Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wuhyira Wo Ho So Na Wobɔ Asu?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
    • 2. Wɔn a wɔbɔ asu bɛyɛ Yehowa Adansefo no, nhyira bɛn na wonya?

      Sɛ wobɔ asu a, wobɛba abɛka Yehowa abusua no ho. Wobɛba abehu sɛ ɔdɔ wo paa, na wo ne n’adamfofa mu bɛyɛ den asen seesei. (Kenkan Malaki 3:16-18.) Yehowa bɛba abɛyɛ w’Agya. Ɛno da nkyɛn a, wobɛba abehu sɛ, sɛɛ wowɔ anuanom mmarima ne mmea wɔ wiase baabiara a wɔdɔ Yehowa, na wɔdɔ wo. (Kenkan Marko 10:29, 30.) Nanso, ansa na wubetumi abɔ asu no, nneɛma bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ woyɛ. Ɛsɛ sɛ wusua Yehowa ho ade, wodɔ no, na wunya ne Ba no mu gyidi. Afei, ɛsɛ sɛ wuhyira wo ho so ma Yehowa. Sɛ woyɛ saa nneɛma yi na wobɔ asu a, na woasi nkwa kwan no so; w’ani begye, na wobɛtena ase daa. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: ‘Asubɔ na seesei egye yɛn nkwa.’—1 Petro 3:21.

  • Sɛ Nkurɔfo Tan W’ani a, Wubetumi Agyina Mu
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
    • Ná Yesu nim paa sɛ, sɛ yɛyɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛsom Yehowa a, yɛn abusuafo betumi asɔre atia yɛn, enti ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ n’akyidifo no. Monkenkan Mateo 10:34-36. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Sɛ obi si gyinae sɛ ɔbɛsom Yehowa a, dɛn na n’abusuafo betumi ayɛ no?

      Hwɛ VIDEO yi, na wubehu nea ebinom faa mu bere a wosii gyinae sɛ wɔbɛsom Yehowa. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      VIDEO: Yehowa De Yɛn Aba Ne Fie (5:13)

      • Sɛ wo busuani anaa w’adamfo bi mpɛ sɛ wosom Yehowa a, dɛn na wobɛyɛ?

      Monkenkan Dwom 27:10 ne Marko 10:29, 30. Sɛ mokan kyerɛwsɛm biara wie a, munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Sɛ w’abusuafo anaa wo nnamfo sɔre tia wo a, sɛn na saa kyerɛwsɛm yi betumi ahyɛ wo den?

Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena