Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Yehowa Ma Yehu Yɛn Nna Kan
    Ɔwɛn-Aban—2001 | November 15
    • 9. Dɛn na odwontofo no de mfirihyia apem a nnipa de tra ase totoo ho?

      9 Wɔde honhom kaa odwontofo no ma ɔde mfirihyia apem a nnipa de tra ase no totoo sɛnea ɛyɛ tiaa wɔ Ɔbɔadeɛ a ɔte hɔ daa ani so no ho. Bere a ɔrekasa akyerɛ Onyankopɔn no, ɔkyerɛwee sɛ: “Woma ɔdesani dan mfutuma, na wuse: Onipa mma, monsan mmra. Na mfirihyia apem yɛ w’ani so sɛ nnɛra da a etwaa mu ne anadwo mu dasu.”—Dwom 90:3, 4.

  • Yehowa Ma Yehu Yɛn Nna Kan
    Ɔwɛn-Aban—2001 | November 15
    • 11. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ bere a ɛyɛ tenten wɔ yɛn ani so no yɛ tiatiaa wɔ Onyankopɔn ani so?

      11 Wɔ Yehowa ani so no, Metusala mpo a odii mfirihyia 969 no anni da koro.(Genesis 5:27) Mfirihyia apem te sɛ nnɛra—nnɔnhwerew 24—a etwaam wɔ Onyankopɔn ani so. Odwontofo no kae nso sɛ mfirihyia apem te sɛ nnɔnhwerew anan a ɔwɛmfo de wɛn nsra mu anadwo no. (Atemmufo 7:19) Ɛnde, ɛda adi pefee sɛ bere a ɛyɛ tenten wɔ yɛn ani so no yɛ tiatiaa koraa wɔ Yehowa Nyankopɔn a ɔte hɔ daa no ani so.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena