-
Monkɔ So Ntra Ase Sɛ Wɔn A Wɔaboaboa Wɔn Ano Na Ama Moanya Nkwa Akɔ Mfirihyia Apem No MuƆwɛn-Aban—1989 | September 1
-
-
8. Bere a Yesu de ne mmae ho nkɔmhyɛ no reba awiei no, bɛ bɛn na obui, na ɔkwan bɛn so na na June l, 1935 ho hia wɔ emu ntease a wobenya mu?
8 Sɛnea Mateo Asɛmpa no kyerɛ no, Yesu de bɛ bi na ewiee ne mmae ho sɛnkyerɛnne ho nkɔmhyɛ no. Wɔtaa frɛ no nguanten ne mpapo bɛ na ɛrenya mmamu mprempren wɔ nneɛma nhyehyɛe yi awiei a efii ase Amanaman Mmere no awiei wɔ 1914 mu no. (Mateo 25:31-46) Na Memeneda, June 1, 1935 yɛ da titiriw wɔ saa nguan yi a wohuu wɔn sɛ nnipakuw no mufo ho ntease no mu. Saa da no, wɔbɔɔ nnipa 840 asu ma wɔde yɛɛ wɔn ho so a wɔahyira koraa ama Yehowa denam Yesu Kristo so ho sɛnkyerɛnne wɔ Yehowa Adansefo nhyiam ase wɔ Washington, D.C. Wɔn mu dodow no ara yɛɛ saa de dii ɔkasa bi a ɛfa Adiyisɛm 7:9-17 ho a J. F. Rutherford mae no ho dwuma ntɛm ara. Na ɛyɛ wɔn pɛ sɛ wɔbɛyɛ Oguanhwɛfo Pa no nguan foforo no mu nnipakuw kɛse no mufo, a wɔwɔ hokwan a ɛbɛma wɔanya nkwa wɔ ahohiahia kɛse a ɛreba no mu na wɔatra nkwa mu atwa nhyehyɛe yi awiei akɔ Ɔhene ne Oguanhwɛfo, Yesu Kristo, Mfirihyia Apem Ahenni no mu. Awiei koraa no, wobenya daa nkwa wɔ paradise asase so.—Mateo 25:46; Luka 23:43.
9. Dɛn nti na wɔto nsa frɛ nguan no sɛ wɔmmɛfa Ahenni a wɔasiesie ama [wɔn] no nni, na ɔkwan bɛn so na wɔwɔ gyinabea a eye sen biara a ɛbɛma wɔayɛ Ɔhene no nuanom papa?
9 Dɛn nti na wɔto nsa frɛ saafo a wɔte sɛ nguan yi sɛ ‘wɔmmɛfa ahenni a wɔasiesie ama wɔn fi wiase asefi mu no nni’? Ɔhene no ka kyerɛ wɔn sɛ efisɛ wɔyɛ ne “nuanom” papa ma enti wɔyɛ maa no. Ɔhene no nam asɛmfua “nuanom” no so kyerɛ sɛ ɛyɛ ne honhom fam nuanom a wɔda so ara wɔ asase so wɔ nneɛma nhyehyɛe yi awiei no nkaefo. Esiane sɛ wɔne Oguanhwɛfo ne Ɔhene, Yesu Kristo, nuanom yi abɛyɛ nguankuw biako nti, ɛsɛ sɛ wɔkɔ so ne saa nkaefo no nya ayɔnkofa a emu yɛ den yiye na wɔnam saayɛ so anya gyinabea pa a ɛbɛma wɔayɛ wɔn papa. Wɔ honam fam mpo no, wɔbɛboa Yesu nuanom no ma wɔaka Ahenni a wɔde asi hɔ no ho asɛm wiase nyinaa ansa na awiei no aba. Wɔ eyi mu no, nguan no bebu hokwan a wɔanya sɛ wɔaboaboa wɔne nkaefo no ano sɛ Oguanhwɛfo biako no nguankuw no sɛ ɛsom bo.
-
-
Monkɔ So Ntra Ase Sɛ Wɔn A Wɔaboaboa Wɔn Ano Na Ama Moanya Nkwa Akɔ Mfirihyia Apem No MuƆwɛn-Aban—1989 | September 1
-
-
11. Ɔkwan bɛn so na nguan no kyerɛ sɛ wogyina hɔ ma Ahenni no, na esiane eyi nti, nhyira bɛn na wonya?
11 Nea ɛne sɛnkyerɛnne kwan so mpapo no nneyɛe bɔ abira no, wɔn a wɔte sɛ nguan no kyerɛ pefee sɛ wogyina hɛ ma Ahenni no. Ɔkwan bɛn so? Wɔnam nneyɛe so na ɛnyɛ nsɛm ara kwa so. Esiane sɛ wontumi mfa aniwa nhu Ɔhene no wɔ ɔsoro nti wɔrentumi nyɛ no papa tee mfa nkyerɛ sɛ wogyina n’Ahenni no akyi. Enti wɔyɛ ne honhom fam nuanom a wɔda so ara wɔ asase so no papa. Ɛwom sɛ eyi ma mpapo no tan wɔn, wɔsɔre tia wɔn, na wɔtaa wɔn wɔ adepa a ɛte saa a wɔyɛ no ho de, nanso Ɔhene no ka kyerɛ nguan no sɛ ‘n’Agya ahyira wɔn.’
-