Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Ɔwɛnee, na Ɔtwɛnee Nso
    Suasua Wɔn Gyidi
    • 17, 18. (a) Dɛn na ɛbaa Elia so bere a na ɔnam kwan so rekɔ Yesreel no? (b) Dɛn na ɛmaa Elia ho yɛɛ nwonwa wɔ mmirika a otu fii Karmel kɔɔ Yesreel no mu? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)

      17 Yehowa diyifo no nso faa ɔkwan a Ahab faa so no ara so. Ná ɔkwan a ɔretwa no ware, na ade resa, na na atɛkyɛ wɔ ɔkwan no so. Anwonwasɛm bi san sii.

      18 “Ná Yehowa nsa wɔ Elia so, enti ɔkyekyeree n’asen tuu mmirika kosian Ahab ho koduu Yesreel.” (1 Ahe. 18:46) Ɛda adi sɛ na “Yehowa nsa” wɔ Elia so wɔ anwonwakwan so. Ná efi hɔ rekɔ Yesreel no bɛyɛ kilomita 30, na na Elia abɔ akwakoraa.a Wo de, twa sɛnea odiyifo no twetwee n’atade tenten no kɔɔ soro, na ɔkyekyeree wɔ n’asen sɛnea ɛbɛyɛ a ne ho bɛyɛ hare na watumi atu mmirika afa ɔkwan a ɛso ayɛ atɛkyɛ no so no ho mfonini hwɛ—otuu mmirika denneennen kɔtoo ɔhene no teaseɛnam no sian no ho koraa!

      19. (a) Nkɔmhyɛ ahorow bɛn na ahoɔden a Onyankopɔn de maa Elia no ma yɛkae? (b) Bere a na Elia de mmirika rekɔ Yesreel no, dɛn paa na na onim?

      19 Hwɛ nhyira ara a Elia nyae! Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛɛ no nwonwa sɛ onyaa ahoɔden a ɛte saa a ebia ne mmerantebere mu mpo wannya bi no. Ebetumi ama yɛakae nkɔmhyɛ ahorow a ɛkyerɛ sɛ anokwafo benya apɔwmuden ne ahoɔden a edi mũ wɔ Paradise asase a ɛreba no mu no. (Monkenkan Yesaia 35:6; Luka 23:43) Bere a na Elia de mmirika nam ɔkwan a atɛkyɛ wɔ so no so no, na onim paa sɛ wanya n’Agya, Yehowa, a ɔno ne nokware Nyankopɔn koro no anim dom!

  • Ɔmaa Ne Nyankopɔn Kyekyee Ne Werɛ
    Suasua Wɔn Gyidi
    • 1, 2. Nsɛm akɛse bɛn na esisii wɔ da no mu a na Elia nhuu bi da wɔ n’asete- na mu?

      BERE a esum reba no, Elia tuu mmirika faa osu a na ɛretɔ no mu. Ná ɔkwan a ɔretwa akɔ Yesreel no ware, na na wabɔ akwakoraa nso. Ne nyinaa akyi no, otuu mmirika a wammrɛ, efisɛ na “Yehowa nsa” wɔ no so. Ɛda adi sɛ, na onnyaa ahoɔden a ɔde retu mmirika saa no bi da. Ɛnkyɛe koraa na na ɔde mmirika asian mpɔnkɔ a wɔretwe teaseɛnam a Ɔhene Ahab te mu no ho!—Monkenkan 1 Ahene 18:46.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena