Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Yehowa Atemmu Da No Abɛn!
    Ɔwɛn-Aban—2001 | February 15
    • 17. Sɛnea Sefania 1:14-16 kyerɛ no, Yehowa atemmu da no abɛn dɛn?

      17 Yehowa atemmu da no abɛn dɛn? Sɛnea Sefania 1:14-16 kyerɛ no, Onyankopɔn de saa awerɛhyem yi ma sɛ: “[Yehowa, NW] da kɛse no abɛn, abɛn na ɛreba ntɛm sɛ, [Yehowa, NW] da no nne yɛ nwene sɛ! Ɔdɔmmarima teɛm dennen wɔ hɔ. Ɛda no yɛ anibere da, ahohia ne ahokyere da, ɔsɛe ne amamfõyɛ da, esum ne kusuuyɛ da, amununkum ne kusukuukuu da, torobɛnto ne osebɔ da a ɛreba afasu mu nkurow ne aban atenten ano sorɔnsorɔn so.”

  • Yehowa Atemmu Da No Abɛn!
    Ɔwɛn-Aban—2001 | February 15
    • 19, 20. (a) Nneɛma bɛn na ɛkɔɔ so bere a Onyankopɔn hwiee n’abufuw guu Yuda ne Yerusalem so no? (b) Esiane sɛ ɔsɛe a ɛreba nneɛma nhyehyɛe yi so no bɛyɛ nyiyim nti, nsɛmmisa bɛn na ɛsɔre?

      19 Ná Onyankopɔn abufuw a ɔde baa Yuda ne Yerusalem so no yɛ “ahohia ne ahokyere da.” Babilon ntuafo no maa Yudafo no ho hiahiaa wɔn pii, na owu ne ɔsɛe a na ɛreba wɔn so no gyaw wɔn dadwen. Ná saa “ɔsɛe ne amamfõyɛ da” no yɛ esum ne kusuuyɛ da, omununkum ne kusukuukuu da, a ebia ɛnyɛ sɛnkyerɛnne kwan so nko, na mmom na ɛbɛba paa nso, efisɛ na wusiw ne afunu wɔ baabiara. Ná ɛyɛ “torobɛnto ne osebɔ da,” nanso ɛho kɔkɔbɔ a wɔde mae no ankosi hwee.

      20 Bere a Babilonfo de wɔn asae akɛse dwiriw “aban atenten ano sorɔnsorɔn” gui no, Yerusalem awɛmfo no antumi anyɛ hwee. Saa ara na mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne no akoban ahorow no ntumi ne Onyankopɔn soro akode a wayɛ krado sɛ ɔde bɛsɛe ade ntɛm wɔ ne ko a ɛbɛyɛ nyiyim mu no nni asi. So wopɛ sɛ wunya wo ti didi mu? So woasi gyinae pintinn sɛ wubegyina Yehowa ‘a ɔhwɛ n’adɔfo nyinaa so, nanso ɔbɛsɛe abɔnefo nyinaa no’ afã?—Dwom 145:20.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena