Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • “Mone M’adansefo”!
    Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa II
    • 11. Ahyɛde bɛn na Yehowa de ma n’akoa, na dɛn na Yehowa da no adi wɔ ne Nyamesu ho?

      11 Esiane sɛ atoro anyame no nni tumi nti wontumi mfa adansefo biara mma. Enti, wɔn adansefo gyinabea da mpan animguase mu. Nanso afei bere adu sɛ Yehowa si ne Nyamesu so dua. Bere a ɔhwɛ ne nkurɔfo no, ɔka sɛ: “Mone m’adansefo, . . . ne m’akoa a mayi no no, sɛ munhu na munnye me nni, na munhu mu sɛ me ara mene no. Wɔnnwenee onyame bi m’anim ɛ, na m’akyi nso obiara remma. Me, mene [Yehowa, “NW”] na ogyefo bi nni hɔ sɛ me! Me na maka, na magye nkwa, na mama wɔate, na ɔfoforo bi nni mo mu; na mone m’adansefo, . . . Mene Nyankopɔn, na efi nnɛ nso, mene no, na obi nni hɔ a oyi fi me nsam; mɛyɛ ade, na hena na ɔbɛdan [me nsa] ani?”—Yesaia 43:10-13.

      12, 13. (a) Adanse pii bɛn na Yehowa nkurɔfo wɔ a wɔde bɛto gua? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔahu Yehowa din wɔ nnɛ bere yi mu?

      12 Yehowa nsɛm no akyi no, ɛnkyɛ na adansefo pii a wɔwɔ anigye ba bɛhyɛ adansefo gyinabea hɔ ma. Wɔn adanse mu da hɔ pefee a asɛm biara nni ho. Te sɛ Yosua no, wodi adanse sɛ ‘nsɛmpa a Yehowa kae no nyinaa aba mu. Asɛm biako mpo antɔ fam.’ (Yosua 23:14) Yehowa nkurɔfo no da so kae Yesaia, Yeremia, Hesekiel, ne adiyifo foforo nsɛm a ɛte sɛ nea wɔde nokoro kae a wɔde hyɛɛ nkɔm faa Yuda nnommumfa ne gye a wɔnam anwonwakwan so begye wɔn ho no. (Yeremia 25:11, 12) Wodii kan bɔɔ Yuda gyefo, Kores, din bere tenten mpo ansa na wɔrewo no!—Yesaia 44:26–45:1.

      13 Esiane adanse pii yi nti, hena na obetumi agye kyim sɛ ɛnyɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn koro no? Nea ɛnte sɛ abosonsomfo anyame no, Yehowa nkutoo na wɔammɔ no; ɔno nkutoo ne nokware Nyankopɔn.a Enti, nkurɔfo a Yehowa din da wɔn so wɔ hokwan soronko a ɛyɛ anigye sɛ wɔbɛka n’anwonwade akyerɛ nkyirimma ne afoforo a wobisa ne ho asɛm no. (Dwom 78:5-7) Ɔkwan a ɛte saa ara so no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ wɔ hokwan sɛ wɔka Yehowa din ho asɛm wɔ asase nyinaa so. Wɔ 1920 mfe no mu no, Bible Asuafo no behuu hia a Onyankopɔn din, Yehowa, ho hia kɛse no. Afei, wɔ July 26, 1931, wɔ Columbus, Ohio, ɔmantam nhyiam ase no, Asafo ti no titrani, Joseph F. Rutherford, de tirimbɔ bi a na n’asɛmti ne “Edin Foforo,” too gua. Nsɛm yi, “Yɛpɛ sɛ wɔde edin Yehowa adansefo na ɛfrɛ yɛn” no maa nhyiamfo a wogyee tirimbɔ no toom denam “Yiw!” a wɔkaa no denneennen so no ani gyei. Efi saa bere no, wɔahu Yehowa din wɔ wiase nyinaa.—Dwom 83:18.

  • “Mone M’adansefo”!
    Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa II
    • a Wɔka anyame pii ho asɛm wɔ amanaman no anansesɛm mu sɛ, ‘wɔwo’ wɔn na wɔn nso wɔwo “mma.”

Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena