Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Dɛn Ne Onyankopɔn Home?
    Ɔwɛn-Aban—2011 | July 15
    • 3. Ɔkwan bɛn so na Yesu asɛm a ɛwɔ Yohane 5:16, 17 no kyerɛ sɛ na ɛda a ɛto so ason no mmaa awiei wɔ afeha a edi kan no mu?

      3 Adanse abien bi nti na yebetumi aka sɛ wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no, na ɛda a ɛto so ason no mmaa awiei. Nea edi kan, susuw asɛm a Yesu ka kyerɛɛ asɔretiafo a wɔkasa tiaa no sɛ wasa yare Homeda a na wosusuw sɛ ayaresa no yɛ adwuma no ho hwɛ. Awurade ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “M’Agya ayɛ adwuma abesi sesɛɛ, na me nso mekɔ so yɛ adwuma.” (Yoh. 5:16, 17) Dɛn na na ɔrekyerɛ? Ná wɔrebɔ Yesu sobo sɛ wayɛ adwuma Homeda. Ɔmaa wɔn mmuae de bɔɔ sobo a wɔde bɔɔ no no gui sɛ: “M’Agya ayɛ adwuma abesi sesɛɛ.” Asɛm a na Yesu reka akyerɛ wɔn a wɔkasa tiaa no no ne sɛ: ‘Me ne m’Agya yɛ adwuma koro. Na esiane sɛ m’Agya akɔ so ayɛ adwuma wɔ ne Homeda a ne tenten yɛ mfe mpempem pii no mu nti, mewɔ hokwan paa sɛ mekɔ so yɛ adwuma, a ɛda a ɛyɛ Homeda mpo ka ho.’ Enti, nea na Yesu rekyerɛ ne sɛ ɛdefa asase ho de, na Onyankopɔn Homeda titiriw no, ɛda a ɛto so ason no mmaa awiei wɔ bere a na ɔwɔ asase so no.a

  • Dɛn Ne Onyankopɔn Home?
    Ɔwɛn-Aban—2011 | July 15
    • 5. Ná ɛda a ɛto so ason no atirimpɔw ne dɛn, na bere bɛn na saa atirimpɔw no bɛbam koraa?

      5 Nea ɛbɛyɛ na yɛanya saa asɛmmisa no ho mmuae no, ɛsɛ sɛ yɛkae ɛda a ɛto so ason no atirimpɔw. Genesis 2:3 kyerɛkyerɛ atirimpɔw no mu sɛ: “Onyankopɔn fii ase hyiraa da a ɛto so ason no na ɔyɛɛ no kronkron.” Yehowa ‘yɛɛ’ saa da no “kronkron,”—ɔtew ho, oyi sii nkyɛn—sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛma n’atirimpɔw abam. Saa atirimpɔw no ne sɛ mmarima ne mmea a wɔyɛ osetie bɛtena asase so na wɔahwɛ asase no ne abɔde a nkwa wom a ɛwɔ so nyinaa so. (Gen. 1:28) Nea ɛbɛyɛ na saa atirimpɔw no abam nti na Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo a ɔyɛ “Homeda Wura” no “ayɛ adwuma abesi sesɛɛ” no. (Mat. 12:8) Onyankopɔn homeda no bɛkɔ so araa akosi sɛ n’atirimpɔw a ɛfa ne homeda no ho bɛbam koraa wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no awiei.

  • Dɛn Ne Onyankopɔn Home?
    Ɔwɛn-Aban—2011 | July 15
    • a Asɔfo ne Lewifo no yɛɛ adwuma Homeda wɔ asɔrefie hɔ, na ‘wɔanni fɔ.’ Esiane sɛ Yesu yɛ ɔsɔfo panyin wɔ Onyankopɔn honhom fam asɔrefie kɛse no mu nti, na ɔno nso betumi ayɛ ne som adwuma a ɔrensuro sɛ ɔbɛsɛe Homeda no.—Mat. 12:5, 6.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena