Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Aware A Ɔpepem Pii A Wɔte Ase Mprempren Nya Mu Mfaso
    Ɔwɛn-Aban—1989 | July 1
    • 12. Ɔkwan bɛn so na wɔde asɛm no baa awiei wɔ Rebeka fie?

      12 Rebeka de anigye tuu mmirika kɔɔ fie kɔka kyerɛɛ n’abusuafo. Akyiri yi, bere a Rebeka n’agya ne ne nuabarima te fii Elieser ankasa anom nea enti a ɔbae ne sɛnea Yehowa abua ne mpaebɔ no, wɔpenee so ntɛm ara sɛ ɛsɛ sɛ Rebeka yɛ Isak yere. “Na Abraham akoa no tee wɔn nsɛm no, ɔkotow fam sɔree [Yehowa]. Na akoa no yii dwetɛ ne sika nnwinne ne ntade maa Rebeka; na ɔde nneɛma a ɛsom bo maa ne nuabarima ne ne na.”​—Genesis 24:52, 53.

  • Aware A Ɔpepem Pii A Wɔte Ase Mprempren Nya Mu Mfaso
    Ɔwɛn-Aban—1989 | July 1
    • 16. (a) Ɔkwan bɛn so na Abraham akoa no yɛ Onyankopɔn honhom kronkron no ho mfonini wɔ ɔkwan a ɛfata so? (b) Asɛm bɛn na wobetumi abisa wɔ honhom no ne ayeforo no ho?

      16 Elieser din kyerɛ “Me Nyankopɔn Yɛ Ɔboafo.” Wɔ din ne nneyɛe mu no, ɔyɛ Abraham Kɛse, Yehowa Nyankopɔn honhom kronkron a Ɔsoma baa akyirikyiri asase a ɛne yɛn asase yi so sɛ ɔmmɛpaw ɔyere a ɔfata mma Isak Kɛse, Yesu Kristo no ho mfonini wɔ ɔkwan a ɛfata so. (Yohane 14:26; 15:26) Ayeforo kuw no ne “asafo no” a emufo yɛ Yesu asuafo a wɔde honhom kronkron awo wɔn sɛ Onyankopɔn honhom mu mma no. (Efesofo 5:25-27; Romafo 8:15-17) Sɛnea Rebeka nyaa akyɛde ahorow a ne bo yɛ den no, saa ara nso na Kristofo asafo no mufo a wodi kan no nyaa akyɛde a ɛyɛ nwonwa a ɛyɛ wɔn ɔsoro frɛ no ho adanse wɔ Pentekoste da, 33 Y.B. (Asomafo no Nnwuma 2:1-4) Te sɛ Rebeka no, wofi wɔn pɛ mu apow wiase ne honam fam abusuabɔ biara sɛnea ɛbɛyɛ a awiei koraa no wɔne wɔn soro Ayeforokunu no bɛbom. Efi bere a wɔfrɛ ayeforokuw no muni biara kosi wɔn wu mu no, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ wɔn honhom mu ɔbaabunyɛ no so bere a wotu kwan fa Satan nnaadaa wiase a asiane wom no mu no. (Yohane 15:18, 19; 2 Korintofo 11:3; Yakobo 4:4) Esiane sɛ honhom kronkron no ahyɛ ayeforokuw no ma nti, wɔde nokwaredi to nsa frɛ afoforo sɛ wommenya Yehowa nsiesiei ma nkwagye mu kyɛfa. (Adiyisɛm 22:17) So wusuasua ne nhwɛso no denam honhom no akwankyerɛ a wugye tom so?

Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena