Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Yehowa Asomfo Wɔ Nokware Anidaso
    Ɔwɛn-Aban—2003 | August 15
    • 19, 20. Dɛn na ɛbaa Yudafo a wɔde wɔn ho too Yehowa so no so?

      19 Nanso, na wɔn a wɔwɔ Yehowa mu ahotoso no anidaso renni huammɔ. Yehowa dii apam a ɔne Abraham ne Dawid yɛe no nokware, na ohuu wɔn a wɔte sɛ Mika a wɔdɔ no na wodi twe a wɔn mfɛfo atwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho no ho awerɛhow no mmɔbɔ. Wɔn a wɔteɛ no nti, na Onyankopɔn bɛyɛ nsiesiei wɔ bere a ɛsɛ mu.

      20 Ɛno baa saa wɔ afe 537 A.Y.B. mu, bere a Babilon hwee ase akyi na Yudafo nkaefo bi san kɔɔ wɔn asase so no. Nsɛm a ɛwɔ Mika 2:12 no nyaa mmamu a edi kan saa bere no. Yehowa kae sɛ: “Ɔboa na mɛboa mo nyinaa ano, Yakob nhyia na mehyia Israel nkae; mɛka wɔn mabom sɛ nguan nguannan mu, sɛ mmoakuw wɔn didibea so, nnipa dodow a wɔyɛ hoo.” Hwɛ sɛnea Yehowa yɛ ɔdɔ! Bere a ɔteɛɛ ne nkoa so akyi no, ɔmaa nkaefo bi san bae bɛsom no wɔ asase a ɔde maa wɔn nananom no so.

  • Yehowa Asomfo Wɔ Nokware Anidaso
    Ɔwɛn-Aban—2003 | August 15
    • 22. Akuw abien bɛn na wɔde wɔn ani ato Onyankopɔn Ahenni so?

      22 Wɔ afe 1919 mu no, Kristofo anokwafo a wɔasra wɔn no twee wɔn ho fii Kristoman ho koraa, na wofii ase kaa Ahenni ho asɛmpa no kyerɛɛ aman nyinaa. (Mateo 24:14) Nea edi kan no, wɔhwehwɛɛ honhom fam Israel nkaefo a wɔaka no. Afei, wofii ase boaboaa “nguan foforo” no ano, na akuw abien no bɛyɛɛ ‘kuw biako wɔ ɔhwɛfo biako ase.’ (Yohane 10:16) Ɛwom sɛ seesei wɔsom Onyankopɔn wɔ nsase 234 so de, nanso Yehowa nokware asomfo yi nyinaa ayɛ “biako” ankasa. Saa bere yi, mmarima, mmea, ne mmofra ama nguannan no mu ‘ayɛ hoo.’ Wɔn anidaso nni nneɛma nhyehyɛe yi mu, na mmom Onyankopɔn Ahenni a ɛrenkyɛ ɛde paradise bɛba asase so no mu.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena