Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Wotua Ɔhene Bi Gyidi So Ka
    Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa I
    • 4, 5. (a) Ɔkwan bɛn na Hesekia fa so de hwehwɛ ahofadi fi Asiria hɔ? (b) Akodi ho nhyehyɛe bɛn na Sanaherib yɛ tia Yuda, na akwan bɛn na Hesekia fa so de kwati ntua a wɔde bɛba Yerusalem so ntɛm? (d) Ɔkwan bɛn so na Hesekia yɛ ahoboa sɛ ɔbɛbɔ Yerusalem ho ban afi Asiriafo nsam?

      4 Sɔhwɛ a emu yɛ den reba Yerusalem so. Hesekia asɛe apam a n’agya a onni gyidi, Ahas, ne Asiria yɛe no. Wadi Filistifo a wɔne Asiria ayɛ apam no mpo so nkonim. (2 Ahene 18:7, 8) Eyi ahyɛ Asiria hene abufuw. Enti, yɛkenkan sɛ: “Ɛbae sɛ ɔhene Hesekia afe a ɛto so dunnan mu no, Asiria hene Sanaherib tu baa Yuda nkurow a ɛyɛ den nyinaa so bɛfae.” (Yesaia 36:1) Ebetumi aba sɛ esiane sɛ na Hesekia pɛ sɛ ɔbɔ Yerusalem ho ban sɛnea ɛbɛyɛ a Asiria asraafo a wɔrepere kutukutu no ntow nhyɛ so ntɛm nti, ɔpenee so sɛ obetua tow nnwetɛbona 300 ne sika dwetikɛse 30 ama Sanaherib.a— 2 Ahene 18:14.

      5 Esiane sɛ na sika ne dwetɛ pii nni ahemfie tow adaka no mu a Hesekia de betua tow no nti, okoyii fagude a ɛsom bo dodow a obetumi fii asɔrefie hɔ. Otwitwaa asɔrefie apon a wɔde sika afa ho no nso de kɔmaa Sanaherib. Eyi maa Asiria bo tɔɔ ne yam, nanso ɛyɛ bere tiaa bi. (2 Ahene 18:15, 16) Ɛda adi sɛ, Hesekia hu sɛ Asiriafo remma Yerusalem ho ntɔ no nkyɛ. Enti, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ahoboa. Nkurɔfo no siw asuten a ebetumi ama Asiriafo a wɔreba wɔn so no anya nsu no kwan. Hesekia hyehyɛ Yerusalem akoban mu nso den, na ɔyɛ “akode ne akyɛm bebree.”—2 Beresosɛm 32:4, 5.

  • Wotua Ɔhene Bi Gyidi So Ka
    Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa I
    • a Ɛboro nnɛyi sika (U.S.) dɔla ɔpepem 9.5.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena