Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Momma Yɛmfa Nokwaredi Mmoa Kristo Nuanom
    Ɔwɛn-Aban—2015 | March 15
    • 4 Afe 1881 no, Ɔwɛn-Aban no kaa sɛ “onipa Ba no” anaa “ɔhene no” ne Yesu. Ɛkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɛnyɛ wɔn a wɔne Yesu bɛdi ade wɔ soro no nko ara na wɔyɛ Ɔhene no “nuanom.” Mmom, sɛ nnipa a wɔbɛtena asase so no nyinaa ba bɛyɛ pɛ a, wɔn nso bɛka Kristo “nuanom” ho. Ɔwɛn-Aban no kaa sɛ wɔbɛpaapae nnipa mu wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no mu, na wɔbɛfrɛ wɔn a wɔdaa Onyankopɔn dɔ adi wɔ biribiara mu no nnwan.

      5. Afe 1923 no, Onyankopɔn nkurɔfo tee mfatoho no ase sɛn?

      5 Akyiri yi, Yehowa boaa ne nkurɔfo ma wɔtee saa mfatoho no ase yiye. Afe 1923 no, October 15, Ɔwɛn-Aban no kaa sɛ “onipa Ba no” ne Yesu. Afei Ɔwɛn-Aban no de Bible mu nsɛm kyerɛkyerɛɛ mu sɛ asɛm “nuanom” a ɛwɔ mfatoho no mu no fa wɔn a wɔne Yesu bɛdi ade no nko ara ho, na wɔn nyinaa bɛka Yesu ho wɔ soro wɔ Mfirihyia Apem Nniso no mu. Ɛsan nso kaa sɛ nnwan foforo no gyina hɔ ma wɔn a wɔbɛtena asase so wɔ Yesu ne ne nuanom nniso ase. Esiane sɛ mfatoho no ka sɛ saa nkurɔfo no bɛboa Ɔhene no nuanom nti, mpaapaemu adwuma anaa atemmu no bɛba so bere a Yesu nuanom a wɔasra wɔn no da so wɔ asase so ansa na Mfirihyia Apem Nniso no afi ase. Ɔwɛn-Aban no san kaa sɛ nnwan no gyina hɔ ma wɔn a wɔbɛgye Yesu adi na wɔagye adi nso sɛ Ahenni no bɛma yɛanya asetena pa.

  • Momma Yɛmfa Nokwaredi Mmoa Kristo Nuanom
    Ɔwɛn-Aban—2015 | March 15
    • 7. Mfatoho no kyerɛ sɛn?

      7 Ɛnnɛ, yɛate nnwan ne mmirekyie ho mfatoho no ase yiye. Yɛnim sɛ “onipa Ba no” anaa “ɔhene no” ne Yesu. Ɔhene no “nuanom” no gyina hɔ ma Kristofo a wɔde honhom kronkron asra wɔn a wɔne Yesu bɛdi ade wɔ soro no. (Romafoɔ 8:16, 17) “Nnwan” ne “mmirekyie” no gyina hɔ ma nnipa a wɔfi aman nyinaa mu. Wɔbɛbu wɔn atɛn bere a ahohiahia kɛse a ɛbɛfi ase nnansa yi ara rekɔ awiei no. Yɛnim sɛ Yesu bɛgyina nea nnipa ayɛ ama Kristofo a wɔasra wɔn a wɔda so wɔ asase so no so na ɛbɛbu wɔn atɛn. Ɛyɛ yɛn anigye sɛ mfe pii a abɛsen kɔ no, Yehowa aboa yɛn ma yɛate saa mfatoho yi ne mfatoho ahorow a ɛwɔ Mateo ti 24 ne 25 no ase!

  • Momma Yɛmfa Nokwaredi Mmoa Kristo Nuanom
    Ɔwɛn-Aban—2015 | March 15
    • 9 Nea ɛbɛyɛ na yɛanya mmuae no, nea ɛdi kan, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ na Yesu de mfatoho no rekyerɛ ade. Ná ɛnyɛ nnwan ne mmirekyie ho asɛm ankasa na na ɔreka. Saa ara nso na nea ɔkae no nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ obiara a wɔbɛbu no sɛ odwan no ma wɔn a wɔasra wɔn no aduane ne ntade, ɔhwɛ wɔn bere a wɔyare, na ɔkɔsra wɔn wɔ afiase. Mmom no, Yesu kaa sɛ nnwan no ‘tene’ efisɛ wɔbu wɔn a wɔasra wɔn no sɛ Kristo nuanom, na wɔdi Kristofo a wɔasra wɔn no nokware wɔ nna a ɛdi akyiri a emu yɛ den yi mu.​—Mateo 10:40-42; 25:40, 46; 2 Timoteo 3:1-5.

      10. Dɛn na nnwan no bɛtumi ayɛ de aboa Kristo nuanom?

      10 Bere a Yesu maa nnwan ne mmirekyie ho mfatoho no, na ɔreka nsɛm a ɛbɛsisi wɔ awiei bere mu ho asɛm. (Mateo 24:3) Emu baako ne sɛ: “Wɔbɛka ahennie ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa.” (Mateo 24:14) Afei Yesu maa dwetikɛse ho mfatoho no ansa na ɔreka nnwan ne mmirekyie ho asɛm no. Yesu de mfatoho no kyerɛɛ Kristofo a wɔasra wɔn no sɛ ɛsɛ sɛ wɔyere wɔn ho yɛ asɛnka adwuma no. Nanso wɔn mu kakraa bi na wɔaka wɔ asase so, na adwuma a ɛwɔ hɔ no sõ! Wɔaka akyerɛ Kristofo a wɔasra wɔn no sɛ wɔnka asɛm no nkyerɛ “amanaman nyinaa” ansa na awiei no aba. Sɛnea yɛhuu wɔ nnwan ne mmirekyie ho mfatoho no mu no, “nnwan” no boa Yesu nuanom. Ɔkwan titiriw baako a wɔbɛtumi afa so aboa Yesu nuanom ne sɛ wɔbɛyɛ asɛnka adwuma no. Nanso yɛmmisa sɛ, sika anaa nkuranhyɛ a yɛde bɛma wɔn sɛ wɔnyɛ asɛnka adwuma no ara dɔɔso?

Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena