-
Wɔawo Onyankopɔn Ahenni No!Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
-
-
11. Yohane ka ɔbea no ba no awo no ho asɛm dɛn, na dɛn nti na wɔfrɛ ɔba no sɛ “ɔbabanin”?
11 Bere a wɔahyɛ amanaman no sɛ wɔmfa nni tumi a Onyankopɔn mmfa ne ho nnye no baa awiei wɔ 1914 mu. (Luka 21:24) Ɛno na afei wɔ bere ano pɛpɛɛpɛ no, ɔbea no woo ne ba: “Na ɔwoo ɔbabanin a ɔde dade poma rebɛyɛn amanaman nyinaa. Na wɔfaa ne ba no de no kɔɔ Onyankopɔn ne n’ahengua no nkyɛn. Na ɔbea no guan kɔɔ sare so, nea Onyankopɔn asiesie baabi ama no sɛ wɔnhwɛ no hɔ nna apem ahanu aduosia.” (Adiyisɛm 12:5, 6) Ɔba no yɛ “ɔbabanin.” Dɛn nti na Yohane de nsɛmfua abien a ɛkyerɛ ade koro yi di dwuma? Ɔyɛ saa na ɔde akyerɛ fata a ɔba yi fata, di a odi mũ sɛ ɔde tumi a ɛdɔɔso di amanaman no so. Esi sɛnea awo yi hia ne sɛnea ɛyɛ anigye bere nso so dua! Edi dwuma titiriw bi wɔ Onyankopɔn ahintasɛm kronkron a wɔde bɛba awiei no mu. Ɛdɛn, ɔbabanin yi de “dade poma rebɛyɛn amanaman nyinaa” nso!
-
-
Wɔawo Onyankopɔn Ahenni No!Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
-
-
13. Dɛn na wɔde ɔbabanin no a wɔfaa no “kɔɔ Onyankopɔn ne n’ahengua nkyɛn” no kyerɛ?
13 Yehowa remma kwan da mma Satan mmene Ne yere anaa Ne ba a wɔawo no foforo no! Wɔwoo ɔbabanin no, wɔfaa no “kɔɔ Onyankopɔn ne n’ahengua nkyɛn.” Enti ɔba Yehowa a ɔbɛhwɛ Ahenni a wɔawo no foforo yi a ɛne n’adwinnade a ɔde bɛsan Ne din kronkron no ho koraa no ahobammɔ ase koraa. Bere koro no ara mu no ɔbea no guan kɔ baabi a Onyankopɔn asiesie ama no wɔ sare so. Akyiri yi ɛno ho nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri bɛba! Ɛdefa Satan ho no, wɔasiesie biribi titiriw bi a ɛbɛma ɛrenyɛ yiye bio da sɛ ɔbɛhaw Ahenni no wɔ ɔsoro afei. Dɛn ne saa asɛm no?
-
-
Wɔawo Onyankopɔn Ahenni No!Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
-
-
25. (a) Dɛn na Yehowa de bae wɔ 1919 mu a ɛte sɛ Israelfo a ɔde wɔn bae sɛ ɔman wɔ sare so hɔ no? (b) Henanom na wɔka bom yɛ ɔman yi, na dɛn mu na wɔde wɔn aba?
25 Wɔ sare no so no, Yehowa woo Israelfo no sɛ ɔman, na ɔmaa wɔn honhom mu ne honam fam nneɛma. Saa ara nso na efi 1919 mu no, Yehowa de ɔbea no asefo no bae sɛ honhom mu man. Ɛnsɛ sɛ wɔde eyi ne Mesia Ahenni a ɛredi so fi soro fi 1914 no fra. Mmom no wɔn a wɔyɛ ɔman foforo yi ne adansefo a wɔasra wɔn no nkaefo a wɔwɔ asase so a wɔde wɔn baa honhom mu anuonyam tebea mu wɔ 1919 mu no. Bere a afei wɔma eyinom “wɔn aduan a ɛyɛ wɔn de bere a ɛsɛ mu” no, wɔhyɛ wɔn den ma adwuma a ɛda wɔn anim no.—Luka 12:42; Yesaia 66:8.
26. (a) Bere a wɔbɔɔ din wɔ Adiyisɛm 12:6, 14 no tenten yɛ ahe? (b) Na atirimpɔw bɛn na ɛwɔ mmere abiɛsa ne fa no ho, bere bɛn na efii ase na bere bɛn na ɛbaa awiei?
26 Onyankopɔn ɔbea no asefo no home bere yi koduu bere bɛn? Adiyisɛm 12:6 ka sɛ nnafua 1,260. Adiyisɛm 12:14 frɛ bere no sɛ bere, mmere ne bere fa; ɔkwan foforo so no mmere abiɛsa ne fã. Nokwarem no, nsɛm abien no nyinaa gyina hɔ ma mfe abiɛsa ne fã, na wɔ Asasetifi no, efi 1919 fefɛw bere mu kosi 1922 twabere mu. Na eyi yɛ ahosan bere a ɛmaa wɔn ho tɔɔ wɔn ne nhyehyɛeyɛ bere bi ma Yohane kuw a wɔasan de wɔn aba no.
-