Yonatan ‘Ɔbarima Biako Wɔ Apem Mu’
ƆHENE Salomo nyansafo no kae sɛ: “Ɔbarima biako na mahu no apem mu.” (Ɔsɛnk. 7:28) Eyi kyerɛ sɛ ɔbarima nokwafo ho yɛ nã. Nnipa kakraa bi na wɔda adi sɛ wɔwɔ suban pa. Na obi a ɔdaa adi saa ne Yonatan, Ɔhene Saul ba no. Ná ɔyɛ ɔkokodurufo, nokwafo ne ɔyamyefo. Sɛ onipa bi traa ase a anka wobetumi abu no bem wɔ ninkuntwe anaa akoratwe ho a, ɛyɛ Yonatan. Nanso oyii ɔdɔ ne nokwaredi kɛse adi kyerɛɛ onipa a anka nnipa pii bebu no sɛ ɔregye wɔn dibea afi wɔn nsam no.
N’agya ahenni no mfiase hɔ no, Yonatan daa ne ho adi sɛ ɔkofofo a ɔwɔ akokoduru. Bere a odi nnipa apem a wonni akode titiriw biara anim no, otumi dii Filistifo a na wɔde akode ahorow asiesie wɔn ho no so nkonim wɔ Geba. (1 Sam. 13:1-3) Anyɛ yiye koraa no na Yonatan adi bɛyɛ mfe 20, efisɛ ɛno ne afe a ɔkwan biara so no na ɛsɛ sɛ obi di wɔ Israel ansa na wakɔ ɔsa.—Num. 1:3.
Akyiri yi, ɛdenam Onyankopɔn mmoa so no, Yonatan ne ne kyɛm kurafo no twaa atamfo Filistifo bɛyɛ 20 guu fam. Eyi buee kwan ma Israelfo tumi dii wɔn atamfo no so nkonim. Saa akodi yi mu no, Yonatan buu ɛbɔ bi a n’agya de ahopere hyɛe so a na onnim.
Ná saa bɔhyɛ no ho dwumadi ankasa hwehwɛ sɛ okum ne ba no. Yonatan antwentwɛn ne nan ase ehu mu, na mmom ɔka kyerɛɛ n’agya sɛ: “Hwɛ, owu na mewu!” Nanso, esiane sɛ na wɔahu sɛ Yehowa ka Yonatan ho nti, nkurɔfo no gyee no.—1 Sam. 14:1-45.
Bɛyɛ mfe 20 akyi na Dawid kum Filistini ɔbran Goliat. Akokoduru ade a Dawid de Yehowa ogye tumi mu gyidi a edi mu yɛe no kanyan Yonatan koma. Bible bɔ amanneɛ sɛ: “Na Yonatan kra akyekyere Dawid kra ho, na Yonatan dɔɔ no sɛ n’ankasa ne kra.” (1 Sam. 18:1) Sɛ́ wɔn adamfofa no ho sɛnkyerɛnne no, Yonatan de n’atade, n’afoa, n’agyan ne n’abɔso maa Dawid.—1 Sam. 18:4.
Bere a akyiri yi Dawid daa ne ho adi sɛ ɔkokodurufo na odii Israel dɔm no anim kɔko tiaa Filistifo no, mmea no de nnwom ne asaw hyiaa nkonimdifo a na wɔresan aba no. Wɔtoo dwom sɛ: “Saul akum n’apem, na Dawid akum ne pedu.” (1 Sam. 18:5-7) Eyi maa Saul ani beree kɛse, na ofii ase de anibɔne hwɛɛ Dawid. Bere a wantumi amfa peaw ankum Dawid no, akyiri yi Saul penee so sɛ ɔde ne babea Mikal bɛma no aware, sɛ Dawid de adanse a ɛkyerɛ sɛ wakum atamfo Filistifo 100 ba a. Eyi mu no na Saul nim yiye sɛ Dawid bɛtɔ wɔ atamfo no nsam. Nanso, Dawid de Filistifo mmarima 200 mmarima ano were bae—a ɛkyerɛ sɛ na wakunkum mmarima dodow saa. Eyi maa Saul suroo Dawid kɛse na onyaa ne ho tan kɛse nso.—1 Sam. 18:8-29.
Nanso Yonatan amma n’agya abufuw a efi anibere mu no ansɛe ɔne Dawid adamfofa no. Saul hyɛɛ da kaa no pen sɛ ɔbɛpɛ sɛ wokum Dawid. Yonatan de ne ho gyee mu na otumi maa n’agya hyɛɛ bɔ sɛ ɔrenkum n’adamfo no. Nanso, akyiri yi, Dawid guanee esiane sɛ Saul tow peaw a na ɔpɛ sɛ ɔde wɔ no ne mprenu so nti. Ɔhene no somaa nnipa ma wɔkɔɔ Dawid fie anadwo a na wɔn atirimpɔw ne sɛ ade kye a wobekum Dawid. Saa anadwo no Dawid faa mfɛnsere mu guanee.—1 Sam. 19:1-12.
Ɛno akyi no Yonatan boaa Dawid ma ohuu sɛnea n’agya te nka wɔ n’adamfo no ho. Saul bo fuwii na ɔkãa n’anim denneennen sɛ: “Wo, ɔbea brakyewni tuatewfo ba, so minhui sɛ woafa Yisai ba no adamfo de rehyɛ wo ho ne wo nã adagyaw mu aniwu? Na mmere dodow a Yisai ba no te ase asase so yi, wo ne w’ahenni rennyina. Enti soma ma wɔnkɔfa no mmrɛ me, na owu ara na obewu.” Bere a Yonatan sɔre tiae no, n’agya a na ne bo afuw no tow peaw sɛ ɔde rewɔ no.—1 Sam. 20:1-33.
Eyi akyi no, Yonatan ne Dawid hyiae wɔ baabi a na wɔadi kan ahyehyɛ. Mmarima baanu yi hyɛɛ wɔn adamfofa ne nokwaredi ma wɔn ho wɔn ho no mu den. (1 Sam. 20:35-42) Sɛnea adamfofa a ɛte saa fii ase na ɛkɔɔ so traa hɔ no yɛ nwonwa. Ná Yonatan na ɔyɛ ahengua no difo, na na onim sɛ akyiri yi ahenni no bɛba abedi Dawid nsam. Afei nso, na osen Dawid panyin bɛyɛ mfe 30. Nanso Yonatan tumi kyerɛɛ Dawid nkɔso ho anigye na ɔne no dii awerɛhow wɔ n’amanehunu mu. Akyinnye biara nni ho sɛ Yonatan adamfofa no boaa Dawid ma ɔkɔɔ so kyerɛɛ obu maa ɔhene no, na wamma mmɔden sɛ obepira no ɔkwan biara so. Bere a na Saul di Dawid akyi denneennen no, Yonatan nyaa kwan hyɛɛ n’adamfo no den. Ɛdefa eyinom mu biako ho no, yɛkenkan sɛ: “Ɛnna Saul ba Yonatan sɔre kɔɔ Dawid. nkyɛn wa Hores, na ɔhyɛɛ ne nsa den Onyankopɔn mu. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, na m’agya Saul nsa renka wo, na wo na wubedi Israel so hene, na mayɛ w’adiakyiri, na m’agya Saul nso nim sa.”—1 Sam. 23:16, 17.
Hwɛ ɔnokwafo ara a na Yonatan yɛ sɛ na ɔpene so sɛ ɔbɛyɛ ɔhene no abadiakyiri wɔ ahenni no mu! Ahofama a nokwaredi wom a ɛte saa tumi bae efisɛ Yonatan gyee Dawid toom sɛ nea Yehowa apaw no ama ahenni no na ɔdɔɔ no esiane ne su pa ahorow no nti.
Ɛwom sɛ Yonatan ammɛyɛ ahene ɔbadiakyiri wɔ ahenni no mu, na mmom ɔne n’agya wui wɔ akodi mu de. (1 Sam. 31:2) Saul ne Yonatan wu no maa Dawid twaa kwadwom bi, a wɔfrɛɛ no “Bɛmma Dwom.” Mfiase no saa kwadwom yi bɛyɛɛ anwensɛm, nnwom ne nkyerɛwee afoforo a ɛbom yɛ Teefo Nhoma no fã. Akyiri yi wɔde “Bɛmma Dwom” no baa 2 Samuel nhoma a efi honhom mu no mu. Na ɛsɛ sɛ wɔde emu nsɛm kyerɛ Yuda mma.—2 Sam. 1:17-27.
Sɛ yesusuw ayɔnkofa a ɛyɛ nwonwa a na ɛwɔ Dawid no Yonatan ntam no ho a, ɛma yehu nea enti a Dawid kekaa nsɛm a ɔkae wɔ “Bɛmma Dwom” no mu no. Osũ kae sɛ: “Wo nti me ho hia me, me nua Yonatan, w’asɛm yɛɛ me dɛ sɛ, wo dɔ yɛɛ me nwonwa sen mmea dɔ.” (2 Sam. 1:26) Ampa, na Yonatan yɛ ‘ɔbarima biako wɔ apem mu.’