Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ‘Monkɔ Nkɔyɛ Asuafo’
    “Bra Bedi M’akyi”
    • TI 9

      ‘Monkɔ Nkɔyɛ Asuafo’

      Nnɔbae a asow pii; bere aso sɛ wɔtwa.

      Sɛ okuafo hu sɛ ne nnɔbae dɔɔso dodo ma enti ɔno nko ara rentumi ntwa a, dɛn na obetumi ayɛ?

      1-3. (a) Sɛ okuafo nnɔbae dɔɔso dodo ma enti ɔno nko ara rentumi ntwa a, dɛn na ɔyɛ? (b) Ɔhaw bɛn na Yesu hyiae wɔ afe 33 Y.B. mu wɔ osutɔbere mu, na dɛn na ɔyɛe wɔ ho?

      NÁ OKUAFO bi ho akyere no paa. Abosome kakra a atwam no, ofuntum n’asaase guu aba wɔ so. Bere a aba no hyɛɛ ase fifii no, na ɔrehwɛ kwan denneennen sɛ ebenyin. Nkakrankakra aba no nyin bɛyɛɛ afifide kɛse, na ɛsow aba maa n’ani gyei. Afei, na twabere no adu. Ná bere aso sɛ onya adwumaden a ɔyɛe no nyinaa so mfaso. Nanso nea na ama okuafo no ho akyere no ne sɛ, na ne nnɔbae no dɔɔso dodo ma enti ɔno nko ara rentumi ntwa. Nea ɛbɛyɛ na wayi saa haw yi afi hɔ no, ɔyɛɛ n’ade nyansam. Ɔbɔɔ adwumayɛfo bi paa ma wɔbɛyɛɛ n’afuw no mu adwuma. Ná wei yɛ ne kwan so, efisɛ na bere a aka a ɔde betwa ne nnɔbae a ɛsom bo no sua.

      2 Biribi a ɛte saa sii wɔ osutɔbere mu, afe 33 Y.B. Saa bere no, Yesu a na wɔanyan no afi awufo mu no hyiaa ɔhaw a ɛte sɛ okuafo no de no. Bere a na ɔwɔ asaase so a ɔreyɛ ɔsom adwuma no, oguu nokware aba pii. Afei, na twabere adu, na na ne nnɔbae no nso dɔɔso. Nnipa pii a wɔtiee asɛm no, na ɛsɛ sɛ wɔboaboa wɔn ano ma wɔbɛyɛ n’asuafo. (Yohane 4:35-38) Dɛn na Yesu yɛe wɔ ɔhaw yi ho? Bere a aka kakra ma wakɔ soro no, ɔne n’asuafo no hyiae wɔ bepɔw bi so wɔ Galilea, na ɔmaa wɔn ahyɛde sɛ wɔnkɔhwehwɛ adwumayɛfo pii. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo, mommɔ wɔn asu . . . , monkyerɛkyerɛ wɔn mma wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.”—Mateo 28:19, 20.

      3 Sɛ obi betumi ayɛ Yesu Kristo kyidini mapa a, gye sɛ odi saa ahyɛde yi so. Enti momma yensusuw nsɛmmisa mmiɛnsa bi ho. Adɛn nti na Yesu kaa sɛ n’asuafo nkɔhwehwɛ adwumayɛfo pii? Ntetee bɛn na ɔde maa n’asuafo no na ama wɔatumi ayɛ saa adwuma no? Ahyɛde a Yesu de mae no fa yɛn ho sɛn?

      Nea Enti a Na Adwumayɛfo Pii Ho Hia

      4, 5. Adɛn nti na na Yesu rentumi nwie adwuma a ofii ase no, na henanom na na wɔbɛtoa so bere a wasan kɔ soro no?

      4 Bere a Yesu fii ne som adwuma ase wɔ afe 29 Y.B. mu no, na onim sɛ adwuma a ɔrefi ase no, ɔno nko ara rentumi nyɛ nwie. Esiane sɛ na aka bere tiaa bi ama wafi asaase so nti, na ɔrentumi nka Ahenni asɛm no nkyerɛ obiara wɔ baabiara. Ɛwom, ɔkaa asɛm no kyerɛɛ “Israel fi nguan a wɔayera no” titiriw, kyerɛ sɛ, Yudafo ne amanaman mufo a wɔabɛyɛ Yudafo no. (Mateo 15:24) Nanso, saa “nguan a wɔayera no,” na wɔapete Israel man no mu nyinaa. Yɛreka yi nso, na Israel man no sõ. Ɛno pa ho a, na ɛsɛ sɛ wɔka asɛmpa no kyerɛ nnipa a wɔwɔ wiase afanan nyinaa nso.—Mateo 13:38; 24:14.

  • ‘Monkɔ Nkɔyɛ Asuafo’
    “Bra Bedi M’akyi”
    • Adwuma a Ɛsɛ Sɛ Yɛn Nyinaa Yɛ Bi

      14. Dɛn na ɛma yehu sɛ ahyɛde a ɛwɔ Mateo 28:18-20 no fa Kristo akyidifo nyinaa ho? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)

      14 Yesu a wɔanyan no no de asɛyɛde a emu yɛ duru hyɛɛ n’akyidifo nsa. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Monkɔ nkɔyɛ asuafo.’ Ɛnyɛ asuafo a na ɔne wɔn wɔ Galilea bepɔw no so saa da no nko ara ho adwene na na ɛwɔ ne tirim.c Adwuma a ɔde hyɛɛ wɔn nsa no, nea na ɛkyerɛ ne sɛ, wɔnka asɛm no nkyerɛ nnipa a wɔwɔ “aman nyinaa” mu, na na saa asɛnka adwuma no bɛkɔ so ara akosi “wiase yi awiei bere.” Biribiara kyerɛ sɛ, saa ahyɛde no kɔ ma Kristo akyidifo nyinaa, na yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ nso ka ho. Enti momma yɛnto yɛn bo ase nhwehwɛ Yesu asɛm a ɛwɔ Mateo 28:18-20 no mu.

  • ‘Monkɔ Nkɔyɛ Asuafo’
    “Bra Bedi M’akyi”
    • 19. Dɛn na yɛkyerɛkyerɛ wɔn a wɔyɛ asuafo foforo no, na adɛn nti na sɛ wɔbɔ asu wie mpo a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so kyerɛkyerɛ wɔn?

      19 Yesu kyerɛkyerɛɛ adwuma no fã a edi hɔ no mu sɛ: “Monkyerɛkyerɛ wɔn mma wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.” (Nkyekyɛm 20) Yɛkyerɛkyerɛ asuafo foforo ma wɔdi Yesu ahyɛde so. Ahyɛde no bi ne sɛ wɔbɛdɔ Onyankopɔn, wɔbɛdɔ wɔn yɔnko, na wɔayɛ afoforo asuafo. (Mateo 22:37-39) Bible mu nokware a wɔresua no ne nneɛma a wɔabegye adi no, yɛboa wɔn nkakrankakra ma wɔhu sɛnea wɔbɛkyerɛkyerɛ mu akyerɛ afoforo. Sɛ wɔma wɔn kwan sɛ wɔnkɔ asɛnka a, yɛne wɔn bom yɛ adwuma, na yɛde yɛn kasa ne yɛn nneyɛe boa wɔn ma wɔtumi yɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu. Sɛ yɛboa afoforo ma wɔbɔ asu a, ɛno nkyerɛ sɛ yɛawie ɔkyerɛkyerɛ adwuma no. Ebia asuafo a wɔabɔ asu foforo no bɛkɔ so ahia akwankyerɛ ne mmoa na ama wɔatumi adi Kristo akyi, ɛmfa ho ɔhaw a wɔbehyia no.—Luka 9:23, 24.

      “Me Ne Mo Wɔ Hɔ Nna Nyinaa”

      20, 21. (a) Sɛ yɛreyɛ adwuma a Yesu de ahyɛ yɛn nsa no a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yesuro? (b) Ɛnyɛ saa bere yi na ɛsɛ sɛ yɛtew da. Adɛn ntia? Ɛdɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?

      20 Nsɛm a etwa to a ɛwɔ Yesu ahyɛde no mu no ma yenya awerɛhyem paa. Ɔkaa sɛ: “Hwɛ! me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa kosi wiase yi awiei bere.” (Mateo 28:20) Ná Yesu nim sɛ adwuma yi ho hia paa. Ná onim nso sɛ ɛtɔ da a adwuma yi nti, asɔretiafo bɛtan n’akyidifo ani. (Luka 21:12) Nanso, ɛnsɛ sɛ yesuro ɔkwan biara so. Yɛn Kannifo no nhwɛ kwan sɛ yɛn nko ara bɛyɛ adwuma no a obiara mmoa yɛn. Nea “wɔde ɔsoro ne asaase so tumi nyinaa” ama no no ka yɛn ho, na ɔbɛboa yɛn ama yɛayɛ adwuma a ɔde ahyɛ yɛn nsa yi. Wei ma yɛn koma tɔ yɛn yam paa.

      21 Yesu maa n’asuafo no awerɛhyem sɛ ɔbɛka wɔn ho wɔ asɛnka adwuma no mu mfe pii de akosi “wiase yi awiei bere.” Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ adwuma a Yesu de ahyɛ yɛn nsa no kosi sɛ awiei no bɛba. Ɛnyɛ saa bere yi na ɛsɛ sɛ yɛtew da. Honhom fam otwa adwuma kɛse bi rekɔ so! Wɔreboaboa nnipa pii a wɔretie asɛm no ano. Yɛyɛ Kristo akyidifo, enti momma yɛnyere yɛn ho nyɛ adwuma a ɛho hia a ɔde ahyɛ yɛn nsa no. Momma yensi yɛn bo sɛ yɛde yɛn bere ne yɛn ahoɔden nyinaa bedi Kristo ahyɛde a ɔde maa yɛn yi so: ‘Monkɔ nkɔyɛ asuafo.’

Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena