-
“Bra Makedonia”‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
-
-
16. Bere a wɔhwee Paul ne Silas a ade kyee no, dɛn na esii?
16 Bere a wɔhwee Paul ne Silas no, n’adekyee na ɔman mpanyimfo no kaa sɛ wɔnyi wɔn. Nanso Paul kaa sɛ: “Yɛyɛ Romafo, ɛnna wɔahwe yɛn baguam de yɛn agu afiase bere a wommuu yɛn fɔ. Afei de wɔrebeyi yɛn kodɛɛ? Daabi! Momma wɔn ankasa mmra, na wɔmmɛfa yɛn mpue.” Bere a mpanyimfo no tee sɛ mmarima mmienu no yɛ Romafo no, “wɔbɔɔ hu” efisɛ na wɔatiatia mmarima no fahodi so.d Afei de na mpanyimfo no mmom na wɔn ho akyere wɔn. Mpanyimfo no ma wɔhwee asuafo no wɔ baguam, enti na ɛsɛ sɛ wɔpa kyɛw wɔ baguam. Wɔsrɛɛ Paul ne Silas sɛ wɔmfi Filipi. Asuafo mmienu no penee so, nanso ansa na wɔrefi hɔ no, wɔgyee bere hyɛɛ asuafo foforo no nkuran.
-
-
“Bra Makedonia”‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
-
-
d Ná Roma mmara kyerɛ sɛ, sɛ Romani bi nya asɛm a, ɛsɛ sɛ wɔdi n’asɛm yiye, na na ɛnsɛ sɛ wɔtwe n’aso wɔ baguam bere a wɔmmuu no fɔ.
-