Have You Ever Wondered—
So Yɛn Mmorɔn Betumi Asan Abɛyɛ Nea Ɛso Nyɛ Hu Bio?
NEW YORK kurom atesɛm krataa bi kae sɛ: “Yɛn mmorɔn so yɛ hu kɛse sen akono.” Ɛbɔɔ amanneɛ sɛ, hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ wobekum New Yorkfo no sõ sen hokwan a na ɛwɔ ho sɛ wobekum wɔn wɔ Wiase Ko II mu no. Sɛ wote kurow kɛse mu a, ɛho nhia sɛ obi ka sɛnea mmorɔn so ayɛ hu no ho asɛm kyerɛ wo.
SO TEBEA HOROW REKƆ SO SƐE?
Ebia wubetumi akae bere a na obi betumi anantew mmorɔn so bere biara a ɔpɛ a hwee nyɛ no no. Nanso, mmere asesa.
1980 nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Toronto, Canada mu no, wohui sɛ ɛkame ayɛ sɛ mmea baasa biara mu baanu suro sɛ wɔn nkutoo bɛnantew nnɛ sen mfe anum a atwam no. Nhwehwɛmu a ɛte saa a wɔyɛe mu no, wohui sɛ mpanyimfo du biara mu baasia a wɔwɔ Barcelona, Spain, ne mmea dodow saa ara a wɔwɔ Amerika, suro sɛ wobefi adi anadwo. Tebea no resɛe wɔ wiase nyinaa. Amanneɛbɔ ahorow kyerɛ sɛ “Nsɛmmɔnedi Akɔ Soro” wɔ Japan mmorɔn so na “Nsɛmmɔnedi Anya Nkɔanim” wɔ China.
Wɔafa ɔkwan biara a wobetumi so sɛ wobesiw mmorɔn so nsɛmmɔnedi ano—polisifo ne ɔmanfo a wɔwɛn, nkanea papa ne hwɛ a nkurɔfo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛhwɛ yiye asen kan no—nanso, apoobɔ, mmonnaato, ne korɔnbɔ kɔ anim kɛse.
DƐN NA ƐHO HIA?
Ɛnyɛ esum anaa mmorɔn no so a ɛyɛ komm nkutoo na ama ɛyɛ hu. Ɛyɛ nnipa—apoobɔfo, mmonnaatofo, amumɔyɛfo ne afoforo—na wɔma yɛn mmorɔn so yɛ hu. Sɛ wunim sɛ nnipa pa ne wɔn a na wɔwɔ abrabɔ pa nkutoo na wɔnantew mmorɔn so a, so anka wubesuro sɛ wubefi adi anadwo bere biara, a ɛmfa ho sɛ ebia kanea nni borɔn no so?
Bere a wɔde mfe 15 asua nsɛmmɔnedifo ho ade akyi no, abenfo baanu bi kae sɛ, “Nea ɛho hia ma wɔde asiw nsɛmmɔnedi ano no nyɛ adan pa a wobesisi anaasɛ tete kwan a wɔfa so di nsɛmmɔnedifo ho dwuma no, na mmom sɛ ɔbɔnefo ‘bɛsakra’ anya asetra foforo koraa ne abrabɔ pa ho ntease a emu yɛ den . . . nsɛmmɔnedifo nipasu no a wɔbɛsɛe no koraa no.” Yiw, nsakrae a onipa no benya ho hia.
Bible no kaa nsakrae a ɛho hia no ho asɛm tiaa sɛ: “Ma ɔbɔne nnyaw ne kwan na onipa huhu mpa n’adwene.” (Yes. 55:7) Nanso dɛn na ebetumi ama ɔbɔnefo asakra ne kwan, ne n’adwene mpo? Dɛn na ahoɔden wom mmoroso a ɛbɛsakra “ɔbɔnefo nipasu”?
SO BIRIBI BETUMI ASAKRA NSƐMMƆNEDIFO?
Bere a ɔhwɛɛ nsɛmmɔnedifo ɔhaha so akyi no, kurow kɛse mu afiase sohwɛfo panyin no kae sɛ: “Bible no tumi sakra obi sen nhyɛso biara.” So na n’asɛm no yɛ nokware? Sɛ wɔde di dwuma nokwarem a, so Bible no betumi asakra wɔn a wɔma yɛn mmorɔn so yɛ hu no nipasu ampa?
Obi a wadi mfe 32 a na wɔde no ato Angola afiase a ɛwɔ (Amerika) fii ase kae sɛ: “Na wɔakyere me bɛboro mpɛn 40 wɔ korɔnbɔ, nkurɔfo a mehwe wɔn na mede ade bobɔ wɔn, awu a mepɛe sɛ midi ne nsɛm afoforo” ho. Bere a ɔda afiase no, Yehowa Adansefo huu no na ofii Bible no sua ase.
Onipa a na anka ɔyɛ nsɛmmɔnedifo a akyiri yi ɔyɛɛ nsakrae wɔ ne nipasu mu no toaa so kae sɛ: “Dodow a mihuu Bible mu nokware no, dodow no ara na mepɛe sɛ misua.” Ɔfatae sɛ wɔbɔ no asu sɛ Yehowa Adansefo mu biako. Ne suban a asakra no kanyan afiase mpanyimfo no adwene na wɔmaa no kwan ma okowiee n’afiasenna no wɔ ne kurom afiase, a na osiesie nneɛma ma kurow no sohwɛfo no. “Esiane sɛ wɔama ada adi sɛ wobetumi anya Yehowa Adansefo mu ahotoso nti, wɔma me kwan ma mekɔ abɔnten so da biara.”
Wobisaa odeduani foforo a na ɔwɔ Angola Ɔman afiase a na Yehowa Adansefo aboa no saa ara ma wasakra subammɔne a na ɔwɔ kan no sɛ: “Sɛ obi ka kyerɛ wo sɛ ontumi nni suban bɔne bi so nkonim a, dɛn na wobɛka?” Oyi a anka ɔyɛ ɔkorɔmfo no buae sɛ: “Bere a madi m’abufuw, sigaretnom ne aguaman akɔnnɔ a emu yɛ den so akyi no, me ne obiara a ɔde anoyi a ɛte saa ma no renyɛ adwene.” Afei ɔtwɛnee kakraa no, ɔtoaa so sɛ: “Bible no hyɛ biribiara a ebia ɛde obi ayɛ akoa a ɔbɛde ne ho afi ho ankasa ho bɔ. Enti sɛ obi dɔ Yehowa Nyankopɔn ampa a, obetumi adi su biara so nkonim denam Ne mmoa so.”
Eyinom yɛ nneduafo dodow a wɔwɔ wiase nyinaa a wɔn nipasu asakra denam Bible no a Yehowa Adansefo boaa wɔn ma wosuae so no mu baanu pɛ. Eyinom ne nnipa bebree a na anka wɔyɛ awifo, wɔde nnubɔne di dwuma, wɔyɛ mmonnaatofo, akorɔmfo ne awudifo no nhwɛso yɛ adanse a ɛfata sɛ, Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ahorow ho “nokware nimdeɛ” betumi aboa obi ma ‘wayi nipa dedaw no ne ne nneyɛe no agu.’ (Kol. 3:9, 10) Ná Onyankopɔn nokware ahorow no wɔ tumi a ɛsakraa nsɛmmɔnedifo ma wɔbɛyɛɛ Kristofo wɔ afeha a edi kan no mu, na ɛda so ara wɔ tumi yi!—1 Kor. 6:9-11.
Nanso, ɛda adi sɛ ɛnyɛ obiara na obesua na ɔde nea Bible ka adi dwuma.
DƐN NE ANO ADURU A EDI MU?
Bible no bɔ kɔkɔ sɛ: “Abɔnefo fifi sɛ fan na amumɔyɛfo nyinaa si so sɛ nhwiren a, ɛne sɛ wɔbɛsɛe wɔn korakora.” (Dw. 92:8 [nky. 7, Twi Bible Foforo]) Onyankopɔn a ohu wɔn komam no bɛsɛe “amumɔyɛfo” yi korakora. Eyi bɛma wiase a nsɛmmɔne nni mu aba daakye.
Nanso, bere bɛn na saa nsakrae a edi mu no bɛba? Bible kaa ‘amumɔyɛ a ɛbɛdɔɔso’ a mprempren yi ɛma yɛn mmorɔn so yɛ hu no ho asɛm siei sɛ ɛbɛkyerɛ sɛ abɔnefo sɛe a ɛreba no abɛn. Eyi ne Bible nkɔmhyɛ afoforo a abam di adanse sɛ yɛte nea Bible frɛɛ no “nna a edi akyiri” no mu.—Mat. 24:3-14; 2 Tim. 3:1-5.
Enti, ɛrenkyɛ yebehu “amumɔyɛfo” nyinaa sɛe no. Afei wɔn a wobefi ɔsɛe yi mu aka no behu Bible nkɔmhyɛ a ɛkanyan anigye yi mmamu koraa sɛ: “Obiara bɛtra ase asomdwoe mu . . . na obiara renyi no hu.”—Mika 4:4, Today’s English Version.