-
Monkɔ So Ntwɛn YehowaYesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa I
-
-
21. Ka sɛnea nhyira a ɛreba no di mũ fa ho asɛm.
21 “Mmepɔw asorɔnsorɔn ne nkoko a ɛkorɔn nyinaa so no, asuasu . . . bɛsen hɔ.” (Yesaia 30:25a)c Yesaia kyerɛkyerɛ sɛnea Yehowa nhyira no bɛyɛ nea edi mũ no mu. Nsu ho renyɛ na—ade titiriw a ɛnyɛ nsase a ɛda fam nkutoo so na ɛbɛsen, na mmom bepɔw biara nso so, “mmepɔw asorɔnsorɔn ne nkoko a ɛkorɔn nyinaa” mpo so. Yiw, ɔkɔm bɛyɛ ade a atwam. (Dwom 72:16) Bio nso, odiyifo no dan adwene kɔ nneɛma a ɛkorɔn sen mmepɔw mpo so. “Ɔsram hann bɛyɛ sɛ owia hann, na owia hann bɛyɛ mmɔho ason, sɛ nnanson hann, ɛda a [Yehowa, “NW”] bɛkyekyere ne man bubu na wasa ne hwe ano akuru no.” (Yesaia 30:26) Nkɔmhyɛ dɛdɛ yi awiei a ɛyɛ anigye bɛn ara ni! Onyankopɔn anuonyam bɛhyerɛn koraa. Nhyira a wɔakora so ama Onyankopɔn nokware asomfo no bɛboro so koraa—mmɔho ason—asen biribiara a wɔahu pɛn.
-
-
Monkɔ So Ntwɛn YehowaYesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa I
-
-
c Yesaia 30:25b kenkan sɛ: “Okunkɛse da a aban atenten bɛhwehwe ase no.” Wɔ ne mmamu a edi kan mu no, eyi bɛkyerɛ Babilon asehwe, ade a ebuee kwan maa Israel nyaa nhyira a wɔkaa ho asɛm wɔ Yesaia 30:18-26 no. (Hwɛ nkyekyem 19.) Ebetumi akyerɛ ɔsɛe a ɛbɛba Harmagedon a ɛbɛma saa nhyira yi anya mmamu a ɛsen biara wɔ wiase foforo no mu nso.
-
-
Monkɔ So Ntwɛn YehowaYesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa I
-
-
[Mfonini wɔ kratafa 311]
‘Asuasu bɛsen nkoko a ɛkorɔn nyinaa so’
-