Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Daakye Bɛn na Ɛwɔ hɔ ma Nguanten ne Mpapo No?
    Ɔwɛn-Aban—1995 | October 15
    • 7, 8. Dɛn na Yesu ka faa nguanten no ho, enti dɛn na yebetumi aka wɔ wɔn ho?

      7 Yɛkenkan wɔ atɛn a wobu nguanten no ho sɛ: “[Yesu] bese wɔn a wɔwɔ ne nifa no sɛ: Mo a m’agya ahyira mo, mommra mmɛfa ahenni a wɔasiesie ama mo fi wiase asefi mu no nni! Na ɔkɔm dee me, na momaa me biribi midii, osukɔm dee me, na momaa me biribi menomee, meyɛɛ ɔhɔho, na mofaa me kɔɔ mo fi; medaa adagyaw, na mufuraa me ntama, meyaree, na mobɛhwɛɛ me, medaa afiase, na mobaa me nkyɛn. Ɛnna nnipa trenee no bebua no sɛ: Awurade, da bɛn na yehuu wo sɛ ɔkɔm dee wo, na yɛmaa wo aduan, anaasɛ osukum dee wo, na yɛmaa wo nsu nomee? afei da bɛn na yehuu wo sɛ woyɛɛ ɔhɔho na yɛfaa wo kɔɔ ofie, anaasɛ wodaa adagyaw na yefuraa wo ntama? Afei da bɛn na yehuu wo sɛ woyaree, anaasɛ wodaa afiase, na yɛbaa wo nkyɛn? Na ɔhene bebua ase wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ, sɛ moayɛ ama me nuanom nketewaa yi mu biako yi, moayɛ ama me.”—Mateo 25:34-40.

  • Daakye Bɛn na Ɛwɔ hɔ ma Nguanten ne Mpapo No?
    Ɔwɛn-Aban—1995 | October 15
    • 10, 11. (a) Dɛn nti na ntease nnim sɛ yebesusuw sɛ obiara a ɔyɛ Yesu nuanom adɔe biara ka nguanten no ho? (b) Henanom na nguanten no gyina hɔ ma wɔn ma ɛfata?

      10 So Yesu kyerɛ sɛ obiara a ɔbɛyɛ ne nuanom biako adɔe kakra, sɛ ebia ɔma no paanoo kakra anaa nsu kuruwa biako no fata sɛ ɔbɛyɛ nguanten yi mu biako? Ampa, adɔe a ɛte saa a wɔbɛyɛ no bɛda nnipa ayamye adi, nanso ɛte sɛ nea ɛbɛ yi mu nguanten no yɛ ade kɔ akyiri sen saa koraa. Sɛ nhwɛso no, ɛnyɛ wɔn a wonni Onyankopɔn mu gyidi anaa asɔfo a wofu mu yɛ ne nuanom biako adɔe ho asɛm koraa na na Yesu reka. Nea ɛne no bɔ abira no, Yesu frɛɛ nguanten no “nnipa trenee” mprenu. (Mateo 25:37, 46) Enti nguanten no bɛyɛ nnipa a wofi bere tenten bi aboa—wɔayere wɔn ho aboa—Kristo nuanom, na wɔada gyidi adi akɔ akyiri ma wɔanya gyinabea pa wɔ Onyankopɔn anim.

      11 Wɔ mfehaha a atwam mu no, nnipa pii te sɛ Abraham anya gyinabea pa. (Yakobo 2:21-23) Noa, Abraham, ne anokwafo foforo ka “nguan foforo” a wobenya Paradise asetra wɔ Onyankopɔn Ahenni ase no ho. Nnansa yi, afoforo ɔpepem pii de wɔn ho ahyɛ nokware som mu sɛ nguan foforo, na wɔne wɔn a wɔasra wɔn no abɛyɛ “kuw biako.” (Yohane 10:16; Adiyisɛm 7:9) Saa nnipa yi a wɔwɔ asase so anidaso no bu Yesu nuanom sɛ Ahenni no ho ahemmɔfo ma enti wɔaboa wɔn—honam fam ne honhom fam. Yesu bu nea nguan foforo no ayɛ ama ne nuanom a wɔwɔ asase so no sɛ wɔayɛ ama no. Sɛ ɔba sɛ ɔrebebu amanaman no atɛn a, obebu saafo a wɔte ase no atɛn sɛ wɔyɛ nguanten.

      12. Dɛn nti na nguanten no betumi abisa ɔkwan a wɔfaa so yɛɛ Yesu adɔe?

      12 Sɛ nguan foforo no ne nkaefo no reka asɛmpa no boa wɔn seesei de a, ɛnde dɛn nti na wobebisa sɛ: “Awurade, da bɛn na yehuu wo sɛ ɔkɔm dee wo, na yɛmaa wo aduan, anaasɛ osukɔm dee wo, na yɛmaa wo nsu nomee?” (Mateo 25:37) Ebetumi agyina nneɛma pii so. Eyi yɛ bɛ. Yesu nam so kyerɛ atenka a emu dɔ a ɔwɔ ma ne honhom fam nuanom; wɔn atenka, wɔn amanehunu ka no bi. Ná Yesu aka bere bi a atwam sɛ: “Nea ogye mo no gye me, na nea ogye me no gye nea ɔsomaa me no.” (Mateo 10:40) Yesu bae nnyinasosɛm no mu wɔ mfatoho yi mu de kyerɛ sɛ nea wɔde yɛ ne nuanom no (papa oo, bɔne oo), edu soro mpo; ɛte sɛ nea wɔde yɛ no wɔ soro. Afei nso Yesu si Yehowa atemmu ho gyinapɛn so dua wɔ ha, na ɔda no adi pefee sɛ Onyankopɔn atemmu fata na ɛteɛ, sɛ́ ɛyɛ bembu anaa afobu no. Mpapo no ntumi nka eyi mfa nyi wɔn ho ano sɛ, ‘Yɛamfa yɛn ani anhu wo ntia.’

Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena