ADESUA ASƐM 24
“Ma Me Koma Koro Ma Ensuro Wo Din”
“Ma me koma koro ma ensuro wo din. O Yehowa me Nyankopɔn, mede me koma nyinaa bɛkamfo wo.”—DW. 86:11, 12.
DWOM 7 Yehowa, Yɛn Botan Kɛse
NEA YƐREBESUAa
1. Sɛ yɛka sɛ obi suro Onyankopɔn a ɛkyerɛ sɛn, na adɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔdɔ Yehowa no suro no?
KRISTOFO dɔ Onyankopɔn na wosuro no. Nanso, ebia ebinom bebisa sɛ, ɛbɛyɛ dɛn na obi adɔ Onyankopɔn na wasan asuro no? Osuro a yɛreka ho asɛm yi nyɛ nea ɛma obi bɔ hu. Nea yɛreka yi yɛ soronko. Enti yɛka sɛ obi suro Onyankopɔn a, ɛkyerɛ sɛ obu no paa. Sɛ obi suro Onyankopɔn a, ɔmpɛ sɛ ɔyɛ biribi a n’Agya a ɔwɔ soro no ani nnye ho, efisɛ ɔmpɛ sɛ biribiara sɛe adamfofa a ɛwɔ ɔne n’Agya no ntam no.—Dw. 111:10; Mmeb. 8:13.
2. Asɛm a Ɔhene Dawid kaa wɔ Dwom 86:11 no ma yehu nneɛma mmienu bi a ɛsɛ sɛ yesusuw ho. Ɛyɛ nneɛma bɛn?
2 Kenkan Dwom 86:11. Sɛ wohwɛ asɛm a ɛwɔ Dwom 86:11 no a, wubehu sɛ na Ɔhene Dawid nim sɛ ɛho hia sɛ yesuro Onyankopɔn. Enti, momma yɛnhwɛ sɛnea yɛde asɛm a Dawid kaa wɔ mpaebɔ mu no bɛyɛ adwuma. Nea edi kan, yɛbɛhwɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yebu Yehowa din. Nea ɛto so mmienu, yɛbɛhwɛ nea yebetumi ayɛ wɔ yɛn asetenam da biara da de akyerɛ sɛ yebu Yehowa din paa.
ADƐN NTI NA ƐSƐ SƐ YENYA OBU KƐSE MA YEHOWA DIN?
3. Biribi sii wɔ Mose asetenam a ɛbɛyɛ sɛ ɛboaa no ma ɔkɔɔ so nyaa obu kɛse maa Onyankopɔn din. Ɛyɛ dɛn?
3 Wo de susuw ho hwɛ. Bere a na Mose hyɛ abotan mu na ohuu sɛ Yehowa anuonyam retwam no, wohwɛ a sɛn na ɔtee nka? Ɛbɛyɛ sɛ ansa na Yesu reba asase so no, na onipa biara nhuu biribi a ɛyɛ nwonwa sei da! Ɛno akyi no, Mose tee asɛm bi. Ɛbɛyɛ sɛ ɔbɔfo bi na ɔkaa saa asɛm no. Ɔkaa sɛ: “Yehowa, Yehowa, Onyankopɔn mmɔborɔhunufo ne ɔdomfo, nea ne bo kyɛ fuw na n’adɔe ne ne nokwaredi dɔɔso, oyi n’adɔe adi kyerɛ nnipa mpempem, na ɔde mfomso ne mmarato ne bɔne firi.” (Ex. 33:17-23; 34:5-7) Ɛbɛyɛ sɛ, bere biara a na Mose bɛbɔ Yehowa din no, na ɔbɛkae saa asɛm a esii no. Ɛno nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ akyiri yi Mose bɔɔ Israelfo no kɔkɔ sɛ ‘wonsuro edin a ɛsõ na ɛyɛ hu no.’—Deut. 28:58.
4. Yehowa su ahorow bɛn na yesusuw ho a ɛbɛboa yɛn ama yɛanya obu kɛse ama no?
4 Sɛ yesusuw Yehowa din ho a, ɛsɛ sɛ yesusuw sɛnea ɔte nso ho. Ɛsɛ sɛ yesusuw ne su ahorow te sɛ ne tumi, ne nyansa, n’atɛntrenee, ne ne dɔ nso ho. Sɛ yesusuw Yehowa su ahorow yi ne suban afoforo a ɔwɔ nso ho a, ɛbɛboa yɛn ama yɛabu no paa.—Dw. 77:11-15.
5-6. (a) Dɛn na Onyankopɔn din no kyerɛ? (b) Sɛnea Exodus 3:13, 14 ne Yesaia 64:8 kyerɛ no, sɛ Yehowa pɛ sɛ ɔyɛ biribi a, ɛyɛ a ɔyɛ no sɛn?
5 Onyankopɔn din kyerɛ sɛn, na dɛn na yenim fa ho? Nhomanimfo pii gye tom sɛ ɛbɛyɛ sɛ nea edin Yehowa kyerɛ ne “Nea Ɔma Ɛyɛ Hɔ.” Nea edin no kyerɛ no ma yehu sɛ, sɛ Yehowa pɛ sɛ ɔyɛ biribi a, obiara anaa biribiara rentumi nsiw no kwan, na obetumi ayɛ nea ɔpɛ biara. Adɛn nti na yɛreka saa?
6 Sɛ Yehowa pɛ sɛ ɔyɛ biribi a, ɔyɛ ne ho nea ehia biara sɛnea ɛbɛyɛ a n’atirimpɔw bɛbam. (Kenkan Exodus 3:13, 14.) Wɔtaa hyɛ yɛn nkuran wɔ yɛn nhoma ahorow mu sɛ ɛyɛ a yensusuw Onyankopɔn su a ɛyɛ nwonwa yi ho. Ade foforo a Yehowa yɛ ne sɛ, obetumi ama n’asomfo a wɔtɔ sin ayɛ nea ehia biara sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi asom no, na ama nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no aba mu. (Kenkan Yesaia 64:8.) Yehowa fa saa akwan yi so ma n’apɛde yɛ hɔ. Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, biribiara nni hɔ a ebetumi asi no kwan.—Yes. 46:10, 11.
7. Dɛn na yɛyɛ a ɛbɛma yɛanya anisɔ kɛse ama yɛn Agya a ɔwɔ soro no?
7 Sɛ yedwinnwen nea yɛn Agya a ɔwɔ soro no ayɛ ne nea wama yɛatumi ayɛ ho a, ɛbɛma yɛanya anisɔ kɛse ama no. Ɛho nhwɛso ne sɛ, sɛ yedwinnwen nneɛma a Yehowa abɔ ho, anaa biribiara a wayɛ ho a, ɛma yɛn ho dwiriw yɛn. (Dw. 8:3, 4) Afei nso, sɛ yedwinnwen nea Yehowa ama yɛatumi ayɛ sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ayɛ n’apɛde no ho a, ɛma yenya obu kɛse ma no. Edin Yehowa no yɛ nwonwa paa! Ɛma yehu sɛnea yɛn Agya no te ankasa, nea wayɛ nyinaa, ne biribiara a ɔbɛyɛ daakye.—Dw. 89:7, 8.
“MƐBƆ YEHOWA DIN”
8. Sɛnea Deuteronomium 32:2, 3 ma yehu no, dɛn na Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ wɔ ne din no ho?
8 Aka kakraa bi ma Israelfo no adu Bɔhyɛ Asase no so no, Yehowa kyerɛɛ Mose dwom bi mu nsɛm. (Deut. 31:19) Afei, na ɛsɛ sɛ Mose nso kyerɛ ɔman no dwom no. Sɛ yedwinnwen Deuteronomium 32:2, 3 ho a, ɛma yehu sɛ Yehowa mpɛ sɛ ne din so kata, na ɔmpɛ sɛ nkurɔfo fa no sɛ ne din no yɛ kronkron dodo sɛ wɔbɛbɔ. (Kenkan.) Ɔpɛ sɛ obiara hu ne din! Mose kyerɛkyerɛɛ Israelfo no ma wohuu Yehowa ne ne din kɛse no, na wei maa wɔn ani gyei paa! Nea Mose kyerɛkyerɛɛ wɔn no hyɛɛ wɔn den na ɛmaa wɔn ho dwoo wɔn te sɛ osu a atɔ agu afifide so. Yɛn nso, dɛn na yɛbɛyɛ na yɛatumi akyerɛkyerɛ saa?
9. Yɛbɛyɛ dɛn aboa ama Yehowa din ho atew?
9 Sɛ yɛredi adanse wɔ afie afie anaa yɛreyɛ baguam adansedi a, yebetumi abue yɛn Bible akenkan Onyankopɔn din Yehowa akyerɛ nkurɔfo. Nhoma, video ahorow, ne biribiara a ɛwɔ yɛn wɛbsaet hɔ a ɛhyɛ Yehowa anuonyam no, yebetumi ama wɔn bi anaa yebetumi ayi bi akyerɛ wɔn. Sɛ yɛwɔ adwuma mu oo, yɛwɔ sukuu mu oo, yɛretu kwan oo, yebetumi anya hokwan aka yɛn Nyankopɔn a yɛdɔ no no ne sɛnea ɔte ho asɛm akyerɛ afoforo. Yebetumi aka nneɛma pa a Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ama nnipa ne nea enti a ɔbɔɔ asase no ho asɛm akyerɛ nkurɔfo. Sɛnea Yehowa dɔ yɛn no, ebi mpo a na wɔntee ho asɛm saa da. Sɛ yɛka yɛn Agya a ɔdɔ yɛn no ho nokwasɛm kyerɛ afoforo a, na yɛreboa ama Onyankopɔn din ho atew. Afei nso, na yɛreboa nkurɔfo ama wɔahu sɛ atosɛm a wɔaka de asɛe Yehowa din a wɔde akyerɛkyerɛ wɔn no nyɛ nokware. Yɛn de, nea yɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo no yɛ nkyerɛkyerɛ pa na ɛma wɔn ho dwo wɔn.—Yes. 65:13, 14.
10. Sɛ yɛne nkurɔfo resua Bible a, ɛnyɛ Onyankopɔn mmara ne n’akwankyerɛ nko ara na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ wɔn. Adɛn ntia?
10 Sɛ yɛne nkurɔfo resua Bible a, yɛpɛ sɛ yɛboa wɔn ma wohu Yehowa din na wɔde frɛ no. Bio nso, yɛpɛ sɛ yɛboa wɔn ma wohu Yehowa yiye. Sɛ yɛma wohu Yehowa akwankyerɛ ne ne mmara kɛkɛ a, yebetumi ayɛ nea yɛaka yi anaa? Bible suani a ɔbɔ ne ho mmɔden betumi asua Onyankopɔn mmara ama n’ani agye ho mpo. Nanso yemmisa sɛ, osuani no betie Yehowa esiane ɔdɔ a ɔwɔ ma no nti anaa? Kae sɛ na Hawa nim Onyankopɔn mmara, nanso na ɔnnɔ Onyankopɔn a ɔhyehyɛɛ mmara no; saa ara na na Adam nso te. (Gen. 3:1-6) Enti ɛnyɛ Onyankopɔn mmara ne n’akwankyerɛ nko ara na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo.
11. Sɛ yɛrekyerɛkyerɛ yɛn Bible asuafo Onyankopɔn mmara ne n’akwankyerɛ a, yɛbɛyɛ dɛn aboa wɔn ama wɔadɔ Onyankopɔn a ɔhyehyɛɛ mmara no?
11 Yehowa mmara ne n’akwankyerɛ biara so wɔ mfaso ma yɛn. (Dw. 119:97, 111, 112) Nanso, ebia yɛn Bible asuafo renhu no saa, gye sɛ yɛma wɔte ase sɛ Yehowa dɔ yɛn nti na wahyehyɛ saa mmara no. Enti yebetumi abisa yɛn Bible asuafo sɛ: “Wohwɛ a, adɛn nti na Onyankopɔn mpɛ sɛ n’asomfo yɛ saa ade yi? Anaa adɛn nti na Onyankopɔn pɛ sɛ n’asomfo yɛ wei? Dɛn na saa mmara yi ma yehu fa Onyankopɔn ho?” Sɛ yɛboa yɛn Bible asuafo ma wodwinnwen Yehowa ho, na wobu ne din kronkron no a, ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ nea yɛkyerɛkyerɛ wɔn no bɛka wɔn koma. Yɛyɛ saa a, ɛnyɛ Onyankopɔn mmara nko na yɛn Bible asuafo ani begye ho, na mmom wɔbɛdɔ Onyankopɔn a ɔhyehyɛɛ saa mmara no nso. (Dw. 119:68) Ɛbɛma wɔn gyidi nso ayɛ den, na ɔhaw biara a wobehyia no, wobetumi agyina ano.—1 Kor. 3:12-15.
“YƐBƐNANTEW YEHOWA YƐN NYANKOPƆN DIN MU”
12. Ɛyɛɛ dɛn na bere bi Dawid amfa koma koro anaa koma a edi mũ ansom Yehowa, na dɛn na efii mu bae?
12 Onyankopɔn honhom kaa Ɔhene Dawid ma ɔkyerɛw wɔ Dwom 86:11 sɛ: “Ma me koma koro” anaa koma a edi mũ. Saa asɛm no ho hia paa. Dawid asetenam no, ohui sɛ ɛnyɛ den koraa sɛ obi bɛma ne koma mu akyɛ. Bere bi na ɔwɔ ne dan atifi, na ohui sɛ obi yere reguare. Saa bere no, wohwɛ a, na Dawid koma di mũ anaa na ne koma mu akyɛ? Ná onim Yehowa mmara a ɛka sɛ: “Mma w’ani mmmere wo yɔnko yere.” (Ex. 20:17) Nanso, ɔkɔɔ so hwɛɛ ɔbea no. Ná ne koma mu akyɛ. Ná ontumi nhu sɛ onni akɔnnɔ a wanya ama Bat-Seba no akyi, anaa ɔnyɛ nea Yehowa pɛ. Ná Dawid dɔ Yehowa, na na osuro no. Ná wayɛ saa mfe pii, nanso saa bere yi de, ɔyɛɛ bɔne a emu yɛ duru. Nea ɔyɛe no guu Yehowa din ho fĩ. Afei nso, Dawid maa nnipa a wɔn ho nni asɛm huu amane; n’ankasa abusua mpo ka ho.—2 Sam. 11:1-5, 14-17; 12:7-12.
13. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Dawid koma san dii mũ?
13 Yehowa teɛɛ Dawid so na ɔne Yehowa ntam san yɛɛ kama. (2 Sam. 12:13; Dw. 51:2-4, 17) Dawid kaee sɛ bere a ɔmaa ne koma mu kyɛe no, ɛkɔfaa ɔhaw ne ateetee bae. Asɛm a Dawid kae wɔ Dwom 86:11 no, yebetumi akyerɛ ase nso sɛ: “Mma me koma mu nnkyɛ.” Yemmisa sɛ, Yehowa boaa Dawid ma onyaa koma koro anaa ne koma dii mũ? Yiw, efisɛ akyiri yi Bible no kaa Dawid ho asɛm sɛ ɔyɛ ɔbarima a ‘ne koma di mũ wɔ Yehowa, ne Nyankopɔn ho.’—1 Ahe. 11:4; 15:3.
14. Asɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho, na adɛn ntia?
14 Dawid asɛm no hyɛ yɛn nkuran, na ɛsan nso bɔ yɛn kɔkɔ. Bɔne a emu yɛ duru a ɔyɛe no yɛ kɔkɔbɔ ma Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ. Sɛ yɛde mfe pii asom Yehowa oo, sɛ nso afei na yɛafi ase oo, ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ‘Mereyɛ nea metumi biara na Satan amma me koma mu ankyɛ anaa?’
15. Sɛ yehu mfoni a ebetumi akanyan nna ho akɔnnɔ na sɛ yesuro Onyankopɔn a, sɛn na ebetumi abɔ yɛn ho ban?
15 Sɛ wuhu mfoni bi a ebetumi akanyan nna ho akɔnnɔ wɔ TV anaa Intanɛt so a, dɛn na ɛyɛ a woyɛ? Ebia wobɛka sɛ mfoni anaa sini wei de, sɛ ɛnyɛ ponografi. Nanso bisa wo ho sɛ, ɛyɛ biribi a Satan betumi afa so ama wo koma mu akyɛ anaa? (2 Kor. 2:11) Wo de, fa no sɛ mfoni no yɛ akuma, na ekura ɔbarima bi a ɔde repae dua kɛse bi mu. Odi kan de akuma no ano feaa a ɛyɛ nam no si dua no mu. Afei, ɔkɔ so de akuma no bɔ dua no mu ma emu pae. Wudwen ho sɛn? Dwuma a akuma no ano feaa no di no, ɛno ara na mfoni a ɛkanyan nna ho akɔnnɔ no nso di anaa? Sɛ obi hwɛ mfoni a ɛte saa a, ebia ɛbɛyɛ no sɛ ɛyɛ ade ketewaa bi na ɛrenyɛ no hwee. Nanso wobɛhwɛ no na ama wayɛ bɔne a emu yɛ duru ama ne koma mu akyɛ, na ɛremma onni mũ wɔ Yehowa anim. Enti mma kwan mma ade bɔne biara mmma wo koma mu! Mmom, ma wo koma nni mũ na ensuro Yehowa din!
16. Sɛ biribi yɛ yɛn sɛ yɛnyɛ bɔne a, nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho?
16 Mfoni a ɛkanyan nna ho akɔnnɔ akyi no, Satan de nneɛma bebree sɔ yɛn hwɛ na ama yɛayɛ bɔne. Ɛba saa a, dɛn na yɛyɛ? Ɛnyɛ den sɛ yebenya adwene sɛ saa nneɛma yi nyɛ bɔne ankasa. Ebia yɛbɛka sɛ: ‘Sɛ meyɛ wei a, wɔrentu me mfi asafo no mu. Ɛnde sɛ ɛnyɛ bɔne a emu yɛ duru.’ Ɛyɛ mfomso kɛse sɛ obi bedwen saa. Ehia sɛ yebisa yɛn ho nsɛm yi: ‘Satan pɛ sɛ ɔde wei sɔ me hwɛ ma me koma mu kyɛ anaa? Sɛ midi akɔnnɔ bɔne akyi a, ɛbɛma magu Yehowa din ho fĩ anaa? Sɛ meyɛ saa a, ɛbɛma m’abɛn Onyankopɔn anaa ɛbɛma me ne ne ntam asɛe?’ Dwinnwen nsɛm a ɛte saa ho. Bɔ mpae srɛ Yehowa sɛ ɔmma wo nyansa na worebua nsɛmmisa yi a, woannaadaa wo ho. (Yak. 1:5) Woyɛ saa a, ebetumi abɔ wo ho ban paa. Ebetumi aboa wo na sɛ biribi sɔ wo hwɛ a, woanyɛ bɔne. Saa na Yesu yɛe. Ɔkaa sɛ: “Fi me so kɔ, Satan!”—Mat. 4:10.
17. Adɛn nti na sɛ obi ma ne koma mu kyɛ a, ɛremmoa no? Ma mfatoho.
17 Sɛ obi ma ne koma mu kyɛ a, ɛremmoa no. Yɛnhwɛ bɔɔlbɔ kuw bi mufo a wɔne wɔn ho nka. Ebinom pɛ sɛ wɔn nko ara nya anuonyam, wɔn mu kakra nso mpɛ sɛ wɔde agodie no ho mmara bɛyɛ adwuma. Afei nso, wɔn mu bi mmu kookyi no koraa. Sɛ bɔɔlbɔ kuw a ɛte saa ne bɔɔlbɔ kuw foforo hyia a, ɛbɛyɛ den sɛ wobetumi adi nkonim. Nanso, sɛ baakoyɛ wɔ bɔɔlbɔ kuw bi mufo mu a, ɛnyɛ den sɛ wobedi nkonim. Sɛ wo nsusuwii, nea wopɛ, ne sɛnea wote nka nyinaa ne Yehowa akwankyerɛ hyia a, ɛnde na wo koma te sɛ bɔɔlbɔ kuw a wobetumi adi nkonim no. Kae sɛ, nea Satan pɛ ara ne sɛ ɔbɛma wo koma mu akyɛ. Ɔmpɛ sɛ wode Yehowa akwankyerɛ bɛyɛ adwuma, na mmom ɔpɛ sɛ wudi wo nsusuwii, ne nea wopɛ akyi. Nanso sɛ wubetumi asom Yehowa a, ɛsɛ sɛ woma wo koma di mũ. (Mat. 22:36-38) Ɛnsɛ sɛ woma Satan kwan ma ɔma wo koma mu kyɛ da!
18. Sɛnea Mika 4:5 kyerɛ no, dɛn na woabɔ wo tirim sɛ wobɛyɛ?
18 Bɔ Yehowa mpae sɛnea Dawid yɛe no. Ɔkaa sɛ: “Ma me koma koro ma ensuro wo din.” Fa yɛ wo botae sɛ wode mpae yi mu nsɛm bɛbɔ wo bra. Fa si w’ani so sɛ da biara gyinae biara a wubesi no, sɛ́ ɛyɛ ketewa anaa kɛse no, wode bɛkyerɛ sɛ wubu Yehowa din kronkron no. Woyɛ saa a, esiane sɛ woyɛ Yehowa Danseni nti, ɛbɛma Yehowa din no ho atew. (Mmeb. 27:11) Na yɛn nyinaa betumi aka asɛm a odiyifo Mika kae no bi. Ɔkaa sɛ: “Yɛbɛnantew Yehowa yɛn Nyankopɔn din mu daa daa.”—Mika 4:5.
DWOM 41 Tie Me Mpaebɔ
a Adesua yi mu no, yɛde yɛn adwene besi Ɔhene Dawid mpae a ɛwɔ Dwom 86:11, 12 no so. Sɛ Bible ka sɛ yensuro Yehowa din a, ɛkyerɛ sɛn? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya obu kɛse ma Yehowa din no? Sɛ yesuro Onyankopɔn a, sɛn na ɛbɛbɔ yɛn ho ban bere a biribi resɔ yɛn ahwɛ sɛ yɛnyɛ bɔne no?
b MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Mose kyerɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo no dwom bi a ɛhyɛɛ Yehowa anuonyam.
c MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Hawa sosɔɔ akɔnnɔ bɔne so. Nanso yɛn de, mfoni anaa nsɛm a ebetumi ama yɛanya akɔnnɔ bɔne na yɛagu Onyankopɔn din ho fi no, yɛnsosɔ so.