Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Momma Asafo No Nyɛ Den
    Ɔwɛn-Aban—2007 | April 15
    • 10. Sɛnea Mateo 18:15-17 kyerɛ no, na wobedi ɔhaw a anibere wom ho dwuma dɛn?

      10 Yesu daa no adi sɛ na wɔbɛyɛ nhyehyɛe a ɛte saa. Kae asɛm a ɛwɔ Mateo 18:15-17 no. Yesu kae sɛ ɛtɔ mmere bi a nsɛnnennen betumi asɔre wɔ Onyankopɔn nkurɔfo baanu ntam wɔ bɔne bi a ebia ɔbaako ayɛ ne yɔnko no ho. Ná ɛsɛ sɛ nea wɔayɛ no bɔne no kɔ ɔfoforo no nkyɛn “kɔda ne mfomso adi kyerɛ no,” ɔne ne nkutoo ntam. Sɛ ɛno antumi amma wɔansiesie asɛm no a, wobetumi afrɛ onipa baako anaa nnipa baanu a wonim asɛm no mu ma wɔabɛboa wɔn. Sɛ ɛno nso anyɛ yiye nso ɛ? Yesu kae sɛ: “Sɛ wantie wɔn a, ka kyerɛ asafo no. Sɛ wantie asafo no nso a, bu no sɛ amanaman muni anaa towgyeni.” Bere a Yesu kaa saa no, na Yudafo no da so ara yɛ “Nyankopɔn asafo,” enti saa bere no na ɛfa wɔn ho.a Nanso bere a wɔhyehyɛɛ Kristofo asafo no, na wɔde Yesu akwankyerɛ yi bɛyɛ adwuma. Eyi nso yɛ adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ na wɔbɛhyehyɛ Onyankopɔn nkurɔfo sɛ asafo na wɔde akwankyerɛ ama Kristoni biara ma wayɛ den gyidi mu.

      11. Dɛn na na mpanyimfo no yɛ de siesie ɔhaw ahorow?

      11 Ɛfata sɛ mpanyimfo anaa ahwɛfo no gyina asafo no ananmu siesie ɔhaw ahorow anaa wodi wɔn a wɔayɛ bɔne no asɛm. Eyi ne nea wɔhwehwɛ wɔ mpanyimfo hɔ a ɛwɔ Tito 1:9 no hyia. Nokwarem no, na asafo mu mpanyimfo no tɔ sin te sɛ Tito a Paulo somaa no kɔɔ asafo ahorow mu sɛ ‘onkosiesie nea atɔ kyima’ no. (Tito 1:4, 5) Ɛnnɛ, ansa na wobesusuw obi ho apaw no sɛ asafo mu panyin no, na ɛsɛ sɛ ɔde bere tenten ada gyidi ne ahofama adi. Eyi bɛma afoforo a wɔwɔ asafo no mu no anya nhyehyɛe a wɔde paw mpanyimfo no mu ahotoso.

  • Momma Asafo No Nyɛ Den
    Ɔwɛn-Aban—2007 | April 15
    • a Bible ho ɔbenfo Albert Barnes kae sɛ akwankyerɛ a Yesu de mae sɛ “ka kyerɛ asafo no” betumi akyerɛ “wɔn a na wɔyɛ asɔre no ananmusifo a wɔama wɔn tumi sɛ wonni nsɛm a ɛtete saa no. Wɔ Yudafo hyiadan mu no, na wɔwɔ mpanyimfo a wobu atɛn a na wɔde nsɛm a ɛtete saa kɔdan wɔn.”

Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena