-
Ɔsɔfopɔn A Obuu Yesu FɔƆwɛn-Aban—2006 | January 15
-
-
Kaiafa abɔnefosɛm bɛdaa adi bere a ɔka kyerɛɛ ne mfɛfo sodifo bi sɛ: “Monnwene nso sɛ eye ma mo sɛ onipa baako bewu ama ɔmanfo na ɔman mũ no nyinaa ansɛe.” Kyerɛwtohɔ no toa so sɛ: “Nanso emfi n’ankasa ne tirim na ɔkaa eyi; na mmom esiane sɛ na ɔyɛ ɔsɔfopɔn saa afe no nti, ɔhyɛɛ nkɔm sɛ etwa sɛ Yesu wu ma ɔman no, na ɛnyɛ ɔman no nko, na mmom sɛnea ɛbɛyɛ na Nyankopɔn bɛka ne mma a wɔabɔ apete no abom ayɛ wɔn biako. Enti efi saa da no ara wɔbɔɔ pɔw sɛ wobekum [Yesu].”—Yohane 11:49-53.
Ná Kaiafa nnim nea ne nsɛm no kyerɛ ankasa. Sɛ́ ɔsɔfopɔn no, na wahyɛ nkɔm.b Ná Yesu wu no so bɛba mfaso, nanso na ɛnyɛ Yudafo no nkutoo na wobenya so mfaso. Na n’agyede afɔrebɔ no bɛma adesamma nyinaa ade wɔn ho afi bɔne ne owu nkoasom mu.
-
-
Ɔsɔfopɔn A Obuu Yesu FɔƆwɛn-Aban—2006 | January 15
-
-
b Bere bi Yehowa de Bileam a ɔyɛ ɔbɔnefo no dii dwuma ma ɔhyɛɛ Israelfo no ho nkɔm a ɛyɛ nokware.—Numeri 23:1–24:24.
-