-
2 | Sɛ Obi Ne Wo Anni No Yiye a, Nyɛ Bi Ntua KaƆwɛn-Aban (Ɔmanfo De)—2022 | No. 1
-
-
Bible Afotusɛm:
“Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka. . . . Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, mo fam de, monyɛ nea mubetumi biara ne nnipa nyinaa ntena asomdwoe mu. . . . Munntua bɔne so ka, . . . efisɛ wɔakyerɛw sɛ: ‘“Me na mitua bɔne so ka; me ara metua ka,” Yehowa na waka.’”—ROMAFO 12:17-19.
Nea Ɛkyerɛ:
Sɛ obi yɛ yɛn bɔne na sɛ yɛn bo fuw a, ntease wom, nanso Onyankopɔn nhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ no bi atua ka. Mmom no, ɔpɛ sɛ yɛto yɛn bo ase, na yegyaw biribiara ma no. Bere pa mu no, ɔde yiye bɛto yiye.—Dwom 37:7, 10.
-