Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Nea Enti A Nneɛma Bɔne Kɔ So
    Ɔwɛn-Aban—2007 | September 15
    • Bible ka nea esii kyerɛ yɛn. Satan Ɔbonsam faa ɔwɔ so ka kyerɛɛ Hawa sɛ: “Ampa na Onyankopɔn aka sɛ: Munnni turom ha nnua nyinaa bi?” Bere a Hawa san kaa ahyɛde a Onyankopɔn de ama wɔn kyerɛɛ Satan no, Satan kae sɛ: “Ɛnyɛ owu na mubewu: na Onyankopɔn nim sɛ da a mubedi bi no, mo ani bebue, na moayɛ sɛ Onyankopɔn ahu papa ne bɔne.” Afei Hawa hui sɛ aduaba no yɛ akɔnnɔ, na “ɔtew n’aba no bi, na odii.” Kyerɛwtohɔ no toa so sɛ: “Ɔde bi maa ne kunu a ɔka ne ho no nso, na odii.” (Genesis 3:1-6) Adam ne Hawa nyinaa amfa hokwan a na wɔwɔ sɛ wɔpaw nea wɔpɛ no anni dwuma yiye, na wɔnam Onyankopɔn so asoɔden a wɔyɛe no so yɛɛ bɔne.

      So wuhu aniberesɛm a ɛwɔ asɛm a esii no mu? Ɔbonsam totoo Onyankopɔn ano wɔ nea ɔka kyerɛɛ Adam no ho. Nea Satan kae no kyerɛ sɛ na Adam ne Hawa renhia Yehowa mmoa na wɔasi nea ɛyɛ papa ne bɔne ho gyinae. Asɛm a Satan ma ɛsɔree no maa asɛm baa fata a Yehowa fata sɛ odi nnipa so tumi no ho. Enti asɛm a ɛho hia a Satan ma ɛsɔree no ne sɛ, so Yehowa fata sɛ odi adesamma so tumi? Nokware Nyankopɔn no dii asɛm no ho dwuma dɛn?

  • Nea Enti A Nneɛma Bɔne Kɔ So
    Ɔwɛn-Aban—2007 | September 15
    • Afei nso, Satan ka kyerɛɛ Hawa sɛ: “Onyankopɔn nim sɛ da a mubedi [aduaba a wɔabara no] bi no, mo ani bebue, na [Hawa ne Adam nyinaa ayɛ] sɛ Onyankopɔn ahu papa ne bɔne.” (Genesis 3:5) Satan nam anifere kwan yi so daadaa nnipa sɛ wobetumi adi wɔn ho so. Satan nam nnaadaa kwan yi so kyerɛe sɛ sɛ nnipa twe wɔn ho fi Onyankopɔn ho a, ebesi wɔn yiye. So ada adi sɛ eyi yɛ nokware?

      Efi tete no, nniso ahorow aba kɔ. Wɔasɔ nnipa nniso ahorow nyinaa bi ahwɛ, nanso mpɛn pii no, awerɛhosɛm nkutoo na adesamma hyia. Bible kyerɛwfo bi fi nyansa mu kyerɛw asɛm yi bɛyɛ mfe 3,000 a atwam ni: “Onipa di onipa so tumi ma ɛdan no bɔne.” (Ɔsɛnkafo 8:9) Odiyifo Yeremia nso kyerɛwee sɛ: “Enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” (Yeremia 10:23) Nyansahu ne mfiridwuma ho nkɔanim a wɔanya nnansa yi mpo foa nokwasɛm yi so. Mmere a atwam no ama ada adi sɛ eyi yɛ nokware.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena