Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • “Monkyekye Me Man Werɛ”
    Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa I
    • 17, 18. (a) Dɛn nti na Yudafo a wɔwɔ nnommumfa mu no betumi anya sanba ho nkɔmhyɛ no mu ahotoso? (b) Nsɛm a ɛyɛ hu bɛn na Yesaia bisa?

      17 Yudafo a wɔwɔ nnommumfa mu no betumi anya sanba ho bɔhyɛ no mu ahotoso efisɛ Onyankopɔn yɛ tumi ne nyansa nyinaa wura. Yesaia ka sɛ: “Hena na ɔde ne nyansam susuw nsu, na ɔto ɔsoro nsaama, na ɔde susukora hyɛ asase so mfutuma, na ɔkari mmepɔw nsenia mu ne nkoko nsenia nkora mu? Hena na ɔteɛ [Yehowa, “NW”] honhom so, na ɔfotufo bɛn na ɔma ohu ade? Ɔne hena na atu agyina, na wama wahu biribi, na wakyerɛ no atemmu kwan, na wakyerɛ no nimdeɛ, na wama wahu nhumu kwan?”—Yesaia 40:12-14.

      18 Eyi yɛ nsɛmmisa a ɛyɛ hu a ɛsɛ sɛ Yudafo a wɔwɔ nnommumfa mu no susuw ho. So onipa desani betumi adan po asorɔkye ani? Dabida! Nanso, wɔ Yehowa fam no, po a ɛkata asase so no te sɛ nsu ketewa bi a ɛwɔ ne nsam.b So nnipa a wɔyɛ mmerɛw betumi asusuw wim a nsoromma ayɛ hɔ mã a ɛtrɛw no anaasɛ wobetumi akari asase so mmepɔw ne nkoko? Dabi. Nanso, ɔsoro susuw nyɛ Yehowa den koraa sɛnea onipa betumi de ne nsa kokrommoti ne ne kɔkorɔmmɔto asusuw ade no. Enti, Onyankopɔn betumi akari mmepɔw ne nkoko wɔ nsenia so. So nnipa a wonim nyansa sen biara mpo betumi atu Onyankopɔn fo wɔ nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ wɔ mprempren tebea ho na wɔakyerɛ no nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ daakye? Dabida!

  • “Monkyekye Me Man Werɛ”
    Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa I
    • b Wobu akontaa sɛ “ɛpo mu duru bɛyɛ mɛtrik tɔn ɔpepepepepepem 1.35 (1.35 x 1018), anaasɛ bɛyɛ Asase mu duru 1/4400.”—Encarta 97 Encyclopedia.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena