-
Hu A Yɛde Ntease Behu “Sɛnkyerɛnne” NoƆwɛn-Aban—1985 | August 1
-
-
16. (a) Bere bɛn na wonyanee ‘ahotefo’ nkaefo no wɔ honhom mu? (b) Wɔ mmabaa du bɛ no mu no, hena ne Ayeforokunu no, na henanom na wɔka bom yɛ sɛnkyerɛnne kwan so ayeforo no?
16 Wɔ saa ‘ahotefo’ no nkaefo no fam no, na ɛsɛ sɛ wɔnyan wɔ honhom mu wɔ “wiase awiei” no fã a edi kan no mu hɔ. Ná eyi yɛ “sɛnkyerɛnne” a Yesu kaa ho asɛm too hɔ wɔ ne nkɔmhyɛ kɛse no mu no fã titiriw. Wɔ nkaefo no fam no, na saa bere a wɔde nyanee no yɛ anigye bere kɛse, anigye a ɛte sɛ mmabaa mmadwemma, anaa anyansafo baanum a anadwo nteɛm, “Hwɛ ayeforokunu ni o!” ma wonyanee de no. (Mateo 25:1-6) Saa nkanyan a ɛyɛ anigye no bae wɔ 1919 ahohuru bere mu, bere a nkaefo a wɔasra wɔn no fii ase nyaa ahoɔden bio wɔ nea wiase nyinaa ɔtaa no de bae ne gye a wogyee wɔn asabawmu wɔ Wiase Ko I sum bere no mu no mu. Ayeforokunu a ɔwɔ bɛ a ɛfa mmabaa du ho no mu no ne Yesu Kristo, na ne sɛnkyerɛnne kwan so ayeforo no ne ne nokware asafo a emufo yɛ 144,000 a wɔbɛka ne ho wɔ ɔsoro Ahenni no mu no. (Adiyisɛm 14:1-4) Bible mmerebu ne ne nnɛyi mmamu ahorow kyerɛ sɛ Ayeforokunu a ɔyɛ Ɔhene no baa honhom mu asɔrefi hɔ wɔ 1918 ahohuru bere mu. Afei ofii ase nyanee honhom mu ayeforo no mufo anokwafo fii awufo mu na ɔde wɔn kɔkaa ne ho wɔ ɔsoro Ahenni no mu. Sɛ́ nsɛm a ayeforo no” nkaefo a wɔde mmabaa mmadwemma no yɛɛ wɔn ho mfonini no ka no, Adiyisɛm 19:7 se: “Momma yɛn ani nnye, na yenni ahurusi, na yɛnhyɛ no anuonyam, efisɛ oguammaa no ayeforohyia adu, na ne yere asiesie ne ho.”
17. (a) Dɛn nti na na ‘ababaa badwemma’ kuw no ani betumi agye? (b) Dɛn na mmabaa mmadwemma no fa kaa ho, na enti na wobetumi ayɛ dɛn?
17 Yiw, bere a ‘ababaa badwemma’ kuw no de nyanee wɔ honhom mu ne te a wɔba bɛtee nea “sɛnkyerɛnne” a efii ase daa adi wɔ 1914 mu no kyerɛ ase no yɛ anigye bere kɛse. Afei, asɛm yi bɛyɛɛ nea ɛfa wɔn ho: “Nhyira ne wɔn a wɔahyia wɔn oguammaa no ayeforo ase.” (Adiyisɛm 19:9) Wɔ Yesu bɛ no mu no, mmabaa mmadwemma baanum no faa ngo a wɔde sɔ kanea foforo kaa ho sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de bi asan agu wɔn akanea mu na ama wɔatumi akɔka ayeforohyia santen a wɔato a ɛyɛ anigye no ho a wokurakura akanea a wɔasosɔ. Bere a Ayeforokunu no bae no, “[mmabaa] a wɔasiesie wɔn ho no ne no kɔɔ ayeforohyia no ase, na wɔtoo pon no mu.”—Mateo 25:1-10.
18. (a) Wɔ Wiase Ko I akyi no, na nkaefo no da so ara wɔ Onyankopɔn Asɛm a ɛma hann a ɛdɔɔso wɔ wɔn mu ne ne honhom kronkron no a wɔde bɛyɛ dɛn? (b) Dɛn ho amanneɛ na wɔbɔe wɔ wɔn nhyiam a edi kan wɔ ɔko no akyi no ase?
18 Sɛnea mmabaa mmadwemma ho mfonini no kyerɛ ampa no, nkaefo a wɔasra wɔn no kɔɔ so de hann ne anigye maa ɔsoro Ayeforokunu a na bere a ɔde bɛware asafo a ɛte sɛ ayeforo no adu no akwaaba. Wɔ honhom mu ɔhaw a ɛbaa wɔn so wɔ Wiase Ko I mu no nyinaa akyi no, na wɔda so ara wɔ Onyankopɔn Asɛm a ɛma hann a ɛdɔɔso ne ne honhom kronkron wɔ wɔn mu sɛ “anwenne” a wɔde bɛhyɛ wɔn adwuma a ɛne adesamma a wɔbɛma wɔanya nhumu wɔ Onyankopɔn Ahenni denam n’Ayeforokunu a ɔyɛ ɔhene so no ho no mu den. (2 Korintofo 4:7) Enti, wɔ September 1-8, 1919 mu no, ‘ababaa badwemma’ kuw no yɛɛ wɔn amanaman ntam nhyiam a edi kan wɔ Cedar Point, Ohio. Ɛhɔ na wɔde nhyehyɛe a wɔreyɛ sɛ wobetintim nsɛmma nhoma foforo de aka Ɔwɛn-Aban no ho no ho amanneɛbɔ mae. Ná wɔbɛfrɛ nsɛmma nhoma foforo yi Golden Age, edin a ɛkyerɛkyerɛ bere a anigye wom a adesamma a wɔagye wɔn nkwa benya wɔ Ayeforokunu a ɔyɛ Ɔhene, Yesu Kristo Mfirihyia Apem Ahenni no mn no mu. Wɔda so ara tintim saa nsɛmma nhoma no a mprempren wɔfrɛ no Nyan!
19. (a) Ɔkwan bɛn so na ‘ababaa badwemma’ kuw no bɛyɛɛ “sɛnkyerɛnne” a ɛfa Yesu “ba” ho no fã titiriw? (b) Henanom ne wɔn a wɔwɔ anigye mprempren wɔ asase so?
19 Wɔ saa nhyiam no akyi bere tiaa bi no, wotintim Golden Age a edi kan—a ɛyɛ October 1, 1919 de no. Ɛdenam saa nsɛmma nhoma no ne Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo no nhoma afoforo so no, ‘ɔbaabun kuw’ anokwafo no akɔ so wɔ wɔn adwuma a ɛyɛ wiase a wɔbɛma aharan no mn. Wofii ɔko no akyi adwuma a ɛne ‘ahenni no ho asɛmpa yi a wɔbɛka de adi amanaman nyinaa adanse’ ansa na nneɛma nhyehyɛe yi awiei aba no ase. (Mateo 24:14) Wɔ saa kwan yi so no, nkaefo a wɔasra wɔn, ‘ababaa badwemma’ kuw no, bɛyɛɛ “sɛnkyerɛnne” a ɛbom no fã titiriw a ɛhyɛ Yesu “ba” wɔ honhom mu sɛ ɔhene a wɔama no tumi ne “wiase awiei” no agyirae. Saa ɔkyerɛkyerɛ adwuma no yɛ adanse a edi mũ foforo a ɛkyerɛ sɛ “awiei bere” no fii ase wɔ Amanaman Mmere no awiei wɔ 1914 mu. Anigye ne wɔn a wɔde ntease hu “sɛnkyerɛnne” no fã a wɔka too hɔ yi ne nea ɛkyerɛ nyinaa no nyinaa!
-
-
Yɛ Ade Ntɛm Ara Wɔ “Sɛnkyerɛnne” No Ho!Ɔwɛn-Aban—1985 | August 1
-
-
3 Ayeforokunu Yesu Kristo asɛm no yɛ nea ɔkae wɔ ne bere mu pɛpɛɛpɛ, titiriw no, mprempren a yɛahyɛn “wiase awiei” no mu mfirihyia 71 no. Wɔ bere a etwa to yi mu mpo no, ‘ababaa badwemma’ kuw no nkaefo no nnim da, anaa dɔn ko a wɔbɛto “ɔpon” no mu a hokwan remma bio sɛ wobegye afoforo akɔ ɔsoro Ahenni no mu ma wɔakɔka Ayeforokunu a wɔagye wɔn aware ama no no ho. Ɛyɛ nea ɛho hia ma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔda wɔn ho adi sɛ wɔyɛ mmabaa mmadwemma no bere nyinaa sɛ wɔbɛkɔ so anya honhom mu ngo. Wɔ saa yɛ mu no wɔma wɔn akanea hyerɛn denam “ahenni no ho asɛmpa yi” a wɔtrɛw mu de di wiase aman nyinaa adanse ansa na “awiei no” aba no so.—Mateo 24:14; Marko 13:10; Adiyisɛm 14:6, 7.
-