-
Atoro Som—Wohuu N’awiei a Ɛyɛ Nwonwa SieiYesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa II
-
-
Wɔabrɛ Babilon Ase Kɔ Mfutuma Mu
3. Ka Babilon Wiase Tumidi no kɛseyɛ ho asɛm.
3 Tie asɛm a Onyankopɔn ka yi: “Sian, na tra mfutuma mu, ababaa, Babel babea, tra fam, ahengua bi nni hɔ, Kaldeafo babea, na wɔremfrɛ wo ɔbaabere a ɔkokɔ ne ho bio.” (Yesaia 47:1) Babilon adi ade sɛ tumi a edi wiase nyinaa so mfirihyia pii ni. Wayɛ “ahenni mu kunini”—nyamesom, aguadi, ne sraadi kurow a edi yiye. (Yesaia 13:19) Bere a Babilon sii so paa no, n’ahemman no trɛw kɔɔ anafo fam koduu Misraim hye so. Na bere a wodi Yerusalem so wɔ afe 607 A.Y.B. mu no, ɛte sɛ nea Onyankopɔn ankasa ntumi nsiw ne nkonimdifo no kwan! Enti, obu ne ho sɛ “ababaa,” obi a ananafo ntua remma no so da.b
4. Dɛn na ɛbɛba Babilon so?
4 Nanso, wɔrebetu “ababaa” ɔhantanfo yi afi n’ahenni so sɛ wiase nyinaa tumi, na wama ‘watra mfutuma mu’ wɔ animguase mu. (Yesaia 26:5) Wɔremmu no “ɔbaabere a ɔkokɔ ne ho,” te sɛ ɔhemmaa a wɔkorɔkorɔ no bio. Enti Yehowa hyɛ sɛ: “Fa owiyammo ne ne ba kɔyam awi, yi wo nkataanim, ma wo gyawurusi so, yiyi w’asrɛ, twitwa asu.” (Yesaia 47:2) Bere a Babilon ayɛ Yuda man nyinaa nkoa awie no, afei wɔbɛyɛ ɔno ankasa nso afenaa! Mediafo ne Persiafo a wobetu no afi ne tumidi so no bɛhyɛ no ma wayɛ adwuma ama wɔn.
-
-
Atoro Som—Wohuu N’awiei a Ɛyɛ Nwonwa SieiYesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa II
-
-
b Wɔ Hebri mu no, “Babel babea” no yɛ kasakoa a ɛkyerɛ Babilon anaa Babilonfo. Ɔyɛ “ababaa” efisɛ efi bere a ɔbɛyɛɛ wiase tumi no, nkonimdifo bi mmɛsɛee no da.
-