Nya Akokoduru Na Wo Ne Onyankopɔn Nnantew Ɛho Nhwehwɛmu ƆFÃ 3
TI 41
‘Ná Wɔteɛ Wɔ Onyankopɔn Anim’
it “Obi a Asɛm Biara Nni Ne Ho” ¶2-wcgr
Obi a Asɛm Biara Nni Ne Ho
Sɛ yɛka obi ho asɛm sɛ “asɛm biara nni ne ho” a, ɛnkyerɛ sɛ n’asetenam nyinaa otumi yɛ ne biribiara pɛpɛɛpɛ na bɔne ketekete koraa nni ne ho. Bere a Hiob rehu amane no, ɔkekaa nsɛm bi a ɛmfata faa Yehowa ho. Nsɛm a ɔkae no bi fa sɛnea ade nyinaa so Tumfoɔ Yehowa bu atreneefo ho. (Hio 9:20-22) Osuboni Yohane papa Sakaria nso, bere a Yehowa somaa ɔbɔfo Gabriel kɔɔ ne nkyɛn no, wannye ne nsɛm no anni. (Lu 1:18-20) Ne nyinaa akyi no, Bible ka Hiob ne Sakaria ho asɛm sɛ na asɛm biara nni wɔn ho. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, na bɔne wɔ wɔn ho de, nanso wɔdii nokware, na wɔyɛɛ nea Yehowa pɛ.—Hio 1:1; Lu 1:6.
it “Gabriel” ¶2-3-wcgr
Gabriel
Sɛ wuyi ɔbɔfo Mikael a, Onyankopɔn bɔfo foforo a Bible bɔ ne din ne Gabriel. Ɔno nko ara ne Onyankopɔn bɔfo a Bible ka sɛ ɔbɔɔ ne din kyerɛɛ nnipa. Mprenu na ɔbɔfo Gabriel yii ne ho adi kyerɛɛ Daniel. Bere a edi kan no, ɔkɔɔ Daniel nkyɛn wɔ Asubɔnten Ulai ho sɛ anisoadehu a ɛfa ɔpapo ne odwennini ho no, ɔrekɔkyerɛkyerɛ mu akyerɛ no. Ná ɛyɛ “Ɔhene Belsasar ahenni afe a ɛto so abiɛsa.” (Da 8:1, 15-26) Bere a ɛtɔ so mmienu a ɔkɔɔ Daniel hɔ no nso, na ɛyɛ ‘Mediani Dario afe a edi kan’ mu. Gabriel kɔɔ Daniel nkyɛn sɛ ɔrekɔkyerɛkyerɛ “nnawɔtwe 70” ho nkɔmhyɛ no mu akyerɛ no. (Da 9:1, 20-27) Bere foforo nso, ɔbɔfo Gabriel kɔkaa asɛmpa bi kyerɛɛ ɔsɔfo Sakaria ne ne yere Elisabet. Ɛwom sɛ na wɔn mfe kɔ anim de, nanso Gabriel ka kyerɛɛ Sakaria sɛ wɔbɛwo ɔbabarima, na wɔbɛfrɛ no Yohane (Osuboni). (Lu 1:11-20) Ɔbaabun Maria a na Yosef rebɛware no no nso, Gabriel kɔɔ ne nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Asomdwoe nka wo, wo a wɔahyira wo, Yehowa ka wo ho.” Afei ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔbɛwo babarima na wɔafrɛ no Yesu, “ɔbɛyɛ onipa titiriw, na wɔbɛfrɛ no Ɔsorosoroni no Ba, na Yehowa Nyankopɔn de n’agya Dawid ahengua bɛma no, . . . na n’Ahenni remma awiei da.”—Lu 1:26-38.
Bible ma yehu sɛ Gabriel yɛ ɔbɔfo a ɔwɔ dibea kɛse, na ɔka abɔfo a wɔbɛn Onyankopɔn paa no ho. Bible ka ne ho asɛm sɛ, “Nea ogyina Onyankopɔn anim.” Afei nso, Onyankopɔn “somaa” no ma ɔde nkrasɛm a ɛho hia paa brɛɛ n’asomfo a wɔwɔ asaase so. (Lu 1:19, 26) Bible ma yehu sɛ bere a Daniel huu Gabriel no, ‘wohwɛ no a, na ɔte sɛ ɔbarima,’ na ne din asekyerɛ nso ne no.—Da 8:15.
it “Yohane” ¶1-wcgr
Yohane
[Edin Yohane no fi edin Yehohanan mu, na nea ɛkyerɛ ne “Yehowa Adom Ada Adi” anaa “Yehowa Ada Ayamye Kɛse Adi”].
w08 3/15 30 ¶6
Luka Nhoma no Mu Nsɛntitiriw
1:62—So Sakaria tɔɔ mum, na n’aso siwii? Dabi. Kasa na na ontumi nkasa. Afoforo de “nsɛnkyerɛnne” bisaa edin a na ɔpɛ sɛ ɔde to abofra no, nanso na ɛno nkyerɛ sɛ Sakaria aso asiw. Ɛda adi sɛ, Sakaria tee edin a ne yere kae sɛ wɔmfa nto wɔn ba no. Ebia nkurɔfo no yɛɛ sɛnkyerɛnne bi de bisaa Sakaria eyi ho asɛm. Nokwasɛm a ɛne sɛ, Sakaria ano nkutoo na na ɛsɛ sɛ wobue ma otumi kasa no kyerɛ sɛ na n’aso nsiwii.—Luka 1:13, 18-20, 60-64.
w23.10 14-15 ¶10-14
“Ɔbɛma Moayɛ Den”—Ɔbɛyɛ No Sɛn?
10 Yehowa betumi afa yɛn nuanom Kristofo so ahyɛ yɛn den. Sɛ yɛrehyia sɔhwɛ bi anaa wɔama yɛn dwumadi bi a ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛyɛ a, wɔbetumi ‘akyekye yɛn werɛ paa’ anaa wɔbetumi ahyɛ yɛn nkuran. (Kol. 4:10, 11) “Amanehunu bere” mu paa na yehia nnamfo. (Mmeb. 17:17) Sɛ yɛte nka sɛ yɛayɛ hahaaha a, yɛn nuanom Kristofo betumi aboa yɛn ama yɛanya nea yehia, wɔakyekye yɛn werɛ, na wɔahyɛ yɛn nkuran ma yɛakɔ so asom Yehowa. Momma yɛnhwɛ sɛnea afoforo hyɛɛ Yesu maame Maria den.
11 Ná Maria hia akokoduru na watumi ayɛ Yehowa apɛde. Bere a ɔbɔfo Gabriel de adwumasono bi hyɛɛ ne nsa no, ɛbɛyɛ sɛ ɔtee nka sɛ adwuma no so kyɛn no. Ná ɔnwaree, nso ɔbɔfo no kaa sɛ obenyinsɛn. Ná ɔnwoo da na kampɛsɛ watete mma, nanso na ɛsɛ sɛ ɔtete abarimaa a na ɔbɛba abɛyɛ Mesia no. Afei nso, na Maria ne ɔbarima biara nnae da, enti na ɔbɛyɛ dɛn akyerɛkyerɛ wei nyinaa mu akyerɛ Yosef a na ɔrebɛware no no?—Luka 1:26-33.
12 Ɛyɛɛ dɛn na Maria nyaa akokoduru de yɛɛ saa adwumasono yi? Ɔmaa afoforo boaa no. Ɔka kyerɛɛ Gabriel sɛ ɔnkyerɛkyerɛ adwuma no mu yiye nkyerɛ no. (Luka 1:34) Ɛno akyi bere tiaa bi no, otuu kwan kɔɔ “Yuda kurow bi mu wɔ bepɔw so” kɔsraa ne busuani Elisabet. Saa nsrahwɛ no boaa Maria paa. Elisabet kamfoo Maria, na Yehowa ma ɔhyɛɛ abofra a na ɔhyɛ Maria yam no ho nkɔm. (Kenkan Luka 1:39-45.) Maria kaa sɛ Yehowa de “ne basa ayɛ nneɛma akɛse.” (Luka 1:46-51) Yehowa nam Gabriel ne Elisabet so hyɛɛ Maria den.
13 Sɛnea Maria yɛe no, wo nso wubetumi ama wo nuanom Kristofo ahyɛ wo den. Ná onuawa bi a ne din de Dasuri a ɔwɔ Bolivia no hia mmoa a ɛte saa. Owuyare bi bɔɔ ne papa ma wɔgyee no too ayaresabea, na ɔno ara fa too ne ho so sɛ ɔbɛhwɛ no. (1 Tim. 5:4) Ɛnyɛ bere nyinaa na na ɛyɛ mmerɛw ma no. Dasuri ka sɛ, “Mpɛn pii no, na mete nka sɛ mabrɛ, enti merentumi ntoa so.” Ɔhwehwɛɛ mmoa anaa? Mfiase no de, wanyɛ saa. Ɔkyerɛ mu sɛ, “Ná mempɛ sɛ mɛhaw anuanom. Mekaa no me tirim sɛ, ‘Yehowa na ɔbɛboa me.’ Nanso mibehui sɛ, sɛ metwe me ho fi afoforo ho a, ɛkyerɛ sɛ me nko ara mepɛ sɛ mesoa m’adesoa.” (Mmeb. 18:1) Dasuri yɛe sɛ ɔbɛkyerɛw ne nnamfo no bi na wakyerɛkyerɛ ne haw no mu akyerɛ wɔn. Ɔka sɛ, “Sɛnea me nuanom Kristofo hyɛɛ me den no, minhu sɛnea menkyerɛ mu mpo. Wɔbrɛɛ me aduan wɔ ayaresabea hɔ, na wɔkenkan Bible mu nsɛm kyekyee me werɛ. Sɛ yehu sɛ ɛnkaa yɛn nko ara a, ɛma yɛn ani gye paa. Yɛda Yehowa abusua kɛse mu, na obiara a ɔwɔ abusua no mu ayɛ krado sɛ ɔbɛboa yɛn. Sɛ yɛrehu amane nso a, wɔbɛka yɛn ho, na wɔahyɛ yɛn nkuran ma yɛakɔ so asom Yehowa.”
14 Ɔkwan foforo a Yehowa fa so ma yɛyɛ den ne sɛ, ɔfa asafo mu mpanyimfo no so. Ɔnam wɔn so hyɛ yɛn den, na wɔma yɛn ho dwo yɛn. (Yes. 32:1, 2) Enti, sɛ dadwen hyɛ wo so a, ka ho asɛm kyerɛ mpanyimfo no. Mmoa a wɔpɛ sɛ wɔde ma wo no, ma w’ani nsɔ na gye tom. Yehowa nam wɔn so betumi ama woayɛ den.
TI 42
Onyaa Akokoduru Gyee Pene
g 4/11 11 ¶4-5-wcgr
Nhoma a Wubetumi Agye Emu Nsɛm Adi—Ɔfã 6
Bible ma yehu nsɛm bi a esisii bere a na Romafo di tumi no. Emu baako ne bere a wɔrebɛwo Yesu no. Bible ka ho asɛm sɛ: “Nna no mu no, Kaesare Augusto hyɛɛ mmara sɛ wɔnkyerɛw asaase sofo nyinaa din. (Dinkyerɛw a edi kan yi kɔɔ so bere a na Kirenio yɛ Siria amrado no.) Na nnipa no nyinaa kɔɔ wɔn kurom kɔkyerɛw wɔn din.”—Luka 2:1-3.
Romani abakɔsɛm kyerɛwfo Tacitus ne Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus nyinaa bɔɔ Kirenio din kaa asɛm. Afei nso, wɔakora mmara bi a Roma amrado bi hyɛe so wɔ Britain Nhomakorabea, na ɛma yehu sɛ ɛyɛ nokware sɛ na dinkyerɛw a ɛte saa kɔ so. Emu nsɛm no kenkan sɛ: “Yɛahu sɛ bere aso sɛ wɔkan nnipa wɔ afie afie, enti ɛho hia sɛ yɛma obiara a biribi nti watu afi ne kurom no san kɔ ne kurom.”
ia 153-155 ¶4-7
“Odwinnwen Ho Ne Koma Mu”
4 Ɛnyɛ Yosef ne Maria nkutoo na na wɔretu kwan no. Ná ɛnkyɛe koraa na na Kaesare Augusto ahyɛ mmara sɛ ne manfo nyinaa nkɔkyerɛw wɔn din ma enti na ɛsɛ sɛ nkurɔfo tu kwan kɔ wɔn kurom kɔyɛ saa. Yosef yɛɛ n’ade dɛn wɔ ho? Kyerɛwtohɔ no kenkan sɛ: “Yosef nso fii Nasaret a ɛwɔ Galilea kɔɔ Yudea, na esiane sɛ ofi Dawid fie ne n’abusua mu nti, ɔkɔɔ Dawid kurow a wɔfrɛ no Betlehem mu.”—Luka 2:1-4.
5 Kaesare mmara no ne asɛm yi anhyia ara kwa. Ná nkɔmhyɛ bi a wɔadi kan akyerɛw bɛyɛ mfe 700 a atwam no aka ato hɔ sɛ wɔbɛwo Mesia no wɔ Betlehem. Asɛm no ne sɛ, na kurow bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Betlehem a efi Nasaret rekɔ hɔ yɛ kilomita 11 pɛ. Nanso, nkɔmhyɛ no kyerɛe pɔtee sɛ na Mesia no befi “Betlehem Efrata.” (Monkenkan Mika 5:2.) Sɛ na akwantufo fi Nasaret rekɔ saa akuraa ketewaa no ase a, na wotwa bɛyɛ kilomita 130 kɔfa Samaria mmepɔw no mu. Saa akuraa no ne Betlehem a wɔka kyerɛɛ Yosef sɛ ɔnkɔ no, efisɛ na ɛyɛ abusua a Ɔhene Dawid fi mu no kurom—abusua yi mu na na Yosef ne ne yere nso fi.
6 So na Maria bɛboa Yosef ma wɔadi ahyɛde yi so? Sɛnea ɛte biara no, na akwantu no bɛyɛ den ama Maria. Ɛbɛyɛ sɛ wofii akwantu yi ase wɔ otwabere mfiase ma enti bere a na ɔpɛ bere retwam no, na osu betumi apetepete. Bio nso, na Betlehem da bepɔw a ne tenten bɛyɛ mita 760 so. Esiane sɛ na wobetwa kwan nna pii nti, na bepɔw no foro bɛyɛ den paa. Ebia na ebegye nna pii asen sɛnea anka wobedi, efisɛ na Maria tebea no bɛhwehwɛ sɛ wɔhome mpɛn pii wɔ kwan so. Mpɛn pii no, sɛ ababaa bi regye nna awo a, n’ani begye ho sɛ ɔbɛbɛn ne kurom, baabi a n’abusuafo ne ne nnamfo betumi aboa no bere a n’awo adu so no. Akyinnye biara nni ho sɛ, na ɛsɛ sɛ Maria nya akokoduru na watumi atu saa kwan yi.
7 Nanso, Luka bɔ amanneɛ sɛ Yosef ‘kɔkyerɛw ɔne Maria din.’ Afei nso ɔkae sɛ, na wɔde ‘Maria ama Yosef aware sɛnea na wɔahyɛ no bɔ no.’ (Luka 2:4, 5) Esiane sɛ na Yosef aware Maria nti, na Maria nkutoo ntumi nsisi gyinae. Obuu ne kunu no sɛ abusua no ti ma enti ogyee asɛyɛde a Onyankopɔn de ama no sɛ ɔmmoa ne kunu wɔ ne gyinaesi mu no toom. Enti, ɔyɛɛ osetie de gyinaa ade a na anka ebetumi ayɛ ne gyidi ho sɔhwɛ no ano.
w08 3/15 31 ¶1
Luka Nhoma no Mu Nsɛntitiriw
2:35—Ɔkwan bɛn so na na “nkrante tenten” behwirew Maria kra mu? Ná eyi kyerɛ amanehunu a Maria bɛfa mu bere a obehu sɛ nnipa dodow no ara nnye Yesu ntom sɛ ɔno ne Mesia no, ɛne awerɛhow a na obedi bere a na wobekum Yesu yayaayaw no.—Yoh. 19:25.
w18.07 10 ¶14
Hena Na Wopɛ Sɛ Ogye Wo Tom?
14 Maria nso ɛ? Yehowa kɔɔ so hyɛɛ Maria anuonyam sɛ́ ɔde nokwaredi hwɛɛ Yesu na ɔtetee no anaa? Yiw, ɔyɛɛ saa. Onyankopɔn ma wɔkyerɛw nneɛma a Maria yɛe ne nsɛm a ɔkae wɔ Bible mu. Ɛbɛyɛ sɛ, mfe mmiɛnsa ne fã a Yesu de tutuu akwan kaa asɛmpa no, Maria antumi ne no ankɔ. Esiane sɛ ebia na Maria yɛ okunafo nti, na ɛsɛ sɛ ɔtena Nasaret. Ɛwom sɛ nneɛma pii kɔɔ so a Maria anhu de, nanso bere a Yesu rewu no, na ɔwɔ ne nkyɛn. (Yoh. 19:26) Nanso akyiri yi, aka nna kakra ama Pentekoste afahyɛ no adu, bere a wohwiee honhom kronkron guu asuafo no so no, na Maria ka asuafo no ho wɔ Yerusalem. (Aso. 1:13, 14) Yebetumi aka pa ara sɛ na Maria ka asuafo a wɔde honhom kronkron sraa wɔn no ho. Sɛ ɛbaa saa a, ɛnde onyaa hokwan sɛ ɔbɛkɔ akɔka Yesu ho wɔ soro na ɔne no atena daa. Nokwaredi a ɔde somee ho akatua pa bɛn ara ni!
w09-E 1/1 5 ¶5–6 ¶2-wcgr
Nea Yebetumi Asua Afi Maria Asɛm No Mu
Sɛ wohwɛ Nsɛmpa nnan no mu a, baabi a ɛka Maria ho asɛm paa yɛ bere a na wɔrebɛwo Yesu kosi Yesu mmofraase. Efi hɔ rekɔ no de, ɛnhyɛ da nka Maria ho nsɛm pii. Nanso Bible ma yehu sɛ, anyɛ yiye koraa no, ɔne Yosef woo mmofra nsia kaa Yesu ho. Ebia obi te a, ɛbɛyɛ no nwanwa. Nanso ma yɛnkɔhwɛ nea Nsɛmpa nnan no ka fa wei ho.
Hokwan a Maria nyae sɛ ɔbɛwo Onyankopɔn Ba no, na Yosef mpɛ sɛ ɔbɛyɛ biribiara de abu saa hokwan no animtiaa. Enti, ɔne Maria anna kosii sɛ wɔwoo Yesu. Mateo 1:25 ka Yosef ho asɛm sɛ “ɔne no anna kosii sɛ ɔwoo ɔbabarima.” Asɛm a ɛne “kosii sɛ” a wɔde dii dwuma no ma yehu sɛ, Yesu awo akyi no, Yosef ne Maria fii ase dae sɛnea awarefo yɛ no. Enti sɛnea Nsɛmpa no ka no, Yesu akyi no, Maria ne Yosef woo mma mmarima ne mma mmea. Ne mma mmarima no din ne Yakobo, Yosef, Simon, ne Yuda. Anyɛ yiye koraa no, ɔwoo mma mmea nso mmienu. (Mateo 13:55, 56) Ne mma a ɔwoo wɔn wɔ Yesu akyi no nyinaa, ɔne ne kunu Yosef na enyinsɛn woo wɔn.
Ná Maria mfa Onyankopɔn som nni agorɔ koraa. Ɛwom, Onyankopɔn Mmara anka sɛ mmea no nka mmarima no ho nkodi Twam Afahyɛ no bi, nanso afe biara, na Maria di Yosef akyi kɔ Yerusalem kodi afahyɛ no bi. (Luka 2:41) Ɔkwan a na wɔbetwa akɔ Yerusalem asan de aba no, na ne tenten yɛ bɛyɛ akwansin 190 (anaa kilomita 300), nanso afe biara, na wɔne wɔn mma nkumaa no bom kɔ! Ɛwom sɛ na ɔkwan no twa nna fam de, nanso na Maria ne n’abusua no ani gye paa.
Ɛnnɛ, mmea pii di nhwɛso pa a Maria yɛe no akyi. Esiane sɛ wɔsuasua Maria nti, wɔde nea wɔpɛ to nkyɛn de Onyankopɔn som din kan wɔ wɔn asetenam. Wei ama wɔayɛ ɔyere pa ne ɛna pa. Saa mmea yi brɛ wɔn ho ase, wɔwɔ abotare, na sɛ wɔrefa ɔhaw mu nso a, wɔmia wɔn ani gyina mu! Sɛnea na ɛte wɔ Maria fam no, saa mmea yi nim sɛ, sɛ wɔne wɔn kununom ne wɔn mma bom som Onyankopɔn a, ɛhyɛ wɔn mmusua den, na ɛma wɔyɛ baako.
TI 43
Ná Adwuma No Sõ Nanso Ɔyɛe
w17.08 32 ¶4
Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
Mateo ne Luka kaa anato ho asɛm wɔ Nsɛmpa a wɔkyerɛwee no mu. Ɛno nso, nsonsonoe wom. Mateo de n’adwene sii Yosef anato so, na ɔkyerɛe sɛ esiane sɛ Yosef na ɔtetee Yesu nti, mmara ma kwan sɛ Yesu di Dawid ade. Adɛn ntia? Ná Yosef fi Solomon a ɔyɛ Dawid ba no abusua mu. Enti na ɔyɛ Ɔhene Dawid aseni. (Mat. 1:6, 16) Nanso ɛda adi sɛ Luka de n’adwene sii Maria anato so, na ɔkyerɛe sɛ Yesu fi awo mu fata sɛ odi Dawid ade wɔ “ɔhonam mu.” (Rom. 1:3) Adɛn ntia? Ná Maria fi Natan a ɔyɛ Dawid ba no awo ntoatoaso mu. Enti na ɔyɛ Ɔhene Dawid aseni. (Luka 3:31) Nanso anato a Luka kyerɛwee no, wammɔ Maria din sɛ ɔyɛ Heli babea. Adɛn ntia? Efisɛ saa bere no, sɛ wɔreyɛ obi anato ho kyerɛwtohɔ a, mmarima din na na wɔbɔ. Enti bere a Luka kae sɛ Yosef yɛ Heli ba no, na ɛkyerɛ sɛ Yosef ware Heli babea.—Luka 3:23.
w03 12/15 5 ¶5
Yesu Honam Fam Abusuafo a Yebesuasua Wɔn
Yosef ne Maria anhyiam kosii sɛ ɔwoo ne ba no. (Mateo 1:25) Saa bere no na wɔaware foforo, na na wɔn ho a wɔbɛtwe afi nna ho no renyɛ mmerɛw, nanso ɛda adi sɛ na wɔmpɛ sɛ ntawntawdi biara bɛsɔre wɔ nea ɔyɛ abofra no Agya ho. Ahosodi ho nhwɛso a ɛyɛ nwonwa bɛn ara ni! Yosef de honhom fam nneɛma dii n’apɛde kan.
ia 166-167 ¶15-18
Ɔbɔɔ N’abusua Ho Ban, Ɔhwɛɛ Wɔn, Wampa Abaw
15 Wɔyɛɛ wɔn ho awiɛmfoɔ, nanso na asetena mu yɛ den ma wɔn. Bible frɛ Yosef sɛ duadwumfo. Asɛmfua a wɔde dii dwuma no kyerɛ obi a ɔyɛ nnua ho adwuma te sɛ obi a obu nnua na ɔtwe, ɔhata ma emu nsu twe na ɔde sisi adan, de yɛ ahyɛmma, yɛ atwene nketewa, nteaseɛnam, ntwahonan, kɔndua, ne nnwinnade a wɔde yɛ kuadwuma nyinaa. (Mat. 13:55) Ná ɛyɛ adwumaden paa. Wɔ bere a na wɔrekyerɛw Bible no mu no, na duadwumfo taa yɛ adwuma wɔ ne fie aboboano anaa adwumayɛbea a ɛbɛn ne fie.
16 Yosef de nnwinnade pii yɛɛ adwuma, na ebi wɔ hɔ a ɛbɛyɛ sɛ ne papa na ɔde gyaw no. Nnwinnade a ebia ɔde yɛɛ adwuma no bi ne nea wɔde hwɛ sɛ biribi teɛ, prumo, susuhama, akuma, sradaa, asae, abɔsobaa, ɔbɔe, ade a wɔde tu nneɛma mu ntokuru, amane, ne ebia nnadewa a na ne bo yɛ den.
17 Fa w’adwene bu Yesu a ɔyɛ abarimaa no sɛ ɔrehwɛ ne papa Yosef a na ɔretete no no sɛ ɔreyɛ adwuma. Ɔhãã n’ani hwɛ nea Yosef reyɛ biara. Akyinnye biara nni ho sɛ, sɛ ɔhwɛ ne papa mmati akɛse ne n’abasa ho ntini, ne sɛnea wagyen n’ani de ne nsa reyɛ adwuma ahokokwaw so no a, na n’ani gye. Ɛbɛyɛ sɛ Yosef fii ase kyerɛɛ ne ba kumaa no nneɛma nketenkete bi te sɛ sɛnea wɔde apataa abona a awo twitwiw dua ho ma ɛho yɛ toromtorom. Ebetumi aba sɛ ɔkyerɛɛ Yesu nsonsonoe a ɛwɔ nnua a ɔde yɛ adwuma no mu. Ebi ne ankye, odum, anaa ngodua.
18 Afei nso, Yesu hui sɛ Yosef nsa a ahoɔden wom a na ɔde bu nnua paapaee de keka ntaboo asinasin sisi anim no, ɛno ara na na ɔde gyigye ɔno ne ne nuanom brɛbrɛ, na ɔde kyekye wɔne wɔn maame werɛ. Nokwarem no, Yosef ne Maria abusua no kɔɔ so yɛɛ kɛse kosii sɛ awiei koraa no, wobenyaa mma baasia kaa Yesu ho. (Mat. 13:55, 56) Ná ɛsɛ sɛ Yosef yere ne ho yɛ adwumaden de hwɛ wɔn nyinaa.
w17.07 13 ¶8, ase hɔ asɛm
“Mo ne Wɔn a Wosu Nsu”
8 Bere a Yesu yɛ abofra no, akyinnye biara nni ho sɛ n’abusuafo ne ne nnamfo binom wuwui. Bere a Yosef a ɔtetee Yesu wui no, ɛbɛyɛ sɛ na Yesu da so ara yɛ aberantewaa anaa na wadi mfe 20 ne kakra. Wo ara hwɛ aberantewaa a odwen nnipa ho sei a ɔredi awerɛhow na ɔresan akyekye ne maame ne ne nuanom mmea ne mmarima werɛ.
[Ase hɔ asɛm]
Bere a etwa to a Bible kaa Yosef ho asɛm no, na Yesu adi mfe 12. Yesu anwonwade a edi kan no, ɔmaa nsu danee nsã. Saa bere no, yɛante sɛ na Yosef wɔ hɔ. Ɛno akyi nso Bible no nka ne ho asɛm. Bere a wɔbɔɔ Yesu asɛndua mu no, ɔde Maria hyɛɛ ɔsomafo Yohane nsa sɛ ɔnhwɛ no. Sɛ Yosef te ase a, yennye nni sɛ anka Yesu bɛyɛ saa.—Yoh. 19:26, 27.
w23.10 8-10 ¶9-14
‘W’aso Yɛ Mmerɛw’ Anaa?
9 Nnipa bebree gye tom sɛ aban anaa “atumfo a wɔkorɔn no,” yehia wɔn, na anyɛ yiye koraa no, mmara a wɔhyehyɛ no bi wɔ hɔ a, ɛsɛ sɛ yedi so. (Rom. 13:1) Nanso saa nkurɔfo yi ara, sɛ aban no hyɛ mmara bi na wɔmpɛ anaa asɛ ntease nnim a, ɛyɛ a wɔmpɛ sɛ wɔdi so. Yɛmfa towtua nyɛ nhwɛso. Ɔman bi a ɛwɔ Europe no, nnipa a ɛwɔ hɔ no pii susuw sɛ, “sɛ aban no ka sɛ ɔmanfo ntua tow bi, na wohwɛ na ntease nnim a, wubetumi aka sɛ worentua.” Enti saa ɔman no mu no, tow a aban no hwehwɛ sɛ ɔmanfo tua no, wokyɛ mu mmiɛnsa a, emu mmienu na aban no nsa ka.
10 Bible ma yehu sɛ nnipa aban ma yehu amane. Afei nso, ɛka sɛ Satan na ɛkyerɛ nnipa aban no kwan, na ɛrenkyɛ Onyankopɔn bɛsɛe ne nyinaa. (Dw. 110:5, 6; Ɔsɛnk. 8:9; Luka 4:5, 6) Bible san ma yehu sɛ, “obiara a ɔsɔre tia atumfo no, ɔsɔre tia Onyankopɔn nhyehyɛe.” Atumfoɔ a wɔkorɔn no, Yehowa na ama wɔn kwan sɛ wɔnni tumi na wɔnhwɛ ntoto nneɛma yiye, enti sɛ wɔhyɛ mmara na entia Yehowa mmara a, ɔhwɛ kwan sɛ yebedi so. Enti ɛsɛ sɛ ‘yɛde nea ɛyɛ obiara de ma no.’ Ebi ne sɛ yebetua tow, yɛde obu bɛma atumfoɔ no, na yɛayɛ osetie ama wɔn. (Rom. 13:1-7) Ebia mmara bi a wɔahyɛ no, yebehu no sɛ ɛma yɛn ho kyere yɛn, ntease nnim anaa yedi so a ɛbɛma yɛn ho akodi mu paa. Nanso Yehowa se yentie wɔn, enti sɛ wɔhyɛ mmara na entia Onyankopɔn mmara a, ɛsɛ sɛ yedi so.—Aso. 5:29.
11 Yebetumi asua biribi afi Yosef ne Maria nhwɛso no mu. Bere a atumfoɔ a wɔkorɔn no hyɛɛ mmara bi a na ɛbɛma wɔn ho akyere wɔn mpo no, na wɔayɛ krado sɛ wɔbedi so. (Kenkan Luka 2:1-6.) Aka kakra ma Maria awo no, aban no hyɛɛ mmara bi a na ɛyɛ den sɛ ɔne Yosef bedi so. Augusto a na odi Roma Ahemman no so no hyɛe sɛ obiara nkɔkyerɛw ne din wɔ ne kurom. Ná ɛsɛ sɛ Yosef ne Maria twa kwan kilomita 150 anaa akwansin 93 kɔ Betlehem. Ɛno da nkyɛn a, na ɔkwan no nso yɛ mmepɔwmmepɔw. Ná akwantu no bɛyɛ den ama wɔn, ɛnkanka Maria. Sɛnea ɛbɛyɛ a Maria ne abofra a ɔhyɛ yafunu mu no bedu fie dwoodwoo no, ɛbɛyɛ sɛ na ɛho asɛm haw Yosef ne Maria nyinaa. Ebia na wɔrebisa wɔn ho sɛ, ‘Na sɛ awo ka Maria wɔ ɔkwan so a, dɛn na yɛbɛyɛ?’ Ná ɛho asɛm haw wɔn, efisɛ abofra a ɔhyɛ yafunu mu no, na ɔno ne Mesia a wɔrehwɛ no kwan no. Wohwɛ a, wei nti na Yosef ne Maria bɛka sɛ wɔrentie aban no anaa?
12 Yosef ne Maria amma saa ɔhaw yi mu biara ansiw wɔn kwan sɛ wɔbedi saa mmara no so. Osetie a wɔyɛe no nti, Yehowa hyiraa wɔn. Maria tumi koduu Betlehem a bɔne biara ansi, na abofra a ɔwoo no no nso, na ne ho twa kama. Afei nso, osetie a wɔyɛe nti, ɛboa maa Bible nkɔmhyɛ baam.—Mika 5:2.
13 Sɛ yetie atumfoɔ a wɔkorɔn no a, ɛboa yɛn ankasa, na afoforo nso nya so mfaso. Ɔkwan bɛn so? Nea ɛwom ne sɛ, sɛ yedi mmara so a, yɛbɛkwati asotwe a wɔde ma wɔn a wɔnni mmara so no. (Rom. 13:4) Sɛ yetie atumfoɔ no a, ɛbɛma wɔanya Yehowa Adansefo ho adwempa. Nhwɛso bi ni. Mfe pii a atwam no, asogyafo bɔ wuraa Ahenni Asa bi so wɔ Nigeria bere a na anuanom reyɛ adesua. Ná wɔrehwehwɛ ebinom a na wɔreyɛ ɔyɛkyerɛ sɛ wɔrentua tow. Nanso sogyani a ɔda wɔn ano no ka kyerɛɛ asogyafo no sɛ wɔnsan wɔn akyi nkɔ, na ɔka kaa ho sɛ: “Yehowa Adansefo de, wɔtua wɔn tow.” Bere biara a wubedi mmara so no, ebetumi ama din pa a Yehowa nkurɔfo wɔ no ayɛ kɛse, na dabidabi saa din pa no betumi abɔ wo nuanom Kristofo ho ban.—Mat. 5:16.
14 Wei nyinaa akyi no, ebia ɛnyɛ bere nyinaa na yɛn ani begye ho sɛ yebetie atumfoɔ a wɔkorɔn no. Onuawa bi a ɔte United States a ne din de Joanna ka sɛ, “Ná ɛyɛ den ma me paa sɛ metie atumfoɔ no, efisɛ na wɔama m’abusuafo binom ahu amane paa.” Nanso Joanna bɔɔ ne tirim pɔw sɛ ɔbɛsesa n’adwene. Ade a edi kan a ɔyɛe ne sɛ, nsɛm a nkurɔfo kyerɛw gu sohyia midia so a ɛma onya atumfoɔ no ho adwemmɔne no, ogyaee kan. (Mmeb. 20:3) Nea ɛtɔ so mmienu, sɛ́ anka ɔbɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmma wɔnsesa aban no, ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa no mma onnya ne mu ahotoso mmom. (Dw. 9:9, 10) Nea ɛtɔ so mmiɛnsa, amanyɔkuw biara afa a yennyina, a wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ yɛn nhoma ahorow mu no, ɔkenkanee. (Yoh. 17:16) Seesei Joanna ka sɛ, atumfoɔ a obu wɔn na otie wɔn no nti, “asomdwoe a wanya no, ɛnyɛ ano bi ni.”
TI 44
‘Obiara Nni Hɔ a Ɔyɛ Kɛse Sen No’
w10 9/1 15 ¶4-6-wcgr
So Wunim?
Abusuabɔ bɛn na na ɛda Yesu ne Yohane Suboni ntam?
▪ Ebinom gye di sɛ, na Yesu ne Osuboni Yohane yɛ anuafoɔ, kyerɛ sɛ na wɔyɛ anuafoɔ mma. Nea ama ebinom anya saa adwene no ne sɛ, Bible nkyerɛase bi nkyerɛ Luka 1:36 ase yiye. Sɛ nhwɛso no, King James Bible no ka wɔ Luka 1:36 sɛ, Osuboni Yohane maame Elisabet ne Yesu maame Maria yɛ anuafoɔ mma.
Nea ɛwom ne sɛ, Greek asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ Luka 1:36 no, ensi asɛm no pi sɛ na Elisabet ne Maria yɛ anuafoɔ mma. Nea ɛma yehu ara ne sɛ, na wɔbɔ abusua. The Interpreter’s Dictionary of the Bible ka sɛ, “asɛmfua a wɔde dii dwuma no betumi akyerɛ nneɛma pii, enti ɛmma yenhu abusuabɔ pɔtee a na ɛda wɔn mmienu ntam.” Ɛnde, ɛhe na adwene a ɛne sɛ, na Yesu ne Osuboni Yohane yɛ anuafoɔ mma no fi? The Catholic Encyclopedia kyerɛ mu sɛ: “Biribiara a yenim fa . . . Maria awofo ho no . . . Yenya fii apocrypha nhoma mu.”
Enti, na Yesu ne Osuboni Yohane bɔ abusua, nanso yɛrentumi nka nsi no pi sɛ na wɔyɛ anuafoɔ mma.
mrt asɛm 14-wcgr
Yohane Suboni Yɛ Obi a Ɔtenaa Ase Ampa?
Bible ka ɔbarima bi a yɛfrɛ no Yohane Suboni ho asɛm. Ɛma yehu sɛ na ɔka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm wɔ Yudea. Wohwɛ a, nea Bible ka fa saa barima yi ho no yɛ nokware? Wo de, yensusuw ho nhwɛ:
● Bible ka sɛ: “Yohane Suboni bɛkaa asɛm wɔ Yudea sare so. Ɔkaa sɛ: ‘Monsakra mo adwene, na ɔsoro Ahenni no abɛn.’” (Mateo 3:1, 2) Adanse bi wɔ hɔ nnɛ a ɛma yehu sɛ saa asɛm no yɛ nokware anaa? Aane.
Abakɔsɛm kyerɛwfo Flavius Josephus a ɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so no kaa ɔbarima bi ho asɛm. Ɔkaa sɛ yɛfrɛ no “Yohane, nea wɔsan frɛ no Osuboni no.” Ɔkyerɛw Yohane ho asɛm sɛ: “Ɔhyɛɛ Yudafo no nkuran sɛ wɔmmɔ bra pa, wɔmfa wɔn ho mma Onyankopɔn, na wɔmma wɔmmɔ wɔn asu.”—Jewish Antiquities, Book XVIII.
● Bible ma yehu sɛ Herode Antipa a na odi Galilea ne Perea mantam so no, Yohane twiw n’anim. Nea ɛkɔbae ne sɛ, na Herode Antipa abɛyɛ Yudani, na na ohu ne ho sɛ ɔsom Onyankopɔn yiye, nanso obuu mmara so kɔwaree ɔno ankasa ne nua yere Herodia. (Marko 6:18) Yɛwɔ adanse wɔ hɔ nnɛ a ɛma yehu sɛ saa asɛm yi nso sii ampa.
Abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus kaa sɛ, Antipa “ani begyee Herodia ho paa, na wamfɛre mpo sɛ ɔde aware ho asɛm bɛto Herodia anim.” Herodia nso gyee pene gyaee ne kunu kɔwaree Antipa.
● Bible san bɔ yɛn amanneɛ sɛ, “Nnipa fi Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Yordan mantam nyinaa mu kɔɔ [Yohane] nkyɛn, na ɔbɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu.”—Mateo 3:5, 6.
Saa asɛm yi nso, Josephus kyerɛw asɛm bi a ɛfoa so sɛ ɛyɛ nokware. Ɔkaa sɛ, “nnipadɔm” baa Yohane nkyɛn, na nneɛma a ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn no “kaa wɔn koma paa.”
Wei kyerɛ sɛ, abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus a ɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so no, ohuu Yohane Suboni sɛ obi a ɔtenaa ase ampa. Yɛn nso, yebetumi agye adi sɛ ɔtenaa ase ampa.
it “Honhom” ¶60-wcgr
Honhom
Sɛ yɛka honhom a obi de yɛ biribi a, nea ɛkyerɛ paa ne “ahoɔden” anaa “ahokeka” a obi de yɛ ade anaa ɔde ka asɛm. Ɛho nhwɛso ne sɛ, Bible frɛɛ Yosua “ɔbarima a honhom wɔ ne mu.” (Nu 27:18, ase hɔ asɛm.) Afei nso Bible ka sɛ, na Kaleb “wɔ honhom foforo,” kyerɛ sɛ, na ‘ɔda nsow.’ Nea enti a ɛte saa ne sɛ, bere a akwansrafo 10 no de amanneɛbɔ a etu koma brɛɛ Israelfo no, wɔn mu pii kodii akwansrafo no akyi yɛɛ asoɔden, nanso Kaleb de, wankodi wɔn akyi bi. (Nu 14:24, ase hɔ asɛm.) Elia nso, ɔde nsi ne ahokeka soronko bi na ɛyɛɛ adwuma a Onyankopɔn de maa no no. Ɛno nti Elisa a na ɔrebesi Elia anan no srɛɛ Elia sɛ, ɔmma no ne honhom no kyɛfa mmienu. (2Ah 2:9, 15) Osuboni Yohane nso de nsi ne ahokeka a na Elia wɔ no ara bi na na ɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo. Wei nti ne nkyerɛkyerɛ no nyaa n’atiefo no so tumi kɛse, na ɛno ma wɔkaa ne ho asɛm sɛ ɔde “Elia honhom ne ne tumi” na ɛyɛɛ adwuma. (Lu 1:17) Nanso Saba hemmaa de, bere a okohuu Solomon ahonyade ne ne nyansa no, ne ho dwiriw no ara maa Bible kaa ne ho asɛm sɛ, “ná home biara nni ne mu bio.” (1Ah 10:4, 5, ase hɔ asɛm.) Enti yebetumi aka sɛ, biribi tumi “kanyan” obi honhom, (1Be 5:26; Esr 1:1, 5, ase hɔ asɛm; Hag 1:14; fa toto Ɔsɛ 10:4, ase hɔ asɛm ho) biribi tumi ma obi “honhom ho yeraw no” anaa ɛhyɛ “ne honhom ahometew.” (Ge 41:8; Da 2:1, 3, ase hɔ asɛm; Aso 17:16, ase hɔ asɛm.) Afei nso biribi tumi ma obi ‘honhom bo dwo.’ (Ate 8:3) Yetumi nso ka sɛ obi “honhom abotow.” (Dw 142:2, 3; fa toto Yoh 11:33, ase hɔ asɛm no ho) Biribi tumi ka obi nso ma “ne honhom [ho] san no,” anaa ‘ne honhom ho dwo no.’—Ge 45:27, 28 ase hɔ asɛm; Yes 57:15, 16; 1Ko 16:17, 18; 2Ko 7:13, ase hɔ asɛm; fa toto 2Ko 2:13 ho.
ijwbq asɛm 178 ¶4
Hena Ne Yohane Suboni?
Otwaa sa pa: Yesu kaa sɛ, “wɔn a mmea awo wɔn nyinaa mu no, obiara mmae a ɔyɛ kɛse sen Yohane Suboni; nanso nea osua wɔ ɔsoro Ahenni mu no yɛ kɛse sen no.” (Mateo 11:11) Ná Yohane yɛ odiyifo, nanso na ɔnyɛ odiyifo biara kɛkɛ. Ná ɔsan yɛ ‘ɔsomafo’ a wɔhyɛɛ ne ho nkɔm no. Enti Onyankopɔn asomfo a wɔtenaa ase ansa na Yohane reba no, wɔn mu biara nni hɔ a yebetumi aka sɛ ɔyɛ kɛse sen Yohane. Afei nso, nsɛm a Yesu kae no ma yehu sɛ, Yohane renni hene wɔ ɔsoro Ahenni no mu. Ɛwom sɛ na ɔyɛ odiyifo nokwafo, nanso owui ansa na Kristo rebue kwan ama nkurɔfo atumi akɔ soro. (Hebrifo 10:19, 20) Ne nyinaa mu no, Yohane bɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no ba wɔ asaase so, na obetumi atena ase daa wɔ Paradise.—Dwom 37:29; Luka 23:43.
w19.08 29-31
Yohane Suboni—Ne Nhwɛso Betumi Aboa Ama Yɛn Ani Akɔ So Agye
ASAFO mu dwumadi bi wɔ hɔ a wunyae a anka wobɛyɛ pa ara, nanso seesei worentumi nyɛ anaa? Ebia ɛyɛ asɛyɛde bi a ɛhyɛ obi foforo nsa. Anaa ebia ɛyɛ ɔsom hokwan bi a na wowɔ bere bi a atwam. Nanso, ebia wo mfe a akɔ anim, yare, sikasɛm mu ahokyere, anaa abusua mu asɛyɛde mma wuntumi nyɛ nea kan no na woyɛ no. Anaa nsakrae a ahyehyɛde no ayɛ nti, ebia asɛyɛde bi a na ɛhyɛ wo nsa mfe pii no, ɛkɔbae sɛ ɛsɛ sɛ wode to hɔ. Ɛmfa ho sɛnea asɛm no te biara no, ebia wobɛte nka sɛ ɛnyɛ nea wubetumi ayɛ wɔ Onyankopɔn som mu nyinaa na woreyɛ no. Biribi a ɛte saa si na ɛtɔ da na w’abam bu a, ntease wom. Sɛ saa mpo a, dɛn na wobɛyɛ na nsusuwii biara a ebetumi ama w’abam abu, ahyɛ wo awerɛhow, anaa ama wode nsɛm ahyɛ wo mu no, woatumi ayi afi hɔ? Dɛn na wobɛyɛ na w’anigye ansɛe?
Sɛ yesusuw Yohane Suboni nhwɛso no ho a, yebetumi ahu nea yɛbɛyɛ na ama yɛn ani akɔ so agye. Yohane nyaa hokwan pii wɔ Yehowa som mu, nanso sɛnea nneɛma kɔe no, ɛbɛyɛ sɛ ɛnyɛ saa na na ɔhwɛ kwan. Ebia Yohane anna annwen ho da sɛ ɔbɛda afiase bere tenten asen bere tenten a ɔde yɛɛ ne som adwuma no. Ne nyinaa mu no, Yohane ani kɔɔ so gyei, na wamma biribiara ansɛe n’anigye ne nkwa nna a aka nyinaa. Dɛn na ɛboaa no? Yehyia tebea ahorow a ebu abam mpo a, yɛbɛyɛ dɛn akɔ so anya anigye?
ƆSOM ADWUMA A ƐMAA N’ANI GYEI
Bɛyɛ April afe 29 Y.B. no, Yohane fii ne som adwuma ase siesiee kwan mu maa Mesia no. Ɔkaa sɛ: “Monsakra mo adwene, na ɔsoro ahenni no abɛn.” (Mat. 3:2; Luka 1:12-17) Nnipa pii tiee no. Nnipa bebree fii akyirikyiri betiee n’asɛm no. Ɛkaa wɔn mu pii koma ma wɔsakraa wɔn adwene, na wɔbɔɔ asu. Nyamesom akannifo a na wɔayɛ wɔn ho treneefo no, Yohane de akokoduru bɔɔ wɔn nso kɔkɔ sɛ, sɛ wɔansakra wɔn adwene a, atemmu da hɔ retwɛn wɔn. (Mat. 3:5-12) Yohane yɛɛ ade a ɛho hia pa ara wɔ ne som adwuma mu bɛyɛ October afe 29 Y.B.; ɔbɔɔ Yesu asu. Efi saa bere no, Yohane kyerɛɛ nkurɔfo sɛ wonni Yesu a ɔyɛ Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no akyi.—Yoh. 1:32-37.
Esiane sɛ adwuma a Yohane yɛe no yɛ soronko nti, Yesu kaa sɛ: “Wɔn a mmea awo wɔn mu no, obiara nsɔree a ɔyɛ kɛse sen Yohane Suboni.” (Mat. 11:11) Yebetumi aka pa ara sɛ, nhyira a Yohane nyae no maa n’ani gyei pa ara. Ɛnnɛ, nnipa bebree nso anya Onyankopɔn nhyira pii te sɛ Yohane. Yɛnhwɛ onua bi a ne din de Terry. Terry ne ne yere Sandra de bɛboro mfe 50 ayɛ bere nyinaa som adwuma. Terry kaa sɛ: “Manya ɔsom hokwan pii ama m’ani agye. Mayɛ akwampae adwuma, masom wɔ Betel, masom sɛ ɔkwampaefo titiriw, mayɛ ɔmansin sohwɛfo ne ɔmantam sohwɛfo, na seesei mesan som sɛ ɔkwampaefo titiriw.” Sɛ yenya hokwan wɔ Onyankopɔn som mu a, ɛma yɛn ani gye. Nanso, Yohane asɛm no bɛma yɛahu sɛ, sɛ nneɛma sesa wɔ yɛn asetenam a, egye mmɔdenbɔ na ama yɛn ani akɔ so agye.
MA W’ANI NSƆ ƆSOM HOKWAN A WOWƆ BERE NYINAA
Ade titiriw a ɛmaa Yohane Suboni ani gyei bere nyinaa ne sɛ, ɔmaa n’ani sɔɔ ɔsom hokwan a na ɔwɔ no. Ma yɛnhwɛ ɛho nhwɛso bi. Bere a Yesu bɔɔ asu akyi no, nnipa a na wodi Yohane akyi no so fii ase tewee, na nnipa a na wodi Yesu akyi no dodow fii ase dɔree. Ná asɛm no haw Yohane asuafo no, enti wɔkɔɔ Yohane nkyɛn kɔkaa sɛ: “Hwɛ, ɔrebɔ asu na nnipa nyinaa rekɔ ne nkyɛn.” (Yoh. 3:26) Yohane ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nea ayeforo no wɔ no no, ɔno ne ayeforokunu no. Na ayeforokunu no adamfo de, sɛ ogyina hɔ tie na ɔte ayeforokunu no nne a, n’ani gye paa. Enti anigye a mewɔ yi ayɛ mã.” (Yoh. 3:29) Yohane anyɛ n’adwene sɛ ɔbɛma ne ho so asen Yesu. Saa ara nso na Yohane annya adwene sɛ, esiane adwuma kɛse a Yesu reyɛ nti, adwuma a ɔno reyɛ no so nni mfaso. Mmom, Yohane ani kɔɔ so gyei, efisɛ adwuma a na ɔreyɛ sɛ “ayeforokunu no adamfo” no, na n’ani sɔ.
Ɛwom, na adwuma a Yohane reyɛ no nna fam, nanso adwene a na ɔwɔ wɔ ho no boaa no maa n’ani kɔɔ so gyei. Ɛho nhwɛso bi ni. Bere a wɔwoo Yohane nyinaa na ɔyɛ Nasirini, enti na onni hokwan sɛ ɔnom nsã. (Luka 1:15) Yesu kaa sɛ, “Yohane bae, wannidi na wannom”; nea na Yesu rekyerɛ ne sɛ, Yohane de nneɛma pii kamee ne ho. Nanso, Yesu ne n’asuafo no de, nneɛma a na Nasirifo de kame wɔn ho no, wɔamfa bi ankame wɔn ho, enti na wɔbɔ wɔn bra sɛ nnipa a aka nyinaa. (Mat. 11:18, 19) Afei nso, Yohane anyɛ anwonwade biara de, nanso na onim sɛ Yesu asuafo no ne wɔn a bere bi na anka wodi ɔno Yohane akyi no tumi yɛ anwonwade. (Mat. 10:1; Yoh. 10:41) Nsonsonoe a ɛwɔ Yohane akyidifo ne Yesu akyidifo ntam no, Yohane amma anhaw no, mmom ɔkɔɔ so de nsi ne ahokeka yɛɛ adwuma a na Yehowa de ama no no.
Yɛn nso, sɛ yɛn ani sɔ adwuma a Yehowa de ama yɛn wɔ ne som mu a, ɛbɛma yɛn ani akɔ so agye. Terry a yɛadi kan aka ne ho asɛm no kaa sɛ: “Mede m’adwene sii dwumadi biara a wɔde maa me so.” Sɛ otwa n’ani hwɛ nea wayɛ wɔ bere nyinaa som adwuma no mu a, ɔka sɛ, “Minnuu me ho, na nneɛma pii wɔ hɔ a mekaakae a, na m’ani agye.”
Nea ɛma dwumadi anaa asɛyɛde bi a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn som mu som bo pa ara no, sɛ yedwinnwen ho a, ebetumi ama yɛn ani agye pii. Ɛno ne hokwan a yɛanya sɛ “Onyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo” no. (1 Kor. 3:9) Sɛ yɛwɔ agyapade anaa agude bi a ɛsom bo na sɛ yesiesie anaa yetwitwiw ho bere nyinaa a, ɛbɛkɔ so ayɛ fɛ anaa ahyerɛn. Saa ara na sɛ yedwinnwen hokwan kɛse a yɛanya resom Onyankopɔn no ho a, ɛbɛma yɛn ani akɔ so agye. Ɛremma yɛmfa nea yɛyɛ wɔ Onyankopɔn som mu ntoto nea afoforo yɛ ho. Yɛremfa no sɛ ɔsom hokwan a afoforo anya som bo sen yɛn de.—Gal. 6:4.
FA W’ADWENE SI NNEƐMA A ƐHO HIA YEHOWA SO
Ebia na Yohane nim sɛ ɔrenyɛ ne som adwuma no nkyɛ, nanso ɛbɛyɛ sɛ na ɔnhwɛ kwan sɛ ɛbɛba awiei prɛko pɛ saa. (Yoh. 3:30) Bere a Yohane bɔɔ Yesu asu akyi bɛyɛ abosome nsia no, afe 30 Y.B. no, Ɔhene Herode de Yohane too afiase. Nanso, Yohane yɛɛ nea obetumi biara kɔɔ so kyerɛkyerɛɛ nokware no. (Mar. 6:17-20) Nea Yohane faa mu nyinaa no, dɛn na na ɛbɛboa no ama n’ani akɔ so agye? Ɔkɔɔ so de n’adwene sii nneɛma a ɛho hia Yehowa so.
Bere a na Yohane da afiase no, ɔtee sɛ Yesu som adwuma mu retrɛw. (Mat. 11:2; Luka 7:18) Ná Yohane nim pa ara sɛ Yesu ne Mesia no. Nanso, ɛbɛyɛ sɛ na ontumi nhu ɔkwan a nea Kyerɛwnsɛm no aka afa Mesia no ho nyinaa bɛfa so abam wɔ Yesu so. Esiane sɛ na Yohane nim sɛ Mesia no bɛyɛ ɔhene nti, ɛbɛyɛ sɛ obisaa ne ho sɛ, ɛrenkyɛ na Yesu adi hene anaa? Ɛbɛyɛ sɛ na ɔredwinnwen ho nso sɛ Yesu beyi no afi afiase anaa? Ná Yohane pɛ pa ara sɛ ohu adwuma a Yesu bɛyɛ ho nsɛm pii, enti ɔsomaa n’asuafo mmienu ma wokobisaa Yesu asɛm bi. N’asuafo no bisaa Yesu sɛ: “So wone Nea Ɔreba no anaasɛ yɛnhwɛ obi foforo kwan?” (Luka 7:19) Bere a Yohane asuafo no san kɔɔ ne nkyɛn no, ɛbɛyɛ sɛ ɔyɛɛ aso tiee wɔn. Wɔkaa yare a Yesu sae wɔ anwonwakwan so ne asɛm a Yesu somaa wɔn sɛ wɔnkɔka nkyerɛ Yohane no kyerɛɛ no sɛ: “Anifuraefo hu ade, mmubuafo nantew, akwatafo ho fi na asotifo te asɛm, wonyan awufo, na wɔka asɛmpa kyerɛ ahiafo.”—Luka 7:20-22.
Yebetumi aka sɛ saa asɛm yi hyɛɛ Yohane den pa ara. Amanneɛbɔ no maa Yohane hui pa ara sɛ na nkɔmhyɛ a ɛfa Mesia no ho no rebam wɔ Yesu so. Ɛwom sɛ Yesu bae no wanyi Yohane amfi afiase de, nanso na Yohane nim sɛ ne som adwuma no renyɛ kwa. Ɛmfa ho nea na Yohane refa mu no, na ɔwɔ nea enti pa ara n’ani betumi agye
Sɛ yɛde yɛn ani si Yehowa som so sɛnea Yohane yɛe no a, nea ɛbɛto yɛn biara no, yɛbɛkɔ so anya abotare na yɛde anigye asom Yehowa. (Kol. 1:9-11) Sɛ yɛkenkan Bible na yedwinnwen ho a, yebetumi ayɛ saa. Wei bɛboa yɛn ama yɛahu sɛ adwuma a yɛyɛ wɔ Onyankopɔn som mu no renyɛ kwa da. (1 Kor. 15:58) Sandra kaa sɛ: “Sɛ mekenkan Bible mu nhoma bi ti baako da biara a, ɛboa ma mebɛn Yehowa kɛse. Ɛboa me ma mede m’adwene si Yehowa so, na ɛnyɛ m’ankasa so.” Afei nso, amanneɛbɔ a ɛfa Ahenni adwuma no ho no, yebetumi de yɛn adwene asi so. Ɛno betumi aboa yɛn ma yɛde yɛn adwene asi nea Yehowa reyɛ so sen sɛ yebedwen yɛn nko ara ho. Sandra san kaa sɛ: “JW Broadcasting® so dwumadi a ɛba bosome biara no boa yɛn ma yehu Yehowa ahyehyɛde no yiye. Afei nso, ɛboa yɛn ma yɛn ani kɔ so gye wɔ yɛn som adwuma mu.”
Bere tiaa a Yohane Suboni de yɛɛ ne som adwuma no, ɔde “Elia honhom ne ne tumi” na ɛyɛe. Ná Yohane te sɛ Elia, enti na ‘ɔyɛ onipa a ɔwɔ nkate te sɛ yɛn ara.’ (Luka 1:17; Yak. 5:17) Adwuma a Yehowa de maa Yohane no, na Yohane ani sɔ, na ɔde n’adwene sii Yehowa som so. Yɛn nso, sɛ yesuasua Yohane a, nea ɛbɛba biara no, yɛn ani bɛkɔ so agye wɔ Ahenni adwuma no mu.
TI 45
“Meyɛ Ɔdebɔneyɛfo”
it “Sɛnea Na Wɔyi Nam, Ne Ahayɔ” ¶6-7-wcgr
Sɛnea Na Wɔyi Nam, Ne Ahayɔ
Sɛnea na wɔyi nam. Tete Hebrifo no, na wɔnyi nam mfa nnyigye wɔn ani kɛkɛ, na mmom na ɛyɛ adwuma a wɔyɛ de hwɛ wɔn ho. Ná mpataayifo taa de asau nketewa, pɛmɛ, mpeaw, ne nnarewa a ahama sɔ so na eyi nam. (Hio 41:1, 7; Hes 26:5, 14; Hab 1:15, 17; Mt 17:27) Anadwo na na nkurɔfo taa yi nam. Sɛ wɔde ɔkorow kɔ nsu so a, na wɔayi asau no afi mu agu nsu no mu. Afei sɛ mpataa ba asau no mu a, wɔhare korow no kɔ mpoano. Wɔdu hɔ a, na wɔatwe asau no afi nsu no mu aba. Ɛtɔ da nso a, na wɔhwie nam no fi asau no mu gu ɔkorow no mu ansa na wɔde aba mpoano. Afei wɔyiyi nam a Onyankopɔn Mmara ma kwan sɛ wɔdi no, na wɔtow nea Mmara mma kwan sɛ wɔdi no gu. (Mt 13:47, 48; Lu 5:5-7; Yoh 21:6, 8, 11) Mpataayifo bi tumi gyina mpoano hɔ anaa wɔsi nsu no mu tow asau nketewa gu mu de yi nam.—Hwɛ DRAGNET (Asau).
Ná mpataayi yɛ adwumaden paa, enti wɔn a na wɔyɛ bi no, na ɛtwe wɔn mu nsu. Adwuma no fa bi a ɛyɛ den paa ne bere a nam aba asau mu na wɔretwe agu ɔkorow mu anaa wɔretwe aba mpoano. (Yoh 21:6, 11) Ebi nso ne bere a ahum retu wɔ po so na wɔde ɔkorow nam mu. (Mr 6:47, 48) Ɛtɔ da a, wɔkokyin po so anadwo mũ no nyinaa, nanso wɔnnya nam biara. (Lu 5:5; Yoh 21:3) Sɛ wɔbedu mpoano nso a, wɔsan hata asau no, na sɛ ɛwo a, na wɔapompam baabi a atetew nyinaa.—Hes 47:10; Mt 4:21.
ia 181 ¶8
Ɔbɔɔ Mmɔden Dii Ehu ne N’adwene a na Ehinhim So
8 Ansa na saa da no reba no, na wɔfrɛ Petro sɛ Simon, anaa Simeon. Nanso, Yesu hwɛɛ no kae sɛ: “‘Wone Simon, Yohane ba; wɔbɛfrɛ wo Kefa’ (a ne nkyerɛase ne Petro).” (Yoh. 1:42) “Kefa” yɛ din hunu a ɛkyerɛ “ɔbo” anaa “ɔbotan.” Ɛda adi sɛ na Yesu asɛm no yɛ nkɔmhyɛ. Ohui sɛ na Petro bɛba abɛyɛ te sɛ ɔbotan—ná ɔbɛyɛ den, na ɔrenhinhim, na na Kristo akyidifo foforo betumi de wɔn ho ato no so. So saa na Petro huu ne ho? Ɛbɛyɛ sɛ Petro anhu no saa. Ɛnnɛ mpo, ebinom a wɔkenkan Asɛmpa no kyerɛ sɛ wonhu biribiara wɔ Petro ho a ɛkyerɛ sɛ na ɔyɛ ɔbotan. Ebinom ka sɛ ne su a wɔaka ho asɛm wɔ Bible mu no ma ɛda adi sɛ ɛte sɛ nea na ɔyɛ obi a ontumi nsi pi na ohinhim wɔ ne gyinaesi mu.
w16.05 9 ¶3-4
“Monkɔ Nkɔyɛ Aman Nyinaa M’asuafo”
3 Wohwɛ a, na ɛsɛ sɛ Yesu asuafo no tena ase dwudwo wɔn ho twɛn ma nkurɔfo mmom ba wɔn nkyɛn? Dabida! Yesu sɔre fii awufo mu no, ɔne n’asuafo pii kasae, na ɔde too wɔn anim sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo, mommɔ wɔn asu . . . , monkyerɛkyerɛ wɔn mma wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.” (Mat. 28:19, 20) Nneɛma nnan na ɛsɛ sɛ yetu ho anammɔn. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nkurɔfo asuafo, bɔ wɔn asu na yɛkyerɛkyerɛ wɔn. Nanso ansa na yɛbɛyɛ saa no, dɛn na ɛsɛ sɛ yedi kan yɛ? Yesu kae sɛ: “Monkɔ”! Bible ho ɔbenfo bi kaa saa ahyɛde yi ho asɛm sɛ: “‘Monkɔ’ no kyerɛ sɛ, abɔnten so oo, ɛpo agya oo, ɛyɛ gyidini biara asɛde sɛ ɔka asɛmpa no bi.”—Mat. 10:7; Luka 10:3.
4 Bere a Yesu kae sɛ n’akyidifo nyɛ nnipa yifo no, nea na ɔreka ara ne sɛ ankorankoro biara bɛyɛ ne de? Anaa na ɔrekyerɛ sɛ ahyehyɛde anaa kuw bi na ɛbɛka asɛmpa no? Esiane sɛ onipa baako ntumi nka asɛm no nkyerɛ “aman nyinaa” nti, na ebehia sɛ wɔyɛ nhyehyɛe ma nnipa pii yɛ saa adwuma no. Saa na na Yesu rekyerɛ bere a ɔkae sɛ n’asuafo mmɛyɛ “nnipa yifo” no. (Kenkan Mateo 4:18-22.) Mpataayi a Yesu kaa ho asɛm no, ɛnyɛ nea onipa baako de nam tua darewa ano to nsu mu twɛn kosi sɛ apataa bi bɛba abɛsɔ nam no. Mmom nea na ɔreka ne asau a yɛde yi mpataa. Ɛno de, ɛtɔ mmere bi a ehia sɛ nnipa bebree na wɔbom twe, efisɛ egye ahoɔden.—Luka 5:1-11.
ia 204 ¶26
Osuaa Bɔne Fafiri Fii Ne Wura Hɔ
26 Yesu bisaa Petro sɛ ɔdɔ ne Wura “sen eyinom anaa”—ɛda adi sɛ ɔde ne nsa kyerɛɛ mpataa pii a na wɔayi agu hɔ no so. So na Petro bɛma mpataayi adwuma no ho ahia no paa asen ɔdɔ a ɔwɔ ma Yesu no? Sɛnea na Petro apa ne Wura mprɛnsa no, saa ara na Yesu san ma onyaa hokwan mprɛnsa wɔ ne mfɛfo no nyinaa anim de daa no adi sɛ ɔdɔ no. Bere a Petro yɛɛ saa no, Yesu kyerɛɛ no ɔkwan a ɔbɛfa so ada ɔdɔ a ɛte saa adi: sɛ́ ɔbɛma Onyankopɔn som ho ahia no asen biribiara, na wama Kristo akyidifo anokwafo a wɔyɛ ne nguan no aduan, wahyɛ wɔn den, na wahwɛ wɔn so.—Luka 22:32; Yoh. 21:15-17.
ia 188-195
Odii Nokware Wɔ Sɔhwɛ Ahorow Mu
TI ADUONU ABIEN
PETRO de ahoyeraw hwɛɛ nnipa a na wɔretie Yesu no anim dinn. Ná wɔwɔ hyiadan mu wɔ Kapernaum. Kurow yi mu na na Petro te; ɛhɔ na na ɔyɛ ne mpataayi adwuma no wɔ Galilea Po no atifi fam; ɛhɔ na na ne nnamfonom, n’abusuafo, ne wɔn a ɔne wɔn yɛ adwuma no pii te. Akyinnye biara nni ho sɛ, na Petro hwɛ kwan sɛ ne kuromfo no benya adwene a na ɔwɔ wɔ Yesu ho no bi, na wɔde anigye atie Onyankopɔn Ahenni ho asɛm a ɔkyerɛkyerɛfo kɛse a ɔsen biara no reka no. Nanso, amma saa.
2 Ná nnipa pii ayi wɔn aso afi asɛm a wɔretie no so. Ná ebinom renwiinwii, na na wɔrekasa tia asɛm a Yesu reka no. Petro de, nea na ɛhaw no paa ne nea Yesu ankasa asuafo no bi yɛe no. Ná wɔn anim ayeyɛ bosabosaa a ɛkyerɛ sɛ na wɔn ani nnye nokware foforo a na Yesu akyerɛkyerɛ wɔn no ho bio. Afei de, na wɔn anim kyerɛ sɛ biribi haw wɔn, na mpo na wɔn bo afuw. Ebinom kae sɛ, asɛm a Yesu reka no ano yɛ den. Wosisii wɔn aso wɔ asɛm no ho na wofii hyiadan no mu, na wɔne Yesu annantew bio.—Monkenkan Yohane 6:60, 66.
3 Ná ɛyɛ bere a emu yɛ den ma Petro ne ne mfɛfo asomafo no. Petro ante asɛm a Yesu kae saa da no ase yiye. Sɛ na nkurɔfo no fa Yesu asɛm no sɛnea na waka no no ara a, ɛnde ɛda adi sɛ Petro huu nea enti a na ahyɛ wɔn abufuw no. Dɛn na na Petro bɛyɛ? Ná eyi nyɛ bere a edi kan a na ayɛ den ama no sɛ ɔbɛkɔ so abata ne Wura no ho; na saa ara nso na na ɛrenyɛ nea etwa to. Momma yɛnhwɛ sɛnea gyidi a na Petro wɔ no boaa no ma ɔkɔɔ so dii nokware ɛmfa ho sɛ ohyiaa nsɛnnennen a ɛte saa no.
Odii Nokware Bere a Ebinom Anyɛ Saa
4 Ná nsɛm a Yesu ka ne ne nneyɛe taa ma Petro ho dwiriw no. Ɛtɔ mmere bi a, na ɔkwan a ne Wura no fa so kasa na ɔyɛ n’ade no ma ne ho yɛ nkurɔfo nwonwa. Ná Yesu ama nnipa mpempem pii aduan anwonwakwan so ansa na ade rebɛkye ma wakasa wɔ asɔrefie hɔ. Ɛno nti, nkurɔfo no yɛe sɛ wɔde no besi wɔn so hene. Nanso, ɛyɛɛ nnipa pii nwonwa sɛ ɔtwee ne ho fii wɔn ho, na ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔmforo ɔkorow no nhare nkɔ Kapernaum. Bere a asuafo no nam nsu no so anadwo no, Yesu maa wɔn ho dwiriw wɔn bio bere a wohui sɛ ɔrenantew Galilea Po a mframa bɔ denneennen wɔ so so no. Ɔnam eyi so maa Petro nyaa gyidi ho asuade titiriw bi.
5 Eduu anɔpa no, ankyɛ na wohui sɛ saa nnipadɔm no atoa wɔn. Nanso, ɛda adi sɛ ɛnyɛ Yesu nkyerɛkyerɛ nti na wɔbaa hɔ, na mmom na wɔpɛ sɛ ɔma wɔn aduan pii anwonwakwan so. Eyi nti, Yesu kaa wɔn anim wɔ honam fam nneɛma nkutoo a na wɔn ani di akyi no ho. (Yoh. 6:25-27) Yesu toaa saa asɛm no so wɔ Kapernaum hyiadan mu, na ɛhɔ na ɔsan kyerɛkyerɛɛ nokwasɛm bi mu maa nkurɔfo no ho dwiriw wɔn.
6 Ná Yesu mpɛ sɛ nkurɔfo bebu no sɛ ɔyɛ obi a ɔma honam fam aduan kɛkɛ. Mmom no, na ɔpɛ sɛ wohu sɛ sɛ Onyankopɔn bɛma wɔn daa nkwa a, gye sɛ wonya ɔno mu gyidi. Enti ɔmaa wɔn mfatoho bi, na ɔde ne ho totoo mana, aduan a na ɛtɔ fi soro wɔ Mose bere so no ho. Bere a ebinom annye anni no, afei ɔmaa mfatoho bi a emu da hɔ fann de buee asɛm no ani so. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ, ɛsɛ sɛ obi di ne honam na ɔnom ne mogya ansa na wanya nkwa. Saa asɛm yi na ɛmaa nkurɔfo no bo fuw kɛse no. Ebinom kae sɛ: “Asɛm yi ano yɛ den; hena na obetumi atie?” Yesu ankasa asuafo no pii nso ne no annantew bio.—Yoh. 6:48-60, 66.
7 Dɛn na na Petro bɛyɛ? Ɛbɛyɛ sɛ asɛm a Yesu kae no maa ɔno nso adwene tu frae. Ná onnya ntee ase sɛ ɛsɛ sɛ Yesu wu na ama Onyankopɔn apɛde ayɛ hɔ. So ɛyɛɛ Petro sɛ onnyae Yesu akyi di sɛnea na asuafo a wɔn adwene yɛ wɔn ntanta no ayɛ no? Dabi; su bi a na Petro wɔ no amma wanyɛ n’ade te sɛ saa nkurɔfo no. Ɛyɛ su bɛn?
8 Yesu danee ne ho hwɛɛ n’asomafo no bisaa wɔn sɛ: “Mo nso mopɛ sɛ mokɔ anaa?” (Yoh. 6:67) Asomafo 12 no na obisaa wɔn saa asɛm no, nanso Petro na oyii ano. Mpɛn pii no, Petro na na odi kan yi nsɛm ano. Ɛbɛyɛ sɛ ɔno na na wanyin sen wɔn nyinaa. Sɛnea ɛte biara no, ɛda adi sɛ ɔno na na ɔtaa kasa wɔ asomafo no mu; mpɛn pii no, na Petro ntwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛkyerɛ n’adwene. Saa bere yi de, asɛm a ɛyɛ dɛ a yɛn werɛ remfi da yi na na ɛwɔ n’adwenem: “Awurade, hena nkyɛn na yɛnkɔ? Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm.”—Yoh. 6:68.
9 So saa asɛm no nka wo koma? Ná Yesu mu gyidi a Petro anya no aboa no ma wanya su bi a ɛho hia paa; ɛno ne nokwaredi. Petro hui pefee sɛ na Yesu nkutoo ne Ogyefo a Yehowa de no ama, enti na Yesu nam ne nkyerɛkyerɛ a ɛfa Onyankopɔn Ahenni no ho so na ogye nkwa. Ná Petro nim sɛ sɛ na ɔnte nneɛma bi ase mpo a, baabi foforo biara nni hɔ a sɛ ɔkɔ a obenya Onyankopɔn anim dom ne daa nkwa.
10 So saa na wo nso wote nka? Awerɛhosɛm ne sɛ, nnipa pii a wɔwɔ wiase nnɛ no ka sɛ wɔdɔ Yesu, nanso wonni no nokware. Sɛ yebedi Kristo nokware paa a, ɛhwehwɛ sɛ yenya adwene a na Petro kura wɔ Yesu nkyerɛkyerɛ ho no bi. Ehia sɛ yesua te ase, na yɛde bɔ yɛn bra. Sɛ mpo ne nkyerɛkyerɛ no ma yɛn ho dwiriw yɛn esiane sɛ yɛnte ase anaa yɛn ani nnye ho nti a, ɛsɛ sɛ yetie. Sɛ yɛkɔ so di Yesu akyi nkutoo a ɛnna yebetumi anya anidaso sɛ yɛn nsa bɛka daa nkwa a ɔpɛ sɛ yenya no.—Monkenkan Dwom 97:10.
Bere a Wɔteɛɛ no So Mpo no, Ɔkɔɔ So Dii Nokware
11 Nsɛm yi akyi bere tiaa bi no, Yesu ne n’asomafo no ne n’asuafo no bi twaa kwantenten de wɔn ani kyerɛɛ atifi fam. Ɛtɔ mmere bi na obi wɔ Galilea Po no so mpo a, na otumi hu Bepɔw Hermon a sukyerɛmma wɔ atifi a ɛwɔ Bɔhyɛ Asase no atifi fam tɔnn no. Ná Yesu ne n’asuafo no retu kwan akɔ nkuraa a ɛbɛn Kaesarea Filipi a ɛbɛn Bepɔw Hermon no. Bere a wɔwɔ hɔ no, sɛ wɔto wɔn ani a na wohu Bɔhyɛ Asase no fã kɛse no ara sɛ ɛda anafo fam, na ɛhɔ na Yesu bisaa n’akyidifo no asɛntitiriw bi.
12 Ná Yesu pɛ sɛ ohu n’asomafo no adwene, enti obisae sɛ: “Nnipakuw no se mene hena?” Yebetumi de yɛn adwene abu sɛnea na Petro rehwɛ Yesu anim ne sɛnea eyi ma ɔkaee ayamye ne nyansa pii a ne Wura no wɔ no. Ná Yesu pɛ sɛ ohu adwene a nkurɔfo no kura wɔ no ho. Yesu asuafo no maa no mmuae. Ná wɔn nso kura adwene a ɛnteɛ a na nnipa pii kura wɔ Yesu ho no bi. Nanso, Yesu amma no anso hɔ ara. Ná ɔpɛ sɛ ohu sɛ n’akyidifo a wɔbɛn no paa no nso kura adwene a ɛnteɛ no bi anaa? Enti obisae sɛ: “Mo nso muse meyɛ hena?”—Luka 9:18-20.
13 Petro san yɛɛ ntɛm maa no mmuae. Ɔde akokoduru maa mmuae a emu da hɔ a ɛno ne nea na ɛwɔ nnipa pii a wɔwɔ hɔ no adwenem. Ɔkae sɛ: “Wone Kristo no, Onyankopɔn teasefo no Ba.” Yebetumi de yɛn adwene abu sɛnea Yesu de anigye kamfoo Petro de kyerɛe sɛ n’ani asɔ mmuae a wama no. Yesu maa Petro hui sɛ ɛnyɛ onipa, na mmom Yehowa Nyankopɔn na wama nokwasɛm titiriw yi ada adi ama nnipa a wɔwɔ gyidi a edi mũ no. Ná wɔama Petro ahu nokwasɛm atitiriw a na Yehowa nnya nnaa no adi no mu biako—onii a ɔne Mesia anaa Kristo a na wɔahyɛ no ho bɔ no!—Monkenkan Mateo 16:16, 17.
14 Saa Kristo yi ne onii a wɔ tete nkɔmhyɛ bi mu no, wɔkaa ne ho asɛm sɛ ɔbo a adansifo bɛpo no no. (Dw. 118:22; Luka 20:17) Bere a saa nkɔmhyɛ no wɔ Yesu adwenem no, ɔdaa no adi sɛ Yehowa bɛkyekyere asafo wɔ saa ɔbo no anaa ɔbotan a na Petro abehu sɛ ɔne Kristo no so. Afei, ɔde asɛyɛde atitiriw bi hyɛɛ Petro nsa wɔ saa asafo no mu. Yesu amma Petro dibea a nidi wom ansen asomafo a wɔaka no sɛnea ebinom adwene yɛ wɔn no, na mmom asɛyɛde pii na ɔde maa no. Ɔde “ahenni nsafe” hyɛɛ Petro nsa. (Mat. 16:19) Ná Petro benya hokwan abue Onyankopɔn Ahenni no pon ama nnipakuw abiɛsa ahyɛn mu—kuw a edi kan ne Yudafo, afei Samariafo, ɛnna kuw a etwa to no ne Amanaman mufo, anaa wɔn a wɔnyɛ Yudafo.
15 Nanso, Yesu kae akyiri yi sɛ, wɔn a wɔde pii ahyɛ wɔn nsa no, wɔbɛhwehwɛ pii afi wɔn hɔ, na yehu saa nokwasɛm yi wɔ Petro asɛm no mu. (Luka 12:48) Yesu kɔɔ so daa nokwasɛm ahorow bi a ɛfa Mesia no ho adi—ebi ne amane a na n’ankasa rebehu ne wu a na obewu wɔ Yerusalem no. Saa asɛm no a Petro tee no anyɛ no dɛ. Enti, ɔde Yesu kɔɔ nkyɛn kɔkaa n’anim sɛ: “Awurade, ka asɛmpa ma wo ho; eyi remma wo so koraa.”—Mat. 16:21, 22.
16 Akyinnye biara nni ho sɛ, adwempa na Petro de kaa saa asɛm no, enti ɛbɛyɛ sɛ mmuae a Yesu de maa no no maa ne ho dwiriw no. Ɔdanee n’akyi kyerɛɛ Petro, na ɔhwɛɛ asomafo a wɔaka a ɛbɛyɛ sɛ na wɔn nso ne Petro yɛ adwene no anim kae sɛ: “Fi me so, Satan! Woyɛ hintidua ma me, efisɛ wunnwen Onyankopɔn adwene, na mmom nnipa adwene.” (Mat. 16:23; Mar. 8:32, 33) Afotu pa bi wɔ asɛm a Yesu kae no mu a ɛbɛboa yɛn nyinaa. Ɛnyɛ den koraa sɛ yɛbɛma nnipa nsusuwii ho ahia yɛn kɛse asen Onyankopɔn de. Sɛ yɛyɛ saa na sɛ mpo yɛpɛ sɛ yɛboa obi a, anhwɛ a yɛrenhu sɛ yɛrehyɛ no nkuran ma wayɛ Satan apɛde mmom asen Onyankopɔn apɛde. Nanso, Petro yɛɛ n’ade dɛn?
17 Ɛbɛyɛ sɛ Petro hui sɛ ɛnyɛ nea na Yesu repɛ akyerɛ ne sɛ ɔyɛ ɔbɔnefo te sɛ Satan Ɔbonsam ankasa. Ná Yesu apo Satan. (Mat. 4:10) Yesu ampo Petro a na wahu nneɛma pa pii wɔ ne ho no, na mmom nsusuwii bɔne a na ɔsomafo no wɔ wɔ asɛm yi ho no na ɔteɛɛ no. Ná ɛnsɛ sɛ Petro yɛ hintidua ma ne Wura no, na mmom na ɛsɛ sɛ ogyina n’akyi sɛ ne boafo.
18 So Petro ne ne wura no yiyii nsɛm ano, ne bo fuwii, anaasɛ ɔkaa n’anim sii so? Dabi; mmom no ofi ahobrɛase mu gyee nteɛso no toom. Ɔnam nea ɔyɛe yi so daa no adi bio sɛ ɔyɛ ɔnokwafo. Wɔn a wodi Kristo akyi nyinaa, ɛtɔ mmere bi a ebehia sɛ wɔteɛ wɔn so. Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase gye nteɛso tom na yesua biribi fi mu nkutoo a, ɛnna yɛbɛkɔ so abɛn Yesu Kristo ne n’Agya, Yehowa Nyankopɔn kɛse.—Monkenkan Mmebusɛm 4:13.
Wohyiraa no Wɔ Ne Nokwaredi Ho
19 Ankyɛ na Yesu san kaa asɛm foforo bi a ɛyɛ nwonwa. Ɔkae sɛ: “Nokwarem mise mo sɛ, wɔn a wogyina ha yi mu bi wɔ hɔ a wɔrenka owu nhwɛ da kosi sɛ wobehu sɛ onipa Ba no reba n’ahenni mu.” (Mat. 16:28) Akyinnye biara nni ho sɛ, saa asɛm no maa Petro dwinnwen nneɛma pii ho. Dɛn na ɛbɛyɛ sɛ na Yesu repɛ akyerɛ? Ebia Petro adwene yɛɛ no sɛ, nteɛso a emu yɛ den a na wɔde ama no no nti ɔrennya hokwan ahorow soronko biara.
20 Nanso, bɛyɛ dapɛn biako akyi no, Yesu faa Yakobo, Yohane, ne Petro kaa ne ho kɔɔ “bepɔw tenten bi”—ebia Bepɔw Hermon a na enni akyiri no—so. Ɛbɛyɛ sɛ na ade asa, efisɛ na mmarima baasa no ani kum paa. Nanso, bere a Yesu rebɔ mpae no, biribi sii ma wɔn ani so tetee wɔn.—Mat. 17:1; Luka 9:28, 29, 32.
21 Yesu fii ase sakrae wɔ wɔn anim. N’anim fii ase hyerɛnee, na ɛkɔɔ so hyerɛnee araa kosii sɛ ano yɛɛ den te sɛ owia. N’atade nso yɛɛ fitaa hyɛnn. Afei, nnipa baanu bɛkaa Yesu ho, obiako yɛ Mose, ɛnna nea ɔka ho no nso yɛ Elia. Wɔne no bɔɔ nkɔmmɔ faa “ne kɔ a na etwa sɛ ɛba mu wɔ Yerusalem” no ho—ɛda adi sɛ na ɛfa ne wu ne ne wusɔre no ho. Hwɛ sɛnea Petro behui pefee sɛ odii mfomso sɛ ɔkae sɛ ɛnsɛ sɛ Yesu hu amane a ɛte saa na owu!—Luka 9:30, 31.
22 Petro tee nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔde n’ano to nkɔmmɔbɔ a na ɛrekɔ so wɔ anisoadehu nwonwaso no mu mu, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wama nkɔmmɔ a wɔrebɔ no ayɛ tenten. Ɛbɛyɛɛ te sɛ nea Mose ne Elia regyaw Yesu hɔ akɔ no. Enti Petro kae sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, eye sɛ yɛwɔ ha, enti ma yensi ntamadan abiɛsa, wo de biako, Mose de biako, Elia nso de biako.” Nokwarem no, na Yehowa asomfo baanu a wɔwɔ anisoade a wohui no mu no awuwu dedaadaw a na wonhia ntamadan. Ná Petro nnim nea ɔreka ankasa. Nanso, so ayamye a Petro daa no adi ne ahokeka a ɔde yɛɛ ade no mma w’ani nnye no ho?—Luka 9:33.
23 Petro, Yakobo, ne Yohane san nyaa nhyira foforo saa anadwo no. Omununkum bi bae bɛkataa wɔn so wɔ bepɔw no so. Wɔtee ɛnne bi wɔ omununkum no mu—ná ɛyɛ Yehowa Nyankopɔn nne! Ɔkae sɛ: “Oyi ne me Ba, nea wɔapaw no no. Muntie no.” Anisoadehu no akyi no, ɛkaa wɔne Yesu nkutoo wɔ bepɔw no so.—Luka 9:34-36.
24 Saa ahosakra a wohui no yɛ akyɛde a ɛsom bo paa ma Petro ne yɛn nyinaa! Mfe bi akyi no, Petro kyerɛw hokwan a onyae saa anadwo no sɛ ohuu Yesu wɔ n’anuonyam mu sɛ ɔsoro Hene ne sɛnea ɔde ‘n’ani ankasa huu n’anuonyam’ no ho asɛm. Saa anisoadehu no maa nkɔmhyɛ pii a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no baa mu, na ɛhyɛɛ Petro gyidi den sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi agyina sɔhwɛ pii a na ɛda n’anim no ano. (Monkenkan 2 Petro 1:16-19.) Yɛn nso, sɛ yɛyɛ yɛn ade te sɛ Petro na yɛkɔ so bata Owura a Yehowa apaw no sɛ ɔnhwɛ yɛn so no ho, yesuasua no, yegye nteɛso ne animka a ɔde ma yɛn tom, na yɛbrɛ yɛn ho ase di n’akyi daa a, n’ahosakra no betumi ahyɛ yɛn gyidi den.
[Kratafa 183 mfoni]
TI 46
“Mahu Awurade!”
ijwia asɛm 6 ¶5-6
“Mahu Awurade!”
Afei de, na Maria ade ne ho, na ahotɔ bi a na wanya no, yɛnka. Enti, na ɔrebɛhyɛ abrabɔ foforo ase. Dɛn na na ɔbɛyɛ de akyerɛ sɛ n’ani sɔ nea Yesu ayɛ ama no no? Ɔbɛyɛɛ Yesu kyidini mapa, na ɔyɛɛ Yesu ne n’asomafo no mmoa. Ná Yesu ne n’asomafo no hia aduan, ntaade, ne baabi a ade sa a, wɔde wɔn ti bɛto. Ná wɔnyɛ asikafo, na saa bere no nso, na wɔnyɛ adwuma mpɛ sika. Enti sɛ wɔbetumi de wɔn adwene asi Onyankopɔn asɛm a wɔka no so a, na wɔhia obi a ɔbɛboa wɔn ama wɔn nsa aka nneɛma a wɔhia wɔ wɔn asetena mu.
Maria ne mmea bi boaa wɔn ma wɔn nsa kaa saa nneɛma no. Mmea no de “wɔn ahode som wɔn.” (Luka 8:1, 3) Wɔn mu bi wɔ hɔ a, ɛbɛyɛ sɛ na wɔn nsam wɔ bi. Bible no nka sɛ na saa mmea yi noa aduan ma Yesu ne n’asomafo no, wɔhoro wɔn ntaade, anaa ansa na wɔbedu akuraa bi ase no, wɔdi kan kɔpɛ baabi a wɔbɛda ma wɔn. Nanso yenim sɛ wɔfi wɔn pɛ mu boaa mmarima bɛyɛ 20 a na wɔkyinkyin ka asɛmpa no. Akyinnye biara nni ho sɛ, adwumaden a saa mmea yi yɛe de boaa Yesu ne n’asomafo no, ɛboaa wɔn ma wɔtumi de wɔn adwene nyinaa sii Onyankopɔn asɛm a na wɔreka no so. Ɛwom, na Maria nim sɛ nea Yesu ayɛ ama no no, ɔrentumi ntua no ka da. Nanso na n’ani gye ho sɛ ɔbɛyɛ nea obetumi biara ama no!
ijwia asɛm 6 ¶16
“Mahu Awurade!”
Ɔbarima a na ogyina Maria anim no, na ɛnyɛ ɔno na ɔhwɛ turom hɔ. Saa ɔbarima yi de, bere bi na ɔyɛ kapentani, akyiri yi ɔbɛyɛɛ ɔkyerɛkyerɛfo, na ɔno ara nso na ɔbɛyɛɛ Maria Wura a na ɔpɛ n’asɛm no. Nanso Maria anhu no, na ɔdan ne ho sɛ ɔrekɔ. Nokwasɛm ne sɛ, na wɔanyan Yesu sɛ honhom abɔde a ɔwɔ tumi. Nanso na Maria nhwɛ kwan koraa. Esiane sɛ na Yesu abɛyɛ honhom nti, ɛyɛ a na ɔdan ne ho fa honam nipadua, nanso ɛnyɛ nipadua a ɔde bɔɔ afɔre no na Maria hui no. Nea ɛwom ne sɛ, Yesu wusɔre akyi no, oyii ne ho adi kyerɛɛ wɔn a wɔnim no yiye paa no, nanso mpɛn pii no, wɔanhu sɛ ɛyɛ ɔno.—Luka 24:13-16; Yohane 21:4.
w08 4/15 32 ¶5
Yohane Nhoma no Mu Nsɛntitiriw
20:17—Dɛn nti na Yesu ka kyerɛɛ Maria Magdalene sɛ onnyae ne mu? Ɛda adi sɛ nea ɛmaa Maria soo Yesu mu ne sɛ na osusuw sɛ Yesu rebɛforo akɔ soro a ɔrenhu no bio. Nea ɛbɛyɛ na Yesu ama Maria anya awerɛhyem sɛ onnya mforo nkɔɔ ɔsoro no, Yesu ka kyerɛɛ Maria sɛ onnyae ne mu na ɔnkɔka nkyerɛ n’asuafo no sɛ wanyan afi awufo mu.
w12 9/1 10 ¶4-5
Onyankopɔn Dwen Wɔn Ho, Ɔwɔ Obu ne Nidi Ma Wɔn
▪ Yesu gyee mmea dii. Sɛ ɔbea kodi adanse wɔ Yudafo asɛnnibea a, na wobu n’adanse te sɛ akoa. Abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus a ɔtenaa ase asomafo no bere so no de afotu yi mae sɛ: “Mmea de, mma obiara nnnye wɔn adanse ntom efisɛ wonni anuonyam na biribiara mfa wɔn ho.”
Yesu de, wanni saa nsɛm no akyi, na mmom mmea na ɔma wodii ne wusɔre ho adanse. (Mateo 28:1, 8-10) Saa mmea anokwafo yi huu Awurade wu ne ne sie, nanso bere a wodii ne wusɔre ho adanse no, asomafo no annye anni. (Mateo 27:55, 56, 61; Luka 24:10, 11) Nanso mmea no a Kristo dii kan de ne ho kyerɛɛ wɔn ne wusɔre akyi no kyerɛ sɛ na obu mmea sɛ wɔn nso wɔfata sɛ wodi adanse te sɛ asuafo a wɔaka no.—Asomafo Nnwuma 1:8, 14.
ijwbq asɛm 172-wcgr
Ná Maria Magdalene Yɛ Onipa Bɛn?
Nea Bible ka
Ná Maria Magdalene ka Yesu Kristo asuafo anokwafo no ho. Ɛbɛyɛ sɛ na Maria Magdalene atena kurow bi a wɔfrɛ no Magdala pɛn. Ebetumi aba sɛ ɛhɔ ara na na wɔfrɛ no Magadan no. Ná saa kurow no bɛn Galilea Po no. Ɛbɛyɛ sɛ tena a Maria tenaa hɔ no nti na ɛma wɔfrɛɛ no Magdalene.
Mmea a wɔkaa Yesu ne n’asuafo no ho tutuu akwan, na wɔde wɔn ahode boaa wɔn no, na Maria Magdalene ka ho. (Luka 8:1-3) Bere a wɔyɛɛ Yesu ayayade na wɔkum no no, na ɔwɔ hɔ bi. Afei nso, bere a Yesu nyan fii awufo mu no, na Maria Magdalene ka wɔn a wɔdii kan huu no no ho.—Marko 15:40; Yohane 20:11-18.
Ná Maria Magdalene yɛ tuutuuni anaa?
Bible nka wɔ baabiara sɛ na Maria Magdalene yɛ tuutuuni. Nea ɛka ara ne sɛ Yesu tuu ahonhommɔne nson fii ne mu.—Luka 8:2.
Ɛnde, dɛn nti na nkurɔfo ka sɛ na Maria Magdalene yɛ tuutuuni? Owui no, mfe pii akyi na nkurɔfo benyaa adwene sɛ na ɔyɛ tuutuuni. Nea enti a ebinom nyaa saa adwene no ne sɛ, sɛ wohwɛ nhoma a Luka kyerɛwee no mu a, ɛka ɔbea bi a ɔde ne nisu fɔw Yesu nan ho de ne ti nwi popae ho asɛm, na ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ tuutuuni. Luka rekyerɛw saa asɛm no, wammɔ ɔbea no din, na nkurɔfo susuw sɛ saa ɔbea no ne Maria Magdalene. (Luka 7:36-38) Nanso biribiara nni Bible mu a ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ Maria Magdalene.
Ná Maria Magdalene yɛ “asomafo no somafo” anaa?
Daabi. Nanso edin a Katolekfo de frɛ no ne “Ɔhotefo Maria Magdalene,” na wɔsan frɛ no “asomafo no somafo.” Nea enti a wɔfrɛ no saa ne sɛ, wɔn a wɔdii kan de Yesu wusɔre ho amanneɛbɔ brɛɛ asomafo no, na Maria Magdalene ka ho. (Yohane 20:18) Nanso ɛno nkyerɛ sɛ na ɔyɛ ɔsomafo, na Bible no nso nka wɔ baabiara sɛ na ɔyɛ ɔsomafo.—Luka 6:12-16.
Ɛrebɛka kakra ama ɔsomafo a otwa to no awu no na wɔkyerɛw Bible no nyinaa wiei. Ɛno akyi bɛyɛ mfe 100 anaa 200 na nkurɔfo fii ase kyerɛkyerɛw nsɛm bi, na na saa nsɛm no nka Bible no ho. Nsɛm a wɔkyerɛwee no bi ne sɛ, na Yesu asuafo no ani bere Maria Magdalene. Afei, ɔsomafo a otwa to no wu akyi bɛyɛ mfe 500 no, asɔre mpanyimfo bi de too wɔn ho so sɛ, wɔbɛfrɛ Maria Magdalene ɔhotefo. Nanso saa nsɛm no nyinaa nni nnyinaso, na enni Bible mu nso.
Ná Maria Magdalene yɛ Yesu Kristo yere anaa?
Daabi. Nokwasɛm ne sɛ, Bible ma yehu no pefee sɛ Yesu anware da.
[Adaka]
Nnipa dodow sɛn na wɔn din de Maria wɔ Bible mu?
Mmea nsia na Bible ka sɛ wɔn din de Maria.
1. Yesu maame.—Mateo 1:18.
2. Marta ne Lasaro nuabea.—Yohane 11:1, 2.
3. Maria Magdalene.—Luka 8:2.
4. Yakobo ne Yose maame.—Mateo 27:56.
5. Yohane a wɔfrɛ no Marko maame.—Asomafo Nnwuma 12:12.
6. Kristoni bi a na ɔwɔ Roma a ɔyɛɛ adwumaden de boaa asafo no.—Romafo 16:6.
w95 7/15 15-18 ¶3-8
Kristofo Mmea Fata Nidi Ne Obu
3 Ayamhyehye a Yesu wɔ ma nnipa no daa adi wɔ sɛnea ɔne mmea dii no mu. Bere bi, ɔbea bi a na mogya atu no mfirihyia 12 hwehwɛɛ Yesu wɔ nnipadɔm bi mu. Ne tebea no ma ɔbɛyɛɛ obi a sɛ yɛreka a, na ne ho ntew, ma enti anka ɛnsɛ sɛ ɔba hɔ. (Leviticus 15:25-27) Nanso na ne ho yeraw no araa ma owiaa ne ho kodii Yesu akyi brɛoo. Bere a osoo n’atade mu no, ne ho tɔɔ no amonom hɔ ara! Ɛwom sɛ na Yesu nam kwan so rekɔ Yairo a na ne babea yare denneenen no fie de, nanso ogyinae. Bere a ohui sɛ ahoɔden bi afi ne mu no, ɔtotoo n’ani hwehwɛɛ onii a osoo ne mu no. Awiei koraa no, ɔbea no de ahopopow bae bɛhwee n’anim. Ná Yesu bɛka n’anim sɛ ɔbaa nnipadɔm no mu anaasɛ osoo n’atade mu bere a ɔmmaa no kwan no? Nea ɛne no bɔ abira no, ɔbea no hui sɛ ɔwɔ dɔ, na ne yam ye. Ɔkae sɛ: “Ɔbabea, wo gyidi agye wo.” Eyi nkutoo ne bere a Yesu kasa kyerɛɛ ɔbea tee sɛ “ɔbabea.” Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ saa asɛm no maa ɔbea no koma tɔɔ ne yam!—Mateo 9:18-22; Marko 5:21-34.
4 Yesu hwɛ traa Mmara no ani ara kwa. Ohuu honhom a ɛwɔ akyi ne hia a mmɔborohunu ne ayamhyehye ho hia no. (Fa toto Mateo 23:23 ho.) Yesu huu ahoyeraw a na ɔbea yarefo no wom no, na osusuw ho sɛ gyidi na ɛkanyan ɔbea no. Ɔnam saayɛ so yɛɛ nhwɛso pa maa Kristofo mmarima, titiriw ahwɛfo. Sɛ Kristoni bea bi rehyia ɔhaw ahorow anaasɛ tebea bi a ɛyɛ den kɛse anaa ɛsɔ gyidi hwɛ a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo bɔ mmɔden hwɛ tra nsɛm a ɔka anaa nneyɛe a ɔda no adi no, na wosusuw nsɛm tebea ne adwene a ɛwɔ akyi no ho. Nhumu a ɛte saa bɛkyerɛ sɛ ebia ohia boasetɔ, ntease, ne mmɔborohunu mmom sen afotu ne nteɛso.—Mmebusɛm 10:19; 16:23; 19:11.
5 Bere a na rabifo atetesɛm aka mmea a wɔtraa ase bere a na Yesu wɔ asase so ahyɛ no, na wɔmma wɔn kwan sɛ wobedi adanse wɔ mmara kwan so. Susuw nea esii bere a wonyan Yesu fii awufo mu akyi bere tiaa bi wɔ Nisan 16, afe 33 Y.B. anɔpa no ho hwɛ. Ná henanom na wobedi kan ahu Yesu a wɔanyan no no na wɔakodi ho adanse akyerɛ asuafo afoforo no sɛ wɔanyan wɔn Awurade no? Ɛyɛ mmea a na wɔwɔ baabi a wɔbɔɔ no asɛndua mu hɔ kosii sɛ owui no.—Mateo 27:55, 56, 61.
6 Dapɛn no da a edi kan anɔpatutuutu no, Maria Magdalene ne mmea foforo de nnuhuam kɔɔ ɔboda no ho sɛ wɔrekɔhyɛ Yesu amu no aduru. Bere a wohui sɛ hwee nni ɔboda no mu no, Maria tuu mmirika kɔka kyerɛɛ Petro ne Yohane. Mmea a aka no kaa hɔ. Ankyɛ na ɔbɔfo bi baa wɔn nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔanyan Yesu. Ɔbɔfo no kae sɛ: “Monkɔ ntɛm nkɔka nkyerɛ n’asuafo.” Bere a saa mmea yi de ntɛmpɛ rekɔbɔ amanneɛ no, Yesu ankasa yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ nkɔka nkyerɛ me nuanom.” (Mateo 28:1-10; Marko 16:1, 2; Yohane 20:1, 2) Bere a na Maria Magdalene nnim sɛ ɔbɔfo bi aba hɔ, na awerɛhow ahyɛ no ma no, ɔsan baa ɔboda a hwee nni mu no ho. Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ hɔ, na bere a awiei koraa ɔbea no huu no no, Yesu kae sɛ: “Kɔ me nuanom nkyɛn kɔka kyerɛ wɔn sɛ: merebɛkɔ ɔsoro, m’agya ne mo agya ne me Nyankopɔn ne mo Nyankopɔn nkyɛn.”—Yohane 20:11-18; fa toto Mateo 28:9, 10 ho.
7 Anka Yesu betumi adi kan ayi ne ho adi akyerɛ Petro, Yohane, anaa asuafo foforo a wɔyɛ mmarima no biako. Mmom no, ɔpawee sɛ ɔbɛdom saa mmea yi denam ne wusɔre no a ɔmaa wodii kan hui ne hyɛ a ɔhyɛɛ wɔn sɛ wonkodi ho adanse nkyerɛ n’asuafo a wɔyɛ mmarima no so. Mfiase no, dɛn na mmarima no yɛe? Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Wɔn nsɛm no yɛɛ wɔn sɛ nsɛnhunu, na wɔannye wɔn [mmea no, NW] anni.” (Luka 24:11) Ebetumi aba sɛ esiane sɛ adanse no fi mmea hɔ nti na ɛyɛɛ wɔn den sɛ wobegye adi? Sɛ saa a, bere kɔɔ so no, wonyaa adanse bebree a ɛkyerɛe sɛ wɔanyan Yesu afi awufo mu. (Luka 24:13-46; 1 Korintofo 15:3-8) Ɛnnɛ, sɛ Kristofo mmarima susuw nsɛm a wɔn honhom fam nuabeanom ka ho a, wɔyɛ ade nyansam.—Fa toto Genesis 21:12 ho.
8 Ɛyɛ anigye ankasa sɛ yebehu ɔkwan a Yesu faa so ne mmea dii no. Esiane sɛ ɔne mmea dii nsɛm mmɔborohunu mu bere nyinaa, na ɔkarii pɛ nti, wɔamma wɔn so, na saa ara nso na wammu wɔn abomfiaa. (Yohane 2:3-5) Ná okyi rabifo atetesɛm a ɛmaa wɔhweree wɔn nidi, na ɛsɛee Onyankopɔn Asɛm no. (Fa toto Mateo 15:3-9 ho.) Yesu ankasa nam nidi ne obu a oyii no adi kyerɛɛ mmea no so daa sɛnea Yehowa Nyankopɔn te nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔne wɔn di nsɛm no adi. (Yohane 5:19) Yesu yɛɛ nhwɛso fɛfɛ maa Kristofo mmarima nso sɛ wonni akyi.—1 Petro 2:21.
TI 47
‘Ɔyɛɛ Nea Obetumi’
ia 173 ¶5-6; 176 ¶17
“Migye Di”
5 Ná Marta bɔ mmɔden sɛ ɔbɛma wɔn fie hɔ tena ayɛ anika na ahɔho nso ani agye wɔ hɔ. Esiane sɛ na ɔyɛ mmɔdenbɔfo, na onni ne ho adagyew koraa nti, na ɔtaa wɔ nnwuma pii a ɔyɛ. Bere a Yesu kɔsraa wɔn no, na ɔreyɛ nneɛma pii. Ntɛm ara na ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛyɛ nnuan ahorow a ɛyɛ dɛ ama ɔhɔho titiriw no, ne ebia nnipa a ɔne wɔn nam a na wɔabɛsra wɔn no. Saa bere no, na wɔntoto ahɔhoyɛ ase koraa. Sɛ obi nya ɔhɔho a, na ɔfew n’ano de ma no akwaaba. Afei nso, na oyi ɔhɔho no mpaboa, hohoro ne nan ho, na na ɔde ngohuam sra ne tirim. (Monkenkan Luka 7:44-47.) Ɛdefa baabi a ɔhɔho no bɛda ne aduan a obedi ho de, na wonni ho agoru koraa.
6 Ná Marta ne Maria ani abere reyɛ nneɛma pii a wɔde bɛhwɛ wɔn hɔho no. Ɛda adi sɛ, bere a na wɔn hɔho no nnya mmae no, Maria a nnipa pii susuw sɛ ɔno na na bere nyinaa ɔrepɛ biribi ahu na ɔhwɛ nneɛma kɔ akyiri no boaa ne nuabea no. Nanso, bere a Yesu bedui no, nneɛma sesae. Yesu de hokwan no kyerɛkyerɛɛ wɔn a ɔkɔtoo wɔn no. Yesu anyɛ n’ade te sɛ nyamesom akannifo a na wɔwɔ ne bere so no. Ɔno de, na obu mmea, na na wayɛ krado sɛ ɔbɛka Onyankopɔn Ahenni a na ɛyɛ n’asɛnka adwuma no asɛmti no ho asɛm akyerɛ wɔn. Maria a na n’ani agye hokwan a wanya no ho no tenaa Yesu nan ase tiee nea ɔkae biara.
17 Marta ne Maria nyinaa suu wɔn nuabarima no yɛɛ n’ayi ho nhyehyɛe, na wogyee ahɔho bebree a wofi Betania ne ne mpɔtam bae no. Ne nyinaa akyi no, na wɔntee Yesu nka. Ɛbɛyɛ sɛ, bere a bere rekɔ so no, Marta ho yeraw no paa. Awiei koraa no, bere a Lasaro wui akyi nnanan no, Marta tee sɛ Yesu adu kurow no kurotia. Wɔ saa bere a na Marta regyam ne nuabarima mpo no, ogyaee nea na ɔreyɛ nyinaa de ahopere kohyiaa Yesu a wammɔ Maria amanneɛ.—Monkenkan Yohane 11:18-20.
w99 9/1 30 ¶1-4
Maria Yi “Nea Eye No”
WƆ Yesu bere so no, wɔnam rabifo atetesɛm so hyɛɛ Yudafo mmea so. Enti, wɔanhyɛ wɔn nkuran sɛ wonsua Mmara no. Nokwarem no, nsusuwii bi a wɔada no adi wɔ Mishnah mu no kae sɛ: “Sɛ ɔbarima bi ma ne babea nya Mmara no ho nimdeɛ a, na ɛte sɛ nea wakyerɛ no tuutuusi.”—Sotah 3:4.
Ne saa nti, mmea pii a na wɔwɔ Yuda wɔ afeha a edi kan no mu no anya nhomasua a edi mũ. The Anchor Bible Dictionaray ka sɛ, “Yenni adanse biara a ɛkyerɛ sɛ ansa na Yesu refi ne som adwuma ase no, na wɔma Yudafo mmea kwan ma wɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo kɛse bi asuafo, na kampɛsɛ ɔne saa ɔkyerɛkyerɛfo no atu kwan, anaasɛ wakyerɛkyerɛ obi, gye mmofra.” Wɔ mmea animtiabu a ɛkɔ akyiri mu no, nyamesom akannifo binom mpo hyɛɛ mmara katee sɛ, ɛnsɛ sɛ ɔbarima biara ne ɔbea kasa wɔ baguam!
Yesu annye nneyɛe bɔne a ɛte saa no antom. Ɔkyerɛkyerɛɛ mmea ne mmarima nyinaa, na na wohu mmarima ne mmea nyinaa wɔ n’asuafo no mu. (Luka 8:1-3) Da bi, Marta ne Maria too nsa frɛɛ Yesu kɔɔ wɔn fie. (Luka 10:38) Na saa mmea baanu yi yɛ Lasaro nuabeanom, na na wɔn baasa nyinaa yɛ Yesu asuafo ne ne nnamfo ankasa. (Yohane 11:5) Sɛ yɛhwɛ nnipadɔm a wɔbɛkyekyee Marta ne Maria werɛ bere a Lasaro wui no a, ɛbɛyɛ sɛ na saa abusua yi di yiye. Sɛnea ɛte biara no, nea ɛkɔɔ so wɔ wɔn fie hɔ bere a Yesu kɔsraa wɔn no nyɛ asuade a mfaso wɔ so ma wɔn nkutoo, na mmom yɛn nso.
Ɔtraa Yesu Nan Ase Tiee N’asɛm
Akyinnye biara nni ho sɛ, na Marta ne Maria asiesie wɔn ho sɛ wɔbɛto pon kɛse bi ama Yesu, na ebia na wɔn ahoɔden betumi saa. (Fa toto Yohane 12:1-3 ho.) Nanso, bere a wɔn hɔho no bae no, Maria ‘traa Awurade nan ase tiee n’asɛm.’ (Luka 10:39) Nnipa atetesɛm biara nni hɔ a na ebetumi abara Yesu sɛ ɔnkyerɛkyerɛ ɔbea nokwafo a na n’ani abere sɛ obesua ade no! Yebetumi de yɛn adwene ahu sɛnea Maria traa Yesu nan ase, wɛn n’aso yiye te sɛ abofra a ɔretie asɛm, tie nea na ne Wura rekyerɛkyerɛ no no.—Fa toto Deuteronomium 33:3; Asomafo no Nnwuma 22:3 ho.
w08 5/1 31 ¶1-3
So Wunim?
Dɛn nti na na Maria ngo huamhuam no bo yɛ den saa?
Aka nna kakra ma Yesu awu no, Lasaro nuabea Maria “de alabasta toa a ngo huamhuam wom bae, nardo ngohuam amapa a ne bo yɛ den yiye,” na ohwie guu Yesu tiri mu. (Marko 14:3-5; Mateo 26:6, 7; Yohane 12:3-5) Marko ne Yohane bɔ amanneɛ sɛ na ngohuam no bo yɛ denare 300—bɛyɛ odwumayɛni afe mũ akatua.
Ɛhe na na ngohuam a ne bo yɛ den yi fi? Wɔkyerɛ sɛ nardo a Bible ka ho asɛm no yɛ afifide ketewa huamhuam bi a ɛwɔ Himalaya Bepɔw so. Ná wɔtaa de nneɛma afoforo frafra nardo a ne bo yɛ den mu anaa mpo wɔde ade foforo si ananmu. Nanso Marko ne Yohane nyinaa de asɛm, “nardo ngohuam amapa” na edii dwuma. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ na ngohuam yi bo yɛ den no kyerɛ sɛ ɛbɛyɛ sɛ na efi India a ɛwɔ akyirikyiri no.
Dɛn nti na Marko nhoma no ka sɛ Maria “bɔɔ alabasta toa no” sɛnea Bible bi ka no? Ná alabasta toa kɔn taa yɛ teateaa a na ɛma wotumi kata ano no yiye sɛnea ɛbɛyɛ a ngo no hua ntu nkɔ. Alan Millard kae wɔ ne nhoma bi mu sɛ: “Ná ɛnyɛ den mma ɔbea a ne ho pere no no sɛ ɔbɛbɔ [toa no kɔn] na ama watumi ahwie ngohuam no nyinaa agu no so prɛko pɛ sen sɛ ɔbɛtwɛn abue toa no ano.” (Discoveries From the Time of Jesus) Eyi ma yehu nea enti a “ngo huamhuam no hua hyɛɛ fie hɔ ma” no. (Yohane 12:3) Ɛyɛ akyɛde a ne bo yɛ den paa ampa, nanso na ɛfata. Dɛn ntia? Efisɛ na ɛnkyɛe koraa na na Yesu anyan ɔbea a ɔkyerɛɛ nneɛma ho anisɔ no nuabarima Lasaro, a ɔdɔ no no fii awufo mu ma ohui.—Yohane 11:32-45.
w10 11/1 6 ¶4, ase hɔ asɛm-wcgr
Sɛ Obi Yɛ Biribi Ma Wo a, Kyerɛ Ho Anisɔ
To wo bo ase dwen nneɛma a nkurɔfo ayɛ de aboa wo ho, na yɛ biribi fa kyerɛ ho anisɔ. Yesu yɛɛ wei ho nhwɛso fɛfɛɛfɛ maa yɛn. Bere bi, Yesu adamfo Maria hwiee ngohuam a ne bo yɛ den guu Yesu tirim ne ne nan ho. Ɛbaa saa no, ebinom bisae sɛ: “Adɛn nti na wɔasɛe ngo huamhuam yi saa?” Nea enti a na wɔrekeka saa ne sɛ, na wɔte nka sɛ wɔbetumi atɔn ngohuam no de sika no aboa ahiafo. Enti Yesu yii wɔn ano sɛ: “Munnyaa no. Adɛn nti na mopɛ sɛ mohaw no?” Ɛnna ɔsan kaa sɛ: “Wayɛ nea obetumi.” (Marko 14:3-8; Yohane 12:3) Enti, na Yesu pɛ sɛ wɔte ase sɛ, nea Maria tumi yɛ maa no no, n’ani sɔ paa.
[Ase hɔ asɛm]
Asomafo no bere so no, na nkurɔfo hwie ngohuam gu wɔn ahɔho tirim de ma wɔn akwaaba. Sɛ wɔhwie gu ɔhɔho no nan ase a, na ɛkyerɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase paa.
w99 4/15 16 ¶3-7
So Wowɔ Ayɛ?
Bere a Yesu Kristo reda ne soro Agya su ahorow adi wɔ ɔkwan a edi mu so no, ɔkyerɛɛ nneɛma a afoforo fi gyidi mu yɛe no ho anisɔ. Susuw nea esii bere bi wɔ Yerusalem asɔrefi no ho: “Na [Yesu] maa n’ani so huu adefo a wɔde wɔn ayɛyɛde regu tow adaka no mu. Na ohuu ɔbea kunafo hiani bi nso a ɔde mman abien beguu mu. Na ɔkae sɛ: Nokware, mise mo sɛ, okunafo hiani yi de bebree abegu mu sen wɔn nyinaa. Na eyinom nyinaa fi nea wɔwɔ na aboro wɔn so no mu na wɔde bi abegu mu, na oyi de, ofi ne hia mu de n’asetrade a ɔwɔ nyinaa na abegu mu.”—Luka 21:1-4.
Wɔ sika fam no, titiriw sɛ wode toto adefo no de ho a, na ntoboa no sua. Anka ɛbɛyɛ den sɛ wɔn a wɔwɔ hɔ no mu pii ani bɛba no so. Nanso, Yesu huu saa okunafo no. Osusuw ne tebea no ho. Yesu huu no na ɔkyerɛɛ ne ho anisɔ.
Asɛm foforo a esii no fa ɔdefo bea, Maria ho. Bere a Yesu te adidii no, ohwiee ngo huamhuam a ne bo yɛ den guu Yesu nan ho ne ne mpampam. Ebinom kasa tiaa n’adeyɛ no, susuwii sɛ anka wobetumi atɔn ngo no de sika no aboa ahiafo. Yesu yɛɛ n’ade dɛn wɔ ho? Ɔkae sɛ: “Munnyaa no! Adɛn na morehaw no? Wayɛ me ho adwuma pa. Nokware mise mo sɛ, wiase baabiara a wɔbɛka asɛmpa yi no, nea ɔbea yi ayɛ nso wɔbɛka de ayɛ no nkae.”—Marko 14:3-6, 9; Yohane 12:3.
Yesu annwiinwii katee sɛ wamfa ngo a ne bo yɛ den no anyɛ biribi foforo nti. Ɔkyerɛɛ ɔdɔ ne gyidi mu a Maria fi yɛɛ ayɛ no ho anisɔ. Wɔayɛ asɛm no ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu sɛ ne nnwuma pa no ho nkae. Saa nsɛm yi ne afoforo kyerɛ sɛ na Yesu yɛ onipa a ɔkyerɛ anisɔ kɛse.
Sɛ woyɛ Onyankopɔn somfo a, wubetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo kyerɛ mmɔden a wobɔ sɛ wobɛma ɔsom kronn anya nkɔso no ho anisɔ kɛse. Nimdeɛ a ɛte saa no twe yɛn bɛn wɔn na ɛkanyan yɛn ma yɛyɛ nnipa a wɔwɔ ayɛ.
TI 48
“Gyidi Ne Honhom Kronkron Ayɛ No Ma”
bt 41-42 ¶17-18
“Onyankopɔn Ne Sodifo a Ɛsɛ Sɛ Yetie No”
17 Biribi sii a na ebetumi asɛe asafo foforo a wɔatew no asomdwoe. Ná ɛyɛ dɛn? Esiane sɛ na asuafo a wɔabɔ wɔn asu no pɛ sɛ wɔsua nneɛma pii ansa na wɔasan akɔ wɔn kurom nti, wɔn mu pii tenaa Yerusalem kakra. Wei nti, asuafo a wɔte Yerusalem no yii wɔn yam de nnuan ne nneɛma foforo bɛboaa ahɔho no. (Aso. 2:44-46; 4:34-37) Nanso asɛm bi a na ebetumi akɔfa ɔhaw aba sɔree. Da biara a ‘wɔbɛkyɛ’ aduan no, ‘na wɔbu wɔn ani gu’ akunafo a wɔka Greek kasa no so. (Aso. 6:1) Nanso akunafo a wɔka Hebri kasa no de, wɔammu wɔn ani angu wɔn so. Enti wohwɛ mu a, wɔne akunafo a wɔka Greek kasa no anni no yiye, na na animhwɛ bi wom. Na wei betumi akɔfa mpaapaemu aba asafo foforo no mu.
18 Ná asafo no trɛw ara ɛretrɛw. Ná asomafo na na wɔreyɛ adwuma sɛ akwankyerɛ kuw. Wɔbehui sɛ, ɛmfata sɛ wɔgyaw ‘Onyankopɔn asɛm to hɔ kɔkyekyɛ aduan.’ (Aso. 6:2) Enti wɔmaa asuafo no hwehwɛɛ mmarima nson a “honhom ne nyansa ayɛ wɔn ma” a asomafo no betumi de ama wɔahwɛ “adwuma a ɛho hia yi so.” (Aso. 6:3) Nea enti a na wɔhia mmarima a wɔfata ne sɛ, na adwuma no nyɛ aduan kyekyɛ nkutoo, na mmom na wɔbɛhwɛ sika so, wɔbɛtotɔ nneɛma na wɔayɛ kyerɛwtohɔ papa. Mmarima a wɔyii wɔn no, na wɔn nyinaa wɔ Greek din, na ebia wei maa akunafo a wɔredi yaw no gyee wɔn toom. Bere a asomafo no susuw asɛm no ho bɔɔ ho mpae no, wɔde “adwuma a ɛho hia yi” hyɛɛ mmarima nson yi nsa.
bt 48 ¶13, ase hɔ asɛm
Stefano—“Adom Ne Tumi Ayɛ No Ma”
13 Mose bere so. (Aso. 7:17-43) Stefano kaa nsɛm pii faa Mose ho, na nyansa wom sɛ ɔyɛɛ saa efisɛ na Sanhedrin no mufo pii yɛ Sadukifo a wɔnnye Bible nhoma biara nni, gye nea Mose kyerɛwee no nko ara. Kae nso sɛ, wɔbɔɔ Stefano sobo sɛ waka Mose ho abususɛm. Stefano de ne kasa no bɔɔ saa sobo no gui, efisɛ ɔdaa no adi sɛ ɔwɔ obu kɛse ma Mose ne Mmara no. (Aso. 7:38) Ɔkaa sɛ Mose nso, wɔn a na ɔpɛ sɛ ogye wɔn no poo no. Bere a wɔpoo no no, na wadi mfe 40. Bɛboro mfe 40 akyi no, wɔsɔre tiaa ne tumidi mpɛn pii. Stefano faa saa kwan no so twee adwene sii nokwasɛm yi so: Mpɛn pii na Onyankopɔn nkurɔfo poo wɔn a Yehowa paw wɔn sɛ wɔnni wɔn anim no.
[Ase hɔ asɛm]
Stefano kaa nsɛm bi a enni baabi foforo biara wɔ Bible mu. Ebi ne nimdeɛ a Mose nyae wɔ Egypt, mfe dodow a na wadi bere a oguan fii Egypt, ne bere tenten a ɔtenaa Midian.
w18.10 32
So Wunim?
Bere a wɔretaa osuani Stefano no, ɛyɛɛ dɛn na ne koma antu?
NÁ Stefano gyina mmarima bi a wɔn tirim yɛ den anim. Ná saa mmarima no yɛ Sanhedrin no mufo. Sanhedrin no, na ɛyɛ asɛnnibea kunini a ɛwɔ Israel; na atemmufo 71 na wɔwom. Ná saa mmarima no ka nnipa a wɔwɔ tumi pa ara wɔ ɔman no mu ho. Ɔsɔfo Panyin Kaiafa na ɔfrɛɛ saa nhyiam no; ɔno ara nso na abosome kakra a na atwam no ɔtenaa pon ti ma wobuu Yesu kumfo. (Mat. 26:57, 59; Aso. 6:8-12) Wɔmaa nkurɔfo bedii adanse tiaa Stefano, na wohuu biribi a ɛyɛ nwonwa wɔ Stefano ho; na n’anim “te sɛ ɔbɔfo anim.”—Aso. 6:13-15.
Tebea a ɛyɛ hu saa mu no, ɛyɛɛ dɛn na Stefano koma antu na ɔyɛe sɛ nea hwee nhaw no? Ansa na wɔde Stefano rekogyina Sanhedrin no anim no, na Onyankopɔn honhom ahyɛ no mã ma ɔreyɛ ne som adwuma denneennen. (Aso. 6:3-7) Bere a na wɔredi Stefano asɛm no, Onyankopɔn honhom koro no ara na na ɛreyɛ adwuma wɔ no so sɛ ɔwerɛkyekyefo ne ɔkaakaefo. (Yoh. 14:16) Stefano de akokoduru kyerɛkyerɛɛ n’asɛm mu sɛnea wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Asomafo Nnwuma ti 7 no. Bere a ogu so rekasa no, honhom kronkron ma ɔkaakaee kyerɛwnsɛm bɛyɛ 20 anaa nea ɛboro saa wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu. (Yoh. 14:26) Nanso, bere a Stefano nyaa anisoadehu na ohui sɛ Yesu gyina Onyankopɔn nsa nifa no, ɛhyɛɛ ne gyidi den pa ara.—Aso. 7:54-56, 59, 60.
Yɛn nso, ɛda bi bɛba a, ebia nkurɔfo behunahuna yɛn na wɔataa yɛn. (Yoh. 15:20) Sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm daa na yɛyere yɛn ho yɛ asɛnka adwuma no a, yɛma Yehowa honhom yɛ adwuma wɔ yɛn so. Afei nso, yebenya akokoduru agyina ɔsɔretia ano na bere koro no ara yɛanya asomdwoe.—1 Pet. 4:12-14.
w05 1/1 31
Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
So asɛm a Stefano kae a ɛwɔ Asomafo no Nnwuma 7:59 no kyerɛ sɛ Yesu na ɛsɛ sɛ yɛbɔ no mpae?
Asomafo no Nnwuma 7:59 ka sɛ: “Wɔresiw Stefano abo no, ɔfrɛe sɛ: Awurade Yesu, gye me honhom!” Esiane sɛ Bible ka sɛ Yehowa na ɔyɛ “Mpaebɔ Tiefo” nti, saa asɛm yi ama nsɛmmisa asɔre wɔ ebinom adwenem. (Dwom 65:2) So Yesu na Stefano bɔɔ no mpae ankasa? So eyi kyerɛ sɛ Yesu ara ne Yehowa?
King James Version ka sɛ na Stefano “refrɛ Onyankopɔn.” Sɛ ɛte saa a, ɛnde na ɛfata sɛ nnipa pii ne Bible ho nkyerɛkyerɛmufo Matthew Henry a ɔkae sɛ: “Ɛha no na Stefano rebɔ Kristo mpae, enti ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛbɔ no mpae” no yɛ adwene. Nanso, saa adwene no yɛ mfomso koraa. Dɛn ntia?
Barnes’ Notes on the New Testament (Barnes Apam Foforo Ho Nsɛm) ka saa nokwasɛm yi: “Asɛmfua Onyankopɔn no nni mfitiase nkyerɛwee no mu, na anka ɛnsɛ sɛ ɛba nkyerɛase no mu. Enni tete [nsaano nkyerɛwee] anaa nkyerɛase no biara mu.” Ɛyɛɛ dɛn na asɛmfua “Onyankopɔn” bɛhyɛɛ nkyerɛase no mu? Nhomanimfo Abiel Abbot Livermore frɛɛ eyi “mfomso a nkyerɛasefo gyinaa wɔn som mu ntease a wokura so dii ho nhwɛso bi.” Enti, wɔayi asɛmfua Onyankopɔn a wodii atoro twee adwene sii so no afi nnɛyi nkyerɛase dodow no ara mu.
Nanso, nkyerɛase pii ka sɛ Stefano “bɔɔ” Yesu “mpae.” Na asehɔ asɛm a ɛwɔ New World Translation mu kyerɛ sɛ asɛm “ɔsrɛe” no betumi akyerɛ “mpaebɔ” nso. So ɛno renkyerɛ sɛ Yesu ne Ade Nyinaa So Tumfoɔ no? Dabi. Vine’s Expository Dictionary of Old and New Testament Words kyerɛkyerɛ mu wɔ saa kwan yi so sɛ mfitiase Hela asɛmfua, e·pi·ka·leʹo no kyerɛ: “Sɛ́ wɔbɛfrɛ, anaa . . . wɔde asɛm bi bɛdan otumfoɔ bi.” Paulo de asɛmfua koro yi ara dii dwuma bere a ɔkae sɛ: “Mede asɛm no medan Kaesare” no. (Asomafo no Nnwuma 25:11) Ɛnde, na ɛfata sɛ The New English Bible ka sɛ Stefano “frɛɛ” Yesu.
Dɛn na ɛmaa Stefano srɛɛ ade wɔ saa kwan yi so anaa ɔde asɛm no dan Yesu? Sɛnea Asomafo no Nnwuma 7:55, 56 kyerɛ no, Stefano a ‘honhom kronkron ayɛ no ma no hwɛɛ ɔsoro dinn huu Onyankopɔn anuonyam ne Yesu sɛ ogyina Onyankopɔn nifa.’ Sɛ ɛnyɛ anisoadehu no a anka Stefano bɛfa Yesu din so asrɛ Yehowa hɔ ade. Nanso, bere a Stefano huu Yesu a wɔanyan no wɔ anisoadehu mu no, ɛda adi sɛ ɔtee nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔde n’adesrɛ to n’anim tee, na ɔkae sɛ: “Awurade Yesu, gye me honhom!” Na Stefano nim sɛ wɔama Yesu tumi sɛ onnyan awufo. (Yohane 5:27-29) Enti ɔsrɛɛ Yesu sɛ ɔnkora ne honhom anaa ne nkwa so nkosi da a Yesu benyan no akɔ ɔsoro asetra a owu nnim mu.
So asɛntiaa a Stefano kae no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛbɔ Yesu mpae? Dabida. Ade biako ne sɛ, Stefano kyerɛe pefee sɛ ɛsono Yesu ɛnna ɛsono Yehowa, efisɛ kyerɛwtohɔ no ka sɛ ohuu Yesu sɛ “ogyina Onyankopɔn nifa.” Afei nso, na nsɛm tebea yi yɛ biribi soronko koraa. Bere foforo koro pɛ a obi kaa asɛm a ɛte saa kyerɛɛ Yesu ne bere a ɔsomafo Yohane nso huu Yesu wɔ anisoadehu mu na ɔkasa kyerɛɛ Yesu tee no.—Adiyisɛm 22:16, 20.
Ɛwom sɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ bɔ Yehowa Nyankopɔn mpae wɔ ɔkwan a ɛfata so de, nanso wɔn nso wɔ gyidi a emu yɛ den sɛ Yesu ne “owusɔre ne nkwa.” (Yohane 11:25, NW) Sɛnea ɛboaa Stefano no, saa ara na Yesu mu gyidi a yebenya sɛ obetumi anyan n’akyidifo afi awufo mu no betumi aboa yɛn na awowaw yɛn wɔ sɔhwɛ mmere mu.
bt 47-50 ¶9-19
Stefano—“Adom Ne Tumi Ayɛ No Ma”
9 Sɛnea yɛaka dedaw no, na Stefano anim te sɛ ɔbɔfo anim, ehu anka no. Afei Kaiafa hwɛɛ no kaa sɛ: “Nsɛm yi te saa anaa?” (Aso. 7:1) Ɔtoo asɛm no maa Stefano sɛ ɔnkasa, na ɔkasae nso!
10 Ebinom ka sɛ Stefano anhu n’asɛm ka. Wɔkyerɛ sɛ ne kasatenten no nyinaa akyi no, wantumi mpo anyi n’ano wɔ sobo a wɔde bɔɔ no no ho. Nanso yɛreka paa a, Stefano yɛɛ nhwɛso fɛfɛɛfɛ de kyerɛɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho, na bere biara a obi bebisa asɛmpa no ho biribi no, ‘yɛatumi ayi no ano.’ (1 Pet. 3:15) Kae sɛ wɔbɔɔ Stefano sobo sɛ waka Onyankopɔn ho abususɛm efisɛ wakasa atia asɔrefie no, na wɔkaa nso sɛ, waka Mose ho abususɛm efisɛ wakasa atia Mmara no. Stefano kyɛɛ Israel abakɔsɛm mu mmiɛnsa, na oyii emu nsɛm bi sii so dua de yii ne ho ano. Ma yɛmfa saa nsɛm mmiɛnsa no mmaako mmaako nka ho asɛm.
11 Israel agyanom bere so. (Aso. 7:1-16) Abraham gyidi nti, na Yudafo no bu no paa, enti Stefano kaa ne ho asɛm de fii n’asɛm no ase. Stefano de asɛntitiriw bi a ɔne Yudafo no nyinaa adwene hyia wɔ ho na efii ne kasa no ase, na osii so dua sɛ Yehowa, “anuonyam Nyankopɔn no,” dii kan yii ne ho adi kyerɛɛ Abraham wɔ Mesopotamia. (Aso. 7:2) Ná Abraham yɛ ɔhɔho wɔ Bɔhyɛ Asaase no so. Abraham bere so no, na asɔrefie biara nni hɔ, na na Mose Mmara no nso nni hɔ. Enti na obiara rentumi nka sɛ, sɛ obi betumi asɔ Onyankopɔn ani a gye sɛ ɔsom no wɔ asɔrefie anaa odi mmara pɔtee bi so.
12 Abraham aseni Yosef a na ɔyɛ ɔtreneeni no nso, na Stefano atiefo no bu no paa. Ɔne ne nuanom na wɔbɛyɛɛ Israel mmusuakuw agyanom no. Stefano kaee wɔn a na wɔretie no no sɛ, Yosef nuanom no ara na wɔtan n’ani tɔn no kɔɔ nkoasom mu. Ne nyinaa akyi no, ɔno na Onyankopɔn nam no so gyee Israel wɔ ɔkɔm bere mu. Yebetumi aka sɛ na Stefano nim sɛ nea Yosef faa mu no, ɛne nea Yesu Kristo faa mu no di nsɛ, nanso wampere ne ho amfa Yesu antoto Yosef ho, sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo no bɛkɔ so ara atie nea ɔreka no.
13 Mose bere so (Aso 7:17-43) Stefano kaa nsɛm pii faa Mose ho, na nyansa wom sɛ ɔyɛɛ saa efisɛ na Sanhedrin no mufo pii yɛ Sadukifo a wɔnnye Bible nhoma biara nni, gye nea Mose kyerɛwee no nko ara. Kae nso sɛ, wɔbɔɔ Stefano sobo sɛ waka Mose ho abususɛm. Stefano de ne kasa no bɔɔ saa sobo no gui, efisɛ ɔdaa no adi sɛ ɔwɔ obu kɛse ma Mose ne Mmara no. (Aso. 7:38) Ɔkaa sɛ Mose nso, wɔn a na ɔpɛ sɛ ogye wɔn no poo no. Bere a wɔpoo no no, na wadi mfe 40. Bɛboro mfe 40 akyi no, wɔsɔre tiaa ne tumidi mpɛn pii. Stefano faa saa kwan no so twee adwene sii nokwasɛm yi so: Mpɛn pii na Onyankopɔn nkurɔfo poo wɔn a Yehowa paw wɔn sɛ wɔnni wɔn anim no.
14 Stefano kaee n’atiefo no sɛ, Mose hyɛɛ nkɔm sɛ odiyifo bi bɛsɔre wɔ Israel a ɔte sɛ ɔno Mose. Hena ne saa odiyifo no, na sɛ ɔba a, sɛn na na nkurɔfo bebu no? Stefano twɛn buaa nsɛmmisa yi wɔ ne kasa no awiei. Ɔsan kaa asɛntitiriw bi. Ɛne sɛ, Mose behui sɛ asaase biara betumi ayɛ asaase kronkron. Ɛho nhwɛso ne baabi a na nwura no redɛw a Yehowa ne no kasae no. Sɛ saa na ɛte de a, yebetumi aka sɛ gye sɛ wosom Yehowa wɔ dan pɔtee bi te sɛ Yerusalem asɔrefie no mu ansa na wagye wo atom anaa? Ma yɛnhwɛ.
15 Ntamadan ne asɔrefie no. (Aso. 7:44-50) Stefano kaee baguafo no sɛ ansa na wɔresi asɔrefie no wɔ Yerusalem no, Onyankopɔn maa Mose yɛɛ ntamadan a wɔbɛsom no wom. Na wɔtumi tutu ntamadan no kɔ mmeaemmeae. Sɛ Mose ankasa som wɔ ntamadan no mu a, ɛnde hena na na obetumi de ne nsa asi ne bo aka sɛ asɔrefie no wɔ anuonyam sen ntamadan no?
16 Akyiri yi a Solomon sii Yerusalem asɔrefie no, honhom kaa no ma ɔkaa asɛm a ɛho hia bi wɔ ne mpaebɔ mu. Stefano kaa sɛ, “ɔsorosoroni no nte afi a nnipa de wɔn nsa asi mu.” (Aso. 7:48; 2 Be. 6:18) Enti Yehowa betumi de asɔrefie biara a ɔpɛ ayɛ adwuma ama n’apɛde aba mu, nanso sɛ asɔrefie biara nni hɔ nso a, obetumi ama n’apɛde aba mu. Sɛ saa a, ɛnde adɛn nti na ɛsɛ sɛ n’asomfo te nka sɛ ɔdan pɔtee bi a nnipa de wɔn nsa asi mu na ɛsɛ sɛ wɔsom ansa na wagye wɔn atom? Stefano kaa asɛm bi a tumi wom de wiee n’asɛm no. Ɔfaa saa asɛm no fii Yesaia nhoma no mu. Ɔkaa sɛ: “Ɔsoro yɛ m’ahengua, na asaase yɛ me nan ntiaso. Ofi bɛn na mubesi ama me? Yehowa na ose. Anaa homebea bɛn na mode bɛma me? Ɛnyɛ me ara me nsa na ayɛ nneɛma yi nyinaa?”—Aso. 7:49, 50; Yes. 66:1, 2.
17 Sɛ yetie Stefano asɛm a ɔkaa wɔ Sanhedrin bagua no anim no nyinaa a, yetumi hu sɛ ɔmaa emu daa hɔ sɛ adwene a na n’atamfo no kura no ntene, ɛnte saa? Ɔkyerɛe sɛ Yehowa nyɛ kyenkyenenn; ɔnka sɛ ‘kwan wei ara na mɛfa so, merensesa m’adwene da.’ Ɔmma amammerɛ ne amanne nkyekyere no. Wɔn a na wɔretie Stefano no, na wɔn ani gye Yerusalem asɔrefie fɛfɛɛfɛ no ho, na na amanne ne atetesɛm a nnipa de aka Mose Mmara no ho no agye wɔn adwene, nanso na wɔnte nea enti a Yehowa maa wɔsii asɔrefie no ase, na nea enti a ɔde Mose Mmara no maa wɔn no nso, na wɔnte ase! Ɔkwan bi so no, Stefano kasa no maa asɛmmisa titiriw bi sɔree. Ɛne sɛ: Sɛ obi antie Yehowa a, ɔbɛyɛ dɛn aka sɛ odi Mmara no so, na odi asɔrefie no ni? Nokwasɛm ne sɛ, nsɛm a Stefano kae no dii adanse sɛ ɔnyɛɛ bɔne biara, efisɛ ɔyɛɛ setie maa Yehowa sɛnea n’ahoɔden betumi.
18 Dɛn na yebetumi asua afi Stefano kasa no mu? Ná onim Kyerɛwnsɛm no yiye. Yɛn nso, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho sua Onyankopɔn Asɛm no yiye na yɛatumi akura “nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.” (2 Tim. 2:15) Afei nso, yebetumi asua biribi afi nidi ne anifere a Stefano de kasae no mu. Na wɔn a wɔretie no no ne n’adwene nhyia koraa! Nanso nneɛma a ɔde n’asɛm no gyinaa so no, na ɛda n’atiefo no koma so, enti otumi ne wɔn kasa kyɛe. Afei nso ɔde obu kasa kyerɛɛ wɔn, na ɔfrɛɛ mpanyimfo no “agyanom.” (Aso. 7:2) Yɛn nso ɛsɛ sɛ yɛde “odwo ne nidi” ka Onyankopɔn Asɛm mu nokwasɛm no kyerɛ nkurɔfo.—1 Pet. 3:15.
19 Yemmisa sɛ, esiane sɛ nkurɔfo bo befuw nti, yɛbɛka sɛ yɛrenka nokwasɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no nkyerɛ wɔn, anaasɛ yebegow Yehowa atemmusɛm mu? Daabi. Stefano yɛɛ wei ho nhwɛso. Ohui sɛ Sanhedrin atemmufo no komaden nti, adanse a ɔde maa wɔn nyinaa ankosi hwee. Enti Stefano de ne kasa no baa awiei. Honhom kronkron no boaa no maa ɔde akokoduru kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔte sɛ wɔn nananom a wɔpoo Yosef ne Mose ne adiyifo no nyinaa no. (Aso. 7:51-53) Saa Sanhedrin atemmufo koro yi ara na wɔkum Mesia a Mose ne adiyifo no nyinaa kaa sɛ ɔbɛba no. Yɛreka paa a, wɔn na na wɔdi Mose Mmara no ho fɔ sen obiara!
TI 49
N’ase Timii Sɛ Ɔbotan
ijwbq asɛm 124 ¶1-5-wcgr
“Ɔsoro Ahenni nsafe” anaa nsafoa mmiɛnsa no gyina hɔ ma dɛn?
Tumi a na ɛbɛma obi atumi abue kwan ama nkurɔfo akɔ “Onyankopɔn Ahenni mu” no, ɛno ne “ɔsoro Ahenni nsafe” anaa nsafoa mmiɛnsa no. (Mateo 16:19; Asomafo Nnwuma 14:22) Yesu de ɔsoro Ahenni nsafoa no maa Petro. Nea na wei kyerɛ ne sɛ, sɛ anokwafo betumi anya honhom kronkron ne nimdeɛ a ɛbɛma wɔakɔ Onyankopɔn Ahenni no mu a, Petro na wɔde hyɛɛ ne nsa sɛ ommue hokwan mma wɔn.
Henanom na ɔde nsafoa no buee kwan maa wɔn?
Onyankopɔn maa Petro hokwan kɛse a ɔde bebue kwan ama nnipakuw mmiɛnsa bi akɔ Onyankopɔn Ahenni mu wɔ soro. Saa nnipakuw no ne:
1. Yudafo ne wɔn a wɔasakra abɛyɛ Yudafo. Yesu wui no, ankyɛ biara na Petro ka kyerɛɛ Kristofo a wɔyɛ Yudafo sɛ, wɔnnye ntom sɛ Yesu ne obi a Onyankopɔn ayi no sɛ onni n’Ahenni no so hene. Petro ma wɔhuu nea wɔyɛ a ɛbɛma wɔanya nkwa. Nnipa mpempem “gyee n’asɛm no,” enti yebetumi aka sɛ Petro buee kwan sɛnea ɛbɛyɛ a Yudafo pii bɛkɔ Onyankopɔn Ahenni no mu.—Asomafo Nnwuma 2:38-41.
2. Samariafo. Akyiri yi, wɔsomaa Petro kɔɔ Samariafo no nkyɛn. Ɔde safoa a ɛtɔ so mmienu no buee kwan maa wɔn nso. Saa bere no, ɔne ɔsomafo Yohane “kɔbɔɔ mpae maa wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya honhom kronkron.” (Asomafo Nnwuma 8:14-17) Ɛno buee kwan maa Samariafo no, na ama wɔatumi akɔ Onyankopɔn Ahenni no mu.
3. Amanaman mufo. Yesu wui no, mfe mmiɛnsa ne fã akyi, Onyankopɔn maa Petro nyaa anisoadehu bi. Ɔma ohui sɛ Amanaman mufo no nso betumi anya hokwan akɔ Onyankopɔn Ahenni no mu bi. Anisoadehu no akyi no, Petro de safoa a ɛtɔ so mmiɛnsa no yɛɛ adwuma. Ɔkɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ Amanaman mufo ma wɔnyaa honhom kronkron, na wɔbɛyɛɛ Kristofo. Enti wɔn nso nyaa hokwan sɛ wɔbetumi akɔ Onyankopɔn Ahenni no mu.—Asomafo Nnwuma 10:30-35, 44, 45.
bt 69 ¶1, ase hɔ asɛm
“Onyankopɔn Nyiyi Nnipa Mu”
NÁ AKA kakra ama awɔwbere adu wɔ afe 36 Y.B. Ná Petro rebɔ mpae awiabere wɔ ɔdan bi atifi. Ná fie no bɛn mpoano wɔ Yopa, na na wadi nna kakra wɔ fie hɔ. Ɛhɔ a ɔtenae no ma yehu sɛ ɔkwan bi so no, na ɔnyɛ nnipa mu nyiyim, efisɛ na ofie no wura ne Simon a ɔhyɛ mmoa nhoma aduru, na na Yudafo dodow no ara renkɔ ɔbarima a ɔte saa fie da. Ne nyinaa mu no, na Petro rebesua biribi titiriw bi a ɛbɛma wahu paa sɛ Yehowa nyiyi nnipa mu.
[Ase hɔ asɛm]
Ná Yudafo binom mmu wɔn a wɔhyɛ mmoa nhoma aduru, efisɛ na wɔn adwuma no ma wɔsuso mmoa nhoma, mmoa funu, ne nneɛma a ɛyɛ tan mu. Wɔn a wɔyɛ saa adwuma no, na nkurɔfo bu wɔn sɛ wɔmfata sɛ wɔkɔ asɔrefie, na na ɛnsɛ sɛ wɔyɛ wɔn adwuma no wɔ kurom. Anyɛ yiye koraa, na ɛsɛ sɛ ɔkwan a ɛda baabi a wɔyɛ adwuma no ne kurow no ntam no yɛ mita 20. Ebia ɛno ka ho bi na na Simon fie bɛn “mpoano” no.—Aso. 10:6.
w17.04 26-27 ¶15-17
Wowɔ Atɛntrenee Ho Adwene a Yehowa Wɔ no Bi?
15 Bere a wowiee nhyiam a wɔyɛe afe 49 Y.B. no akyi bere tiaa bi no, Petro kɔɔ Antiokia a ɛwɔ Siria. Bere a na Petro wɔ hɔ no, ɔne ne nuanom a wɔyɛ Amanaman mufo no bɔe a na biribiara nhaw no. Akyinnye biara nni ho sɛ, nimdeɛ ne osuahu a na Petro wɔ no boaa wɔn paa. Nanso, bere a mpofirim ara Petro ne wɔn annidi bio no, ɛbɛyɛ sɛ wɔn ho dwiriw wɔn, na ɛyɛɛ wɔn yaw paa. Asafo no mufo foforo a wɔyɛ Yudafo a na Barnaba mpo ka ho dii mfomso kodii Petro akyi. Dɛn na ɛmaa Kristoni a ne ho akokwaw a ɔyɛ asafo mu panyin no dii mfomso kɛse a ɛte saa? Ná saa mfomso no betumi de mpaapaemu aba asafo no mu. Nea ɛho hia paa no, sɛ asafo mu panyin bi ka asɛm bi anaa ɔyɛ biribi ma ɛyɛ yɛn yaw a, dɛn na yebetumi asua afi mfomso a Petro dii no mu ama aboa yɛn?
16 Kenkan Galatifo 2:11-14. Nnipa ho suro na esum Petro afiri. (Mmeb. 29:25) Ná Petro nim adwene a Yehowa wɔ wɔ Amanaman mufo no ho. Nanso, na osuro sɛ anhwɛ a na Yerusalem asafo no mufo a wɔyɛ Yudafo a wɔatwa twetia no abu no animtiaa. Ɔsomafo Paulo a na ɔno nso wɔ nhyiam a wɔyɛe wɔ Yerusalem afe 49 Y.B. ase no kaa Petro anim wɔ Antiokia, na ɔpaa Petro nyaatwom no ho ntama. (Aso. 15:12; Gal. 2:13) Kristofo a wɔyɛ Amanaman mufo a mfomso a Petro dii no haw wɔn no, na wɔbɛyɛ wɔn ade sɛn wɔ asɛm no ho? Ná wɔbɛma ato wɔn hintidua anaa? Yemmisa sɛ, mfomso a Petro dii no, na ɛbɛma ɔsom hokwan ahorow a ɛsom bo a ɔwɔ no afi ne nsa anaa?
FA BƆNE FIRI
17 Ɛda adi sɛ, Petro brɛɛ ne ho ase gyee nteɛso a Paulo de maa no no toom. Asɛm biara nni Kyerɛwnsɛm no mu a ɛkyerɛ sɛ ɔsom hokwan ahorow a na Petro wɔ no fii ne nsa. Nokwasɛm ne sɛ, akyiri yi mpo, Onyankopɔn honhom kaa Petro ma ɔkyerɛw nkrataa mmienu a ɛbɛyɛɛ Bible no fã. Krataa a ɛto so mmienu a Petro kyerɛwee no mu no, ɔkaa Paulo ho asɛm sɛ “yɛn nua dɔfo.” (2 Pet. 3:15) Ɛwom sɛ ebia mfomso a Petro dii no yɛɛ asafo no mufo a wɔyɛ Amanaman mufo no yaw de, nanso Yesu a ɔyɛ asafo no ti no kɔɔ so de Petro yɛɛ adwuma. (Efe. 1:22) Wei maa asafo no mufo nyaa hokwan suasuaa sɛnea Yesu ne n’Agya de bɔne firi no. Yennim nea asɛm no kowiei, nanso yegye di sɛ obiara amma Petro a ɔyɛ onipa a ɔtɔ sin no mfomso no anto no hintidua.
it “Nkoasom” ¶24-wcgr
Nkoasom
Ade baako a ɛmaa Kristosom trɛwee ntɛmntɛm ne sɛ, Kristofo bɔ hwetee Roma Ahemman no mu nyinaa. Yesu Kristo de, Israel asaase so nko ara na ɔkaa asɛmpa no, nanso ɔka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ, wɔnka asɛmpa no mfa nkɔ “asaase ano noho.” (Aso 1:8) Pentekoste afe 33 Y.B. no, Yudafo a wɔfi Roma Ahemman no mu baabiara behyiaam wɔ Yerusalem dii Pentekoste afahyɛ no. Wɔtee sɛ honhom kronkron ama Kristofo no reka asɛmpa no wɔ kasa pii mu. Ebi ne kasa a na wɔka wɔ Parti, Media, Elam, Mesopotamia, Kapadokia, Ponto, Asia mpɔtam, Frigia, Pamfilia, Egypt, Libia, Kreta, Arabia, ne Roma. Nnipa mpempem pii a wɔkɔɔ afahyɛ no bi no bɛyɛɛ Kristofo, na bere a wɔkɔɔ wɔn kurom nso, wɔanka wɔn ano antom, na mmom wɔtoaa so kaa asɛmpa no. (Aso 2:1-11) Sɛ Paul kɔ nkurow a Yudafo no abɔ ahwete wɔ hɔ no bi so a, na onya hyia adan wɔ hɔ. Enti na onya nkurɔfo wɔ hɔ ka asɛmpa no kyerɛ wɔn. Bere a Paul kɔɔ Listra sei, ohyiaa Timoteo. Ná Timoteo maame yɛ Yudani. Bɛyɛ afe 50 Y.B. a Paul kɔɔ Korinto no nso, ohyiaa Akwila ne Priskila. Saa bere no, afei na na wɔfi Roma aba Korinto foforo. (Aso 13:14; 14:1; 16:1; 17:1, 2; 18:1, 2, 7; 19:8) Esiane sɛ na Yudafo anaa “wɔn a wɔatwa twetia” pii wɔ Babilon ne nkurow a ɛbemmɛn hɔ nti, Petro kɔtenaa hɔ kaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn. (Ga 2:8; 1Pe 5:13) Bere a wɔsɛee Yerusalem wɔ afe 70 Y.B. akyi no, Yudasom kɔɔ so ara gyee ntini wɔ Babilon ne nkurow a ɛbemmɛn hɔ no mu.
Nneɛma a ɛba toatoa so wɔ jw.org, “Dwumadi a Yɛde Sua Bible”-wcgr
Onyankopɔn Nyiyi Nnipa Mu
MMOFRA AFÃ
Ɛho akwankyerɛ: Saa dwumadi yi, yɛ no baabi a dede nni. Sɛ wokenkan kyerɛwnsɛm bi a, twa ho mfoni wɔ w’adwene mu sɛ na wugyina hɔ bi na asɛm no sii. Dwen ho hwɛ nne a nnipa no de kasae. Afei bisa wo ho sɛ, nnipa a Bible kaa wɔn ho asɛm no, wɔn werɛ ahow, wɔn ani agye, anaa wɔn bo afuw?
Wɔn a asɛm no fa wɔn ho paa: Kornelio, Petro
Nea yɛrebɛka ho asɛm: Petro anyiyi nnipa mu, enti ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ Kornelio a na ɔyɛ amanaman muni no. Ɔyɛɛ saa de suasuaa Onyankopɔn.
1 KENKAN ASOMAFO NNWUMA 10:1-35, 44-48, NA DWINNWEN ASƐM YI HO.
Twa Kornelio ho mfoni wɔ w’adwenem, wohwɛ a sɛn na na ɔte?
. . . . .
Hwɛ nea ɛkɔɔ so wɔ nkyekyɛm 3 kosi 6 no. Wohwɛ a sɛn na Kornelio ne ɔbɔfo no kasae? Ná ne bo afuw? Ná n’ani agye, anaa na ɔte nka sɛn?
. . . . .
Sɛ wohwɛ nkɔmmɔ a ɛkɔɔ so wɔ Kornelio ne n’asomfo no ntam wɔ nkyekyɛm 7 ne 8 no a, fa no sɛ na wowɔ hɔ bi. Wohwɛ a, dɛn na anka wobɛte sɛ wɔreka?
. . . . .
2 SUA PII KA HO.
Anisoadehu a Petro nyae a ɛwɔ nkyekyɛm 10 kosi 16 no, adɛn nti na yɛbɛka sɛ ɛboaa no ma ɔtee nea na Onyankopɔn pɛ sɛ ɔyɛ no ase paa? (Nea Ɛbɛboa Wo: Kae sɛ na Petro yɛ Yudani. Kenkan nkyekyɛm 14.)
. . . . .
Sɛ wohwɛ nkyekyɛm 25 no a, suban bɛn na wuhu wɔ Kornelio ho? Sɛ wohwɛ dibea a na Kornelio wɔ a, adɛn nti na yebetumi aka sɛ ɛntaa nsi sɛ obi a ɔwɔ dibea saa bɛda saa suban no adi? (Nea Ɛbɛboa Wo: Kan nkyekyɛm 1.)
. . . . .
Sɛ wopɛ sɛ wuhu Italy asraafodɔm a na Kornelio da wɔn ano no dodow a, wubetumi de jw.org anaa nhoma a Yehowa Adansefo de yɛ nhwehwɛmu ahwehwɛ.
. . . . .
Adɛn nti na na ɛyɛ nwanwa paa sɛ Kornelio bɛyɛɛ Kristoni?
. . . . .
3 FA NEA WUSUAE NO YƐ ADWUMA. KYERƐW NEA WUSUAE WƆ NEA EDIDI SO YI HO . . .
Sɛnea yɛde mfatoho, video, anaa mfoni bedi dwuma yiye.
. . . . .
Onyankopɔn nyiyi nnipa mu.
. . . . .
Nea wobɛyɛ de akyerɛ sɛ wo nso wunyiyi nnipa mu.
. . . . .
4 ASƐM YI FÃ BƐN NA W’ANI GYE HO PAA, NA DƐN NTIA?
. . . . .
TI 50
Ɔsesaa Ne Suban
w99 5/15 30 ¶1
Saul—Anwenne a Awurade Paw No
Yenim sɛ Saul fi Tarso, Roma mansin a ɛwɔ Kilikia (a seesei ɛwɔ Turkey anafo fam no) ahenkurow ne ne kuropɔn no mu. Ɛwom sɛ Yudafo pii te hɔ de, nanso na ɛhɔ asetra nso betumi ama Saul de ne ho ahyɛ Amanaman mufo amammerɛ mu. Na Tarso yɛ kurow kɛse a na edi yiye a wonim sɛ ɛhɔ yɛ beae a wosua Helafo amammerɛ. Akontaabu kyerɛ sɛ na nnipa a wɔte hɔ wɔ afeha a edi kan mu no dodow bɛyɛ 300,000 kosi 500,000. Na ɛyɛ aguadibea a ɛda Asia Kumaa, Siria, ne Mesopotamia tempɔn no ho. Aguadi ne asasetaw a ɛyɛ asase pa a ɛma awi, bobesa, ne asaawa titiriw no na ɛmaa Tarso dii yiye. Wonyaa ɔpapo nhwi ntama a na wɔde yɛ ntamadan no fii ntamanwene adwuma a na ɛkɔ so yiye no mu.
bt 62, adaka ¶1-3
Asafo No “Nyaa Asomdwoe”
Asomafo Nnwuma no ka sɛ bere a wɔresiw Stefano abo no, na “aberante bi a wɔfrɛ no Saul” wɔ hɔ. Ná saa aberante no fi Tarso. Ná Tarso wɔ baabi a ɛnnɛ wɔfrɛ hɔ Turkey no anaafo fam, na na ɛyɛ Roma mantam Kilikia kuropɔn. (Aso. 7:58) Ná Yudafo bebree te saa kurow no mu. Sɛnea Saul ankasa nsɛm a ɔkyerɛwee kyerɛ no, ‘wɔtwaa no twetia da a ɛto so nwɔtwe, ná ɔyɛ Israelni a ofi Benyamin abusuakuw mu, na na ɔyɛ Hebrini a Hebrifo na ɛwoo no; ɛba mmara so di a, na ɔyɛ Farisini.’ Ɛno nti, na ɔyɛ Yudani a wɔbu no paa!—Filip. 3:5.
Ná Saul te kurow kɛse bi mu, na na aguadi kɔ so yiye wɔ hɔ. Afei nso, na Greecefo amammerɛ di akoten wɔ hɔ. Esiane sɛ Saul nyinii wɔ Tarso nti, na ɔte Greek kasa. Ɛbɛyɛ sɛ ɔyɛ abofra no, ɔkɔɔ Yudafo sukuu. Saul suaa sɛnea wɔyɛ ntamadan efisɛ ɛyɛ adwuma a na ne kuromfo bebree nim yɛ. Ebia bere a Saul yɛ abofra koraa no na osuaa ntamadan adwuma no fii ne papa nkyɛn.—Aso. 18:2, 3.
Bio nso, Asomafo Nnwuma no ma yehu sɛ wɔwoo Saul sɛ Romani. (Aso. 22:25-28) Wei kyerɛ sɛ na ne nana bi abɛyɛ Romani dedaw. Nea ɛyɛe a Saul abusuafo nyaa hokwan bɛyɛɛ Roma man mma no de, yennim. Sɛnea ɛte biara no, esiane sɛ na wɔyɛ Romafo nti, na wɔbu wɔn nnipa titiriw wɔ wɔn kurom. Sɛ yɛhwɛ baabi a na Saul fi ne ne nhomasua a, yehu sɛ na onim Yudafo ne Greecefo ne Romafo amammerɛ yiye.
w22.09 27
Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
Bere a Paul kaa sɛ ɔte sɛ “obi a ne bere anso na wɔwoo no no,” na ɔrepɛ akyerɛ sɛn? (1 Korintofo 15:8)
Paul kaa wɔ 1 Korintofo 15:8 sɛ: “Nea etwa to koraa no, oyii ne ho adi kyerɛɛ me a mete sɛ obi a ne bere anso na wɔwoo no no.” Bere bi a atwam no, yɛkyerɛkyerɛɛ asɛm yi mu sɛ, osuahu a Paul ankasa nyae bere a onyaa anisoadehu bi a ɛfa Yesu a wɔahyɛ no anuonyam wɔ soro ho no, ɛbɛyɛ sɛ ɛno ho asɛm na na Paul reka. Ná ɛte sɛ nea wanya hokwan ama wɔawo no, anaa wɔanyan no ama wayɛ honhom dedaw bere mpo a na bere nsoe koraa sɛ wonyan wɔn a wɔbɛkɔ soro no. Nanso bere a yɛtoo yɛn bo ase yɛɛ saa nkyekyɛm yi mu nhwehwɛmu kɔɔ akyiri no, yɛahu sɛ ehia sɛ yɛsesa ntease a yɛwɔ wɔ ho no.
Ɛyɛ nokware sɛ nea ɛtoo Paul ansa na ɔrebɛyɛ Kristoni no, ɛno ho asɛm na na ɔreka. Nanso bere a ɔkaa sɛ ɔte sɛ “obi a ne bere anso na wɔwoo no no,” na ɔrepɛ akyerɛ sɛn? Ebetumi aba sɛ nea edidi so yi bi na na ɛwɔ n’adwene mu.
Ɔbɛyɛɛ Kristoni putupuru, na nea ɔfaa mu no wosow no. Mpɛn pii no, mpofirim na wɔwo obi a ne bere anso. Saul (a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Paul) nam kwan so rekɔ Damasko akɔtan Kristofo no ani no, na ɔnhwɛ kwan sɛ obenya anisoadehu bi a ɛfa Yesu a wɔanyan no no ho. Ɔkwan a Paul nam so bɛyɛɛ Kristoni no, ɛyɛɛ ɔno ankasa ne Kristofo a na ɔrekɔtan wɔn ani wɔ kurow no mu nyinaa nwanwa. Wei da nkyɛn a, nea ɔfaa mu no wosow no paa ma enti n’ani furae bere tiaa bi.—Aso. 9:1-9, 17-19.
Bere a ɔbɛyɛɛ Kristoni no, na “ɛnyɛ bere pa.” Tete Greek asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “obi a ne bere anso na wɔwoo no no,” ebetumi nso akyerɛ “obi a wɔanwo no bere pa mu.” The Jerusalem Bible kyerɛ saa asɛm no ase sɛ: “Ɛte sɛ nea wɔwoo me bere a na obiara nhwɛ kwan.” Bere a Paul bɛyɛɛ Kristoni no, na Yesu kɔ soro dedaw. Wɔn a Paul kaa wɔn ho asɛm wɔ nkyekyɛm a edi wei anim mu no, bere a Yesu nyanee no, wohuu no ansa na ɔrekɔ soro, nanso Paul de wanhu no. (1 Kor. 15:4-8) Sɛnea Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ Paul putupuru no ma onyaa hokwan huu no, ɛwom sɛ asɛ na “ɛnyɛ bere pa” mu.
Ná ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ ɔnyɛ obiara. Bible ho abenfo bi ka sɛ, asɛm a Paul de dii dwuma wɔ ha no, ebetumi aba sɛ na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ ɔnyɛ obiara. Sɛ ɛno na na ɛwɔ Paul adwene mu a, ɛnde na ɔreka sɛ ɔmfata sɛ wanya saa hokwan no. Nokwasɛm ne sɛ, ɔtoaa so sɛ: “Mene nea osua koraa wɔ asomafo no mu, na memfata sɛ wɔfrɛ me ɔsomafo, efisɛ metan Onyankopɔn asafo no ani. Nanso Onyankopɔn adom nti na mete sɛnea mete yi.”—1 Kor. 15:9, 10.
Enti ebetumi aba sɛ, na Paul reka sɛ Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ no putupuru bere a na ɔnhwɛ kwan, anaa bere a ɔbɛyɛɛ Kristoni no, na ɛnyɛ bere pa, anaa na ɔmfata sɛ onya saa anisoadehu a ɛyɛ nwanwa no. Sɛnea ɛte biara no, wutumi hu paa sɛ Paul buu saa hokwan a onyae no sɛ ɛsom bo. Ɛma onyaa adanse a ɛkyerɛ pefee sɛ wɔanyan Yesu afi awufo mu. Saa osuahu a ɔnhwɛ kwan a onyae yi, sɛ na ɔreka Yesu wusɔre no ho asɛmpa akyerɛ nkurɔfo a, ɛnyɛ nwanwa sɛ na ɔtaa twe adwene si so.—Aso. 22:6-11; 26:13-18.
g03 2/8 28-30
Siria—Abakɔsɛm a Ɛyɛ Anigye Ho Adanse
Nnɛyi Damasko nni adanse biara a ɛkyerɛ sɛ Abraham twaam wɔ hɔ anaa biribi a ɛkyerɛ sɛ Dawid dii nkonim. Nanso Roma kurow no amamfo so nneɛma ne ɔkwantempɔn a etwam fa kurow dedaw no mu a ɛfa tete Roma a ɛnam Recta (borɔn a wɔfrɛ no Tee) no da so ara wɔ hɔ. Ɛyɛ ofie bi a ɛwɔ saa borɔn yi so mu wɔ Damasko akyi pɛɛ na Anania huu Saul a na wɔasakra no wɔ anwonwakwan so ma wabɛyɛ Kristoni no. (Asomafo no Nnwuma 9:10-19) Ɛmfa ho sɛ borɔn yi ayɛ soronko koraa wɔ sɛnea na ɛte wɔ Roma bere so ho no, ɛyɛ ha na ɔsomafo Paulo fii n’adwuma a ɛda nsow no ase. Borɔn a wɔfrɛ no Tee no ano kɔpem Roma kurow no pon Bab-Sharqi ano. Kurow no afasu a na adan sisi so no boa yɛn ma yɛte ɔkwan a Paulo faa so nyaa ne ti didii mu denam kyerɛnkyɛ mu a wɔde no to twetwee no faa ɔfasu so sii fam so no ase.—Asomafo no Nnwuma 9:23-25; 2 Korintofo 11:32, 33.
w08 5/15 21-25
Di Paulo Nhwɛso Akyi Na Nya Nkɔso Wɔ Nokware Som Mu
“Mako ɔko pa no, matu mmirika no awie, maso gyidi no mu.”—2 TIM. 4:7.
NÁ ƆBARIMA no wɔ nimdeɛ, na na ɔwɔ akokoduru nso. Nanso, ‘ɔbɔɔ ne bra sɛnea ne honam akɔnnɔ te.’ (Efe. 2:3) Akyiri yi, ɔkaa n’ankasa ho asɛm sɛ na ɔyɛ ‘mmusubɔfo, ɔtaa nkurɔfo, na ɔyɛɛ aniammɔho.’ (1 Tim. 1:13) Ná saa ɔbarima no ne Saul a ofi Tarso no.
2 Bere kɔɔ so no, Saul yɛɛ nsakrae kɛse wɔ n’asetram. Ɔsesaa n’akwan, na ɔyeree ne ho sɛnea ɛbɛyɛ a ‘ɔrenhwehwɛ nea n’ankasa hia, na mmom nnipa pii de.’ (1 Kor. 10:33) Ɔbɛyɛɛ obi a odwo, na onyaa ayamhyehye maa wɔn a bere bi na ɔtaa wɔn no. (Monkenkan 1 Tesalonikafo 2:7, 8.) Ɔkyerɛwee sɛ: ‘Mebɛyɛɛ ɔsomfo.’ Na ɔde kaa ho sɛ: “Me a meba fam sen nea osua koraa wɔ akronkronfo nyinaa mu na wɔde adom yi ama me sɛ menka Kristo ahonyade a enni ano ho asɛmpa no nkyerɛ amanaman no.”—Efe. 3:7, 8.
3 Saul a na wɔsan frɛ no Paulo no nyaa nkɔso pii wɔ nokware som mu. (Aso. 13:9) Ɔkwan biako a yebetumi afa so anya nkɔso ntɛmntɛm wɔ nokware som mu ne sɛ, yebesua nkrataa a Paulo kyerɛwee no mu nsɛm ne sɛnea ɔyɛɛ asɛnka adwuma no ho ade, na afei yɛasuasua ne gyidi. (Monkenkan 1 Korintofo 11:1; Hebrifo 13:7.) Ma yensusuw sɛnea saa a yɛbɛyɛ no bɛboa yɛn ma yɛayɛ nhyehyɛe pa de asua ade daa, afi yɛn komam adɔ afoforo, na yɛabu yɛn ho wɔ ɔkwan a ɛfata so no ho nhwɛ.
Nhyehyɛe a Paulo Yɛ De Suaa Ade Daa
4 Esiane sɛ na Paulo yɛ Farisini a ‘wɔakyerɛkyerɛ no wɔ Gamaliel nan ase sɛnea agyanom Mmara kyerɛ pɛpɛɛpɛ’ nti, na onim Kyerɛwnsɛm no mu kakra dedaw. (Aso. 22:1-3; Filip. 3:4-6) Bere a wɔbɔɔ Paulo asu pɛ na ‘ɔkɔɔ Arabia’—ebia Siria Anhweatam so, anaa ɛbɛyɛ sɛ ɔkɔɔ Arabia Supɔw so, baabi a ɛhɔ yɛ komm a na ebetumi aboa no ma wadwennwen nneɛma ho no. (Gal. 1:17) Ɛda adi sɛ, na Paulo pɛ sɛ okosusuw kyerɛw nsɛm a ɛkyerɛ sɛ na Yesu ne Mesia no ho. Bio nso, na Paulo pɛ sɛ okosiesie ne ho ma adwuma a na ɛda n’anim no. (Monkenkan Asomafo Nnwuma 9:15, 16, 20, 22.) Paulo bɔɔ mmɔden susuw nneɛma a ɛfa Onyankopɔn som ho.
5 Nimdeɛ ne nhumu a Paulo nyae wɔ Kyerɛwnsɛm a ɔno ankasa suae mu no ma otumi kyerɛkyerɛɛ nokware no mu yiye. Sɛ nhwɛso no, bere a na Paulo wɔ Antiokia a ɛwɔ Pisidia hyiadan mu no, ɔfaa Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm bɛyɛ anum de sii so dua sɛ Yesu ne Mesia no. Paulo san twee adwene sii Hebri Kyerɛwnsɛm no so mpɛn pii. Paulo tumi de Bible no kyerɛkyerɛɛ nneɛma mu yiye ma ɛtɔɔ wɔn asom araa ma “Yudafo no mu pii ne wɔn a wɔasakra a wɔsom Nyankopɔn no dii Paulo ne Barnaba akyi,” sɛnea ɛbɛyɛ a wobesua pii aka ho. (Aso. 13:14-44) Mfe bi akyi no, Yudafo bi a na wɔwɔ Roma kɔɔ Paulo nkyɛn wɔ baabi a na ɔte no, na Paulo kyerɛkyerɛɛ nsɛm mu kyerɛɛ wɔn “fann . . . de dii Nyankopɔn ahenni ho adanse, na ɔnam Mose mmara ne Adiyifo no so kaa Yesu ho nsɛm a ɛtɔ asom.”—Aso. 28:17, 22, 23.
6 Bere a na Paulo rehyia sɔhwɛ ahorow no, ɔkɔɔ so hwehwɛɛ Kyerɛwnsɛm no mu, na Onyankopɔn asɛm no hyɛɛ no den. (Heb. 4:12) Bere a na Paulo da afiase wɔ Roma a na wonnya nkum no no, ɔka kyerɛɛ Timoteo sɛ ɔmfa “nhoma mmobɔwee” ne “mmoa nhoma” no mmrɛ no. (2 Tim. 4:13) Ɛda adi sɛ, na saa nhoma no yɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no afã bi a na Paulo de yɛ nhwehwɛmu kɔ akyiri. Ná nhyehyɛe a Paulo bɛyɛ de asua Bible daa ma aboa no ma wanya Kyerɛwnsɛm no mu nimdeɛ ho hia no, sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi akɔ so agyina pintinn.
7 Sɛ yesua Bible daa na yegye bere de dwennwen ho a, ɛbɛboa yɛn ma yɛanya nkɔso wɔ nokware som mu. (Heb. 5:12-14) Odwontofo no kyerɛɛ mfaso a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm so, na ɔtoo ho dwom sɛ: “W’anom mmara ye ma me sen sika ne dwetɛ mpem. Wo mmara nsɛm ayɛ me onyansafo asen m’atamfo, na ɛwɔ me daa. Misianka me nan mifi kwammɔne nyinaa so, na madi w’asɛm so.” (Dw. 119:72, 98, 101) So woayɛ nhyehyɛe a wode sua Bible daa? So worekenkan Bible no daa resusuw nea wokenkan no ho de resiesie wo ho ama nnwuma a wobɛyɛ wɔ Onyankopɔn som mu daakye no?
Saul Benyaa Nnipa Ho Dɔ
8 Ansa na Saul rebɛyɛ Kristoni no, na ɔbɔ mmɔden wɔ ne som mu, nanso na onnnwen nnipa a na wonni Yudasom mu no ho. (Aso. 26:4, 5) Ɔhwɛ maa Yudafo bi siw Stefano abo. Ebia, Saul buu kum a wokum Stefano no sɛ ɛyɛ asotwe a ɛfata, na ɛno ma onyaa ahoɔden kɔɔ so taa Kristofo no. (Aso. 6:8-14; 7:54–8:1) Bible ka sɛ: “Saul fii ase tuu n’ani sii asafo no so. Owurawuraa afie mu twetwee mmarima ne mmea nyinaa, na ɔma wɔde wɔn guu afiase.” (Aso. 8:3) Saul ‘kɔɔ nkurow foforo so mpo kɔtaa wɔn wɔ hɔ.’—Aso. 26:11.
9 Bere a Awurade Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ Saul no, na ɔnam kwan so rekɔ Damasko akɔhaw Kristo asuafo no. Onyankopɔn Ba no ho hann a ano yɛ den maa Saul ani furae, na afoforo na wosusoo ne mu de no kɔɔ fie. Ansa na Yehowa rema Anania atew Saul ani no, na Saul asesa n’adwene koraa wɔ sɛnea na ɔne nnipa di no ho. (Aso. 9:1-30) Bere a Saul bɛyɛɛ Kristoni no, ɔbɔɔ mmɔden ne nnipa nyinaa dii sɛnea Yesu yɛe no. Ná eyi hwehwɛ sɛ ogyae basabasayɛ biara, na ɔne ‘nnipa nyinaa tra asomdwoe mu.’—Monkenkan Romafo 12:17-21.
10 Ɛnyɛ asomdwoe nkutoo na Paulo ma ɛtraa ɔne afoforo ntam. Ná ɔpɛ sɛ ofi ne komam da ɔdɔ adi kyerɛ afoforo nso. Na asɛnka adwuma a Kristofo yɛ no ma onyaa hokwan de daa ɔdɔ a ɛte saa adi. Wɔ Paulo asɛmpatrɛw adwuma a edi kan no mu no, ɔkaa asɛmpa no wɔ Asia Kumaa. Ɛwom sɛ, Paulo ne wɔn a na wɔka ne ho no hyiaa ɔsɔretia a emu yɛ den de, nanso wɔde wɔn adwene sii ahobrɛasefo a na wɔbɛboa wɔn ma wɔabɛyɛ Kristofo no so. Ɛwom sɛ, anka wɔreyɛ akum Paulo wɔ Listra ne Ikoniom de, nanso ɔne ne nkurɔfo no san kɔɔ saa nkurow no mu kɔkaa asɛm no.—Aso. 13:1-3; 14:1-7, 19-23.
11 Akyiri yi, Paulo ne ne nkurɔfo no kɔhwehwɛɛ nnipa a na wɔpɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn a na wɔwɔ Makedonia kurow Filipi mu no. Ɔbea bi a wɔfrɛ no Lidia a na wasakra abɛyɛ Yudani no tiee asɛmpa no, na ɔbɛyɛɛ Kristoni. Atumfo a na wɔwɔ kurow no mu no hwee Paulo ne Silas de wɔn guu afiase. Nanso, Paulo kaa asɛmpa no kyerɛɛ afiasehwɛfo no, na ɛno ma wɔbɔɔ afiasehwɛfo no ne n’abusuafo nyinaa asu ma wɔbɛyɛɛ Yehowa asomfo.—Aso. 16:11-34.
12 Dɛn nti na Saul a na anka ɔtaa Kristofo no bɛyɛɛ Kristoni? Dɛn na ɛkaa saa ɔbarima a na ɔyɛ aniammɔho no ma ɔbɛyɛɛ ɔsomafo a ne yam ye, ɔwɔ ɔdɔ, na onyaa ɔpɛ sɛ obewu ama afoforo sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi asua Onyankopɔn ne Kristo ho nokware no? Paulo ankasa kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: ‘Onyankopɔn a ɔfrɛɛ me no hui sɛ eye sɛ oyi ne Ba no adi ma me.’ (Gal. 1:15, 16) Paulo kyerɛw Timoteo sɛ: “Wohuu me mmɔbɔ sɛnea ɛbɛyɛ a Kristo Yesu bɛfa me a midi kan no so ayi n’abodwokyɛre nyinaa adi, de ayɛ nhwɛso ama wɔn a wobegye no adi anya daa nkwa no.” (1 Tim. 1:16) Yehowa de Paulo bɔne kyɛɛ no, na ɔdom ne mmɔborohunu a ɛte saa a Yehowa daa no adi kyerɛɛ no no kaa no ma ɔkaa asɛmpa no de daa ɔdɔ adi kyerɛɛ afoforo.
13 Saa ara na Yehowa bu n’ani gu yɛn bɔne ne yɛn mfomso so. (Dw. 103:8-14) Odwontofo no bisae sɛ: ‘Yah, sɛ wudi amumɔyɛde akyi a, Yehowa, hena na anka obegyina?’ (Dw. 130:3) Sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn mmɔborohunu a, anka yɛn mu biara rennya kwan nyɛ Onyankopɔn som adwuma no bi, na kampɛsɛ yɛahwɛ kwan sɛ yebenya daa nkwa. Onyankopɔn ada ɔdom kɛse adi akyerɛ yɛn nyinaa. Enti, ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛka asɛm no akyerɛ afoforo, akyerɛkyerɛ wɔn nokware no de ada ɔdɔ adi akyerɛ wɔn, na yɛahyɛ yɛn mfɛfo gyidifo den te sɛ nea Paulo yɛe no.—Monkenkan Asomafo Nnwuma 14:21-23.
14 Ná Paulo pɛ sɛ ɔyɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu na ɔyɛ ɔsɛmpakafo pa, na nea Yesu yɛe no kaa ne koma. Akwan a Onyankopɔn Ba no faa so daa ɔdɔ a ɛso bi nni adi kyerɛɛ nkurɔfo no mu biako ne asɛnka adwuma a ɔyɛe no. Yesu kae sɛ: “Otwa adwuma no sõ, nanso adwumayɛfo no sua. Enti monsrɛ otwa adwuma Wura no ma ɔmma adwumayɛfo mmra ne twa no mu.” (Mat. 9:35-38) Paulo ankasa de nsi yɛɛ asɛnka adwuma no de yɛɛ mpae biara a ɛbɛyɛ sɛ ɔbɔe sɛ Onyankopɔn mma adwumayɛfo pii mmɛyɛ asɛnka adwuma no bi no ho adwuma. Na wo nso ɛ? So wubetumi ama wo nkyerɛkyerɛ atu mpɔn wɔ asɛnka mu? Anaasɛ wubetumi de bere pii aka Ahenni no ho asɛm, na ebia woayɛ nsakrae mpo wɔ w’asetram na ama woatumi ayɛ ɔkwampaefo? Momma yɛmmoa afoforo mma ‘wonso nkwa asɛm no mu denneennen’ mfa nna ɔdɔ kann adi nkyerɛ wɔn.—Filip. 2:16.
Sɛnea Paulo Buu ne Ho
15 Ɔkwan foforo wɔ hɔ a Paulo faa so yɛɛ nhwɛso a ɛda nsow sɛ Kristoni ɔsɛmpakafo. Ɛwom sɛ, Paulo nyaa ɔsom ho kwan pii wɔ Kristofo asafo no mu de, nanso na onim yiye sɛ ɛnyɛ ɔsom adwuma a ɔyɛe anaa ne mmɔdenbɔ nti na ɛma onyaa saa nhyira ahorow no. Ohui sɛ, ɛyɛ Onyankopɔn adom nti na onyaa saa nhyira ahorow no. Paulo hui sɛ na Kristofo foforo nso bɔ mmɔden wɔ asɛmpaka adwuma no mu. Ɛmfa ho sɛ na Paulo wɔ ɔsom hokwan pii wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu no, ɔkɔɔ so brɛɛ ne ho ase.—Monkenkan 1 Korintofo 15:9-11.
16 Susuw sɛnea Paulo dii ɔhaw bi a ɛsɔree wɔ Antiokia a ɛwɔ Siria no ho dwuma ho hwɛ. Ná Kristofo asafo a ɛwɔ hɔ no mufo adwene nhyia wɔ twetiatwa ho. (Aso. 14:26–15:2) Esiane sɛ Paulo na na wɔapaw no sɛ onni asɛnka adwuma a wɔyɛ wɔ amanaman mufo a wontwaa twetia no anim nti, ɛbɛyɛ sɛ na osusuw sɛ ɔno na ɔfata paa sɛ odi asɛm a na asɔre wɔ wɔn a wɔnyɛ Yudafo mu no ho dwuma. (Monkenkan Galatifo 2:8, 9.) Nanso, bere a ɔbɔɔ mmɔden sɛ obesiesie asɛm no na anyɛ yiye no, ofi ahobrɛase mu dii nhyehyɛe a na ɛwɔ hɔ no so de asɛm no kɔɔ sodikuw a na ɛwɔ Yerusalem no anim ma wosusuw ho. Bere a sodikuw no mufo tiee asɛm no, sii gyinae, na wɔde Paulo kaa wɔn a wɔsomaa wɔn no ho no, ɔde ahobrɛase yɛɛ nea sodikuw no kae no. (Aso. 15:22-31) Enti, Paulo ‘dii kan de nidi’ maa ne mfɛfo asomfo.—Rom. 12:10b.
17 Esiane sɛ na Paulo wɔ ahobrɛase nti, wantwe ne ho amfi ne nuanom mmarima ne mmea a na wɔwɔ asafo no mu no ho. Mmom no, ɔne wɔn bɔe. Wɔ krataa a Paulo kyerɛw kɔmaa Romafo no mu no, ɔbobɔɔ nnipa bɛyɛ 20 din kyiaa wɔn. Wɔanka wɔn mu dodow no ara ho asɛm wɔ baabi foforo biara wɔ Kyerɛwnsɛm no mu, na wɔn mu kakraa bi pɛ na na wɔwɔ ɔsom hokwan titiriw. Nanso, na wɔyɛ Yehowa asomfo a wodi nokware, na na Paulo dɔ wɔn yiye.—Rom. 16:1-16.
18 Sɛnea na Paulo brɛ ne ho ase na ɔpɛ nnipa no hyɛɛ asafo ahorow no den. Bere a Paulo hyiaa asafo mu mpanyimfo a wofi Efeso no nea etwa to no, “wosusoo Paulo kɔn mu few n’ano, efisɛ asɛm a ɔkae sɛ wɔrenhu no bio no yɛɛ wɔn yaw yiye.” Sɛ na Paulo yɛ ahantan, na na ɔmpɛ nnipa a, anka ne nuanom no renyɛ nea wɔyɛe no.—Aso. 20:37, 38.
19 Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wonya nkɔso wɔ nokware som mu nyinaa brɛ wɔn ho ase te sɛ nea Paulo yɛe no. Paulo tuu ne mfɛfo Kristofo fo sɛ, “mommfa mansotwe anaa anuonyamhunupɛ nnyɛ biribiara, na mmom mumfi ahobrɛase mu mmu afoforo sɛ wɔkyɛn mo.” (Filip. 2:3) Yɛbɛyɛ dɛn atumi de saa afotu no ayɛ adwuma? Ɔkwan biako a yebetumi afa so ayɛ saa ne sɛ, yebetie mpanyimfo a wɔwɔ asafo no mu, adi wɔn akwankyerɛ akyi, na yɛagye gyinae a wosi bere a wɔadi obi asɛm no atom. (Monkenkan Hebrifo 13:17.) Ɔkwan foforo nso ne sɛ, yɛbɛkyerɛ obu kɛse ama yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ asafo no mu no nyinaa. Mpɛn pii no, Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ asafo ahorow mu no fi aman horow so, na ɛsono wɔn amammerɛ, wɔn honam ani hwɛbea, ne mmusuakuw a wofi mu. Nanso, so ɛnsɛ sɛ yesua sɛ yɛne asafo no mufo nyinaa bedi no yiye, na yɛada onuadɔ adi akyerɛ wɔn sɛnea Paulo yɛe no anaa? (Aso. 17:26; Rom. 12:10a) Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ, “Munnye mo ho mo ho, sɛnea Kristo nso gyee yɛn no, na ahyɛ Nyankopɔn anuonyam.”—Rom. 15:7.
Momma “Yɛmfa Boasetɔ” Ntu Nkwa Ho Mmirika No
20 Wobetumi de Kristoni asetra atoto mmirika a wotu twa kwantenten ho. Paulo kyerɛwee sɛ: “Matu mmirika no awie, maso gyidi no mu. Efi saa bere yi rekɔ no, nea ɛda hɔ retwɛn me ne trenee ahemmotiri a Awurade, ɔtemmufo treneeni no, de bɛma me sɛ akatua saa da no, na ɛnyɛ me nko, na mmom wɔn a wɔdɔ n’ahoyi no nyinaa nso.”—2 Tim. 4:7, 8.
21 Sɛ yedi nhwɛso a Paulo yɛe no akyi a, ɛbɛboa yɛn ma yɛatumi atu daa nkwa ho mmirika no awie. (Heb. 12:1) Ɛnde, sɛnea ɛte biara no, momma yɛnyɛ nhyehyɛe pa mfa nsua ade daa, na yemfi yɛn komam nnɔ afoforo, na yɛnkɔ so mmrɛ yɛn ho ase, na ama yɛanya nkɔso wɔ nokware som mu.
[Kratafa 200 mfoni]
TI 51
“Awerɛkyekye Ba”
w98 4/15 20 ¶4, ase hɔ asɛm
Barnaba—“Awerɛkyekye Ba”
Pentekoste 33 Y.B. akyi pɛɛ no, Barnaba, a na ɔyɛ Lewini a ofi Kipro no fi ne pɛ mu kɔtɔn n’asase bi de sika no brɛɛ asomafo no. Dɛn nti na ɔyɛɛ saa? Kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Asomafo no Nnwuma no ka kyerɛ yɛn sɛ saa bere no nea Kristofo a na wɔwɔ Yerusalem no yɛe ne sɛ, “wɔkyekyɛɛ [nneɛma] mu maa obiara sɛnea ehia no.” Ɛda adi sɛ Barnaba hui sɛ na mmoa ho hia, na ofi koma mu yɛɛ ho biribi. (Asomafo no Nnwuma 4:34-37) Ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ sikani, nanso wantwentwɛn ne nan ase sɛ ɔde ne honam fam ahonyade bɛma na watu ne ho asi hɔ aboa Ahenni nkɔso. Nhomanimfo F. F. Bruce ka sɛ: “Baabiara a Barnaba hyiaa nnipa anaa tebea bi a nkuranhyɛ ho hia no, ɔde nkuranhyɛ a obetumi de ama no nyinaa mae.” Eyi da adi wɔ kyerɛwtohɔ a ɛto so abien a wɔka ne ho asɛm wom no mu.
[Ase hɔ asɛm]
Esiane nea na Mose Mmara no ahyɛ ato hɔ nti, ebinom abisa sɛ, ɛyɛɛ dɛn na Barnaba a na ɔyɛ Lewini no tumi nyaa asase. (Numeri 18:20) Nanso, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ yennim sɛ ebia na asase no wɔ Palestina anaa Kipro. Bio nso, ebetumi aba sɛ na ɛyɛ amusiei asase bi kɛkɛ a Barnaba tɔe wɔ Yerusalem mpɔtam hɔ. Sɛnea ɛte biara no, Barnaba tɔn n’agyapade no de boaa afoforo.
it “Barnaba” ¶3-wcgr
Barnaba
Ná Barnaba yɛ obi a ne yam ye, na na odwen afoforo ho. Sɛ ɛba nneɛma a ɔbɛyɛ ama Onyankopɔn som anya nkɔso a, na ɔntwentwɛn ne nan ase sɛ obetu ne ho ama, anaa ɔde n’ahode bɛboa. Ná ofi ne komam nyinaa ‘boa’ ne nuanom. (Aso 9:27) Wɔn a wɔaba nokware no mu foforo no, Barnaba fii “ase hyɛɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔnkɔ so mfi wɔn koma nyinaa mu ntie Awurade.” Afei nso, na “Barnaba yɛ onipa pa, na na honhom kronkron ne gyidi ayɛ no ma.” (Aso 11:23, 24) Ná ɔsan yɛ odiyifo ne ɔkyerɛkyerɛfo wɔ Antiokia. (Aso 13:1) Asomafo no kaa sɛ Barnaba ka wɔn “adɔfo” a “Awurade Yesu Kristo din nti, wɔde wɔn ho abɔ afɔre” no ho. (Aso 15:25, 26) Ɛwom, na ɔnka Yesu asomafo 12 no ho, nanso Bible frɛɛ no ɔsomafo. (Aso 14:14) Yebetumi aka paa sɛ na ɔyɛ obi a “honhom kronkron asoma” no.—Aso 13:4, 43.
it “Kipro” ¶7-wcgr
Kipro
Sɛ yɛhwɛ Asomafo Nnwuma no mu a, Luka kaa asɛm bi faa ɔmantam soafo a na ɔwɔ Kipro no ho. Nsɛm a ɔka faa ne ho no, yebetumi aka sɛ ɛyɛ nokware. Afe 22 A.Y.B. no, Roma aban bedii Kipro Supɔw so. Efi saa bere no rekɔ no, sɛ wɔpaw obi sɛ amrado wɔ supɔw no so a, na wɔfrɛ no ɔmantam soafo, na na ɔba bɛyɛ Roma Mmarahyɛ Bagua no nanmusini.
bt 97, adaka
“Wɔde Yehowa Tumi Kasae Akokoduru So”
LISTRAFO ANYAME SEUS NE HERMES
Ná Listra kurow no atew ne ho wɔ bon bi mu, na na ɛmmɛn akwantempɔn no. Kaesare Augusto na ɔde kurow no kaa Roma ho, na ɔfrɛɛ no Julia Felix Gemina Lustra. Adwuma a wɔde maa kurow no mu asraafo ne sɛ wɔbɛbɔ Galatia mantam no ho ban na bepɔw sofo a wɔbɛn hɔ no ammɛto anhyɛ wɔn so. Enti Romafo mmara na wɔde yɛɛ adwuma wɔ kurow no mu, na Latin abodin na wɔde maa ɛhɔ mpanyimfo. Nanso wei amma Listrafo amammerɛ anyera korakora. Sɛnea na Listrafo yɛ wɔn ade no, na ɛbɛn Likaoniafo kyɛn Romafo, na Listra mpanyimfo a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Asomafo Nnwuma mu no mpo, na wɔka Likaonia kasa.
Nneɛma a nkurɔfo atutu fam akohu wɔ tete Listra kurow mu no bi yɛ onyame Hermes honi ne nsɛm bi a wɔkyerɛw faa “Seus asɔfo” ho. Wɔahu afɔremuka bi nso wɔ hɔ a wɔkyerɛ sɛ wɔsi maa Seus ne Hermes.
Asɛm bi a Romani anwensɛm kyerɛwfo Ovid kyerɛwee (afe 43 A.Y.B. kosi afe 17 Y.B.) no ma yehu Asomafo Nnwuma no ho nsɛm pii. Sɛnea Ovid kyerɛ no, Roma anyame Jupiter ne Mercury a wɔfrɛ wɔn Greek kasa mu sɛ Seus ne Hermes no danee wɔn ho nnipa, na wɔkɔɔ Frigia a ɛwɔ bepɔw so no. Wɔkɔɔ afie mmaako mmaako apem mu de hwɛe sɛ wɔbenya obi ma wagye wɔn hɔho a, nanso obiara anhwɛ wɔn anim. Akwakoraa bi ne ne yere aberewa hianiwa bi a wɔfrɛ wɔn Philemon ne Baucis nko ara na wɔgyee wɔn kɔɔ wɔn fie kɔyɛɛ wɔn hɔho. Ɛno nti Seus ne Hermes maa wɔn fie no danee asɔrefie a wɔde abohene ne sika ayɛ, na wɔyɛɛ akwakoraa ne aberewa no asɔfo, na wɔbubuu wɔn a wɔamma wɔn baabi ansoɛ no nyinaa afie. Nhoma bi ka sɛ: “Bere a Paul ne Barnaba saa obubuafo no yare no, sɛ Listrafo no kaee saa anansesɛm no a, ɛnde ɛnyɛ nwanwa sɛ na wɔpɛ sɛ wɔbɔ afɔre ma wɔn.”—The Book of Acts in Its Graeco-Roman Setting
w17.06 16-20
Akasakasa Ba Wo ne Afoforo Ntam a, Wubesiesie Ama Asomdwoe Aba Anaa?
YEHOWA NYANKOPƆN mpɛ sɛ Kristofo toto asomdwoe ase. Ɔpɛ sɛ yɛma asomdwoe yɛ ade titiriw wɔ yɛn asetenam. Sɛ Yehowa asomfo yɛ saa a, ɛma wonya asomdwoe bebree. Wei twetwe nnipa a wɔpɛ asomdwoe ba Kristofo asafo no mu.
Nhwɛso bi ni. Ɔkɔmfo bi a na wagye din wɔ Madagascar hui sɛ asomdwoe wɔ Yehowa Adansefo mu. Ɔkaa no ne tirim sɛ: ‘Sɛ mepɛ sɛ mekɔ asɔre a, anka asɔre wei ara na mɛkɔ.’ Enti nkakrankakra ogyaee ahonhonsɛm no. Ɔbɔɔ mmɔden suaa Bible no, na ɔde abosome pii siesiee n’aware. Afei ɔbɛsom Yehowa, asomdwoe Nyankopɔn no.
Nnipa pii rehwehwɛ asomdwoe te sɛ saa ɔbarima no. Afe biara, wɔn mu mpempem pii ba Kristofo asafo no mu benya asomdwoe a wɔahwehwɛ abrɛ no. Nanso, Bible ma yehu pefee sɛ, sɛ “ahoɔyaw denneennen ne mansotwe” wɔ asafo no mu a, ebetumi asɛe nnamfo ntam, na ɛde ɔhaw aba. (Yak. 3:14-16) Anigyesɛm ne sɛ, Bible no ama yɛn afotu pa a ebetumi ama yɛakwati ɔhaw a ɛte saa, na yɛanya asomdwoe pii. Momma yɛnhwɛ nsɛm bi a esisii ne sɛnea Bible afotu boa ma wodii ho dwuma.
ƆHAW NE ANO ADURU
“Ná me ne onua bi yɛ adwuma, nanso na yɛnsen so koraa. Bere bi a na yɛreham no, nkurɔfo mmienu bepuee yɛn so.”—CHRIS.
“Ná me ne onuawa bi taa kɔ asɛnka. Nanso prɛko pɛ na otwaa yɛn nhyehyɛe no mu. Afei na ɔne me nkasa bio. Ná mente nea ɔreyɛ no ase.”—JANET.
“Ná yɛyɛ nnipa mmiɛnsa a yɛatwa atom rebɔ nkɔmmɔ wɔ fon so. Baako kaa baa-bae, enti na ɛyɛ me sɛ wafi ahama no so. Mekekaa ne ho nsɛm a ɛmfata kyerɛɛ nea ɔda so wɔ ahama no so no. Nanso, nea ɔkaa baa-bae no, sɛɛ na ɔda so gyina ahama no so.”—MICHAEL.
“Ná akwampaefo mmienu bi wɔ yɛn asafo mu. Nsɛmnsɛm bi baa wɔn ntam. Ná baako taa twiw ne yɔnko anim. Wɔn akasakasa no haw afoforo paa.”—GARY.
Ebia ɛbɛyɛ wo sɛ nea yɛaka ho asɛm yi nyɛ asɛm biara. Nanso, na emu biara betumi ateetee wɔn a asɛm no asi wɔn ntam no. Ná ebetumi nso asɛe asafo no asomdwoe. Nanso anigyesɛm ne sɛ, saa anuanom mmarima ne mmea no de Bible afotu yɛɛ adwuma, na ɛmaa asomdwoe san baa wɔn ntam. Wohwɛ a, Bible afotu bɛn na wɔde dii dwuma ma ɛboaa wɔn?
“Monhwɛ na obiara bo ankofuw ne yɔnko wɔ kwan so.” (Gen. 45:24) Yosef nuanom resan akɔ wɔn papa nkyɛn no na ɔde saa afotu no maa wɔn. Afotu a Yosef de mae no, na nyansa wom paa! Sɛ obi anhyɛ ne ho so na ne bo fuw ntɛmntɛm a, ebetumi ahyɛ afoforo nso abufuw. Chris behuu ne haw. Ɛne sɛ, na ɔyɛ ahantan na na onnye akwankyerɛ ntom. Ná ɔpɛ sɛ ɔsesa ne suban. Enti onua a ɔne no hamee no, ɔpaa ne kyɛw. Afei ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛhyɛ n’abufuw so. Onua a ɔne Chris yɛ adwuma no hui sɛ Chris rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ nsakrae. Enti ɔno nso sesae. Seesei wɔn nyinaa abom de anigye resom Yehowa.
“Wɔkwati atirimsɛm a tirimbɔ yɛ ɔkwa.” (Mmeb. 15:22) Janet hui sɛ ɛsɛ sɛ ɔde kyerɛwsɛm yi yɛ adwuma. Ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛka ne ‘tirim asɛm’ akyerɛ onuawa no. Bere a wɔrebɔ nkɔmmɔ no, Janet faa anifere kwan so bisaa onuawa no sɛ ɔmma onhu nea enti a ne bo afuw no. Mfiase no, anyɛ mmerɛw. Nanso obiara tɔɔ ne bo ase kasae, na nkakrankakra wotumi siesiee asɛm no. Onuawa no hui sɛ asɛm a aba no, sɛɛ na Janet ho nnim mpo. Onuawa no paa Janet kyɛw, na seesei wɔde baakoyɛ resom Yehowa.
“Afei sɛ wode w’akyɛde reba afɔremuka ho na wokae wɔ hɔ sɛ wo nua wɔ biribi tia wo a, gyaw w’akyɛde no afɔremuka no anim na kɔ; di kan ne wo nua no nkosiesie mo ntam.” (Mat. 5:23, 24) Ebia wokae sɛ Yesu de saa afotu yi mae wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu. Michael hui sɛ nsɛm a ɔkekae no nye koraa, enti ɔyɛɛ basaa. Ɔyɛɛ n’adwene sɛ obesiesie ɔne ne nua no ntam. Enti Michael brɛɛ ne ho ase, na ɔkɔɔ ne nua a wafom no no nkyɛn kɔpaa no kyɛw. Dɛn na efii mu bae? Michael kae sɛ, “Me nua no fii ne komam de me mfomso kyɛɛ me.” Wɔn adamfofa no san sii ne dedaw mu.
“Sɛ obi wɔ asɛm tia ne yɔnko a, monkɔ so nnya mo ho abotare na momfa mfirifiri mo ho korakora.” (Kol. 3:12-14) Ná akwampaefo mmienu a yɛaka wɔn ho asɛm no asom akyɛ. Asafo mu panyin bi yii ne yam boaa wɔn ma wosusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho: ‘Yɛn ntam a ɛnnwo nti, sɛ afoforo botow a, eye anaa? Dɛn paa nti na yɛrentumi nnya yɛn ho abotare na yɛnkɔ so nsom Yehowa asomdwoe mu?’ Akwampaefo no de ɔpanyin no afotu yɛɛ adwuma. Seesei wɔn ntam ayɛ kama, na wɔabom reka asɛmpa no.
Sɛ obi yɛ biribi tia wo a, nea edi kan no, ɛbɛyɛ papa sɛ wode akwankyerɛ a Bible de ama wɔ Kolosefo 3:12-14 no bɛyɛ adwuma. Nnipa pii ahu sɛ, sɛ obi yɛ biribi tia wɔn a, ahobrɛase nti, wotumi gyae ma ɛka. Sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebegyae ma aka nanso ɛyɛ den a, yebetumi de nnyinasosɛm a ɛwɔ Mateo 18:15 no adi dwuma anaa? Afotu a Yesu de mae yi, ɛyɛ bere a obi ayɛ bɔne a emu yɛ duru atia ne yɔnko na ɛsɛ sɛ yɛde yɛ adwuma. Nanso, sɛ obi yɛ biribi tia yɛn a, yebetumi de ayɛ adwuma. Kɔ onua anaa onuawa no hɔ na wo ne no nkosusuw asɛm no ho na munsiesie. Bɔ mmɔden sɛ wobɛda ayamye ne ahobrɛase adi.
Nokwasɛm ne sɛ, afotu pa pii wɔ Bible mu. Nanso sɛ ebetumi aboa yɛn a, gye sɛ yɛda “honhom no aba” adi. Ɛno ne, “ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, ahosodi.” (Gal. 5:22, 23) Sɛnea yɛde ngo gugu afiri mu ma ɛyɛ adwuma yiye no, saa ara na su pa yi boa ma yɛne afoforo tena asomdwoe mu.
SƐNEA OBIARA TE NO MA ASAFO NO MU YƐ ANIKA
Ɛsono sɛnea obiara suban te. Wei betumi ama yɛanya nnamfo pa. Nanso ebetumi nso ama yɛne afoforo ntam asɛe. Asafo mu panyin bi a ne ho akokwaw kaa wei ho asɛm. Ɔkae sɛ: “Sɛ obi fɛre ade a, ebetumi ayɛ den ama no sɛ ɔne obi a ɔpɛ nnipa na n’ani gye ne ho bɛbɔ. Ebia wobɛka sɛ wei nyɛ asɛm biara nanso ebetumi de ɔhaw kɛse aba.” W’adwene yɛ wo sɛ nnipa a ɛsono wɔn suban bɔ a, ɛnyɛ dɛn ara nsɛmnsɛm bɛba wɔn ntam anaa? Ma yɛnhwɛ asomafo mmienu bi. Ná Petro suban te sɛn? Ebia wobɛka sɛ na ne ho pere no na ɔyɛ penpen. Yohane nso ɛ? Ebia yɛbɛka sɛ ɔyɛ obi a na ɔwɔ ɔdɔ na odwen asɛm ho ansa na wakasa. Ebetumi aba sɛ nneɛma bi a saa asomafo no yɛe nti na ɛma yenya adwene a ɛte saa. Ɛbɛyɛ sɛ na ɛsono wɔn mu biara suban. Nanso wɔboom yɛɛ adwuma yiye. (Aso. 8:14; Gal. 2:9) Enti ɛnnɛ nso, Kristofo a ɛsono wɔn suban koraa betumi abom ayɛ adwuma.
Ebia onua bi wɔ w’asafo mu a ne kasa ne ne nneyɛe yɛ wo ahi. Nanso wunim sɛ Kristo wu maa saa nipa no, enti ɛsɛ sɛ wodɔ no. (Yoh. 13:34, 35; Rom. 5:6-8) Ebia wobɛka sɛ, saa onipa no deɛ, woremfa no adamfo da, anaa wuhu no a wobɛpɛ baabi afa. Nanso bisa wo ho sɛ: ‘Me nua no reyɛ biribi a etia Kyerɛwnsɛm no anaa? Wahyɛ da paa na ɔpɛ sɛ ɔteetee me? Anaa sono na ɛsono yɛn mu biara suban?’ Afei, asɛm a ɛho hia paa a ɛsɛ sɛ wubisa ni: ‘Suban pa bɛn na me nua no wɔ a metumi asuasua?
Asɛmmisa a etwa to yi hia paa. Sɛ onipa no pɛ kasa na woyɛ dinn-dinn a, hwɛ sɛnea ɔhyɛ nkɔmmɔbɔ ase wɔ asɛnka mu a ɔmmrɛ no. Wubetumi ne no ayɛ nhyehyɛe akɔ asɛnka na woasua biribi afi ne hɔ. Sɛ onipa no yi ne yam kyɛ ade, na sɛ wuntumi nkyɛ ade saa a, adɛn nti na wunsuasua no na wummue wo nsam? Wubetumi akyɛ nkwakoraa ne mmerewa, ayarefo, anaa ahiafo ade ama w’ani agye. Nea yɛreka akosi ara ne sɛ, ɛwom sɛ ɛsono wo nua no suban na ɛsono wo deɛ, nanso sɛ obiara de n’adwene si ne yɔnko suban pa so a, mo ntam bɛyɛ kama. Ɛno nkyerɛ sɛ onipa no bɛyɛ wo yɔnko berɛbo. Nanso ebetumi ama moabɛn mo ho na ama moanya asomdwoe pii na atrɛw aka asafo no.
Ɛbɛyɛ sɛ na ɛsono sɛnea Euodia ne Sintike nyinaa te. Nanso ɔsomafo Paulo hyɛɛ wɔn nkuran sɛ “wonnya adwenkoro Awurade mu.” (Filip. 4:2) Wo nso ɛ? Wobɛbɔ mmɔden ne wo nuanom anya adwenkoro na ama asomdwoe atena mo ntam?
AKASAKASA BA A, MONHWƐ NSIESIE
Sɛ wudua ade na woannɔw ho a, nwura begye afa. Saa ara na sɛ yenya nkurɔfo ho menasepɔw na yɛantu ase a, ebegye nsam. Sɛ wofa obi ho abufuw na egye agua wɔ wo koma mu a, ebetumi asɛe asafo no asomdwoe. Sɛ yɛdɔ Yehowa ne yɛn nuanom a, yɛbɛyɛ nea yebetumi biara asiesie yɛn ntam nsɛmnsɛm. Yɛyɛ saa a ɛbɛma Onyankopɔn nkurɔfo akɔ so anya asomdwoe.
Sɛ akasakasa ba yɛne afoforo ntam na yɛbɔ mmɔden sɛ yebesiesie a, nea ebefi mu aba no bɛyɛ yɛn nwonwa. Hwɛ asɛm bi a ɛtoo Ɔdansefo bea bi. N’anom asɛm ni: “Ná onuawa bi yɛ me sɛ abofra. Ná ɛhaw me paa. Ne ho yɛɛ me ahi araa ma afei na mentew m’anim mma no. Mekaa no me tirim sɛ, ‘Ommu me, enti me nso meremmu no.’”
Onuawa no dwenee nea na ɔreyɛ no ho. Ɔkae sɛ: “Mihui sɛ me nso mewɔ suban bi a enye, na wei haw me paa. Ná ɛsɛ sɛ mesesa me suban. Enti mekaa ho asɛm kyerɛɛ Yehowa. Afei metɔɔ biribi kɔkyɛɛ onuawa no, na mekyerɛw krataa kaa ho de paa ne kyɛw sɛ manyɛ no yiye. Yɛbam yɛn ho na yɛyɛe sɛ yebetwa asɛm no so. Efi saa bere no, yɛte hɔ fɛfɛɛfɛ.”
Nnipa hia asomdwoe papaapa. Nanso, sɛ ɛyɛ wɔn sɛ obi de wɔn anim betwitwiw fam anaasɛ obetumi agye wɔn dibea afi wɔn nsam a, na wɔafi ase reyɛ nneɛma bi a ɛremma asomdwoe ntena wɔn ntam. Saa na nnipa a wɔnsom Yehowa no bebree te, nanso Yehowa asomfo deɛ, ɛsɛ sɛ asomdwoe ne koroyɛ di hene wɔ yɛn mu. Yehowa de ne honhom kaa Paulo ma ɔkyerɛwee sɛ: ‘Mesrɛ mo sɛ monnantew sɛnea ɛfata ɔfrɛ a wɔde afrɛ mo no, ahobrɛase adwene ne odwo nyinaa mu, abodwokyɛre mu, na mo ne mo ho ntena ɔdɔ mu, na monyere mo ho denneennen mfa asomdwoe koroyɛ hama ntena ase honhom biakoyɛ mu.’ (Efe. 4:1-3) Saa “asomdwoe koroyɛ hama” no som bo paa. Enti momma yɛnyɛ nea yebetumi biara mfa nhyɛ mu den. Akasakasa biara a ɛbɛba yɛne afoforo ntam no, momma yɛnhwɛ nsiesie.
[Kratafa 18, 19 adaka]
Paulo ne Barnaba Ná Ɛsono Wɔn Mu Biara, Nanso na Wɔyɛ Anuanom
Sɛ yɛka sɛ na Paulo koko haw no a, na yɛnkaa hwee. Ansa na Paulo rebɛyɛ Kristoni no, ‘na ohunahuna Awurade asuafo no, na na ɔpɛ sɛ okunkum wɔn.’ (Aso. 9:1) Akyiri yi ɔkaa sɛnea na ɔte nka wɔ Kristo akyidifo no ho. Ɔkae sɛ: ‘M’ani beree wɔn so paa.’—Aso. 26:11.
Paulo asubɔ akyi no, ɔyɛɛ nsakrae pii, nanso dimmɔne a ogyei no ampopa. Ɛwom sɛ Paulo bɛyɛɛ Kristoni no, na akyɛ kakra deɛ nanso na anuanom a wɔwɔ Yerusalem nyinaa “suro no, efisɛ na wonnye nni sɛ ɔyɛ osuani.”—Aso. 9:26.
Sɛ ɛnyɛ Kristoni bi a ofi Kipro a ne din de Yosef na obetwitwa gyee no a, anka anuanom bɛhwɛ wɔn ho yiye wɔ ne ho. Ná anuanom nyinaa nim sɛ Yosef pɛ nnipa sɛ, enti wɔtoo no din “Barnaba.” Ɛkyerɛ “Awerɛkyekye Ba.” (Aso. 4:36, 37) Ná anuanom a wodi anim no bu no, na ɔboaa Paulo. Bible ka sɛ: “Barnaba boaa no de no kɔɔ asomafo no nkyɛn, na ɔkaa sɛnea wahu Awurade wɔ ɔkwan so . . . ne sɛnea ɔde akokoduru akasa wɔ Yesu din mu wɔ Damasko no ho asɛm nyinaa kyerɛɛ wɔn.” (Aso. 9:26-28) Bere a Yerusalem asafo no tee nea Barnaba kae no, wogyee Paulo toom. Ankyɛ na saa mmarima mmienu no boom yɛɛ asɛmpatrɛw adwuma.—Aso. 13:2, 3.
Sɛnea na Paulo de nsi ne ahokeka yɛ ade na otumi kasa a onsuro no, ɛbɛyɛ sɛ Barnaba ani gyee ho. Ɛbɛyɛ sɛ Paulo nso hui sɛ Barnaba yam ye na ɔwɔ tema.
Bible ka sɛ bere bi “akasakasa a emu yɛ den” sii Paulo ne Barnaba ntam. Dɛn na ɛkɔfa bae? Yɛrentumi nka sɛ na ɛsono sɛnea wɔn mu biara te nti na ɛbaa saa efisɛ Bible nka. Mmom na ɛfa Yohane a wɔfrɛ no Marko ho. Asɛmpatrɛw adwuma a na wɔpɛ sɛ Marko yɛ bi no, na wɔn adwene nhyia wɔ ho.—Aso. 15:36-40.
Ɛwom, na ɛsono sɛnea Paulo ne Barnaba nyinaa suban te, nanso na wɔabom ayɛ adwuma pɛn ansa na saa asɛm no resi. Bible ma yehu sɛ akyiri yi Paulo ne Marko san boom yɛɛ adwuma. (Kol. 4:10) Enti sɛ obi suban te sɛn oo, sɛ wo deɛ te sɛn oo, ɛnsɛ sɛ ɛde akasakasa ba mo ntam. Yɛn nyinaa betumi abom de anigye asom Yehowa.
TI 52
“Ɔboa Me”
w10 3/15 6 ¶6–7 ¶1
Marko—‘Ɔyɛ Ɔboafo wɔ Ɔsom Mu’
Ɛda adi sɛ na Marko fi Yuda abusua bi a wodi yiye mu, na onyinii wɔ Yerusalem. Bere a edi kan a yɛtee Marko ho asɛm no fa tete Kristofo asafo no mfiase ho. Wɔ bɛyɛ afe 44 Y.B. mu, bere a Yehowa bɔfo nam anwonwakwan so yii ɔsomafo Petro fii afiase a na Herode Agripa I de no ato no, Petro kɔɔ “Yohane a wɔfrɛ no Marko no maame Maria fie, faako a na nnipa dodow bi ahyiam rebɔ mpae no.”—Aso. 12:1-12.
Ɛnde, ɛbɛyɛ sɛ na asafo a ɛwɔ Yerusalem no hyiam wɔ Marko maame fie. Hyia a na “nnipa dodow bi” hyiam wɔ hɔ no kyerɛ sɛ na ofie no sõ. Ná Maria wɔ abaawa bi a wɔfrɛ no Roda, na bere a Petro bɔɔ “abɔnten pon no mu no,” ɔno na obebuee ɔpon no. Saa nsɛm yi ma yehu sɛ na Maria yɛ obi a odi yiye. Wɔkae sɛ ofie no yɛ Maria fie na ɛnyɛ ne kunu de, enti ebetumi aba sɛ na ɔyɛ okunafo, na na Marko da so ara yɛ abofra.—Aso. 12:13.
w10 3/15 7 ¶5
Marko—‘Ɔyɛ Ɔboafo wɔ Ɔsom Mu’
Afe biako anaa nea ɛboro saa twaam, na honhom kronkron kyerɛɛ Paulo ne Barnaba kwan ma wɔkɔyɛɛ asɛmpatrɛw adwuma. Wosiim fii Antiokia kɔɔ Kipro. Yohane a wɔfrɛ no Marko no ne wɔn kɔe “sɛ ɔsomfo.” (Aso. 13:2-5) Ɛbɛyɛ sɛ Marko yɛɛ nneɛma bi a na asomafo no hia maa wɔn wɔ wɔn akwantu no mu sɛnea ɛbɛyɛ a asomafo no betumi de wɔn adwene asi Onyankopɔn asɛm a na wɔrekyerɛkyerɛ no so.
w10 3/15 8 ¶6-8
Marko—‘Ɔyɛ Ɔboafo wɔ Ɔsom Mu’
Sɛ wokenkan akwan a Marko tutui ho asɛm a, wubehu sɛ otutuu akwan pii. Ná ofi Yerusalem, na otu kɔɔ Antiokia, na ofi hɔ faa po so kɔɔ Kipro ne Perga. Afei ɔkɔɔ Roma. Ɔwɔ hɔ no, na Paulo pɛ sɛ ɔsoma no ma ɔkɔ Kolose. Na otutuu akwan pii kaa ho!
Ɔsomafo Petro kyerɛw ne krataa a edi kan no bɛyɛ afe 62 kosi afe 64 Y.B. mu. Ɔkyerɛwee sɛ: “Nea ɔwɔ Babilon . . . no kyia mo, na saa ara na me ba Marko nso kyia mo.” (1 Pet. 5:13) Enti Marko tuu kwan kɔɔ Babilon, na ɔne ɔsomafo a mfe bi a atwam no na ɔkɔ Kristofo nhyiam wɔ ne maame fie no kɔsomee.
Bere a wɔde Paulo too afiase ne mprenu so wɔ Roma bɛyɛ afe 65 Y.B. mu no, ɔkyerɛw Timoteo sɛ omfi Efeso mmra, Paulo de kaa ho sɛ: “Fa Marko ka wo ho bra.” (2 Tim. 4:11) Enti saa bere no na Marko wɔ Efeso. Akyinnye biara nni ho sɛ sɛnea na Paulo aka no, Marko penee so sɛ ɔne Timoteo bɛsan akɔ Roma. Saa bere no na akwantu nna fam, nanso Marko fi ne pɛ mu tutuu saa kwan no.
w08 2/1 26 ¶1
Marko Ampa Abaw
Esiane sɛ Petro ne Marko boom som Onyankopɔn nti, hwɛ abusuabɔ pa ara a na ɛda wɔn ntam! Sɛ yɛkenkan Marko Asɛmpa no a, yehu no saa nso. Nsɛm a Marko kyerɛwee no ma yehu sɛ na Petro aka nea Yesu yɛe ma ohui no akyerɛ no. Sɛ nhwɛso no, susuw ahum bi a etui wɔ Galilea Po no so no ho hwɛ. Marko ma yehu baabi a na Yesu da wɔ ɔkorow no mu ne nea na ɔda so, nneɛma a na Petro a ɔyɛ ɔpofofo no behu. Ma yɛnkenkan Bible mu nsɛm a ɛwɔ Mateo 8:24; Marko 4:37, 38; ne Luka 8:23 no, na yɛmfa ntoto ho nhwɛ.
w08 2/1 24-26
Marko Ampa Abaw
Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma
MARKO kyerɛw Bible mu nhoma anan a ɛfa Yesu asetra ho no mu biako. Ɛno na ɛyɛ tiaa paa na ne kenkan nso nyɛ den koraa. Ná hena ne Marko? Wususuw sɛ na onim Yesu?—Ma yɛnhwɛ sɔhwɛ a ɛyɛ den a Marko hyiae, na hu nea enti a Marko ampa abaw sɛ ɔyɛ Kristoni.
Bere a edi kan a wɔbɔɔ Marko din wɔ Bible mu no yɛ bere a Ɔhene Herode Agripa ma wɔde ɔsomafo Petro too afiase no. Anadwo bi ɔbɔfo bi koyii Petro fii afiase, na ntɛm ara ɔkɔɔ Marko maame Maria a na ɔte Yerusalem no fie. Bere a wokum Yesu wɔ Twam afahyɛ bere mu wɔ afe 33 Y.B. akyi mfe du na wɔkyeree Petro too afiase na woyii no.—Asomafo Nnwuma 12:1-5, 11-17.
So wunim nea enti a Petro kɔɔ Maria fie?— Ɛbɛyɛ sɛ na onim Maria abusuafo, na na onim sɛ Yesu asuafo no hyiam wɔ ne fie. Ɛbɛyɛ sɛ na Marko busuani Barnaba yɛ osuani dedaadaw fi Pentekoste Afahyɛ a wodii no afe 33 Y.B. no. Ayamye a Barnaba daa no adi kyerɛɛ asuafo a na wɔyɛ foforo saa bere no ho asɛm wɔ Bible mu. Enti ɛbɛyɛ sɛ na Yesu nim Barnaba, Marko ne ne maame Maria.—Asomafo Nnwuma 4:36, 37; Kolosefo 4:10.
Marko kyerɛwee wɔ n’Asɛmpa no mu sɛ anadwo a wɔkyeree Yesu no, na aberante bi a ɔde nwera nkutoo “akata n’adagyaw so” wɔ hɔ. Marko kyerɛwee sɛ bere a atamfo kyeree Yesu no, aberante no guanee. Wususuw sɛ na hena ne saa aberante no?— Ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ Marko! Enti bere a Yesu ne n’asomafo no fii hɔ anadwo dasum no, ɛbɛyɛ sɛ Marko na ɔde nnwera kataa ne ho dii wɔn akyi no.—Marko 14:51, 52.
Nokwarem no, Marko nyaa hokwan pii ne Onyankopɔn asomfo bɔe. Ɛbɛyɛ sɛ bere a wohwiee honhom kronkron guu asuafo no so wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. no, na ɔwɔ hɔ, na ɔne Onyankopɔn asomfo anokwafo te sɛ Petro bɔe kɛse. Nanso ɔne ne busuani Barnaba a ɔboaa Saul de no kɔɔ Petro nkyɛn wɔ mfe abiɛsa akyi a Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ Saul wɔ anisoadehu mu no nso bɔe. Mfe bi akyi no, wɔsomaa Barnaba kɔɔ Tarso kɔhwehwɛɛ Saul wɔ hɔ.—Asomafo Nnwuma 9:1-15, 27; 11:22-26; 12:25; Galatifo 1:18, 19.
Wɔ afe 47 Y.B. no, wɔpaw Barnaba ne Saul sɛ wɔnyɛ asɛmpatrɛw adwuma. Wɔne Marko kɔe, nanso biribi nti, akyiri yi Marko gyaw wɔn hɔ san baa fie wɔ Yerusalem. Saul a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Paulo no bo fuwii. Ɔfaa no sɛ Marko dii mfomso paa wɔ nea ɔyɛe no ho.—Asomafo Nnwuma 13:1-3, 9, 13.
Bere a Paulo ne Barnaba fi wɔn asɛmpatrɛw akwantu mu resan aba no, wɔkaa nneɛma a esisii a na ɛyɛ anigye pii ho asɛm. (Asomafo Nnwuma 14:24-28) Asram bi akyi no, wɔn baanu yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛsan akɔsra wɔn a na wɔaka asɛm akyerɛ wɔn ma wɔasakra no. Ná Barnaba pɛ sɛ ɔde Marko kɔ, nanso wunim nea na Paulo adwene yɛ no?— Esiane sɛ bere bi Marko gyaw wɔn hɔ kɔɔ fie nti, na osusuw sɛ “ɛnyɛ papa” sɛ wɔde no bɛka wɔn ho akɔ. Akyinnye biara nni ho sɛ nea esii wɔ ɛno akyi no maa Marko werɛ howee!
Paulo ne Barnaba bo fuwii, na ɛno akyi no, “akasakasa a emu yɛ den bae” ma wodii mpaapaemu. Barnaba faa Marko kaa ne ho ne no kɔkaa asɛm no wɔ Kipro, na Paulo nso faa Silas ne no san kɔsrasraa wɔn a wɔabɛyɛ asuafo foforo no, sɛnea na wɔadi kan ahyehyɛ no. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛɛ Marko yaw sɛ ɔmaa akasakasa baa Paulo ne Barnaba ntam!—Asomafo Nnwuma 15:36-41.
Yennim nea enti a mfiase no Marko gyaw wɔn hɔ san kɔɔ fie. Ɛbɛyɛ sɛ na osusuw sɛ ehia sɛ ɔsan kɔyɛ biribi wɔ fie. Sɛ́ ɛte saa anaa ɛnte saa no, ɛda adi sɛ na Barnaba gye di sɛ Marko rensan nyɛ nea ɔyɛe no bio. Nea ɔkae no baa mu pɛpɛɛpɛ. Marko ampa abaw! Akyiri yi, ɔne Petro kɔyɛɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ Babilon a na ɛwɔ akyirikyiri no. Woduu hɔ no, Petro de nkyia bae, na ɔde kaa ho sɛ: “Me ba Marko nso kyia mo.”—1 Petro 5:13.
Esiane sɛ Petro ne Marko boom som Onyankopɔn nti, hwɛ abusuabɔ pa ara a na ɛda wɔn ntam! Sɛ yɛkenkan Marko Asɛmpa no a, yehu no saa nso. Nsɛm a Marko kyerɛwee no ma yehu sɛ na Petro aka nea Yesu yɛe ma ohui no akyerɛ no. Sɛ nhwɛso no, susuw ahum bi a etui wɔ Galilea Po no so no ho hwɛ. Marko ma yehu baabi a na Yesu da wɔ ɔkorow no mu ne nea na ɔda so, nneɛma a na Petro a ɔyɛ ɔpofofo no behu. Ma yɛnkenkan Bible mu nsɛm a ɛwɔ Mateo 8:24; Marko 4:37, 38; ne Luka 8:23 no, na yɛmfa ntoto ho nhwɛ.
Akyiri yi, Bere a wɔde Paulo too afiase wɔ Roma no, ɔkamfoo Marko sɛ ɔboaa no. (Kolosefo 4:10, 11) Na bere a wɔsan de Paulo kɔtoo afiase wɔ hɔ no, ɔkyerɛw Timoteo sɛ ɔmfa Marko nka ne ho mmra, efisɛ, “Ɔyɛ ɔboafo ma me wɔ ɔsom mu.” (2 Timoteo 4:11) Nokwarem no, esiane sɛ Marko ampa abaw nti, hwɛ ɔsom mu hokwan pii a onyae!
TI 53
“Munnya Akokoduru”
w08 3/1 12 ¶4-5
So Wunim?
Bere bɛn na Saul benyaa edin Paulo?
Ná ɔsomafo Paulo awofo yɛ Hebrifo nanso na ɔyɛ Roma man ba. (Asomafo Nnwuma 22:27, 28; Filipifo 3:5) Enti ɛbɛyɛ sɛ efi ne mmofraase no na wɔde ne Hebri din Saul ne ne Roma din Paulo nyinaa frɛ no. Ɛbɛyɛ sɛ na Paulo abusuafo binom nso wɔ Roma ne Hela din. (Romafo 16:7, 21) Bio nso, na ɛnyɛ nwonwa sɛ Yudafo a wɔwɔ hɔ saa bere no, titiriw wɔn a na wɔnte Israel man no mu no benya edin abien.—Asomafo Nnwuma 12:12; 13:1.
Bɛboro mfe du akyi a ɔsomafo yi bɛyɛɛ Kristoni no, ɛte sɛ nea na ne Hebri din, Saul, na wɔde nim no kɛse. (Asomafo Nnwuma 13:1, 2) Nanso, wɔ n’asɛmpatrɛw akwantu a edi kan mu, wɔ bɛyɛ afe 47 ne 48 Y.B. ntam hɔ mu no, ebia na ɔbɛpɛ sɛ wɔde ne Roma din Paulo mmom frɛ no. Ná wɔde ahyɛ ne nsa sɛ ɔnka asɛmpa no nkyerɛ wɔn a wɔnyɛ Yudafo no, enti ɛbɛyɛ sɛ ɔtee nka sɛ ɛyɛ papa sɛ wɔde ne Roma din bɛfrɛ no. (Asomafo Nnwuma 9:15; 13:9; Galatifo 2:7, 8) Ebetumi aba nso sɛ, nea enti a na ɔpɛ sɛ wɔfrɛ no Paulo ne sɛ, sɛnea na wɔbɔ ne Hebri din, Saul, wɔ Hela kasa mu no ne Hela asɛmfua bi a adwene a ɛwɔ akyi nye no di nsɛ. Ɛmfa ho nea ɛmaa Paulo sesaa ne din no biara no, ɔdaa no adi sɛ ɔpɛ sɛ ‘ɔyɛ biribiara ma nnipa ahorow nyinaa, sɛnea ɛyɛ dɛn ara a, obegye ebinom nkwa.’—1 Korintofo 9:22.
w00 7/15 26-27, adaka ¶3-4
Ɔtaa De Nkɔso Ba Antiokia
Nhomanimfo binom gye di sɛ ɛsɛ sɛ wɔde nsɛntitiriw bi a esisii wɔ Saulo asetram hyehyɛ saa bere a wɔkyerɛ sɛ na wɔnte ne nka no. Ɛyɛ den sɛ yebetumi akyerɛ bere a ohyiaa amanehunu pii sɛ ‘Kristo somfo’ no wɔ n’asɛmpatrɛw akwantu no mu. (2 Korintofo 11:23-27) Bere bɛn na Saulo dii mmaa 39 mpɛn anum Yudafo nsam no? Ɛhe na wɔkaa no mpire mprɛnsa no? Ɛhe na ɔdaa afiase a ‘ɛboro so’ no? Akyiri yi na wɔde no too afiase wɔ Roma no. Kyerɛwtohɔ biako na yɛwɔ sɛ wɔhwee no de no too afiase—wɔ Filipi. Na afoforo a aka no ɛ? (Asomafo no Nnwuma 16:22, 23) Nhoma kyerɛwfo bi kyerɛ n’adwene sɛ saa bere yi mu no na Saulo “redi Kristo ho adanse wɔ Yudafo a wɔahwete no hyiadan ahorow mu wɔ ɔkwan bi so a na ɛbɛma nyamesomfo ne wiase sodifo no de ɔtaa aba wɔn so.”
Saulo guu asu mpɛn anan, nanso biako pɛ na Kyerɛwnsɛm no ka ho asɛm, nea esii wɔ bere a ɔkaa n’amanehunu ho asɛm kyerɛɛ Korintofo no bere a na ɔrekyerɛw wɔn no akyi no. (Asomafo no Nnwuma 27:27-44) Enti ɛda adi sɛ abiɛsa a aka no too no wɔ akwantu ahorow a yennim ho hwee no mu. Ebetumi aba sɛ eyi mu bi anaa ne nyinaa sisii wɔ “mfe a wɔante ne nka” no mu.
wp17.5 9 ¶3-4
SO WUNIM?
Bere a ɔsomafo Paulo kaa sɛ wɔntwɛn kakra ansa na wɔatoa akwantu no so no, na nyansa wom anaa?
Ná Paulo te po so hyɛn mu rekɔ Italy, na na mframa kɛse bi rebɔ hyia wɔn. Bere a wogyinaa wɔ baabi no, ɔsomafo no tuu nnipa a aka no fo sɛ, wontu akwantu a aka no nhyɛ da foforo. (Asomafo Nnwuma 27:9-12) Nea Paulo kae yi, na nyansa wom anaa?
Tete no, na wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ po so hyɛn mu no nim sɛ, sɛ edu awɔw bere a, ɛyɛ hu sɛ wubetu kwan wɔ Mediterranea po no so. Efi bɛyɛ November 15 kosi bɛyɛ March 15 no, na wobu no sɛ, ɛnsɛ sɛ obiara fa po so. Nanso bere a Paulo kaa sɛ mma wɔmfa po so no, na ɛyɛ bɛyɛ September anaa October. Vegetius yɛ Roma kyerɛwfo bi a ɔtenaa ase bɛyɛ mfe ahasa wɔ asomafo no wu akyi. Ɔkyerɛw faa po so akwantu ho sɛ: “Abosome bi wɔ hɔ a, ɛyɛ ma akwantu. Abosome bi nso, ɛyɛ hu. Nanso abosome a aka no deɛ, wuntumi mfa po so.” (Epitome of Military Science) Vegetius kyerɛe sɛ, efi May 27 kosi September 14 na na ɛyɛ ma po so akwantu; nanso mmere a na ɛyɛ hu sɛ obi bɛfa po so ne September 15 kosi November 11 ne March 11 kosi May 26. Ná Paulo taa fa po so, enti akyinnye biara nni ho sɛ na onim asɛm yi. Ebetumi aba sɛ hyɛn wura no ne nea na ɔreka hyɛn no nso nim asɛm yi, nanso wɔantie Paulo afotu no. Enti po so hyɛn no konyaa akwanhyia.—Asomafo Nnwuma 27:13-44.
w15 10/1 9 ¶5-6
So Wonim?
Adɛn nti na Maltafo no kaa sɛ ɔsomafo Paulo yɛ wudini?
Ɛbɛyɛ sɛ na Hela som mu nkyerɛkyerɛ adi nnipa a wɔte Malta no mu pii ti. Asɛm bi a ɛsii bere a Paulo nyaa ɛpo so akwanhyia wɔ Malta no ma yɛhu saa; wɔaka ho asɛm wɔ Asomafoɔ Nnwuma no mu. Ná Paulo reboaboa mmabaa ano asɔ gya ama ɔne ne mfɛfo akwantufo a wɔnyaa saa akwanhyia no ato. Mpofirim ara, ahuritia bi firii mmabaa no mu bɛbebaree ne nsa ho. Enti bere a supɔw no sofo hui no, wɔkaa sɛ: “Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ onipa yi yɛ wudini, na ɛwom sɛ wafiri po no mu afiri dwoodwoo deɛ, nanso ɛsiane sɛ bɔne so wɔ akatua nti, ɛremma sɛ ɔbɛnya ne tiri adidi mu.”—Asomafoɔ Nnwuma 28:4.
Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ aseɛ “bɔne so wɔ akatua” no ne “di’ke,” na ɔkwan bi so no ɛbɛtumi akyerɛ sɛ woyɛ bɔne a, woremfa wo ho nni. Hela atetesɛm mu no, na Dike yɛ onyame a ɔtua bɔne so ka. Enti na Helafo gye di sɛ, sɛ onipa bi yɛ bɔne wɔ sum ase mpo a, onyame Dike hu, na ɔka kyerɛ onyame Seus ma wɔde ho asotwe ma onipa no. Ɛno nti nwoma bi ka sɛ, ebia na Maltafo no susu sɛ: ‘Ɛwom sɛ Paulo nyaa ne ti didii mu wɔ po so akwanhyia no mu deɛ, nanso ebia na wayɛ bɔne bi asie ma onyame Dike nam ahuritia no so rebɛtwe n’aso.’ Bere a wɔhuu sɛ hwee anyɛ Paulo no, wɔsesaa wɔn adwene.
w99 3/15 29-31
“Ɛpo so Asiane Mu”
WƆ ANADWO dasu mu no, po so hyɛn bi a nnipa 276 wom baa Mediterranea supɔw bi ho. Akɔneaba a ahum a ɛretu wɔ nsu no so de ɛhyɛn no mu adwumayɛfo ne hyɛn no mufo dii nnafua 14 no ma wɔbrɛe. Bere a ade kyee na wohuu ɛpo faka bi no, wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛhare hyɛn no akɔ mpoano hɔ. Nanso hyɛn no anim kotimii a na entumi nkɔ, na asorɔkye no bɛbɔɔ hyɛn no akyi ma ebubui asinasin. Wɔn a wɔwɔ hyɛn no mu nyinaa bɔɔ mmɔden sɛ wobefi mu aguare anaa wobebutuw ntaboo so anaa nneɛma foforo so akɔ Malta mpoano. Bere a na awɔw de wɔn na wɔabrɛ no, woguare fii asorɔkye a ɛrehuru kutukutu no mu. Na Kristoni ɔsomafo Paulo ka wɔn a wɔte hyɛn no mu no ho. Na wɔde no rekɔ Roma akodi n’asɛm.—Asomafo no Nnwuma 27:27-44.
Wɔ Paulo fam no, na Malta supɔw so asugu no nyɛ po so asiane a edi kan. Mfe kakra a edi eyi anim no, ɔkyerɛwee sɛ: “Magu asu mprɛnsa, madi ɛpo bun mu adekyee ne adesae.” Ɔde kaa ho sɛ wahyia “ɛpo so asiane.” (2 Korintofo 11:25-27) Ɛpo so akwantu boaa Paulo maa otumi dii asɛyɛde a Onyankopɔn de ahyɛ ne nsa sɛ “amanaman mu somafo no ho dwuma.”—Romafo 11:13.
Na ɛpo so akwantu wɔ afeha a edi kan no mu te dɛn ankasa? Afã bɛn na enyae wɔ Kristosom a wɔtrɛw mu no mu? Na ɛyɛ dwoodwoo sɛn? Ahyɛn bɛn na na wɔde di dwuma? Na na wɔhwɛ ɛhyɛn mufo sɛn?
Sɛnea na Roma Hia Po so Aguadi
Na Romafo no frɛ Mediterranea no sɛ Mare Nostrum—Yɛn Po. Na ɛnyɛ asraadi nko nti na na ehia sɛ Romafo kɛntɛn po so akwantu so. Na Roma Ahemman no mu nkurow pii yɛ ahyɛn gyinabea na wɔde nneɛma faa hɔ brɛɛ ebinom nso. Sɛ nhwɛso no, na Roma po so hyɛn gyinabea no bɛn Ostia, na na Korinto nso de nea ɛwɔ Lechaeum ne Kenkrea no di dwuma, na Siria a ɛwɔ Antiokia no nso de Seleukia de no dii dwuma. Ɛpo so akwantu ho nhyehyɛe pa a na ɛda saa po so gyinabea ahorow yi ntam no maa nkitahodi kɔɔ so yiye wɔ nkurow akɛse no mu, na ɛmaa Roma man no mu nhyehyɛe tuu mpɔn.
Roma man no nso nam po so hyɛn adwuma no so na enyaa wɔn ano aduan. Roma kurow a na emu nnipa bɛyɛ ɔpepem biako no, na ehia awi a ɛdɔɔso yiye—bɛyɛ sɛ tɔn 250,000 kosi tɔn 400,000, afe biara. Na saa awi no nyinaa fi he? Flavius Josephus faa Herode Agrippa II nsɛm kae bere a na ɔreka sɛ Afrika Kusuu famfo maa Roma aduan asram awotwe afe biara, na Misraim nso de awi pii kɔboaa kurow no asram anan a aka no. Ahyɛn ɔpepem pii a na ɛredi akɔneaba wɔ po so no nyaa awi a wɔde kɔma kurow no mu kyɛfa.
Nea ɛbɛyɛ na wɔama Roma anya nneɛma a wɔpɛ no, po so aguadi a na ɛrenya nkɔso no maa wɔn aguade ahorow nyinaa bi. Wɔde fagude, ne abo, faa ɛpo so fii Kipro, Greece, ne Misraim, na wɔde nnua fii Lebanon. Wɔde nsa fii Smirna, aba fii Damasko, na wɔde nkeresia fii Palestina. Wɔde sradehuam ne amane fii Kilikia, asaawa fii Mileto ne Loadikia, ntama fii Siria ne Labanon, na wɔde ntama afasebiri fii Tiro ne Sidon. Wɔde nnuru a wɔde hyɛ ade fii Tiatira ne Aleksandria ne Sidon. Na wɔde sirikyi, ne asonse, ne ahuamhuamnne fii China ne India bae.
Dɛn na yebetumi aka afa hyɛn a na Paulo te mu, a eguu asu wɔ Malta po so no ho? Na ɛyɛ hyɛn a wɔde fa awi, “hyɛn a na efi Aleksandria kɔ Italia no.” (Asomafo no Nnwuma 27:6, ase hɔ asɛm) Na nsu ani ahyɛnkuw a ɛde awi ba no yɛ ankorankoro bi a wofi Hela, Foinike, ne Siria, a na wɔhwɛ so na wɔyɛ ho nhyehyɛe no de. Nanso, na ɔman no afɛm hyɛn no tua ho ka. Abakɔsɛm kyerɛwfo William M. Ramsay ka sɛ: “Wɔ ɛtow a wogyigye mu no, aban no hui sɛ ɛyɛ mmerɛw sɛ ɔde adwuma no bɛbɔ paa sen sɛ obetintim mfiri pii de ayɛ adwuma kɛse a ɛte saa no.”
Paulo de ɛhyɛn bi a na wɔakyerɛw atifi “Seus Mma” na ewiee ne kwan a otu kɔɔ Roma no. Na eyi nso yɛ hyɛn a efi Aleksandria. Ekogyinae wɔ Puteoli wɔ Naples Po Faka no mu, hyɛn gyinabea a na nsu ani ahyɛnkuw a na wɔde awi ba no taa gyina no. (Asomafo no Nnwuma 28:11-13) Efi Puteoli no—nnɛ yi Pozzuoli—na woyi hyɛn mu nneɛma no gu asase so anaasɛ wɔde gu ahyɛn nketewa mu kɔ atifi fam mpoano na afei wɔde kɔ Asubɔnten Tiba ho wɔ Roma man no mu pɛɛ..
Akwantufo a Wɔte Ɛhyɛn a Ɛfa Nneɛma Mu?
Dɛn nti na Paulo ne asraafo a na wɔrewɛn no no traa hyɛn a na wɔde fa nneɛma no mu? Sɛ yebetumi abua saa asɛm yi a, ɛho hia sɛ yehu nea ɔkwantufo a na obi bɛyɛ wɔ po so saa bere no kyerɛ ankasa.
Wɔ afeha a edi kan Y. B. no, na wonni biribiara a wɔfrɛ no akwantufo hyɛn wɔ hɔ. Na ahyɛn a akwantufo tra mu no yɛ aguadifo ahyɛn. Na nnipa ahorow nyinaa—a aman mpanyimfo, animdefo, asɛmpakafo, asumanfo, mfoniniyɛfo, agumadifo, aguadifo, nsrahwɛfo, akwantufo a wɔkɔyɛ ɔsom mu nnwuma ka ho—traa mu faa po so.
Nokwarem no, na ahyɛn nketewa wɔ hɔ a ɛde akwantufo ne nneɛma fa mpoano. Ɛbɛyɛ sɛ Paulo de hyɛn a ɛte saa na efii Troa “kɔɔ Makedonia.” Ɛbɛyɛ sɛ ahyɛn nketewa no bi na ɛde no kɔɔ Atene san de no fii hɔ nea ɛboro pɛnkoro. Saa ara nso na ɛbɛyɛ sɛ Paulo traa hyɛn ketewaa mu wɔ n’akwantu a akyiri yi ɔde fii Troa faa nsupɔw a ɛbɛn Asia Kumaa mpoano kɔɔ Patara no mu. (Asomafo no Nnwuma 16:8-11; 17:14, 15; 20:1-6, 13-15; 21:1) Saa ahyɛn nketewa a na wɔde di dwuma no nnye bere pii, nanso na entumi nkɔ po so akyirikyiri. Enti ɛbɛyɛ sɛ ɛhyɛn a ɛde Paulo kɔɔ Kipro ne afei Pamfilia, ne nea ɔde tutuu akwan kɔɔ Efeso ne Kaesarea, na ɔde fii Patara kɔɔ Tiro no yɛ akɛse kakra. (Asomafo no Nnwuma 13:4, 13; 18:21, 22; 21:1-3) Yebetumi aka sɛ na ɛhyɛn a ɛde Paulo guu asu wɔ Malta po so no nso betumi ayɛ nea na ɛsõ. Na hyɛn a ɛte saa no kɛse te sɛn?
Nsɛm a nhoma ahorow bi ka no maa ɔbenfo bi kae sɛ: “Na hyɛn a esua koraa a wɔde di dwuma wɔ tete mmere mu no mu duru yɛ efi tɔn 70 kosi tɔn 80. Anyɛ yiye koraa no, wɔ Helafo mmere so no, nea na wonim sɛ ɛsõ paa no yɛ tɔn 130. Ɛda adi sɛ na wɔtaa hu po so hyɛn a emu duru yɛ tɔn 250 no de, nanso na ɛsõ sen nea na wɔtaa de di dwuma no. Wɔ Romafo mmere mu no, na hyɛn a wɔde di dwuma wɔ tete akwantu mu no nso yɛ akɛse ara, na emu duru yɛ tɔn 340. Ɛhyɛn a na ɛsõ sen biara no mu duru yɛ tɔn 1300, nanso na ebi betumi ayɛ akɛse asen saa.” Sɛnea asɛm bi a wɔkyerɛwee wɔ afeha a ɛto so abien Y. B. mu kyerɛ no, Aleksandria hyɛn lsis, a na wɔde fa awi no tenten boro mita 55, na ne trɛw bɛyɛ sɛ mita 14, na na ɛwɔ nsiso a emu dɔ bɛyɛ sɛ mita 13, a na ebetumi afa awi a emu duru boro tɔn apem ne ebia nnipa ɔha bi pɛ.
Ɔkwan bɛn so na na wɔhwɛ akwantufo a wɔtraa hyɛn a wɔde awi gu mu no? Esiane sɛ na wɔde hyɛn no fa nneɛma titiriw nti, na wodwen nneɛma no ho sen hyɛnmufo no. Na wɔmma wɔn aduan anaa biribiara, gye nsu nkutoo. Na wɔda hyɛn no abrannaa so, wɔ ebia ɔdan bi a ɛte sɛ apata bi a wɔbɔ no anadwo no na wɔatutu no anɔpa biara ase. Ɛwom sɛ ebia na wɔma akwantufo no kwan ma wɔnoa wɔn nnuan wɔ gyaade a ɛwɔ hyɛn no mu no de, nanso na ɛsɛ sɛ wɔn ankasa nya biribiara a wɔde bɛnoa aduan no, nea wobedidi mu, nea wɔde beguare, nea wɔbɛda so—efi nkuku ne guasɛn so kosi nnaso so.
Ɛpo so Akwantu—Ɛyɛ Dwoodwoo Dɛn?
Bere a na wonni nnwinnade—kɔmpase mpo—no na afeha a edi kan no mu po so akwantufo gyene wɔn ani hwɛ kwan mu. Enti na akwantu yɛ dwoodwoo bere a ewim tew na wohu ade yiye no—titiriw efi May awiei kosi September mfinimfini. Asram abien a edi saa bere no anim ne akyi no, na aguadifo tumi fa po so wɔ mmere bi mu. Nanso sɛ edu awɔw bere mu a na kusukuukuu ne ɛbɔ taa kata asase ne owia no ani anɔpa na ɛkata nsoromma so anadwo. Efi November 11 kosi March 10 no, na wontu kwan wɔ po so (Latin, mare clausum), gye sɛ tebea no ho hia anaasɛ egye ntɛmpɛ. Na wɔn a wotu kwan saa bere no awiei no tumi kodi awɔw bere wɔ ananafo hyɛn gyinabea.—Asomafo no Nnwuma 27:12; 28:11.
Ɛmfa ho sɛ na po so akwantu yɛ hu wɔ bere pɔtee bi mu no, so na ɛso wɔ mfaso sen asase so akwantu? Nokwarem no, ɛte saa! Ɛpo so akwantu yɛ nea na ɔbrɛ nnim pii, ne bo wɔ fam, na ɛyɛ ntɛm nso. Sɛ mframa ano brɛ ase a, na ɛhyɛn bi betumi atwa kilomita 150 da koro. Sɛ wonam fam a na ɛkwan tenten paa a wubetumi atwa no da koro yɛ efi kilomita 25 kosi 30.
Na sɛnea po so akwantu yɛ ntɛmntɛm no gyina mframa so titiriw. Na wohyia mframa a ano yɛ den wɔ kwan a wotu fi Misraim kɔ Italia no mu bere nyinaa wɔ mmere a eye mu mpo. Na ɔkwan a ɛyɛ tiaa no taa fa Rodo anaa Mira anaasɛ hyɛn gyinabea ahorow bi a ɛwɔ Likia mpoano wɔ Asia Kumaa. Bere a ahum bɔɔ lsis hyɛn a wɔde awi gu mu, ma ɛyeraa ne kwan no, ekogyinaa bere bi wɔ Piraeus nnafua 70 bere a efii Aleksandria no. Sɛ mframa a efi atifi fam atɔe no pia hyɛn no a, ɛnde na efi Italia rekɔ no begye nnafua 20 kosi nnafua 25. Sɛ wɔfa fam a, na saa akwantu koro no ara begye nnafua 150 wɔ wim tebea a eye mu.
Asɛmpa no Duu Asase Ano Nohoa
Ɛda adi sɛ na Paulo nim asiane a ɛwɔ bere a enye ma po so akwantu no mu no. Otuu wɔn fo mpo sɛ enye sɛ wɔde hyɛn fa nsu ani wɔ September awiei anaa October mfiase, na ɔkae sɛ: “Mmarima, mihu sɛ akwantu yi rekɔyɛ sɛ nea amane ne adesɛe bebree bɛba mu, ɛnyɛ aguade ne hyɛn yi fam nko, na yɛn nkwa nso wom bi.” (Asomafo no Nnwuma 27:9, 10) Nanso, asraafo so panyin no buu n’ani guu nsɛm yi so, na eyi na ɛmaa hyɛn no koguu asu wɔ Malta no.
Ebeduu Paulo asɛmpatrɛw adwuma no awiei no, anyɛ yiye koraa no, na wagu asu bɛyɛ mpɛn anan. (Asomafo no Nnwuma 27:41-44; 2 Korintofo 11:25) Nanso, asiane a ɛte saa ho dadwen hunu ansiw asɛmpa no ho asɛnkafo a wodi kan no kwan sɛ wɔbɛfa po so. Wɔde akwantu hokwan biara a na ɛwɔ hɔ no dii dwuma kosii ase de trɛw Ahenni nkrasɛm no mu. Na bere a wotiee Yesu ahyɛde no, wodii adanse wɔ mmaa nyinaa. (Mateo 28:19, 20; Asomafo no Nnwuma 1:8) Esiane wɔn nsiyɛ ne wɔn a wɔadi adikanfo no nhwɛso akyi gyidi, ne Yehowa honhom kronkron no akwankyerɛ no nti, asɛmpa no adu asase ano nohoa.
TI 54
Onyaa Akokoduru Wɔ Mmere Bɔne Mu
bt 33, adaka ¶3-4
Wɔyɛ ‘Nnipa a Wɔnsuaa Nhoma; Wɔnyɛ Nnipa Titiriw Biara’
Yohane ho asɛm nnɔɔso wɔ Nsɛmpa no mu te sɛ Petro. Nanso na Yohane nso ani so yɛ hyew. Ade baako a ɛma yehu saa ne edin a Yesu de maa ɔne ne nua Yakobo no. Ɔtoo wɔn din Boanerges, na ɛkyerɛ “Aprannaa Mma.” (Mar. 3:17) Mfiase no, na Yohane pɛ dibea, enti ɔne ne nua yɛ maa wɔn maame kɔka kyerɛɛ Yesu sɛ ɔmma wɔn dibea titiriw wɔ n’Ahenni mu. Ɛwom sɛ na saa adwene no nteɛ de, nanso ɛma yehu sɛ na wɔwɔ gyidi sɛ Ahenni no bɛba ampa. Afei nso, ade a wɔyɛe no maa Yesu nyaa hokwan tuu n’asomafo no nyinaa fo sɛ wɔnnya ahobrɛase.—Mat. 20:20-28.
Bere bi Yohane bɔɔ mmɔden sɛ obesiw ɔbarima bi a ɔretu adaemone wɔ Yesu din mu kwan, efisɛ na ɔbarima no nka Yesu akyidifo no ho. Wei nso yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ na n’ani so yɛ hyew. Bere bi nso na Yohane pɛ sɛ ɔfrɛ gya fi soro bɛsɛe Samaria kurow bi mufo efisɛ bere a Yesu tuu abɔfo sɛ wɔnkosiesie baabi wɔ hɔ mma no no, wɔampene so. Saa nsɛm yi nti Yesu kaa Yohane anim. Yebetumi aka sɛ bere bi akyi no, Yohane ani baa fam na afei onyaa mmɔborɔhunu nso. (Luka 9: 49-56) Yohane mfomso nyinaa akyi no, wɔka ne ho asɛm sɛ “osuani a na Yesu dɔ no.” Ɛno nti bere a Yesu rebewu no, ɔde ɔno ara ne maame Maria hyɛɛ Yohane nsa sɛ ɔnhwɛ no.—Yoh. 19:26, 27; 21:7, 20, 24.
w08 5/15 31 ¶1
Asomafo Nnwuma no Mu Nsɛntitiriw
4:13—So na Petro ne Yohane nnim nhoma, anaasɛ na wɔnkɔɔ sukuu da? Dabi, ɛnte saa. Nea enti a na wɔfrɛ wɔn ‘nnipa a wonsuaa nhoma ne mpapahwekwa’ ne sɛ, wɔankɔ rabifo sukuu a wɔde ɔsom ho ntetee ma no bi.
w05 1/15 13 ¶14-15
Kristo—Nea Nkɔmhyɛ Twe Adwene Si No So
Wɔ Yesu wusɔre akyi no, oyii ne ho adi kyerɛɛ n’asuafo no wɔ Galilea Po ho. Ɔka kyerɛɛ Petro wɔ hɔ sɛ: “Sɛ mepɛ sɛ [Yohane tra] hɔ kosi sɛ mɛba a, ɛfa wo ho dɛn?” (Yohane 21:1, 20-22, 24) So na asɛm yi kyerɛ sɛ asomafo a aka no bedi kan awu ansa na ɔsomafo Yohane awu? Ɛda adi sɛ ɛte saa, efisɛ ɛno akyi no ɔtraa ase bɛyɛ mfe 70 de nokwaredi som Yehowa. Nanso, nea Yesu kae no kyerɛ biribi a ɛho hia sen saa.
Asɛm “kosi sɛ mɛba” no ma yɛkae nea Yesu ka faa ‘onipa Ba no a ɔreba n’ahenni mu’ ho no. (Mateo 16:28) Yohane traa hɔ kosii sɛ Yesu bae efisɛ akyiri yi wɔde ba a na Yesu bɛba Ahenni tumi mu no ho anisoadehu a ɛyɛ nkɔmhyɛ maa no. Bere a aka kakra ma Yohane awu a na wɔatwa no asu akɔtra Patmo supɔw so no, ne nsa kaa Adiyisɛm no a nsɛm a ebesisi “Awurade da no” mu nyinaa ho nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ nwonwa wom. Anisoadehu a ɛyɛ nwonwa yi nyaa Yohane so nkɛntɛnso yiye ma bere a Yesu kae sɛ: “Yiw, mereba ntɛm” no, Yohane teɛm sɛ: “Amen, Awurade Yesu, bra.”—Adiyisɛm 1:1, 10; 22:20.
it “Yohane Asɛmpa” ¶2-8-wcgr
Yohane Asɛmpa
Nea Ɔkyerɛwee. Sɛ wohwɛ Yohane Asɛmpa no mu a, ɛmmɔ onipa a ɔkyerɛwee no din, nanso nnipa dodow no ara gye tom sɛ ɔsomafo Yohane ankasa na ɔkyerɛwee. Mfiase no de, na obiara gye tom sɛ Yohane na ɔkyerɛwee, nso asomafo no wu akyi bɛyɛ mfe 100 no, nnipa kakraa bi bɛkae sɛ Yohane Asɛmpa no, ɛnka Nsɛmpa nnan a asomafo no kyerɛwee no ho. Nanso na wɔnni adanse biara a ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ Yohane na ɔkyerɛwee. Nnansa yi ara nso, animdefo bi kyerɛ sɛ Yohane Asɛmpa no, ɛnyɛ Yohane na ɔkyerɛwee.
Adanse bebree wɔ Bible mu a ɛkyerɛ sɛ Sebedeo ba ɔsomafo Yohane na ɔkyerɛw Yohane Asɛmpa no. Nsɛm a nkurɔfo keka fa Yohane Asɛmpa no ho a ɛnyɛ nokware no, saa adanse a ɛwɔ Bible mu yi bɔ gu. Adanse yi mu kakraa bi na yɛrebɛka ho asɛm wɔ ha, nanso sɛ obi ma ɛtena n’adwenem a, ɛbɛboa no paa. Ebi ne:
(1) Nea ɔkyerɛw Yohane Asɛmpa no, yebetumi aka sɛ na ɔyɛ Yudani. Nea enti a yɛreka saa ne sɛ, yehu wɔ nhoma no mu sɛ nea ɔkyerɛwee no, na onim Yudafo ho nsɛm pii.—Yoh 1:21; 6:14; 7:40; 12:34.
(2) Nea ɔkyerɛw Yohane Asɛmpa no, wutumi hu sɛ wɔwoo no wɔ Palestina, efisɛ na onim ɔman no ho nsɛm yiye paa. Sɛ wohwɛ nsɛm pɔtee bi a ɔka faa nkurow a ɛwowɔ hɔ no ho a, ɛma wuhu sɛ na onim ɛhɔ yiye. Ɔkaa sɛ “Betania wɔ Yordan agya.” (Yoh 1:28) Ɔsan kaa sɛ “Betania bɛn Yerusalem.” (Yoh 11:18) Ɔkyerɛw sɛ baabi a wɔbɔɔ Kristo asɛnnua mu no, na turo bi bɛn hɔ, na na ɔda foforo bi nso wɔ turo no mu. (Yoh 19:41) Ɔsan kaa sɛ bere a Yesu ‘rekyerɛkyerɛ wɔ asɔrefi hɔ no, ɔkasae wɔ baabi a woyi ntoboa no.’ (Yoh 8:20) Afei nso bere bi, na afahyɛ bi rekɔ so, na ɔkyerɛwee sɛ na “ɛyɛ awɔw bere, na na Yesu nenam asɔrefi hɔ wɔ Solomon abrannaa no so.”—Yoh 10:22, 23.
(3) Nea ɔkyerɛw Yohane Asɛmpa no, nsɛm bi a esisii a ɔkyerɛw ho asɛm, ne adanse pii ma yehu sɛ na ɔwɔ hɔ bi na esisii. Sɛ obi yɛ biribi anaa ɔka biribi a, na ɔkyerɛwfo no bɔ onipa ko no din. (Yoh 1:40; 6:5, 7; 12:21; 14:5, 8, 22; 18:10) Nsɛm a esisii nso, sɛ ɔreka ho asɛm a, na ɔkyerɛ bere pɔtee a esisii. (Yoh 4:6, 52; 6:16; 13:30; 18:28; 19:14; 20:1; 21:4) Afei nso, sɛ ɔrekyerɛ biribi mu a, na ɔma yehu ne dodow ankasa. Na sɛ ɔreka nnipa bi ho asɛm nso a, na ɔkyerɛ wɔn dodow, anaa mfe a obi adi. Wanka no wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛtwetwe nkurɔfo adwene aba ne so.—Yoh 1:35; 2:6; 4:18; 5:5; 6:9, 19; 19:23; 21:8, 11.
(4) Nea ɔkyerɛw Yohane Asɛmpa no, na ɔyɛ ɔsomafo. Nsɛm bebree a esisii wɔ Yesu som adwuma mu no, obi a na ɔyɛ Yesu somafo a ɔde n’ani hui nko ara na na obetumi aka ho asɛm pɛpɛɛpɛ. Afei nso, na onim sɛnea Yesu dwen nneɛma ho, nea na ɛka Yesu ma ɔyɛ nneɛma bi, ne sɛnea Yesu te nka. Wei nyinaa ma yehu sɛ, nea ɔkyerɛw Yohane Asɛmpa no, na ɔka asomafo 12 a wɔkaa Yesu ho ma ɔyɛɛ ne som adwuma no ho. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ɔkyerɛwfo no kaa sɛ Yesu bisaa Filipo asɛm bi de sɔɔ no hwɛe, efisɛ “na [Yesu nim] nea ɔrebɛyɛ.” (Yoh 6:5, 6) Ɔsan kyerɛwee sɛ, “Yesu hui wɔ ne mu sɛ n’asuafo no rekasakasa.” (Yoh 6:61) Ɔkaa sɛ na “Yesu nim nea ɛrebɛto no nyinaa.” (Yoh 18:4) Ɔkyerɛwee sɛ “[Yesu guu] ahome kɛse, na ne ho yeraw no.” (Yoh 11:33; fa toto 13:21; 2:24; 4:1, 2; 6:15; 7:1 ho.) Afei nso na ɔkyerɛwfo no nim sɛnea asomafo no dwen, ne sɛnea na wɔyɛ wɔn ade wɔ nneɛma ho. Ɔma yehui sɛ ɛtɔ da a na asomafo no bi nni adwempa, enti akyiri yi wɔnyaa nteɛso.—Yoh 2:21, 22; 11:13; 12:16; 13:28; 20:9; 21:4.
(5) Afei nso, yɛhwɛ Bible mu a, yehu sɛ, nea ɔkyerɛw Yohane Asɛmpa no, ɔno ne “osuani a na Yesu dɔ no no.” (Yoh 21:20, 24) Yesu yɛɛ anwanwade bi a n’asomafo a aka no anhu gye asomafo mmiɛnsa a na wɔbɛn no paa no, na yebetumi aka sɛ nea ɔkyerɛw Yohane Asɛmpa no, na ɔka saa asomafo mmiɛnsa no ho. Ɛho nhwɛso ne bere a Yesu sakrae wɔ wɔn anim no, (Mr 9:2) ne bere a na Yesu ho yeraw no wɔ Getsemane turom hɔ no. (Mt 26:36, 37) Asomafo mmiɛnsa yi ne Yakobo, Petro, ne osuani a na Yesu dɔ no no. Yɛrentumi nka sɛ Yakobo na ɔkyerɛw Yohane Asɛmpa no, efisɛ bɛyɛ afe 44 Y.B. na Herode Agripa I ma wɔkum Yakobo. Adanse biara nso nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔkyerɛw Yohane Asɛmpa no ansa na Yakobo rewu. Petro nso, yɛrentumi nka sɛ ɔno na ɔkyerɛw Yohane Asɛmpa no, efisɛ bere a Bible reka “osuani a na Yesu dɔ no no” ho asɛm no, na Petro gyina hɔ bi. Sɛ saa na ɛte de a, yebetumi aka sɛ “osuani a na Yesu dɔ no no,” ɔno na ɔkyerɛw Yohane Asɛmpa no.—Yoh 21:20, 21.
w21.01 8-13
ADESUA ASƐM 2
Nea Yebetumi Asua Afi “Osuani a Na Yesu Dɔ No No” Hɔ
“Momma yɛnnodɔ yɛn ho, efisɛ ɔdɔ fi Onyankopɔn.”—1 YOH. 4:7.
NEA YƐREBESUA
Osuani a na Yesu dɔ no no,” ɛbɛyɛ sɛ ɔno ne ɔsomafo Yohane. (Yoh. 21:7) Wei kyerɛ sɛ, bere a na Yohane yɛ aberante mpo no, ɛbɛyɛ sɛ na ɔwɔ suban pii a ɛyɛ fɛ. Mfe pii akyi no, Yehowa ma ɔkyerɛw ɔdɔ ho nsɛm pii. Adesua yi mu no, yebesusuw nsɛm a Yohane kyerɛwee no bi ho, na yɛahwɛ nea yebetumi asua afi ne hɔ.
ƆSOMAFO Yohane kyerɛwee sɛ, “Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yoh. 4:8) Saa asɛm tiawa yi ma yɛkae nokwasɛm bi a ehia paa. Ɛne sɛ, Onyankopɔn a ɔyɛ nkwa Wura no, ɔno ara nso ne ɔdɔ Wura. Yehowa dɔ yɛn paa. Ɔdɔ a ɔwɔ ma yɛn no, ɛma yɛn koma tɔ yɛn yam, yɛn ani gye, na ɛma yɛte nka sɛ biribiara nhia yɛn.
2 Kristofo de, sɛ yɛpɛ oo, sɛ yɛmpɛ oo, ɛsɛ sɛ yɛdɔ yɛn yɔnko nnipa. Ɛyɛ ahyɛde. (Kenkan Mateo 22:37-40.) Sɛ yehu Yehowa yiye a, ebetumi ayɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yebedi ahyɛde a edi kan no so. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Yehowa de, ne biribiara wie pɛyɛ, odwen yɛn ho, na ɔyɛ yɛn brɛbrɛ. Ahyɛde a ɛto so mmienu no de, ebetumi ayɛ den ama yɛn sɛ yebedi so. Adɛn ntia? Efisɛ yɛn nuanom Kristofo a wɔn nso yɛ yɛn ayɔnkofo paa no, bɔne ne sintɔ wɔ wɔn ho. Ɛtɔ da a, wɔbɛka nsɛm bi anaa wɔbɛyɛ nneɛma bi a ɛbɛma yɛanya adwene sɛ wonnwen yɛn ho, na wɔnnɔ yɛn. Yehowa nim sɛ ebetumi ayɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛdɔ yɛn yɔnko nnipa. Enti ɔnam ne honhom no so maa Bible akyerɛwfo no bi kyerɛw nsɛm pɔtee bi a ɛbɛma yɛahu nea enti a ɛsɛ sɛ yɛdodɔ yɛn ho, ne sɛnea yɛbɛyɛ no. Nnipa a wɔkyerɛw saa nsɛm no, emu baako ne Yohane.—1 Yoh. 3:11, 12.
3 Nhoma a Yohane kyerɛwee no, ɔkaa wom mpɛn pii sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo dɔ afoforo. Nea ɛte ne sɛ, bere a Yohane rekyerɛw Yesu asetena mu nsɛm no, ɔde nsɛmfua “dɔ” ne “ɔdɔ” yɛɛ adwuma mpɛn pii sen nnipa mmiɛnsa a wɔkyerɛw Nsɛmpa a aka no nyinaa; woka wɔn de no bom mpo a, ennu Yohane de no. Bere a Yohane kyerɛw Yohane Asɛmpa no ne Yohane Nhoma a Edi Kan, Yohane Nhoma a Ɛto So Mmienu, ne Yohane Nhoma a Ɛto So Mmiɛnsa no, na wadi bɛyɛ mfe ɔha. Nhoma ahorow a Yehowa nam ne honhom so maa Yohane kyerɛwee yi ma yehu sɛ, biribiara a Kristoni yɛ no, ɔdɔ na ɛsɛ sɛ ɔde yɛ. (1 Yoh. 4:10, 11) Nanso, egyee bere ansa na Yohane resua sɛ ɔde ɔdɔ bɛyɛ biribiara.
4 Bere a Yohane yɛ aberante no, ɛnyɛ bere nyinaa na na ɔda ɔdɔ adi. Bere bi sei, na Yesu ne n’asuafo no rekɔ Yerusalem na wɔkɔfaa Samaria. Bere a wokoduu Samaria akuraa bi ase no, nnipa a ɛwɔ hɔ no annye Yesu ne wɔn a ɛka ne ho no. Ɛdɛn na Yohane yɛe? Ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ ɔmma kwan na ɔne ne nua Yakobo mfrɛ ogya mfi soro mmɛhyew akuraa no asefo nyinaa! (Luka 9:52-56) Bere foforo nso, Yohane yɛɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ ɔnnɔ asomafo a aka no. Ɛbɛyɛ sɛ ɔne ne nua Yakobo tutu guu wɔn maame asom ma ɔkɔsrɛɛ Yesu sɛ ɔmma wɔn mu baako ntena ne nifa na ɔbaako nso ntena ne benkum wɔ Ahenni no mu. Bere a asomafo a aka no tee nea Yakobo ne Yohane ayɛ no, wɔn bo fuwii paa! (Mat. 20:20, 21, 24) Nanso mfomso a Yohane yɛe nyinaa akyi, Yesu kɔɔ so dɔɔ no.—Yoh. 21:7.
5 Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nea Yohane yɛe ne ɔdɔ ho nsɛm a ɔkyerɛwee. Bere a yɛreyɛ saa no, yebehu sɛnea yɛbɛdɔ yɛn nuanom Kristofo. Yɛbɛsan nso ahu ade bi a ehia a abusua ti betumi ayɛ de akyerɛ sɛ ɔdɔ n’abusua.
YƐDE YƐN NNEYƐE NA ƐKYERƐ YƐN DƆ
6 Ebia yɛn adwene bɛyɛ yɛn sɛ, sɛ yɛpɛ obi asɛm, na yɛka nsɛm a ɛyɛ dɛ kyerɛ no a, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ no. Nanso, ɔdɔ kann de, nneyɛe na yɛde kyerɛ. (Fa toto Yakobo 2:17, 26 ho.) Yɛnhwɛ Yehowa sei. Ɔdɔ yɛn. (1 Yoh. 4:19) Waka nsɛm a ɛyɛ dɛ akyerɛ yɛn wɔ Bible mu de akyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn. (Dw. 25:10; Rom. 8:38, 39) Nanso, ɛnyɛ nea Onyankopɔn aka nko ara nti na yegye di sɛ ɔdɔ yɛn. Mmom, nea Yehowa ayɛ nso ma yehu sɛ ɔdɔ yɛn. Yohane kyerɛwee sɛ: “Eyi mu na woyii Onyankopɔn dɔ adi wɔ yɛn ho, efisɛ Onyankopɔn somaa ne Ba a ɔwoo no koro no baa wiase sɛ yɛmfa ne so nnya nkwa.” (1 Yoh. 4:9) Yehowa maa ne Ba a ɔdɔ no no behuu amane, na owu maa yɛn. (Yoh. 3:16) Wei ma yehu ampa sɛ Yehowa dɔ yɛn paa!
7 Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ ɔdɔ wɔn. (Yoh. 13:1; 15:15) Ɛnyɛ Yesu ano kɛkɛ na ɔde kaa sɛ ɔdɔ wɔn, na mmom ɔyɛɛ biribi de kyerɛɛ ne dɔ. Ɔkaa sɛ: “Obiara nni ɔdɔ a ɛsen eyi, sɛ obi de ne kra bɛto hɔ ama ne nnamfo.” (Yoh. 15:13) Sɛ yɛhwɛ nea Yehowa ne Yesu ayɛ ama yɛn a, ɛdɛn na ɛsɛ sɛ ɛka yɛn ma yɛyɛ?
8 Sɛ yetie Yehowa ne Yesu a, ɛno na ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn. (Yoh. 14:15; 1 Yoh. 5:3) Bio nso, Yesu hyɛɛ da ka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnnodɔ yɛn ho. (Yoh. 13:34, 35) Ɛsɛ sɛ yɛka kyerɛ yɛn nuanom Kristofo sɛ yɛdɔ wɔn. Nanso, ɛnsɛ sɛ ɛso hɔ ara. Ɛsɛ sɛ yɛde yɛn nneyɛe nso kyerɛ wɔn sɛ yɛdɔ wɔn. (Kenkan 1 Yohane 3:18.) Nneɛma bɛn saa na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛdɔ yɛn nuanom?
DƆ WO NUANOM KRISTOFO
9 Sɛ Yohane pɛ a, anka obetumi ne ne papa akɔ so ayɛ mpataayi adwuma a na wɔn abusua no yɛ no na wɔanya sika pii. Nanso wanyɛ saa. Mmom, bere tenten a ɔde tenaa nkwa mu nyinaa, ɔboaa nkurɔfo ma wohuu Yehowa ne Yesu yiye. Nea Yohane yɛe wɔ n’asetena mu no, wamfa no ahogono. Asɛmpa a na ɔreka nti, nkurɔfo tan n’ani, na bere a ɔbɔɔ akwakoraa no, wotwaa no asu. (Aso. 3:1; 4:1-3; 5:18; Adi. 1:9) Bere a Yesu ho asɛm a na Yohane reka nti wɔde no too afiase mpo no, Yohane kyerɛe sɛ ɔdɔ nkurɔfo. Ɛho nhwɛso ne sɛ, bere a ɔwɔ Patmo supɔw so no, ɔkyerɛw adiyisɛm a Onyankopɔn ma onyae no, na ɔma wɔde kɔmaa asafo ahorow no sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu “nneɛma a etwa sɛ ɛba ntɛm” no. (Adi. 1:1) Afei, ɛbɛyɛ sɛ bere a woyii Yohane fii Patmo supɔw so no, ɔkyerɛw Yohane Asɛmpa no a ɛka Yesu asetena ne ne som adwuma ho asɛm no. Ɔsan nso kyerɛw nkrataa mmiɛnsa de kɔhyɛɛ ne nuanom Kristofo nkuran na ɔde hyɛɛ wɔn den. Sɛnea Yohane de ne ho bɔɔ afɔre boaa nkurɔfo no, ɛdɛn na yebetumi asua afi mu?
10 Nea wobɛyɛ wɔ w’asetenam no na ɛbɛkyerɛ sɛ wodɔ nnipa. Satan wiase no pɛ sɛ wode wo bere ne w’ahoɔden nyinaa yɛ nea wopɛ, na wunya sika na wugye din. Nanso wɔn a wɔbɔ Ahenni no dawuru wɔ wiase nyinaa no nte saa. Wɔn de, wokum wɔn ho ka asɛmpa no na wɔboa nkurɔfo ma wɔbɛn Yehowa. Ebinom mpo de wɔn bere nyinaa ka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo na wɔkyerɛkyerɛ wɔn.
11 Kristofo anokwafo pii wɔ hɔ a, ɛsɛ sɛ wɔde bere pii yɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ahwɛ wɔn ho ne wɔn mmusua. Ne nyinaa akyi no, saa adawurubɔfo anokwafo yi yɛ nea wobetumi biara de boa Onyankopɔn ahyehyɛde no. Ɛho nhwɛso ne sɛ, wɔn mu bi tumi kɔboa wɔn a atoyerɛnkyɛm ato wɔn. Ebi nso tumi kɔboa ma wosisi adan de boa Yehowa som. Ebinom nso yi ntoboa de boa wiase nyinaa som adwuma no. Nea enti a wɔyɛ weinom nyinaa ne sɛ, wɔdɔ Onyankopɔn ne wɔn yɔnko nnipa. Nnawɔtwe biara, yɛyɛ nneɛma bi de kyerɛ sɛ yɛdɔ yɛn nuanom Kristofo. Ebi ne sɛ, yɛkɔ asafo nhyiam, na yɛkɔ nso a yɛma mmuae. Ɛwom, ɛtɔ da a na yɛabrɛ, nanso yemia yɛn ani kɔ asafo nhyiam. Ɛtɔ da a, yɛpɛ sɛ yɛma mmuae a na yɛn yam hyehye yɛn, nanso yemia yɛn ani ma mmuae no. Ɛwom sɛ obiara wɔ ne haw de, nanso obiara hyɛ ne yɔnko nkuran ansa na yɛafi asafo nhyiam ase, na yɛpɔn nso a yɛyɛ saa ara. (Heb. 10:24, 25) Nneɛma a yɛn nuanom Kristofo yɛ yi, yɛn ani sɔ paa!
12 Yohane kamfoo ne nuanom Kristofo, na otuu wɔn fo nso. Saa a ɔyɛe no kyerɛ sɛ na ɔdɔ wɔn. Ɛho nhwɛso ne sɛ, nkrataa a Yohane kyerɛwee no mu no, ɔkamfoo ne nuanom Kristofo esiane wɔn gyidi ne wɔn nnwuma pa nti. Nanso, ɛnyɛ ɛno nko ara na ɔyɛe. Ɔsan tuu wɔn fo anibere so sɛ wɔnhwɛ wɔn ho yiye wɔ bɔne ho. (1 Yoh. 1:8–2:1) Yɛn nso, nneɛma pa a yɛn nuanom Kristofo yɛ no, ɛsɛ sɛ yɛkamfo wɔn wɔ ho. Nanso sɛ obi reda suban bɔne bi adi anaa ɔreyɛ biribi a ebetumi asɛe ɔne Yehowa ntam a, ɛsɛ sɛ yɛde anifere tu no fo. Yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ no. Ehia akokoduru na ama yɛatumi atu yɛn nnamfo fo. Nanso, Bible ka sɛ nnamfo pa de, obiara sew ne yɔnko anim, anaa obiara tu ne yɔnko fo.—Mmeb. 27:17.
13 Ɛtɔ da a, sɛ yɛanyɛ nneɛma bi a, ɛno mmom na ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ yɛn nuanom Kristofo. Ɛho nhwɛso ne sɛ, sɛ yɛn nuanom ka biribi na anyɛ yɛn dɛ a, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn bo fuw. Wo de, aka kakra ama Yesu awu afi asase so no, hwɛ asɛm bi a esii. Ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ, sɛ wobenya nkwa a, gye sɛ wodi ne honam na wɔnom ne mogya. (Yoh. 6:53-57) Ná asɛm no ano yɛ den paa, enti n’asuafo no pii san fii n’akyi. Nanso ne nnamfo paa a Yohane ka ho no de, wɔansan amfi n’akyi; wɔkɔɔ so bataa no ho. Wɔante nea Yesu kae no ase, na ebetumi aba sɛ ɛmaa wɔn ho dwiriw wɔn mpo. Nanso Yesu nnamfo anokwafo no annya adwene sɛ wankasa yiye, na wɔamma n’asɛm no anhyɛ wɔn abufuw. Mmom wonyaa ne mu gyidi, efisɛ na wonim sɛ ɔka nokware. (Yoh. 6:60, 66-69) Wei ma yehu sɛ, sɛ yɛn nnamfo ka asɛm bi na anyɛ yɛn dɛ a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye paa na yɛamma yɛn bo amfuw wɔn. Mmom ɛsɛ sɛ yɛma wɔn kwan ma wɔkyerɛkyerɛ nea wɔkae no mu kyerɛ yɛn.—Mmeb. 18:13; Ɔsɛnk. 7:9.
14 Yohane san tu yɛn fo sɛ ɛnsɛ sɛ yɛtan yɛn nuanom Kristofo. Sɛ yɛantie saa afotu no a, na yɛrema kwan ama Satan de yɛn ayɛ adwuma. (1 Yoh. 2:11; 3:15) Biribi saa too ebinom a wɔtenaa ase bɛyɛ afe 96 Y.B. Satan yɛɛ nea obetumi nyinaa sɛ ɔbɛma Onyankopɔn nkurɔfo atentan wɔn ho, na ama wɔn mu apaapae. Bere a Yohane kyerɛw ne nkrataa no, na nnipa bi a Satan suban no bi awura wɔn mu aba asafo no mu. Wɔn mu baako ne Diotrefe. Ná ɔde mpaapaemu kɛse aba asafo bi mu. (3 Yoh. 9, 10) Wɔn a akwankyerɛ kuw no soma wɔn ma wɔkɔsra asafo ahorow no, na ɔmfa obu ketekete sɛɛ mpo mma wɔn. Sɛ Diotrefe ne wɔn mu bi ani nhyia, na ohu sɛ onua bi agye wɔn kɔ ne fie a, na ɔyɛ nea obetumi biara sɛ obetu saa onua no afi asafo no mu. Wei kyerɛ sɛ na ɔyɛ aniammɔnho paa! Ɛnnɛ nso, Satan ani abere denneennen sɛ ɔbɛpaapae Onyankopɔn nkurɔfo mu sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi adi wɔn so. Mommma yɛnntan yɛn nuanom da, na ankɔfa mpaapaemu amma yɛn mu.
DƆ W’ABUSUA
15 Sɛ obi yɛ abusua ti a, ade baako paa a obetumi ayɛ de akyerɛ sɛ ɔdɔ n’abusua ne sɛ ɔbɛma wɔn honam fam nneɛma a wohia. (1 Tim. 5:8) Nanso ɛsɛ sɛ ɔkae sɛ, honam fam nneɛma rentumi mma n’abusua no ne Yehowa ntam nyɛ papa. (Mat. 5:3) Ma yɛnhwɛ nea Yesu yɛe a abusua ti biara betumi asuasua. Yohane Asɛmpa no ma yehu sɛ, bere a Yesu sɛn asɛndua no so a ɔrewu mpo no, na ɔredwen n’abusua ho. Ná Yohane ne Yesu maame Maria gyina baabi a wɔabɔ Yesu asɛndua mu no. Ɔyaw a na Yesu refa mu no, na ɛnyɛ asɛm ketewa, nanso ne nyinaa akyi no, ɔka kyerɛɛ Yohane sɛ ɔnhwɛ Maria mma no. (Yoh. 19:26, 27) Ná Yesu wɔ nuanom a wobetumi ahwɛ Maria na wɔama no nea ohia, nanso ɛbɛyɛ sɛ saa bere no, na wɔn mu biara nni hɔ a wabɛyɛ Yesu suani. Enti na Yesu pɛ sɛ Maria nya obi a ɔbɛhwɛ no ama wanya nea ohia wɔ honam fam, na wasan aboa no ama wakɔ so asom Yehowa.
16 Ná nnwuma pii gu Yohane so. Ná ɔka asomafo no ho, enti na ɛsɛ sɛ ɔde nsi ne ahokeka yɛ asɛnka adwuma no. Ebetumi aba nso sɛ na waware, enti na ɛsɛ sɛ ɔhwɛ ma n’abusua nya nea wohia, na ɔsan boa wɔn ma wɔne Yehowa ntam yɛ papa. (1 Kor. 9:5) Ɛdɛn na mmusua ti a wɔwɔ hɔ nnɛ no betumi asua afi Yohane hɔ?
17 Sɛ onua bi yɛ abusua ti a, ebetumi aba sɛ nnwuma pii a ɛho hia gu no so. Sɛ ɔkɔ adwuma a, ɛsɛ sɛ ɔyere ne ho yɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a ne suban pa no bɛhyɛ Yehowa anuonyam. (Efe. 6:5, 6; Tito 2:9, 10) Asafo no mu nso, ebia ɔyɛ nnwuma pii. Ebi ne sɛ ɔbɛsrasra anuanom ahyɛ wɔn nkuran, na ɔde nsi ne ahokeka ayɛ asɛnka adwuma no bi. Wei nyinaa da nkyɛn a, ɛho hia sɛ ɔne ne yere ne ne mma sua Bible daa. Sɛ ɔyɛ saa a, ne yere ne ne mma bɛda no ase paa sɛ ɔboa wɔn ma wonya apɔwmuden, wɔn ani gye, na wɔkɔ so som Yehowa.—Efe. 5:28, 29; 6:4.
“MONTENA ME DƆ MU”
18 Yohane nyin kyɛe paa, na nneɛma pii nso kɔɔ so wɔ n’asetenam. Ohyiaa ɔhaw pii a na anka ebetumi ama ne gyidi ayɛ mmerɛw. Nanso Yesu ahyɛde ahorow a baako ne sɛ yɛnnɔ yɛn nuanom no, Yohane yɛɛ nea obetumi biara dii so daa. Wei nti, na Yohane adwene si no pi sɛ Yehowa ne Yesu dɔ no, na wɔbɛhyɛ no den ama watumi agyina sɔhwɛ biara ano. (Yoh. 14:15-17; 15:10; 1 Yoh. 4:16) Biribiara nni hɔ a Satan ne ne wiase no yɛe a ɛmaa Yohane dɔ ano dwoe. Mmom ɔkɔɔ so de ne kasa ne ne nneyɛe nyinaa kyerɛe sɛ ɔdɔ ne nuanom.
19 Yɛn nso yɛte sɛ Yohane. Wiase a yɛte mu yi, Satan a ɔtan ahyɛ no ma no na odi so. (1 Yoh. 3:1, 10) Ne yam a, anka yɛrennɔ yɛn nuanom Kristofo, nanso ɔrentumi mma yɛnyɛ saa da, gye sɛ yɛn ara yɛma no kwan. Momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so adɔ anuanom. Yɛde yɛn kasa ne yɛn nneyɛe nyinaa bɛkyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛn ani begye sɛ yɛka Yehowa abusua ho, na yɛn koma bɛtɔ yɛn yam paa.—Kenkan 1 Yohane 4:7.