Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Onyankopɔn Atirimpɔw A Ɛne Sɛ Onipa Nnya Asetra Mu Anigye Wɔ Paradise
    Ɔwɛn-Aban—1989 | August 1
    • 11 “Na [Yehowa] Nyankopɔn de onipa no koduaa Eden turom sɛ ɔnnɔw na ɔnwɛn hɔ. Na [Yehowa] Nyankopɔn hyɛɛ onipa no sɛ: Turom ha nnua nyinaa di bi. Na papa ne bɔne hu dua no de, nni, efisɛ da a wubedi bi no, owu na wubewu.”​—Genesis 2:15-17.

  • Onyankopɔn Atirimpɔw A Ɛne Sɛ Onipa Nnya Asetra Mu Anigye Wɔ Paradise
    Ɔwɛn-Aban—1989 | August 1
    • 13. Na anidaso bɛn na onipa a odi kan no wɔ, na dɛn nti na ɛte saa?

      13 So ɛbɛtra hɔ daa? Hwɛ sɛnea eyi bɛyɛ ade a ɛyɛ den ma onipa a ɔyɛ pɛ no sɛ obegye adi! Nanso dɛn nti na ɛnsɛ sɛ ɛba saa? Na ne Bɔfo nni adwene anaa atirimpɔw biara sɛ ɔbɛsɛe Eden turo a wayɛ no fɛfɛ yi. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔsɛe n’ankasa adwuma, bere a na eye papa na ɛda ahokokwaw ne nyansa a ɔde yɛ nneɛma adi no? Ɛyɛ nea ntease wom sɛ ɔremmɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ saa. (Yesaia 45:18) Esiane sɛ na ɛsɛ sɛ wɔkɔ so dɔw turo a ɛso nni no mu, na woduadua nneɛma wɔ hɔ nti, na ebehia nea ɔbɛdɔw ne ɛso hwɛfo te sɛ onipa a ɔyɛ pɛ, Adam. Na sɛ ɛso hwɛfo no anni “papa ne bɔne hu dua” a wɔabara no aba no bi da a, ɔrenwu da. Onipa a ɔyɛ pɛ no betumi atra ase daa!

      14. Ɔkwan bɛn so na na Adam betumi anya daa nkwa wɔ Paradise?

      14 Wɔde daa nkwa wɔ Eden Paradise turo no mu sii Adam anim! Na obetumi anya mu anigye daa, sɛ ɔkɔ so de osetie a edi mũ ma ne Bɔfo, na wanni aduaba a onipa Bɔfo abara no da nkutoo a. Na ɛyɛ ne pɛ sɛ onipa a ɔyɛ pɛ no bɛkɔ so ayɛ osetie, na watra ase daa. Na “papa ne bɔne hu dua” a wabara no aduaba nkum nnipa. Na ɛyɛ osetie a edi mũ a onipa bɛyɛ ama n’Agya no ho sɔhwɛ kɛkɛ. Ɛmaa onipa no nyaa hokwan a ɔde bɛda ɔdɔ a ɔwɔ ma ne Nyankopɔn ne ne Bɔfo no adi.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena