-
Kristofo Ahɔhoyɛ wɔ Wiase a Emu Apaapae MuƆwɛn-Aban—1996 | October 1
-
-
“Enti na ɛsɛ yɛn sɛ yegye sɛɛfo [yɛyɛ saafo no ahɔho, ‘NW’], na yɛayɛ yɔnko adwumayɛfo ama nokware no.”—3 YOHANE 8.
-
-
Kristofo Ahɔhoyɛ wɔ Wiase a Emu Apaapae MuƆwɛn-Aban—1996 | October 1
-
-
3. Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya nokware anigye ne abotɔyam?
3 Hwɛ sɛnea anka nneɛma bɛyɛ soronko sɛ nkurɔfo besuasua sɛnea Yehowa ne afoforo di no—ayi ayamye, adɔe, ne ahɔhoyɛ adi! Ɔdaa no adi pefee sɛ ɛnyɛ yɛn ankasa akɔnnɔ a yɛbɛbɔ mmɔden ayɛ no ne ade a ɛbɛboa yɛn ma yɛanya nokware anigye. Mmom no ade a ɛbɛboa ni: “Ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye.” (Asomafo no Nnwuma 20:35) Sɛ yebenya nokware anigye ne abotɔyam a, ɛsɛ sɛ yedi akwanside ne mpaapaemu a ebetumi atwitware yɛn anan mu so. Na ɛsɛ sɛ yetu yɛn ho si hɔ ma wɔn a wɔne yɛn resom Yehowa no. Ɛho hia sɛ yetie saa afotu yi: “Enti na ɛsɛ yɛn sɛ yegye sɛɛfo [yɛyɛ saafo no ahɔho, NW], na yɛayɛ yɔnko adwumayɛfo ama nokware no.” (3 Yohane 8) Ahɔhoyɛ a yebeyi adi akyerɛ wɔn a ɛsɛ wɔn sɛnea yɛn nsɛm tebea bɛma ho kwan no so wɔ mfaso wɔ akwan abien so—ɛboa ademafo ne wɔn a wogye no nyinaa. Ɛnde, wɔn a wɔsɛ a ɛsɛ sɛ ‘yɛyɛ wɔn hɔho’ no bi ne henanom?
-
-
Kristofo Ahɔhoyɛ wɔ Wiase a Emu Apaapae MuƆwɛn-Aban—1996 | October 1
-
-
Kyɛ Akronkronfo Ade
11, 12. Ɔkwan soronko bɛn na wɔfaa so ne Yehowa asomfo binom dii wɔ (a) tete Israel (b) afeha a edi kan no mu?
11 Wɔn a wɔfata sɛ yesusuw wɔn ho na yɛyɛ wɔn ahɔho ankasa no bi ne Kristofo a wɔn ho akokwaw a wɔyɛ adwumaden de di yɛn honhom fam yiyedi ho dwuma no. Yehowa yɛɛ nsiesiei soronko maa asɔfo ne Lewifo no wɔ tete Israel. (Numeri 18:25-29) Wɔ afeha a edi kan no mu no, wɔhyɛɛ Kristofo nso nkuran sɛ wɔnhwɛ wɔn a wɔsom wɔn wɔ akwan soronko so no. Kyerɛwtohɔ a ɛwɔ 3 Yohane 5-8 no ma yehu abusuabɔ a emu yɛ den a na ɛwɔ tete Kristofo mu no ani so.
12 Ɔsomafo Yohane a na ne mfe akɔ anim no ani sɔɔ ayamye ne ahɔhoyɛ a Gaio yii no adi kyerɛɛ anuanom akwantufo bi a wɔsomaa wɔn ma wɔkɔsraa asafo no kɛse. Ná saa anuanom yi—a Demetrio, a ɛbɛyɛ sɛ ɔno na ɔde krataa no kɔe no ka ho no—nyinaa yɛ ahɔho anaasɛ na wonnim Gaio dedaw. Nanso wɔyɛɛ wɔn ahɔho efisɛ na ɛyɛ “[Onyankopɔn] din nti na wɔnam.” Yohane kaa ho asɛm wɔ saa kwan yi so sɛ: “Enti na ɛsɛ yɛn sɛ yegye sɛɛfo [yɛyɛ saafo no ahɔho, NW], na yɛayɛ yɔnko adwumayɛfo ama nokware no.”—3 Yohane 1, 7, 8.
13. Henanom na wɔwɔ yɛn mu a wɔfata sɛ ‘yɛyɛ wɔn ahɔho’ titiriw?
13 Ɛnnɛ, wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu no, yɛwɔ nnipa pii a wɔreyere wɔn ho denneennen aboa anuanom fekuw no nyinaa. Saafo yi bi ne ahwɛfo akwantufo, a dapɛn biara wɔde wɔn bere ne wɔn ahoɔden hyɛ asafo ahorow den; asɛmpatrɛwfo, a wogyaw wɔn mmusua ne wɔn nnamfo hɔ kɔka asɛm no wɔ amannɔne; wɔn a wɔsom wɔ Betel afie anaa baa dwumadibea ahorow, a wotu wɔn ho ma boa wiase nyinaa asɛnka adwuma no; ɛne wɔn a wɔyɛ akwampae adwuma no, a wɔde wɔn bere ne wɔn ahoɔden fã kɛse no ara yɛ asɛnka adwuma no. Ne titiriw no, eyinom nyinaa yɛ adwumaden, a ɛnyɛ wɔn ankasa anuonyam anaa mfaso a wɔrepɛ nti, na mmom ɔdɔ a wɔwɔ ma Kristofo onuayɛ no ne Yehowa nti na wɔyɛ saa. Ɛfata sɛ yesuasua wɔn esiane wɔn ahofama a efi koma nyinaa mu no nti, na wɔfata sɛ ‘yɛyɛ wɔn ahɔho.’
14. (a) Ɔkwan bɛn so na yɛbɛyɛ Kristofo pa bere a yɛda ahɔhoyɛ adi kyerɛ anokwafo no? (b) Dɛn nti na Yesu kae sɛ Maria apaw “nea eye”?
14 Ɔsomafo Yohane daa no adi sɛ, sɛ ‘yɛyɛ saafo no ahɔho’ a, ‘yɛbɛyɛ yɔnko adwumayɛfo ma nokware no.’ Ɔkwan bi so no, ɛma yɛbɛyɛ Kristofo pa. Nea enti a eyi te saa ne sɛ Kristofo nnwuma no bi ne sɛ yɛbɛyɛ mfɛfo gyidifo yiye. (Mmebusɛm 3:27, 28; 1 Yohane 3:18) Ɛso wɔ akatua wɔ ɔkwan foforo nso so. Bere a Maria ne Marta gyee Yesu baa wɔn fie no, Marta pɛe sɛ ɔyɛ ɔhɔhoyɛfo pa denam “nneɛma pii” a obesiesie ama Yesu no so. Maria daa ahɔhoyɛ adi wɔ ɔkwan foforo so. “Ɔtraa Awurade nan ase tiee n’asɛm,” na Yesu kamfoo no sɛ “wayi nea eye.” (Luka 10:38-42) Mpɛn pii no, nkɔmmɔ a yɛne wɔn a wɔanya mfe pii mu suahu bɛbɔ no ne ade titiriw wɔ fekuw a yɛne wɔn bɔ no anwummere bi no mu.—Romafo 1:11, 12.
-