Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • So Woreyɛ Onyankopɔn Apɛde?
    Ɔwɛn-Aban—1994 | March 1
    • “Mudwen ho dɛn? Ɔbarima bi wɔ mma baanu; na ɔkɔɔ nea odi kan no nkyɛn sɛ: Ɔba, nnɛ kɔyɛ me bobe turom adwuma! Na obuae sɛ: Wiɛ, owura, na wankɔ. Na ɔkɔɔ nea ɔka ho no nkyɛn kɔkaa saa ara kyerɛɛ no. Na obuae sɛ: Merenkɔ! Na akyiri no, onuu ne ho, na ɔkɔe. Wɔn baanu yi mu hena na ɔyɛɛ nea n’agya pɛ?”—Mateo 21:28-31.

      Mmuae no da adi pefee. Te sɛ nkurɔfo akuwakuw a wotiee Yesu no, yebebua sɛ, “Nea odi akyiri no.” Nanso emu da hɔ pefee sɛ na Yesu nam saa mfatoho no so retwe yɛn adwene asi so sɛ nea agya no pɛ a yɛbɛyɛ no na ehia. Ɛwom sɛ ɔba a ɔto so abien no kae sɛ ɔmpɛ sɛ ɔkɔ de, nanso ɔkɔe, na wɔkamfoo no sɛ ɔyɛɛ saa. Saa ara nso na adwuma a ɛfata a wobɛyɛ no ho hia. Ɔba a ɔto so abien no dii ho dwuma denam agya no bobe turom adwuma a ɔkɔyɛe so; wankɔyɛ n’ankasa ne bobe turom adwuma.

  • So Woreyɛ Onyankopɔn Apɛde?
    Ɔwɛn-Aban—1994 | March 1
    • Hena na ɔreyɛ Onyankopɔn apɛde nnɛ? Nnipa bɛboro ɔpepepem abien a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristo akyidifo mu dodow ahe na wɔte sɛ Yesu mfatoho no mu ɔba kumaa a ɔkɔyɛɛ n’agya apɛde no? Mmuae no nyɛ den. Ná Yesu akyidifo a wodi n’anammɔn akyi nokware mu no bɛyɛ adwuma a ɔkae sɛ wɔbɛyɛ no: “Etwa sɛ wɔka asɛmpa no kyerɛ amanaman nyinaa kan.” (Marko 13:10) Yehowa Adansefo a wɔboro ɔpepem anan ne fã wɔ wiase nyinaa no de nnamyɛ reka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no na wɔrekyerɛkyerɛ afoforo sɛ Ahenni no ne adesamma anidaso koro pɛ ma asomdwoe ne dwoodwoo asetra. So worenya kyɛfa kɛse wɔ Onyankopɔn apɛdeyɛ mu? So woreka Ahenni ho asɛmpa no sɛnea Yesu yɛe no?—Asomafo no Nnwuma 10:42; Hebrifo 10:7.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena