-
“Wankasa Ankyerɛ Wɔn a Wanyɛ Mfatoho”“Bra Bedi M’akyi”
-
-
13 Ɔkwan a ‘efi Yerusalem sian kɔ Yeriko’ no, Yesu kaa nneɛma bi faa ho a na n’atiefo nim no yiye. Sɛnea mfatoho no kyerɛ no, ɔsɔfo bi dii kan betwaa mu wɔ saa kwan no so, ɛnna afei Lewini bi nso bɛfaa hɔ, nanso wɔn mu biara annyina anhwɛ nea wapira no. (Luka 10:31, 32) Ná asɔfo no som wɔ Yerusalem asɔrefie hɔ, na na Lewifo no boa wɔn. Sɛ asɔfo ne Lewifo no nyɛ adwuma wɔ asɔrefie hɔ a, na wɔn mu pii tena Yeriko, na na efi Yerusalem rekɔ Yeriko yɛ kilomita 23 pɛ. Enti, na wɔtaa fa saa kwan no so. Afei hyɛ no nsow sɛ, Yesu kaa ɔkwantufo no ho asɛm sɛ na ‘ɔresian fi Yerusalem’ na ɛnyɛ sɛ na ɔreforo fi hɔ kɔ. Ná n’atiefo no bɛte wei ase. Efisɛ na baabi a Yerusalem da no wɔ soro sen Yeriko. Enti sɛ obi “fi Yerusalem” retu kwan a, sɛnea ɛte biara no, na ‘obesian.’b Wei ma yehu sɛ, na Yesu de nneɛma a n’atiefo no nim na na edi dwuma wɔ ne nkyerɛkyerɛ mu.
-
-
“Wankasa Ankyerɛ Wɔn a Wanyɛ Mfatoho”“Bra Bedi M’akyi”
-
-
b Sɛnea na Yesu kyerɛ no, na ɔsɔfo no ne Lewini no “fi Yerusalem,” enti na wɔfi asɔrefie hɔ na na ɛrekɔ. Enti ɔbarima a wapira no a na ayɛ sɛ nea wawu no, na ɔsɔfo no ne Lewini no rentumi nka sɛ, sɛ wɔde wɔn nsa ka no a wɔde wɔn nsa aka funu, na ɛremma wɔmfata sɛ wɔsom wɔ asɔrefie hɔ saa bere no. Ayamye a wɔanna no adi yi, na obiara rentumi nka sɛ ɛyɛ ne kwan so.—Leviticus 21:1; Numeri 19:16.
-