Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Ɔsɛe Bi Fi Atifi Fam Rebobɔ Ba!
    Ɔwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020 | April
    • 14. Bere bɛn na Yoel 2:28, 29 baa mu?

      14 Afei de Yoel kaa asɛmpa; ɔkaa sɛ nneɛma bɛsan asi ne dedaw mu. Ná asase no bɛsan ayɛ frɔmfrɔm. (Yoel 2:23-26) Afei edu bere bi a na honhom fam aduan bebu so. Yehowa kaa sɛ: “Mehwie me honhom agu ɔhonam ahorow nyinaa so, na mo mmabarima ne mo mmabea bɛhyehyɛ nkɔm. . . . Mehwie me honhom agu nkoa ne mfenaa mpo so.” (Yoel 2:28, 29) Ɛnyɛ bere a Onyankopɔn de Israelfo fi Babilon san baa wɔn asase so no akyi pɛɛ na ohwiee ne honhom guu wɔn so. Mmom, edii mfe pii ansa na ɔrehwie ne honhom agu ne nkurɔfo so wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. Yɛyɛ dɛn hu saa?

      15. Sɛnea Asomafo Nnwuma 2:16, 17 ma yehu no, bere a Petro reka asɛm a ɛwɔ Yoel 2:28 no, nsakrae bɛn na ɔyɛe, na dɛn na wei kyerɛ?

      15 Pentekoste da no, anwonwasɛm bi sii, na Onyankopɔn maa honhom kaa ɔsomafo Petro ma ɔkaa sɛ Yoel 2:28, 29 no na ɛreba mu. Bɛyɛ anɔpa nnɔnkron saa da no, Onyankopɔn hwiee honhom kronkron guu ne nkurɔfo so, na ɛma wofii ase kaa “Onyankopɔn nneɛma akɛse no” ho asɛm. (Aso. 2:11) Bere a Onyankopɔn de ne honhom kaa Petro ma ɔkaa asɛm a ɛwɔ Yoel nkɔmhyɛ no mu no, ɔsesaa mu kakra. Wohyɛɛ nsakrae a ɔyɛe no nsow? (Kenkan Asomafo Nnwuma 2:16, 17.) Sɛ́ anka Petro de asɛm “ɛno akyi” befi ase no, ɔkaa sɛ: “Nna a edi akyiri no mu no” Onyankopɔn behwie ne honhom agu “ɔhonam ahorow nyinaa so.” Ná Petro reka Yudafo no nna a edi akyiri ho asɛm. Wei kyerɛ sɛ, mfe pii twaam ansa na Yoel nkɔmhyɛ no rebam.

      16. Asomafo no bere so no, sɛn na Onyankopɔn de ne honhom boaa asɛnka adwuma no, na ɛnnɛ nso ɛ?

      16 Bere a Onyankopɔn hwiee ne honhom guu ne nkurɔfo so wɔ asomafo no bere so akyi no, wofii ase yɛɛ asɛnka adwuma bi a na ɛbɛtrɛw akɔ wiase baabiara. Bere a ɔsomafo Paul kyerɛw krataa kɔmaa Kolosefo no bɛyɛ afe 61 Y.B. no, otumi kaa sɛ wɔaka asɛmpa no “wɔ abɔde a ɛwɔ ɔsoro ase nyinaa mu.” (Kol. 1:23) Paul bere so no, sɛ ɔka ‘abɔde nyinaa’ a, na ɛkyerɛ wiase no baabi a na nkurɔfo betumi atu kwan akɔ. Ɛnnɛ nso, Yehowa de ne honhom kronkron aboa ama yɛayɛ asɛnka adwuma no akɔ akyiri “de akɔpem asase ano”!—Aso. 13:47; Hwɛ adaka a wɔato din “Mehwie Me Honhom” no.

      “Mehwie Me Honhom”

      Pentekoste afe 33 Y.B. no, mmarima ne mmea bɛyɛ 3,000 bɔɔ asu bɛyɛɛ Yesu Kristo asuafo. Wɔbɔɔ asu ara pɛ na wofii ase kaa Yesu ho nokwasɛm kyerɛɛ afoforo. Yehowa hyiraa mmɔden a wɔbɔe no so anaa? Yiw, ohyiraa wɔn! Nnipa “mpempem” yɛɛ aso tiee Kristo ho asɛm no.​—Aso. 2:41; 21:20.

      Nnipa dodow sɛn na na wɔabɛyɛ Kristofo? Bible nka, nanso bɛyɛ afe 100 Y.B. mu hɔ no, ɛbɛyɛ sɛ na Kristofo a wɔwɔ hɔ dodow nnu 144,000 koraa. Saa bere no, na Yehowa repaw mmarima ne mmea a wɔbɛkɔ akodi ade wɔ ɔsoro Ahenni no mu, nanso yɛn bere yi so na Yehowa apaw Kristofo a wɔasra wɔn dodow no ara. Nanso, nnipa mpempem a wɔbɛyɛɛ Kristofo wɔ asomafo no bere so no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa hwiee ne honhom guu tete Kristofo no so.​—Aso. 2:16-18.

      Adanse bi wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Yehowa ahwie ne honhom agu n’asomfo so nnɛ anaa? Yiw, adanse wɔ hɔ paa! Susuw wei ho hwɛ: Kyerɛwtohɔ a ɛwɔ hɔ ma yehu sɛ afe 1919 no, na adawurubɔfo a wɔreka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa dodow nnu 6,000. Nanso, Yehowa hyiraa asɛnka adwuma no so, na efi afe 1983 reba no, afe biara, nnipa bɛboro 144,000 bɔ asu bɛyɛ Yehowa Adansefo! Yebetumi aka paa sɛ, wei yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa redi bɔ a ɔhyɛɛ n’asomfo no so. Ɔkaa sɛ: “Mehwie me honhom”!​—Yoel 2:28, 29.

  • Ɔsɛe Bi Fi Atifi Fam Rebobɔ Ba!
    Ɔwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020 | April
Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena