-
Onyankopɔn Atirimpɔw A Ɛne Sɛ Onipa Nnya Asetra Mu Anigye Wɔ ParadiseƆwɛn-Aban—1989 | August 1
-
-
9 “Na [Yehowa] Nyankopɔn de fam dɔte nwenee onipa, na ohuw nkwa home guu ne hwene mu, na onipa yɛɛ ɔkra teasefo. Na [Yehowa] Nyankopɔn yɛɛ turo bi wɔ Eden a ɛwɔ apuei fam, na ɔde onipa a ɔnwenee no no traa hɔ. Na [Yehowa] Nyankopɔn maa nnua ahorow nyinaa a wɔhwɛ a, ɛyɛ fɛ, na eye sɛ wodi fifii asase no so, ne nkwa dua a esi turo no mfinimfini, ne papa ne bɔne hu dua. Na nsu bi fi Eden bɛfɔw turo no, na efi hɔ ara na emu paapae yɛɛ nsuti anan.”—Genesis 2:7-10.b
-
-
Onyankopɔn Atirimpɔw A Ɛne Sɛ Onipa Nnya Asetra Mu Anigye Wɔ ParadiseƆwɛn-Aban—1989 | August 1
-
-
b Odiyifo Mose a ɔkyerɛw nsɛm a ɛwɔ Genesis nhoma no mu wɔ afeha 16 ansa na Yɛn Bere yi reba no mu no, de Eden nsu yi ho asɛm a edi so, sɛnea nimdeɛ a na wɔwɔ wɔ ne bere so te yi kaa ho:
“Nea edi kan no din de Pison, ɛno na ɛkɔntɔn twa Hawila asase a sika wɔ so no nyinaa ho; na asase no so sika ye; ɛhɔ na bedola ne apopobibiribo wɔ. Na asu a etia abien no de Gihon, ɛno na ɛkontɔn twa Etiopia asase nyinaa ho. Na asu a ɛto so abiɛsa ne Hidekel, ɛno na ɛsen wɔ Asiria apuei. Na asu a ɛto so anan ne Eufrate.”—Genesis 2:11-14.
-