-
Kɔ So Ara Suro Onyankopɔn Na Ɛbɛboa WoƆwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023 | June
-
-
6. Mmea baanu bɛn na afei yɛrebesusuw wɔn ho?
6 Momma yensusuw Mmebusɛm ti 9 ho. Ɛhɔ no, ɛka mmea baanu bi ho asɛm. Baako gyina hɔ ma nyansa, ɛnna baako gyina hɔ ma nkwaseasɛm. (Fa toto Romafo 5:14; Galatifo 4:24 ho.) Bere a yɛresusuw ho no, mma wo werɛ mmfi sɛ aguamammɔ ne ponografi adi nkurɔfo ti wɔ Satan wiase bɔne yi mu. (Efe. 4:19) Enti, ɛho hia paa sɛ yɛkɔ so suro Onyankopɔn na yɛtwe yɛn ho fi bɔne ho. (Mmeb. 16:6) Ɛno nti, yɛn nyinaa, sɛ yɛyɛ mmarima oo, sɛ yɛyɛ mmea oo, Mmebusɛm ti 9 no mu nsɛm betumi aboa yɛn. Ɛka mmea baanu no nyinaa ho asɛm sɛ wɔreto nsa afrɛ wɔn a wɔagyimi, kyerɛ sɛ, “wɔn a wonnim nyansa.” Ɛte sɛ nea wɔn mu biara reka sɛ, ‘Bra me fie bedidi.’ (Mmeb. 9:1, 5, 6, 13, 16, 17) Nanso, ofie a agyimifo no mu biara bɛkɔ mu no, nea ebefi mu aba no yɛ soronko koraa.
-
-
Kɔ So Ara Suro Onyankopɔn Na Ɛbɛboa WoƆwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023 | June
-
-
“Ɔbea kwasea” no reto nsa afrɛ obi, na sɛ ɔkɔ a ebewie no bɔne (Hwɛ nkyekyɛm 7)
7. Sɛnea Mmebusɛm 9:13-18 kyerɛ no, dɛn na ɛto wɔn a wɔkɔ ɔbea kwasea no fie? (Hwɛ mfoni no nso.)
7 Momma yɛnhwɛ nea “ɔbea kwasea” no reka. (Kenkan Mmebusɛm 9:13-18.) Ɔde akokoduru teɛm frɛ wɔn a wɔnnim nyansa sɛ ‘wɔmmra ne nkyɛn’ mmedidi. Sɛ wɔkɔ a, henanom na wɔbɛkɔ akɔto wɔn wɔ hɔ? “Awufo wɔ hɔ, wɔn a wontumi nyɛ hwee no.” Ebia wobɛkae sɛ, Mmebusɛm nhoma no mu no, ti ahorow bi a edi ti 9 no anim mu no, kasakoa bi a ɛtete saa nso wom. Ɛbɔ yɛn kɔkɔ wɔ “ɔbea a waman” ne “ɔbea a ne bra asɛe” ho. Mmebusɛm nhoma no ka sɛ: “Ne fi sian kɔ owu mu.” (Mmeb. 2:11-19) “Ɔbea a waman” bi nso ho asɛm wɔ Mmebusɛm 5:3-10. Ɛhɔ no, wɔbɔ yɛn kɔkɔ sɛ yɛnhwɛ yiye wɔ ne ho, efisɛ “ne nan sian kɔ owu mu.”
8. Gyinae bɛn na ɛsɛ sɛ yɛn mu biara si?
8 Obiara a “ɔbea kwasea” no bɛto nsa afrɛ no no wɔ gyinae bi a ɛsɛ sɛ osi: Ɛne sɛ, ɔbɛkɔ anaa ɔrenkɔ? Ebia yɛn nso yebetumi ahyia tebea bi a ebehia sɛ yesi gyinae bi a ɛte saa. Sɛ yehyia aguamammɔ ho sɔhwɛ anaa yekopue ponografi so wɔ TV anaa Intanɛt so a, dɛn na yɛbɛyɛ?
-