-
Mmara Pa No—Amansan NkyerɛkyerɛƆwɛn-Aban—2001 | December 1
-
-
Mmara Pa No—Amansan Nkyerɛkyerɛ
“Enti ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.”—Mateo 7:12.
YESU KRISTO na ɔkaa nsɛm yi bɛyɛ mfe mpem abien a atwam ni wɔ ne Bepɔw so Asɛnka a agye din no mu. Wɔ mfehaha no mu no, nnipa aka saa asɛm tiawa yi ho nsɛm pii akyerɛw ho nsɛm nso. Sɛ nhwɛso no, wɔakamfo akyerɛ sɛ ɛno ne “Kyerɛwsɛm no nnyinaso,” “sɛnea ɛsɛ sɛ Kristoni ne afoforo di nsɛm” ne “abrabɔ pa ho nnyinasosɛm.” Wonim no yiye araa ma enti wɔtaa frɛ no Mmara Pa.
Nanso, ɛnyɛ wɔn a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo no nko na wonim Mmara Pa no. Yudasom, Buddhasom, ne Helafo nyansapɛfo nyinaa ka abrabɔ ho nnyinasosɛm yi ho asɛm ɔkwan bi so. Nnipa a wɔte Asia Apuei fam Aman mu no nim asɛm a Konfusio, a Apuei famfo bu no sɛ onyansafo ne ɔkyerɛkyerɛfo a ɔsen biara kae no yiye. Yehu asɛm a ɛte saa mprɛnsa wɔ Konfusio Nhoma Anan no mu nea ɛto so abiɛsa, The Analects mu. Wɔ mmuae abien bi a Konfusio de maa adesuafo bi mu no, ɔkae sɛ: “Nea wompɛ sɛ wɔde yɛ wo no, mfa nyɛ afoforo.” Bere bi nso a ne suani Zigong hoahoaa ne ho kae sɛ “Nea mempɛ sɛ afoforo de yɛ me no, me nso memfa nyɛ wɔn” no, ɔkyerɛkyerɛfo no de aniberesɛm yi buaa no sɛ: “Ampa, nanso seesei de wuntumi nyɛ eyi.”
Sɛ obi kenkan saa nsɛm yi a, obetumi ahu sɛ Konfusio nsɛm no ne nea Yesu kaa no akyiri yi bɔ abira. Nsonsonoe ankasa a ɛwom ne sɛ, Mmara Pa a Yesu kaa ho asɛm no hwehwɛ sɛ ɛsɛ sɛ obi yɛ biribi pa ma afoforo bere nyinaa. Fa no sɛ nkurɔfo tie Yesu asɛm no, dwen afoforo ho, yɛ ade de boa afoforo, na wɔde mmara yi bɔ wɔn bra daa. So wugye di sɛ anka ɛno bɛma ɛnnɛ wiase yi ayɛ beae a eye? Saa na ɛte ankasa.
Sɛ́ wɔde adwempa na ɛkaa mmara yi ho asɛm anaasɛ ɛnte saa no, nea ehia titiriw ne sɛ nkurɔfo a wɔtraa ase wɔ mmeae ne mmere ahorow mu a ɛsono mmusua a wofi mu no de wɔn ho too adwene a ɛwɔ Mmara Pa no mu so kɛse. Nea eyi kyerɛ ara ne sɛ nea Yesu kae wɔ Bepɔw so Asɛnka yi mu no yɛ amansan nkyerɛkyerɛ a ɛfa obiara a watra se pɛn ho.
Bisa wo ho sɛ: ‘So mepɛ sɛ wɔne me di wɔ obu ne nokwaredi mu a animhwɛ biara nnim? So mepɛ sɛ metra wiase bi a mmusua ho adwemmɔne, nsɛmmɔnedi, ne ɔko nni mu mu? So mepɛ sɛ metra abusua bi a obiara dwen afoforo nkate ne wɔn yiyedi ho mu? Nokwarem no, hena na ɔbɛpopo ne ti wɔ nsɛm a ɛte saa ho? Awerɛhosɛm ankasa ne sɛ nnipa kakraa bi na wɔne wɔn di wɔ ɔkwan a ɛte saa so. Wɔ nnipa pii fam no, wonni anidaso biara sɛ wɔne wɔn bedi wɔ kwan a ɛte saa so.
Wɔasɛe Mmara Pa No
Wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, wɔne nnipa adi no wɔ atirimmɔden so na wɔabu wɔn ani agu hokwan a nkurɔfo wɔ no so koraa. Eyinom mu bi ne nkoa a wɔtɔɔ wɔn fii Afrika, wɔn a wɔde wɔn koguu Nasi owu nneduaban mu, mmofra a wɔhyɛ wɔn de wɔn yɛ adwuma, ne mmusua a wɔtɔre wɔn ase wɔ mmeae pii no. Aninyanne a ɛte saa no betumi adɔɔso asen saa.
Ɛnnɛ, pɛsɛmenkominya ahyɛ yɛn wiase a wɔanya nkɔso kɛse wɔ mfiridwuma mu no ma. Nnipa kakraa bi dwen afoforo ho esiane mfaso anaa hokwan bi a wobenya nti. (2 Timoteo 3:1-5) Dɛn nti na nnipa pii nnwen afoforo ho, wɔyɛ atirimɔdenfo, wonni tema, na wɔdwene wɔn nkutoo ho saa? Ɛnyɛ Mmara Pa no a wonim no baabiara nanso wopia to nkyɛn sɛ biribi a ɛho nhia, na wobu no sɛ abrabɔ mu nnyinasosɛm biara kɛkɛ no nti a? Awerɛhosɛm ne sɛ nnipa pii a wɔka sɛ wogye Nyankopɔn di no mpo yɛ nneɛma a ɛte saa. Na sɛ yɛhwɛ sɛnea nneɛma rekɔ no a, nkurɔfo bɛkɔ so ayɛ pɛsɛmenkominyafo.
Enti nsɛmmisa a ehia a ɛsɛ sɛ yesusuw ho ne sɛ: Dɛn na Mmara Pa no a wɔde bɛbɔ bra no kyerɛ? So obi wɔ hɔ a ɔda so de bɔ ne bra? So bere bi bɛba a nnipa nyinaa de Mmara Pa no bɛbɔ wɔn bra? Nea ɛbɛyɛ na yɛanya nsɛmmisa yi ho mmuae a ɛfata no, yɛsrɛ sɛ kenkan asɛm a edi hɔ no.
[Mfonini wɔ kratafa 3]
Konfusio ne afoforo kyerɛkyerɛɛ nsɛm a ɛbɔ abira faa Mmara Pa no ho
-
-
Mmara Pa No Mfaso Wɔ SoƆwɛn-Aban—2001 | December 1
-
-
Mmara Pa No Mfaso Wɔ So
Ɛwom sɛ nkurɔfo pii susuw sɛ Yesu na ɔde Mmara Pa no mae sɛ abrabɔ ho nkyerɛkyerɛ de, nanso ɔno ankasa kae sɛ: “Me kyerɛkyerɛ nyɛ me dea, na nea ɔsomaa me no dea.”—Yohane 7:16.
AMPA, Yesu nkyerɛkyerɛ a nea wɔbɛfrɛɛ no Mmara Pa no ka ho no fi nea ɔsomaa no, Ɔbɔadeɛ Yehowa Nyankopɔn nkyɛn.
Na Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw ne sɛ nnipa nyinaa ne afoforo bedi wɔ ɔkwan a wɔn ankasa pɛ sɛ wɔne wɔn di so. Ɔnam sɛnea ɔbɔɔ adesamma no so yɛɛ sɛnea wodwen afoforo ho nhwɛso a ɛsen biara: “Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so, Onyankopɔn suban so na ɔbɔɔ no, ɔbarima ne ɔbea na ɔbɔɔ wɔn.” (Genesis 1:27) Eyi kyerɛ sɛ Onyankopɔn fi ɔdɔ mu de ne su horow a ɛda nsow no bi ama nnipa na wɔatumi anya asetra a asomdwoe, anigye, ne biakoyɛ, wom—daa. Sɛ wɔtete ahonim a Onyankopɔn de ama wɔn no yiye a, ɛbɛma wɔasusuw afoforo ho sɛnea wɔn ankasa pɛ sɛ afoforo yɛ wɔn no.
Wɔbɛyɛɛ Pɛsɛmenkominyafo
Sɛ adesamma nyaa mfitiase pa saa a, ɛnde dɛn na esii? Ne tiawa mu no, nnipa bɛdaa pɛsɛmenkominya su a enye adi. Nnipa pii nim Bible mu asɛm a ɛfa nea nnipa baanu a wodi kan no yɛe, sɛnea wɔakyerɛw ho asɛm wɔ Genesis ti 3 no. Bere a Satan, nea ɔsɔre tiaa Onyankopɔn trenee gyinapɛn ahorow nyinaa no daadaa Adam ne Hawa no, wofi pɛsɛminkominya mu poo Onyankopɔn tumidi na ama wɔn ankasa atumi adi wɔn ho so. Ɛnyɛ wɔn nkutoo na atuatew ne pɛsɛmenkominya no maa wohuu amane na mmom ɛde amanehunu kɛse nso brɛɛ wɔn mma a na wɔbɛwo wɔn daakye no. Ɛno ma yehu ɔhaw a efi po a wɔpo nkyerɛkyerɛ a wɔbɛfrɛɛ no Mmara Pa no mu ba no pefee. Enti “sɛnea ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae no, saa na ɛyɛe na owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.”—Romafo 5:12.
Ɛwom sɛ nnipa nyinaa poo Yehowa Nyankopɔn akwankyerɛ pa no de, nanso Yehowa ampo wɔn. Sɛ nhwɛso no, Yehowa de ne Mmara maa Israel man de kyerɛɛ wɔn kwan. Ɛkyerɛɛ wɔn sɛ wɔne afoforo nni wɔ sɛnea wɔn ankasa bɛpɛ sɛ wɔne wɔn bedi. Mmara no kyerɛɛ sɛnea wɔne nkoa, nyisaa, ne akunafo nni. Ɛkyerɛɛ sɛnea wonni nkurɔfo a wɔyɛ wɔn ayayade, wɔkyere wɔn, ne korɔnbɔ ho dwuma. Ahotew ho mmara maa wotumi susuw afoforo akwahosan ho. Wɔhyɛɛ nna ho mmara mpo. Yehowa kaa asɛm yi kyerɛɛ nkurɔfo no de bɔɔ ne Mmara no mmua sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho,” asɛm a Yesu nso twee adwene sii so akyiri yi no. (Leviticus 19:18; Mateo 22:39, 40) Ná sɛnea Israelfo ne ahɔho a wɔabɛtra wɔn mu bedi nso ho asɛm wɔ mmara no mu. Mmara no de ahyɛde mae sɛ: “Nhyɛ ɔhɔho so, na mo ara munim ɔhɔho kra, efisɛ mo nso moayɛ ahɔho Misraim asase so pɛn.” Wɔ ɔkwan foforo so no, na ɛsɛ sɛ Israelfo no da ayamye adi kyerɛ wɔn a wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ no.—Exodus 23:9; Leviticus 19:34; Deuteronomium 10:19.
Yehowa hyiraa ɔman no bere dodow a wodii Mmara no so no. Wɔ Dawid ne Salomo nniso ase no, ɔman no dii yiye na wonyaa anigye ne abotɔyam. Abakɔsɛm kyerɛ yɛn sɛ: “Yuda ne Israel dɔɔso sɛ mpoano anhwea dodow, wodidi na wɔnom, na wɔn ani gye. Na Yuda ne Israel traa ase dwoodwoo wɔn bobe ne wɔn borɔdoma ase mmiako mmiako.”—1 Ahene 4:20, 25.
Awerɛhosɛm ne sɛ, ɔman no asomdwoe ne ahobammɔ no ankyɛ. Ɛwom sɛ na Israelfo no wɔ Onyankopɔn Mmara de, nanso wɔanni so; pɛsɛmenkominya amma wɔansusuw afoforo ho. Eyi ne wae a ɔman no waee no maa ankorankoro ne ɔman no nyinaa huu amane. Awiei koraa no, wɔ afe 607 A.Y.B. mu no, Yehowa maa Babilonfo sɛee Yuda aheman, Yerusalem kurow, ne asɔrefi fɛfɛ no mpo. Dɛn ntia? “Esiane sɛ moantie me nsɛm nti, hwɛ, meresoma ma wɔakɔfa benkum fam mmusua nyinaa, [Yehowa, NW] asɛm ni, ne m’akoa, Babel hene Nebukadnesar, na mede wɔn maba asase yi ne ɛsotefo so, ne amanaman yi a wɔatwa ho ahyia nyinaa so, na masɛe wɔn pasaa, na mama wɔadan ahodwiriwde ne fɛwdi ne daa amamfõ.” (Yeremia 25:8, 9) Hwɛ amanehunu kɛse a ɛtoo wɔn sɛ wɔpoo Yehowa som kronn no!
Nhwɛso a Ɛsɛ sɛ Yesuasua
Nanso, ɛnyɛ Mmara Pa no nko na Yesu Kristo kyerɛkyerɛe na mmom ɔyɛɛ nhwɛso a ɛsen biara wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ wodi so nso ho. Ofi komam susuw afoforo yiyedi ho. (Mateo 9:36; 14:14; Luka 5:12, 13) Bere bi a Yesu duu Nain kurow mu no, ohuu ɔbea kunafo bi a na ne werɛ ahow sɛ odi santen a wɔato rekosie ne babarima koro pɛ a wawu mu. Bible kyerɛwtohɔ ka sɛ: “Awurade huu ɔbea no no, ne yam hyehyee no maa no.” (Luka 7:11-15) Sɛnea Vine’s Expository Dictionary of Old and New Testament Words kyerɛ no, asɛm “ne yam hyehyee no” no kyerɛ “sɛ biribi kanyan obi.” Ɛhaw no sɛ na ɔbea no redi yaw, na ɛkaa no ma ɔyɛɛ ade de yii ne yaw no fii hɔ. Hwɛ anigye ara a okunafo yi nyae bere a Yesu nyanee abarimaa no na “ɔde no maa ne na” no!
Awiei koraa no, nea ɛne Onyankopɔn atirimpɔw hyia no, Yesu fii ne pɛ mu huu amane na ɔde ne nkwa too hɔ sɛ agyede na ama adesamma atumi ade wɔn ho afi bɔne ne owu nkoasom ase. Eyi yɛ Mmara Pa no a wɔde bɔ bra no ho nhwɛso a ɛkyɛn so.—Mateo 20:28; Yohane 15:13; Hebrifo 4:15.
Nkurɔfo a Wɔde Mmara Pa No Di Dwuma
So nkurɔfo bi wɔ yɛn bere yi mu a wɔde Mmara Pa no bɔ bra? Yiw, na ɛnyɛ bere a eye ma wɔn nko. Sɛ nhwɛso no, wɔ Nasi Germany, bere a na Wiase Ko II rekɔ so no, Yehowa Adansefo kuraa wɔn gyidi a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn mu ne ɔdɔ ma mfɛfo nnipa mu na wɔampɛ sɛ wobebu wɔn ani agu Mmara Pa no so. Bere a ɔman no tuu wɔn ani sii Yudafo nyinaa so na wɔtan wɔn no, Adansefo no kɔɔ so de Mmara Pa no bɔɔ wɔn bra. Wɔ nneduaban ahorow mu mpo a na aduan ho ayɛ nã no, wɔkɔɔ so boaa wɔn mfɛfo, kyɛɛ wɔn nnuan kakra a na wɔwɔ no maa Yudafo ne wɔn a wɔnyɛ Yudafo a na ɛkɔm de wɔn no nyinaa. Afei nso, ɛwom sɛ Ɔman no hyɛe sɛ wɔmfa atuo nkunkum afoforo de, nanso wɔannyɛ, sɛnea na wɔmpɛ sɛ afoforo bekunkum wɔn no ara. Na ɛbɛyɛ dɛn na wɔatumi akunkum wɔn a ɛsɛ sɛ wɔdɔ wɔn sɛ wɔn ho no? Ɛnyɛ nneduaban mu nko na wɔde wɔn a wɔanyɛ saa no kogui, na mmom bebree nso wuwui.—Mateo 5:43-48.
Bere a wokenkan asɛm yi no, worenya dwuma a Mmara Pa no di so mfaso foforo. Yehowa Adansefo hu sɛ nnipa pii hu amane nnɛ a wonni anidaso ne mmoa biara. Esiane eyi nti, Adansefo no fi wɔn pɛ mu yɛ biribi de boa afoforo ma wosua anidaso ne akwankyerɛ pa a ɛwɔ Bible mu no ho ade. Ɛka wiase nyinaa nkyerɛkyerɛ adwuma a seesei wɔreyɛ no wɔ ɔkwan a ɛso bi mmae da no ho. Dɛn na afi mu aba? Nokwarem no, sɛnea wɔhyɛɛ ho nkɔm wɔ Yesaia 2:2-4 no, wɔakyerɛkyerɛ ‘nnipa pii’ a wɔboro ɔpepem asia wɔ wiase nyinaa ‘Yehowa akwan ma wɔnantew n’atempɔn so.’ Sɛnkyerɛnne kwan so no, wɔasua sɛ ‘wɔde wɔn nkrante bɛbɔ nsɔw, na wɔde wɔn mpeaw ayeyɛ nnare.’ Wɔanya asomdwoe ne ahobammɔ wɔ amanehunu mmere yi mu.
Na Wo Nso Ɛ?
Susuw ɛyaw ne amanehunu a aba adesamma so esiane Mmara Pa no a wɔabu ani agu so fi bere a Satan Ɔbonsam maa wɔtew atua wɔ Eden no ho kakra hwɛ. Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛsesa tebea no nnansa yi ara. Ɔkwan bɛn so? “Eyi nti na Onyankopɔn ba no beyii ne ho adi sɛ ɔbɛsɛe ɔbonsam nnwuma.” (1 Yohane 3:8) Eyi bɛba wɔ Onyankopɔn Ahenni nniso ase wɔ Yesu Kristo nyansafo a ɔkyerɛkyerɛɛ Mmara Pa no na ɔde bɔɔ ne bra no akwankyerɛ ase.—Nnwom 37:9-11; Daniel 2:44.
Ɔhene Dawid a ɔtraa ase tete Israel no kae sɛ: “Mayɛ abofra, na afei mabɔ akora, nanso minhuu onipa trenee a wɔapa no anaasɛ n’asefo srɛ aduan. Ohu mmɔbɔ daa, na ɔde fɛm, na n’asefo nso yɛ nhyira.” (Dwom 37:25, 26) So wunnye ntom sɛ ɛnnɛ nkurɔfo pii didi afoforo ho sen sɛ ‘wɔbɛyɛ wɔn ayɛ’? Ɛda adi sɛ Mmara Pa no a wɔde bɔ bra no de nokware asomdwoe ne ahotɔ ba efisɛ ɛma obi tumi nya nhyira nnɛ ne daakye wɔ Onyankopɔn Ahenni mu. Onyankopɔn Ahenni beyi pɛsɛmenkominya ne abɔnefosɛm nyinaa afi asase so na ɛde nhyehyɛe foforo a efi Nyankopɔn asi adesamma nhyehyɛe a aporɔw a ɛwɔ hɔ nnɛ no ananmu. Afei nnipa nyinaa de Mmara Pa no bɛbɔ wɔn bra.—Nnwom 29:11; 2 Petro 3:13.
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 4, 5]
Ɛnyɛ sɛ Yesu kyerɛkyerɛɛ Mmara Pa no nko na mmom ɔyɛɛ ho nhwɛso a ɛsen biara de dii dwuma nso
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]
Mmara Pa no a wɔde bɔ bra no de nokware asomdwoe ne ahotɔ ba
-