-
‘Pa Wo Ho Akyi’Ɔwɛn-Aban—2014 | March 15
-
-
6. Yɛbɛyɛ dɛn ‘atena’ mmara a ɛyɛ pɛ no mu?
6 Ebetumi aba sɛ yɛkan Bible daa, nanso ɛno ara kɛkɛ nkyerɛ sɛ, sɛ pɛsɛmenkominya reyi ne ti a, yebehu no ntɛm. Adɛn ntia? Yɛnhwɛ Yakobo mfatoho no bio. Wanka sɛ ɔbarima no antɔ ne bo ase anhwɛ ne ho wɔ ahwehwɛ mu. Mmom Yakobo kae sɛ ɔbarima no ‘hwɛɛ ne ho.’ Hela asɛmfua a Yakobo de yɛɛ adwuma no kyerɛ sɛ obi bɛtɔ ne bo ase anaa ɔbɛgyen n’ani ahwɛ biribi. Ɛnde, na ɔbarima no haw paa ne sɛn? Yakobo toaa so sɛ, sɛ ɔbarima no hwɛ n’anim wie a, “ɔkɔ, na ntɛm ara ne werɛ fi onipa ko a ɔyɛ.” Eyi kyerɛ sɛ ɔdan ne ho fi ahwehwɛ no anim; ɔnyɛ nea ohui no ho hwee. Yakobo kae sɛ ebesi obi yiye a, ɛsɛ sɛ ɔhwehwɛ “mmara a ɛyɛ pɛ no mu,” nanso ɛnsɛ sɛ ɛso hɔ ara. Mmom ɛsɛ sɛ “ɔtena mu.” Onipa a ɔte saa nnyaw Onyankopɔn Asɛm a ɛyɛ pɛ no nto hɔ, mmom ɔtena mu, kyerɛ sɛ ɔde bɔ ne bra. Bere bi Yesu kaa asɛm koro no ara. Ɔkae sɛ: “Sɛ motena m’asɛm mu a, na moyɛ m’asuafo ampa.”—Yoh. 8:31.
7. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛde Bible pɛɛpɛɛ yɛn mu hwɛ sɛ pɛsɛmenkominya wɔ yɛn ho a, yɛbɛyɛ no sɛn?
7 Sɛ yebetumi adi pɛsɛmenkominya so nkonim a, nea edi kan, ɛsɛ sɛ yɛtɔ yɛn bo ase kenkan Onyankopɔn Asɛm no. Ebetumi ama yɛahu nneɛma bi a ɛnkɔ yiye wɔ yɛn ho. Nanso ɛnsɛ sɛ ɛso hɔ ara; mmom ɛsɛ sɛ yɛdɔ mu asukɔ na yegye bere yɛ nhwehwɛmu. Sɛ worekan obi ho asɛm wɔ Bible mu a, fa no sɛ wone saa nipa no na bisa wo ho sɛ: ‘Sɛ me na tebea a ɛte saa too me a, anka mɛyɛ dɛn? Anka mɛyɛ nea ɛteɛ anaa?’ Nanso biribi wɔ hɔ a ehia koraa sen saa. Ɛne sɛ wubedwinnwen nea worekan no ho na woayere wo ho de abɔ wo bra. (Mat. 7:24, 25) Afei momma yɛnkɔ Ɔhene Saul ne ɔsomafo Petro asetena mu kakra na yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi wɔn hɔ. Eyi bɛboa yɛn ma yɛahu sɛnea yɛbɛpa yɛn ho akyi.
-
-
‘Pa Wo Ho Akyi’Ɔwɛn-Aban—2014 | March 15
-
-
19. Sɛ yɛhwɛ yɛn ho wɔ Onyankopɔn Asɛm mu na yehu sɛ biribi atɔ kyima a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛn abam ammu?
19 Sɛ yɛde Onyankopɔn Asɛm yɛ ahwehwɛ na yegyen yɛn ani hwɛ mu a, ebia yebehu sintɔ anaa pɛsɛmenkominya bi wɔ yɛn ho. Anhwɛ a ebebu yɛn abam. Sɛ biribi a ɛte saa to wo a, kae ɔbarima a esii no yiye wɔ Yakobo mfatoho no mu no. Yakobo anka sɛ ɔbarima no siesiee nea atɔ kyima no amonom hɔ ara, na saa ara nso na wanka sɛ otumi siesiee nea atɔ kyima biara. Mmom nea Yakobo kae ne sɛ ɔbarima no ‘tenaa mmara a ɛyɛ pɛ no mu.’ (Yak. 1:25) Ɔbarima no kaee nea ohui wɔ ahwehwɛ no mu, na ɔyeree ne ho ara siesiei. Enti mma w’abam mmu; kae sɛ obiara wɔ sintɔ. (Monkenkan Ɔsɛnkafo 7:20.) Kɔ so ara hwehwɛ mmara a ɛyɛ pɛ no mu na pa wo ho akyi. Kae sɛ Yehowa aboa wo nuanom pii a wɔtɔ sin sɛ wo ara, na ɔpɛ sɛ ɔboa wo nso ma wunya n’anim dom ne ne nhyira.
-