Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Sɛnea Yɛbɛboa Wɔn a Wɔayi Wɔn Afi Asafo No Mu No
    Ɔwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024 | August
    • 15. Abɔnefo bɛn na 2 Yohane 9-11 ka wɔn ho asɛm? (Adaka a yɛato din “Bɔne a Paul Kaa Ho Asɛm No, Ɛno Ara Na Yohane Nso Kaa Ho Asɛm Anaa?” no, hwɛ ɛno nso)

      15 Ebia ebinom bebisa sɛ, ‘Sɛ́ ɛwɔ Bible mu sɛ, sɛ Kristoni bi kyia obi a wɔayi no afi asafo no mu a, na ɔrefoa onii no bɔne so?’ (Kenkan 2 Yohane 9-11.) Sɛ yɛhwɛ Yohane asɛm yi mu a, yehu sɛ wɔn a wɔyɛ awaefo ne wɔn a wɔhyɛ nkurɔfo kutupa ma wɔyɛ nneɛma bɔne ho asɛm na na ɔreka. (Adi. 2:20) Enti sɛ obi hyɛ awaefo nkyerɛkyerɛ ho nkuran, anaa ɔhyɛ abrabɔ bɔne ho nkuran a, mpanyimfo no renyɛ nhyehyɛe nkɔsra no. Ne nyinaa mu no, onii no betumi asesa na wasan aba Yehowa nkyɛn. Nanso bere a onnya nsesae no de, yɛrenkyia no, na yɛrento nsa mfrɛ no sɛ ɔmmra adesua.

      Bɔne a Paul Kaa Ho Asɛm No, Ɛno Ara Na Yohane Nso Kaa Ho Asɛm Anaa?

      Ɔsomafo Yohane nhoma a ɛtɔ so mmienu no mu no, Onyankopɔn ma ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ obi ba mo nkyɛn na onkura nkyerɛkyerɛ yi a, munnnye no nnkɔ mo fi, na munnkyia no nso. Na obiara a obekyia no no foa ne bɔne no so.”—2 Yohane 10, 11.

      Bere a Yohane kaa sɛ ebinom wɔ hɔ a nkyia mpo, ɛnsɛ sɛ Kristofo ‘kyia’ wɔn no, na ɔrefoa Paul asɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 5:11 no so anaa? Ɛhɔ no, Paul kaa sɛ, sɛ wɔyi obi fi asafo no mu a ‘yɛne no mmmɔ.’ Ná Yohane ne Paul nyinaa reka bɔne koro ho asɛm anaa? Sɛnea wɔkaa wɔn nsɛm no kyerɛ sɛ ɛnte saa.

      Ná ɛsono bɔne a asomafo yi mu biara reka ho asɛm. Nea Paul kyerɛwee no, na ɛfa ɔbarima bi a na wagye ne papa yere ho. Nea Yohane nso kyerɛwee bɛyɛ mfe 43 akyi no, na ɛfa awaefo, ne wɔn a wɔhyɛ atoro nkyerɛkyerɛ ne ɔbra bɔne ho nkuran ho. Sɛ nhwɛso no, na wɔn mu bi mpo kyerɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ Yesu ne Kristo no.—1 Yoh. 2:22; 4:​2, 3.

      Bere a Yohane kyerɛw ne nkrataa no, na ɔwae atu atese wɔ asafo no mu dedaw. Ɛwom, na onim sɛ ɔrentumi ntu ase de, nanso ɔyɛɛ ne fam de sɛ ɔsomafo de ‘siw ɔwae no kwan’ de bɔɔ asafo no ho ban.—2 Tes. 2:7.

      Enti na Yohane retu ne nuanom Kristofo fo sɛ, wɔnhwɛ wɔn ho yiye wɔ atoro akyerɛkyerɛfo ho, na wɔannaadaa wɔn. Ɔka kyerɛɛ Kristofo sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔgye saafo no ba wɔn fie, na ɛnsɛ sɛ wɔkyia wɔn nso. Obi a ɔhyɛ atoro nkyerɛkyerɛ ho nkuran no, sɛ obi kyia no a, ebetumi ama wanya kwan akeka n’atosɛm no bi akyerɛ no. Ɛnnɛ nso, awaefo nsɛm a wɔkeka wɔ wɔn wɛbsaet ne sohyia midia so no, sɛ yɛde yɛn ano kɔto mu a, ebetumi ama wɔanya kwan aka wɔn atosɛm no bi akyerɛ yɛn. Obi a okyia ɔwaefo no “foa ne bɔne no so.”

      Nanso Paul asɛm a ɛwɔ 1 Korintofo ti 5 no de, na ɛfa ɔbarima bi a wagye ne papa yere ho. Ɛno nti, na ɛsɛ sɛ wɔyi no fi asafo no mu. Ɛda adi sɛ na ɔbarima no nyɛ ɔwaefo; saa ara nso na na ɔnhyɛ abrabɔ bɔne ho nkuran. (Fa toto Adiyisɛm 2:20 ho.) Enti bere a Paul kaa sɛ ɛnsɛ sɛ asafo no mufo ne ɔbarima no bɔ, na wɔne no nnidi mpo no, wanka sɛ nkyia kɛkɛ nso wɔrentumi nkyia no.

  • Sɛnea Yɛbɛboa Wɔn a Wɔayi Wɔn Afi Asafo No Mu No
    Ɔwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024 | August
Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena