔn Nkurɔfo Akyi
18 Wɔmaa ɔbarima bi a na ne din de Haman dibea kɛse bi wɔ Ahasweros ahemfie hɔ. Ɔhene no paw Haman sɛ ɔman soafo panyin, enti ɔbɛyɛɛ ɔhene abadiakyiri ne ne fotufo titiriw wɔ ahemman no mu. Ɔhene no hyɛe mpo sɛ obiara a obehu no no mmɔ ne mu ase nkotow no. (Ester 3:1-4) Mmara yi maa Mordekai hyiaa nsɛnnennen. Ná onim sɛ ɛsɛ sɛ otie ɔhene no, nanso na ɔrempɛ sɛ ɔbɛyɛ biribiara a ɛbɛkyerɛ sɛ ommmu Onyankopɔn. Ná Haman yɛ Agagni. Eyi kyerɛ sɛ na ɔyɛ Amalek hene Agag a Onyankopɔn diyifo Samuel kum no no aseni. (1 Sam. 15:33) Ná Amalekfo no tirim yɛ den paa ma enti wɔbɛyɛɛ Yehowa ne Israelfo atamfo. Ná Amalekfo yɛ nnipa a na Onyankopɔn adome wɔn. (Deut. 25:19) Enti na ɛbɛyɛ dɛn na Yudani nokwafo akotow Amalekni? Ná Mordekai ntumi nyɛ saa. Wankotow Haman. Ɛde besi nnɛ, mmarima ne mmea anokwafo nso de wɔn nkwa ato asiane mu de adi saa nnyinasosɛm yi so: “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn sɛ sodifo mmom sen nnipa.”—Aso. 5:29.
g02 9/8 23 ¶3–24 ¶2
So Ɛsɛ sɛ Akontaahyɛde Kyerɛ Wo Kwan?
Bible no mmɔ akontaahyɛde ho adesua din. Nanso ɛka Haman, Amalekni bi a ɔbɔɔ pɔw sɛ ɔbɛtɔre Yudafo a wɔwɔ Persia no ase wɔ afeha a ɛto so anum A.Y.B. mu no ho asɛm. Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Haman hyɛe sɛ wɔmmɔ ntonto (‘purim,’ sɛnea na wɔka no no) mfa nhu da pɔtee ne ɔsram a wɔde bedi ne pɔw a wabɔ ho dwuma. Wosii gyinae sɛ wobedi pɔw no ho dwuma wɔ ɔsram a ɛto so dumien, a ɛne ɔsram Adar, no da a ɛto so dumiɛnsa no.”—Ester 3:7, Today’s English Version.
Wɔ tete mmere mu no, na ntontobɔ yɛ ɔkwan titiriw a wɔnam so siesie ntawntawdi. (Mmebusɛm 18:18) Nanso na ntonto a Haman bɔ no yɛ abosonkɔm—biribi a Bible kasa tia. Deuteronomium 18:10-12 ka sɛ Onyankopɔnl kyi ‘obi a ɔhyɛ abosonkɔm, ɔbayifo ne ɔdebisafo ne ntafoayifo, ne kaberɛkyerefo ne samanfrɛfo ne osumanni ne nea obisa afunu. Yehowa kyi wɔn a wɔyɛ eyinom nyinaa.
Bible no de abosonkɔm bata anifere kwan so tumi a ɛwɔ ahonhonsɛmdi mu no ho. Ahonhommɔne betumi adi nsɛm ho dwuma ma ɛne wɔn atirimpɔw ahyia. Sɛ́ eyi te saa wɔ asɛm pɔtee bi mu anaasɛ ɛnte saa no, ade biako na ɛda adi: Onyankopɔn kasa tia ahonhonsɛmdi, na ebetumi de obi aba ahonhommɔne nkɛntɛnso ase.—1 Samuel 15:23; Efesofo 6:12.
ia 142, adaka
Onyaa Akokoduru ne Nyansa na Odwenee Ne Nkurɔfo Ho
Nkɔmhyɛ Bi a Ɛbaa Mu
Bere a Ester ne Mordekai reko ama Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa no, na wɔrema Bible nkɔmhyɛ bi aba mu. Bɛboro mfe 1,200 a na atwam no, Yehowa maa Yakob hyɛɛ ne ba biako ho nkɔm sɛ: “Benyamin bɛyɛ sɛ pataku a ɔtetew mmoa mu. Anɔpa ɔbɛwe aboa a wakyere no no, na anwummere nso ɔbɛkyɛ asade mu.” (Gen. 49:27) Benyamin asefo a wɔbaa “anɔpa,” kyerɛ sɛ, Israelfo ahenni mfitiase no bi ne Ɔhene Saul ne nnɔmmarima foforo a wɔko maa Yehowa nkurɔfo no. Wɔ Israelfo ahenni no “anwummere,” kyerɛ sɛ, ahenni no awiei mu no, Ester ne Mordekai a na wɔyɛ Benyamin asefo no ko dii Yehowa atamfo so nkonim. Ɔkwan bi so no, wɔn nso kyɛɛ asade, efisɛ Haman agyapade bebree no bedii wɔn nsam.
TI 40
Ɔsan Sii Ɔfasu No
w10-E 7/1 9 ¶5-7-wcgr
So Wunim?
Tete no, wɔn a na wɔhyɛ nsã ma ɔhene no, na wɔn adwuma no te sɛn?
Nehemia na na ɔhyɛ nsã ma Persia hene Artasasta. (Nehemia 1:11) Ahemfie a na ɛwowɔ tete Israel ne aman a ɛbemmɛn hɔ mu no, sɛ obi hyɛ nsã ma ɔhene a, na ɔnyɛ onipa ketewa, na mmom na ɔyɛ onipa titiriw wɔ ahemfie. Adwuma a na Nehemia yɛ wɔ Persia ahemfie no, wɔakohu tete nhoma ne nneɛma pii a wɔadrɔdrɔ a ne nyinaa boa ma yehu sɛnea na ɛte.
Sɛ obi yɛ ɔhene nsahyɛfo a, na odi kan ka ɔhene nsã hwɛ hu sɛ obiara mfaa adubɔne bi nguu mu, ansa na ɔhene no anom. Enti nea ɔhyɛ nsã ma ɔhene no, na ɔhene gye no di paa. Abakɔsɛm kyerɛwfo bi a ne din de Edwin M. Yamauchi kyerɛɛ mu sɛ: “Tete Persia ahemman mu no, obiara a ɔbɛba abedi hene no, na nkurɔfo nya no a wɔbekum no, enti wɔn a wɔbɛn ɔhene no, na ehia sɛ wɔyɛ nkurɔfo a ɔhene no betumi agye wɔn adi.” Wei nti obi a ɔhyɛ nsa ma ɔhene no, na ɔhene nni ne ho agorɔ koraa, na sɛ ɔka asɛm nso a, na ɔhene tie. Esiane sɛ na ɔbɛn ɔhene paa nti, ɛbɛyɛ sɛ na otumi kyerɛ nea ɔwɔ hokwan sɛ ɔba ɔhene anim ne nea onni hokwan sɛ ɔba.
Adwuma a na Nehemia yɛ no nti, na ne ho hia ɔhene no paa, na na ogye no di nso. Ɛbɛyɛ sɛ ɛno ka ho bi nti na bere a ɔsrɛɛ kwan wɔ ne hɔ sɛ ɔrekɔ Yerusalem akosi afasu no, ɔpenee so maa no ntɛm no. The Anchor Bible Dictionary no kaa sɛ: “Asɛm a ɔhene no bisaa no ara ne sɛ, ‘Wobɛkyɛ anaa?’”—Nehemia 2:1-6.
w19.10 23 ¶11
Dɛn na Yehowa Bɛma Woatumi Ayɛ?
11 Mfe pii akyi no, wɔn a Yehowa de wɔn yɛɛ adwuma ma wosiesiee Yerusalem afasu no, na Salum mma mmea no ka ho. (Neh. 2:20; 3:12) Ɛwom sɛ na Salum yɛ ɔsoafo de, nanso na ne mma mmea no pɛ paa sɛ wɔyɛ adwuma a ɛyɛ den a na ebetumi de wɔn nkwa ato asiane mu no bi. (Neh. 4:15-18) Ná wɔnte sɛ Tekoafo mmarima atitiriw no koraa. Tekoafo mmarima atitiriw no de, ‘wɔammrɛ wɔn ho ase’ anyɛ adwuma no bi! (Neh. 3:5) Wo de, hwɛ sɛnea Salum mma mmea no ani begye afa bere a wɔboa ma wɔde nnafua 52 pɛ wiee adwuma no! (Neh. 6:15) Yɛn bere yi so no, anuanom mmea a wɔwɔ koma pa ani gye ho sɛ wɔbɛboa ama yɛayɛ ɔsom adwuma no fã titiriw bi. Wɔboa ma wosisi adan a yɛde yɛ Yehowa som adwuma no na wɔboa ma wosiesie bi nso. Nsi ne ahokeka a anuanom mmea yi de yɛ adwuma, wɔn nimdeɛ, ne wɔn nokwaredi boa ma adwuma yi kɔ yiye paa.
w06 2/1 9 ¶1
Nehemia Nhoma no Mu Nsɛntitiriw
4:17, 18—Ɛbɛyɛ dɛn na na obi a ɔreto ɔfasu no atumi de ne nsa biako pɛ ayɛ adwuma? Ná eyi renyɛ den mma wɔn a wɔsoso nnosoa no. Sɛ na wonya de adesoa no si wɔn ti anaa wɔn mmati so a, na ɛnyɛ den koraa sɛ wɔde wɔn nsa biako beso nnosoa a ɛda wɔn atifi anaa wɔn mmati so no mu ‘na wɔde biako akura dade mu.’ Ná abantofo a wohia wɔn nsa abien nyinaa de ayɛ adwuma no “bobɔ wɔn nkrante wɔ wɔn asen na wɔde to.” Ná wɔayɛ krado sɛ, sɛ ɛba sɛ wɔn atamfo tow hyɛ wɔn so a wɔne wɔn bɛko.
w16.10 14 ¶4
Kɔ So Hyɛ Wo Ne Yehowa Abusuabɔ Mu Den Bere a Woresom Wɔ Ɔman Foforo So
4 Sɛ ɛyɛ den sɛ yɛbɛte Onyankopɔn Asɛm no ase wɔ kasa foforo mu a, ebetumi asɛe yɛne Yehowa abusuabɔ. Afeha a ɛto so nnum A.Y.B. no, bere a Nehemia hui sɛ Yudafo a wofi Babilon bae no mma no bi ntumi nka Hebri kasa no, ɛhaw no paa. (Kenkan Nehemia 13:23, 24.) Esiane sɛ na saa mmofra no nte Onyankopɔn Asɛm no ase nti, na abusuabɔ a wɔne Onyankopɔn ne Onyankopɔn nkurɔfo wɔ no resɛe.—Neh. 8:2, 8.
Nneɛma a ɛba toatoa so wɔ jw.org, “Dwumadi a Yɛde Sua Bible”
Onyankopɔn Tiee Ne Mpaebɔ
MMOFRA AFÃ
Akwankyerɛ: Pɛ baabi a ɛhɔ yɛ komm tena na kenkan Bible no fa bua nsɛmmisa yi. Bere a worekenkan kyerɛwnsɛm no, fa no sɛ wowɔ hɔ na asɛm no sii. Twa nea ɛkɔɔ so no ho mfoni. Tie nsɛm a na wɔreka no. Hu sɛnea wɔn a wɔwom no te nka fa.
Wɔn a wɔwom: Nehemia, Ɔhene Artasasta, Sanbalat, ne Tobia
Nsɛm a wɔabɔ no mua: Nehemia bɔɔ Onyankopɔn mpae, na ɔsrɛɛ kwan fii ɔhene hɔ sɛ ɔrekɔ Yerusalem. Ohyiaa ɔhaw pii, nanso odii so.
1 DWINNWEN NEA ESII NO HO.—KENKAN NEHEMIA 2:1-20.
Wɔn a wɔn ho asɛm wɔ ha yi, sɛ wode w’adwene bu a, sɛn na na wɔte?
Nehemia: ․․․․․
Ɔhene Artasasta: ․․․․․
Sanbalat ne Tobia: ․․․․․
Wohwɛ a dɛn nti na Nehemia maa ne mpae no yɛɛ tiatia?
․․․․․
Bere a Nehemia koduu Yerusalem no, sɛ wode w’adwene bu a, sɛn na na ɛhɔ te? (San kenkan nkyekyɛm 13 ne 14.)
․․․․․
Sɛ wohwɛ nkyekyɛm 17 a, sɛn na Nehemia ne Yudafo no kasae? Ná ne bo afuw? Ná n’ani agye, anaa na ɔte nka sɛn?
․․․․․
2 DWINNWEN HO KƆ AKYIRI.
Wohwɛ a dɛn na ɛmaa Nehemia bɔɔ mpae yi? (Kenkan Nehemia 1:4-11.)
․․․․․
Ɛbɛyɛ sɛ dɛn na ɛmaa Nehemia nyaa ahotoso sɛ Artasasta bɛma no kwan ama wasan akɔ Yerusalem? (Kenkan Esra 7:1-6; Mmebusɛm 21:1.)
․․․․․
Dɛn na Yudafo no yɛ de ‘hyɛɛ wɔn ho den maa adwuma pa no’? (Kenkan Nehemia 2:18; Yesaia 35:3.)
․․․․․
Mmuae a Nehemia de maa Sanbalat ne Tobia no, dɛn na w’ani gye ho wɔ ho? (Kenkan Nehemia 2:20.)
․․․․․
3 FA NEA WUSUAE NO YƐ ADWUMA.
Kyerɛw nea wusuae wɔ nea edidi so yi ho . . .
Adɛn nti na ehia sɛ yɛbɔ mpae?
․․․․․
Sɛ Yehowa asomfo nya akokoduru ka nea ɛsɛ sɛ wɔka a, sɛn na Yehowa boa wɔn?
․․․․․
4 BISA WO HO SƐ:
Sɛ biribi haw me anaa me werɛ how a, dɛn na metumi ayɛ de asuasua Nehemia?
․․․․․
Sɛ nkurɔfo kasa tia me gyidi a, mɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ mede me ho to Yehowa so?
․․․․․
Asuade pii a ɛwɔ asɛm yi mu no, emu nea ɛwɔ he na ehia me kɛse? Adɛn ntia?
․․․․․
Nyansahyɛ: Yɛ nhwehwɛmu fa pɛ baabi pɔtee a na tete kurow Susan ne Yerusalem wɔ wɔ map so. (Nehemia 1:1) Sese hwɛ kwan tenten a na ɛda nkurow mmienu yi ntam. Afei fa no sɛ woyɛ Nehemia, ɛnna wufi wo fie retwa saa kwan tenten no ara akɔ kurow foforo so, nanso woremfa kar anaa nneɛma a yɛde tutu kwan nnɛ no mu biara. Wohwɛ a, ɛbɛyɛ mmerɛw?