Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • “Ɔyɛ Koma Mu Nyansafo”​—Nanso Ɔbrɛ Ne Ho Ase
    Bɛn Yehowa
    • 3 Yehowa yɛ kronkron. Enti suban a egu nnipa ho fĩ te sɛ ahantan de, ebi nni ne mu koraa. (Marko 7:20-22) Afei nso, hwɛ asɛm a odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ Yehowa. Ɔkaa sɛ: “Nea ɛbɛyɛ biara, wobɛkae na woakotow aboa me.”a (Kwadwom 3:20) Wunhu sɛ asɛm no yɛ nwanwa paa! Yehowa a ɔno ne Amansan Hene no pɛ sɛ ‘ɔkotow,’ kyerɛ sɛ, ɔpɛ sɛ ɔba fam na ɔne Yeremia yɛ pɛ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛboa onipa a n’asɛm yɛ mmɔbɔ saa no. (Dwom 113:7) Ampa, Yehowa brɛ ne ho ase. Ɛdɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa brɛ ne ho ase? Sɛn na Yehowa ahobrɛase ma yehu sɛ onim nyansa? N’ahobrɛase no boa yɛn sɛn?

  • “Ɔyɛ Koma Mu Nyansafo”​—Nanso Ɔbrɛ Ne Ho Ase
    Bɛn Yehowa
    • a Tetefo a wɔhwɛɛ Bible so kyerɛw bi anaa Sopherim no sesaa Bible mu asɛm yi kaa no sɛ, ɛyɛ Yeremia mmom na ɔkotowee, na ɛnyɛ Yehowa. Wohwɛ a na wɔn adwene yɛ wɔn sɛ Onyankopɔn de, ɛnyɛ papa sɛ yɛbɛka sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase saa aboa nnipa. Wei nti, Bible nkyerɛase bebree wɔ hɔ a, asɛm kamakama a kyerɛwsɛm yi ka no, wɔasesa no. Nanso, The New English Bible nkyerɛase no kyerɛ mu yiye paa. Ɛka sɛ Yeremia ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Kae, O kae, na kotow ma me.”

Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena