-
Wogyee No Fii Gyata Anom!Tie Daniel Nkɔmhyɛ No!
-
-
12. (a) Bere a Daniel tee mmara foforo no ho asɛm ara pɛ no, dɛn na ɔyɛe? (b) Na henanom na wɔrehwɛ Daniel, na dɛn ntia?
12 Ankyɛ na Daniel huu mmara a ɛbara mpaebɔ no. Ɔkɔɔ ne fie ntɛm ara kɔhyɛn n’abansoro dan a wabue ne mfɛnsere ano kyerɛ Yerusalem no mu.b Ɛhɔ na Daniel fii ase bɔɔ Onyankopɔn mpae “sɛ ɔyɛ kan no ara.” Ebia Daniel susuwii sɛ ne nkutoo na ɔwɔ hɔ, nanso na atirisopamfo no rehwɛ no. ‘Wɔbɛtoaa no’ mpofirim, a ɛda adi sɛ wɔyɛɛ gyegyeegye te sɛ nea wɔyɛe bere a wɔkɔɔ Dario nkyɛn no. Afei wɔde wɔn aniwa ankasa rehu—Daniel ‘rebisa Onyankopɔn hɔ ade.’ (Daniel 6:10, 11) Na abirɛmpɔn no ne amantam ahene no anya adanse a wohia na wɔde abɔ Daniel sobo wɔ ɔhene no anim no nyinaa.
-
-
Wogyee No Fii Gyata Anom!Tie Daniel Nkɔmhyɛ No!
-
-
b Na abansoro dan no yɛ dan a obi tumi kɔhome wom bere a ɔmpɛ sɛ afoforo haw no no.
-