-
Yiyedi Betumi Asɔ Wo Gyidi AhwɛƆwɛn-Aban—1993 | July 15
-
-
Bere a awiei koraa Asaf hui sɛ ne nsusuwii nteɛ no ɔkae sɛ: “Sɛ mise: Mɛka no sɛɛ de a, anka matwa wo mmasanten nkontompo. Na misusuw ho sɛ mehu ade yi, ɛyɛɛ m’ani so den dodo,—kosii sɛ mekɔɔ Onyankopɔn kronkron mu hɔ mikohuu nea akyiri kowie wɔn. Ampa ara, wɔde wɔn gyina nea ɛhɔ yɛ toro, wɔde wɔn hwe fam bubu wɔn pasaa. Hwɛ sɛ wɔadan amamfo mprempren yi ara, ehu ama wɔawie sa. Sɛ ɔdae a wɔaso anyan, na wo, [Yehowa], wahwanyan wo ho a, woma ani pa wɔn sunsumaban so.”—Dwom 73:15-20.
-
-
Yiyedi Betumi Asɔ Wo Gyidi AhwɛƆwɛn-Aban—1993 | July 15
-
-
Asaf behui sɛ Onyankopɔn de abɔnefo agyina “nea ɛhɔ yɛ toro.” Esiane sɛ wɔn asetra gyina honam fam nneɛma so nti, wobetumi ahwe ase mpofirim. Akyɛ koraa no, wonyin a wobewu, na wɔn ahonyade a wɔfaa ɔkwan bɔne so nyae no nto wɔn nkwa nna so. (Dwom 49:6-12) Wɔn yiyedi no bɛyɛ te sɛ ɔdae a etwam ntɛmntɛm. Ebi mpo a wobenya wɔn nnebɔne no so akatua ansa na wɔabɔ nkwakoraa, bere a wotwa nea wɔregu no. (Galatifo 6:7) Esiane sɛ wɔahyɛ da abu wɔn ani agu Onii a ne nkutoo na obetumi aboa wɔn so nti, wonni mmoa ne anidaso biara. Sɛ Yehowa sɔre hyɛ wɔn a, ɔbɛhwɛ wɔn “sunsumaban”—wɔn anuonyam ne wɔn dibea—wɔ animtiaabu kwan so.
-