SUASUA WƆN GYIDI | DAWID
“Ɔko no Yɛ Yehowa Dea”
NÁ ASRAAFO no nyinaa de ahopere repɛ baabi afa nanso Dawid deɛ, na ogyina ne nan so pintinn. Wohwɛ asraafo no anim a, wutumi hu sɛ na ehu aka wɔn paa na na wɔreguan afi akono. Dɛn na na ama wɔabɔ hu saa? Wɔreguan nyinaa na ehu akyekyere wɔn, na na ɔbarima bi din na ɛda wɔn nyinaa ano. Ná saa ɔbarima no gyina bon no mu, na sɛ wohwɛ ne yɛbea ne sɛnea ogyina hɔ no a, na wutumi hu sɛ onsuro obiara. Ɛbɛyɛ sɛ ɔbran a ɔte saa deɛ, na Dawid nhyiaa bi da.
Ɔbarima a yɛreka ne ho asɛm yi ne Goliat. Dawid huu nea enti a na ne ho hu atɔ asraafo no so saa—ná ɔyɛ nipa gramoo, ɔbran mu ɔbran. Sɛ wode n’akotade a na emu yɛ duru no to nkyɛn mpo a, na ne mu duru sen nnipa akɛse mmienu a wɔde wɔn abom. Nanso na wahyehyɛ ne ho ankasa, onim akodi, na na ɔyɛ dɔmmarima a ne ho yɛ den nso. Goliat teɛɛm kasae. Wo deɛ hwɛ sɛ ɔbarima yi rebobom wɔ mmepɔw no so, na ɔretwa Israel asraafo ne wɔn hene Saul, mpoa. Ɔka kyerɛɛ Israelfo no sɛ, wɔmma no ɔbarima na ɔne no nko na wonhu nea obedi nkonim wɔ ɔko no mu!—1 Samuel 17:4-10.
Ná ehu akyekyere Israelfo ne wɔn hene, Saul nyinaa. Dawid hui sɛ saa mpoatwa yi akɔ so bɛboro bosome baako ni! Ná Israelfo asraafo ne Filistifo asraafo no nyinaa nhu nea ɔnto twɛre kan, nanso Goliat deɛ, ade rekye na ade resa nyinaa, dede ne mpoatwa nko ara. Ná nea ɛrekɔ so no yɛ Dawid ahometew. Ná ɛyɛ animguase kɛse paa sɛ ehu aka Israelfo hene ne n’asraafo, a Dawid nuanom mpanyimfo baasa nso ka ho! Dawid behui sɛ, ɛnyɛ Israel asraafodɔm nko na na Goliat retwa wɔn mpoa, mmom na ɔretwa Yehowa, Israel Nyankopɔn no mpoa! Nanso asukɔnoma te sɛ Dawid deɛ, dɛn na na obetumi ayɛ? Na dɛn na yebetumi asua afi Dawid gyidi no mu?—1 Samuel 17:11-14.
“SRA NO, NA ƆNO ARA NI!”
Momma yɛnkae yɛn ho nsɛm bi a asi atwam kakra. Anwummere bi, na Dawid rehwɛ ne papa nguan wɔ mmepɔw bi so wɔ baabi a ɛbɛn Betlehem. Ɔyɛ aberante a na ɔbɔ si. Ɛda adi sɛ na onnya nnii mfe aduonu. Ná ɔbere, na na n’aniwa mma yɛ fɛ. Sɛ ewim tɛm dinn a, na ɔbɔ sanku de gyigye n’ani. Bere biara a Dawid bɛhwɛ Onyankopɔn abɔde a ɛyɛ nwonwa no, na ɛkanyan no ma ɔde mmere pii sua sankubɔ. Ɛno ma ohuu bɔ yiye. Saa anwummere no, na ne papa hia no paa, enti ɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ no baa fie.—1 Samuel 16:12.
Dawid duu fie no, ohui sɛ ne papa Yese, ne akwakoraa posoposo bi rebɔ nkɔmmɔ. Ná ɛnyɛ obiara sɛ odiyifo nokwafo Samuel. Ná Yehowa asoma no sɛ ɔmmɛsra Yese mmabarima no mu baako sɛ Israel hene a odi hɔ! Dawid nuanom mpanyimfo nson a wodi kan no deɛ, na wɔde wɔn abɛkyerɛ Samuel dedaw nanso Yehowa maa Samuel huu no pefee sɛ ɔmpɛ wɔn mu biara. Dawid bae ara pɛ na Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Sra no, na ɔno ara ni!” Samuel buee toa a ngo wom no, na ɔsraa no ne nuanom nyinaa anim. Efi saa da no, Dawid abrabɔ sesae. Bible ka sɛ: “Yehowa honhom sii Dawid so fi saa da no rekɔ.”—1 Samuel 16:1, 5-11, 13.
Enti Dawid ani beree ahenni no anaa? Dabi, ɔtwɛn kosii sɛ Yehowa honhom ankasa bɛkyerɛ bere a obedi ade. Saa bere no nyinaa, ɔkɔɔ so hwɛɛ ne papa nguan no. Ná ehia sɛ ɔda ahofama kɛse ne akokoduru adi na watumi ayɛ saa adwuma no. Bere bi, osisi bɛtow hyɛɛ ne papa nguan no so, saa ara nso na bere foforo nso gyata bi bae sɛ ɔrebɛkye nguan no bi. Nanso ne nyinaa mu no, Dawid ampam nkekammoa yi kɛkɛ, na mmom ɔte gyinae ne wɔn de sii ani de bɔɔ ne papa nguan no ho ban. Emu biara mu no, okum akekaboa no!—1 Samuel 17:34-36; Yesaia 31:4.
Akyiri yi, wɔsan frɛɛ Dawid baa fie bio. Saa bere yi deɛ, na ne ho asɛm adu Ɔhene Saul asom. Ɛwom sɛ na ɔda so ara yɛ dɔmmarima nanso Yehowa akwankyerɛ a wantie nti, na wahwere n’anim dom. Ná Yehowa ayi ne honhom afi Saul so ma enti na honhommɔne bi taa haw no. Ná ɛma ne bo taa fuw, onya afoforo ho adwemmɔne, na ɛmaa n’ani so yɛɛ krakra. Sɛ honhom bɔne no ba Saul so saa a, adeɛ na ɛma ne ho dwo no kakra ne nnwom. Ná Saul mmarima no bi ate sɛ Dawid nim nnwonto yiye na na onim akodi nso. Enti wɔma wɔkɔfrɛɛ Dawid bae, na ankyɛ koraa na ɔbɛkaa Saul nnwontofo ne n’akodekurafo a wɔwɔ ahemfie hɔ no ho.—1 Samuel 15:26-29; 16:14-23.
Dawid gyidi no, asuade pii wom ma mmabun titiriw paa. Kae sɛ, sɛ na Dawid nya bere kakra a, na ɔde yɛ nneɛma a ɛtwe no bɛn Yehowa. Afei nso, ɔde ntoboase suaa nsaano dwuma bi ma enti sɛ na ɔrepɛ adwuma ayɛ a, na ɔremmrɛ ho koraa. Ne nyinaa nka mfua, ɔmaa Yehowa honhom kyerɛɛ no kwan. Sɛnea ɔyɛɛ n’ade no yɛ asuade kɛse ma yɛn nyinaa!—Ɔsɛnkafo 12:1.
“MMA ƆBARIMA BIARA KOMA NNTU”
Dawid resom Saul no nyinaa na ɔtaa kɔ fie kɔhwɛ nguan no, na ɛtɔ mmere bi mpo deɛ a, na ɔkyɛ paa. Ná Dawid nuanom mpanyimfo mmiɛnsa a wodi kan no ka Saul asraafo no ho. Da bi a ɔkɔɔ fie no, Yese somaa no sɛ ɔnkɔhwɛ sɛnea ne nuanom no ho te. Ná Dawid yɛ somakorɔ, enti ɔsoaa nneɛma no de n’ani kyerɛɛ Ela bon no mu. Oduu hɔ no, ɛyɛɛ no nwonwa sɛ asraafo a wɔwɔ afanu no nyinaa gyinagyina hɔ a wonhu nea ɔntow twɛre kan, sɛnea yɛadi kan aka ho asɛm no. Ná asraafo kuw baako gyina bepɔw no so wɔ ɔfã baako, ɛnna baako nso gyina bepɔw no so wɔ ɔfã nohoa. Subon no na na etwa wɔn ntam.—1 Samuel 17:1-3, 15-19.
Nea Dawid kohui no, anyɛ no dɛ koraa. Yɛnoaa no sɛn na ammen. Ɛbaa no sɛn na Yehowa, Onyankopɔn teasefo no asraafo reguan afi ɔbosonsonni anim yi! Dawid faa asɛm no sɛ ɛyɛ Yehowa na Goliat retwa no mpoa. Enti n’ani beree, na ɔne asraafo no kasae sɛ obetumi adi Goliat so nkonim. Ankyɛ koraa na ne nua panyin Eliab tee asɛm a Dawid rekeka no. Ne bo fuw ne nua kumaa no paa, na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔyɛ ɔsɛmpɛfo. Ɔko no ara nti na waba hɔ. Nanso Dawid kaa sɛ: “Mayɛ dɛn? Ɛnyɛ asɛm kɛkɛ na mibisae?” Na ɔkɔɔ so de akokoduru kaa sɛ obetumi adi Goliat so nkonim. Asɛm no duu Saul asom, na ɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ Dawid bae.—1 Samuel 17:23-31.
Dawid kaa awerɛkyekyesɛm yi kyerɛɛ ɔhene no: “Mma ɔbarima biara koma nntu.” Anokwa, na Goliat ho hu ama Saul ne ne mmarima no koma atu. Ebia nea ɛma wɔbɔɔ hu ne sɛ, sɛ wɔhwɛ onipa no kɛse, ne tenten, ne sɛnea wasiesie ne ho no a, na wohu sɛ, wɔyɛ mmɛbɛ bi wɔ n’ani so, na obetiatia wɔn so. Nanso Dawid anhu asɛm no saa. Ɔno deɛ, na biribi foforo koraa na na ɛwɔ ne tirim. Enti otuu ne ho mae sɛ, ɔne Goliat bɛko.—1 Samuel 17:32.
Nanso Saul kaa sɛ: “Worentumi ne Filistini no nkɔko, efisɛ woyɛ aberantewa, na ɔno de, ɔyɛ ɔbarima kofoni fi ne mmofraase.” Enti na Dawid yɛ abofra saa? Dabi, nanso na onnya nnuu mfe a obetumi aka asraafo no ho, na na wohwɛ no a, wobɛka sɛ ɔyɛ abofra. Nanso na obiara nim sɛ Dawid yɛ ɔkofo, na na ebetumi aba sɛ ɔrekeka kɔ mfe aduonu.—1 Samuel 16:18; 17:33.
Ná Dawid akum gyata ne osisi pɛn, na ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ Saul de daa n’ahotoso adi. Ná ɔredwa n’anom anaa? Dabi. Dawid nim nea ɔboaa no ma otumi kum saa mmoa no. Enti ɔkaa sɛ: “Yehowa a ogyee me fii gyata ne sisi nsam no, ɔno na obegye me afi Filistini yi nsam.” Saul ani gyee nea na Dawid aka no ho, na ɔno nso kaa sɛ: “Kɔ. Yehowa nni w’akyi.”—1 Samuel 17:37.
Wopɛ sɛ wonya Dawid gyidi no bi anaa? Ɛnyɛ sɛ Dawid kataa n’ani tee ara pɛ na onyaa saa gyidi no. Onyankopɔn ho nimdeɛ ne osuahu na ɛboaa no ma onyaa saa gyidi no. Ná onim Yehowa sɛ ɔyɛ ɔdɔ, ɔbɔ ne nkurɔfo ho ban, na odi ne bɔhyɛ so. Sɛ yɛn nso, yɛpɛ sɛ yenya Dawid gyidi no bi a, ɛsɛ sɛ yeyere yɛn ho sua Bible no na yehu Onyankopɔn yiye. Sɛ yɛde nea yɛresua no bɔ yɛn bra a, yebenya so mfaso na ɛbɛma yɛn gyidi ayɛ den.—Hebrifo 11:1.
“YEHOWA DE WO BƐHYƐ ME NSA”
Mfitiase no, Saul yɛɛ sɛ ɔde n’akotade bɛhyɛ Dawid. Ná ɛte sɛ Goliat de no ara. Kɔbere na wɔde yɛe, na na emu nso yɛ duru. Dawid de akotade no hyɛe, nanso bere a otuu ne nan baako, mmienu no, ohui sɛ ɔrentumi mfa nnantew efisɛ na ɔnsɔ nhwɛe da. Ná wɔntetee no sɛ ɔsraani enti na onnim akotade hyɛ. Sɛ na onim hyɛ mpo a, na ɛbɛyɛ den sɛ ɔbɛhyɛ Saul a na ɔware kyɛn Israelfo nyinaa no akotade! (1 Samuel 9:2) Enti oyi guu hɔ, na ɔfaa n’atade a ɔhyɛ de hwɛ nguan no hyɛe.—1 Samuel 17:38-40.
Dawid faa ne poma ne n’ataabo kurae, na ɔde n’akobɔtɔ sɛn ne ho. Anhwɛ a wobɛka sɛ yɛrepɛ akode de akɔ ko a, wo se ataabo, nanso na ɛyɛ akode a etumi boa paa. Sei na na ɛte. Ná ɛyɛ aboa nhoma anaa ntama ketewa bi a wɔde ahama mmienu aso ha ne ha. Ɛkame ayɛ sɛ na ebi hyɛ oguanhwɛfo biara ho. Ɔbo na na wɔde hyɛ ataabo no mu tow. Sɛ obi pɛ sɛ ɔtow a, na ohim n’abasa fa ne ti so denneennen. Afei na wagyae ahama no baako mu, na ɔbo no agye hwii akɔbɔ dekode no. Ná ɛyɛ akode a ɛbɔ adwuma paa ma enti ɛtɔ mmere bi a, ɛno na na asraafo bi de di ako.
Dawid boaboaa ne ho wiei no, ɔyɛɛ ntɛm hyiaa ne tamfo no. Bere a na Dawid akoto resesa mmosea toromtorom nnum afi subon no mu no, ɛbɛyɛ sɛ ɔbɔɔ mpae paa. Afei okohyiaa ne tamfo no—ɛnyɛ sɛ na ɔrenantew na mmom na ɔretu mmirika!
Wo hwɛ a, dɛn na ɛbaa Goliat tirim bere a ohuu Dawid no? Bible ka sɛ: “Obuu no animtiaa efisɛ na ɔyɛ aberantewa a ɔbere na ne ho nso yɛ fɛ.” Enti Goliat teɛɛm sɛ: “Meyɛ ɔkraman na wode poma aba me so?” Ɛwom, Goliat huu Dawid poma no, nanso n’ataabo no deɛ, ɛbɛyɛ sɛ n’adwene ankɔ so koraa. Ɔde Filistifo anyame domee Dawid, na ɔkaa sɛ obekum Dawid de ne nam ama wim nnomaa ne wuram mmoa.—1 Samuel 17:41-44.
Ɛde besi nnɛ, yehu sɛ asɛm a Dawid kae no kyerɛ sɛ na ɔwɔ gyidi paa. Wo deɛ, hwɛ sɛ aberantewa no reka kyerɛ Goliat sɛ: “Wode nkrante ne peaw ne pɛmɛ na ɛreba me so, na me de, mede asafo Yehowa, Israel mpasua no Nyankopɔn a woasopa no no din na ɛreba wo so.” Dawid amfa n’adwene ansi Goliat akode no so, na onim sɛ ɛnka hwee. Ná Goliat abu Yehowa Nyankopɔn animtiaa, enti na Yehowa bɛkeka ne ho. Sɛnea Dawid kae no, “ɔko no yɛ Yehowa dea.”—1 Samuel 17:45-47.
Anokwa na Dawid ani tua sɛ Goliat yɛ ɔbran mu ɔbran na wahyehyɛ ne ho paa. Nanso Dawid amma saa nneɛma no ammɔ ne hu. Mfomso a Saul ne ne mmarima no dii no, Dawid anyɛ bi. Wamfa ne ho antoto Goliat ho na mmom ɔde Goliat totoo Yehowa ho. Ɛwom na Goliat tenten bɛyɛ sɛ anammɔn nkron ne fã (mita 2.9) deɛ, nanso sɛ wode no toto Ɔbɔadeɛ no ho a, na onnu hwee koraa. Enti na ɛnyɛ den koraa sɛ Yehowa beyi no afi hɔ!
Dawid tuu mmirika hyiaa ne tamfo no. Oyii ɔbo fii n’akobɔtɔ mu de hyɛɛ ataabo no mu, him no denneennen. Goliat nso twiw bɛn Dawid nkakrankakra. Ɛbɛyɛ sɛ na ɔbarima a okura ne kyɛm no di n’anim. Goliat tenten ne ne kɛse no ammoa no koraa. Ná ɔbarima a okura ne kyɛm no nware te sɛ Goliat. Enti na ɛbɛyɛ den paa sɛ obepagyaw kyɛm no akɔ soro de abɔ Goliat ti ho ban, na ɛhɔ ara nso na Dawid de n’ani sii.—1 Samuel 17:41.
Dawid gyaa ɔbo no mu. Ɛbɛyɛ sɛ ɔbo no rekɔ Goliat so no, na ɛhɔ ayɛ dinn. Yehowa boaa Dawid ma ɔbo no anto amfom Goliat. Ɔbo no hyɛn ne tirim, na ɔhwee ase ma n’anim butuw fam! Ɛbɛyɛ sɛ ehu kaa Goliat kyɛm kurafo no ma oguanee. Afei, Dawid twee Goliat nkrante de twaa ne ti.—1 Samuel 17:48-51.
Afei deɛ, Saul ne n’asraafo nyaa akokoduru. Wɔbɔɔ ose na wɔde mmirika taa Filistifo no so. Sɛnea Dawid ka kyerɛɛ Goliat no, saa ara na ɔko no yɛe: ‘Yehowa de mo nyinaa bɛhyɛ yɛn nsa.’—1 Samuel 17:47, 52, 53.
Ɛnnɛ, Onyankopɔn asomfo nni ako ankasa. Saa mmere no atwam. (Mateo 26:52) Nanso mfaso da so ara wɔ so sɛ yebesuasua Dawid gyidi no. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ te sɛ Dawid na yehu Yehowa sɛ ɔyɛ ɔteasefo ankasa—ɔno nkutoo ne Onyankopɔn a ɛsɛ sɛ yɛsom no na yeyi no ayɛ. Ɛtɔ mmere bi a, sɛ yɛhwɛ yɛn ho ne ɔhaw ahorow a yɛrefa mu a, ɛte sɛ nea ɔhaw no remene yɛn. Nanso sɛ yɛde yɛn haw no toto Yehowa tumi a enni ano no ho a, yehu sɛ esua koraa. Sɛ yɛde Yehowa yɛ yɛn Nyankopɔn na yenya ne mu gyidi te sɛ Dawid a, ɛnde ɔhaw ne abɛbrɛsɛ biara nni hɔ a ebehunahuna yɛn. Ɔhaw biara nni hɔ a ɛso kyɛn Yehowa!