-
“Nea Ɔkan No Ma Ɔnte Ase”Ɔwɛn-Aban—1999 | May 1
-
-
18, 19. Dɛn na yebetumi aka de akyerɛ sɛ ‘mmepɔw so a yebeguan akɔ’ no renkyerɛ ɔsom a yɛbɛsesa?
18 Bere a Yesu kaa ‘kronkronbea hɔ a akyide a ɛbɔ ɔman no begyina’ ho asɛm wiei no, ɔbɔɔ wɔn a wɔwɔ nhumu no kɔkɔ sɛ wɔnyɛ ho biribi. So na ɔkyerɛ sɛ saa nna a edi akyiri koraa no mu—bere a “akyide” no ‘gyina kronkronbea hɔ’—no, nnipa pii beguan afi atoro som mu aba nokware som mu? Dabi. Susuw ne mmamu a edi kan ho hwɛ. Yesu kae sɛ: “Ɛno na wɔn a wɔwɔ Yudea nguan nkɔ mmepɔw so; na nea ɔwɔ ɔdan atifi no nnsian mmma fam, nanso ɔnnhyɛn mu mmmɛfa biribi ne fi. Na nea ɔwɔ afuw mu no nnsan n’akyi mmmɛfa ne ntama. Na wɔn a wɔafa afuru ne wɔn a wɔma nufu nna no mu no nnue! Na mommɔ mpae, na amma awɔw bere mu.”—Marko 13:14-18; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.
-
-
“Nea Ɔkan No Ma Ɔnte Ase”Ɔwɛn-Aban—1999 | May 1
-
-
22. Dɛn na Yesu afotu a ese yenguan nkɔ mmepɔw so no a yebetie no betumi de aba?
22 Mprempren, yentumi nka ahohiahia kɛse no ho nsɛm nyinaa, nanso yebetumi aka no yiye sɛ wɔ yɛn fam de, aguan a Yesu kaa ho asɛm no renkyerɛ asase no fã bi a yebeguan akɔ. Onyankopɔn nkurɔfo wɔ asase so mmaa nyinaa dedaw, ɛkame ayɛ sɛ yɛwɔ baabiara. Nanso, yebetumi anya ahotoso sɛ, sɛ ɛho behia sɛ Kristofo guan a, ɛbɛyɛ nsonsonoe kɛse a wɔbɛkɔ so ama ada wɔne atoro nyamesom ahyehyɛde ahorow ntam. Ɛho hia nso sɛ Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ obi nnsan nnkɔ ne fie nnkɔfa ntama anaa nneɛma foforo bi. (Mateo 24:17, 18) Enti ebetumi aba sɛ sɛnea yebu honam fam nneɛma ho sɔhwɛ ahorow no wɔ yɛn anim; so ɛno ne ade a ɛho hia sen biara, anaasɛ nkwagye a wɔn a wogyina Onyankopɔn afã benya no na ɛho hia kɛse? Yiw, yɛn aguan no betumi ama yɛn ho akyere yɛn na ama yɛahwere nneɛma bi. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ krado sɛ yɛbɛyɛ nea ɛho hia sɛ yɛyɛ biara sɛnea yɛn mfɛfo a woguan fii Yudea kɔɔ Perea, wɔ Yordan agya no yɛe wɔ afeha a edi kan no mu no.
-