-
“Mmorɔdɔma” A Ɛma Onyankopɔn Mpo Ani GyeƆwɛn-Aban—1980 | July 1
-
-
“Obi wɔ borɔdɔma a wadua ne bobe turom; na ɔbae bɛhwehwɛɛ so aba, na wannya bi. Na ɔka kyerɛɛ turomhwɛfo no sɛ: Hwɛ, mfirihyia abiɛsa ni a maba mabɛhwehwɛ borɔdɔma yi so aba, na mannya bi. Twa kyene! Adɛn nti na agye asase no akɛntɛn so? Na obua see no sɛ: Owura, ma ensi hɔ afe yi nso nkosi sɛ mefumfunu ɛho, na megu ase sumina. Na ebia ɛbɛsow; na sɛ ansow ansa a, woatwa akyene.”—Luka 13:6-9.
-
-
“Mmorɔdɔma” A Ɛma Onyankopɔn Mpo Ani GyeƆwɛn-Aban—1980 | July 1
-
-
5, 6. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu fa kyerɛe sɛ wobetwa sɛnkyerɛnne kwan so borɔdɔma dua no ato fam denam borɔdɔma dua ankasa bi a ɔde dii dwuma so? (b) Dɛn na ɛbae a ɛkyerɛ bere a wotwaa saa sɛnkyerɛnne kwan so borɔdɔma dua no too fam?
5 Saa afe a ɛto so anan yi mfinimfini mu na Yesu kyerɛe sɛ wobetwa “borɔdɔma dua a ɛnsow aba a ɛyɛ ɔman no afi hɔ. Dwowda, Nisan 10, afe 33 Y.B. mu, bere a Yesu nam kwan so rekɔ Yerusalem no na ɔkɔtoo borɔdɔma dua bi. Ɛwom sɛ na nhaban wɔ so de, nanso na aduaba bi nni so. Yesu domee saa borɔdɔma dua yi, kae sɛ: “Obiara renni wo so aba bio da.!” Dɛn na ɛbae? Yɛkenkan sɛ: “Na anɔpatutu a wɔretwam no, wohui sɛ borɔdɔma no awu fi ne ntini ase. Na Petro kaee ka kyerɛɛ no sɛ: Rabi, hwɛ, borɔdɔma a wodomee no no awu!”—Marko 11:12-21.
6 Wiɛ, afei so na Yesu bo afuw dua a enni nyansa? Dabi, na mmom ɔde borɔdɔma dua a ɛnsow aba no redi dwuma sɛ mfatoho. Saa borɔdɔma dua no yɛɛ Israel man a Yehowa somaa no Ba sɛ ɔmmra wɔn mu na ɔmmɛboaboa aba a ɛyɛ nokware Mesia anaa Kristo no akyidifo ano no ho mfonini. Bere a ɔman no nam n’akwankyerɛfo a wɔn ne ɔsɔfo panyin no ne anyamesom akwankyerɛfo afoforo akwankyerɛ ase pow Yesu a ɔyɛ Onyankopɔn ahenni no nanmusifo no, nnipa nkorɛnkorɛ ɔhaha bebree a wɔpenee no so no bɛyɛɛ sɛ nnipa a wonsɛ hwee koraa. Saa sɛnkyerɛnne kwan so borɔdɔma dua no yɛ nea ɛfata sɛ wotwa to fam, te sɛ dua a agye asase akɛntɛn so a ɛsɛ sɛ wotua tow wɔ ho, efisɛ aba Onyankopɔn nnome ase. (Fa to Deuteronomium 28:15-68 ho.) Bere a wokum Yesu Kristo te sɛ obi a ɔyɛ atoro Mesia no akyi nnafua aduonum biako na wotwaa Israel “borɔdɔma dua” no too fam, efisɛ Onyankopɔn woo ɔman foforo Israel Kristofo, honhom mu Israel, na wɔabɛsow Ahenni aba. (Mat. 21:43; 1 Pet. 2:9; Gal. 6:16; Yak. 1:1) Wɔde “borɔdɔma dua” a wotwa too fam no too ogya mu hyew no wɔ Yerusalem sɛe no mu wɔ afe 70 Y.B. mu.
-