Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Dɛn Ne Asubɔ?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
    • Wɔde honhom kronkron bɔ ebinom asu. Yohane Suboni no ne Yesu Kristo nyinaa kaa honhom kronkron a wɔde bɔ obi asu ho asɛm. (Mateo 3:11; Luka 3:16; Asomafo Nnwuma 1:1-5) Ɛsono saa asubɔ no, ɛnna ɛsono sɛ wɔrebɔ obi asu wɔ honhom kronkron din mu. (Mateo 28:19) Adɛn ntia?

      Yesu akyidifo kakraa bi pɛ na wɔde honhom kronkron bɔ wɔn asu. Wɔde honhom kronkron sra saa nkurɔfo no, efisɛ wɔafrɛ wɔn sɛ wɔmmɛka Kristo ho wɔ soro na wɔne no nni asaase so tumi sɛ ahemfo ne asɔfo.f (1 Petro 1:3, 4; Adiyisɛm 5:9, 10) Nkurɔfo a wɔbedi wɔn so tumi no, wɔn ne Yesu akyidifo a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena ase daa wɔ Paradise asaase so no.—Mateo 5:5; Luka 23:43.

  • Dɛn Ne Asubɔ?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
    • Wɔde ogya bɔ ebinom asu. Yohane Suboni no ka kyerɛɛ nkurɔfo a na wɔretie asɛm a ɔreka no sɛ: “Ɔno [kyerɛ sɛ, Yesu,] na ɔde honhom kronkron ne ogya bɛbɔ mo asu. Ne sofi a ɔde huw hwiit so kura ne nsam, na ɔbɛpra n’awiporowbea hɔ fitafita, na waboaboa ne hwiit ano agu adekoradan mu, na ntɛtɛwa no de, ɔde ogya a ennum da bɛhyew.” (Mateo 3:11, 12) Hyɛ no nsow sɛ, ɛsono ogya a wɔde bɔ obi asu, ɛnna ɛsono honhom kronkron a wɔde bɔ obi asu. Mfatoho a Yohane de mae no, na ɔde rekyerɛ dɛn?

      Hwiit no gyina hɔ ma nkurɔfo a wɔbetie Yesu asɛm na wɔde ayɛ adwuma. Saa nkurɔfo no na wɔbetumi de honhom kronkron abɔ wɔn asu. Ntɛtɛwa no nso gyina hɔ ma nkurɔfo a wɔrentie Yesu asɛm. Wɔn na wɔde ogya bɛbɔ wɔn asu, a nea ɛkyerɛ ne sɛ, wɔbɛsɛe wɔn afebɔɔ.—Mateo 3:7-12; Luka 3:16, 17.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena