Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Wobetumi Aka Nea Ɛbɛba Daakye Asie!
    Nyan!—1981 | June 8
    • Akyiri no Bible no yii nea obedi Mediafo no ne Persiafo no anim adi Babilon so nkonim no din adi kyerɛe:

      “Sɛ Awurade Yehowa se ni: Mo [Israel] nti mɛsoma makɔ Babel, na mabubu adaban nyinaa, . . . nea ɔka Kores ho sɛ: Me guanhwɛfo ni, na ɔbɛma nea ɛsɔ m’ani nyinaa aba mu, . . . Kores, maso ne nifa sɛ mɛbrɛ amanaman ase n’anim.”​—Yes. 43:14; 44:28; 45:1.

      Mfirihyia abien akyi no saa Kores yi dii Babilon so nkonim na ɔmaa saa nkɔmhyɛ no baa mu. Susuw nea ɛno kyerɛ no ho: Ebia na wowɔ nhoma a abakɔsɛm di ho adanse sɛ emu nkɔmhyɛ ahorow a wɔakyerɛw no yɛ nokware sen biara no biako. Saa nhoma yi nso yɛ nea ɛka yɛn daakye ho nsɛm wɔ ɔkwan a mfaso kɛse wɔ so so.

  • Wobetumi Aka Nea Ɛbɛba Daakye Asie!
    Nyan!—1981 | June 8
    • Na Kores mmarima no aba kurow no mu afei, nanso na womfii asiane mu ɛ efisɛ wɔwea faa asubɔnten a ayow no mu. Na afasu atenten wɔ asubɔnten no ho. Babilon awɛmfo a wɔn ani wɔ wɔn ho so no betumi atoto saa afasu no apon kɛse mu na ama Persiafo no akɔ mu na wɔafi afasu no so atotow nneɛma agu wɔn so akunkum wɔn. Nanso esiane sɛ wɔn afahyɛ no agye Babilonfo no adwene nti, wɔanhwɛ saa aponkɛse no yiye! Afei nso, ɛte sɛ nea na Bible no aka asie no:

      “Saa na Awurade [Yehowa] ka kyerɛ nea wasra no, Kores, nea maso ne nifa sɛ . . . mebue apon n’anim, ne nkurow apon, na wɔantoto mu no.”​—Yes. 45:1.

      Ntuafo no faa asubɔnten a ɛnam kurow no mu no apon a wɔntotoo mu no mu baa kurow no mu na Babilonfo a wɔn ho adwiriw wɔn no antumi ansɔre antia wɔn. Wɔfaa kurow no a na ɔko biara nnim. Na wɔaka eyi nso ho asɛm ato hɔ!

Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena