-
Dɛn Na Bible Ka Fa Nsã Ho?Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
-
-
1. Ɛyɛ bɔne sɛ obi bɛnom nsã anaa?
Bible nka wɔ baabiara sɛ, obi nom nsã a, wayɛ bɔne. Mmom, ɛma yehu sɛ nneɛma a Onyankopɔn de akyɛ yɛn no, nsã ka ho. Bible ka sɛ, Onyankopɔn de ‘nsã ama ɔdasani sɛnea ɛbɛyɛ a ne koma ani begye.’ (Dwom 104:14, 15) Mmarima ne mmea anokwafo a Bible ka wɔn ho asɛm no bi wɔ hɔ a, wɔde nsã kaa wɔn ano anaa wɔnom nsã.—1 Timoteo 5:23.
-
-
Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wuhyira Wo Ho So Na Wobɔ Asu?Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
-
-
4. Ɔdɔ a Yehowa ada no adi akyerɛ wo no, dwinnwen ho
Yehowa ama yɛn akyɛde a ɛsom bo bebree. Dɛn na yɛn nso yebetumi ayɛ ama no? Hwɛ VIDEO yi.
Nneɛma bɛn na Yehowa ayɛ ama wo a ɛkyerɛ sɛ ɔdɔ wo? Monkenkan Dwom 104:14, 15 ne 1 Yohane 4:9, 10. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:
Nneɛma a Yehowa de akyɛ wo no mu nea ɛwɔ he na w’ani sɔ paa?
Sɛ wohwɛ nneɛma a Yehowa de akyɛ wo no a, ɛma wote nka sɛn wɔ ne ho?
Sɛ obi kyɛ yɛn biribi a yɛn ani gye ho paa a, ɛyɛ a yɛpɛ sɛ yɛkyerɛ ho anisɔ. Monkenkan Deuteronomium 16:17. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:
Sɛ wohwɛ nneɛma a Yehowa ayɛ ama wo no a, dɛn na wo nso wopɛ sɛ woyɛ de kyerɛ ho anisɔ?
-